Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nyankopɔn Hu Nkaefo Bi Mmɔbɔ

Yehowa Nyankopɔn Hu Nkaefo Bi Mmɔbɔ

Ti Asia

Yehowa Nyankopɔn Hu Nkaefo Bi Mmɔbɔ

Yesaia 4:2-6

1, 2. Ɛdɛn na Yesaia kaa sɛ ɛbɛba Yuda ne Yerusalem so?

AHUM bi a ano yɛ den bɔ fa kurow bi a nnipa ahyɛ hɔ ma mu. Mframa dennen bi bɔ na sukɛse bi tɔ sɛe adan ne mfuw ma nnipa bi mpo hwere wɔn nkwa. Nanso ɛnkyɛ koraa, ahum no brɛ ase ma biribiara tɔ dinn. Adwuma a abɛtɔ hɔ ama wɔn a wɔafi mu aka no ne sɛ wobesiesie nneɛma a asɛe biara na wɔasisi adan.

2 Biribi a ɛte saa na odiyifo Yesaia kaa sɛ ɛbɛba Yuda ne Yerusalem so. Na Onyankopɔn atemmu a ɛte sɛ ahum repempɛn so ba—na na ntease wom sɛ ɛba saa! Na ɔman no bɔne sõ. Atumfoɔ no ne nnipa a aka no nyinaa de asisi ne mogyahwiegu hyɛɛ asase no so ma. Yehowa nam Yesaia so maa Yuda bɔne ho daa hɔ, na ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ Ɔde atemmu bɛba ɔman asowuifo no so. (Yesaia 3:25) Ahum yi akyi no, Yuda asase no bɛdan amanfõ. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm yi maa Yesaia werɛ howee.

3. Anigyesɛm bɛn na ɛwɔ asɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Yesaia 4:2-6 no mu?

3 Nanso anigyesɛm bi wɔ hɔ! Ná Yehowa trenee atemmu a ɛte sɛ ahum no betwam ma nkaefo bi aka. Yiw, na Yehowa de mmɔborohunu bebu Yuda atɛn! Asɛm a honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛw wɔ Yesaia 4:2-6 no twe adwene si anigye bere a ɛte saa so. Ɛte sɛ wim ayɛ kusuu na afei owia apue; wɔdan adwene fi atemmu ho nsɛm—a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Yesaia 2:6–4:1—no so kɔ asase a wɔasiesie so fɛfɛɛfɛ ne nnipa a wɔn ani agye so.

4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa nkaefo a wɔbɛsan akɔ wɔn kurom ho no ho?

4 Yesaia nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ nkaefo bi bɛsan aba abenya ahobammɔ no nya mmamu foforo wɔ yɛn bere yi so—“nna a edi akyiri no mu.” (Yesaia 2:2-4) Momma yensusuw asɛm a ɛho hia ma yɛn nnɛ yi ho, ɛnyɛ nkɔmhyɛsɛm a ekura nkutoo nti, na mmom ɛkyerɛ yɛn biribi fa Yehowa mmɔborohunu ne sɛnea yɛn mu biara betumi anya mu mfaso ho.

‘Yehowa Bãa’

5, 6. (a) Yesaia kyerɛkyerɛ asomdwoe bere a ebedi ahum akyi aba no mu dɛn? (b) Asɛmfua “bãa” no kyerɛ dɛn, na ɛdɛn na eyi kyerɛ fa Yuda asase ho?

5 Bere a Yesaia hu sɛ ahum no akyi no biribiara bɛtɔ fɔmm no, ɔde anigye kasa. Ɔkyerɛw sɛ: “Ɛda no na [Yehowa, “NW”] bãa no bɛyɛ fɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.”—Yesaia 4:2.

6 Nea Yesaia ka ho asɛm wɔ ha ne nneɛma a wobesiesie ma asi ne dedaw mu. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “bãa” no kyerɛ ‘biribi a efifi, ɛfefɛw, anaa nkorabata.’ Wɔtaa de di dwuma de kyerɛ yiyedi, nkɔso, anaa Yehowa nhyira. Enti Yesaia kyerɛ sɛ anidaso wɔ hɔ—amanfõyɛ a na ɛreba no ntra hɔ daa. Yehowa nhyira so no, Yuda man a na asi so pɛn no bɛsan aso aba pii. *Leviticus 26:3-5.

7. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa bãa no “bɛyɛ fɛfɛ nyamnyam”?

7 Yesaia kyerɛkyerɛ nsiesie kɛse a na ɛbɛba no mu fɛfɛɛfɛ. Yehowa bãa no bɛyɛ “fɛfɛ nyamnyam.” Asɛmfua “fɛfɛ,” no ma yɛkae sɛnea na Bɔhyɛ Asase a Yehowa de maa Israel mfehaha pii a na atwam no yɛ fɛ. Na ɛyɛ fɛ araa ma na wɔfrɛ no “nsase nyinaa ahyehyɛde [“abohene,” New American Bible].” (Hesekiel 20:6) Enti Yesaia asɛm no maa Yudafo no awerɛhyem sɛ wɔn asase no besi ne dedaw mu. Nokwarem no, na ɛbɛyɛ sɛ asase so abohene.

8. Henanom na na wɔbɛtra asase a wɔasiesie so fɛfɛ ma asi ne dedaw mu no so, na Yesaia se wɔtee nka dɛn?

8 Nanso henanom na na wɔbɛtra asase a wobesiesie ma ayɛ fɛfɛɛfɛ yi so? Yesaia kyerɛw sɛ: “Israel nkae a wɔanya nkwa no.” Yiw, na ebinom befi ɔsɛe a wɔahyɛ ho nkɔm ato hɔ no mu aka. (Yesaia 3:25, 26) Na wɔn a wobenya nkwa no mu nkaefo bɛsan aba Yuda abɛboa asiesie hɔ ma asi ne dedaw mu. Na asase no so aba bɛyɛ “ahoahoade ne biribi a ɛyɛ fɛ” ama wɔn a wɔbɛsan aba—“wɔn a wɔafi mu afi” no. (Yesaia 4:2; NW ase hɔ asɛm) Ná Animguase a ɔsɛe de bɛba no befi hɔ ma wɔanya nea wɔde bɛhoahoa wɔn ho.

9. (a) Ɛdɛn na esii afe 537 A.Y.B. maa Yesaia asɛm no nyaa mmamu? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔn a wɔwoo wɔn nnommumfa mu no ka ‘wɔn a wofii mu kae’ no ho? (Hwɛ asɛm a ɛwɔ ase hɔ no.)

9 Nea ɛne Yesaia asɛm no hyia no, atemmu a ɛte sɛ ahum no bɔe wɔ afe 607 A.Y.B. bere a Babilonfo bɛsɛee Yerusalem maa Israelfo pii totɔe no. Ebinom fii mu kae ma wɔde wɔn kɔɔ Babilon kɔyɛɛ nkoa, nanso sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn mmɔborohunu a, anka ebi nka koraa. (Nehemia 9:31) Akyiri yi Yuda bɛdanee amanfõ koraa. (2 Beresosɛm 36:17-21) Afei afe 537 A.Y.B. mu no, mmɔborohunu Nyankopɔn no maa ‘wɔn a wofi mu kae’ no san baa Yuda de nokware som besii hɔ. * (Esra 1:1-4; 2:1) Wɔada komam ahonu a wɔn a wofii nkoasom mu bae no kyerɛe no adi fɛfɛɛfɛ wɔ Dwom 137 a ebetumi aba sɛ wɔkyerɛw no nnommumfa bere mu anaa ɛno akyi bere tiaa bi no. Bere a wɔsan baa Yuda no, wɔdɔɔ asase no duaa so nneɛma. Hwɛ sɛnea wɔbɛte nka bere a wohuu sɛ Onyankopɔn rehyira wɔn mmɔdenbɔ so, na asase no bɔɔ nnɔbae sɛ “Eden turo” no!—Hesekiel 36:34-36.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible Asuafo no bɛyɛɛ nkoa maa “Babilon kɛse” wɔ afeha a ɛtɔ so 20 no mfiase hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa honhom fam Israel nkaefo no?

10 Yɛn bere yi mu nso, nsiesie adwuma bi akɔ so. Afeha a ɛtɔ so 20 mfiase mu hɔ no, Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, kɔɔ honhom fam nkoasom mu wɔ “Babilon kɛse,” wiase atoro som ahemman, no mu. (Adiyisɛm 17:5) Ɛwom sɛ na Bible Asuafo no apo atoro som nkyerɛkyerɛ pii de, nanso na Babilon nsusuwii ne nneyɛe kakra afɔrefɔre wɔn ho. Asɔfo sosoo gya guu mu ma wɔkyeree wɔn mu bi guu afiase. Wɔn honhom fam asase—wɔn som ne wɔn honhom fam tebea—no bɛdanee amanfõ.

11 Nanso 1919 sutɔberem no, Yehowa huu honhom fam Israelfo nkaefo yi mmɔbɔ. (Galatifo 6:16) Ohuu wɔn ahonu ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom no nokware mu no ma enti ɔhwɛ maa woyii wɔn fii afiase, na nea ɛho hia paa no, oyii wɔn fii honhom fam nkoasom mu. Wɔn a ‘wofii mu kae’ yi nsa kaa honhom fam asase a Nyankopɔn de maa wɔn no bio, na ɔmaa ɛsoo aba pii. Wɔasiesie honhom fam tebea yi fɛfɛɛfɛ ma nnipa ɔpehaha pii a wosuro Nyankopɔn asen yuu abɛka nkaefo no ho wɔ nokware som mu.

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm no ma mmɔborohunu a Yehowa wɔ ma n’asomfo no da adi pefee?

12 Yesaia nsɛm no ma yehu mmɔborohunu a Nyankopɔn wɔ ma n’asomfo no pefee. Ɛwom sɛ Israel man mũ no nyinaa sɔre tiaa Yehowa de, nanso ɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ nkaefo a wɔsakraa wɔn adwene no. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom mpo betumi asan aba Yehowa nkyɛn a wɔwɔ anidaso sɛ obegye wɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔanu wɔn ho no te nka sɛ Yehowa mmɔborohunu abɔ wɔn koraa, efisɛ ɔmpo koma a abubu. (Dwom 51:17) Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Mmɔborohunu ne ɔdomfo ne [Yehowa, NW], ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa, NW] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.” (Dwom 103:8, 13) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yeyi Nyankopɔn mmɔborohunufo a ɔte saa ayɛ daa!

Nkaefo Bi Yɛ Kronn Ma Yehowa

13. Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 4:3 no, ɛdɛn na Yesaia ka fa nkaefo a Yehowa behu wɔn mmɔbɔ no ho?

13 Yɛahu nkaefo a Yehowa behu wɔn mmɔbɔ no dedaw, nanso afei na Yesaia rebɛka nsɛm pii afa wɔn ho. Ɔkyerɛw sɛ: “Nea wɔagyaw no Sion ne nea waka Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu, Yerusalem nyinaa.”—Yesaia 4:3.

14. Ɛhefo ne “nea wɔagyaw” anaa ‘wɔaka’ no, na adɛn nti na Yehowa behu wɔn mmɔbɔ?

14 Henanom ne “nea wɔagyaw” anaa ‘wɔaka’ no? Wɔn na wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nkyekyem 2 no sɛ wɔafi mu afi no—Yudafo nnommum a wobenya hokwan asan aba Yuda no. Afei Yesaia ma yehu nea enti a Yehowa behu wɔn mmɔbɔ no—‘wɔbɛyɛ kronn’ ama no. Kronnyɛ kyerɛ “ɔsom mu ahotew; kronkronyɛ.” Sɛ́ obi bɛyɛ kronn no kyerɛ sɛ ne ho bɛtew wɔ kasa ne nneyɛe mu, ɔbɛyɛ nea ɛteɛ anaa ɛfata wɔ Yehowa ani so. Yiw, Yehowa behu wɔn a wɔbɛyɛ ‘kronn ama no’ no mmɔbɔ, na ɔbɛma wɔn kwan ma wɔasan aba “kurow kronkron” no, Yerusalem, mu.—Nehemia 11:1.

15. (a) Yudafo amanne bɛn na ‘wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu wɔ Yerusalem’ no kae yɛn? (b) Kɔkɔbɔ a anibere wom bɛn na ɛwɔ Yesaia nsɛm no mu?

15 Saa nkaefo anokwafo yi bɛkɔ so atra hɔ anaa? Yesaia hyɛ bɔ sɛ, ‘wɔbɛkyerɛw wɔn din afra ateasefo mu wɔ Yerusalem.’ Eyi kae yɛn Yudafo amanne a ɛne sɛ wɔbɛyɛ Israel abusua biara ho kyerɛwtohɔ no. (Nehemia 7:5) Sɛ́ wɔbɛkyerɛw obi din wɔ nhoma mu no kyerɛ sɛ onii no te ase, efisɛ sɛ obi wu a, woyi ne din fi nhoma no mu. Yehu sɛnkyerɛnne kwan so nhoma a nnipa a Yehowa de nkwa tua wɔn ka din wom wɔ Bible no afã bi. Nanso wɔnkyerɛw din wɔ nhoma no mu kwa, efisɛ Yehowa betumi ‘apopa’ obi din afi mu. (Exodus 32:32, 33; Dwom 69:28) Enti, kɔkɔbɔ bi a anibere wom wɔ Yesaia nsɛm no mu—sɛ wɔn a wɔbɛsan aba no pɛ sɛ wɔkɔ so tra asase a wɔasiesie so no so a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ kronkron wɔ Onyankopɔn ani so.

16. (a) Ɛdɛn na na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnsan nkɔ Yuda afe 537 A.Y.B. no hɔ? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ mmɔborohunu a Yehowa yii no adi kyerɛɛ nkaefo a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no nyɛɛ kwa?

16 Nkaefo a wɔsan baa Yerusalem afe 537 A.Y.B. no de adwempa na ɛbae—na wɔrebɛtoa nokware som so. Obiara a na abosonsom anaa nneyɛe bɔne foforo biara a Yesaia kasa tiaa denneennen no agu ne ho fĩ no, na onni hokwan sɛ ɔsan ba. (Yesaia 1:15-17) Wɔn a na Yehowa bu wɔn sɛ wɔn ho tew nkutoo na na wobetumi asan aba Yuda. (Yesaia 35:8) Saa ara nso na efi 1919 a woyii nkaefo a wɔasra wɔn fii honhom fam nnommumfa mu no, wɔne “nguan foforo”—wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so no—ɔpepem pii ayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ kronn wɔ Nyankopɔn ani so. (Yohane 10:16) Wɔahohoro wɔn ho afi Babilon nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ho. Wɔn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahyia. (1 Petro 1:14-16) Mmɔborohunu a Yehowa yi kyerɛɛ wɔn no nyɛɛ kwa.

17. Henanom na Yehowa kyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Hyɛ no nsow sɛ bere Yehowa huu wɔn a wɔyɛ kronkron wɔ Israel no, ‘ɔkyerɛw wɔn din fraa ateasefo mu.’ Ɛnnɛ nso, Yehowa hu mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛn ho bɛtew adwene ne nipadua mu bere a ‘yɛde yɛn nipadua si hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani’ no. (Romafo 12:1) Nyankopɔn kyerɛw wɔn a wɔbɔ wɔn bra saa kwan no so no din wɔ ne “nkwa nhoma” no mu—sɛnkyerɛnne kwan so kyerɛwtohɔ a wɔn a wobenya daa nkwa, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa asase so no, din wom. (Filipifo 4:3; Malaki 3:16) Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma yɛn ho ntew wɔ Nyankopɔn ani so, efisɛ sɛ yɛyɛ saa a wɔbɛkora yɛn din so wɔ saa “nhoma” titiriw yi mu.—Adiyisɛm 3:5.

Yehowa Hyɛ Wɔn Bɔ sɛ Ɔbɛhwɛ Wɔn

18, 19. Sɛnea Yesaia 4:4, 5 kyerɛ no, efĩ bɛn na na Yehowa bɛhohoro afi nkurɔfo ho, na ɔkwan bɛn so na na ɔbɛyɛ saa?

18 Afei Yesaia kyerɛ sɛnea wɔn a wɔte asase a wɔasiesie so no so ho bɛtew ne nhyira a ɛda wɔn anim. Ɔka sɛ: “Da a [Yehowa, “NW”] de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fĩ na wayi Yerusalem mogya sõ afi mu no. Na [Yehowa, “NW”] bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so trabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so.”—Yesaia 4:4, 5.

19 Na Yesaia adi kan aka “Sion mmabea” anim sɛ wɔahyehyɛ wɔn ho de akata wɔn bra bɔne so. Bio nso ɔpaa nkurɔfo no awudisɛm ho ntama, na otuu wɔn fo sɛ wɔnhohoro wɔn ho. (Yesaia 1:15, 16; 3:16-23) Nanso ɛha de na ɔretwe adwene asi bere a Nyankopɔn ankasa “bɛhohoro wɔn ho tiafi,” anaa abrabɔ fĩ, na ‘mogya nkekae’ afi wɔn ho so. (Yesaia 4:4, New International Version) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛfa ahohoro wɔn ho fĩ no? Denam “atemmu honhom” ne “ɔhyew honhom” so. Ɔsɛe a na ɛreba Yerusalem so ne nnommumfa mu a na wɔde wɔn bɛkɔ wɔ Babilon no bɛkyerɛ Nyankopɔn atemmu ne n’abufuhyew a ɛbɛpae agu ɔman a wɔn ho agu fĩ no so. Amanehunu a ɛte saa bɛma wɔn a wobefi mu aka asan akɔ wɔn man mu no abrɛ wɔn ho ase, na wɔn ho atew. Ɛno nti na wɔbɛyɛ kronn wɔ Yehowa ani so na wahu wɔn mmɔbɔ.—Fa toto Malaki 3:2, 3 ho.

20. (a) Nsɛmfua te sɛ “omununkum,” “wusiw,” ne “ogyaframa” kae yɛn dɛn? (b) Adɛn nti na enhia sɛ wɔn a wobefi nnommumfa mu aba a wɔn ho atew no bɔ hu?

20 Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ nkaefo a wɔn ho atew yi bɔ sɛ ɔbɛkɔ so ahwɛ wɔn ɔdɔ mu. Nsɛmfua “omununkum,” “owusiw,” ne “ogyaframa” kae yɛn sɛnea Yehowa hwɛɛ Israelfo no bere a wofii Misraim no. “Ogya ne mununkum dum” no bɔɔ wɔn ho ban fii Misrifo a na wɔtaa wɔn so no ho; afei nso ɛkyerɛɛ wɔn kwan wɔ sare no so. (Exodus 13:21, 22; 14:19, 20, 24) Bere a Yehowa daa ne ho adi wɔ Bepɔw Sinai so no, ‘wusiw kataa so nyinaa.’ (Exodus 19:18) Enti na ɛho nhia sɛ wɔn a wobefi nnommumfa mu aba a wɔn ho tew no suro. Ná Yehowa bɛyɛ wɔn Hwɛfo. Ɔbɛka wɔn ho wɔn afie mu ne wɔn nhyiam kronkron ase.

21, 22. (a) Na wɔtaa bɔ apata, anaa sese, de yɛ dɛn? (b) Ɛdɛn na na ɛda nkaefo a wɔatew wɔn ho no anim?

21 Bere a Yesaia de asɛm a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɔ ne nkoa ho ban reba awiei no, ɔdan adwene si da biara da asetram nsɛm so. Ɔkyerɛw sɛ: “Ɛbɛyɛ ntamadan [apata, “NW”] a ase wɔ nwini awia, ahohuru mu, ɛne guankɔbea ne hintabea, ɔprannaa ne osutɔ mu.” (Yesaia 4:6) Na wɔtaa bɔ apata, anaa sese, wɔ bobeturom anaa afuw mu na ama nwini bere a awia abɔ, na sutɔbere nso obi tumi kɔhyɛ hɔ bere a awɔ wom anaa mframa rebɔ.—Fa toto Yona 4:5 ho.

22 Sɛ ɔtaa ba nkaefo a na wɔayɛ wɔn kronn no so te sɛ awia a ano yɛ den a, Ɔno Yehowa bɛyɛ guankɔbea ama wɔn. (Dwom 91:1, 2; 121:5) Afei de na biribi a ɛyɛ anigye da wɔn anim: Sɛ woyi wɔn ho fi Babilon gyidi ne nneyɛe bɔne ho, brɛ wɔn ho ase ma Yehowa atemmu a ɔde tew ne nkurɔfo ho no, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ kronn a, wɔbɛtra asomdwoe mu, te sɛ nea wɔte ‘apata’ bi a Nyankopɔn ayɛ ase.

23. Adɛn nti na Yehowa ahyira nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no?

23 Hyɛ no nsow sɛ Yehowa di kan tew wɔn ho ansa na wahyira wɔn. Eyi te saa wɔ yɛn bere yi so. Wɔ 1919 mu no, nkaefo a wɔasra wɔn no maa kwan ma wɔsɔnee wɔn so, na Yehowa ‘hohoroo’ wɔn ho fĩ nyinaa. Efi saa bere no, “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ nguan foforo no nso ama kwan ma Yehowa asɔn wɔn so ayi wɔn mu fĩ. (Adiyisɛm 7:9) Esiane sɛ nkaefo no ne wɔn ahokafo yi ho atew nti, Yehowa ahyira wɔn—ɔbɔ wɔn ho ban. Ɔmfa anwonwakwan so nyi ɔtaa a ano yɛ den sɛ owia anaa ɔsɔretia a ɛbɔ sɛ ahum no mfi wɔn so. Nanso ɔbɔ wɔn ho ban, te sɛ nea wabɔ ‘apata wɔ wɔn so na wɔanya nwini anaa guankɔbea bere a nsu retɔ.’ Ɔkwan bɛn so?

24. Ɔkwan bɛn so na ada adi pefee sɛ Yehowa ahyira ne nkoa sɛ ahyehyɛde?

24 Susuw eyi ho: Aban ahorow a wɔwɔ tumi paa wɔ abakɔsɛm mu no bi baraa Yehowa Adansefo adwuma no, anaasɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase koraa. Nanso Adansefo no akɔ so agyina pintinn, na wogu asɛnka adwuma no so denneennen! Adɛn nti na aman a wɔwɔ tumi ntumi mmaa nnipa kakraa bi a ɛte sɛ nea wonni ahobammɔ biara yi nnyaee wɔn adwuma no? Efisɛ Yehowa abɔ ne nkoa ahotefo ho ban wɔ ‘apata’ bi a onipa biara ntumi mmubu ase!

25. Sɛ́ ankorankoro no, Yehowa a yebenya no sɛ yɛn Hwɛfo no bɛkyerɛ dɛn?

25 Na yɛn sɛ ankorankoro nso ɛ? Yehowa a yebenya no sɛ yɛn Hwɛfo no nkyerɛ sɛ yebenya yɛn ho sɔnn wɔ nnɛ wiase mu. Kristofo anokwafo pii hyia tebea a emu yɛ den te sɛ ohia, asiane te sɛ ahum ne asasewosow, ɔko, yare, ne owu. Sɛ yehyia tebea a ɛte saa a, mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ yɛn Nyankopɔn ka yɛn ho. Ɔbɔ yɛn ho ban honhom fam, na ɔma yɛn nea yehia—“tumi a ɛboro so” mpo—na yɛatumi akura yɛn mudi mu wɔ sɔhwɛ mu. (2 Korintofo 4:7) Enhia sɛ yesuro efisɛ ɔwɔ hɔ a ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Anyɛ yiye koraa no, yenim sɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ kronn wɔ n’ani so a, biribiara nni hɔ a ebetumi ‘atetew yɛne Nyankopɔn dɔ mu.’—Romafo 8:38, 39.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Nhomanimfo bi ka sɛ asɛm ‘Yehowa bãa’ twe adwene si Mesia a na wɔbɛkyekye Yerusalem awie koraa ansa na waba no so. Wɔka saa asɛm yi wɔ Aram Nkyerɛwee bi mu sɛ: “Yehowa Mesia [Kristo].” Anigye so no, Yeremia de Hebri asɛmfua koro no ara (tseʹmach) dii dwuma akyiri yi bere a ɔkaa Mesia no ho asɛm sɛ “trenee bãa” a wɔde bɛma Dawid no.—Yeremia 23:5; 33:15.

^ nky. 9 ‘Wɔn a wofi mu fii’ no bi ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ nnommumfa mu no. Yebetumi aka sɛ ‘wofi mu fii’ efisɛ sɛ wɔn nananom amfi ɔsɛe no mu anka a, anka wɔanwo wɔn.—Esra 9:13-15; fa toto Hebrifo 7:9, 10 ho.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 63]

Nyankopɔn atemmu a ɛte sɛ ahum reba Yuda so