Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Anisɔ Bere”

“Anisɔ Bere”

Ti Du

“Anisɔ Bere”

Yesaia 49:1-26

1, 2. (a) Nhyira bɛn na Yesaia nyae? (b) Henanom ho nsɛm na ɛwɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 49 no fã a edi kan no?

NNIPA anokwafo nyinaa fi bere tenten anya Onyankopɔn anim dom ne ahobammɔ. Nanso, ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa kyerɛ ne ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ obi yɛ biribi na ama wafata nhyira a ɛso nni a ɛte saa. Yesaia yɛ obi a ɔyɛɛ saa. Onyaa Onyankopɔn anim dom na Yehowa de no dii dwuma sɛ adwinnade a ɔnam so maa afoforo huu N’apɛde. Wɔayɛ eyi ho nhwɛso wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no ti 49 no fã a edi kan no.

2 Wɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Abraham aseni no wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Wɔ ne mmamu a edi kan no mu no, na saa aseni no ne Israel man a na n’ase fi Abraham mu no. Nanso, ɛda adi pefee sɛ asɛm no fã kɛse no ara fa Abraham Aseni, Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ no a na wofi bere tenten ahwɛ no kwan no ho. Nsɛm a efi honhom mu no fa Mesia no honhom fam nuanom a wɔbɛyɛ Abraham honhom fam aseni ne “Nyankopɔn Israel” no fã nso ho. (Galatifo 3:7, 16, 29; 6:16) Ne titiriw no, Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi ka abusuabɔ soronko a ɛda Yehowa ne ne Dɔba Yesu Kristo ntam no ho asɛm.—Yesaia 49:26.

Yehowa Paw No Bɔɔ Ne Ho Ban

3, 4. (a) Mmoa bɛn na Mesia no nya? (b) Henanom na Mesia no rekasa akyerɛ wɔn no?

3 Mesia no nya Onyankopɔn anisɔ anaa n’anim dom. Yehowa ma no tumi ne abodin a ohia na ɔde ayɛ n’adwuma no. Enti, ɛfata sɛ Mesia a na ɔbɛba daakye no ka sɛ: “Muntie me, nsu ano aman, na monyɛ asõ, akyirikyiri aman! [Yehowa, “NW”] afrɛ me afi yafunu mu, ofi me na yam na ɔbɔɔ me din.”—Yesaia 49:1.

4 Ɛha no, Mesia no ka n’asɛm kyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ “akyirikyiri.” Ɛwom sɛ Yudafo na wɔde Mesia no ahyɛ wɔn bɔ de, nanso amanaman nyinaa benya ne som adwuma no so nhyira. (Mateo 25:31-33) Ɛwom sɛ “nsuano aman” ne “aman” no ne Yehowa nyɛɛ apam de, nanso ɛsɛ sɛ wotie Israelfo Mesia no efisɛ wɔsomaa no sɛ ɔmfa nkwagye mmrɛ adesamma nyinaa.

5. Ɔkwan bɛn so na wɔtoo Mesia no din ansa na wɔrewo no sɛ onipa?

5 Nkɔmhyɛ no ka sɛ Yehowa bɛto Mesia no din ansa na wɔawo no sɛ onipa. (Mateo 1:21; Luka 1:31) Bere tenten ansa na wɔrewo Yesu no, wɔfrɛɛ no “Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene.” (Yesaia 9:6) Imanuel a ɛda adi sɛ ɛyɛ Yesaia babarima din no nso bɛyɛ Mesia no nkɔmhyɛ kwan so din. (Yesaia 7:14; Mateo 1:21-23) Wɔkaa edin a wɔde bɛfrɛ Mesia no—Yesu—mpo ho asɛm siei ansa na wɔrewo no. (Luka 1:30, 31) Saa din yi fi Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye” mu. Ɛda adi pefee sɛ, Yesu nyɛ Kristo a ɔno ankasa paw ne ho.

6. Ɔkwan bɛn so na Mesia no ano te sɛ afoa nnamnam, na ɔkwan bɛn so na wɔde no asie, anaa wɔde no ahintaw?

6 Mesia no nkɔmhyɛ nsɛm no toa so sɛ: “Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ɛho akokwaw, ɔde me siee ne kotoku mu.” (Yesaia 49:2) Nokwarem no, bere a bere du sɛ Yehowa Mesia no fi n’asase so som adwuma ase wɔ afe 29 Y.B. mu no, Yesu nsɛm ne ne nneyɛe yɛ nnam ampa sɛ akode a wɔakokwaw ho, a etumi wura n’atiefo koma mu. (Luka 4:31, 32) Ne nsɛm ne ne nneyɛe hyɛ Yehowa tamfo kɛse, Satan ne n’adwumayɛfo, abufuw. Efi bere a wɔwoo Yesu no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ obekum no, nanso Yesu te sɛ agyan a wɔde ahyɛ Yehowa ankasa kotoku mu. * Obetumi de ne ho ato N’agya ahobammɔ so wɔ ahotoso mu. (Dwom 91:1; Luka 1:35) Wɔ bere a wɔahyɛ mu no, Yesu de ne nkwa too hɔ maa adesamma. Nanso, bere bi bɛba a obefi adi sɛ ɔsoro kofo tumfoɔ a ɔde akode asiesie ne ho wɔ ɔkwan soronko so a afoa nnamnam bi fi n’ano. Saa bere yi, afoa nnamnam no gyina hɔ ma Yesu tumi a ɔde bebu Yehowa atamfo atɛn.—Adiyisɛm 1:16.

Onyankopɔn Akoa Adwuma Nyɛ Ɔkwa

7. Hena na Yehowa nsɛm a ɛwɔ Yesaia 49:3 no fa ne ho, na dɛn ntia?

7 Afei Yehowa ka nkɔmhyɛ nsɛm yi: “M’akoa ne wo, Israel a menya wo ho anuonyam.” (Yesaia 49:3) Yehowa frɛ Israel man sɛ n’akoa. (Yesaia 41:8) Nanso, Yesu Kristo na ɔyɛ Onyankopɔn Akoa titiriw. (Asomafo no Nnwuma 3:13) Onyankopɔn abɔde mu biara nni hɔ a obetumi ada Yehowa “anuonyam” adi asen Yesu. Enti, bere a ɛwom sɛ Israel na na ɔrekasa akyerɛ no no, na saa nsɛm no fa Yesu ho ankasa.—Yohane 14:9; Kolosefo 1:15.

8. Mesia no ankasa nkurɔfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ ne ho, nanso hena na Mesia no hwɛ kwan sɛ obebu ne nkonimdi ho atɛn?

8 Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ Yesu ankasa nkurɔfo mu fã kɛse no ara na wobuu no animtiaa na wɔpoo no? Yiw. Woka ne nyinaa bom a, Israel man no nnye Yesu ntom sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Akoa a wasra no. (Yohane 1:11) Wɔ Yesu bere sofo ani so no, ɛte sɛ nea nneɛma a ɔyɛ bere a ɔwɔ asase so no nyinaa nyɛ hwee, anaa mfaso nni so mpo no. Mesia no ka ne som adwuma mu ɔbrɛgu yi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu: “Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhude.” (Yesaia 49:4a) Ɛnyɛ sɛ esiane sɛ Mesia no abam abu nti na ɔkeka saa nsɛm yi. Susuw nea edi hɔ a ɔka no ho hwɛ: “Nanso m’atemmu wɔ [Yehowa, “NW”] nkyɛn, na m’adwuma so ade wɔ me Nyankopɔn nsam.” (Yesaia 49:4b) Ɛnyɛ nnipa na ebebu nkonim a Mesia no di no ho atɛn, na mmom Onyankopɔn.

9, 10. (a) Adwuma bɛn na Yehowa de ama Mesia no, na dɛn na efi mu ba? (b) Ɔkwan bɛn so na Mesia no suahu betumi ahyɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nkuran?

9 Yesu ani gye Onyankopɔn anim dom, anaa anisɔ ho titiriw. Wɔ nkɔmhyɛ mu no, Mesia no ka sɛ: “Na afei [Yehowa, “NW”] se,—nea ɔnwenee me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensan Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, efisɛ m’anim aba nyam, [Yehowa, “NW”] anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden.” (Yesaia 49:5) Mesia no bɛdan Israel mma koma aba wɔn soro Agya nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara nyɛ ho hwee, nanso ebinom yɛ ho biribi. Sɛnea ɛte biara no, n’akatua ankasa wɔ Yehowa Nyankopɔn nsam. Ne nkonimdi no nnyina nnipa nsusuwii so, na mmom egyina Yehowa ankasa gyinapɛn ahorow so.

10 Ɛnnɛ, ɛtɔ mmere bi a Yesu akyidifo betumi ate nka sɛ nea wɔrebrɛ agu. Wɔ mmeae bi no, sɛ wɔde wɔn som adwuma a wɔyɛ ne mmɔden a wɔbɔ no toto nea efi mu ba ho a, nea efi mu ba no betumi ayɛ sɛ nea esua koraa. Nanso, Yesu nhwɛso no hyɛ wɔn nkuran ma wɔkɔ so gyina ano. Ɔsomafo Paulo nsɛm yi a ɔkyerɛwee no nso hyɛ wɔn den: “Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.”—1 Korintofo 15:58.

“Amanaman Hann”

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Mesia no ayɛ “amanaman hann”?

11 Wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no, Yehowa hyɛ Mesia no nkuran denam kae a ɔkae no sɛ Onyankopɔn Akoa a ɔyɛ no ‘nyɛ ade a ɛyɛ hare’ no so. Yesu ‘bɛma Yakob mmusuakuw so, na ɔde Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba.’ Yehowa kyerɛkyerɛ mu bio sɛ: “Mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.” (Yesaia 49:6) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛ nkurɔfo ‘kodu asase ano’ bere a ɔyɛ n’asase so som adwuma no wɔ Israel nkutoo no?

12 Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wɔannum Onyankopɔn “amanaman hann” no bere a Yesu fii asase so no. Yesu wu akyi bɛyɛ mfirihyia 15 no, asɛmpatrɛwfo Paulo ne Barnaba faa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 49:6 no mu asɛm ka de dii dwuma wɔ Yesu asuafo, ne honhom fam nuanom, no ho. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “[Yehowa, NW] ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagye akodu asase ano.” (Asomafo no Nnwuma 13:47) Ansa na Paulo ankasa rewu no, ohui sɛ ɛnyɛ Yudafo nko na wɔka nkwagye asɛmpa no kyerɛ wɔn, na mmom wɔka wɔ “abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:6, 23) Ɛnnɛ, Kristo nuanom a wɔasra wɔn no mu nkaefo no kɔ so yɛ saa adwuma yi. Bere a “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ ɔpepem pii no boa wɔn no, wɔsom sɛ “amanaman hann” wɔ nsase bɛboro 230 so wɔ wiase nyinaa.—Adiyisɛm 7:9.

13, 14. (a) Dɛn na Mesia no ne n’akyidifo ahyia wɔ asɛnka adwuma no ho? (b) Nsakrae bɛn na aba?

13 Nokwarem no, Yehowa ada ne ho adi sɛ ɔno na ogyina N’akoa Mesia no, Mesia no nuanom a wɔasra wɔn no, ne nnipakuw kɛse a wɔne wɔn kɔ so yɛ asɛmpaka adwuma no, nyinaa akyi. Ɛwom, te sɛ Yesu no, n’asuafo ahyia animtiaabu ne ɔsɔretia. (Yohane 15:20) Nanso, bere nyinaa no, Yehowa ma nneɛma sesa wɔ bere a ɛsɛ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a obegye n’asomfo anokwafo na watua wɔn ka. Ɛdefa Mesia no a “wobu ne kra animtiaa” ne “nea ɔman kyi no” ho no, Yehowa hyɛ bɔ hyɛ: “Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso, na wɔakotow asɔre, [Yehowa, “NW”] a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia.”—Yesaia 49:7.

14 Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛw nneɛma a ɛsesa yi a wɔhyɛɛ ho nkɔm no ho asɛm kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filipi no. Ɔkaa Yesu ho asɛm sɛ obi a wɔabrɛ no ase wɔ asɛndua so na afei Onyankopɔn ama no so. Yehowa maa N’akoa no “so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow.” (Filipifo 2:8-11) Wɔabɔ Kristo akyidifo anokwafo kɔkɔ sɛ wɔbɛtaa wɔn nso. Nanso, te sɛ Mesia no, wɔama wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa ani bɛsɔ wɔn.—Mateo 5:10-12; 24:9-13; Marko 10:29, 30.

“Ɔdom Bere”

15. “Bere” titiriw bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu, na dɛn na eyi kyerɛ?

15 Yesaia nkɔmhyɛ no kɔ so ka asɛm bi a ɛho hia bi de toa so. Yehowa ka kyerɛ Mesia no sɛ: “Anisɔ bere mu na matie wo, na nkwagye da mu na maboa wo, na mɛkora wo so, na mede wo mayɛ ɔman apam.” (Yesaia 49:8a) Wɔayɛ nkɔmhyɛ a ɛte saa ara ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 69:13-18. Odwontofo no de “ɔdom bere” na ɛka “anisɔ bere” ho asɛm. Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ Yehowa da n’anisɔ ne n’ahobammɔ adi wɔ ɔkwan titiriw so, nanso ɔyɛ saa wɔ bere tiaa pɔtee bi mu.

16. Na dɛn ne Yehowa anisɔ bere ma tete Israel?

16 Na anisɔ bere no yɛ bere bɛn? Mfiase no, na nsɛm no yɛ sanba ho nkɔmhyɛ no fã, na ɛkaa sɛnea Yudafo no befi nnommum mu asan aba ho asɛm siei. Israel man no nyaa anisɔ bere a wotumi ‘maa asase no so sii hɔ’ na wɔsan faa wɔn ‘agyapade a ayɛ afõ no dii so bio’ no. (Yesaia 49:8b) Na wɔnna so nyɛ “nneduafo” wɔ Babilon. Bere a wɔresan aba wɔn kurom no, Yehowa hwɛe sɛ “ɔkɔm” anaa “osukɔm” renne wɔn, anaa “kumaforote ne owia renka wɔn.” Israelfo a wɔahwete no ‘fi akyirikyiri, benkum fam ne atɔe fam’ baa wɔn asase so. (Yesaia 49:9-12) Ɛmfa ho sɛ mmamu a edi kan yi yɛ nwonwa no, Bible kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ yi benya mmamu foforo.

17, 18. Anisɔ bere bɛn na Yehowa pawee wɔ afeha a edi kan no mu?

17 Nea edi kan no, bere a wɔwoo Yesu no, abɔfo bɔɔ asomdwoe ne Onyankopɔn anisɔ, anaa ɔdom, ma nnipa ho dawuru. (Luka 2:13, 14) Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wonyaa anisɔ yi, na mmom wɔn a wɔkyerɛɛ Yesu mu gyidi no nkutoo. Akyiri yi Yesu kenkan nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 61:1, 2 no wɔ baguam, na ɔkyerɛe sɛ ɔne nea ɔka ‘Yehowa anisɔ afe’ ho asɛm kyerɛ no. (Luka 4:17-21) Ɔsomafo Paulo kaa Kristo ho asɛm sɛ onyaa Yehowa ahobammɔ soronko wɔ ne honam nna no mu. (Hebrifo 5:7-9) Enti saa anisɔ bere yi fa Onyankopɔn anim dom a Yesu nya wɔ n’asetra bere mu sɛ onipa no ho.

18 Nanso, saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu foforo. Bere a Paulo faa Yesaia nsɛm a ɛfa anisɔ bere ho kaa asɛm wiei no, ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.” (2 Korintofo 6:2) Paulo kyerɛw saa nsɛm yi wɔ Yesu wu akyi mfirihyia 22. Ɛda adi sɛ, bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yehowa trɛw n’anisɔ afe no mu ma ɛkaa Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no nso.

19. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya Yehowa anisɔ bere no so mfaso?

19 Na Yesu akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔnsraa wɔn sɛ Onyankopɔn soro ahenni no mu adedifo no nso ɛ? So wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no betumi anya ɔdom bere yi so mfaso? Yiw. Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no da no adi sɛ saa bere yi ne Yehowa anisɔ bere ma nnipakuw kɛse a ‘wobefi ahohiahia kɛse no mu’ akonya nkwa wɔ paradise asase so no. (Adiyisɛm 7:13-17) Enti, Kristofo nyinaa betumi de saa bere tiaa yi a Yehowa de kyerɛ anisɔ ma nnipa a yɛnyɛ pɛ no adi dwuma.

20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi akwati bɔ a Yehowa dom bɛbɔ wɔn no?

20 Ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ dii Yehowa dom bere no ho dawurubɔ no anim. Ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wonnnye Onyankopɔn dom no kwa.’ (2 Korintofo 6:1) Ne saa nti, Kristofo de hokwan biara di dwuma de sɔ Onyankopɔn ani yɛ n’apɛde. (Efesofo 5:15, 16) Ɛyɛ papa sɛ wodi Paulo afotu yi akyi: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho. Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ ‘ɛnnɛ’ no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.”—Hebrifo 3:12, 13.

21. Anigyesɛm bɛn na wɔde wie Yesaia ti 49 no fã a edi kan no?

21 Bere a nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa Yehowa ne ne Mesia no ho ba awiei no, Yesaia ka anigyesɛm bi: “Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurusi! mmepɔw nso, momfrɛ nserehehe dwom: na [Yehowa, “NW”] akyekye ne man werɛ, na wahu ne mmɔborɔfo mmɔbɔ!” (Yesaia 49:13) Awerɛkyekyesɛm a ɛyɛ anigye a wɔka kyerɛ tete Israel ne Yehowa Akoa kɛse, Yesu Kristo, ne Yehowa asomfo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo “nguan foforo” a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛn ara ni!—Yohane 10:16.

Yehowa Werɛ Mfi Ne Nkurɔfo

22. Ɔkwan bɛn so na Yehowa si so dua sɛ ne werɛ remfi ne nkurɔfo da?

22 Afei Yesaia toa so ka Yehowa nsɛm. Ɔka sie sɛ Israelfo a wɔwɔ nnommumfa mu no bɛbrɛ na wɔapa abaw. Yesaia ka sɛ: “Sion kae sɛ: [Yehowa, “NW”] agyaw me, na [Yehowa, “NW”] werɛ afi me.” (Yesaia 49:14) So eyi yɛ nokware? So Yehowa agyaw ne nkurɔfo na ne werɛ afi wɔn? Bere a Yesaia reyɛ n’ade sɛ Yehowa kasamafo no, ɔtoa so sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.” (Yesaia 49:15) Mmuae a ɔdɔ wom a Yehowa de ma bɛn ara ni! Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma ne nkurɔfo no yɛ kɛse sen nea ɛna wɔ ma ne ba. Odwen n’anokwafo ho bere nyinaa. Ɔkae wɔn te sɛ nea wakyerɛw wɔn din agu ne nsam: “Hwɛ, mede wo makurukyerɛw me nsayam; w’afasu sisi m’anim daa yi.”—Yesaia 49:16.

23. Ɔkwan bɛn so na Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonnya ahotoso sɛ Yehowa werɛ remfi wɔn?

23 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Galatifo no mu no, otuu Kristofo no fo sɛ: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” (Galatifo 6:9) Ɔkyerɛw nsɛm a ɛhyɛ nkuran yi kɔmaa Hebrifo no sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” (Hebrifo 6:10) Mommma yɛnnte nka da sɛ Yehowa werɛ afi ne nkurɔfo. Te sɛ tete Sion no, Kristofo wɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔde boasetɔ twɛn Yehowa. Okura n’apam ne ne bɔhyɛ ahorow mu pintinn.

24. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛsan akyekye Sion, na nsɛm bɛn na obebisa?

24 Yehowa nam Yesaia so de awerɛkyekye foforo ma. Wɔn a ‘wodwiriw Sion,’ sɛ́ wɔyɛ Babilonfo anaa Yudafo awaefo no, ho nyɛ hu bio. Sion ‘mma,’ Yudafo nnommum a wɔkɔ so di Yehowa nokware no “ho bɛyɛ hare.” ‘Wobehyia.’ Sɛ Yudafo a wɔanya ahofadi no de ahoɔhare san kɔ Yerusalem a, wɔbɛyɛ wɔn ahenkurow no ahyehyɛde, sɛnea wɔde “ahyehyɛde” hyehyɛ “ayeforo” no. (Yesaia 49:17, 18) Wɔadan Sion nkurow ‘amamfõ.’ Hwɛ sɛnea Sion ho bedwiriw no bere a mpofirim no, onya nnipa pii wɔ kurow no mu ma wɔkyere so no. (Kenkan Yesaia 49:19, 20.) Sɛnea ɛfata no, obisa baabi a saa mma yi nyinaa fi: “Wobɛka wo koma mu sɛ: Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na me de, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonin, wotuu me kɔe, na wosunsum me; na eyinom de, hena na ɔyɛn wɔn? Hwɛ, me de, ɛkaa me nko, ɛno mu na eyinom wɔ he?” (Yesaia 49:21) Anigye bɛn ara na Sion a na anka ɔyɛ obonin no nya sɛɛ yi!

25. Ɛnnɛ mmere yi mu no, ahofadi bɛn na honhom fam Israel anya?

25 Saa nsɛm yi wɔ ne nnɛyi mmamu. Wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mfe a na emu yɛ den mu no, honhom fam Israel kɔɔ amamfõyɛ ne nnommumfa mu. Nanso, onyaa ahofadi na ɔsan baa honhom fam paradise mu. (Yesaia 35:1-10) Sɛnea yɛbɛka no no, te sɛ kurow a bere bi na adan amamfõ a Yesaia kaa ho asɛm no—n’ani gyei bere a ohui sɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ nnam a wɔwɔ anigye ahyɛ mu ma no.

‘Amanaman Frankaa’

26. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de ma ne nkurɔfo a wagye wɔn no?

26 Afei wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, Yehowa twe Yesaia adwene si bere a obegye Ne nkurɔfo afi Babilon no so. So wobenya ɔsoro akwankyerɛ bi? Yehowa ma mmuae: “Hwɛ, mɛma me nsa so makyerɛ amanaman, na masi me frankaa mama aman, na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom, na wo mmabea nso, wɔabɔ wɔn akɔnkɔn aba.” (Yesaia 49:22) Wɔ ne mmamu a edi kan no mu no, Yerusalem, a kan na ɛyɛ beae a nniso agua ne Yehowa asɔrefie si no, bɛyɛ Yehowa “frankaa.” Nnipa a wofi amanaman foforo mu a wɔwɔ din na wɔwɔ tumi te sɛ “ahene” ne “ahemmaa” mpo boa Israelfo no wɔ kwan a wotwa san kɔ wɔn kurom no mu. (Yesaia 49:23a) Ɛda adi sɛ Persia ahemfo Kores ne Artasasta Longimanus ne wɔn fiefo ka saa aboafo yi ho. (Esra 5:13; 7:11-26) Yesaia nsɛm no wɔ mmamu foforo.

27. (a) Wɔ ne mmamu kɛse mu no, “frankaa” bɛn na nkurɔfo bɛkɔ ho? (b) Sɛ wɔhyɛ amanaman nyinaa ma wɔbɔ wɔn mu ase ma Mesia nniso no a, dɛn na ebefi mu aba?

27 Yesaia 11:10 ka “ɔfrankaa ma aman” ho asɛm. Ɔsomafo Paulo de saa nsɛm yi kaa Kristo Yesu ho asɛm. (Romafo 15:8-12) Enti, wɔ ne mmamu kɛse no mu no, Yesu ne ne mfɛfo adedifo a wɔde honhom asra wɔn no yɛ Yehowa “frankaa” a nkurɔfo bɛkɔ ho. (Adiyisɛm 14:1) Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɛbɛba sɛ asase sofo nyinaa—a nnɛyi sodifo mpo ka ho—bɛbɔ wɔn mu ase ama Mesia nniso no. (Dwom 2:10, 11; Daniel 2:44) Dɛn na ebefi mu aba? Yehowa ka sɛ: “Na woahu sɛ me, mene [Yehowa, “NW”] a wɔn a wɔn ani da me so no ani renwu.”—Yesaia 49:23b.

“Yɛn Nkwagye Abɛn”

28. (a) Nsɛm bɛn na Yehowa ka de si so dua bio sɛ obegye ne nkurɔfo no? (b) Ɔpɛ bɛn na Yehowa da so wɔ wɔ ne nkurɔfo ho?

28 Ebia wɔn a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no bi besusuw sɛ, ‘So Israel betumi anya ahofadi ankasa?’ Yehowa nam asɛm a obisae so susuw saa asɛm no ho: “So wogye dɔmmarima nsam ade a wafa, anaasɛ nea ɔyɛ den no nnommum befi mu?” (Yesaia 49:24) Mmuae no yɛ yiw. Yehowa ma wɔn awerɛhyem sɛ: “Dɔmmarima nnommum po, wobegye, nea ne ho yɛ hu nso ade a wafa befi mu.” (Yesaia 49:25a) Bɔhyɛ a awerɛkyekye wom bɛn ara ni! Afei nso, Yehowa si ahobammɔ a ɔde bɛma wɔn no so dua denneennen de kyerɛ anisɔ a ɔwɔ ma wɔn no. Ɔka no pefee sɛ: “Me ara me ne nea ɔne wo ham no bɛham, na me ara megye wo mma nkwa.” (Yesaia 49:25b) Ɔda so wɔ ɔpɛ a ɛte saa. Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Sakaria 2:8 no, Yehowa ka kyerɛ ne -nkurɔfo sɛ: ‘Nea ɔka mo no, waka m’aniwa kesuwa.’ Nokwarem no, yɛwɔ anisɔ bere mu mprempren, bere a emu na asase sofo nya hokwan ba honhom fam Sion no. Nanso, saa anisɔ bere no bɛba awiei.

29. Akwanhwɛ a ɛyɛ hu bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wontie Yehowa asɛm no?

29 Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔyɛ mpi a wontie Yehowa asɛm na wɔtaa n’asomfo mpo no so? Ɔka sɛ: “Mɛma w’ahawfo adi wɔn ankasa nam, na wɔn mogya abow wɔn sɛ nsamono.(Yesaia 49:26a) Akwanhwɛ a ɛyɛ hu bɛn ni! Atuatewfo a wɔte saa nkwa nna yɛ tia. Wɔbɛsɛe wɔn. Enti, wobehu Yehowa sɛ Ogyefo denam ne nkurɔfo a obegye wɔn ne wɔn atamfo a ɔbɛsɛe wɔn no nyinaa so. “Ɔhonam nyinaa ahu sɛ me [Yehowa, “NW”] mene wo gyefo, na wo dimafo ne Yakob tumfoɔ no.”—Yesaia 49:26b.

30. Ogye nnwuma bɛn na Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo, na dɛn na ɔbɛyɛ?

30 Saa nsɛm no dii kan baa mu bere a Yehowa de Kores dii dwuma de gyee Ne nkurɔfo fii Babilon nkoasom mu no. Ɛbaa mu saa ara wɔ afe 1919 mu bere a Yehowa de ne Ba a ɔde no asi agua so, Yesu Kristo, dii dwuma ma ogyee Ne nkurɔfo fii nkoasom mu no. Enti, Bible ka Yehowa ne Yesu nyinaa ho asɛm sɛ wɔyɛ agyenkwa. (Tito 2:11-13; 3:4-6) Yehowa ne yɛn Agyenkwa, na Yesu, Mesia no, yɛ ‘N’adwumayɛfo Panyin.’ (Asomafo no Nnwuma 5:31, NW) Nokwarem no, ogye nnwuma a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so ayɛ no yɛ nwonwa. Yehowa nam asɛmpa no so ma komapafo nya ahofadi fi atoro som nkoayɛ mu. Ɔnam ogye afɔre no so gye wɔn fi bɔne ne owu nkoayɛ mu. Wɔ afe 1919 mu no, ogyee Yesu nuanom no fii honhom fam nkoayɛ mu. Na wɔ Harmagedon a ɛrebɛn ntɛmntɛm mu no, obegye nnipa anokwafo mu nnipakuw kɛse no afi ɔsɛe a ɛbɛba abɔnefo so no mu.

31. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade wɔ Onyankopɔn anisɔ a wɔanya no ho?

31 Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan sɛ wubenya Onyankopɔn anisɔ! Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de ɔdom bere yi bedi dwuma nyansam. Na ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade ma ɛne sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn mmere yi mu no ahyia, na yɛatie Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Romafo no: “Eyi mmom, efisɛ yenim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no. Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode. Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu; na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo no, na mommma ɔhonam so hwɛ nnnan nnkɔ akɔnnɔ mu!”—Romafo 13:11-14.

32. Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ?

32 Yehowa bɛkɔ so adom wɔn a wotie n’afotu no. Ɔbɛma wɔn ahoɔden ne tumi a wɔde bɛyɛ asɛmpaka adwuma no. (2 Korintofo 4:7) Yehowa de ne nkoa no bɛyɛ adwuma sɛnea ɔde wɔn Kannifo, Yesu, yɛ adwuma no. Ɔbɛma wɔn ano ayɛ “afoa nnamnam” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma asɛmpa no adu nnipa komapafo koma mu. (Mateo 28:19, 20) Ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ “ne nsa ase nwini mu.” Te sɛ “agyan a ɛho akokwaw” no, wɔde wɔn besie “ne kotoku mu.” Nokwarem no, Yehowa rennyaw ne nkurɔfo!—Dwom 94:14; Yesaia 49:2, 15.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 “Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Satan hui sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na ɔne obi a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛbɔ ne ti no (Ge 3:15), ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɛe Yesu. Nanso, bere a ɔbɔfo Gabriel rebɔ Yesu a Maria benyinsɛn no ho amanneɛ no, ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Honhom Kronkron bɛba wo so, na nea ɔwɔ sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.’ (Lu 1:35) Yehowa bɔɔ ne Ba no ho ban. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe Yesu bere a na ɔyɛ akokoaa no anyɛ yiye.”—Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no Po 2, kratafa 868.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 139]

Mesia no te sɛ “agyan a ɛho akokwaw” wɔ Yehowa kotoku mu

[Mfonini wɔ kratafa 141]

Mesia no ayɛ “amanaman hann”

[Mfonini wɔ kratafa 147]

Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma ne nkurɔfo no so sen nea ɛna wɔ ma ne ba