Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ananafo a Wɔaboaboa Wɔn Ano Aba Onyankopɔn Mpaebɔ Fie

Ananafo a Wɔaboaboa Wɔn Ano Aba Onyankopɔn Mpaebɔ Fie

Ti Dunson

Ananafo a Wɔaboaboa Wɔn Ano Aba Onyankopɔn Mpaebɔ Fie

Yesaia 56:1-12

1, 2. Amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn na wɔde too gua wɔ afe 1935 mu, na dɛn na na eyi yɛ ne fã?

FIDA, May 31, 1935 no, Joseph F. Rutherford kasa kyerɛɛ nhyiamfo pii a na wɔahyiam wɔ Washington, D.C. Ɔkaa nnipa ko a “nnipakuw kɛse,” anaa “nnipakuw pii,” a ɔsomafo Yohane huu wɔn anisoadehu mu no yɛ ho asɛm. Onua Rutherford kasa no awiei no, obisae sɛ: “Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no nyinaa bɛsɔre anaa?” Sɛnea obi a ɔkɔɔ bi kyerɛ no, “bɛboro atiefo no fã na wɔsɔree.” Afei ɔkasafo no kae sɛ: “Monhwɛ! Nnipakuw pii no!” Obi foforo a na ɔwɔ hɔ bi nso kae sɛ: “Mfiase no wɔyɛɛ komm, na afei wɔteɛɛm anigye so, na nteɛm no mu yɛɛ den kyɛe.”—Adiyisɛm 7:9.

2 Ná saa bere no yɛ nkɔmhyɛ a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfirihyia 2,700 a na atwam a ɛwɔ yɛn Bible ahorow mu wɔ Yesaia ti 56, a na ɛrekɔ so nya ne mmamu no mu bere a ɛda nsow. Sɛnea ɛte wɔ Yesaia nkɔmhyɛ ahorow pii ho no, bɔhyɛ ahorow a awerɛkyekye wom ne kɔkɔbɔ ahorow a emu yɛ den wɔ eyi mu. Wɔ ne mmamu a edi kan mu no, wɔka faa Onyankopɔn nkurɔfo a na ɔne wɔn ayɛ apam wɔ Yesaia bere so ankasa no ho, nanso na ne mmamu kɔ akyiri mfehaha pii bedu yɛn bere yi so.

Nea Nkwagye Hwehwɛ

3. Sɛ Onyankopɔn nkyɛn na na Yudafo hwehwɛ nkwagye a, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

3 Afotu a wɔde maa Yudafo no na wɔde fii Yesaia ti 56 ase. Nanso, ɛsɛ sɛ nokware asomfo nyinaa tie nea odiyifo no kyerɛwee no. Yɛkenkan sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] se ni: Múnni atemmu so, na monyɛ adetrenee, na me nkwagye reyɛ aba, na wɔrebeyi me trenee adi. Nhyira ne ɔdesani a ɔyɛ eyi, ne onipa ba a okura mu no: nea odi homeda a ongu ho fĩ na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.” (Yesaia 56:1, 2) Na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔrehwehwɛ nkwagye afi Onyankopɔn hɔ no tie Mose Mmara no, di atemmu so na wɔyɛ adetrenee. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa ankasa yɛ ɔtreneeni. Wɔn a wɔyɛ adetrenee no nya anigye a wɔn a wonya Yehowa anim dom nya no bi.—Dwom 144:15b.

4. Dɛn nti na na Homedadi yɛ ade titiriw wɔ Israel?

4 Nkɔmhyɛ no si Homedadi so dua efisɛ na Homedadi yɛ ade titiriw wɔ Mose Mmara no mu. Nokwarem no, nneɛma a awiei koraa ɛmaa Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu no biako ne wɔn ani a wobu guu Homeda no so no. (Leviticus 26:34, 35; 2 Beresosɛm 36:20, 21) Homeda no yɛ abusuabɔ titiriw a na Yehowa ne Yudafo no wɔ ho sɛnkyerɛnne, na wɔn a wodii Homeda no daa no adi sɛ wobu saa abusuabɔ no. (Exodus 31:13) Afei nso, na Homedadi no bɛkae Yesaia bere sofo no sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no. Na afahyɛ a ɛte saa no nso bɛma wɔakae ne mmɔborohunu a wada no adi akyerɛ wɔn no. (Exodus 20:8-11; Deuteronomium 5:12-15) Nea edi akyiri no, Homeda no a na wobedi no daa no ma wonyaa nhyehyɛe a na wobegyina so asom Yehowa. Home a na Yudafo no home pɛnkoro dapɛn biara fi wɔn nnwuma ho no ma wonyaa hokwan bɔɔ mpae, suaa ade, susuw nsɛm ho.

5. Ɔkwan bi so no, Kristofo bɛyɛ dɛn na wɔatumi de Homedadi ho afotu no adi dwuma?

5 Na Kristofo nso ɛ? So Homeda a wɔhyɛɛ nkuran sɛ wonni no fa wɔn ho? Ɛmfa wɔn ho tee efisɛ Kristofo nhyɛ Mmara no ase ma enti wɔnhwehwɛ sɛ wodi Homeda. (Kolosefo 2:16, 17) Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “homedadi” bi wɔ hɔ ma nokware Kristofo. Nea ɛka saa “homedadi” yi ho ne Yesu agyede a wɔnam so nya nkwagye no mu gyidi a wobenya, ɛne wɔn ho a wɔremfa nto nnwuma nkutoo so no. (Hebrifo 4:6-10) Enti, Yesaia nkɔmhyɛ no mu nsɛm a ɛfa Homeda ho no kae Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛnea ɛho hia sɛ wonya Onyankopɔn nhyehyɛe ma nkwagye no mu gyidi. Ɛyɛ nkaesɛm a ɛyɛ anigye a ɛma obi hu hia a ehia sɛ ɔne Yehowa nya abusuabɔ na ɔfa ɔkwan a ɛbɛma wasom no daa so.

Awerɛkyekye Ma Ɔnanani ne Ayitotoni

6. Akuw abien bɛn na afei wɔtwee adwene sii wɔn so?

6 Afei Yehowa kasa kyerɛɛ kuw abien a na wɔpɛ sɛ wɔsom no nanso wɔ Mose Mmara ase no na wɔmfata sɛ wɔba Yudafo asafo mu no. Yɛkenkan sɛ: “Ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata [Yehowa, “NW”] ho no, mma ɔnnka sɛ: Otu na [Yehowa, “NW”] betu me afi ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me de, meyɛ duwui.” (Yesaia 56:3) Nea ɔnanani no suro ne sɛ wobetu no afi Israel man mu. Na ayitotoni haw ne sɛ ɔrenwo mma a wɔbɛkora ne din so. Ná ɛsɛ sɛ kuw abien no nyinaa ma wɔn bo tɔ wɔn yam. Ansa na yebehu nea enti a na ɛte saa no, momma yensusuw gyinabea a na wɔwom wɔ Mmara no ase wɔ Israel man mu no ho.

7. Anohyeto ahorow bɛn na na Mmara no de ma ananafo a na wɔwɔ Israel no?

7 Na wɔmma ananafo a wɔyɛ momonotofo ne Israelfo nsom. Sɛ nhwɛso no, na wɔmma wonni Twam no bi. (Exodus 12:43) Na wobu atɛntrenee ma ananafo a wɔnhyɛ da mmu mmara ahorow so, na na wɔda ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn, nanso na wɔne ɔman no nni ayɔnkofa a ɛte hɔ daa. Ɛwom, ebinom gyee Mmara no toom koraa, na wɔn mmarima no twitwaa twetia de yɛɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. Afei wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔadan Yudafo, adeyɛ a ɛmaa wonyaa hokwan som Yehowa fie abangua so na wɔbɛkaa Israel asafo no ho. (Leviticus 17:10-14; 20:2; 24:22) Nanso, wɔn a wɔbɛdan Yudafo no ammɛyɛ Yehowa ne Israel apam no mufo koraa, na wɔannya asase sɛ agyapade wɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ná ananafo afoforo betumi abɔ mpae wɔ asɔrefie hɔ, na ɛda adi sɛ na wobetumi afa asɔfo no so abɔ afɔre ahorow mpɛn dodow a na afɔrebɔ ahorow no ne Mmara no hyia no. (Leviticus 22:25; 1 Ahene 8:41-43) Nanso, na ɛnsɛ sɛ Israelfo ne wɔn bɔ fekuw kɔ akyiri.

Ayitotofo Nya Daa Din

8. (a) Na wobu ayitotofo dɛn wɔ Mmara no ase? (b) Ɔkwan bɛn so na na wɔde ayitotofo di dwuma wɔ abosonsomfo aman mu, na ɛtɔ mmere bi a na wotumi de asɛm “ayitoto” di dwuma de kyerɛ dɛn?

8 Sɛ na ayitotofo awofo yɛ Yudafo mpo a, na wɔmma wɔnyɛ nneɛma a Israelfo yɛ no nyinaa bi. * (Deuteronomium 23:1) Wɔ abosonsomfo aman bi a na ɛwɔ Bible mmere mu mu no, na ayitotofo wɔ dwumadi titiriw, na na wɔtaa sa mmofra a wɔfa wɔn nnommum wɔ ɔko mu no bi. Wɔpaw ayitotofo sɛ apiafo wɔ ahemfie. Na ayitotoni betumi ‘ahwɛ mmea so,’ ‘ahwɛ ayefam so,’ anaasɛ wasom ɔhemmaa no. (Ester 2:3, 12-15; 4:4-6, 9) Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Israelfo yɛɛ nneyɛe a ɛte saa anaasɛ wɔhyɛɛ da hwehwɛɛ ayitotofo ma wɔyɛɛ adwuma maa Israel ahemfo. *

9. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ ayitotofo ankasa?

9 Nea na ɛka Onyankopɔn nokware som mu kyɛfa nyinaa a na ayitotofo a wɔwɔ Israel nnya ho no, esiane sɛ na wontumi nwo mma a wɔbɛkora wɔn abusua din so nti wohyiaa animguase kɛse. Ɛnde, hwɛ awerɛkyekye ara a nkɔmhyɛ nsɛm a edi hɔ no ma wonyae! Yɛkenkan sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] ka kyerɛ ayitotofo ni: Wɔn a wodi me homeda na wɔpaw ade a ɛsɔ m’ani na wokura m’apam mu no, mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma no.”—Yesaia 56:4, 5.

10. Bere bɛn na ayitotofo gyinabea sesae, na efi saa bere no hokwan bɛn na abue ama wɔn?

10 Yiw, na bere bi bɛba a ayitoto ankasa a obi yɛ no renyɛ akwanside mma no wɔ gye a wobegye no atom sɛ Yehowa somfo koraa no ho bio. Sɛ ayitotofo no yɛ osetie a, na wobenya ‘afasu mu afa,’ anaa gyinabea wɔ Yehowa fie ne din a eye sen mmabanin ne mmabea. Bere bɛn na eyi baa mu? Ɛbaa mu wɔ Yesu Kristo wu akyi. Saa bere no na wɔde apam foforo besii Mmara apam dedaw no ananmu, na wɔde “Nyankopɔn Israel” no besii honam fam Israel ananmu. (Galatifo 6:16) Efi saa bere no, wɔn a wogye di nyinaa atumi de ɔsom a ɛfata ama Onyankopɔn. Nipaduam ne honam fam tebea ho nhia bio. Wɔn a wɔde boasetɔ gyina mu, sɛnea wɔte wɔ honam fam biara no, benya “daa din a wɔrentwa nkyene.” Yehowa werɛ remfi wɔn. Wɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu, na Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobenya daa nkwa.—Malaki 3:16; Mmebusɛm 22:1; 1 Yohane 2:17.

Ananafo ne Onyankopɔn Nkurɔfo Som

11. Dɛn na wɔhyɛɛ ananafo no nkuran sɛ wɔnyɛ na ama wɔanya nhyira?

11 Na ananafo no nso ɛ? Nkɔmhyɛ no san twee adwene baa wɔn so, na Yehowa kaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Ananafo a wɔabɛbata [Yehowa, “NW”] ho sɛ wɔresom no na wɔadɔ [Yehowa, “NW”] din na wɔadannan no nkoa no, obiara a odi homeda a ongu ho fĩ ne wɔn a wokura n’apam mu no, mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.”—Yesaia 56:6, 7.

12. Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “nguan foforo” no ho ntease bɛn na na ɛwɔ hɔ bere bi?

12 Wɔ yɛn bere yi mu no, “ananafo” no ada wɔn ho adi nkakrankakra. Ansa na wiase nyinaa ko a edi kan reba no, wɔtee ase sɛ nnipa a wobenya nkwa no dodow bɛdɔɔso asen wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ soro—wɔn a yenim wɔn nnɛ sɛ Nyankopɔn Israel—no. Ná Bible asuafo no nim Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 10:16 no: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.” Wɔtee ase sɛ saa “nguan foforo” yi bɛyɛ asase so kuw. Nanso, Bible asuafo dodow no ara gye dii sɛ nguan foforo no bɛda wɔn ho adi wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem nniso no mu.

13. Dɛn nti na wosusuwii sɛ ɛsɛ sɛ nguan a wɔn ho asɛm wɔ Mateo ti 25 no da wɔn ho adi wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu?

13 Bere kɔɔ so no, wonyaa ntease kɛse wɔ kyerɛwsɛm bi a ɛfa ho a ɛka nguanten ho nsɛm mu. Wɔyɛɛ Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 25. Sɛnea saa bɛ no kyerɛ no, nguanten no nya daa nkwa esiane sɛ wɔboa Yesu nuanom no nti. Enti, ɛsono wɔn ne Kristo nuanom a wɔasra wɔn no koraa. Wɔ afe 1923 mu, bere a wɔreyɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Los Angeles, California, U.S.A. no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ Mfirihyia Apem no mu na ɛsɛ sɛ saa nguanten no da wɔn ho adi, na mmom ɛsɛ sɛ wɔda wɔn ho adi wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu buu bɛ no de kaa asɛmmisa yi mmuae ho: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na wonyaa ntease kɛse wɔ nguan foforo no gyinabea ho wɔ awiei bere mu?

14 Wɔ 1920 mfe no mu no, ankorankoro bi a na wɔne Bible Asuafo no bɔ no bɛtee nka sɛ Yehowa honhom no nni wɔn adanse sɛ wɔanya ɔsoro frɛ. Nanso, na wɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔyɛ nsi. Wɔ afe 1931 mu bere a wotintim Vindication nhoma no, wɔtee saafo no gyinabea no ase yiye. Sɛ́ Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel a wosusuw nkyekyem no ho mmiako mmiako no fã no, Vindication no kyerɛkyerɛɛ anisoadehu no mu ‘barima’ a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’sen no mu. (Hesekiel 9:1-11) Wohui sɛ saa ‘barima’ yi sen faa Yerusalem hyehyɛɛ wɔn a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ hɔ no ho awerɛhow no nyinaa momaso agyirae. “Ɔbarima” no gyina hɔ ma Yesu nuanom, Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔte ase wɔ asase so wɔ Yerusalem nsusuwso, Kristoman, atemmu bere no mu no. Nguan foforo a wɔte ase saa bere no ne wɔn a wɔhyɛ wɔn agyirae no. Wɔ anisoadehu no mu no, wonya wɔn ti didi mu bere a Yehowa abrafo tɔ ɔwae kurow no so were no.

15 Wɔ afe 1932 mu no, wonyaa ntease a ɛkɔ akyiri koraa wɔ Israel hene Yehu, ne Yehonadab, ɔboafo a ɔnyɛ Israelni no nkɔmhyɛ mu ɔyɛkyerɛ no mu, na ɛkyerɛɛ sɛnea saa nguan foforo no yɛ ade de boa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no—sɛnea Yehonadab kaa Yehu ho boaa no wɔ Baalsom sɛe no mu no. Awiei koraa no, wɔ afe 1935 mu no, wohuu nguan foforo no a na wɔte ase wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu no sɛ nnipakuw kɛse a ɔsomafo Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu no. Wodii kan kyerɛkyerɛɛ eyi mu wɔ nhyiam a wɔyɛɛ no Washington D.C. a yɛadi kan aka ho asɛm no ase, bere a Joseph F. Rutherford daa no adi kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ asase so anidaso sɛ wɔne “nnipakuw pii” no.

16. Hokwan ne asɛyɛde ahorow bɛn na “ananafo” no nyae?

16 Enti wɔde nkakrankakra hui sɛ “ananafo” no wɔ adwuma kɛse yɛ wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mu wɔ saa nna a edi akyiri yi mu. Wɔba Nyankopɔn Israel no nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom Yehowa. (Sakaria 8:23) Bere a wɔde wɔn ho abɔ saa honhom mu man no, wɔde ɔsom a ɛfata ma Onyankopɔn na wɔhyɛn homedadi no mu. (Hebrifo 13:15, 16) Afei nso, wɔsom wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔrefie a ɛte sɛ Yerusalem asɔrefie a na ɛyɛ ‘mpaebɔ fie ma amanaman nyinaa no’ mu. (Marko 11:17) Wɔkyerɛ Yesu Kristo agyede afɔre no mu gyidi, ‘hohoro wɔn ntade ma ɛhoa oguammaa no mogya no mu.’ Na wɔsom Yehowa bere nyinaa, ‘de ɔsom kronn ma no awia ne anadwo.’—Adiyisɛm 7:14, 15.

17. Ɔkwan bɛn so na nnɛyi ananafo aso apam foforo no mu?

17 Saa nnɛyi ananafo no aso apam foforo no mu, kyerɛ sɛ, wɔnam Nyankopɔn Israel a wɔne wɔn bɔ no so anya mfaso ne nhyira horow a apam foforo no de ba no bi. Bere a wɔnyɛ saa apam no mufo no, wofi koma nyinaa mu di mu mmara horow no so. Enti Yehowa mmara wɔ wɔn koma mu, na wobehu Yehowa sɛ wɔn soro Agya ne Amansan so tumfoɔ.—Yeremia 31:33, 34; Mateo 6:9; Yohane 17:3.

18. Anoboaboa adwuma bɛn na wɔreyɛ wɔ awiei bere yi mu?

18 Yesaia nkɔmhyɛ no toa so sɛ: [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn a ɔboa Israel panyifo ano no asɛm ni: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae ɛno so maka wɔn a wɔaboa wɔn ano no ho.” (Yesaia 56:8) Wɔ awiei bere mu no, Yehowa aboaboa “Israel panyifo,” wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no ano. Afei nso, ɔreboaboa afoforo, nnipakuw kɛse no mufo ano. Wɔn nyinaa bom som asomdwoe ne biakoyɛ mu wɔ Yehowa ne ne Hene Yesu Kristo a wɔde no asi agua so no hwɛ ase. Esiane sɛ wodi Yehowa nniso a Kristo di so no nokware nti, Oguanhwɛfo Pa no ayɛ wɔn nguankuw biako a wɔwɔ anigye.

Awɛmfo Anifuraefo, Akraman Mum

19. Nsa bɛn na wɔto frɛɛ wuram ne kwae mu mmoadoma no?

19 Nsɛm a ɛyɛ hu, na ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ ahodwiriw na wɔde dii nea yɛaka ho asɛm a ɔdɔ wom na ɛhyɛ nkuran no akyi. Yehowa asiesie ne ho sɛ obehu ananafo ne ayitotofo mmɔbɔ. Nanso wobuu nnipa pii a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asafo mufo no fɔ buu wɔn atɛn. Nea ɛsen saa no, wɔamfata sɛ wosie wɔn sie pa, na nea ɛsɛ wɔn ara ne sɛ mmoa adifudepɛfo bedi wɔn nam. Enti, yɛkenkan sɛ: “Wuram mmoadoma nyinaa, mommra mmedidi—kwae mu mmoadoma nyinaa.” (Yesaia 56:9) Dɛn na na saa wuram mmoadoma yi rebedi? Nkɔmhyɛ no bɛkyerɛkyerɛ mu. Bere a yɛreyɛ saa no, ebia ɛbɛkae yɛn nea ɛrebɛba wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn so wɔ Harmagedon ko a ɛreba no mu, a wim nnomaa na wobedi wɔn a wɔawuwu no nam no.—Adiyisɛm 19:17, 18.

20, 21. Mfomso ahorow bɛn na ɛmaa nyamesom mu akannifo no yɛɛ honhom fam akwankyerɛfo a mfaso nni wɔn so?

20 Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “N’awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobom; wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, pɛ nkotɔ. Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, obiara biara. Wɔka sɛ: Mommra, mekɔfa nsã maba, na yɛawe mpahyewa, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛsõ aboro so pii.”—Yesaia 56:10-12.

21 Yudasom mu akannifo no kyerɛe sɛ wɔsom Yehowa. Na wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ “n’awɛmfo.” Na wɔyɛ honhom mu anifuraefo, akraman mum, na wɔtɔ nko. Sɛ na wontumi nkɔ so nwɛn na wɔmmɔ asiane ho kɔkɔ a, na wɔn so mfaso ne dɛn? Ɔsom mu awɛmfo a wɔte saa nni ntease, na na wɔmfata sɛ wɔde honhom fam akwankyerɛ ma nnipa a wɔte sɛ nguan no. Afei nso, na wɔasɛe. Na wɔwɔ pɛsɛmenkominya akɔnnɔ a emu yɛ den. Sɛ anka wobedi Yehowa akwankyerɛ akyi no, wɔfaa wɔn ankasa kwan so, hwehwɛɛ mfaso bɔne, wee nsa traa so, na wɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Wɔn werɛ fii Onyankopɔn atemmu a na ɛreba no, ma wɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ biribiara bɛyɛ yiye.

22. Ɔkwan bɛn so na na Yesu bere so akannifo te sɛ wɔn a wɔwɔ tete Yuda no?

22 Na Yesaia adi kan de sɛnkyerɛnne kwan so asɛm a ɛte saa adi dwuma wɔ ne nkɔmhyɛ no mu aka Yudasom mu akannifo ho asɛm—sɛ wɔabobow honhom mu, wɔn ani kum, na wonni ntease. Wɔde nnipa atetesɛm soaa nkurɔfo no, kekaa ɔsom mu atosɛm, de wɔn ho too Asiria so hwehwɛɛ wɔn hɔ mmoa sen sɛ anka wɔbɛhwehwɛ mmoa afi Onyankopɔn hɔ. (2 Ahene 16:5-9; Yesaia 29:1, 9-14) Ɛda adi sɛ na wonsuaa hwee. Awerɛhosɛm ne sɛ, na akannifo a wɔte saa wɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu. Sɛ́ anka wobegye asɛmpa a Onyankopɔn ankasa Ba no de brɛɛ wɔn no atom no, wɔpoo Yesu, na wɔbɔɔ ne ho pɔw bɔne sɛ wobekum no. Nokwarem no, Yesu frɛɛ wɔn ‘anifuraefo akwankyerɛfo,’ na ɔde kaa ho sɛ sɛ “onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.”—Mateo 15:14.

Awɛmfo a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ

23. Petro nkɔmhyɛ a ɛfa nyamesom mu akannifo ho bɛn na anya mmamu?

23 Ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ atoro akyerɛkyerɛfo nso bɛsɔre abɛdaadaa Kristofo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Atoro adiyifo nso wɔ ɔman no [Israel] mu, sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.” (2 Petro 2:1) Dɛn na atoro akyerɛkyerɛfo a wɔte saa no atoro nkyerɛkyerɛ ne mpaapaemu no de aba? Kristoman, a ne nyamesom mu akannifo bɔ mpae srɛ Nyankopɔn nhyira ma wɔn amammuisɛm mu nnamfo nnɛ, na wɔsan hyɛ wɔn daakye a ɛyɛ anigye ho bɔ no. Kristoman nyamesom mu akannifo ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anifuraefo, ne mum, na wɔadeda wɔ honhom fam nneɛma ho.

24. Biakoyɛ bɛn na ɛwɔ honhom fam Israel ne ananafo no ntam?

24 Nanso, Yehowa de ananafo ɔpepem pii reba ma wɔne Nyankopɔn Israel mufo a wodi akyiri no asom wɔ ne honhom fam mpaebɔ fie kɛse no mu. Ɛwom sɛ saa ananafo yi fi aman, mmusua, ne kasa horow pii mu de, nanso wɔne wɔn ho wɔn ho ne Nyankopɔn Israel no ayɛ biako. Wogye di sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɔnam Yesu Kristo so betumi agye wɔn nkwa. Ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no kanyan wɔn ma wɔde wɔn ho bɔ Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ma wɔka wɔn gyidi kyerɛ. Na ɔsomafo a honhom kaa no no nsɛm no kyekye wɔn werɛ kɛse sɛ: “Sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode wo koma gye di sɛ Onyankopɔn anyan no afi awufo mu a, wobegye wo nkwa.”—Romafo 10:9.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Wɔde din “ayitoto” no nso frɛɛ ahemfie odwumayɛni, a na ɛnkyerɛ sɛ wɔasɛe n’awode. Esiane sɛ na ɛte sɛ nea Etiopiani a Filipo bɔɔ no asu no adan Yudani nti—wɔbɔɔ no asu ansa na wɔrebue hokwan ama momonotofo a wɔnyɛ Yudafo no—ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ opiafo [ayitotoni] wɔ saa kwan yi so.—Asomafo no Nnwuma 8:27-39.

^ nky. 8 Na wɔfrɛ Ebed-Melek a ɔboaa Yeremia a na otumi kɔ Ɔhene Sedekia anim no opiafo [ayitotoni]. Ɛte sɛ nea na eyi fa ahemfie adwuma a na ɔyɛ no ho na ɛnyɛ sɛ na wɔasɛe n’awode.—Yeremia 38:7-13.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 250]

Ná Homeda no bɛma wɔanya kwan abɔ mpae, asua ade, asusuw nsɛm ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 256]

Wɔkyerɛkyerɛɛ nguan foforo no gyinabea mu fann wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Washington, D.C., wɔ afe 1935 mu (asubɔ mfonini wɔ ase hɔ, dwumadi nhyehyɛe wɔ nifa so)

[Mfonini wɔ kratafa 259]

Wɔtoo nsa frɛɛ wuram mmoadoma sɛ wommedidi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 261]

Biakoyɛ wɔ ananafo no ne Nyankopɔn Israel mufo ntam