Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Di Hene

Yehowa Di Hene

Ti Aduonu

Yehowa Di Hene

Yesaia 24:1-23

1, 2. (a) Henanom na wobehyia Yehowa abufuw? (b) So Yuda bɛfa ne ho adi a ɔrennya asotwe biara, na yɛyɛ dɛn hu?

BABILON, Filistea, Moab, Siria, Etiopia, Misraim, Edom, Tiro, Asiria—wɔn nyinaa behyia Yehowa abufuw. Yesaia aka ɔhaw a ɛbɛba aman ne nkurow atirimɔdenfo yi so ho asɛm asie. Na Yuda nso ɛ? So wɔbɛma Yudafo afa wɔn ho adi a wɔrennya asotwe biara wɔ wɔn akwammɔne no ho? Abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ ma yehu sɛ ɛnte saa koraa!

2 Susuw nea ɛtoo Samaria, Israel mmusuakuw du ahemman no ahenkurow, no ho hwɛ. Saa man no ankɔ so ankura apam a ɛne Onyankopɔn yɛe no mu. Wantwe ne ho amfi nneyɛe bɔne a na aman a atwa ne ho ahyia no yɛ no ho. Mmom no, Samariafo no ‘kɔɔ so dii nsɛmmɔne de huruu Yehowa bo. Enti Yehowa bo fuw Israel yiye, na oyii wɔn fii n’anim.’ Bere a wɔhyɛɛ Israel yii no fii n’asase so no, “wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asiria.” (2 Ahene 17:9-12, 16-18, 23; Hosea 4:12-14) Nea ɛtoo Israel no ara bi na ɛbɛto ne nua Yuda ahemman no.

Yesaia Hyɛ Yuda Sɛe Ho Nkɔm

3. (a) Dɛn nti na Yehowa po Yuda ahemman a ɛyɛ mmusuakuw abien no? (b) Dɛn na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ?

3 Ná Yuda ahemfo no bi yɛ anokwafo, nanso na wɔn mu dodow no ara nte saa. Wɔ ɔhene nokwafo, te sɛ Yotam, nniso ase mpo no, nkurɔfo no annan amfi atoro som ho korakora. (2 Ahene 15:32-35) Yuda amumɔyɛ duu ne mpɔmpɔn so bere a Ɔhene Manase mogyapɛfo no bedii ade no, na sɛnea Yudafo atetesɛm kyerɛ no, ɔno na okum odiyifo nokwafo Yesaia denam hyɛ a ɔhyɛ ma wɔde ɔwan paee ne mu so. (Fa toto Hebrifo 11:37 ho.) Ɔhene tirimɔdenfo no ‘kɔɔ so daadaa Yuda ne Yerusalemfo ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a Yehowa sɛee wɔn wɔ Israelfo anim no.’ (2 Beresosɛm 33:9) Wɔ Manase nniso ase no, asase no sɛee koraa sen bere a na Kanaanfo di so no. Enti, Yehowa ka sɛ: “Hwɛ mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛte no, n’asõ abien mu bɛyɛ no yɔnn. . . . na mɛpopa Yerusalem mu sɛnea wɔpopa asanka mu, wɔpopa na wɔdan butuw; na mɛpo m’agyapade nkae no, na mede wɔn mahyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔayɛ dwow ade ne afow ade ama wɔn atamfo nyinaa, efisɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wohuru me bo.”—2 Ahene 21:11-15.

4. Dɛn na Yehowa de bɛyɛ Yuda, na ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ yi nya mmamu?

4 Te sɛ asanka a wɔdan butuw ma nea ɛwom nyinaa hwie gu no, wɔbɛma asase no ada mpan. Yesaia san hyɛ saa Yuda ne Yerusalem sɛe a ɛreba yi ho nkɔm bio. Ofi ase sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] resɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete.” (Yesaia 24:1) Saa nkɔmhyɛ yi nya mmamu bere a Babilon asraafo a Ɔhene Nebukadnesar di wɔn anim bɛtow hyɛ Yerusalem so sɛe no ne n’asɔrefie na Yudafo wuwu nkrante, ɔkɔm, ne yare ano no. Wɔde Yudafo a wofi mu ka no pii kɔ nnommumfa mu wɔ Babilon, na kakra a ɛka wɔn wɔ akyi no guan kɔ Misraim. Enti wɔsɛe Yuda asase no ma ɛda mpan koraa. Ofie mmoa mpo nka. Enti asase a ɛda mpan no bɛdan kwaebirentuw a mmoa akɛse ne nnomaa ayɛ mu ma.

5. So wobeyi obi afi Yehowa atemmu no mu? Kyerɛkyerɛ mu.

5 So wobeyi Yudafo no bi afi atemmu a ɛreba no mu? Yesaia bua sɛ: “Na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfo, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfo sɛ ɔtɔnfo, ɔdefirifo sɛ ɔdefɛmfo, ɔkafo sɛ ɔkafoni: wɔbɛsɛe asase pasaa, na wɔafow no pasaa, efisɛ [Yehowa, “NW”] na waka asɛm yi.” (Yesaia 24:2, 3) Ahonyade ne hokwan a obi nya de som wɔ asɔrefie hɔ remma wonyi no mfi mu. Wɔrenyi obiara mfi mu. Asase no asɛe araa ma ɛsɛ sɛ wɔde obiara a ɔte so—asɔfo, nkoa ne awuranom, adetɔfo ne adetɔnfo—kɔ nnommum mu.

6. Dɛn nti na Yehowa yi ne nhyira fi asase no so?

6 Nea ɛbɛyɛ na wontwiwontwi biara mma no, Yesaia ka sɛnea ɔsɛe a ɛreba yi di mũ ho asɛm, na ɔkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu sɛ: “Asase abotow, akisa, wiase anyam, akisa, asase so nkurɔfo mu anuonyam anyam. Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔatõ daa apam no. Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo di sõ; enti na asase sofo ahyew, na aka so adesamma ketewaa bi.” (Yesaia 24:4-6) Bere a wɔde Kanaan asase no maa Israelfo no, wohui sɛ ɛyɛ “asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so.” (Deuteronomium 27:3) Nanso, wɔkɔɔ so de wɔn ho too Yehowa nhyira so. Sɛ wɔkɔ so di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm so a, na asase no ‘bɛma ne nnɔbae,’ nanso sɛ wɔanni ne mmara ne n’ahyɛde so a, na mmɔden a wɔbɛbɔ de adɔw asase no ‘bɛyɛ ɔkwa,’ na asase no “rensow aba.” (Leviticus 26:3-5, 14, 15, 20) Ná Yehowa nnome ‘bɛmene asase no.’ (Deuteronomium 28:15-20, 38-42, 62, 63) Afei na Yuda betumi ahwɛ kwan sɛ saa nnome no bɛba ne so.

7. Ɔkwan bɛn so na na Mmara apam no bɛyɛ nhyira ama Israelfo no?

7 Bɛyɛ mfe 800 ansa na Yesaia reba no, Israelfo no fii wɔn pɛ mu ne Yehowa yɛɛ apam, na wɔpenee so sɛ wobedi apam no so. (Exodus 24:3-8) Ná saa Mmara apam no mu nsɛm kyerɛ sɛ, sɛ wodi Yehowa mmara so a, wobenya ne nhyira pii, nanso sɛ wobu apam no so a, wɔbɛhwere ne nhyira na atamfo de wɔn akɔ nnommum mu. (Exodus 19:5, 6; Deuteronomium 28:1-68) Ná ɛsɛ sɛ wɔde saa Mmara apam a wɔnam Mose so de mae yi di dwuma bere nyinaa, bere a wonnim ano. Ná ɛbɛbɔ Israelfo ho ban akosi sɛ Mesia no bɛba.—Galatifo 3:19, 24.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no ‘atiatia mmara no so’ na ‘wɔasakra ahyɛde no’? (b) Akwan bɛn so na ‘anuonyamfo’ bedi kan “akisa”?

8 Nanso nkurɔfo no ‘atõ daa apam no.’ Wɔatiatia Onyankopɔn mmara a ɔde maa wɔn no so, na wɔabu wɔn ani agu so. “Wɔasakra ahyɛde no,” na wɔadi mmara foforo a ɛnyɛ nea Yehowa de maa wɔn no akyi. (Exodus 22:25; Hesekiel 22:12) Enti, wobetu nkurɔfo no afi asase no so. Wɔrenhu wɔn mmɔbɔ wɔ atemmu a ɛreba no mu. Wɔn a wobedi kan “akisa” esiane Yehowa ahobammɔ ne ne dom a obeyi afi wɔn so nti no bi ne ‘anuonyamfo,’ adehye no. Nea ɛbɛyɛ na Yerusalem sɛe a abɛn ho nkɔm yi anya mmamu no, nea edi kan no Misrifo ne afei Babilonfo de Yuda ahene yɛ nkoa. Enti, Ɔhene Yehoiakin ne adehye abusua no mufo foforo ka wɔn a wodi kan de wɔn kɔ Babilon nnommum mu no ho.—2 Beresosɛm 36:4, 9, 10.

Ahurusidi Fi Asase no So

9, 10. (a) Dwuma bɛn na kuayɛ di wɔ Israel? (b) Dɛn na ‘tra a obiara tra n’ankasa bobe ne ne borɔdɔma ase’ no kyerɛ?

9 Israel man no yɛ akuafo. Efi bere a Israelfo no hyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, nea wɔyɛe wɔ wɔn asetram ne afuw ne mmoayɛn. Enti, kuayɛ ho nsɛm wɔ mmara a wɔde maa Israel no mu kɛse. Wɔhyɛ mmara sɛ wɔmma asase no nhome afe a ɛto so ason biara, sɛnea ɛbɛyɛ a asase no bɛsan adɔ srade. (Exodus 23:10, 11; Leviticus 25:3-7) Wɔde afahyɛ abiɛsa a wɔhyɛ sɛ ɔman no nni no afe biara no hyɛ bere a wotwa nnɔbae.—Exodus 23:14-16.

10 Bobe nturo abu so wɔ asase no so. Kyerɛwnsɛm no ka nsa, ade a efi bobe mu, ho asɛm sɛ akyɛde a efi Nyankopɔn a ‘ɛma koma ani gye.’ (Dwom 104:15) Tra a obiara ‘tra n’ankasa bobe ne ne borɔdɔma ase’ no kyerɛ yiyedi, asomdwoe, ne ahobammɔ a wobenya wɔ Onyankopɔn trenee nniso ase. (1 Ahene 4:25; Mika 4:4) Wobu afe a wotwa bobe kɛse wom no sɛ nhyira afe ne bere a ɛsɛ sɛ wɔto dwom di ahurusi. (Atemmufo 9:27; Yeremia 25:30) N’abirabɔ no nso yɛ nokware. Sɛ bobe no kisa anaasɛ ansow aba biara, na obobe nyam a, na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ayi ne nhyira afi so—awerɛhow bere kɛse.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia yɛ tebea a ebefi Yehowa atemmu mu aba no ho mfatoho? (b) Adeyɛ a ɛyɛ hu bɛn na Yesaia ka ho asɛm?

11 Enti, sɛnea ɛfata no, Yesaia de bobe ne nneɛma a wɔde yɛ no di dwuma de yɛ tebea a sɛ Yehowa yi ne nhyira fi asase no so a efi mu ba no ho mfatoho sɛ: “Nsãmono twa adwo, obobe anyam; wɔn a wɔn koma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini; mpintin ho ahurusidi agyae, ahosɛpɛwfo hooyɛ to atwa; ɔsanku ho ahurusidi agyae; wɔmfa dwonto nnom nsã, nsã yɛ ne nomfo nwene. Wɔaburuw sakasaka kurow no, wɔatoto afi nyinaa mu mma obi nkɔ mu. Wosu bobesa kɔm mmorɔn so, anigye nyinaa agu, asase so ahurusidi atu kɔ. Nea aka kurow mu ne ɔsɛe, wɔabubu kurow apon pasaa.”—Yesaia 24:7-12.

12 Mpintin ne asanku yɛ nnwinnade a wɔde yi Yehowa ayɛ anigye mu. (2 Beresosɛm 29:25; Dwom 81:2) Wɔrente wɔn dwonto bio bere a Onyankopɔn retwe wɔn aso yi. Wɔrenni bobe twa ho ahurusi bio. Wɔrente nnyigyei a ɛyɛ anigye biara wɔ Yerusalem a adan amamfõ a ‘wɔabubu’ n’apon “pasaa,” na “wɔatoto” n’afie mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara ntumi nkɔ mu no mu. Ade a ɛyɛ hu bɛn na ɛreba wɔn a wɔte asase a efi adebɔ mu adɔ srade no so sɛɛ yi!

Nkaefo Bi ‘Di Ahurusi’

13, 14. (a) Dɛn ne Yehowa mmara a ɛfa nnɔbae no twa ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia de nnɔbae twa ho mmara yɛ mfatoho sɛ ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu no mu? (d) Ɛwom sɛ na sɔhwɛ mu mmere bɔne da wɔn anim de, nanso dɛn ho awerɛhyem na na Yudafo anokwafo betumi anya?

13 Sɛ Israelfo no retwa ngo aba a, na wɔde mmaa boro nnua no mu ma nnuaba no porow. Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, na ɛnsɛ sɛ wɔforo kɔ dubaa no so kɔtetew aba a aka so no. Na saa ara na na ɛnsɛ sɛ wɔtase bobe a aka bere a wɔatwa wɔn bobe nturo mu aba awie no. Ná ɛsɛ sɛ wogyaw nea ɛbɛka no ma ahiafo—“ahɔho, nyisaa ne akunafo”—na wodi mu mpɛpɛw. (Deuteronomium 24:19-21) Bere a Yesaia retwe adwene asi mmara a na wonim no yiye yi so no, ɔma mfatoho bi a ɛyɛ awerɛkyekye a ɛkyerɛ sɛ nnipa bi benya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu a ɛreba no mu sɛ: “Saa na ɛbɛba asase no so, aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi. Wɔn de, wɔbɛma wɔn nne so ato dwom. [Yehowa, “NW”] kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛw bɛteɛm afi po fam. Enti monhyɛ [Yehowa, “NW”] anuonyam apuei, po mu nsupɔw mu nso monkamfo [Yehowa, “NW”], Israel Nyankopɔn, din. Yɛte nnwom a efi asase ano sɛ: Anuonyam nka ɔtreneeni no.”Yesaia 24:13-16a.

14 Sɛnea aba ka dua anaa bobe so wɔ ne twa akyi no, saa ara na ebinom bɛka wɔ Yehowa atemmu mu—“bobe abatew akyi mpɛpɛwadi.” Sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nkyekyem 6 no, odiyifo no aka eyi ho asɛm dedaw sɛ ‘aka adesamma ketewaa bi.’ Nanso, ɛmfa ho sɛ wosua no, ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Yerusalem ne Yuda sɛe no mu, na akyiri yi nkaefo bi befi nnommum mu aba abɛwo ahyɛ asase no so ma. (Yesaia 4:2, 3; 14:1-5) Ɛwom sɛ komapafo behyia sɔhwɛ mu mmere bɔne de, nanso wobetumi anya awerɛhyem sɛ ogye ne anigye bi da wɔn anim. Wɔn a wobefi mu aka no behu sɛ Yehowa nkɔmhyɛ asɛm anya mmamu, na wobehu sɛ Yesaia yɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo. Anigye bɛhyɛ wɔn koma ma bere a wohu sanba ho nkɔmhyɛ no mmamu no. Wobefi baabiara a wɔapete—sɛ́ ɛyɛ Mediterranea nsupɔw a ɛwɔ Atɔe fam, Babilon a ɛwɔ “apuei” (baabi a owia pue fi), anaa akyirikyiri beae foforo no—wobeyi Onyankopɔn ayɛ sɛ wakora wɔn so, na wɔbɛto dwom sɛ: “Anuonyam nka ɔtreneeni no.”

Wɔrennya Ogye Wɔ Yehowa Atemmu Mu

15, 16. (a) Yesaia te nka dɛn wɔ nea ɛbɛto ne nkurɔfo no ho? (b) Dɛn na ɛbɛba asase no sofo a wonni nokware no so?

15 Nanso, mprempren ahurusidi no renkyɛ. Yesaia de ne bere sofo no ba mprempren tebea mu, na ɔka sɛ: “Na mise: Meresã, meresã, minnue! Afowfo refow, afow na afowfo refow. Ehu ne oku ne hentia da wo a wote asase so hɔ; na nea oguan fi ehu nkãte ho no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku no mu no, wɔde hentia yi no. Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere ma asase nnyinaso wosowosow. Oburuw na asase buruw, ɔpae na asase pae, ɔpopo na asase popo. Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na ehinhim sɛ asesewa bi, na ne mmarato ayɛ no so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.”—Yesaia 24:16b-20.

16 Nea ɛbɛba Yesaia nkurɔfo so no ma odi awerɛhow. Tebea a ɔwɔ mu no ma ɔyare na ne ho hiahia no. Nkontompofo adɔɔso na wɔhaw asase no sofo. Sɛ Yehowa yi n’ahobammɔ a, Yudafo a wonni nokware no bɛbɔ hu awia ne anadwo. Wɔrenhu nea ɛbɛba wɔn so. Wɔrentumi nguan mfi ɔhaw a ɛbɛba wɔn so no mu esiane Yehowa mmara ne nyansa a wɔapo nti. (Mmebusɛm 1:24-27) Ɔhaw bɛba, ɛmfa ho mpo sɛ asase no so nkontompofo bɔ mmɔden daadaa nkurɔfo no sɛ biribiara bɛkɔ yiye, na wɔnam atoro ne nnaadaasɛm so de wɔn kɔ ɔsɛe mu no. (Yeremia 27:9-15) Atamfo befi abɔnten abɛfow wɔn de wɔn akɔ nnommum mu. Eyinom nyinaa ma Yesaia ho hiahia no.

17. (a) Dɛn nti na wɔrennya ogye biara? (b) Sɛ Yehowa atemmu tumi fi soro ba a, dɛn na ɛbɛto asase no?

17 Nanso, ɛka odiyifo no ma ɔka sɛ wɔrennya ogye biara. Baabiara a nkurɔfo no bɔ mmɔden sɛ wobeguan akɔ no, wɔbɛkyere wɔn. Ebinom betumi aguan ɔhaw bi, nanso wɔbɛkyere wɔn wɔ foforo mu—wɔrennya ahobammɔ biara. Ɛbɛyɛ sɛ aboa a wɔretaa no a oguan, nanso ɔkɔtɔ amoa bi mu ma afiri yi no. (Fa toto Amos 5:18, 19 ho.) Yehowa atemmu tumi fi soro bɛba, na awosow asase nnyinaso ankasa. Te sɛ ɔsabofo no, asase no tɔ ntintan na ɛhwe ase, na bɔne dɛn no ma entumi nsɔre bio. (Amos 5:2) Yehowa atemmu betwa biribiara to. Asase no behyia ɔsɛe pasaa, na adan amamfõ.

Yehowa Bedi Tumi Anuonyam Mu

18, 19. (a) Dɛn na “ɔsoro dɔm” no betumi akyerɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛboaboa eyinom ano “nneduadan mu”? (b) Ɛda adi sɛ, ɔkwan bɛn so na wɔde adwene bɛba “ɔsoro dɔm” no so wɔ “nna bebree akyi”? (d) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de adwene bɛba “fam ahene” so?

18 Yesaia nkɔmhyɛ no ka nneɛma akɛse ho asɛm seesei, na ɛtwe adwene si Yehowa atirimpɔw a ebenya mmamu awiei koraa no so: “Ɛda no, [Yehowa, “NW”] bɛtwe ɔsoro dɔm asõ, ɔsoro, ne fam ahene aso, ɛfam. Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛ wɔboaboa nneduafo ano hyɛ amoa mu, na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn asõ. Na ɔsram ani bewu, na owia anim agu ase, efisɛ asafo [Yehowa, “NW”] di hene Sion bepɔw so ne Yerusalem, ne ne mpanyimfo anim anuonyam mu.”—Yesaia 24:21-23.

19 “Ɔsoro dɔm” betumi agyina hɔ ama adaemone a wɔne “wiase yi sum mu atumfo . . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” no. (Efesofo 6:12) Eyinom anya wiase tumidi so nkɛntɛnso kɛse. (Daniel 10:13, 20; 1 Yohane 5:19) Wɔn botae ne sɛ wɔbɛdan nkurɔfo afi Yehowa ne ne nokware som ho. Hwɛ sɛnea wotumi daadaa Israel ma wodii aman a na atwa wɔn ho ahyia nneyɛe a aporɔw no akyi ma enti na wɔfata Onyankopɔn soro atemmu no! Nanso Satan ne n’adaemone no bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn, bere a awiei koraa no, ɔdan n’adwene ba wɔne asase so atumfoɔ, “fam ahene,” a wɔadaadaa wɔn ma wɔasɔre atia Onyankopɔn na wobu ne mmara so no so no. (Adiyisɛm 16:13, 14) Sɛnkyerɛnne kwan so no, Yesaia ka sɛ wɔbɛboaboa wɔn ano na “wɔato wɔn mu, nneduadan mu.” “Nna bebree akyi” ebia bere a wɔagyae Satan ne n’adaemone no (nanso ɛnyɛ “fam ahene” no) kakra wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no, Onyankopɔn de asotwe a etwa to a ɛfata wɔn bɛba wɔn so.—Adiyisɛm 20:3, 7-10.

20. Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na Yehowa ‘dii hene’ wɔ tete ne nnɛ mmere mu?

20 Enti Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi maa Yudafo no nyaa anidaso a ɛyɛ anigye. Wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, na ɔbɛma tete Babilon ahwe ase, na wasan de Yudafo no aba wɔn asase so. Wɔ 537 A.Y.B. mu, bere a ɔda ne tumi ne ne kɛseyɛ adi ma ne nkurɔfo no, na wobetumi aka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Mo Nyankopɔn di hene.’ (Yesaia 52:7) Wɔ nnɛ mmere yi mu no, Yehowa ‘bedii hene’ wɔ 1914 mu bere a ɔde Yesu Kristo sii agua so sɛ Ɔhene wɔ Ne soro Ahenni mu no. (Dwom 96:10) ‘Obedii hene’ wɔ 1919 mu nso bere a ɔdaa n’ahenni tumi adi denam honhom fam Israel a oyii wɔn fii Babilon Kɛse no nkoasom mu so no.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na “ɔsram ani bewu, na owia anim agu ase”? (b) Nteɛm bɛn na enya ne mmamu a ɛsen biara?

21 Yehowa ‘bedi hene’ bio bere a ɔde Babilon Kɛse ne nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nyinaa aba awiei no. (Sakaria 14:9; Adiyisɛm 19:1, 2, 19-21) Ɛno akyi no, Yehowa Ahenni nniso no bɛhyerɛn araa ma ɔsram a ɛhyerɛn yiye anadwo anaa owia a ɛhyerɛn awia ketee rento n’anuonyam. (Fa toto Adiyisɛm 22:5 ho.) Wɔn anim begu ase, sɛnea yɛbɛka no no, sɛ wɔde wɔn ho bɛtoto asafo Yehowa anuonyam ho. Yehowa bɛyɛ otumfoɔ pumpuni. Nnipa nyinaa behu ne tumi ne n’anuonyam a ɛboro ade nyinaa so no. (Adiyisɛm 4:8-11; 5:13, 14) Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Saa bere no, yɛbɛte nteɛm a ɛwɔ Dwom 97:1 no asase nyinaa so bere a enya mmamu a ɛsen biara no sɛ: “[Yehowa, NW] di hene, asase ho san no, nsupɔw bebree ani gye.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 262]

Wɔrente nnwonto ne ahurusidi wɔ asase no so bio

[Mfonini wɔ kratafa 265]

Ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu no mu, sɛnea duaba ka dua so wɔ ne twa akyi no

[Mfonini wɔ kratafa 267]

Yesaia di awerɛhow wɔ nea ɛbɛba ne nkurɔfo so no ho

[Mfonini wɔ kratafa 269]

Owia anaa ɔsram rento Yehowa anuonyam