Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Nyankopɔn Wɔ N’asɔrefie Kronkron no Mu

Yehowa Nyankopɔn Wɔ N’asɔrefie Kronkron no Mu

Ti Awotwe

Yehowa Nyankopɔn Wɔ N’asɔrefie Kronkron no Mu

Yesaia 6:1-13

1, 2. (a) Bere bɛn na odiyifo Yesaia nyaa asɔrefie no ho anisoadehu no? (b) Ɛyɛɛ dɛn na Ɔhene Usia hweree Yehowa anim dom?

“AFE a ɔhene Usia wui no, mihuu [Yehowa, “NW”] sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma.” (Yesaia 6:1) Nsɛm yi na odiyifo Yesaia de fii ne nhoma no ti 6 ase. Na ɛyɛ afe 778 A.Y.B.

2 Mfe 52 a Usia de dii hene wɔ Yuda no mu fã kɛse no ara yɛɛ nhyira pii. Esiane sɛ ɔyɛɛ nea ‘ɛteɛ wɔ Yehowa ani so’ nti, Onyankopɔn gyinaa n’akyi maa otumi dii n’atamfo so nkonim, na adansi ne kuadwuma nso kɔɔ so kama. Nanso ne nkɔso no ara na ɛde n’asehwe bae. Nea ɛkɔbae ne sɛ ne koma maa ne ho so na ‘ɔfom Yehowa ne Nyankopɔn, na ɔhyɛn Yehowa asɔredan mu sɛ ɔrekɔhyew aduhuam.’ Esiane saa aniammɔnho no ne ne bo a efuw asɔfo a wɔkasa tiaa adeyɛ no nti, Usia bɛyɛɛ kwatani kosii ne wuda mu. (2 Beresosɛm 26:3-22) Saa bere yi ara na Yesaia fii ne nkɔmhyɛ adwuma no ase.

3. (a) Yesaia huu Yehowa ankasa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Ɛdɛn na Yesaia hui, na atirimpɔw bɛn na na ɛwɔ akyiri?

3 Yennim baabi a na Yesaia wɔ bere a onyaa anisoadehu no. Nanso ɛda adi pefee sɛ nea ɔde n’ani hui no yɛ anisoadehu ara kwa, ɛnyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no ankasa na ohuu no, efisɛ “obi nhuu Onyankopɔn pɛn.” (Yohane 1:18; Exodus 33:20) Nanso, hu a ohuu Ɔbɔadeɛ, Yehowa, wɔ anisoadehu mu mpo no yɛ biribi a ɛbɛyɛ hu ankasa. Ohuu Amansan Hene a ɔyɛ nniso a ɛfata nyinaa Fibea no sɛ ɔte agua kokuroo bi so, a ɛkyerɛ ne dibea sɛ daa Hene ne Ɔtemmufo! N’atade yuu no yɛɛ asɔrefie hɔ ma. Na wɔde nkɔmhyɛ adwuma a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam sɛ amansan tumidifo a n’atɛntrenee dɔɔso rebɛhyɛ Yesaia nsa. Nea na ebesiesie no ama adwuma yi no, onyaa anisoadehu bi a ɛkyerɛ Onyankopɔn kronkronyɛ.

4. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ho asɛm a wɔaka wɔ anisoadehu mu ayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no yɛ sɛnkyerɛnne kɛkɛ? (b) Ɛdɛn na yesua fa Yehowa ho wɔ Yesaia anisoadehu no mu?

4 Yesaia ankyerɛ Yehowa nipaban ankasa wɔ n’anisoadehu no mu—wanyɛ no sɛnea Hesekiel, Daniel, ne Yohane yɛe wɔ wɔn anisoadehu mu no. Na mpo ɛsono nea kyerɛwtohɔ yi mu biara kae wɔ nea wohuu wɔ soro no ho. (Hesekiel 1:26-28; Daniel 7:9, 10; Adiyisɛm 4:2, 3) Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛnea na anisoadehu yi mu biara te ne adwene a ɛwɔ akyiri. Nea ɛka no nkyerɛ baabi a Yehowa te ankasa. Onipa ntumi mfa n’ani kann nhu honhom mu nneɛma, na saa na ɔdesani ntumi mfa n’adwene a ennu baabiara no nhu ɔsoro nsɛm. Enti anisoadehu no kyerɛ nsɛm mu sɛnea yebetumi ate ase sɛ nnipa. (Fa toto Adiyisɛm 1:1 ho.) Ná ɛho nhia sɛ wɔkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te ankasa wɔ Yesaia anisoadehu no mu. Anisoadehu no maa Yesaia huu sɛ Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu, kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron na n’atemmu ho twa.

Serafim

5. (a) Henanom ne serafim, na asɛmfua no ase ne dɛn? (b) Adɛn nti na serafim no katakataa wɔn anim ne wɔn nan ho?

5 Tie! Yesaia toa so sɛ: “Serafim gyinagyina no so, wɔwɔ ntaban asia asia, wɔde abien abien katakata wɔn anim, na wɔde abien abien katakata wɔn nan ho, na wɔde abien abien nso tu.” (Yesaia 6:2) Yesaia ti 6 no nkutoo ne beae a wɔaka serafim ho asɛm wɔ Bible mu. Ɛda adi sɛ wɔyɛ abɔfo a wɔwɔ dibea ne anuonyam kɛse wɔ Yehowa som mu, na wogyinagyina Yehowa soro ahengua no ho. Wɔanyɛ sɛ Ɔhene Usia hantanfo no; na wɔbrɛ wɔn ho ase. Esiane sɛ wɔwɔ ɔsoro Tumfoɔ no anim nti, wɔde wɔn ntaban abien abien katakataa wɔn anim; na esiane sɛ wobu beae no kronkron nti, wɔde ntaban abien abien nso katakataa wɔn nan ho. Esiane sɛ na serafim no gyinagyina Amansan Hene no ho pɛɛ nti, wɔhwɛɛ yiye sɛ wɔnyɛ biribi a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔregye Nyankopɔn anuonyam afa. Edin “serafim” a ɛkyerɛ “ogya mma” anaa “wɔn a wɔdɛre” no kyerɛ sɛ wɔhyerɛn, nanso esiane sɛ Yehowa anuonyam hyerɛn sen wɔn de nti, wɔkatakataa wɔn anim.

6. Sɛ wɔde serafim no toto Yehowa ho a, wɔn gyinabea te dɛn?

6 Serafim no de wɔn ntaban abien abien a aka no tu, na akyinnye biara nni ho sɛ na wotu sensɛn wim, anaa ‘wogyina.’ (Fa toto Deuteronomium 31:15 ho.) Ɛdefa baabi a na wogyina ho no, Ɔbenfo Franz Delitzsch ka sɛ: “Nokwarem no, serafim no nkɔ soro ntra Nea ɔte ahengua so no, mmom na wɔwɔ soro sen N’atade mmuano a ayɛ asɔrefie no ma no.” (Commentary on the Old Testament) Ntease wom saa. Sɛ wɔka sɛ ‘wogyinagyina so’ a, ɛnkyerɛ sɛ wɔkɔ soro sen Yehowa, mmom ɛkyerɛ sɛ wɔayɛ krado retwɛn ayɛ nea Onyankopɔn pɛ biara.

7. (a) Asɛde bɛn na wɔde hyɛ serafim no nsa? (b) Adɛn nti na serafim no ka sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron mprɛnsa?

7 Afei, tie nea serafim a wɔwɔ hokwan kɛse yi ka! “Oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo [Yehowa, “NW”]! N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.” (Yesaia 6:3) Wɔn asɛde ne sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔaka Yehowa kronkronyɛ akyerɛ na wɔama wɔahu n’anuonyam wɔ amansan yi nyinaa mu, a asase yi nso ka ho. Yehu n’anuonyam wɔ nneɛma a wabɔ nyinaa mu, na ɛrenkyɛ abɔde a wɔte asase so nyinaa behu. (Numeri 14:21; Dwom 19:1-3; Habakuk 2:14) Ka a wɔka “kronkron, kronkron, kronkron,” mprɛnsa no nkyerɛ sɛ ɔyɛ Baasakoro. Mmom no, wosi so dua mprɛnsa sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron. (Fa toto Adiyisɛm 4:8 ho.) Yehowa yɛ kronn a obiara ne so nsɛ.

8. Ɛdɛn na efii nea serafim no kae no mu bae?

8 Ɛwom sɛ wɔanka serafim yi dodow de, nanso ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu pii na na wogyinagyina ahengua no ho. Wɔto dwom dɛdɛ ma obiara ka di ne yɔnko akyi sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron de hyɛ no anuonyam. Ɛdɛn na yehu wɔ ɛno akyi? Tie nea Yesaia wɔ ka bio: “Apon ase wosowee, nea ɔkasa no nne nti, na owusiw yɛɛ ɔdan no ma.” (Yesaia 6:4) Bible mu no, wɔtaa ka wusiw anaa mununkum ho asɛm de kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ beae bi. (Exodus 19:18; 40:34, 35; 1 Ahene 8:10, 11; Adiyisɛm 15:5-8) Ɛkyerɛ anuonyam a yɛn nnipa ntumi mmɛn ho.

Ɔmfata, Nanso Ne Ho Tew

9. (a) Anisoadehu no kaa Yesaia dɛn? (b) Wode Yesaia toto Ɔhene Usia ho a, ɛdɛn na wuhu?

9 Anisoadehu a ɛfa Yehowa ahengua ho yi nyaa Yesaia so tumi kɛse. Ɔkyerɛw sɛ: “Ɛnna mekae sɛ: Minnue, na mayera: na meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete ɔman a wɔn ano ho ntew mu, efisɛ ɔhene, asafo [Yehowa, “NW”], na m’aniwa ahu no yi.” (Yesaia 6:5) Hwɛ nsonsonoe kɛse ara a ɛda Yesaia ne Ɔhene Usia ntam! Usia twi faa asɔfo a wɔasra wɔn no so, na odii ne bo so asɛm kɔɔ asɔrefie no mu Kronkronbea hɔ. Ɛwom sɛ Usia huu sika akaneadua, sika afɔremuka, ne ɔpon a “N’anim abodoo” no sisi so de, nanso Yehowa amma no kwan anaa ahyɛde titiriw biara sɛ ɔnkɔ hɔ. (1 Ahene 7:48-50; NW ase hɔ asɛm) Nanso odiyifo Yesaia ammu asɔfo no animtiaa na saa na wanyɛ nea ɔpɛ wɔ asɔrefie hɔ. Nanso, onyaa anisoadehu sɛ Yehowa aba n’asɔrefie kronkron no mu, na Onyankopɔn maa no ahyɛde tẽẽ de hyɛɛ no anuonyam. Bere a serafim abɔfo no ampɛ sɛ wɔbɛhwɛ asɔrefie no Wura a ɔte ahengua so no, wɔmaa Yesaia kwan wɔ anisoadehu mu ma ohuu ‘Ɔhene no, asafo Yehowa, ankasa!’

10. Adɛn nti na Yesaia bɔɔ hu bere a ohuu anisoadehu no?

10 Sɛ́ onipa a wɔawo no bɔne mu no, sɛ Yesaia de ne ho toto Onyankopɔn kronkronyɛ ho a, ɔte nka sɛ ne ho ntew koraa. Ehu kaa no maa osusuwii sɛ obewu. (Exodus 33:20) Ɔtee sɛ serafim no de ano kronn reyi Nyankopɔn ayɛ, nanso na ɔno de n’ano ho ntew, na nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ na nnipa a ɔte wɔn mu a ɔte wɔn kasa no nso ano ho akum. Yehowa yɛ kronkron, na ɛsɛ sɛ n’asomfo da saa su no adi. (1 Petro 1:15, 16) Ɛwom mpo sɛ na wɔayi Yesaia sɛ Onyankopɔn kasamafo de, nanso na otumi hu sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo a n’ano ho ntew sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene kronkron nuonyamfo no kasamafo. Dɛn na Onyankopɔn bɛka wɔ eyi ho?

11. (a) Ɛdɛn na serafim no mu biako yɛe, na dɛn na eyi kyerɛ dɛn? (b) Sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ Onyankopɔn nkoa a, ɔkwan bɛn so na asɛm a serafim no ka kyerɛɛ Yesaia a yebesusuw ho no betumi aboa yɛn?

11 Sɛ anka serafim no bɛpam Yesaia a onnuru baabiara yi afi Yehowa anim no, wɔyɛɛ biribi de boaa no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna Serafim no mu biako tu baa me nkyɛn, okura nsramma a ɔde dabaw kɔfae afɔremuka no so; na ɔde kaa m’ano kae sɛ: Hwɛ eyi aka w’ano, na wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.” (Yesaia 6:6, 7) Wotumi de gya di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de sɔn biribi so yi mu fĩ. Bere a serafim no yii nsramma fii ogya kronn a ɛwɔ afɔremuka no so bɛkaa Yesaia ano no, ɔmaa Yesaia awerɛhyem sɛ wɔapata ne bɔne ma afei obetumi anya Onyankopɔn anim dom ama ɔde dwumadi bi ahyɛ ne nsa. Hwɛ nkuranhyɛ a eyi yɛ ma yɛn! Yɛn nso yɛyɛ abɔnefo a yɛmfata sɛ yɛkɔ Onyankopɔn anim. Nanso wɔnam Yesu ogye afɔre no so agye yɛn ma yebetumi anya Onyankopɔn anim dom akɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu.—2 Korintofo 5:18, 21; 1 Yohane 4:10.

12. Afɔremuka bɛn na Yesaia hui, na dɛn na wotumi de ogya yɛ?

12 Nea ɛma yehu bio sɛ nea yɛreka ho asɛm no yɛ anisoadehu ne “afɔremuka” a wɔbɔɔ din no. (Fa toto Adiyisɛm 8:3; 9:13 ho.) Afɔremuka abien na na ɛwɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Ná ketewa a wɔhyew aduhuam wɔ so si ntwaamu a ɛsɛn Kronkron mu Kronkronbea no anim pɛɛ no ho, na na kɛse a wɔbɔ so afɔre a ɛso gya nnum da nso si asɔrefie no aboboano. (Leviticus 6:12, 13; 16:12, 13) Nanso na saa afɔremuka a ɛwɔ asase so yi gyina hɔ ma nneɛma akɛse bi. (Hebrifo 8:5; 9:23; 10:5-10) Bere a Ɔhene Salomo rehyira asɔrefie no so no, ɛyɛ ogya a efi soro na ɛbɛhyew afɔrebɔde no wɔ afɔremuka no so. (2 Beresosɛm 7:1-3) Nanso anisoadehu no mu no, wɔde ogya a efi nokware afɔremuka a ɛwɔ soro no so na ɛtew Yesaia ano ho.

13. Asɛm bɛn na Yehowa bisae, na bere a ɔkaa sɛ “yɛn” no, hena na na ɔka ho?

13 Momma yɛnka Yesaia ho ntie. “Na metee [Yehowa, “NW”] nne sɛ ose: Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mise: Mini, soma me!” (Yesaia 6:8) Ɛda adi sɛ Yehowa hyɛɛ da bisaa asɛm yi sɛnea Yesaia bɛma ho mmuae, efisɛ na ɔdesani diyifo foforo biara nni anisoadehu no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔreto nsa afrɛ Yesaia ma wabɛyɛ Yehowa somafo. Nanso adɛn nti na Yehowa bisa sɛ, ‘Hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?’ Ɛha no, Yehowa amfa asɛmfua “me” a egyina hɔ ma onipa biako no anni dwuma, na mmom “yɛn” a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, na obi foforo ka ne ho. Ɛyɛ hena? Sɛ ɛnyɛ ne Ba a ɔwoo no koro, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ onipa Yesu Kristo no a, na ɛyɛ hena bio? Nokwarem no, ɛyɛ saa Ɔba yi ara na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so” no. (Genesis 1:26, NW; Mmebusɛm 8:30, 31) Enti asɛm no ne sɛ, na Yehowa Ba a ɔwoo no koro no ka ne ho wɔ soro hɔ.—Yohane 1:14.

14. Bere a Yehowa too nsa frɛɛ Yesaia no, dɛn na ɔyɛe, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

14 Yesaia antwentwɛn ne nan ase sɛ obebua! Sɛnea asɛm a wɔde bɛsoma no te biara no, obua ntɛm ara sɛ: “Mini, soma me!” Saa nso na wammisa nea obenya, bere a wagye dwumadi no ato ne ho so no. Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa, a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnka ‘ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa,’ betumi asua biribi afi ahofama honhom a Yesaia daa no adi no mu. (Mateo 24:14) Te sɛ Yesaia no, wofi nokwaredi mu yɛ wɔn asɛde na ‘wodi amanaman nyinaa adanse,’ ɛmfa ho sɛ nnipa pii ntie asɛm no. Na wɔde ahotoso kɔ wɔn anim sɛnea Yesaia yɛe no, efisɛ wonim sɛ Otumfoɔ no ankasa na ama wɔn tumi sɛ wɔnka asɛm no.

Ahyɛde a Wɔde Maa Yesaia

15, 16. (a) Asɛm bɛn na na Yesaia bɛka akyerɛ ‘ɔman no,’ na dɛn na na wɔbɛyɛ wɔ ho? (b) Nea nnipa no yɛe no, yebetumi de ho asodi ato Yesaia so? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Afei Yehowa kyerɛ Yesaia asɛm a ɔnka ne nea nkurɔfo bɛyɛ wɔ ho: “Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Ɔte ara na monte, na monnte ase, na ohu ara na munhu, na munnhu mu. Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam: na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare.” (Yesaia 6:9, 10) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yesaia hyɛ da ka nsɛm penpen a adwene biara nna ho de bu Yudafo no abam, ma wɔsɔre tia Yehowa anaa? Ɛnte saa koraa! Na eyinom yɛ Yesaia ankasa nkurɔfo a ɔte nka ma wɔn sɛ ne mogya. Nanso na Yehowa nsɛm yi kyerɛ nea nkurɔfo no bɛyɛ wɔ n’asɛm no ho, ɛmfa ho sɛnea na Yesaia de nokwaredi bɛyɛ n’adwuma no.

16 Nea na ebesi biara yɛ nkurɔfo no ara gyegyiregye. Ná Yesaia ‘bɛkɔ so’ akasa akyerɛ wɔn, nanso na wɔrentie asɛm no na wɔrente ase. Na wɔn mu fã kɛse no ara bepirim wɔn koma te sɛ nea wɔn ani afurafura na wɔn aso nso asisi koraa. Bere a Yesaia kɔ wɔn nkyɛn ntoatoaso no, na ɛbɛma ‘ɔman no’ ahu sɛ pɛ ara na wɔmpɛ sɛ wɔbɛte ase. Ná wɔbɛkyerɛ sɛ wɔato wɔn adwenem apirim wɔn koma sɛ wontie Yesaia asɛm—Onyankopɔn asɛm—a ɔreka kyerɛ wɔn no. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ nnipa bi fam nnɛ! Nnipa pii sisi wɔn aso sɛ wontie Yehowa Adansefo bere a wɔreka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛmpa no.

17. Bere a Yesaia bisaa sɛ, “Enkosi da bɛn?” no, na ɛdɛn na ɛwɔ n’adwenem?

17 Asɛm no haw Yesaia: “Na mise: Oo [Yehowa, “NW”], enkosi da bɛn? Na ose: Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofõ a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ afõ koraa, na [Yehowa, “NW”] aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfõ adɔɔso wɔ asase no so.” (Yesaia 6:11, 12) Bere a Yesaia bisaa sɛ, “Enkosi da bɛn?” no, na ɛnyɛ nea ɔrepɛ akyerɛ ne bere tenten a ɔbɛkɔ so aka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔn aso awu no. Mmom no, na ɔdwene nkurɔfo no ho, na na ɔrebisa bere tenten a wɔbɛkɔ so atra wɔn honhom fam tebea bɔne no mu, ne bere tenten a wɔbɛkɔ so ahura Yehowa din ho wɔ asase so. (Hwɛ Dwom 74:9-11.) Ɛnde na wɔbɛkɔ so asen wɔn kɔn akosi bere bɛn?

18. Ná nnipa no honhom fam tebea bɔne no bɛkɔ so akosi bere bɛn, na Yesaia traa ase de n’ani huu nkɔmhyɛ no mmamu anaa?

18 Awerɛhosɛm ne sɛ mmuae a Yehowa de mae no kyerɛ sɛ na nnipa no honhom fam tebea bɔne no bɛkɔ so akosi sɛ wobenya wɔn asoɔden no so akatua koraa sɛnea na Onyankopɔn ada no adi wɔ n’apam mu no. (Leviticus 26:21-33; Deuteronomium 28:49-68) Wɔbɛsɛe ɔman no, asoa emu nnipa akɔ, na asase no adan amamfõ. Ɛwom mpo sɛ na Yesaia de bɛboro mfe 40 bɛhyɛ nkɔm de akosi Ɔhene Usia nanankasowa Hesekia bere so de, nanso na ɔrentra ase mfa n’ani nhu ɔsɛe a Babilon asraafo de bɛba Yerusalem ne n’asɔrefie so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Nanso, na Yesaia bɛkɔ so adi ahyɛde a wɔde ama no no so kosi sɛ obewu, bɛboro mfe 100 ansa na saa asiane kɛse no ato ɔman no.

19. Ɛwom sɛ na wobebu ɔman no sɛ dua de, nanso awerɛkyekyesɛm bɛn na Onyankopɔn de maa Yesaia?

19 Ná ɔsɛe a ɛbɛma Yuda ‘adan amamfõ’ no bɛba ɔkwan biara so, nanso na eyi nkyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ. (2 Ahene 25:1-26) Yehowa ma Yesaia awerɛhyem sɛ: “Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn, sɛ odupɔn ne odum a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: na asefo kronkron ne ne dunsin no.” (Yesaia 6:13) Yiw, ná ‘abupɛn du, asefo kronkron,’ bɛka, te sɛ dupɔn bi a wɔabu ma aka ne dunsin. Akyinnye biara nni ho sɛ saa asɛm yi kyekyee Yesaia werɛ—wobenya nkaefo kronkron bi wɔ ne nkurɔfo mu. Ɛwom sɛ wɔhyew ɔman no mpɛn pii te sɛ dupɔn bi a wɔabu ato fam ma adan egya de, nanso na dua a egyina hɔ ma Israel no dunsin bɛka. Wɔbɛyɛ asefo a wɔyɛ kronkron ma Yehowa. Bere rekɔ so no, na ɛbɛfefɛ bio asan anyin.—Fa toto Hiob 14:7-9; Daniel 4:26 ho.

20. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no fã a etwa to no nyaa ne mmamu a edi kan?

20 Nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu anaa? Yiw. Yuda danee amamfõ no akyi mfe aduoson no, nkaefo bi a wosuro Nyankopɔn fii Babilon nnommumfa mu baa wɔn kurom. Wosii asɔrefie no kyekyeree kurow no bio, na wɔsan hyehyɛɛ nokware som wɔ asase no so. Yudafo a wɔsan de wɔn baa asase a Onyankopɔn de ama wɔn so no maa nkɔmhyɛ a Yehowa de maa Yesaia no nyaa ne mmamu a ɛto so abien. Ná ɛno bɛyɛ dɛn?—Esra 1:1-4.

Mmamu Foforo

21-23. (a) Henanom so na Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa mmamu wɔ afeha a edi kan no mu, na ɔkwan bɛn so na ɛbaa saa? (b) Afeha a edi kan mu no, na henanom ne “asefo kronkron” no, na ɔkwan bɛn so na wɔkoraa wɔn so?

21 Yesaia nkɔmhyɛ adwuma no twaa dwuma a na Mesia no, Yesu Kristo, bedi bɛyɛ mfe 800 akyi no ho mfonini. (Yesaia 8:18; 61:1, 2; Luka 4:16-21; Hebrifo 2:13, 14) Ɛwom sɛ na Yesu yɛ kɛse sen Yesaia de, nanso ɔno nso de ne ho mae sɛ ne soro Agya no nsoma no; ɔkae sɛ: “Hwɛ! Mereba abɛyɛ nea wopɛ.”—Hebrifo 10:5-9, NW; Dwom 40:6-8.

22 Yesu de nokwaredi yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no te sɛ Yesaia, nanso ebinom pirim wɔn koma saa. Sɛnea Yudafo a odiyifo Yesaia kasa kyerɛɛ wɔn no sisii wɔn aso no, saa na wɔn a na wɔwɔ Yesu bere so no nso yɛe. (Yesaia 1:4) Na Yesu de mfatoho di dwuma paa wɔ ne som adwuma no mu. Eyi kaa n’asuafo no ma wobisaa sɛ: “Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu?” Yesu buae sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn. Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nso wɔnte na wɔnte ase. Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase; na ohu nso mubehu, na morenhu mu. Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔamuamua wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.”—Mateo 13:10, 11, 13-15; Marko 4:10-12; Luka 8:9, 10.

23 Yesu faa Yesaia nhoma no mu asɛm kae de kyerɛɛ sɛ nkɔmhyɛ no anya mmamu foforo wɔ ne bere so. Na nkurɔfo no nyinaa koma te sɛ Yudafo a na wɔwɔ Yesaia bere so no. Womuamuaa wɔn ani sisii wɔn aso wɔ n’asɛm no ho, na wɔn nso hyiaa wɔn sɛe. (Mateo 23:35-38; 24:1, 2) Eyi sii bere a Roma asraafodɔm a Ɔsahene Tito di wɔn anim tow hyɛɛ Yerusalem so afe 70 Y.B. na wɔsɛee kuropɔn no ne n’asɔrefie no. Nanso, na ebinom ayɛ aso ama Yesu ma wɔabɛyɛ n’asuafo. Yesu kaa eyinom ho asɛm sɛ ‘wɔwɔ anigye.’ (Mateo 13:16-23, 51) Ná waka akyerɛ wɔn sɛ sɛ wohu sɛ ‘dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a wonguan nkɔ mmepɔw so.’ (Luka 21:20-22) Enti “asefo kronkron” a na wɔakyerɛ gyidi ma wɔayɛ wɔn honhom fam man, “Onyankopɔn Israel” no, nyaa wɔn ti didii mu. *Galatifo 6:16.

24. Ɛdɛn na Paulo ka faa Yesaia nkɔmhyɛ no ho, na eyi kyerɛ dɛn?

24 Bɛyɛ afe 60 Y.B. mu no, na ɔsomafo Paulo da afiase wɔ Roma. Ɔne “Yudafo atitiriw” ne afoforo hyiae, na ‘odii Onyankopɔn ahenni no ho adanse fefeefe’ kyerɛɛ wɔn. Bere a wɔn mu pii antie n’asɛm no, Paulo kyerɛe sɛ ɛyɛ Yesaia nkɔmhyɛ no na anya mmamu. (Asomafo no Nnwuma 28:17-27; Yesaia 6:9, 10) Eyi kyerɛ sɛ Yesu asuafo no nso yɛɛ Yesaia adwuma no ara bi.

25. Ɛdɛn na Onyankopɔn Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ahu, na ɛka wɔn ma wɔyɛ dɛn?

25 Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hu sɛ Yehowa Nyankopɔn ahyɛn n’asɔrefie kronkron mu. (Malaki 3:1) Te sɛ Yesaia no, wɔka sɛ: “Mini, soma me.” Wofi wɔn kra nyinaa mu bɔ amanfo kɔkɔ wɔ wiase awiei a abɛn pɛɛ no ho. Nanso, sɛnea Yesu kyerɛe no, nnipa kakraa bi na wobue wɔn ani ne wɔn aso de hu na wɔte na wɔanya nkwa. (Mateo 7:13, 14) Wɔn a wobue wɔn komam tie na ‘wɔma wɔsa wɔn yare’ no betumi anya anigye ampa!—Yesaia 6:8, 10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 23 Bere a Yudafo tee atua no, Roma asraafo a Cestius Gallus di wɔn anim twaa Yerusalem ho hyiae afe 66 Y.B. na wɔhyɛnee mu koduu asɔrefie no ho pɛɛ. Afei wɔsan wɔn akyi, na eyi maa Yesu asuafo no tumi guan kɔɔ Perea mmepɔw so ansa na Romafo no resan aba bio wɔ afe 70 Y.B.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 94]

“Mini, soma me!”

[Mfonini wɔ kratafa 97]

‘Enkosi sɛ nkurow no bɛdan akurofõ a obi nte mu’