Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Brɛ Kurow Bi a Ɛyɛ Ahantan Ase

Yehowa Brɛ Kurow Bi a Ɛyɛ Ahantan Ase

Ti Dunan

Yehowa Brɛ Kurow Bi a Ɛyɛ Ahantan Ase

Yesaia 13:1–14:23

1. Afei ɛhe na Yesaia nhoma no ka nneɛma ho asɛm kodu?

WƆKYERƐW Yesaia nkɔmhyɛ nhoma no wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu wɔ bere a Asiria tow hyɛɛ Bɔhyɛ Asase so no mu. Sɛnea yɛahu wɔ ti a edidi kan wɔ ne nhoma no mu no, Yesaia hyɛ sɛnea saa nsɛm no besisi pɛpɛɛpɛ ho nkɔm. Nanso, nhoma no ka nea ebesisi wɔ Asiria nniso akyi nso ho asɛm. Ɛka Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam a wɔbɛsan afi nnommumfa mu wɔ nsase pii so, a Sinear, baabi a Babilon da, ka ho aba no ho asɛm. (Yesaia 11:11) Wɔ Yesaia ti 13 no, yehu nkɔmhyɛ bi a ɛda nsow a sɛ ɛbam a ebebue kwan ma wɔatumi aba ho asɛm. Nsɛm a edi so yi na wɔde fi saa nkɔmhyɛ yi ase: “Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni.”—Yesaia 13:1.

‘Mɛbrɛ Ahantanfo Ase’

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Hesekia de ne ho bɔ Babilon? (b) Dɛn ne “frankaa” a wɔbɛma so no?

2 Yuda de ne ho bɔ Babilon wɔ Yesaia bere so. Ɔyare dennen bi bɔ Ɔhene Hesekia, nanso ɔte apɔw. Abɔfo fi Babilon bɛma no tirinkwa wɔ ayaresa a wanya no ho, a akyinnye biara nni ho sɛ wɔwɔ wɔn ankasa atirimpɔw a ɛne sɛ wɔbɛsrɛ Hesekia ma wabɛboa wɔn ma wɔako atia Asiria. Ɔhene Hesekia anyɛ n’ade nyansam ma ɔde n’agyapade nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ne saa nti, Yesaia ka kyerɛ Hesekia sɛ wɔ ɔhene no wu akyi no, wɔbɛsoa saa ahonyade no nyinaa akɔ Babilon. (Yesaia 39:1-7) Eyi nya mmamu wɔ 607 A.Y.B. mu bere a wɔsɛe Yerusalem, na wɔde ɔman no kɔ nnommumfa mu no. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn no ntra Babilon afebɔɔ. Yehowa ka sɛnea obebue kwan ma wɔasan aba wɔn asase so no ho asɛm. Ofi ase sɛ: “Munsi frankaa bepɔw petee so, momma mo nne so mma wɔn, munhinhim mo nsa, na wɔnhyɛn mmapɔmma abobow mu.” (Yesaia 13:2) “Frankaa” no gyina hɔ ma wiase tumidi a ɛbɛsɔre abetu Babilon agu no. Wobesi wɔ “bepɔw petee so”—baabi a wugyina akyirikyiri koraa a wubehu. Esiane sɛ wɔahyɛ saa wiase tumidi foforo no sɛ ɛntow nhyɛ Babilon so nti, ɛbɛhyɛn “mmapɔmma abobow,” saa kurow kɛse no, apon mu akodi so nkonim.

3. (a) Henanom ne ‘akronkronfo’ a Yehowa bɛma wɔn so no? (b) Ɔkwan bɛn so na asraafo abosonsomfo yɛ ‘akronkronfo’?

3 Afei Yehowa ka sɛ: “Me, mahyɛ me kronkronfo, mafrɛ me nnɔmmarima nso mama m’abufuw, wɔn a wodi me kɛseyɛ ho ahurusi no. Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔw so, sɛ nkurɔfo bebree de te no. Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano, ahenni horow huuyɛ gyegyeegye, asafo [Yehowa, “NW”] rehwehwɛ ɔsa mu dɔm.” (Yesaia 13:3, 4) Henanom ne ‘akronkronfo’ a wɔapaw wɔn sɛ wɔmmrɛ Babilon a ɛyɛ ahantan no ase yi? Wɔne aman asraafo a wɔaka wɔn ho abom, “amanaman a wɔboaboa wɔn ho ano.” Wosian fi bepɔw a ɛwɔ akyiri so tow hyɛ Babilon so. “Wofi akyirikyiri asase so ne ɔsoro awiei reba.” (Yesaia 13:5) Ntease bɛn mu na wɔyɛ akronkronfo? Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ wɔyɛ akronkronfo ankasa. Wɔyɛ asraafo abosonsomfo a wonni Yehowa som ho anigye biara. Nanso, wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, ‘sɛ́ obi yɛ kronkron’ no kyerɛ sɛ “Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔde no bedi dwuma.” Yehowa betumi atew amanaman mu asraafo ho na ɔnam wɔn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ so ada n’abufuw adi. Ɔde Asiria dii dwuma saa kwan yi so. Ɔde Babilon bedi dwuma saa ara. (Yesaia 10:5; Yeremia 25:9) Na ɔde aman foforo bedi dwuma atwe Babilon aso.

4, 5. (a) Dɛn na Yehowa ka sie wɔ Babilon ho? (b) Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛtow ahyɛ Babilon so no di ho dwuma?

4 Babilon nnya mmɛyɛɛ wiase nyinaa ahemman a ɛkorɔn. Nanso, bere a Yehowa nam Yesaia so de atemmu rema no, ɔhwɛ bere a ebenya saa gyinabea no, na ɔka n’asehwe ho asɛm sie. Ɔka sɛ: “Muntwa adwo, na [Yehowa, “NW”] da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛe a efi Otumfoɔ no.” (Yesaia 13:6) Yiw, awerɛhow ne dwowtwa besi Babilon ahohoahoa no ananmu. Dɛn ntia? Esiane ‘Yehowa da no,’ ɛda a Yehowa bebu no atɛn no nti.

5 Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi asɛe Babilon? Sɛ Yehowa bere no du a, ɛbɛyɛ sɛ nea kurow no wɔ ahobammɔ. Ɛsɛ sɛ asraafo a wɔrebetua wɔn no di kan di Eufrate Asubɔnten a ɛsen fa kurow no mfinimfini, a ɛbɔ kurow no ho ban na ɛma no nsu no, ho dwuma. Afei Babilon afasu a ɛbɔ ho abien a ɛyɛ den a ɛte sɛ nea wontumi nnwiriw ngu no nso wɔ hɔ. Bio nso, nnuan pii bɛwɔ kurow no mu. Nhoma Daily Bible Illustrations ka sɛ Nabonido—Babilon hene a otwa to—“too ne bo ase ankasa de nneɛma a wobehia hyɛɛ kurow no ma, na wobu akontaa sɛ na [aduan] a ɛwɔ kurow no mu dɔɔso sɛ ɛbɛkora emufo so mfe aduonu.”

6. Dɛn na ebesi mpofirim bere a ntua a wɔka siei sɛ ɛbɛba Babilon so ba no?

6 Nanso, honam fam nneɛma betumi ayɛ nnaadaa. Yesaia ka sɛ: “Enti nsa nyinaa mu begow, na ɔdesani biara koma bɛnan; na wɔn ho bedwiriw wɔn, nketenkete ne awerɛhow bekita wɔn, wobehu yaw sɛ ɔwofo a ɔreko awo; wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.” (Yesaia 13:7, 8) Sɛ asraafo a wɔrebɛko no tow hyɛ kurow no so a, ɛyaw besi asomdwoe a emufo wɔ no ananmu ntɛm ara, na emu bɛyɛ den te sɛ ɔbea a ɔrewo. Ehu bɛma wɔn koma anan. Ahodwiriw nti, wɔn nsa mu begow, na wɔrentumi nko bi. Ehu ne awerɛhow bɛma wɔn anim ayɛ sɛ “ogyaframa.” Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, na wɔn ho bedwiriw wɔn wɔ nea ɛyɛe a wɔn kurow kɛse no tumi hwee ase no ho.

7. ‘Yehowa da’ bɛn na ɛreba, na dɛn na ɛde bɛba Babilon so?

7 Nanso, ɛbɛhwe ase ara. Babilon behyia akontaabu da bi, ‘Yehowa da’ a emu bɛyɛ yaw ankasa. Ɔtemmufo kunini no bɛda n’abufuw adi, na ɔde atemmu a ɛfata ankasa aba Babilonfo abɔnefo no so. Nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] da no reba, atirimɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase afõ, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so.” (Yesaia 13:9) Nea ɛreba Babilon so no yɛ hu ankasa. Ɛte sɛ nea owia, ɔsram, ne nsoromma nyinaa agyae haran. “Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia beduru sum n’adifi mu, na ɔsram nso renharan.”—Yesaia 13:10.

8. Dɛn nti na Yehowa ma Babilon hwe ase?

8 Dɛn nti na biribi a ɛte saa ba kurow a ɛyɛ ahantan yi so? Yehowa ka sɛ: “Mɛba mabɛtwe wiase asõ, ne bɔne ho, ne abɔnefo asõ, wɔn amumɔyɛ ho, na mama ahantanfo ahomaso no to atwa, na ahupoofo ahokyerɛ abrɛ ase.” (Yesaia 13:11) Yehowa abufuw a wobehwie agu no bɛyɛ atirimɔdenne a Babilon de yɛ Onyankopɔn nkurɔfo no ho asotwe. Ɔman mũ no nyinaa behu amane esiane Babilonfo amumɔyɛ nti. Atirimɔdenfo a wɔyɛ ahantan yi rengu Yehowa din ho fĩ wɔ baguam bio!

9. Dɛn na ɛretwɛn Babilon wɔ Yehowa atemmu da no?

9 Yehowa ka sɛ: “Mɛma ɔdesani ho ayɛ nã asen sika amapa, na onipa asen Ofir mpɔkoa.” (Yesaia 13:12) Yiw, kurow no bɛda mpan, ɛbɛdan amanfõ. Yehowa toa so sɛ: “Enti mɛma ɔsoro awosow, na asase ahinhim afi ne sibea, asafo [Yehowa, “NW”] abufufa no ano ne n’abufuhyew da no nti.” (Yesaia 13:13) Babilon “ɔsoro,” n’anyame ne anyamewa no bɛwosow, na wontumi mmoa kurow no wɔ n’ahohia bere mu. “Asase,” Babilon Ahemman no, behinhim afi ne sibea, na wɔbɛkae no abakɔsɛm mu sɛ ahemman a enni hɔ bio. “Wɔbɛdannan wɔn ho akokɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn nsase so sɛ ɔwansan a wɔatutu no, ne nguan a obi mmoa wɔn ano.” (Yesaia 13:14) Aman foforo a wɔtaa Babilon akyi nyinaa begyaw no hɔ aguan, a wɔn anidaso ne sɛ wɔne wiase tumidi foforo no benya abusuabɔ foforo. Awiei koraa no, Babilon bɛte yaw sɛ kurow a wɔadi ne so nkonim, ɛyaw a ɔde baa afoforo pii so wɔ n’anuonyam bere mu no: “Obiara a wobehu no no, wobehwirew no mu, na obiara a wɔbɛkyere no bɛtɔ nkrante ano; na wɔbɛposa wɔn mmotafowa, wɔn anim, wɔbɛfofow wɔn afi, na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.”—Yesaia 13:15, 16.

Adwinnade a Onyankopɔn De Sɛe Ade

10. Hena na Yehowa nam ne so bedi Babilon so nkonim?

10 Tumidi bɛn na Yehowa nam so bɛsɛe Babilon? Yehowa daa mmuae no adi mfirihyia 200 ansa na ɛrebam: “Hwɛ, merehwanyan Mediafo mahyɛ wɔn, nnipa a wommu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ; wɔn mmɛmma bɛbobɔ mmerante, wɔn yam renhyehye wɔn ɔyafunum mma po ho, na wɔn aniwa renkyɛe mmofra so. Na Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini, ne Kaldeafo kɛseyɛ anuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no.” (Yesaia 13:17-19) Babilon a ɛkorɔn no bɛhwe ase, na adwinnade a Yehowa de bɛyɛ saa ne asraafo a wofi akyirikyiri, Media man a egu bepɔw so no. * Awiei koraa no, Babilon bɛdan amanfõ sɛnea Sodom ne Gomora nkurow a wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe a ɛkɔ akyiri mu yɛe no.—Genesis 13:13; 19:13, 24.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Media bɛyɛ wiase tumidi? (b) Su a ɛda nsow bɛn na nkɔmhyɛ no ka fa Media asraafo ho?

11 Wɔ Yesaia bere so no, na Media ne Babilon nyinaa hyɛ Asiria ase. Bɛyɛ afeha akyi, wɔ 632 A.Y.B. mu no, Media ne Babilon de wɔn asraafo bom tu Niniwe, Asiria ahenkurow no, gu. Eyi bue kwan ma Babilon bɛyɛ wiase tumidi a ɛkorɔn sen biara. Ná onnim koraa sɛ bɛyɛ mfirihyia 100 akyi no, Media bɛsɛe no! Hena na na obetumi ahyɛ nkɔm a emu yɛ duru saa sɛ Yehowa Nyankopɔn?

12 Bere a Yehowa reda adwinnade a wapaw sɛ ɔde bɛsɛe ade no adi no, ɔka sɛ Media asraafo no ‘mmu dwetɛ, na wɔnhwehwɛ sika nso.’ Asraafo a ɔko adi wɔn ti no su a ɛda nsow bɛn ara ni! Bible ho nimdefo Albert Barnes ka sɛ: “Asraafo kakraa bi pɛ na wɔadi ako a wɔamma nneɛma a wɔbɛfow anni wɔn ti.” So Media asraafo no ma Yehowa yɛ ɔnokwafo wɔ saa asɛm yi mu? Yiw. Susuw asɛm a ɛwɔ The Bible-Work, a J. Glentworth Butler yɛe yi ho hwɛ: “Nea ɛnte sɛ aman dodow no ara a wɔadi ako pɛn no, Mediafo, na ne titiriw no, Persiafo, nnwen sika ho sɛ nkonim a wobedi ne anuonyam a wobenya.” * Esiane eyi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a ogyee Israelfo fii Babilon nnommumfa mu no, Persia sodifo Kores de sika ne dwetɛ anwenne mpempem pii a Nebukadnesar wia fii Yerusalem asɔrefie hɔ no san maa wɔn.—Esra 1:7-11.

13, 14. (a) Ɛwom sɛ Media ne Persia akofo no ani nnye afowde ho de, nanso din bɛn na wɔhwehwɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kores sɛe nneɛma a Babilon hoahoa ne ho sɛ ɛbɔ ne ho ban no?

13 Ɛwom sɛ Media ne Persia asraafo no ani nnye adefow ho de, nanso ɛda adi sɛ wɔpɛ din. Wɔmpɛ sɛ ɔman bi di wɔn kan wɔ wiase. Bio nso, Yehowa de “ɔsɛe” ho adwene hyɛ wɔn komam. (Yesaia 13:6) Enti, bere a wokura wɔn mmɛmma—a ɛnyɛ mpeaw nkutoo na wɔde tow, na mmom wɔde wowɔ atamfo asraafo, ne Babilonfo nanom mma kunkum wɔn nso—no, wosi wɔn bo sɛ wobedi Babilon so nkonim.

14 Babilon akoban no nhunahuna Kores a odi Medo-Persia asraafo anim no. Wɔ October 5/6, 539 A.Y.B. anadwo no, ɔhyɛ ma wɔdan Eufrate Asubɔnten no ani. Bere a nsu no yow no, ntuafo no yɛ brɛoo fa asubɔnka a edu wɔn srɛ mu no mu hyɛn kurow no mu. Wɔtow hyɛ Babilonfo so awerɛfiri mu, na Babilon hwe ase. (Daniel 5:30) Yehowa Nyankopɔn de honhom ka Yesaia ma ɔhyɛ saa adeyɛ yi ho nkɔm, na onnyaw adwenem naayɛ biara sɛ Ɔno na ɔredi nsɛm ho dwuma.

15. Babilon daakye bɛyɛ dɛn?

15 Wɔbɛsɛe Babilon koraa akodu he? Tie Yehowa atemmusɛm yi: “Obi rentra mu da biara da, na obi renkɔtra hɔ, awo ntoatoaso a edidi so mu, na Arabiani bi rensi ntamadan hɔ, na nguanhwɛfo nso remma wɔn mmoa mmutuw hɔ; na sare so mmoa na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtra hɔ, na nsasabonsam asaw hɔnom; na nkuntumpaa besũ n’aban mu, ne sakraman nso, anigye aban no mu. Na ne bere abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛ bio.” (Yesaia 13:20-22) Wɔbɛsɛe kurow no korakora.

16. Awerɛhyem bɛn na tebea a Babilon wom seesei no ma yenya?

16 Eyi amma prɛko pɛ wɔ 539 A.Y.B. mu. Nanso, ɛnnɛ, ɛda adi pefee sɛ biribiara a Yesaia ka faa Babilon ho no abam. Bible ho nsɛnkyerɛwfo bi ka sɛ, Babilon “adan amanfõ seesei, adan amamfõ mfehaha pii, adan baabi a wɔtow nneɛma fõ gu.” Afei ɔde ka ho sɛ: “Obi rentumi nhwɛ saa beae yi a ɔrenkae sɛ Yesaia ne Yeremia nkɔmhyɛ no anya mmamu pɛpɛɛpɛ.” Nokwarem no, obiara nni Yesaia bere so a na obetumi aka Babilon asehwe ne ne sɛe pasaa ho asɛm. Anyɛ yiye koraa no, hwe a Mediafo ne Persiafo maa Babilon hwee ase no nyaa mmamu bere a Yesaia kyerɛw ne nhoma no akyi bɛyɛ mfirihyia 200! Na ne sɛe koraa baa mfehaha pii akyi. So eyi nhyɛ yɛn gyidi den sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu? (2 Timoteo 3:16) Bio nso, esiane sɛ Yehowa maa nkɔmhyɛ ahorow nyaa mmamu mmere a atwam no nti, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ Bible nkɔmhyɛ a ennyaa mmamu no bɛbam wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu.

‘Home Fi Wo Yaw Ho’

17, 18. Nhyira bɛn na Babilon so nkonim a wobedi no de bɛbrɛ Israel?

17 Babilon asehwe no bɛma Israel ho adwo no. Ɛbɛkyerɛ yi a wobeyi wɔn afi nnommumfa mu ne hokwan a wobenya asan akɔ Bɔhyɛ Asase no so. Enti, afei Yesaia ka sɛ: [Yehowa, “NW”] yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho. Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn trabea, na Israel fi afa wɔn adi [Yehowa, “NW”] asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so.” (Yesaia 14:1, 2) Ɛha no, “Yakob” kyerɛ Israel man no nyinaa—mmusuakuw 12 no nyinaa. Yehowa behu “Yakob” mmɔbɔ denam ɔman no a ɔbɛma wɔasan akɔ wɔn asase so no so. Ananafo mpempem pii bɛka wɔn ho, na wɔn mu pii bɛsom Israelfo no sɛ asɔrefie asomfo. Israelfo bi mpo bɛba abenya wɔn kan nnommumfafo so tumi. *

18 Wɔn ho a ehiahia wɔn sɛ wɔte nnommumfa mu no befi hɔ. Yehowa bɛma ne nkurɔfo anya ‘ɔhome afi wɔn yaw ne wɔn ahoyeraw ne wɔn anyadimɔ dennen a wodii wɔn no ho.’ (Yesaia 14:3) Bere a Israelfo ade wɔn ho afi honam fam nkoasom mu adesoa ho no, wɔrenni yaw bio, na wɔn ho renyeraw wɔn bio esiane abosonsomfo a wɔnte wɔn mu bio nti. (Esra 3:1; Yesaia 32:18) Bere a nhoma Lands and Peoples of the Bible reka eyi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ná Babilonfo no su te sɛ wɔn anyame, na wɔn biribiara te sɛ wɔn anyame no. Ná wɔyɛ ahufo, asabofo, ne agyimifo.” Hwɛ ahotɔ a ɛyɛ sɛ woyii wɔn fii ɔsom mu adapaade a ɛte saa mu!

19. Dɛn na ehia na ama Israel anya Yehowa hɔ fafiri, na dɛn na yesua fi eyi mu?

19 Nanso, yennya Yehowa mmɔborohunu kwa. Ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo nu wɔn ho wɔ wɔn amumɔyɛ a ɛmaa Onyankopɔn de asotwe a emu yɛ den baa wɔn so no ho. (Yeremia 3:25) Komam a wobefi aka wɔn bɔne koraa no bɛma wɔanya Yehowa hɔ fafiri. (Hwɛ Nehemia 9:6-37; Daniel 9:5.) Saa asɛm yi da so yɛ adwuma nnɛ. Esiane sɛ “onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne” nti, yɛn nyinaa hia Yehowa mmɔborohunu. (2 Beresosɛm 6:36) Yehowa, ahummɔbɔ Nyankopɔn no, fi ɔdɔ mu to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnka yɛn bɔne nkyerɛ no, yɛnsakra, na yennyae bɔne biara a yɛyɛ, na ama wasa yɛn yare. (Deuteronomium 4:31; Yesaia 1:18; Yakobo 5:16) Eyi mma yennya n’anim dom nko, na mmom ɛma yenya awerɛkyekye nso.—Dwom 51:1; Mmebusɛm 28:13; 2 Korintofo 2:7.

‘Ɛbɛ’ Bi a Etia Babilon

20, 21. Ɔkwan bɛn so na aman a atwa Babilon ho ahyia no di n’asehwe ho ahurusi?

20 Bɛboro mfirihyia 100 ansa na Babilon rebɛyɛ wiase tumidi a ɛkorɔn no, Yesaia ka nea wiase no bɛyɛ wɔ n’asehwe ho no ho asɛm sie. Ɔnam nkɔmhyɛ kwan so hyɛ Israelfo a wɔagye wɔn afi nnommumfa mu no sɛ: ‘Momfa bɛ yi mmu Babel hene sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhawfo no agyae, na ahoguan no to atwa yi? Yehowa, abubu abɔnefo abaa ne wɔn a wodi panyin poma no mu; ɔde abufufa bobɔɔ aman ɔbɔ a ennyae, ɔde abufuw hom amanaman so hyɛɛ wɔn ahometew a emu ngow.’ (Yesaia 14:4-6) Ná Babilon agye din yiye sɛ nkonimdifo, nhyɛsofo a ɔdan nnipa a wɔwɔ ahofadi nkoa. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔde ‘bɛ’ bi dii Babilon ahene abusua a wodii ade wɔ kurow kɛse no anuonyam bere mu—efii Nebukadnesar so, na ekowiee Nabonido ne Belsasar so—asehwe titiriw ho ahurusi!

21 Nsakrae bɛn ara na n’asehwe no de bɛba! “Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so; ɔpopaw nso nya wo ho anigye, ɛne Lebanon nkyeneduru, na ɛka sɛ: Sɛ woakɔda yi, obi remforo mma yɛn so mmɛtow yɛn.” (Yesaia 14:7, 8) Wɔ Babilon ahene no fam no, na amanaman a atwa wɔn ho ahyia no ahene te sɛ nnua a wobetwa de adi wɔn ankasa atirimpɔw ho dwuma. Wiɛ, ne nyinaa aba awiei. Babilon duatwafo no atwa ne dua a etwa to!

22. Wɔ anwensɛm kwan so no, ɔkwan bɛn so na Babilon ahene abusua asehwe no ka asaman?

22 Babilon asehwe no yɛ ahodwiriw araa ma ɔdamoa mpo yɛ ho biribi: “Asaman a ɛwɔ ase no ka ne ho behyia wo ba; ɛhwanyan asamanfo ama wo, asase so akunini nyinaa; ɛma amanaman ahene nyinaa sɔresɔre fi wɔn agua so. Wɔn nyinaa gye so ka kyerɛ wo sɛ: Wo nso woagurow sɛ yɛn, woayɛ sɛ yɛn ara pɛ! Wo kɛseyɛ asian aba asaman; wo mmɛnta sanku nne no nso; w’ase kɛtɛ a wɔasɛw ne mmoawa manyamanya, na wo so nkataso ne asunson!” (Yesaia 14:9-11) Anwensɛm a tumi wom bɛn ara ni! Ɛte sɛ nea na adesamma damoa ankasa benyan ahene a wowu gyaa Babilon ahene abusua no nyinaa na ama wɔatumi akyea ɔhene foforo a waba no. Wosi Babilon hene a ɔredi tumi a mprempren ontumi nyɛ hwee, a sɛ́ anka ɔbɛda mpa a ne bo yɛ den so na wɔde ntama a ɛwɔ bo akata ne so mmom no, ɔda nea mmoawa manyamanya wɔ so so na ne nkataso ne asunson, no atwetwe.

Te “sɛ Dubaa a Wɔapo”

23, 24. Ahantan a ɛkɔ akyiri bɛn na Babilon ahene da no adi?

23 Yesaia toa n’abebu no so sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wufi soro ahwe ase, nsoromma hyerɛnfo, adekyee ba, wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman ase no.” (Yesaia 14:12) Pɛsɛmenkominya ne ahantan ma Babilon ahene no ma wɔn ho so sen wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no. Te sɛ nsoromma a ɛrehyerɛn anɔpatutuutu no, wofi ahantan mu di tumi. Ade titiriw a ɛma wɔyɛ ahantan ne nkonim a Nebukadnesar dii wɔ Yerusalem so no, ade a Asiria antumi anyɛ. Ɛbɛ yi ka Babilon ahene abusua a na wɔyɛ ahantan no ho asɛm sɛ: “Ɔsoro na mɛforo makɔ, Onyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahengua so masi, na matra ahyiae bepɔw no so, benkum fam asasetifi ano nohɔ tɔnn; mɛforo makɔ amununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ ɔsorosoroni no.” (Yesaia 14:13, 14) So biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi ayɛ ahantan asen eyi?

24 Wɔ Bible mu no, wɔde ahene a wɔwɔ Dawid adehye abusua mu no toto nsoromma ho. (Numeri 24:17) Efi Dawid so reba no, saa “nsoromma” no dii tumi fii Bepɔw Sion so. Bere a Salomo sii asɔrefie wɔ Yerusalem no, wɔde edin Sion frɛɛ kurow mũ no nyinaa. Wɔ Mmara apam no ase no, na wɔhwehwɛ sɛ Israelfo mmarima nyinaa betu kwan akɔ Sion mprɛnsa afe biara. Enti, ɛbɛyɛɛ “ahyiae bepɔw.” Sɛ Nebukadnesar si ne bo sɛ obedi Yuda ahene so na wayi wɔn afi saa bepɔw no so a, na ɔreda no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔma ne ho so sen saa “nsoromma” no. Ɔmfa ahene so nkonim a odi no ho anuonyam mma Yehowa. Mmom no, nea ɔyɛ ne sɛ, ofi ahantan mu hwehwɛ Yehowa dibea.

25, 26. Ɔkwan bɛn so na Babilon ahene abusua no awiei bɛyɛ animguase?

25 Hwɛ asehwe kɛse ara a ɛwɔ hɔ retwɛn Babilon hene ɔhantanfo no! Babilon nkorɔn nsen Onyankopɔn nsoromma no baabiara. Mmom no, Yehowa ka sɛ: “Asaman na woresian akɔ akodu amoa no ase tɔnn. Wɔn a wohu wo no hwɛ wo dinn de wɔn ani kari wo komm ka sɛ: Ɔbarima a ɔmaa asase wosowee na ɔmaa ahenni hinhimii no ni? Nea ɔmaa wiase dan sare so na oburuburuw emu nkurow, na wanto emu nneduafo kwan ankɔ ofie no ni?” (Yesaia 14:15-17) Ɔhene a ɔpɛ anuonyam no besian akɔ ɔdamoa mu (asaman), te sɛ onipa biara.

26 Ɛnde, ɛhe na tumi a edii ahemman ahorow so nkonim, sɛee nsase pa, na edii nkurow pii so no bɛwɔ? Ɛhe na wiase tumidi a sɛ ɛfa nnipa nnommum a, ɛmma wɔnsan nkɔ wɔn kurom bio no bɛwɔ? Wiɛ, Babilon ahene abusua no rennya afunsie a ɛfata mpo! Yehowa ka sɛ: “Amanaman ahene nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ anuonyam mu, obiara da ne damoa mu; na wo de, wɔatow wo afi wo damoa mu akyene sɛ dubaa a wɔapo; sɛ atɔfo a afoa ahwirew wɔn mu na wɔasian akɔ abo amoa mu no adurade, sɛ efunu a wɔatiatia no so. Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, efisɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo man. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfo asefo din da biara da bio.” (Yesaia 14:18-20) Wɔ tete wiase no mu no, na ɛyɛ animguase sɛ wɔrensie ɔhene bi nidi mu. Na Babilon ahene abusua no nso ɛ? Ɛyɛ nokware sɛ ɛbɛyɛ sɛ wosiee ahene ankorankoro bi nidi mu de, nanso wɔtoo tete ahene a wofi Nebukadnesar abusua mu no gui “sɛ dubaa a wɔapo.” Ná ɛte sɛ nea wɔatow ahene no agu adamoa a wɔnhyɛɛ no agyirae mu—sɛ ɔsraani kumaa bi a wɔakum no ɔko mu. Animguase bɛn ara ni!

27. Ɔkwan bɛn so na Babilon nkyirimma hu amane wɔ wɔn nananom bɔne ho?

27 Wɔde bɛ no ba awiei denam ahyɛde a etwa to a wɔde ma Mediafo ne Persiafo a wɔrebedi nkonim no so: “Wɔn agyanom amumɔyɛ nti munsiesie akumii mma ne mma; na wɔansɔre amfa asase anni so, na wɔamfa nkurow anyɛ asase ani ma.” (Yesaia 14:21) Babilon asehwe no bɛyɛ afebɔɔ. Wobetu Babilon ahene abusua no ase koraa. Wɔrensan nsɔre bio. Babilon nkyirimma no behu amane esiane “wɔn agyanom amumɔyɛ” nti.

28. Dɛn na ɛmaa Babilon ahene no dii bɔne, na dɛn na yesua fi eyi mu?

28 Atemmu a wɔde baa Babilon ahene abusua so no ma yɛn asuade titiriw bi. Nea ɛmaa Babilon ahene yɛɛ bɔne ne wɔn ahomaso a ɛkyɛn so no. (Daniel 5:23) Tumidi ho akɔnnɔ hyɛɛ wɔn koma ma. Ná wɔpɛ sɛ wodi afoforo so. (Yesaia 47:5, 6) Na na wɔpɛ sɛ nnipa hyɛ wɔn anuonyam, ade a Onyankopɔn nkutoo na ɛfata no. (Adiyisɛm 4:11) Eyi yɛ kɔkɔbɔ ma obiara a odi tumi—wɔ Kristofo asafo no mu mpo. Anuonyam, pɛsɛmenkominya ne ahantan yɛ su a Yehowa rennya ho koma, wɔ ankorankoro anaa aman fam.

29. Dɛn na Babilon atumfoɔ no ahantan ne wɔn ahomaso no daa no adi?

29 Ná Babilon sodifo ahorow no ahantan no yɛ “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, honhom a wɔreda no adi. (2 Korintofo 4:4) Ɔno nso hwehwɛ tumidi, na ɔpɛ sɛ ɔma ne ho so sen Yehowa Nyankopɔn. Sɛnea na ɛte wɔ Babilon hene ne nnipa a odii wɔn so no fam no, anuonyamhunu a Satan pɛ no akowie adesamma nyinaa amanehunu mu.

30. Babilon foforo bɛn na wɔbɔ din wɔ Bible mu, na honhom bɛn na wada no adi?

30 Bio nso, wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, yɛkenkan Babilon foforo—“Babilon kɛse”—ho asɛm. (Adiyisɛm 18:2) Saa ahyehyɛde yi, wiase nyinaa atoro som ahemman no, nso ada ahantan, nhyɛso, ne atirimɔden honhom adi. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ ɔno nso hyia ‘Yehowa da no,’ na wɔsɛe no Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. (Yesaia 13:6) Efi 1919 reba no, wɔabɔ asɛm no dawuru wɔ wiase nyinaa sɛ: “Babilon kɛse no ahwe ase.” (Adiyisɛm 14:8) Bere a na ontumi nka Onyankopɔn nkurɔfo nhyɛ nnommumfa mu bio no, ɔhwee ase. Ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe no koraa. Yehowa ka faa tete Babilon ho sɛ: “Munsusuw ne nneyɛe so nhyɛ no ananmu, sɛ ɔyɛe no nyinaa, monyɛ no saa ara, efisɛ wadi [Yehowa, NW], Israel kronkronni no so ahantansɛm.” (Yeremia 50:29; Yakobo 2:13) Babilon Kɛse benya atemmu a ɛte saa ara.

31. Dɛn na ɛbɛba Babilon Kɛse so nnansa yi ara?

31 Enti, Yehowa asɛm a etwa to wɔ saa nkɔmhyɛ yi mu wɔ Yesaia nhoma no mu no mfa tete Babilon nkutoo ho, na mmom Babilon Kɛse nso: “Mɛsɔre mahyɛ wɔn . . . na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana, mafi Babel . . . Na mede no mɛyɛ mpɛsɛe agyapade ne nsu atare, na mede ɔsɛe prae mapra no.” (Yesaia 14:22, 23) Tete Babilon a adan amanfõ no kyerɛ nea Yehowa de bɛyɛ Babilon Kɛse no nnansa yi ara. Hwɛ awerɛkyekye ara a eyi yɛ ma wɔn a wɔn ani gye nokware som no! Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma su bɔne a ɛne ahantan, ahomaso, anaa atirimɔden no nhyɛn yɛn mu!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Mediafo nkutoo na Yesaia bɔ wɔn din, nanso aman dodow bi na ɛbɛbom atia Babilon—Media, Persia, Elam, ne aman nketewa foforo. (Yeremia 50:9; 51:24, 27, 28) Aman a ɛbemmɛn hɔ no frɛ Mediafo ne Persiafo nyinaa sɛ “Mediafo.” Bio nso, wɔ Yesaia bere so no, na Media yɛ tumidi a ɛkorɔn. Kores nniso ase nkutoo na Persia bɛyɛɛ ɔman a ɛkorɔn.

^ nky. 12 Nanso, ɛte sɛ nea akyiri yi Mediafo ne Persiafo ani bɛberee sika kɛse.—Ester 1:1-7.

^ nky. 17 Sɛ nhwɛso no, wɔpaw Daniel sɛ ɔpanyin wɔ Babilon wɔ Media ne Persia nniso ase. Bɛyɛ mfirihyia 60 akyi no, Ester bɛyɛɛ Persia hene Ahasweros hemmaa, na Mordekai bɛyɛɛ Persia Ahemman no nyinaa soafo panyin.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 178]

Babilon a ahwe ase no bɛyɛ wuram mmoa trabea

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 186]

Te sɛ tete Babilon no, Babilon Kɛse bɛdan amanfõ