Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hura Tiro a Ɛyɛ Ahantan no Ho

Yehowa Hura Tiro a Ɛyɛ Ahantan no Ho

Ti Dunkron

Yehowa Hura Tiro a Ɛyɛ Ahantan no Ho

Yesaia 23:1-18

1, 2. (a) Ná tete Tiro yɛ kurow bɛn? (b) Nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa Tiro ho?

NÁ “N’AHOƆFƐ wie pɛyɛ,” na na “ɔwɔ ahonyade nyinaa bi.” (Hesekiel 27:4, 12, An American Translation) Ná ne po so ahyɛnkuw no fa po so kɔ akyirikyiri. ‘N’anim baa nyam ɛpo horow no mfinimfini,’ na ɔde ‘n’ahonyade’ maa “asase so ahene nyaa wɔn ho.” (Hesekiel 27:25, 33) Wɔ afeha a ɛto ason A.Y.B. mu no, saa na naTiro—Foinikefo kurow a ɛda Mediterranea apuei fam tɔnn no—gyinabea te.

2 Nanso, na ɔsɛe reba Tiro so. Mfe 100 ansa na Hesekiel reka ne ho asɛm no, odiyifo Yesaia kaa Foinikefo abankɛse yi ne awerɛhow a wɔn a wɔde wɔn ho to no so bedi no ho asɛm. Yesaia hyɛɛ nkɔm nso sɛ bere bi akyi no, Onyankopɔn bɛdan n’adwene aba kurow no so, na wama anya nkɔso bio. Ɔkwan bɛn so na odiyifo no nsɛm no nyaa mmamu? Na dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo Tiro no nyinaa mu? Nea ɛtoo no ne nea enti a saa nneɛma no totoo no ho ntease a edi mu a yebenya no bɛhyɛ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi a yɛwɔ mu den.

“Mo Tarsis Ahyɛn, Muntwa Adwo”

3, 4. (a) Ɛhe na na Tarsis wɔ, na abusuabɔ bɛn na na ɛwɔ Tiro ne Tarsis ntam? (b) Dɛn nti na hyɛn mu adwumayɛfo a wɔne Tarsis di gua no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wotwa adwo’?

3 Wɔ asɛmti, “Tiro ho atemmusɛm” ase no, Yesaia ka sɛ: “Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, efisɛ wɔasɛe no a ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio!” (Yesaia 23:1a) Wogye di sɛ na Tarsis yɛ Spain a efi Tiro a ɛwɔ Mediterranea apuei fam rekɔ hɔ ware yiye no fã. * Nanso, na Foinikefo no nim po so adwuma yiye, na na wɔwɔ po so ahyɛn akɛse a eye ma po so akwantu. Abakɔsɛm akyerɛwfo bi gye di sɛ Foinikefo na wodii kan huu abusuabɔ a ɛwɔ ɔsram ne asorɔkye ntam, na wɔde nsoromma ho nimdeɛ dii dwuma sɛ ade a ɛboa wɔn wɔ po so akwantu mu. Enti na kwantenten a efi Tiro kɔ Tarsis no nyɛ akwanside mma wɔn.

4 Wɔ Yesaia bere so no, na Tarsis a ɛwɔ akyirikyiri no yɛ Tiro aguadibea, ebia ɛhɔ ne beae titiriw a ɛma onyaa ne ho bere a osii so no. Spain tu nkoron pii a fagude te sɛ dwetɛ, dade, sɛnyaa, ne afoforo ka ho. (Fa toto Yeremia 10:9; Hesekiel 27:12 ho.) “Tarsis ahyɛn,” ɛda adi sɛ ahyɛn a efi Tiro a ɛne Tarsis di gua no, wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wotwa adwo,’ na wodi abooboo wɔ wɔn man no po so hyɛn gyinabea a wɔbɛsɛe no no ho.

5. Ɛhe na hyɛn mu adwumayɛfo a wofi Tarsis reba no bɛte Tiro asehwe no ho asɛm?

5 Ɔkwan bɛn so na hyɛn mu adwumayɛfo a wɔwɔ po so no bɛte Tiro asehwe ho asɛm? Yesaia bua sɛ: “Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn.” (Yesaia 23:1b) Ɛda adi sɛ, “Kitim asase” no kyerɛ Kipro supɔw a ɛwɔ Foinike mpoano atɔe fam bɛyɛ kilomita 100 no. Ɛha ne baabi a etwa to a apuei fam ahyɛn a efi Tarsis no gyina ansa na adu Tiro. Enti, hyɛn mu adwumayɛfo no bɛte wɔn man mu po so hyɛn gyinabea a wɔdɔ no asehwe no ho amanneɛbɔ bere a wogyina Kipro no. Hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn! Ahodwiriw nti, wɔde awerɛhow ‘betwa adwo.’

6. Kyerɛkyerɛ Tiro ne Sidon ntam abusuabɔ no mu.

6 Nnipa a wɔwɔ Foinike mpoano no nso ho bedwiriw wɔn. Odiyifo no ka sɛ: “Mo mpoanofo, monyɛ komm! Sidon aguadifo a wotwa po no yɛɛ wo ma; na wɔfaa nsu bebree so de Sihor nnɔbae, Nil ano awi bae, na ɛyɛɛ amanaman aguadi mfaso.” (Yesaia 23:2, 3) Tiro asehwe a ɛyɛ hu no ho ahodwiriw no bɛma “mpoanofo”—aman a ɛbemmɛn Tiro—no ayɛ komm. Henanom ne “Sidon aguadifo” a ‘wɔhyɛɛ’ mpoanofo yi ‘ma,’ ma wɔyɛɛ adefo no? Mfiase no, na Tiro yɛ Sidon a ɛyɛ kurow a po so hyɛn gyina hɔ, a ɛwɔ kusuu fam bɛyɛ kilomita 35, no fã. Sidon ka ne ho asɛm wɔ ne dwetɛ sika so sɛ Tiro maame. Ɛwom sɛ Tiro sen Sidon wɔ ahonyade mu de, nanso ɔda so ara yɛ ‘Sidon babea,’ na emufo no da so ara frɛ wɔn ho Sidonfo. (Yesaia 23:12) Enti, ebetumi aba sɛ asɛm “Sidon aguadifo” no kyerɛ Tiro aguadifo no.

7. Ɔkwan bɛn so na Sidon aguadifo de ahonyade ahwete?

7 Esiane aguadi nti, Sidonfo a wodi yiye no di Mediterranea Po no so akɔneaba. Wɔde Sihor, Nil Asubɔnten apuei fam nkorabata a ɛwɔ Misraim faka mantam hɔ no nnɔbae, anaa awi kɔ mmeae pii. (Fa toto Yeremia 2:18 ho.) Misraim nnɔbae foforo nso ka ‘Nil awi’ no ho. Nneɛma a ɛte saa ho gua a wodi no yɛ nea po so aguadifo yi ne aman a wɔne wɔn di gua no nya mu mfaso kɛse. Ná Sidon aguadifo no de sika ahyɛ Tiro mã. Nokwarem no, wobedi ne sɛe ho awerɛhow!

8. Nkɛntɛnso bɛn na Tiro sɛe no benya wɔ Sidon so?

8 Afei Yesaia de nsɛm a edi so yi ka Sidon ho asɛm sɛ: “Sidon, ma w’ani nwu: na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa.” (Yesaia 23:4) Wɔ Tiro sɛe akyi no, beae a kurow no da wɔ mpoano hɔ no bɛdan amamfõ. Ɛte sɛ nea po no de ahohia besu, te sɛ ɛna a wahwere ne mma na wahaw araa ma afei de ɔka sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn. Sidon ani bewu wɔ nea ɛto ne babea no ho.

9. Wɔde awerɛhow a nkurɔfo di wɔ Tiro asehwe ho no bɛtoto awerɛhow a wodi wɔ nsɛm foforo a esisi bɛn ho?

9 Yiw, Tiro sɛe ho amanneɛbɔ bɛma wɔadi awerɛhow kɛse. Yesaia ka sɛ: “Misraim te nka ara pɛ, ebedi Tiro asɛm no ho yaw kɛse.” (Yesaia 23:5) Yɛde wɔn a wodi awerɛhow no yaw bɛtoto nea nkurɔfo di bere a wɔte Misraim ho amanneɛbɔ no ho. Amanneɛbɔ bɛn na odiyifo no ka ho asɛm no? Ebetumi aba sɛ ɛyɛ ne kan ‘atemmusɛm a ɛfa Misraim ho’ no mmamu. * (Yesaia 19:1-25) Anaasɛ ebia nea odiyifo no reka ho asɛm no ne amanneɛbɔ a ɛfa Farao asraafo a wɔsɛee wɔn wɔ Mose bere so a ɛmaa obiara ho dwiriw no no ho. (Exodus 15:4, 5, 14-16; Yosua 2:9-11) Sɛnea ɛte biara no, wɔn a wɔte Tiro sɛe ho amanneɛbɔ no bedi yaw kɛse. Wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wonguan nkɔ Tarsis a ɛwɔ akyirikyiri no nkɔpɛ guankɔbea, na wɔhyɛ wɔn sɛ wontwa adwo mfa nkyerɛ wɔn awerɛhodi: “Muntwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofo, muntwa adwo.”—Yesaia 23:6.

‘Wofi Tete Beeme’ Di Ahurusi

10-12. Ka Tiro ahonya, edin, ne nkɛntɛnso a enyae tete no ho asɛm.

10 Tiro yɛ tete kurow, sɛnea Yesaia kae yɛn bere a obisa eyi no: ‘So eyi ne mo ahurusidi kurow fi tete beeme no?’ (Yesaia 23:7a) Tiro ahonya kɔ akyiri, anyɛ yiye koraa no, kodu Yosua bere so. (Yosua 19:29) Mfe a abɛsen kɔ no, Tiro begyee din sɛ kurow a ɛde nnade yɛ nneɛma, yɛ nhwehwɛ, ne tankɔkɔɔ. Nhama a ne bo yɛ den sen biara na wɔde yɛ Tiro ntama no, na adehye na wɔhwehwɛ saa ntama no. (Fa toto Hesekiel 27:7, 24 ho.) Tiro san yɛ baabi a asase so akwantufo di gua, na ɛhɔ ne baabi a wɔde nneɛma fa kɔ amannɔne san kra bi fa hɔ ba.

11 Bio nso, kurow no wɔ asraafo a wɔyɛ den. L. Sprague de Camp kyerɛw sɛ: “Ɛwom sɛ wɔn ani nnye ɔko ho de—ná wɔyɛ aguadifo, ɛnyɛ asraafo—nanso Foinikefo no de akokoduru ne mpi bɔɔ wɔn kurow no ho ban. Saa su yi ne po so adwuma a na wonim no na ɛmaa Tirofo no tumi ne Asiria asraafo a saa bere no, na wɔyɛ den sen biara no dii asi no.”

12 Nokwarem no, Tiro gye din yiye wɔ Mediterranea asase no so. “Ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtraa hɔ.” (Yesaia 23:7b) Foinikefo no tu kwan kɔ akyirikyiri kɔhyehyɛ baabi a wobedi gua ne mmeae a po so ahyɛn begyina, na ɛtɔ mmere bi a, saa mmeae yi bɛdan nkurow. Sɛ nhwɛso no, Carthage a ɛwɔ Afrika kusuu fam mpoano no yɛ Tiro kurow. Bere bi akyi no, ɛbɛsen Tiro, na ɛne Roma apere Mediterranea nsase no ho.

Wohura Ɔhantanfo no Ho

13. Dɛn nti na wɔka sɛ obiara ntumi nkasa ntia Tiro?

13 Esiane tete nneɛma ne ahonyade a na Tiro wɔ no nti, asɛmmisa a edi hɔ yi fata: “Hena na ɔbɔɔ ne tirim pɔw yi hyɛɛ Tiro, abotirimafo no a n’aguadifo yɛ mmakoma ara nko, na n’abatafo yɛ asase so anuonyamfo ara nko no.” (Yesaia 23:8) Hena na obetumi akasa atia kurow a apaw nnipa a wɔyɛ den sɛ ahene wɔ ne nkurow mu ne mmeae foforo—ma enti abɛdan “abotirimafo” no? Hena na obetumi akasa atia kurow a n’aguadifo yɛ mmakoma na n’abatafo yɛ anuonyamfo no? Maurice Chehab, a kan no na ɔyɛ Ɔman Tete Nneɛma Akorae kwankyerɛfo wɔ Beirut, Lebanon no kae sɛ: “Efi afeha a ɛto so akron kosi asia A.Y.B. mu no, Tiro benyaa gyinabea titiriw a London nyae wɔ afeha a ɛto so aduonu mfiase no bi.” Enti na hena na obetumi akasa atia saa kurow yi?

14. Hena na ɔka Tiro ho atemmusɛm, na dɛn ntia?

14 Mmuae a efi honhom mu no bɛma nkurɔfo ho adwiriw wɔn wɔ Tiro ho. Yesaia ka sɛ: “Asafo [Yehowa, “NW”] abɔ ne tirim, sɛ obegurow ahoɔfɛ nyinaa ahantan, na wahura asase so anuonyamfo nyinaa ho.” (Yesaia 23:9) Dɛn nti na Yehowa bu saa tete kurow a anya ne ho yi atɛn? Esiane sɛ emufo som atoro nyame Baal nti? Esiane abusuabɔ a Tiro ne Isebel—Sidon, a Tiro ka ho, no hene Etbaal babea—a ɔwaree Israel hene Ahab na okunkum Yehowa adiyifo no nyae nti? (1 Ahene 16:29, 31; 18:4, 13, 19) Nsɛmmisa abien no nyinaa ho mmuae yɛ dabi. Wobu Tiro fɔ esiane n’ahantan nti—ɔnam nnipa foforo, a Israelfo ka ho, so adɔ srade. Wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu no, Yehowa nam odiyifo Yoel so ka kyerɛɛ Tiro ne nkurow foforo sɛ: “Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafo, sɛ moreyi wɔn afi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.” (Yoel 3:6) So Onyankopɔn betumi atra hɔ aka sɛ Tiro mfa ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no nyɛ aguade kɛkɛ?

15. Tiro bɛyɛ n’ade dɛn bere a Nebukadnesar ma Yerusalem hwe ase no?

15 Mfe ɔha a ebetwam no remma Tiro nsakra. Sɛ Babilon hene Nebukadnesar asraafo sɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu a, Tiro bedi ahurusi aka sɛ: “Wiɛ! Wɔabubu [Yerusalem] nkurɔfo apon! Ɛbɛdan aba me nkyɛn. Mɛyɛ ma—wɔayɛ no pasaa.” (Hesekiel 26:2, NW) Tiro bedi ahurusi, na ɛbɛhwɛ kwan sɛ ebenya Yerusalem sɛe no so mfaso. Esiane sɛ Yudafo ahenkurow no ne no renni asi bio nti, ɔhwɛ kwan sɛ obenya aguadifo pii. Yehowa bebu wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “anuonyamfo,” na wofi ahantan mu ne ne nkurɔfo atamfo yɛ biako no animtiaa.

16, 17. Dɛn na ɛbɛto Tirofo bere a kurow no ahwe ase no? (Hwɛ ase hɔ asɛm.)

16 Yesaia toa Yehowa afobu a etia Tiro no so sɛ: “Tarsis babea, yerɛw w’asase so sɛ Nil; nkyekyeremu bi nni hɔ bio. Wateɛ ne nsa akyerɛ po so, wawosow ahenni horow, [Yehowa, “NW”] ahyɛ Kanaan so mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛse. Na waka sɛ: Nkɔ so nni ahurusi bio, Sidon ba ababaa a wɔabɔ wo adapaa. Kitim na sɔre twam kɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.”—Yesaia 23:10-12.

17 Dɛn nti na wɔfrɛ Tiro “Tarsis babea”? Efisɛ sɛ wodi Tiro so nkonim a, ebia Tarsis na ɛbɛyɛ nkurow abien no mu nea ɛwɔ tumi. * Sɛ Tiro dan amamfõ a, wɔn a wɔte hɔ no bɛbɔ ahwete sɛ asubɔnten a ayiri, a n’asukɔn abubu, na emu nsu no asen akɔ nsasetaw a ɛbemmɛn hɔ nyinaa so. Yesaia asɛm a ɔka kyerɛ “Tarsis babea” no si sɛnea ade a ɛbɛto Tiro no mu bɛyɛ den afa no so dua. Yehowa ankasa trɛw ne nsam na ɔde ahyɛde no ma. Obiara ntumi nsesa nea ebefi mu aba no.

18. Dɛn nti na wɔfrɛ Tiro ‘Sidon baabunu,’ na ɔkwan bɛn so na ne tebea bɛsesa?

18 Yesaia san ka Tiro ho asɛm sɛ ‘Sidon baabunu,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ nkonimdifo a wofi amannɔne no nnya nkyeree no nsɛee no, na ɛda so ara yɛ ɔman a ɛnhyɛ obiara ase. (Fa toto 2 Ahene 19:21; Yesaia 47:1; Yeremia 46:11 ho.) Nanso, seesei ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, na te sɛ aguanfo no, emufo no bi betwa akɔ Foinike kurow Kitim mu. Nanso, esiane sɛ wɔn sikasɛm sɛe nti, wɔn ani renka hɔ.

Kaldeafo na Wɔbɛsɛe No

19, 20. Hena na wɔhyɛ nkɔm sɛ obedi Tiro so nkonim, na ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ no nya mmamu?

19 Amammui tumidi bɛn na ɛde Yehowa atemmu bɛba Tiro so? Yesaia ka sɛ: “Hwɛ, Kaldeafo asase no, ɔman yi a anka wɔnyɛ ɔman, Asiriafo ayi ama sare so mmoa, wosii wɔn abantenten wɔ so, wodwiridwiriw n’aban, na wɔma egui. Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, na wɔasɛe mo aban.” (Yesaia 23:13, 14) Kaldeafo—ɛnyɛ Asiriafo—na wobedi Tiro so nkonim. Wobesi wɔn ntua abantenten, adwiriw Tiro aban agu, na wɔama saa Tarsis ahyɛn abankɛse no abubu adan amamfõ.

20 Nea ɛne nkɔmhyɛ no hyia no, Yerusalem asehwe akyi bere tiaa bi no, Tiro tew atua tia Babilon, na Nebukadnesar kɔka kurow no hyɛ mu. Esiane sɛ Tiro susuw sɛ obiara ntumi wɔn nti, wɔko. Wɔ ntua no mu no, kyɛw a ɛhyehyɛ Babilon asraafo no mu hyew ma wɔn ‘atifi popa,’ na nneɛma a wɔtwe de twa mpasua no ma wɔn mmati nyinaa ho ‘worɔworɔw.’ (Hesekiel 29:18) Ntua no ma Nebukadnesar bɔ ka. Wɔsɛe Tiro kurow a ɛwɔ asasetam so no, nanso wontumi mfow emu nneɛma. Wɔde Tiro agyapade no fã kɛse no ara kɔ supɔw ketewa bi a efi mpoano rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 0.8 no so. Esiane sɛ Kaldea hene no nni ahyɛn pii nti, ontumi nko mfa supɔw no. Mfirihyia 13 akyi no, wɔsan kyekye Tiro, nanso ebenya ne ti adidi mu na ahu nkɔmhyɛ afoforo mmamu.

‘Ɔbɛsan Anya N’apaade’

21. Ɔkwan bɛn so na ‘werɛ fi’ Tiro, na bere tenten bɛn na werɛ fi wɔn?

21 Yesaia kɔ so hyɛ nkɔm sɛ: “Na da no ɛbɛba sɛ werɛ befi Tiro mfe aduɔson a ɛte sɛ ɔhene biako bere.” (Yesaia 23:15a) Sɛ Babilonfo sɛe Tiro kurow a ɛwɔ asasetam so no wie a, “werɛ befi” nea ɛwɔ supɔw so no. Nea ɛne nkɔmhyɛ no hyia no, wɔ “ɔhene biako”—Babilon Ahemman—bere so no, Tiro supɔw no rennye din wɔ sika fam bio. Yehowa nam Yeremia so de Tiro ka aman a ɔbɛma wɔanom N’abufuw nsã no ho. Ɔka sɛ: ‘Aman yi bɛsom Babel hene mfirihyia aduɔson.’ (Yeremia 25:8-17, 22, 27) Nokwarem no, Tiro a ɛwɔ supɔw so no anhyɛ Babilon ase mfirihyia 70 koraa, efisɛ Babilon Ahemman no hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu. Ɛda adi sɛ, mfirihyia 70 no kyerɛ bere dodow a Babilon de dii tumi sen biara—bere a Babilon ahene abusua no hoahoaa wɔn ho sɛ wɔde wɔn ahenni asi “Onyankopɔn nsoromma” atifi no. (Yesaia 14:13) Aman horow baa saa nniso no ase mmere horow mu. Nanso mfirihyia 70 no akyi no, na saa nniso no bɛhwe ase. Afei dɛn na ɛbɛba Tiro so?

22, 23. Tiro bɛyɛ sɛn bere a efi Babilon nniso ase no?

22 Yesaia toa so sɛ: “Mfirihyia aduɔson no akyi no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ aguaman dwom no: Fa ɔsanku kyini kurow mu, aguaman a werɛ afi wo, bɔ sanku yiye, na to dwom pii, nea ɛbɛyɛ na wɔakae wo. Na mfe aduɔson no akyi no, [“Yehowa, “NW”] bɛba abɛhwɛ Tiro bio, na wasan anya n’apaade, na ɔne asase so ahenni a ɛwɔ asase ani nyinaa akɔbɔ aguaman bio.”—Yesaia 23:15b-17.

23 Wɔ Babilon asehwe wɔ 539 A.Y.B. mu akyi no, Foinike bɛyɛ Medo-Persia Ahemman no mantam. Persia hene Kores Ɔkɛseɛ, yɛ sodifo a ɔwɔ nneɛma ho koma. Wɔ saa nniso foforo yi ase no, Tiro bɛsan akɔ ne kan dwumadi no so, na wabɔ mmɔden kɛse sɛ obenya din sɛ wiase nyinaa aguadibea—te sɛ aguaman a werɛ afi no na wahwere nkurɔfo a wɔba ne nkyɛn a ɔbɔ sanku kyini kurow mu san hwehwɛ nkurɔfo foforo no. So Tiro bedi yiye? Yiw, Yehowa bɛma wadi yiye. Bere bi akyi no, supɔw no bɛsan adi yiye araa ma ɛrekɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. awiei a, odiyifo Sakaria bɛka sɛ: “Tiro too aban a ɛyɛ den, na otĩaa dwetɛ sɛ mfutuma, ne sika fɛfɛ sɛ mmorɔn so dɔte.”—Sakaria 9:3.

‘N’aguade Bɛyɛ Kronkron’

24, 25. (a) Ɔkwan bɛn so na Tiro aguade bɛyɛ kronkron ama Yehowa? (b) Ɛmfa ho sɛ Tiro boa Onyankopɔn nkurɔfo no, nkɔmhyɛ bɛn na Yehowa nam honhom so ma wɔhyɛ fa ne ho?

24 Hwɛ sɛnea nkɔmhyɛ a edi so yi mu nsɛm da nsow! [Ne mfaso, “NW”] ne n’apaade bɛyɛ kronkron ama [Yehowa, “NW”]; wɔremfa mmɔ dwetiri, na wɔrentĩa; na n’aguade bɛyɛ wɔn a wɔte [Yehowa, “NW”] anim no de, na wɔadi amee, na wɔafura ntama pa.” (Yesaia 23:18) Ɔkwan bɛn so na Tiro honam fam mfaso bɛyɛ ade kronkron? Yehowa di nsɛm ho dwuma na ama wɔde adi dwuma sɛnea ne pɛ te ama—ne nkurɔfo adi amee, na wɔanya ntama. Eyi nya mmamu bere a Israelfo san fi Babilon nnommumfa mu ba no. Tirofo no boa wɔn denam nkyeneduru a wɔde ma wɔn ma wɔde si asɔrefie no so. Wɔne Yerusalem kurow no fi aguadi ase nso.—Esra 3:7; Nehemia 13:16.

25 Eyi nyinaa akyi no, Yehowa nam honhom so ma wɔka Tiro ho atemmusɛm bio. Sakaria hyɛ supɔw a edi yiye seesei no ho nkɔm sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] bɛma wɔafa no adi, na wabɔ ne tumi ɛpo mu, na ɛno ankasa de, ogya bɛhyew no.” (Sakaria 9:4) Eyi nya mmamu wɔ July, 332 A.Y.B. mu, bere a Alexander Ɔkɛseɛ sɛee saa po so awuraa a ɔyɛ ahantan no.

Kwati Ade Dodowpɛ ne Ahantan

26. Dɛn nti na Onyankopɔn buu Tiro fɔ?

26 Yehowa buu Tiro fɔ wɔ ahantan ho, su a Okyi. “Ani a ɛtra ntɔn” na wodi kan bɔ din wɔ nneɛma ason a Yehowa kyi no mu. (Mmebusɛm 6:16-19) Paulo de ahantan bataa Satan Ɔbonsam ho, na biribi wɔ nsɛm a Hesekiel de ka Tiro a ɛyɛ ahantan no ho asɛm no mu a ɛfa Satan ankasa ho. (Hesekiel 28:13-15; 1 Timoteo 3:6) Dɛn nti na na Tiro yɛ ahantan? Bere a Hesekiel reka Tiro ho asɛm no, ɔka sɛ: “W’ade no nti wo koma ahoman.” (Hesekiel 28:5) Ná aguadi ne sikapɛ dodow adi kurow no ti. Yiye a Tiro dii wɔ eyi mu no maa ɔyɛɛ ahantan a ɛso bi nni. Yehowa nam Hesekiel so ka kyerɛɛ “Tiro man panyin” no sɛ: “Wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete.”—Hesekiel 28:2.

27, 28. Afiri bɛn na nnipa betumi atɔ mu, na Yesu yɛɛ eyi ho mfatoho dɛn?

27 Aman betumi agyae wɔn ho mu ama ahantan na wɔanya ahonyade ho adwene a ɛmfata—na saa ara na ebetumi ato ankorankoro nso. Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛkyerɛɛ sɛnea saa afiri yi betumi ayɛ anifere kwan so ade. Ɔkaa ɔdefo bi a n’asase sow aba pii ho asɛm. Ɔbarima no de anigye yɛɛ nhyehyɛe sɛ obesisi asan akɛse de ne nnɔbae no agu mu, na ɔde anigye hwɛɛ kwan sɛ ɔde mfirihyia pii bedwudwo ne ho. Nanso amma saa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?” Yiw, ɔbarima no wui, na n’ahonyade no amfa hwee ammrɛ no.—Luka 12:16-20.

28 Yesu de mfatoho no baa awiei sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.” (Luka 12:21) Ahonyade a onyae no ankasa nyɛ mfomso, na na ɛnyɛ bɔne sɛ otwaa nnɔbae pii. Baabi a ɔbarima no dii mfomso ne eyinom a ɔde yɛɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu no. Ná ne werɛ nyinaa hyɛ n’ahonyade mu. Bere a ɔresusuw daakye ho no, wansusuw Yehowa Nyankopɔn ho.

29, 30. Ɔkwan bɛn so na Yakobo bɔɔ obi ho a ɔde bɛto n’ankasa so no ho kɔkɔ?

29 Yakobo kaa asɛm koro no ara anibere so. Ɔkae sɛ: “Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne kyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso. Nanso munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera. Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ [Yehowa, NW] pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” (Yakobo 4:13-15) Afei, Yakobo daa abusuabɔ a ɛda ahonyade ne ahantan ntam no adi bere a ɔtoaa so kaa eyi no: “Mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.”—Yakobo 4:16.

30 Bio nso, ɛnyɛ bɔne sɛ obi bɛyɛ adwuma. Nea ɛyɛ bɔne ne ahantan, ahomaso, ahotoso a obi benya wɔ n’ankasa mu sɛ sika a obenya no na ebetumi ama wadi yiye. Nyansa wom sɛ tete bɛ bi ka sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade.” Ohia betumi ama asetra ayɛ awerɛhow. Nanso ahonyade betumi ama obi ‘apo Onyankopɔn aka sɛ: Hena ne Yehowa?’—Mmebusɛm 30:8, 9.

31. Nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ Kristoni bisa ne ho?

31 Yɛte wiase bi a nnipa pii agyae wɔn ho mu ama ahopɛ ne pɛsɛmenkominya mu. Esiane aguadi honhom a ɛrekɔ so nti, wɔtwe adwene si ahonyade so kɛse. Enti, ɛyɛ papa sɛ Kristoni bɛhwehwɛ ne ho mu ahwɛ sɛ ɔrentɔ afiri koro no ara a eyii aguadi kurow Tiro no mu. So ɔde ne bere ne n’ahoɔden pii hwehwɛ honam fam nneɛma araa ma nokwarem no, wabɛyɛ akoa ama ahonyade? (Mateo 6:24) So n’ani bere ebinom a ebia wɔwɔ ahode pii sen no no? (Galatifo 5:26) Sɛ ɛba sɛ ɔyɛ ɔdefo a, so ofi ahantan mu te nka sɛ ɛsɛ sɛ afoforo nya bere pii ma no na wɔma no hokwan pii sen afoforo anaa? (Fa toto Yakobo 2:1-9 ho.) Sɛ ɔnyɛ sikani a, so ‘ɔrepere sɛ ɔbɛdan sikani,’ a nea ɔbɛhwere biara mfa ho? (1 Timoteo 6:9) So adwumasɛm adi ne ti araa ma bere kakraa bi pɛ na onya ma Onyankopɔn som? (2 Timoteo 2:4) So ahonyade akyidi agye n’adwene araa ma obu n’ani gu Kristofo nnyinasosɛm so wɔ n’adwumayɛ mu?—1 Timoteo 6:10.

32. Kɔkɔbɔ bɛn na Yohane de mae, na yɛbɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma?

32 Sɛnea yɛn sikasɛm te biara no, ɛsɛ sɛ Ahenni no di kan wɔ yɛn asetram bere nyinaa. Ɛho hia sɛ ɔsomafo Yohane nsɛm yi ho hia yɛn: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ nni ne mu.” (1 Yohane 2:15) Ampa, ɛsɛ sɛ yɛde wiase sikasɛm nhyehyɛe no di dwuma na ama yɛatra ase. (2 Tesalonikafo 3:10) Enti, ‘yedi wiase no’—nanso yenni ‘nkosi ase.’ (1 Korintofo 7:31) Sɛ yɛn ani gye honam fam nneɛma—nneɛma a ɛwɔ wiase—ho kɛse a, ɛnde na yɛnnɔ Yehowa. “Honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” akyi a yebedi no ne Onyankopɔn apɛdeyɛ nhyia. * Na Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ na ɛde yɛn bɛkɔ daa nkwa mu.—1 Yohane 2:16, 17.

33. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi akwati afiri a eyii Tiro no?

33 Honam fam ade dodowpɛ a wɔde di nneɛma nyinaa kan ho afiri na eyii Tiro. Odii yiye wɔ honam fam, ɔbɛyɛɛ ahantan ankasa, na wɔtwee n’aso wɔ n’ahantan ho. Ne nhwɛso no wɔ hɔ sɛ kɔkɔbɔ ma aman ne ankorankoro nnɛ. Hwɛ sɛnea eye sɛ yebedi ɔsomafo Paulo afotu yi akyi! Ɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ “wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.”—1 Timoteo 6:17.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Nhomanimfo bi aka sɛ Tarsis yɛ Sardinia, supɔw a ɛwɔ Mediterranea atɔe fam no. Sardinia nso mmɛn Tiro koraa.

^ nky. 9 Hwɛ nhoma yi Ti 15, nkratafa 200-207.

^ nky. 17 Ebetumi aba sɛ, “Tarsis babea” no kyerɛ nnipa a wɔte Tarsis no. Nhoma bi ka sɛ: “Tarsisfo no tumi tu kwan di gua a obi nsiw wɔn kwan, te sɛ Nil bere a eyiri kɔ mmeae nyinaa no.” Nanso, nea wosi so dua titiriw ne ɔhaw kɛse a Tiro asehwe de bɛba no.

^ nky. 32 “Asetram ahohoahoa” yɛ Hela asɛmfua a·la·zo·niʹa, a wɔkyerɛ ase sɛ “nsusuwii hunu a ɛma obi nya ahotoso sɛ wiase nneɛma de asomdwoe ba.”—The New Thayer’s Greek-English Lexicon.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 256]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

EUROPA

SPAIN (Baabi a ebetumi aba sɛ na TARSIS da)

MEDITERRANEA PO

SADINIA

KIPRO

ASIA

SIDON

TIRO

AFRIKA

MISRAIM

[Mfonini wɔ kratafa 250]

Tiro bɛyɛ Babilon akoa, ɛnyɛ Asiria

[Mfonini wɔ kratafa 256]

Dwetɛ sika a Malkart, Tiro nyame titiriw, mfonini wɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 256]

Foinike po so hyɛn bi mfonini