Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hwie N’abufuhyew Gu Amanaman no So

Yehowa Hwie N’abufuhyew Gu Amanaman no So

Ti Aduonu Ason

Yehowa Hwie N’abufuhyew Gu Amanaman no So

Yesaia 34:1-17

1, 2. (a) Ɛdefa Yehowa aweredi ho no, dɛn na yebetumi anya mu ahotoso? (b) Dɛn na Onyankopɔn aweredi bedi ho dwuma?

ƐNYƐ Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo nko na onya wɔn ho abotare, na mmom sɛ n’atirimpɔw ma kwan a, onya n’atamfo nso ho abotare. (1 Petro 3:19, 20; 2 Petro 3:15) Ebetumi aba sɛ Yehowa atamfo renkyerɛ ne boasetɔ ho anisɔ na wobebu no sɛ onni tumi anaa ɔpɛ a ɔde yɛ ade. Nanso, sɛnea Yesaia ti 34 kyerɛ no, bere nyinaa Yehowa ma n’atamfo bu akontaa awiei koraa. (Sefania 3:8) Bere bi no, Onyankopɔn maa Edom ne aman foforo sɔre tiaa ne nkurɔfo a wansiw wɔn kwan. Nanso na Yehowa wɔ n’ankasa bere a ɔde bɛtwe wɔn aso. (Deuteronomium 32:35) Saa ara na wɔ Yehowa bere a wahyɛ mu no, ɔbɛtɔ wiase bɔne yi mu nnipa a wobu ne tumi animtiaa nyinaa so were.

2 Atirimpɔw titiriw nti a Onyankopɔn bɛtɔ were ne sɛ ɔnam so bɛda ne tumi adi na wahyɛ ne din anuonyam. (Dwom 83:13-18) N’aweredi no bɛsan atew n’asomfo din ho sɛ wɔne ne nokware ananmusifo, na wagye wɔn afi tebea bɔne mu. Bio nso, Yehowa aweredi ne n’atɛntrenee hyia koraa bere nyinaa.—Dwom 58:10, 11.

Amanaman, Muntie

3. Dɛn na Yehowa nam Yesaia so de to amanaman no anim sɛ wɔnyɛ?

3 Ansa na Yehowa de adwene resi asotwe a ɔde bɛba Edom so no so no, ɔnam Yesaia so de nsato a emu yɛ den too amanaman nyinaa anim: “Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie, na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso. Asase ne ne mãyɛ ntie, wiase ne nea efi mu ba nyinaa.” (Yesaia 34:1) Odiyifo no akasa atia aman amumɔyɛfo no mpɛn pii. Afei ɔrebɛbɔ Onyankopɔn atemmu a etia wɔn no mua. So saa kɔkɔbɔ ahorow yi fa yɛn ho nnɛ?

4. (a) Dɛn na wɔfrɛ amanaman no sɛ wɔnyɛ, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 34:1 no? (b) So amanaman a Yehowa bu wɔn atɛn no kyerɛ sɛ ɔyɛ Nyankopɔn a ne tirim yɛ den? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 363 no.)

4 Yiw. Amansan Hene no ne nneɛma nhyehyɛe bɔne yi afã ahorow nyinaa anya ntawntawdi. Ɛno nti na wɔto nsa frɛ “amanaman” ne “asase” sɛ wontie Bible mu asɛm a Yehowa ama wɔreka wɔ wiase nyinaa no. Wɔ nsɛm a ɛma yɛkae Dwom 24:1 mu no, Yesaia ka sɛ wɔde saa asɛm yi bɛhyɛ asase nyinaa mã—nkɔmhyɛ a anya mmamu wɔ yɛn bere yi so, bere a Yehowa Adansefo aka asɛm no “akɔpem asase ano nohɔ” no. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Nanso, amanaman no ntiei. Wommuu ɔhaw a ɛreba no ho kɔkɔbɔ no aniberesɛm. Nokwarem no, eyi rensiw Yehowa kwan sɛ ɔbɛma n’atirimpɔw abam.

5, 6. (a) Dɛn na Onyankopɔn ma amanaman no bu ho akontaa? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ ‘wɔn mogya bɛhono mmepɔw’?

5 Nkɔmhyɛ no ka tebea bɔne a ɛbɛba aman amumɔyɛfo so—nea ɛne anidaso a edi mũ a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ a wɔka ho asɛm akyiri yi bɔ abira koraa no—ho asɛm afei. (Yesaia 35:1-10) Odiyifo no ka sɛ: “[Yehowa, “NW”] abohuru bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum. Na wɔn atɔfo no, wɔbɛtow wɔn agu, na wɔn afunu ayi hua kankan, na wɔn mogya ahono mmepɔw.”—Yesaia 34:2, 3.

6 Wɔtwe adwene si mogya ho fɔ a amanaman no di so. Ɛnnɛ, Kristoman mu aman no adi mogya ho fɔ sen biara. Wɔ wiase ko abien a asisi ne ɔko nketenkete pii mu no, wɔde nnipa mogya afɔw asase. Hena na ɔfata sɛ obu mogya ho fɔ a wodi yi nyinaa ho atɛn? Ɛnyɛ obiara sɛ Ɔbɔadeɛ no, Nkwamafo kɛse no. (Dwom 36:9) Yehowa mmara de gyinapɛn no asi hɔ sɛ: “Ɔkra nsi ɔkra ananmu.” (Exodus 21:23-25; Genesis 9:4-6) Nea ɛne saa mmara yi hyia no, ɔbɛma wɔahwie amanaman no mogya agu—ma wɔawuwu. Wɔn afunu a wonsiei no bɛbɔn—animguase wu ankasa! (Yeremia 25:33) Wɔn mogya a wogye de tua nea wohwie gui ka no bɛdɔɔso, na ɛbɛnan, anaa sɛnea yɛbɛka no no, ɛbɛhono mmepɔw. (Sefania 1:17) Bere a wɔasɛe wɔn asraafo koraa no, amanaman no behu wɔn nniso ahorow a ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ ho mfonini wɔ Bible nkɔmhyɛ mu sɛ mmepɔw no asehwe.—Daniel 2:35, 44, 45; Adiyisɛm 17:9.

7. Dɛn ne “ɔsoro” no, na dɛn ne “ɔsoro asafo no”?

7 Bio no, bere a Yesaia reyɛ biribi ho mfonini a emu da hɔ no, ɔkɔ so ka sɛ: “Ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw, na wɔabobɔw ɔsoro sɛ nhoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛ obobe so ahaban po anaasɛ borɔdɔma so de po no.” (Yesaia 34:4) “Ɔsoro asafo nyinaa” no nkyerɛ nsoromma ne okyinnsoromma ankasa. Nkyekyem 5 ne 6 no ka ɔbrafo afoa a saa “ɔsoro” no mogya afɔw ho no ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ eyi yɛ biribi a ɛwɔ nnipa mu ho sɛnkyerɛnne. (1 Korintofo 15:50) Esiane sɛ adesamma nniso ahorow no yɛ atumfoɔ a wɔkorɔn nti, wɔde wɔn toto ɔsoro a ɛredi adesamma abusua a wɔwɔ asase so no so tumi ho. (Romafo 13:1-4) Enti “ɔsoro asafo” no gyina hɔ ma adesamma nniso ahorow yi nyinaa a wɔaka abom.

8. Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so soro no te sɛ ‘nhoma mmobɔwee,’ na dɛn na ɛto wɔn ‘dɔm’ no?

8 Saa ‘dɔm’ yi “bɛporɔw,” na asu sɛ biribi a etumi sɛe. (Dwom 102:26; Yesaia 51:6) Yɛn aniwa hu ɔsoro a ɛwɔ yɛn atifi no sɛ nea akonton, te sɛ tete nhoma mmobɔwee bi, a nkyerɛwee no taa wɔ emu no. Sɛ nea ɔrekenkan no kan nsɛm a ɛwom no wie a, ɔbobɔ nhoma no de to baabi. Saa ara na ‘wɔbɛbobɔw ɔsoro sɛ nhoma mmobɔwee,’ a ɛne sɛ adesamma nniso no bɛba awiei. Bere a wɔadu wɔn abakɔsɛm mu bere a etwa to no, wɔde wɔn awiei bɛba wɔ Harmagedon. Wɔn ‘dɔm’ a wɔn ho yɛ den no bɛhwe ase sɛnea bobe anaasɛ “borɔdɔma” so ahaban po no. Wɔn bere betwam.—Fa toto Adiyisɛm 6:12-14 ho.

Aweredi Da

9. (a) Ɛhe na Edom fi, na abusuabɔ bɛn na ɛbɛdaa Israel ne Edom ntam? (b) Dɛn na Yehowa ka fa Edom ho?

9 Afei nkɔmhyɛ no de adwene si ɔman pɔtee bi a ɛwɔ hɔ wɔ Yesaia bere so—Edom—so. Edomfo yɛ Esau (Edom), a ɔtɔn n’awo mu hokwan maa n’ata, Yakob, gyee abodoo ne asɛdua no, asefo. (Genesis 25:24-34) Esiane sɛ Yakob gyee Esau awo mu hokwan nti, Esau nyaa ne nua no ho tan. Akyiri yi, Edom man no ne Israel man no bɛyɛɛ atamfo, ɛmfa ho mpo sɛ wɔn nyinaa fi nta no mu no. Esiane Onyankopɔn nkurɔfo ho tan yi a Edom nyae no nti, Yehowa bo fuw wɔn ma afei ɔkae sɛ: “M’afoa anom amee, ɔsoro: hwɛ, esian ba Edom so, ɛba me nnome man no so abebu atɛn. Mogya ara nko adue [Yehowa, “NW”] afoa, srade aforɔw ho: nguammaa ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho srade; na [Yehowa, “NW”] wɔ okum afɔre, Bosra, ne okunkɛse, Edom asase so.”—Yesaia 34:5, 6.

10. (a) Hena na Yehowa brɛ no ase bere a oyi n’afoa ‘wɔ soro’ no? (b) Su bɛn na Edom da no adi bere a Babilon tow hyɛ Yuda so no?

10 Edom gu mmepɔw a ɛkorɔn so. (Yeremia 49:16; Obadia 8, 9, 19, 21) Nanso, saa adebɔ mu akoban yi remmoa no bere a Yehowa yi n’atemmu afoa ‘wɔ soro,’ na ɔbrɛ Edom sodifo ahorow ase fi wɔn gyinabea a ɛkorɔn no. Honam fam ade dodowpɛ adi Edom ti, na n’asraafo no tu aperenten fa mmepɔw a ɛkorɔn so de bɔ ɔman no ho ban. Nanso Edom a ɛyɛ den no mfa mmoa biara mma Yuda bere a Babilon asraafo tow hyɛ so no. Mmom no, Edom ani gye mmoroso sɛ Yuda ahemman no hwe ase, na ɛhyɛ ne nkonimdifo no nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho. (Dwom 137:7) Edom tiw Yudafo a wɔreguan apere wɔn nkwa no mpo kyere wɔn de wɔn brɛ Babilonfo no. (Obadia 11-14) Edomfo no yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛfa Israelfo man a wɔagyaw no, na wɔhoahoa wɔn ho kyerɛ Yehowa.—Hesekiel 35:10-15.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa betua Edomfo ka wɔ wɔn nneyɛe bɔne no ho?

11 So Yehowa bebu n’ani agu atirimɔdenne a Edom yɛ yi so? Dabi. Mmom no, ɔhyɛ nkɔm fa Edom ho sɛ: “Okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwi ne anantwinini akɛse, na wɔn asase bɛbow mogya, na srade ayɛ wɔn dɔte sɔɔsɔɔ.” (Yesaia 34:7) Yehowa ka ɔman no mu atitiriw ne mpapahwekwa ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ɛkoɔ ne anantwi nkumaa, sɛ adwennini nkumaa ne mpapo. Nnipa no ankasa mogya bɛfɔw ɔman a edi mogya ho fɔ yi asase denam Yehowa brafo “afoa” no so.

12. (a) Hena na Yehowa de no di dwuma de twe Edom aso? (b) Nkɔm bɛn na odiyifo Obadia hyɛ fa Edom ho?

12 Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛtwe Edom aso wɔ ade bɔne a ɔde ayɛ N’asase so ahyehyɛde a wɔfrɛ no Sion no ho. Nkɔmhyɛ no ka sɛ: [Yehowa, “NW”] wɔ aweredi da ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion.” (Yesaia 34:8) Bere a Yerusalem sɛe wɔ 607 A.Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, Yehowa fi ase de aweredi a ɛyɛ trenee ba Edomfo so denam Babilon hene, Nebukadnesar so. (Yeremia 25:15-17, 21) Sɛ Babilon asraafo ba Edom so a, biribiara nni hɔ a ebetumi agye Edomfo no! Ɛyɛ “ananmuhyɛ afe” a etia saa asase a ɛda bepɔw so no. Yehowa nam odiyifo Obadia so hyɛ nkɔm sɛ: “Atirimɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwu bɛkata wo ho, na wɔatwa wo akyene akosi daa. . . . sɛnea woyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wo, wo nneyɛe bɛsan abebua w’atifi.”—Obadia 10, 15; Hesekiel 25:12-14.

Kristoman Daakye a Ɛyɛ Hu

13. Hena na ɔte sɛ Edom nnɛ, na dɛn ntia?

13 Ɛnnɛ, ahyehyɛde bi wɔ hɔ a ne nneyɛe te sɛ Edom de no. Ahyehyɛde bɛn? Wiɛ, hena na nnɛ mmere yi, wadi anim ma wɔasopa Yehowa asomfo ataa wɔn? So ɛnyɛ Kristoman, denam n’asɔfokuw no so? Yiw! Kristoman ama ne ho so sɛ bepɔw wɔ wiase nsɛm mu. Ɔwɔ dibea a ɛkorɔn wɔ adesamma nneɛma nhyehyɛe mu, na ne som ahorow no na ɛyɛ Babilon Kɛse no fã titiriw. Nanso Yehowa ahyɛ “ananmuhyɛ afe” a etia nnɛyi Edom wɔ atirimɔdenne a wɔde ayɛ Ne nkurɔfo, N’adansefo, no ho.

14, 15. (a) Dɛn na ɛbɛto Edom asase ne Kristoman nyinaa? (b) Dɛn na nsɛm amane a ɛhyew ne wusiw a epun daa no kyerɛ, na dɛn na ɛnkyerɛ?

14 Enti, bere a yɛresusuw Yesaia nkɔmhyɛ no fã a aka yi ho no, ɛnyɛ tete Edom ho nko na ɛsɛ sɛ yesusuw, na mmom, Kristoman nso: “Edom nsuwansuwa bɛdan amane, na ne dɔte nso adan sufre, na n’asase no ayɛ amane a ɛdɛw; ɛrennum anadwo ne awia, ne wusiw bepun akosi daa.” (Yesaia 34:9, 10a) Edom asase no mu nsu bɛtwe araa ma dɔte no ayɛ sɛ sufre, na ɛnyɛ nsu na ɛbɛhyɛ nsuwansuwa amaama, na mmom amane. Afei wɔde ogya bɛto nneɛma a etumi dɛw kɛse yi mu!—Fa toto Adiyisɛm 17:16 ho.

15 Ebinom abu ogya, amane, ne sufre a wɔbɔ din no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ hellgya wɔ hɔ. Nanso wɔmfa Edom nto anansesɛm mu hellgya bi mu nhyew no afebɔɔ. Na mmom, wɔsɛe no, na ɛyera fi wiase koraa, te sɛ nea wɔde ogya ne sufre ahyew. Sɛnea nkɔmhyɛ no kɔ so kyerɛ no, nea efi mu ba awiei koraa no nyɛ daa ayayade, na mmom, ‘ɛbɛdan amamfõ ne sumpii.’ (Yesaia 34:11, 12) Wusiw a ‘epun kosi daa’ no kyerɛkyerɛ eyi mu pefee. Sɛ ofie bi hyew a, wusiw kɔ so pun fi nsõ no mu kosi bere bi bere a ogya no dum akyi, na ɛma wɔn a wohu no hu sɛ biribi ahyew wɔ hɔ. Esiane sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ resua biribi afi Edom sɛe no mu nti, ɔkwan bi so no, Edom a wɔhyew no no wusiw gu so repun.

16, 17. Dɛn na ɛbɛto Edom, na bere tenten bɛn na ɛbɛkɔ so atra saa tebea no mu?

16 Yesaia toa ne nkɔmhyɛ no so, na ɔka sie sɛ mmoa a wɔyɛ keka besi nnipa ananmu wɔ Edom, a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛdan amamfõ: “Na ayɛ amamfõ, awo ntoatoaso nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa; na pokupoku ne apɛsɛe na wɔbɛfa, na patu ne kwaakwaadabi atra hɔ; na ɔbɛsa so sakasakayɛ hama, na amamfõyɛ sumpii bo asɛn so. N’adehye no, obi nni hɔ a ɔbɛka ahenni no ho asɛm, na n’asafohene nyinaa bɛyera. Nsɔe befuw n’aban afɛfɛ mu, na ahyehyensa ne nkraadua afuw n’abannennen mu, na ayɛ sakraman trabea ne nsohori adidibea. Na sare so mmoa ne nkutumpaa behyia hɔ, na nsasabonsam asu afrɛfrɛ wɔn ho; ɛhɔ nso na anadwo saman bɛtra, na wanya ɔhome. Ɛhɔ na akitaosua bɛyɛ ne buw, na watow abutuw so.”—Yesaia 34:10b-15. *

17 Yiw, Edom bɛdan amamfõ. Ɛbɛdan amamfõ ma mmoa a wɔyɛ keka, nnomaa, ne awɔ atra hɔ. Sɛnea nkyekyem 10 kyerɛ no, asase no tebea bɔne yi bɛkɔ so “akosi daa.” Wɔrenkyekye bio.—Obadia 18.

Yehowa Asɛm Bɛbam Ɔkwan Biara So

18, 19. Dɛn ne “[Yehowa, NW] nhoma” no, na dɛn na wɔaka afa Kristoman ho wɔ saa “nhoma” yi mu?

18 Daakye a anidaso nnim bɛn ara na eyi yɛ ho mfonini ma Edom nnɛyi nsɛso, Kristoman sɛɛ yi! Wada ne ho adi sɛ Yehowa Nyankopɔn tamfo a ɔyɛ den, na ɔde ɔtaa a emu yɛ den ba N’adansefo so. Na akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛma n’asɛm abam. Bere biara a obi de nkɔmhyɛ no bɛtoto ne mmamu ho no, obehu sɛ abien no hyia—sɛnea abɔde a wɔbɛtra Edom a adan amamfõ so no mu biara ‘wɔ wɔn ankasa ahokafo’ ɔkwan biara so no. Yesaia kasa kyerɛ wɔn a wobesua Bible nkɔmhyɛ ho ade daakye no sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, “NW”] nhoma no mu nkan: nneɛma no mu biako pɛ renka, ebi tĩafo remmɔ no, na [Yehowa, “NW”] ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano. Na ɔno na watwe ntonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhama akyɛ ama wɔn, sɛ wonni so nkosi daa, na wɔntra so, awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Yesaia 34:16, 17.

19 Wɔaka Kristoman sɛe a ɛreba no ho asɛm wɔ “[Yehowa, NW] nhoma” no mu. Saa “[Yehowa, NW] nhoma” yi ka akontaa a Yehowa bɛma wɔn a wɔtan ne nkurɔfo ankasa no abu ho asɛm. Nea wɔkyerɛw faa tete Edom ho no baam, na eyi ma ahotoso a yɛwɔ wɔ mu no yɛ den sɛ sɛnea nkɔmhyɛ no fa nnɛyi Edom, Kristoman, ho no bɛbam. “Susuhama,” Yehowa adeyɛ tumi no ma yenya awerɛhyem sɛ saa ahyehyɛde a ɛrewu wɔ honhom fam yi bɛdan amamfõ.

20. Te sɛ tete Edom no, dɛn na ɛbɛto Kristoman?

20 Kristoman yɛ nea obetumi nyinaa sɛ obedwudwo n’amammui mu nnamfo no koma, nanso enkosi hwee! Sɛnea Adiyisɛm ti 17 ne 18 kyerɛ no, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, de bɛhyɛ wɔn adwene mu ma wɔasɔre atia Babilon Kɛse afã nyinaa, a Kristoman ka ho. Eyi beyi atoro Kristosom afi asase nyinaa so. Kristoman tebea bɛyɛ sɛ tebea bɔne a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia ti 34 no. Bere a wɔbɛko “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no,” na enni hɔ! (Adiyisɛm 16:14) Te sɛ tete Edom no, wɔbɛpopa Kristoman afi asase so koraa, akosi “daa.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Eduu Malaki bere so no, na saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu. (Malaki 1:3) Malaki bɔ amanneɛ sɛ na Edomfo no wɔ anidaso sɛ wɔbɛsan asiesie wɔn asase a adan amamfõ no. (Malaki 1:4) Nanso, na eyi nyɛ Yehowa atirimpɔw, na akyiri yi, nnipa foforo, Nabataefo, faa asase a na ɛyɛ Edom no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 363]

Onyankopɔn a Ne Bo Afuw?

Nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 34:2-7 no aka nnipa pii ma wɔasusuw sɛ, sɛnea wɔaka Yehowa ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, ɔyɛ Onyankopɔn a ne tirim yɛ den na ɔfa abufuw. So saa na ɛte?

Dabi. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a Onyankopɔn da n’abufuw adi de, nanso saa abufuw no yɛ nea ɛfata bere nyinaa. Ɛyɛ nea egyina nnyinasosɛm so bere nyinaa, ɛnyɛ nkate a wontumi nni so na ɔde yɛ saa. Bio nso, Ɔbɔadeɛ no wɔ hokwan bere nyinaa sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma ɔno nkutoo, na okura nokware mu daa. Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adetrenee ne wɔn a wɔyɛ ade trenee no na ɛma ɔda abufuw adi. Yehowa nim nsɛm nyinaa mu, na ɔwɔ tebea biara ho nimdeɛ a enni ano na edi mũ. (Hebrifo 4:13) Ohu koma mu; onim anibiannaso a obi yɛ anaa bɔne a ɔboapa yɛ; na ɔnyɛ nyiyim.—Deuteronomium 10:17, 18; 1 Samuel 16:7; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Nanso, Yehowa Nyankopɔn ‘wɔ abodwokyɛre, na n’adɔe dɔɔso pii.’ (Exodus 34:6) Wɔn a wosuro no na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no nya ne mmɔborohunu, efisɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no hu sintɔ a nnipa anya fi awo mu no, na ɔda mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn wɔ ɛno ho. Ɛnnɛ, Onyankopɔn gyina Yesu afɔrebɔ no so na ɛyɛ eyi. (Dwom 103:13, 14) Bere a ɛfata mu no, Yehowa yi n’abufuw fi wɔn a, wohu wɔn bɔne, wonu wɔn ho, na wɔsom no nokware mu no so. (Yesaia 12:1) Ne titiriw no, Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ne bo afuw, na mmom ɔyɛ anigye Nyankopɔn, ɔnyɛ obi a wontumi mmɛn no, na mmom, nea wotumi bɛn no, na ɔne wɔn a wɔbɛn no ɔkwan a ɛfata so no di no asomdwoe ne odwo mu. (1 Timoteo 1:11) Eyi ne atirimɔdensɛm a abosonsomfo atoro anyame yɛ na ɛda adi wɔ saa anyame no ahoni ho no bɔ abira koraa.

[Asase mfonini wɔ kratafa 362]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Po Kɛse

Damasko

Sidon

Tiro

ISRAEL

Dan

Galilea Po

Yordan Asubɔnten

Megido

Ramot-Gilead

Samaria

FILISTEA

YUDA

Yerusalem

Libna

Lakis

Beer-seba

Kades-Barnea

Nkyene Po

AMON

Raba

MOAB

Kir-Hareset

EDOM

Bosra

Taman

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 359]

Kristoman de mogya afɔw asase

[Mfonini wɔ kratafa 360]

‘Wɔbɛbobɔw ɔsoro sɛ nhoma mmobɔwee ara pɛ’