Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahonu Mpaebɔ

Ahonu Mpaebɔ

Ti Aduonu Anum

Ahonu Mpaebɔ

Yesaia 63:15–64:12

1, 2. (a) Atirimpɔw bɛn nti na Onyankopɔn de asotwe ma? (b) Bere a Yudafo no nyaa Yehowa asotwe wiei no, dɛn na na wobetumi ayɛ?

ƆSƐE a ɛbaa Yerusalem ne n’asɔrefie so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no yɛ asotwe a efi Yehowa hɔ, na ɔnam so kyerɛɛ wɔn sɛ wɔahwere n’anim dom koraa. Ná asotwe a emu yɛ den no fata Yuda man asoɔdenfo no. Nanso, na ɛnyɛ Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛtɔre Yudafo no ase. Ɔsomafo Paulo kaa nea enti a Yehowa twee wɔn aso no ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Na asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.”—Hebrifo 12:11.

2 Ɔkwan bɛn so na na Yudafo no bɛyɛ wɔn ade wɔ asotwe a emu yɛ den no ho? So na wobekyi Yehowa asotwe? (Dwom 50:16, 17) Anaasɛ na wobegye atom sɛ ntetee? So na wɔbɛsakra na ama wɔasa wɔn yare? (Yesaia 57:18; Hesekiel 18:23) Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, na tete Yudafo no bi bɛyɛ asotwe no ho biribi pa. Efi ti 63 nkyekyem a edi akyiri kosi ti 64 no, wɔka Yuda man no ho asɛm sɛ nnipa a wɔanu wɔn ho a wofi komam de wɔn adesrɛ kɔ Yehowa anim. Odiyifo Yesaia gyinaa ne manfo ananmu bɔɔ ahonu mpae wɔ nnommumfa mu a na wɔbɛkɔ no ho. Bere a ɔreyɛ saa no, ɔkaa nsɛm a na ɛrebesisi no ho asɛm sɛ nea na ɛresisi n’anim.

Agya a Ɔwɔ Mmɔborohunu

3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ no maa Yehowa so? (b) Ɔkwan bɛn so na Daniel mpaebɔ no daa no adi sɛ Yesaia nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ no daa adwene a na Yudafo a wɔanu wɔn ho wɔ Babilon no kura adi? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 362 no.)

3 Yesaia bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam trabea hɔ hwɛ.” Na odiyifo no reka honhom mu soro, baabi a Yehowa ne ne honhom abɔde a aniwa nhu wɔn te no. Bere a Yesaia reda adwene a na Yudafo no kura adi no, ɔtoaa so sɛ: “Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ? W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho.” (Yesaia 63:15) Na Yehowa aso ne tumi mu aka ne nkurɔfo ho nkate a emu yɛ den—‘n’ayamhyehye ne ne mmɔborohunu’—ahyɛ. Nanso, na Yuda man no “agya” ne Yehowa. Na Abraham ne Israel (Yakob) ne wɔn honam fam agyanom, nanso sɛ wonyan wɔn baa nkwa mu a, ebia anka wɔbɛpo wɔn asefo no. Yehowa wɔ mmɔborohunu kɛse. (Dwom 27:10) Yesaia de anisɔ kae sɛ: “Wo, [Yehowa, “NW”] ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete beeme.”—Yesaia 63:16.

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne nkurɔfo wɔɔ n’akwan so ntwɛtwɛdɛ? (b) Ɔsom bɛn na Yehowa pɛ?

4 Yesaia kɔɔ so fii komam kasae sɛ: [Yehowa, “NW”], ɛdɛn nti na woma yefi wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wupirim yɛn koma na yɛansuro wo? San bra, wo nkoa nti, w’agyapade mmusuakuw no nti.” (Yesaia 63:17) Yiw, Yesaia bɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa asan adan n’adwene aba ne nkoa so. Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Yudafo no fii n’akwan so kɔwɔɔ ntwɛtwɛdɛ? So Yehowa na ɔmaa wɔn koma pirimii a amma wɔansuro no no? Dabi, nanso ɔmaa ho kwan, na Yudafo no fi abasamtu mu bɔɔ abubuw sɛ Yehowa maa wɔn ahofadi a ɛte saa. (Exodus 4:21; Nehemia 9:16) Wɔn yam a anka Yehowa de ne ho gyee mu siw wɔn kwan na amma wɔanyɛ bɔne.

5 Nanso, Onyankopɔn ne nnipa nni wɔ saa kwan no so. Yɛyɛ nkurɔfo a yetumi paw nea yɛpɛ, na Yehowa ma kwan ma yɛn ankasa sisi gyinae ma yɛn ho sɛ́ yebetie no anaasɛ yɛrentie. (Deuteronomium 30:15-19) Yehowa pɛ ɔsom a efi koma ne adwene mu a nokware dɔ na ɛma wɔde ma. Enti, na wama Yudafo no afi wɔn pɛ mu ayɛ nea wɔpɛ, ɛwom sɛ na eyi ama wɔatew atua atia no de. Ɛyɛ saa kwan yi so na na wama wɔn koma apirim no.—2 Beresosɛm 36:14-21.

6, 7. (a) Dɛn na efii Yehowa akwan so a Yudafo no man fii no mu bae? (b) Dɛn na Yudafo no ani gyinae, nanso dɛn na na ɛmfata sɛ wɔhwɛ kwan?

6 Dɛn na efii mu bae? Yesaia kaa no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiafo atiatia so. Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da.” (Yesaia 63:18, 19) Yehowa nkurɔfo kuraa ne kronkronbea mu kakraa bi. Afei Yehowa ma wɔsɛee no, na wɔde ne man no kɔɔ nnommumfa mu. Bere a ɛbaa saa no, na ɛte sɛ nea ɔne Abraham asefo no nni apam biara, na wɔmfaa ne din ntoo wɔn so da. Afei a na Yudafo no yɛ nnommum wɔ Babilon no, wofi abasamtu mu sui sɛ: “O, sɛ wusunsuane ɔsoro mu sian na mmepɔw wosow w’anim ɛ!—sɛ ogya sɔ mmobaa na ogya huru nsu no—na woama w’atamfo ahu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim!” (Yesaia 64:1, 2) Nokwarem no, Yehowa wɔ tumi a ɔde gye nkwa. Akyinnye biara nni ho sɛ anka obetumi asian abɛko ama ne nkurɔfo, asunsuane nniso a wɔahyehyɛ a ɛte sɛ ɔsoro no mu na wadwiriw ahemman a ɛte sɛ mmepɔw no. Ná anka Yehowa betumi ama wɔahu ne din denam ne mmaninyɛ a ɔbɛda no adi akyerɛ ne nkurɔfo no so.

7 Ná Yehowa ayɛ nneɛma a ɛte saa wɔ mmere a atwam no mu. Yesaia kaa ho asɛm sɛ: “Woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu a yɛn ani anna kwan no, wusian sii fam, na mmepɔw wosowee w’anim!” (Yesaia 64:3) Nneɛma akɛse a ɛte saa a Yehowa yɛe no daa ne tumi ne ne Nyamesu adi. Nanso, na Yesaia bere so Yudafo a wɔanni nokware no nni hokwan biara sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ biribi a ɛte saa ma ɛso aba wɔn mfaso.

Yehowa Nkutoo na Obetumi Agye Nkwa

8. (a) Dɛn ne ɔkwan biako a na Yehowa da nsow wɔ amanaman no atoro anyame no ho? (b) Ɛmfa ho sɛ na Yehowa betumi agye ne nkurɔfo no, dɛn nti na wannye wɔn? (d) Ɔkwan bɛn so na Paulo faa Yesaia 64:4 kaa asɛm na ɔde dii dwuma? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 366 no.)

8 Atoro anyame ntumi nyɛ nkwagye adwuma a ɛyɛ nwonwa biara mma wɔn asomfo. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Efi tete beeme wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, aniwa nso nhui sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odi ma nea n’ani da no so, gye wo nko. Wuhyia nea ɔde anigye di asɛntrenee, wɔn a wɔkae wo, w’akwan so no.” (Yesaia 64:4, 5a) Yehowa nkutoo na “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Ɔyɛ ade de bɔ wɔn a wɔreyɛ adetrenee ne wɔn a wɔkae no no ho ban. (Yesaia 30:18) So na Yudafo no ayɛ wɔn ade wɔ saa kwan yi so? Dabi. Yesaia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Hwɛ, wo bo fuwii, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dabidabi yi, na wobegye yɛn nkwa anaa?” (Yesaia 64:5b) Esiane sɛ na Onyankopɔn nkurɔfo no akɔ so ayɛ bɔne bere tenten nti, na biribiara nni hɔ a Yehowa begyina so aka n’abufuw ahyɛ na wagye wɔn nkwa.

9. Dɛn na na Yudafo a wɔanu wɔn ho no betumi ahwɛ kwan, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

9 Ná Yudafo no ntumi nsesa nneɛma a na wɔayɛ wɔ mmere a atwam no, nanso sɛ wonu wɔn ho na wɔsan ba nokware som mu a, na wobetumi anya anidaso sɛ wɔde wɔn bɔne befiri wɔn na wɔanya nhyira daakye. Ná Yehowa betua wɔn a wɔanu wɔn ho no ka wɔ ne bere a wahyɛ mu denam yi a na obeyi wɔn afi Babilon nnommumfa mu no so. Nanso, na ehia sɛ wonya boasetɔ. Ɛmfa ho sɛ na wɔanu wɔn ho no, na Yehowa rensesa ne bere a wahyɛ no. Nanso, sɛ wɔma wɔn ani da hɔ yɛ Yehowa apɛde a, na wobetumi anya ahotoso sɛ awiei koraa no, wobenya ahofadi. Saa ara na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de boasetɔ kɔ so hwɛ Yehowa kwan. (2 Petro 3:11, 12) Yetie ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔkae yi: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Galatifo 6:9.

10. Sintɔ bɛn na wɔdaa no adi pefee wɔ Yesaia mpaebɔ no mu?

10 Yesaia nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ no nyɛ bɔneka ara kwa. Ɛdaa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɔman no ntumi nnye ne ho no adi. Odiyifo no kae sɛ: “Yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.” (Yesaia 64:6) Bere a nnommumfa no awiei dui no, ɛbɛyɛ sɛ na Yudafo a wɔanu wɔn ho no agyae ɔwae nneɛma no yɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔnam adetreneeyɛ so adan kɔ Yehowa nkyɛn. Nanso, na wɔnyɛ pɛ ara. Bere a na wɔn nnwuma pa no yɛ nea ɛfata nkamfo no, wɔ bɔne mpata ho de, na ɛnyɛ papa nsen ntamagow afiafi. Yehowa fafiri yɛ akyɛde a ofi mmɔborohunu mu de ma. Ɛnyɛ biribi a yebetumi ayɛ ho adwuma anya.—Romafo 3:23, 24.

11. (a) Honhom fam tebea a ɛmfata bɛn na na ɛwɔ Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no dodow no ara mu, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na eyi baa saa? (b) Henanom na na wɔyɛ gyidi ho nhwɛso pa wɔ nnommumfa no mu?

11 Bere a Yesaia hwɛɛ n’anim no, dɛn na ohui? Odiyifo no bɔɔ mpae sɛ: “Obi nni hɔ a ɔbɔ wo din anaasɛ ɔkanyan ne ho so wo mu: na woayi w’ani ahintaw yɛn, na yɛn amumɔyɛ nti woama yɛayera.” (Yesaia 64:7) Na ɔman no honhom fam tebea nye koraa. Na nkurɔfo no mmɔ Onyankopɔn din wɔ wɔn mpaebɔ mu. Bere a na wonni fɔ wɔ bɔne a anibere wom a ɛne abosonsom ho bio no, ɛda adi sɛ na wɔabu wɔn ani agu wɔn som so, na na ‘obi nni hɔ a ɔkanyan ne ho sɛ obeso’ Yehowa mu. Ɛda adi pefee sɛ na wɔne Ɔbɔadeɛ no nni abusuabɔ pa. Ebia na ebinom te nka sɛ wɔmfata sɛ wɔbɔ Yehowa mpae. Ebia na afoforo nso kɔ so yɛ wɔn da biara da nnwuma a wonsusuw ne ho. Nanso, na ankorankoro bi te sɛ Daniel, Hanania, Misael, Asaria, ne Hesekiel ka nnommum no ho, na eyinom yɛɛ gyidi ho nhwɛso pa. (Hebrifo 11:33, 34) Bere a mfirihyia 70 nnommumfa bere no rebɛn n’awiei no, na mmarima te sɛ Hagai, Sakaria, Serubabel, ne Ɔsɔfopanyin Yosua ayɛ krado sɛ wobedi anim abɔ Yehowa din wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nanso, ɛte sɛ nea na Yesaia nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ no reka tebea a na nnommum no dodow no ara wom ho asɛm.

“Osetie Ye Sen Afɔre”

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia daa ɔpɛ a na Yudafo a wɔanu wɔn ho no wɔ sɛ wɔbɛsesa wɔn nneyɛe no adi?

12 Ná Yudafo a wɔanu wɔn ho no pɛ sɛ wɔsakra. Bere a na Yesaia regyina wɔn ananmu no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Afei, [Yehowa, “NW”], yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.” (Yesaia 64:8) Wɔnam saa nsɛm yi so gyee Yehowa, sɛ́ Agya, anaa Nkwamafo no tumidi toom bio. (Hiob 10:9) Wɔde Yudafo a wonuu wɔn ho no totoo dɔte a ɛyɛ mmerɛw ho. Ná wobetumi de Onyankopɔn gyinapɛn ahorow anwene wɔn a wɔyɛɛ Yehowa asotwe ho biribi no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ma ayɛ yiye. Nanso, sɛ na eyi betumi ayɛ yiye a, na gye sɛ Yehowa, Ɔnwemfo no, trɛw ne fafiri mu. Enti, mpɛn abien na Yesaia srɛɛ no sɛ ɔnkae sɛ Yudafo no yɛ ne nkurɔfo: [Yehowa, “NW”], mma wo bo nnhuru bebrebe, na nkae amumɔyɛ nkosi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.”—Yesaia 64:9.

13. Bere a na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ nnommumfa mu no, na Israel asase no tebea te dɛn?

13 Bere a na Yudafo no wɔ nnommumfa mu no, wogyinaa tebea horow a na ɛyɛ den sen abosonsomfo asase so kɛkɛ a na wɔte no ano. Yerusalem ne n’asɔrefie a na ayɛ afõ no de ahohorabɔ baa wɔne wɔn Nyankopɔn so. Nneɛma a ɛde saa ahohorabɔ yi bae no bi wɔ Yesaia ahonu mpaebɔ no mu: “Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofõ. Yɛn kronkronyɛ ne yɛn anuonyam fi a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no, wɔde gya ahyew, na yɛn afɛfɛde nyinaa ayɛ amamfõ.”—Yesaia 64:10, 11.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de tebea a na ɛwɔ hɔ no ho kɔkɔbɔ mae? (b) Bere a na Yehowa ani gye n’asɔrefie ne afɔre ahorow a na wɔbɔ wɔ hɔ ho no, dɛn na na ɛho hia no kɛse paa?

14 Nokwarem no, na Yehowa nim tebea a na Yudafo agyanom asase no wom no. Bɛyɛ mfirihyia 420 ansa na wɔresɛe Yerusalem no, ɔbɔɔ ne nkurɔfo kɔkɔ sɛ sɛ wɔdan fi ne mmara nsɛm ho kɔsom anyame foforo a, ‘obetwa Israel afi asase ani,’ na ofie fɛfɛ no ‘bɛdan amamfõ.’ (1 Ahene 9:6-9) Ɛwom, na Yehowa ani gye asase a na ɔde ama ne nkurɔfo no, asɔrefie fɛfɛ a wosi hyɛɛ no anuonyam no, ne afɔre ahorow a wɔbɔ maa no no ho. Nanso, na nokwaredi ne osetieyɛ ho hia no kɛse sen honam fam nneɛma ne afɔrebɔ ahorow no mpo. Ɛfata sɛ odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ: “So [Yehowa, NW] pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie [Yehowa, NW] anaa? Hwɛ osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.”—1 Samuel 15:22.

15. (a) Adesrɛde bɛn na Yesaia de too Yehowa anim wɔ nkɔmhyɛ kwan so, na ɔkwan bɛn so na wobuae? (b) Nneɛma bɛn na ɛmaa Yehowa poo Israel sɛ́ ɔman koraa?

15 Nanso, so na Israel Nyankopɔn betumi ahwɛ ne nkurɔfo a wɔanu wɔn ho no amanehunu a na wɔrenyɛ no mmɔbɔ? Asɛmmisa a ɛte saa na Yesaia de wiee ne nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ no. Ogyinaa Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no ananmu srɛe sɛ: “So eyinom nyinaa mu, wobɛhyɛ wo ho so ara, [Yehowa, “NW”], wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa?” (Yesaia 64:12) Sɛnea tebea no yɛe no, Yehowa de ne nkurɔfo bɔne firii wɔn ankasa, na wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, ɔsan de wɔn baa wɔn asase so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi afi nokware som ase bio wɔ hɔ. (Yoel 2:13) Nanso, mfehaha bi akyi no, wɔsan sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no bio, na awiei koraa no, Onyankopɔn poo ɔman a na ɔne wɔn ayɛ apam no. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa nkurɔfo twee wɔn ho fii ne mmara nsɛm ho, na wɔpoo Mesia no. (Yohane 1:11; 3:19, 20) Bere a ɛbaa saa no, Yehowa de ɔman foforo, honhom fam man a ɛne “Nyankopɔn Israel” no sii Israel ananmu.—Galatifo 6:16; 1 Petro 2:9.

Yehowa, “Mpaebɔ Tiefo” No

16. Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa Yehowa fafiri ho?

16 Yebetumi anya asuade ahorow a ɛho hia afi nea ɛtoo Israel no mu. Yehu sɛ Yehowa ‘ye na ɔde firi.’ (Dwom 86:5) Sɛ́ abɔde a yɛnyɛ pɛ no, ne mmɔborohunu ne ne fafiri so na yebenya nkwagye. Yɛn nnwuma ntumi mmoa yɛn mma yennya nhyira ahorow yi. Nanso, ɛnyɛ obiara na Yehowa de firi no. Wɔn a wonu wɔn ho wɔn bɔne ho na wɔsakra no nkutoo na wobenya Onyankopɔn fafiri.—Asomafo no Nnwuma 3:19.

17, 18. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa ani gye yɛn nsusuwii ne yɛn nkate ahorow ho nokware mu? (b) Dɛn nti na Yehowa nya nnipa abɔnefo ho abodwokyɛre?

17 Yɛasua nso sɛ sɛ yɛda yɛn nsusuwii ne yɛn nkate horow adi bere a yɛbɔ Yehowa mpae no a, n’ani gye ho paa. Ɔne “mpaebɔ tiefo.” (Dwom 65:2, 3) Ɔsomafo Petro ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Efisɛ [Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.” (1 Petro 3:12) Afei nso, yɛasua sɛ ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu ka yɛn bɔne kyerɛ wɔ mpae a yɛbɔ de da yɛn ahonu adi no mu. (Mmebusɛm 28:13) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ yebetumi agyina Onyankopɔn mmɔborohunu so ayɛ nea yɛpɛ. Bible bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ ‘wonnnye Onyankopɔn dom no kwa.’—2 Korintofo 6:1.

18 Awiei koraa no, yehu nea enti a Onyankopɔn ma ne bo dwo kyɛ ma ne nkurɔfo a wɔyɛ abɔnefo no. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa ma ne bo dwo kyɛ ‘efisɛ ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Nanso, awiei koraa no, wɔbɛtwe wɔn a wɔkɔ so bu wɔn ani gu Onyankopɔn abodwokyɛre so no aso. Ɛdefa eyi ho no yɛkenkan sɛ: “[Yehowa] na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako. Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa; na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow.”—Romafo 2:6-8.

19. Su ahorow a ɛnsakra bɛn na Yehowa bɛda no adi bere nyinaa?

19 Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so ne tete Israel dii. Nnyinasosɛm a ɛte saa ara na ɛwɔ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho nnɛ efisɛ ɔnsakra. Bere a ɔde asotwe a ɛfata ma no, ɔbɛyɛ “[Yehowa, NW], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi” bere nyinaa.—Exodus 34:6, 7.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 362]

Daniel Ahonu Mpaebɔ

Odiyifo Daniel traa ase wɔ Babilon wɔ Yudafo mfirihyia 70 nnommumfa no nyinaa mu. Wɔ nnommumfa no mfirihyia 68 mu bere bi no, Daniel hu fii Yeremia nkɔmhyɛ no mu sɛ na ananafo asase so a Israel te no rebɛn n’awiei. (Yeremia 25:11; 29:10; Daniel 9:1, 2) Daniel dan kɔɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu—bɔɔ ahonu mpae maa Yuda man no nyinaa. Daniel kae sɛ: “Mede m’anim mekyerɛɛ [Yehowa, NW] Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nsõ merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ. Na mebɔɔ [Yehowa, NW] me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae.”—Daniel 9:3, 4.

Yesaia kyerɛw nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ a ɛwɔ ne nhoma no ti 63 ne 64 no akyi bɛyɛ mfirihyia ahanu na Daniel bɔɔ ne mpae no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yudafo komapafo pii bɔɔ Yehowa mpae wɔ nnommumfa no bere a na emu yɛ den no mu. Nanso, Bible no si Daniel mpaebɔ a ɛda adi sɛ na ɛda Yudafo anokwafo pii nkate adi no so dua. Enti, ne mpaebɔ no da no adi sɛ Yudafo anokwafo a na wɔwɔ Babilon no nkate ankasa na wɔdaa no adi wɔ Yesaia nkɔmhyɛ kwan so mpaebɔ mu no.

Hyɛ nsɛdi ahorow bi a ɛwɔ Daniel mpaebɔ no ne Yesaia de no mu no nsow.

Yesaia 63:16 Daniel 9:15

Yesaia 63:18 Daniel 9:17

Yesaia 64:1-3 Daniel 9:15

Yesaia 64:4-7 Daniel 9:4-7

Yesaia 64:6 Daniel 9:9, 10

Yesaia 64:10, 11 Daniel 9:16-18

[Adaka wɔ kratafa 366]

“Nea Aniwa Nhui

Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Korintofo no mu no, ɔfaa Yesaia nhoma no mu asɛm kae bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea wɔakyerɛw sɛ nea aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmmaa onipa koma mu da ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no.” (1 Korintofo 2:9) * Paulo asɛm no anaa Yesaia nsɛm no mu biara mfa nneɛma a Yehowa asiesie ama ne nkurɔfo a wobenya ɔsoro asetra sɛ apɛgyade anaa wobenya asase so paradise asetra daakye no ho. Ná Paulo de Yesaia nsɛm no redi dwuma de aka nhyira ahorow a na afeha a edi kan no mu Kristofo renya dedaw, te sɛ Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ mu ntease ne honhom fam nimdeɛ a na wɔanya afi Yehowa hɔ no ho asɛm.

Bere a yebetumi ate honhom fam nneɛma a emu dɔ ase nkutoo ne bere a Yehowa bere bedu sɛ ɔbɛda no adi—na saa bere no mpo, gye sɛ yɛyɛ honhom mufo a yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Paulo nsɛm no fa wɔn a wɔn honhom fam tebea nye papa anaa enye koraa ho. Wɔn aniwa ntumi nhu ade, anaa entumi nhu honhom fam nokware ahorow mu, na wɔn aso ntumi nte asɛm, anaa entumi nte nneɛma a ɛte saa ase. Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no ho nimdeɛ nhyɛn nnipa a wɔte saa komam mpo. Nanso Onyankopɔn nam ne honhom so ayi saa nneɛma yi akyerɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama no, te sɛ Paulo, no.—1 Korintofo 2:1-16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 56 Nsɛm a Paulo fa kae no nni Hebri Kyerɛwnsɛm no mu pɛpɛɛpɛ saa. Ɛte sɛ nea na ɔreka adwenhorow a ɛwɔ Yesaia 52:15; 64:4 ne 65:17 abom de aka asɛm no.

[Mfonini wɔ kratafa 367]

Onyankopɔn nkurɔfo kuraa Yerusalem ne n’asɔrefie no mu “kakraa bi”