Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesaia Hyɛ Yehowa ‘Anwonwadwuma’ Ho Nkɔm

Yesaia Hyɛ Yehowa ‘Anwonwadwuma’ Ho Nkɔm

Ti Aduonu Abien

Yesaia Hyɛ Yehowa ‘Anwonwadwuma’ Ho Nkɔm

Yesaia 28:1–29:24

1, 2. Dɛn nti na Israel ne Yuda te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ?

WƆ BERE tiaa bi mu no, Israel ne Yuda te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Wɔn akannifo no ne aman akɛse a wɔyɛ den no ayeyɛ amammui mu apam na ama wɔanya ahobammɔ wɔ wiase a emu yɛ hu no mu. Samaria, Israel ahenkurow no, akɔdan Siria a ɛbɛn no no, na Yerusalem, Yuda ahenkurow no, de n’ani ato Asiria tirimɔdenfo no so.

2 Sɛ wɔn ho a wɔde ato amammui mu apamfo so no da nkyɛn a, ebia kusuu fam ahemman no mufo bi bɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban—ɛmfa ho sɛ wɔda so ara de sika nantwi mma di dwuma wɔ ɔsom mu no. Saa ara na Yuda te nka sɛ obetumi anya Yehowa ahobammɔ. Anyɛ yiye koraa no, so ɛnyɛ Yerusalem, wɔn ahenkurow, no mu na Yehowa asɔrefie no si? Nanso nsɛm bi a wɔnhwɛ kwan rebɛto aman abien no nyinaa. Yehowa de honhom ka Yesaia ma ɔhyɛ nsɛm a ɛbɛyɛ ne nkurɔfo a wɔawae no nwonwa ankasa ho nkɔm. Na asuade titiriw bi wɔ ne nsɛm no mu ma obiara nnɛ.

“Efraim Asabofo”

3, 4. Dɛn na ɛma Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam no yɛ ahantan?

3 Yesaia de nsɛm a etu koma yi na efi ne nkɔmhyɛ no ase: “Efraim asabofo ahantan abotiri, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwãm no nnue, [kurow] a ɛwɔ wɔn a nsã tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no. Hwɛ, [Yehowa, “NW”] wɔ ahoɔdenfo ne otumfo bi, sɛ amparuwbo a ɛregu, . . . ɔbɛka agu fam ahoɔden so . . . Na wobetiatia Efraim asabofo ahantan abotiri no so.”—Yesaia 28:1-3.

4 Efraim, a ɛyɛ kusuu fam mmusuakuw du no mu titiriw no, abegyina hɔ ama Israel ahemman no nyinaa. N’ahenkurow, Samaria, da beae a ɛyɛ fɛ wɔ “srade bon atifi.” Efraim akannifo yɛ ahantan esiane ahofadi “abotiri” a wɔanya afi Dawid ahenni a ɛwɔ Yerusalem no ho nti. Nanso wɔyɛ “asabofo,” a wɔabow honhom fam esiane Siria a wɔne no ayɛ apam atia Yuda nti. Biribiara a ɛsom bo ma wɔn no yɛ nea ntuafo rebetiatia so.—Fa toto Yesaia 29:9 ho.

5. Tebea a asiane wom bɛn na Israel bɛkɔ mu, nanso anidaso bɛn na Yesaia ka ho asɛm?

5 Efraim nhu ne tebea a ɛyɛ hu no. Yesaia toa so sɛ: “N’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwãm a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wamene no.” (Yesaia 28:4) Efraim bɛhwe ase Asiria nsam, aduan dɛdɛ a wɔbɛka mu prɛko pɛ amene. Enti, anidaso biara nni hɔ? Wiɛ, sɛnea ɛte bere nyinaa no, Yesaia nkɔmhyɛ ahorow no yɛ nea ɛka anidaso ho asɛm. Sɛ ɔman no hwe ase mpo a, anokwafo a wɔwom no befi mu aka, denam Yehowa mmoa so. “Asafo [Yehowa, “NW”] bɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no, ne atemmu honhom ama nea watra ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ, wɔn kurow pon ano no.”—Yesaia 28:5, 6.

‘Wɔatɔ Ntintan’

6. Bere bɛn na Israel hyia ne sɛe, nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yuda di ahurusi?

6 Samaria akontaabu da no ba wɔ 740 A.Y.B. mu bere a Asiriafo sɛe asase no na kusuu fam ahemman no nkɔ so nyɛ ɔman a ɛde ne ho bio no. Na Yuda nso ɛ? Asiriafo betu asase no so sa, na akyiri yi, Babilon asɛe n’ahenkurow. Nanso, na Yuda asɔrefie ne asɔfodi no bɛkɔ so ayɛ adwuma wɔ Yesaia bere so, na adiyifo no akɔ so ahyɛ nkɔm. So ɛsɛ sɛ Yuda di ɔsɛe a ɛreba ne yɔnko a ɔwɔ kusuu fam so no ho ahurusi? Dabida! Yehowa bɛma Yuda ne n’akannifo nso abu akontaa esiane wɔn asoɔden ne gyidi a wonni nti.

7. Ɔkwan bɛn so na Yuda akannifo abow nsa, na dɛn na afi mu ba?

7 Bere a Yesaia retwe adwene asi Yuda so no, ɔtoa n’asɛm no so sɛ: “Eyinom nso de nsã retɔ ntintan na wɔde mpahyewa rehinhim, ɔsɔfo ne odiyifo de mpahyewa retɔ ntintan, nsã amene wɔn, mpahyewa nti wohinhim, wɔtɔ ntintan, adehu mu, wɔpo dodow asenni mu. Na ɛfe ne efĩ ayeyɛ apon nyinaa so ma a ɔkwan nni hɔ.” (Yesaia 28:7, 8) Abofonode bɛn ara ni! Nsa ankasa a wɔbow wɔ Onyankopɔn fie no yɛ ade bɔne ankasa. Nanso saa asɔfo ne adiyifo yi abow wɔ honhom fam—nnipa apam mu ahotoso agye wɔn adwene. Wɔdaadaa wɔn ho susuw sɛ ɔkwan a wɔnam so no yɛ nea nyansa wom, na ebia wogye di seesei sɛ wɔwɔ nhyehyɛe bi a ɛbɛboa wɔn bere a Yehowa antumi ammɔ wɔn ho ban no. Nyamesom akannifo a wɔabow honhom fam yi kanyan atuatew, ka nsɛmfĩ a ɛkyerɛ sɛ wonni Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu gyidi ankasa.

8. Dɛn na wɔyɛ wɔ Yesaia asɛm no ho?

8 Ɔkwan bɛn so na Yuda akannifo no yɛ wɔn ade wɔ Yehowa kɔkɔbɔ ho? Wodi Yesaia ho fɛw, na wɔbɔ no sobo sɛ ɔkasa kyerɛ wɔn sɛ mmofra: “Ɛhena na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hena nso na ɔbɛma wate asɛnka no ase? Wɔn a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wɔatew wɔn afi mpokua ano? Na mmara tĩa mmara, mmara tĩa mmara; ahyɛde tĩa ahyɛde, ahyɛde tĩa ahyɛde; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.” (Yesaia 28:9, 10) Hwɛ sɛnea wobu Yesaia sɛ obi a ɔworo nsɛm ma enti ne ho yɛ wɔn nwonwa! Ɔkɔ so tĩ nsɛm mu ka sɛ: ‘Sɛɛ na Yehowa se! Sɛɛ na Yehowa se! Eyi ne Yehowa gyinapɛn! Eyi ne Yehowa gyinapɛn!’ * Nanso Yehowa nam adeyɛ bi so ‘bɛkasa’ akyerɛ Yudafo nnansa yi ara. Ɔbɛsoma Babilon asraafo—ananafo a ɛsono kasa a wɔka koraa—aba wɔn so. Nokwarem no, saa asraafo no bedi Yehowa ‘ahyɛde a etia ahyɛde’ no ho dwuma, na Yuda bɛhwe ase.—Kenkan Yesaia 28:11-13.

Honhom Fam Asabofo Nnɛ

9, 10. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm no kyerɛ biribi ma nkyirimma?

9 So tete Israel ne Yuda nkutoo so na Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa mmamu? Dabida! Yesu ne Paulo nyinaa faa ne nsɛm no kae de totoo ɔman a na ɛwɔ hɔ wɔ wɔn bere so no ho. (Yesaia 29:10, 13; Mateo 15:8, 9; Romafo 11:8) Ɛnnɛ nso, tebea bi asɔre a ɛte sɛ nea na ɛwɔ hɔ wɔ Yesaia bere so no.

10 Saa bere yi de, ɛyɛ Kristoman nyamesom akannifo a wɔde wɔn werɛ hyɛ amammuisɛm mu no. Wohinhim sɛ Israel ne Yuda asabofo no, na wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu, na wodi ahurusi sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ wiase yi mu atitiriw ba wɔn nkyɛn ne wɔn besusuw nsɛm ho. Sɛ́ anka wɔbɛka Bible mu nokwasɛm a ɛyɛ kronn no, wɔka nsɛmfĩ. Wɔn ani afurafura honhom fam, na wɔnyɛ nnipa a wobetumi akyerɛ adesamma kwan.—Mateo 15:14.

11. Ɔkwan bɛn so na Kristoman akannifo no yɛ wɔn ade wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho?

11 Sɛ Yehowa Adansefo twe Kristoman mu akannifo no adwene si nokware anidaso koro pɛ, Onyankopɔn Ahenni, no so a, wɔyɛ wɔn ade dɛn? Wɔnte ase. Wɔn fam no, ɛte sɛ nea Adansefo no woro nsɛm te sɛ mmofra. Nyamesom akannifo no bu saa asomafo yi animtiaa, na wodi wɔn ho fɛw. Te sɛ Yesu bere so Yudafo no, wɔmpɛ Onyankopɔn Ahenni, na saa ara na wɔmpɛ sɛ wɔn nguan no bɛte ho asɛm. (Mateo 23:13) Enti, wɔma wohu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa nam n’asomfo a wɔnhaw nkurɔfo so bɛkasa. Bere bi bɛba a wɔn a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no ‘bɛtotɔ afiri mu, na wɔakyekyere wɔn,’ yiw, wɔbɛsɛe wɔn koraa.

“Owu Apam”

12. “Apam” bɛn na Yuda kyerɛ sɛ ɔne “owu” ayɛ?

12 Yesaia toa n’atemmusɛm no so sɛ: “Na moka sɛ: Yɛne owu apam, na yɛne asaman adi kasasie; mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.” (Yesaia 28:14, 15) Yuda akannifo hoahoa wɔn ho sɛ wɔn amammui mu apamfo no begye wɔn afi nkogudi mu. Wɔte nka sɛ wɔne ‘Owu ayɛ apam’ nti, ɔnka wɔn hwee. Nanso wɔn guankɔbea a anidaso nnim no remmɔ wɔn ho ban. Wɔn apam no yɛ atoro, ɛyɛ nnaadaasɛm. Saa ara na nnɛ, abusuabɔ a emu yɛ den a Kristoman ne wiase akannifo anya no remmɔ ne ho ban bere a obebu akontaa akyerɛ Yehowa no. Nokwarem no, ɛbɛkyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba ne so.—Adiyisɛm 17:16, 17.

13. Hena ne “ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ” no, na ɔkwan bɛn so na Kristoman apo no?

13 Ɛnde, ɛhe na ɛsɛ sɛ nyamesom akannifo yi dan kɔ? Afei Yesaia yɛ Yehowa bɔhyɛ ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa, nea ogye di no renguan. Na mede atemmu mɛyɛ susuhama, na mede trenee mayɛ nsenia, na amparuwbo ahum behwim atoro guankɔbea no, na hintabea no nso, nsu bɛsram so.” (Yesaia 28:16, 17) Yesaia kaa saa nsɛm yi akyi bere tiaa bi no, wɔde Ɔhene Hesekia sii agua so wɔ Sion, na wɔbɔɔ n’ahenni no ho ban, ɛnnam aman a ɔne wɔn yɛɛ apam no so, na mmom, ɛnam Yehowa mmoa so. Nanso, saa nsɛm a efi honhom mu yi annya mmamu wɔ Hesekia bere so. Bere a ɔsomafo Petro refa Yesaia nsɛm no aka no, ɔkyerɛe sɛ Yesu Kristo, Hesekia nanankansoa aseni no ne “ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ” no, na enti ɛnsɛ sɛ obiara a onya Ne mu gyidi no suro biribiara. (1Petro 2:6) Hwɛ awerɛhow a ɛyɛ sɛ bere a Kristoman akannifo no frɛ wɔn ho Kristofo no, wɔreyɛ ade a Yesu anyɛ! Wɔhwehwɛ din ne tumi wɔ wiase yi mu sen sɛ wɔbɛtwɛn Yehowa ma ɔde N’ahenni a ɛwɔ Ɔhene Yesu Kristo ase no aba.—Mateo 4:8-10.

14. Bere bɛn na wɔbɛsɛe “apam” a Yuda ne “owu” ayɛ no?

14 Sɛ “mpire a ɛhwe tra so,” a ɛne Babilon asraafo, no sen fa asase no so a, Yehowa bɛpa Yuda guankɔbea no ho ntama ama obiara ahu sɛ ɛyɛ atoro guankɔbea. Yehowa ka sɛ: “Mo ne owu apam no so bɛpopa . . . Mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ebetiatia mo so; mpɛn dodow a ɛretwa mu no . . . ɛho kaseɛ asete bɛyɛ ehu ara nko.” (Yesaia 28:18, 19) Yiw, asuade a tumi wom bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesua fi nea ɛto wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa nanso wɔde wɔn ho to apam a wɔne amanaman no yɛ so no mu.

15. Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛkyerɛ Yuda ahobammɔ a enni mũ no mu?

15 Susuw gyinabea a saa Yuda akannifo yi wom seesei no ho hwɛ. “Nnae no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so, na mmuatam no nsõ sɛ ɔde bebum no so.” (Yesaia 28:20) Ɛte sɛ nea wɔda hɔ sɛ wɔbɛdwudwo wɔn ho, nanso wonnya ɔhome biara. Ebia wɔn nan ho begu hɔ ma awɔw ade wɔn anaasɛ wɔbɛpoapoa wɔn nan, nanso mmuatam no nsõ sɛ ebebum wɔn so ma wɔn ho ayɛ hyew. Ná eyi ne ahoyeraw a nkurɔfo wom wɔ Yesaia bere so. Na saa ara na ɛte ma obiara a ɔde ne ho to Kristoman atoro guankɔbea so nnɛ no. Hwɛ abofono a ɛyɛ sɛ esiane sɛ Kristoman nyamesom akannifo no de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu nti, wɔn mu bi de wɔn ho ahyɛ atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu te sɛ mmusua asetɔre ne okunkɛse mu!

Yehowa ‘Anwonwadwuma’

16. Dɛn ne Yehowa ‘anwonwadwuma’ no, na dɛn nti na saa adwuma yi yɛ nwonwa?

16 Sɛnea Yuda nyamesom akannifo hwɛ kwan no, ɛnyɛ saa koraa na nneɛma bɛkɔ akowie. Yehowa bɛyɛ anwonwade bi akyerɛ Yuda honhom fam asabofo no. [Yehowa, “NW”] bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no, na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade, na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.” (Yesaia 28:21) Wɔ Ɔhene Dawid bere so no, Yehowa maa ne nkurɔfo dii Filistifo so nkonim kɛse wɔ Bepɔw Perasim so ne Gibeon bon mu. (1 Beresosɛm 14:10-16) Wɔ Yosua bere so no, ɔmaa owia gyinaa faako wɔ Gibeon na ama Israelfo atumi adi Amorifo so nkonim koraa. (Yosua 10:8-14) Ná ɛno yɛ anwonwade a ɛsen biara! Afei Yehowa bɛko bio, nanso saa bere yi de, ɔbɛko atia wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ne nkurɔfo no. So biribi betumi ayɛ hu anaa nwonwa asen saa? Gye sɛ woansusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yerusalem ne baabi titiriw a wɔsom Yehowa, ne kurow a Yehowa hene a wasra no wɔ no ho. Ebesi saa bere yi, na wontuu Dawid adehye abusua a ɛwɔ Yerusalem no ngui da. Nanso, Yehowa bɛyɛ ‘n’anwonwadwuma’ no ɔkwan biara so.—Fa toto Habakuk 1:5-7 ho.

17. Nkɛntɛnso bɛn na fɛw a wodi no benya wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu so?

17 Enti, Yesaia bɔ kɔkɔ sɛ: “Munnni fɛw bio, na mo nkyehama no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ, Awurade, asafo [Yehowa, “NW”] no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.” (Yesaia 28:22) Ɛwom sɛ akannifo no di fɛw de, nanso Yesaia asɛm no yɛ nokware. Ɔte fii Yehowa a saa akannifo no ne no ayɛ apam no nkyɛn. Saa ara na nnɛ, Kristoman mu nyamesom akannifo no di fɛw bere a wɔte Yehowa ‘anwonwadwuma’ no. Wɔyɛ dede keka ho nsɛnhunu mpo. Nanso asɛm a Yehowa Adansefo ka no yɛ nokware. Ɛwɔ Bible, nhoma a saa akannifo no kyerɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ, no mu.

18. Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa kari pɛ bere a ɔde asotwe rema no mu?

18 Ankorankoro a wɔwɔ komapa a wonni saa akannifo no akyi no de, Yehowa besiesie wɔn ma wɔanya n’anim dom. (Kenkan Yesaia 28:23-29.) Sɛnea okuafo tɔ ne bo ase posaw aba a ɛyɛ mmerɛw te sɛ tɛtɛ no, saa ara na Yehowa yɛ nsakrae wɔ asotwe a ɔde ma mu sɛnea onipa biara ne ne nsɛm tebea te. Ɔmfa ne tumi mpuapua nkurɔfo na ɔnhyɛ wɔn so, na mmom, ɔbɔ mmɔden sɛ obesiesie wɔn a wɔfom no ma wɔatumi ayɛ nsakrae. Yiw, sɛ obi yɛ Yehowa nsa a ɔto frɛ no ho biribi a, anidaso wɔ hɔ ma no. Saa ara na nnɛ, bere a wɔasɔw nea ɛreba Kristoman nyinaa so ano no, obiara a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Yehowa Ahenni ase no betumi akwati atemmu a ɛreba no.

Yerusalem Nnue!

19. Ɔkwan bɛn so na Yerusalem bɛdan ‘afɔremuka,’ na bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na eyi nya mmamu?

19 Nanso, dɛn na Yehowa reka ho asɛm seesei? ‘Due, Ariel, Ariel, kurow a Dawid bɛtraa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia. Na mɛma Ariel ho akyere no, na nkɔmmodi ne abubuwbɔ aba, na adan me sɛ Onyankopɔn afɔremuka.’ (Yesaia 29:1, 2) Ɛda adi sɛ, ‘Ariel’ kyerɛ ‘Onyankopɔn Afɔremuka,’ na ɛha yi, akyinnye biara nni ho sɛ ɛkyerɛ Yerusalem. Ɛhɔ na asɔrefie a afɔremuka a wɔbɔ so afɔre wom no si. Ná Yudafo no de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛhyɛ fã abɔ afɔre ahorow wɔ hɔ, nanso Yehowa nkyerɛ wɔn som no ho anisɔ. (Hosea 6:6) Mmom no, ɔhyɛ sɛ kurow no ankasa bɛdan ‘afɔremuka’ wɔ ɔkwan foforo so. Te sɛ afɔremuka no, wobehwie mogya agu so, na wɔde gya atom. Yehowa ka sɛnea eyi bɛba ho asɛm sɛ: “Mɛbɔ wo ho nsra mahyia, na mede srafo matwa wo ho dantaban, na mahɔre wo ho mpempe mahyɛ wo. Na wobɛhwe ase, ɛfam na wufi bɛkasa, mfutuma mu na w’asɛm befi ayɛ huhuhuhu.” (Yesaia 29:3, 4) Eyi nya mmamu wɔ Yuda ne Yerusalem so wɔ 607 A.Y.B. mu, bere a Babilon asraafo tow hyɛ kurow no so sɛe no hyew n’asɔrefie no. Wɔbrɛ Yerusalem ase koraa te sɛ asase a wɔkyekyee no wɔ so no.

20. Dɛn na ɛbɛyɛ Onyankopɔn atamfo awiei koraa?

20 Ansa na saa bere pɔtee no mmra no, Yuda bɛkɔ so anya ahene a wodi Yehowa Mmara so. Dɛn na edi hɔ? Yehowa bɛko ama ne nkurɔfo. Ɛwom sɛ atamfo no bɛyɛ asase no so bebree de, nanso wɔbɛyɛ sɛ “mfutuma fekɔfekɔ” ne “ntɛtɛwa.” Wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, “ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade” na ɛbɛpam wɔn.—Yesaia 29:5, 6.

21. Kyerɛkyerɛ mfatoho a ɛwɔ Yesaia 29:7, 8 no mu.

21 Ebia asraafo a wɔn tirim yɛ den no de ahopere hwɛ kwan sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem na wɔafow mu nneɛma. Nanso wɔn anidaso no bɛyɛ hunu! Te sɛ obi a ɔkɔm de no a ɔso dae sɛ ɔredidi wɔ apontow ase, na afei onyan a ɔkɔm de no paa no, Yudafo atamfo no rennya apontow a wɔde anigye hwɛ kwan no. (Kenkan Yesaia 29:7, 8.) Susuw nea ɛtoo Asiria asraafo a na Sanaherib di wɔn anim bere a wobehunahunaa Yerusalem wɔ ɔhene nokwafo Hesekia bere so no ho. (Yesaia, ti 36 ne 37) Anadwo biako pɛ, bere a onipa nsa nnim no, Asiria akofo panyin a ne ho yɛ hu no san n’akyi—n’akofo akokodurufo no mu 185,000 wuwui! Saa ara na akofo panyin a ɔne Gog a ofi Magog no nkonimdi ho akwanhwɛ no bedi huammɔ bere a ɔtow hyɛ Yehowa nkurɔfo so wɔ daakye a enni akyiri no.—Hesekiel 38:10-12; 39:6, 7.

22. Ɔkwan bɛn so na Yuda honhom fam asabow no nya ne so nkɛntɛnso?

22 Bere a Yesaia kyerɛw ne nkɔmhyɛ no fã yi no, na Yuda akannifo no nni gyidi te sɛ Hesekia. Ná wɔanom nsa abobow wɔ honhom fam denam aman amumɔyɛfo a wɔne wɔn yɛɛ apam no so. “Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiriw mo, monkeka mo ani mfomfam na mo ani mfura. Wɔabobow, nso ɛnyɛ nsã; wɔtotɔ ntintan, nso emfi mpahyewa.” (Yesaia 29:9) Esiane sɛ wɔabobow honhom fam nti, saa akannifo yi ntumi nhu nea anisoadehu a Yehowa de maa ne nokware diyifo no kyerɛ. Yesaia ka sɛ: [Yehowa, “NW”] de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no, na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so. Na eyi nyinaa ho adehu bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔasɔw ano mu nsɛm, wɔde ma nea onim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! a, ɔka sɛ: Mintumi, na wɔasɔw ano. Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! a, ɔka sɛ: Minnim nhoma.”—Yesaia 29:10-12.

23. Dɛn nti na Yehowa bɛma Yuda abu akontaa, na ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ saa?

23 Yuda nyamesom akannifo no kyerɛ sɛ wɔyɛ honhom fam anyansafo, nanso wɔagyaw Yehowa. Na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ankasa adwene a ɛnteɛ a wokura wɔ papa ne bɔne ho no mmom, na wobu wɔn ho bem wɔ gyidi a wonni ne wɔn brasɛe, ne nkurɔfo no a wɔma wɔhwere Onyankopɔn anim dom no ho. Yehowa bɛma wɔabu wɔn nyaatwomyɛ no ho akontaa denam ‘ahodwiriwde’—‘n’anwonwadwuma’—no so. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde anofafa na edi me nĩ, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti, hwɛ, mɛkɔ so me ne ɔman yi adi anwonwasɛm ma ayɛ nwonwa ne ahodwiriw, na wɔn anyansafo nyansa ayera, na wɔn nhumufo nhumu atu.” (Yesaia 29:13, 14) Nyansa ne ntease a Yuda kyerɛ sɛ ɛwɔ no bɛyera bere a Yehowa bedi nneɛma ho dwuma ma Babilon Wiase Tumidi no apopa nyamesom nhyehyɛe a awae no nyinaa afi hɔ no. Ade koro no ara sii afeha a edi kan no mu bere a Yudafo akannifo a wɔkyerɛ sɛ wonim nyansa maa ɔman no waee no. Biribi a ɛte saa bɛto Kristoman nso wɔ yɛn bere yi so.—Mateo 15:8, 9; Romafo 11:8.

24. Ɔkwan bɛn so na Yudafo no da no adi sɛ wonsuro Onyankopɔn?

24 Nanso, mprempren de, Yudafo akannifo a wɔhoahoa wɔn ho no gye di sɛ wonim nyansa araa ma wɔbɛfa wɔn ho adi wɔ nokware som a wɔasɛe no no ho. So saa na ɛte? Yesaia yi wɔn nkatanim no, na ɔpa wɔn ho ntama ma ɛda adi sɛ wonni Onyankopɔn ho suro pa bi, enti wonni nokware nyansa: “Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw [Yehowa, “NW”] fee, na wɔn nneyɛe wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn, anaa hena na onim yɛn? Musi nneɛma ti ase! So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa anwenne aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ: Onnim de!?” (Yesaia 29:15, 16; fa toto Dwom 111:10 ho.) Ɛmfa ho ahobammɔ biara a wosusuw sɛ wɔwɔ no, wɔn “ho da hɔ” Onyankopɔn anim.—Hebrifo 4:13.

‘Asotifo Bɛte Asɛm’

25. Ɔkwan bɛn so na “asotifo” bɛte asɛm?

25 Nanso, nkwagye wɔ hɔ ma ankorankoro a wɔkyerɛ gyidi no. (Kenkan Yesaia 29:17-24; fa toto Luka 7:22 ho.) ‘Asotifo bɛte nhoma mu nsɛm,’ Onyankopɔn Asɛm mu nsɛm. Yiw, eyi nyɛ honam fam asotiw a wɔsa. Ɛyɛ honhom fam ayaresa. Yesaia twe adwene si Mesia Ahenni no a wɔde besi hɔ ne nokware som a wɔnam Mesia nniso so bɛsan de asi hɔ wɔ asase so no so bio. Eyi anya mmamu wɔ yɛn bere yi mu, na komapafo ɔpepem pii rema Yehowa asiesie wɔn, na wɔresua sɛ wobeyi no ayɛ. Mmamu a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Awiei koraa no, ɛbere bi bɛba a obiara, biribiara a ɛhome, beyi Yehowa ayɛ na atew ne din kronkron no ho.—Dwom 150:6.

26. Honhom fam nkaesɛm bɛn na “asotifo” te no nnɛ?

26 Dɛn na “asotifo” a wɔte Onyankopɔn Asɛm nnɛ no sua? Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa, titiriw wɔn a asafo no bu wɔn sɛ nhwɛsofo no, kwati sɛ wɔbɛma ‘nsa atɔ wɔn ntintan.’ (Yesaia 28:7) Bio nso, ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ da sɛ yebetie Onyankopɔn nkaesɛm a ɛboa yɛn ma yenya honhom fam adwene wɔ nneɛma nyinaa ho no. Bere a Kristofo brɛ wɔn ho ase ma ɔman atumfoɔ ɔkwan a ɛfata so na wɔhwɛ kwan sɛ atumfoɔ yi bɛyɛ nnwuma bi ama wɔn no, nkwagye mfi wiase no, na mmom efi Yehowa Nyankopɔn hɔ. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ te sɛ atemmu a ɛbaa Yerusalem a na awae so no, wontumi nkwati Onyankopɔn atemmu a ɛreba awo ntoatoaso yi so no. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi akɔ so aka ne kɔkɔbɔ asɛm no a ɔsɔretia mfa ho, sɛnea Yesaia yɛe no.—Yesaia 28:14, 22; Mateo 24:34; Romafo 13:1-4.

27. Asuade bɛn na Kristofo betumi anya afi Yesaia nkɔmhyɛ no mu?

27 Mpanyimfo ne awofo betumi asua biribi afi sɛnea Yehowa de nteɛso ma no mu, na wɔahwehwɛ bere nyinaa sɛ wɔbɛma abɔnefo asan anya Onyankopɔn anim dom, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛtwe wɔn aso kɛkɛ. (Yesaia 28:26-29; fa toto Yeremia 30:11 ho.) Wɔrekae yɛn nyinaa, a mmofra ka ho, sɛnea ɛho hia sɛ yefi yɛn komam som Yehowa, na ɛnyɛ sɛ yebefi nkate mu ayɛ yɛn ho sɛ Kristofo kɛkɛ na yɛasɔ nnipa ani. (Yesaia 29:13) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ nea ɛnte sɛ Yudafo a na wonni gyidi no, yɛwɔ osuro pa ne obu kɛse ma Yehowa. (Yesaia 29:16) Bio nso, ehia sɛ yɛda no adi sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛma Yehowa ateɛteɛ yɛn na yɛasua biribi afi ne hɔ.—Yesaia 29:24.

28. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo bu ne nkwagye adwuma no?

28 Hwɛ hia a ehia sɛ yebenya Yehowa ne ne kwan a ɔnam so yɛ nneɛma no mu gyidi ne ahotoso! (Fa toto Dwom 146:3 ho.) Wɔ nnipa dodow no ara fam no, kɔkɔbɔ asɛm a yɛka no bɛyɛ wɔn sɛ mmofrasɛm. Ɔsɛe a wɔde reba ahyehyɛde bi a ɛkyerɛ sɛ ɛsom Onyankopɔn, Kristoman, so no yɛ hu, na ɛyɛ nwonwa ankasa. Nanso Yehowa bɛyɛ ‘n’anwonwadwuma’ no. Ɛno de, akyinnye biara nni ho. Enti, wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu no, Onyankopɔn asomfo de wɔn werɛ nyinaa hyɛ N’ahenni ne ne Hene a wapaw no, Yesu Kristo, mu. Wonim sɛ Yehowa nkwagye adwuma—a ɔyɛ ka ‘n’anwonwadwuma’ ho—no de nhyira a enni awiei bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Wɔ mfitiase Hebri mu no, Yesaia 28:10 yɛ ayɛsɛm a wotĩ mu ka, ɛte sɛ anwensɛm a wɔka kyerɛ mmofra. Enti, ɛyɛɛ nyamesom akannifo no sɛ nea Yesaia woro nsɛm, na na wobu n’asɛm no mmofrasɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 289]

Kristoman de ne ho ato nnipa atumfoɔ apam so sen sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so

[Mfonini wɔ kratafa 290]

Yehowa yɛɛ ‘n’ade a ɛyɛ nwonwa’ bere a ɔmaa Babilon bɛsɛee Yerusalem no

[Mfonini wɔ kratafa 298]

Wɔn a na wɔyɛ asotifo honhom fam no betumi ‘ate’ Onyankopɔn Asɛm