Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛm a Anidaso Wom Ma Nnommum a Wɔn Abam Abu

Asɛm a Anidaso Wom Ma Nnommum a Wɔn Abam Abu

Ti Dunsia

Asɛm a Anidaso Wom Ma Nnommum a Wɔn Abam Abu

Yesaia 55:1-13

1. Ka Yudafo a wɔafa wɔn nnommum wɔ Babilon no tebea ho asɛm.

NÁ ƐYƐ Yudafo abakɔsɛm mu bere a ɛyɛ hu. Ná wɔafa Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no ɔhyɛ so afi wɔn asase so, na na wɔrehu amane saa bere yi wɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Nokwarem no, wɔmaa wɔn ahofadi kakra de yɛɛ wɔn da biara da asetram nnwuma. (Yeremia 29:4-7) Ebinom suaa nnwuma, na afoforo nso dii gua. * (Nehemia 3:8, 31, 32) Nanso, na asetra nyɛ mmerɛw mma Yudafo nnommum no. Na wɔwɔ honhom fam ne honam fam nkoasom mu. Ma yɛnhwɛ nea enti a na ɛte saa.

2, 3. Ɔkwan bɛn so na nnommumfa mu a Yudafo no kɔe no kaa Yehowa som?

2 Bere a Babilon asraafo sɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. no, wɔyɛɛ nea ɛsen ɔman no a wɔsɛee no; wɔmaa asɛm baa nokware som ho nso. Wɔsesaa Yehowa asɔrefie hɔ nneɛma nyinaa sɛee no, na wɔnam Lewi abusuakuw no a wɔfaa wɔn mu bi nnommum, na wokunkum afoforo no so sɛee asɔfodi ho nhyehyɛe no. Bere a na Yudafo no nni ɔdan, afɔremuka, ɛne asɔfodi nhyehyɛe no, na wɔrentumi mmɔ afɔre ahorow mma nokware Nyankopɔn no sɛnea na Mmara no hwehwɛ no.

3 Ná Yudafo anokwafo no nam twetia a na wobetwa ne Mmara no so a wobedi sɛnea wobetumi so betumi akora wɔn som so. Sɛ nhwɛso no, na wobetumi atwe wɔn ho afi nnuan bi a wɔabara wɔn ho na wɔadi Homeda. Nanso, sɛ Yudafo no yɛ saa a, na wɔn nnommumfafo no betumi adi wɔn ho fɛw, efisɛ Babilonfo no buu wɔn som mu amanne ahorow no sɛ nea mfaso nni so. Yɛnam odwontofo no nsɛm so betumi ahu sɛnea na nnommum no abam abu no: “Babel nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtrae na yesui sɛ yɛkaee Sion. Ɛhɔ nsukɔn so nnua no so na yɛde yɛn asanku sensɛnee. Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafo bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ahawfo pepɛɛ yɛn hɔ anigye sɛ: Monto dwom bi nkyerɛ yɛn.”—Dwom 137:1-3.

4. Dɛn nti na na ɛbɛyɛ nea mfaso nni so sɛ Yudafo no bɛhwehwɛ ogye afi aman foforo hɔ, nanso hena nkyɛn na na wobetumi akɔhwehwɛ mmoa?

4 Afei, hena nkyɛn na na Yudafo nnommum no bɛdan akɔ akɔhwehwɛ awerɛkyekye? Ɛhe na na wɔn nkwagye befi aba? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛremfi amanaman a atwa wɔn ho ahyia no mu biara hɔ! Na wɔn mu biara ntumi nnyina Babilon asraafo anim, na na wɔn mu pii ne Yudafo no nka. Nanso, na wɔn tebea no nyɛ nea anidaso biara nnim. Yehowa a na wɔatew no so atua bere a na wɔwɔ ahofadi no fi ayamye mu too nsa frɛɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ nnommumfa mu no.

“Mommra Nsu Ho”

5. Ná nsɛm “mommra nsu ho” no kyerɛ dɛn?

5 Yehowa nam Yesaia so kasae nkɔmhyɛ kwan so kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no sɛ: “Huu, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no, mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsã ne nufusu: ɛnyɛ́ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.” (Yesaia 55:1) Saa nsɛm yi kyerɛ nneɛma pii wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛ nhwɛso no, susuw nsa a wɔto frɛe sɛ: “Mommra nsu ho” no ho hwɛ. Sɛ nsu nni hɔ a, nkwa nni hɔ. Sɛ nsu a ɛsom bo saa yi nni hɔ a, yebetumi atra ase bɛyɛ dapɛn biako pɛ. Enti, ɛfata sɛ Yehowa de nsu yɛɛ kasakoa de kyerɛɛ sɛnea na ne nsɛm no benya Yudafo nnommum no so tumi no. Ná n’asɛm no bɛma wɔanya abotɔyam, sɛnea nsuonwini yɛ wɔ da a ɔhyew wom paa no. Na ɛbɛma wɔn abasamtu no aguan, na ama wɔanya nokware ne trenee a wɔhwehwɛ no. Na ɛbɛma wɔanya ahofadi a wobenya afi nnommumfa mu no ho anidaso. Nanso, na ɛsɛ sɛ Yudafo nnommum no nom Onyankopɔn asɛm no, yɛ osetie, na wɔde yɛ adwuma ansa na wɔanya so mfaso.

6. Sɛ Yudafo no tɔ “nsã ne nufusu” no a, mfaso bɛn na na wobenya?

6 Yehowa maa wɔn “nsã ne nufusu” nso. Nufusu ma mmofra nipadua nya ahoɔden na ɛboa wɔn ma wonyin. Saa ara na na Yehowa nsɛm bɛhyɛ ne nkurɔfo no den honhom fam ama wɔatumi ne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. Na nsã no nso ɛ? Wɔtaa de nsa di dwuma wɔ afahyɛ bere mu. Wɔ Bible mu no, wɔtaa de di dwuma de ka yiyedi ne anigye ho asɛm. (Dwom 104:15) Yehowa nam ka a ɔkae sɛ ne nkurɔfo ‘ntɔ nsã’ no so maa wɔn awerɛhyem sɛ sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu san ba nokware som mu a, ‘anigye’ nko ara na wobenya.—Deuteronomium 16:15; Dwom 19:8; Mmebusɛm 10:22.

7. Dɛn nti na ayamhyehye a na Yehowa wɔ ma nnommum no yɛ ade a ɛda nsow, na dɛn na ɛkyerɛ yɛn wɔ ne ho?

7 Hwɛ sɛnea Yehowa yɛ mmɔborohunufo sɛ ɔmaa Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no nyaa honhom fam abotɔyam a ɛte saa! Sɛ yɛkae Yudafo no abakɔsɛm a ɛyɛ amumɔyɛ ne atuatew no a, ɛma n’ayamhyehye no da nsow kɛse. Ɛnyɛ sɛ na wɔfata sɛ wonya Yehowa anim dom. Nanso, na odwontofo Dawid adi kan akyerɛw mfehaha bi sɛ: “Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne [Yehowa, NW], ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa.” (Dwom 103:8, 9) Sɛ́ anka Yehowa ne wɔn betwa abusuabɔ mu no, odii kan faa ɔkwan a na ɛbɛma wɔasiesie wɔn ntam so. Nokwarem no, ɔyɛ Onyankopɔn a ‘ɔpɛ adɔe.’—Mika 7:18.

Ahotoso a Ɛmfata

8. Ɛhe na na Yudafo no pii de wɔn ani ato, ɛmfa ho kɔkɔbɔ bɛn?

8 Ɛde besi saa bere yi no na Yudafo pii mfaa wɔn ho ntoo Yehowa nkwagye so koraa. Sɛ nhwɛso no, ansa na Yerusalem rehwe ase no, ne sodifo hwehwɛɛ mmoa fii aman a wɔyɛ den, Misraim ne Babilon, hɔ de guu wɔn ho fĩ. (Hesekiel 16:26-29; 23:14) Ntease wom sɛ Yeremia bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa so, na ɔde ɔhonam yɛ ne basa, na ne koma atwe afi [Yehowa, NW] ho!” (Yeremia 17:5) Nanso, saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn nkurɔfo yɛe!

9. Ɔkwan bɛn so na na ebetumi aba sɛ Yudafo no pii ‘rekari sika agye nea ɛnyɛ aduan’?

9 Afei na aman a wɔde wɔn ho too wɔn so no biako de wɔn ayɛ nkoa. So na wɔasua biribi afi mu? Ebetumi aba sɛ na wɔn mu pii nyɛɛ saa, efisɛ Yehowa bisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na mokari sika gye nea ɛnyɛ aduan, ne mo brɛ so ade gye nea ɛmmee mo?” (Yesaia 55:2a) Sɛ Yudafo a na wɔafa wɔn nnommum no de wɔn ho too obi foforo so sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so a, na ‘wɔrekari sika agye ade a ɛnyɛ aduan.’ Akyinnye biara nni ho sɛ bere a na Babilon wɔ nhyehyɛe a ɛne sɛ ennyae ne nnommum mma wɔnsan nkɔ wɔn kurom no, na wɔrennyaa wɔn. Nokwarem no, na Babilon a ɛpɛ ahempɔnsɛmdi, aguadi, ne atoro som no nni hwee a ɔde bɛma Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no.

10. (a) Sɛ Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no tie Yehowa a, ɔkwan bɛn so na na obetua wɔn ka? (b) Apam bɛn na na Yehowa ne Dawid ayɛ?

10 Yehowa srɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Múntie me ɛ, múnni nnepa, na sradeduan nyɛ mo kra dɛ. Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.” (Yesaia 55:2b, 3) Anidaso koro pɛ a na ɛwɔ hɔ ma saa nkurɔfo a honhom fam kɔm de wɔn yi no gyina Yehowa a saa bere yi ɔnam Yesaia so rekasa akyerɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ kwan so no so. Na wɔn nkwa ankasa gyina tie a na wobetie Onyankopɔn asɛm no so, efisɛ ɔkae sɛ sɛ wɔyɛ saa a, wɔn ‘kra benya nkwa.’ Nanso, dɛn ne “daa apam” a na Yehowa ne wɔn a wotie no no “bɛpam” no? Saa apam no ne “Dawid adɔeyɛde.” Mfehaha pii a atwam no, Yehowa hyɛɛ Dawid bɔ sɛ n’ahengua “besi pintinn akosi daa.” (2 Samuel 7:16) Enti, “daa apam” a wɔkaa ho asɛm wɔ ha no fa nniso ho.

Ɔdedifo a Ɔte Hɔ Daa a Ɔbɛtra Ahenni a Etim Hɔ Daa So

11. Dɛn nti na na nnommum a wɔwɔ Babilon no ani so no, na ebetumi ayɛ den sɛ wɔbɛhwɛ Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ Dawid no mmamu kwan?

11 Nokwarem no, na ebetumi ayɛ den ama Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no sɛ wɔbɛhwɛ Dawid aseni nniso no mmamu kwan. Na wɔahwere wɔn asase ne wɔn man mpo! Nanso na ɛno yɛ bere tiaa mu asɛm. Na Yehowa werɛ mfii n’apam a ɔne Dawid ayɛ no. Ɛmfa ho sɛ nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa Dawid aseni Ahenni a etim hɔ daa ho no ntumi mma mu no, na ɛbɛbam. Nanso, na ɛbɛba ɔkwan bɛn so ne bere bɛn? Wɔ afe 537 A.Y.B. no, Yehowa gyee ne nkurɔfo fii Babilon nnommumfa mu na ɔsan de wɔn kɔɔ wɔn asase so. So eyi de ahenni a etim hɔ daa bae? Dabi, wɔkɔɔ so yɛɛ abosonsomfo ahemman foforo, Medo-Persia, nkoa. Na amanaman “bere” a wɔde bedi ade no nnya nwiee du. (Luka 21:24) Bere a na ɔhene biara nni Israel no, na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Dawid no rennya mmamu kosi mfehaha pii akyi.

12. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so maa N’ahenni apam a ɔne Dawid yɛe no baa mu?

12 Bere a wogyee Israel fii Babilon nnommumfa mu akyi bɛboro mfirihyia 500 no, Yehowa yɛɛ ade titiriw bi a na ɛbɛma Ahenni apam no abam bere a oyii N’abakan, n’abɔde nyinaa mfiase no nkwa fii soro anuonyam mu bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria awotwaa mu no. (Kolosefo 1:15-17) Bere a Yehowa bɔfo reka asɛm yi akyerɛ Maria no, ɔkae sɛ: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:32, 33) Enti wɔwoo Yesu too Dawid adehye abusua mu na onyaa hokwan sɛ odi ade sɛ ɔhene. Sɛ wɔde Yesu si agua so a, obedi ade “akosi daa.” (Yesaia 9:7; Daniel 7:14) Enti afei de na hokwan abue sɛ ɔdedifo a ɔte hɔ daa ho bɔ a Yehowa hyɛɛ Dawid mfehaha pii a atwam no bɛbam.

‘Aman Mmarahyɛfo’

13. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ “aman dansefo” wɔ ne som adwuma no mu ne bere a ɔforo kɔɔ soro no akyi nyinaa?

13 Dɛn na na ɔhene a ɔbɛba daakye yi bɛyɛ? Yehowa kae sɛ: “Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.” (Yesaia 55:4) Bere a Yesu nyinii no, na ɔyɛ Yehowa nanmusifo wɔ asase so, Onyankopɔn dansefo ma amanaman. Wɔ n’asetra sɛ onipa mu no, ɔnam ne som adwuma no so hwehwɛɛ “Israel fi nguan a ayera no.” Nanso, aka kakraa bi ma Yesu aforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 10:5, 6; 15:24; 28:19, 20) Enti bere kɔɔ so no, wɔde Ahenni asɛm no kɔɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no nkyɛn, na wɔn mu bi nyaa apam a wɔne Dawid yɛe no mmamu mu kyɛfa. (Asomafo no Nnwuma 13:46) Wɔ saa kwan yi so no, bere a Yesu wui, ɔsɔree, na ɔforo kɔɔ soro akyi mpo no, ɔkɔɔ so yɛɛ Yehowa “aman dansefo.”

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne ho adi sɛ “safohene ne mmarahyɛfo”? (b) Anidaso bɛn na na Yesu akyidifo a wɔwɔ afeha a edi kan mu no wɔ?

14 Ná Yesu bɛyɛ “safohene ne mmarahyɛfo” nso. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, bere a na Yesu wɔ asase so no ogyee ne tiyɛ ho asɛyɛde ahorow no toom koraa dii anim ɔkwan biara so, twee dɔm pii dii n’akyi, kyerɛkyerɛɛ wɔn nokware no, na ɔnam so kyerɛɛ mfaso horow a wɔn a wodi n’akyi no benya. (Mateo 4:24; 7:28, 29; 11:5) Ɔtetee n’asuafo no yiye, siesiee wɔn ma wɔfaa asɛnka adwuma a na ɛda wɔn anim no too wɔn ho so. (Luka 10:1-12; Asomafo no Nnwuma 1:8; Kolosefo 1:23) Yesu de mfirihyia abiɛsa ne fã pɛ too amanaman ntam asafo a biakoyɛ wom a emufo yɛ mpempem pii na wofi mmusua pii mu no fapem! Obi a ɔyɛ “safohene ne mmarahyɛfo” ankasa nko ara na obetumi ayɛ adwuma kɛse a ɛte saa. *

15 Wɔde Onyankopɔn honhom kronkron sraa wɔn a wɔboaboaa wɔn ano baa afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no, na wonyaa anidaso sɛ wɔbɛka Yesu ho ne no adi ade wɔ ne soro Ahenni no mu. (Adiyisɛm 14:1) Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no kɔ akyiri sen tete Kristofo no bere so. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ Yesu Kristo amfi ase anni ade sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene besii afe 1914 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, tebea bi kɔɔ so wɔ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no mu, a na ɛne Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu nsɛm tebea pii di nsɛ. Nokwarem no, nea ɛtoo saa Kristofo no yɛɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu kɛse.

Ɛnnɛyi Nnommumfa ne Ahofadi

16. Amanehunu bɛn na edii agua so a wɔde Yesu sii wɔ afe 1914 mu no akyi?

16 Wiase amanehunu a na ebi mmaa da na ɛhyɛɛ agua so a wɔde Yesu sii sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu no agyirae. Dɛn ntia? Efisɛ bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene pɛ na otuu Satan ne ahonhommɔne afoforo fii soro. Satan baa asase so pɛ na ofii ase ko tiaa akronkronfo, Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo no. (Adiyisɛm 12:7-12, 17) Eduu ne mpɔmpɔn so wɔ afe 1918 mu, bere a ɛkame ayɛ sɛ wogyaee baguam asɛnka adwuma no koraa na wotwaa atoro too Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo a na asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no so sɛ wotutu ɔman ase, de wɔn guu afiase no. Saa kwan yi so na nnɛyi Yehowa asomfo nam kɔɔ honhom fam nnommumfa mu te sɛ honam fam nnommumfa mu a tete Yudafo no kɔe no. Ahohorabɔ kɛse baa wɔn so.

17. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no tebea sesae wɔ afe 1919 mu, na ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ wɔn den saa bere no?

17 Nanso, nnommumfa mu a Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn kɔe no ankyɛ. March 26, 1919 no, wogyaee mpanyimfo a wɔde wɔn guu afiase no, na akyiri yi woyii sobo a wɔbɔɔ wɔn no nyinaa fii wɔn so. Yehowa hwiee ne honhom kronkron guu ne nkurɔfo a na wɔanya ahofadi no so, hyɛɛ wɔn den maa adwuma a na ɛda wɔn anim no. Wɔde anigye gyee nsa a wɔto frɛɛ wɔn sɛ ‘wommegye nkwa nsu no kwa’ no so. (Adiyisɛm 22:17) Wɔtɔɔ ‘nsã ne nufusu a ɛnyɛ sika na wɔde tɔ,’ na wɔhyɛɛ wɔn den honhom fam maa ntrɛwmu adwuma a na ɛreba no, adwuma a na nkaefo a wɔasra wɔn no nhu nsiei no.

Nnipakuw Kɛse Bi Guan Kɔ Wɔn a Onyankopɔn Asra Wɔn Nkyɛn

18. Akuw abien bɛn na yehu wɔn wɔ Yesu Kristo asuafo mu, na wɔayɛ kuw bɛn nnɛ?

18 Yesu asuafo hwɛ anidaso ahorow abien mu biako kwan. Nea edi kan no, wɔaboaboa “kuw ketewa” a wɔn dodow si 144,000 ano—Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wɔyɛ “Nyankopɔn Israel” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no. (Luka 12:32; Galatifo 6:16; Adiyisɛm 14:1) Nea ɛto so abien no, wɔ nna a edi akyiri mu no, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no ada wɔn ho adi. Saafo yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Ansa na ahohia kɛse no befi ase no, saa nnipadɔm yi—a wɔnkyerɛɛ wɔn dodow no—ne kuw ketewa no mufo som, na akuw abien no nyinaa mufo yɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako” ase.—Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16.

19. Ɔkwan bɛn so na “ɔman” a na Nyankopɔn Israel no nnim wɔn no gyee saa honhom fam man no frɛ so?

19 Yebetumi ahu saa nnipakuw kɛse yi anoboaboa no afi Yesaia nkɔmhyɛ a edi hɔ yi mu: “Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn aba, na ɔman a wonnim wo no de mmirika bɛba wo nkyɛn, [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn nti, ne Israel kronkronni no nti, efisɛ wahyɛ wo anuonyam.” (Yesaia 55:5) Bere a woyii nkaefo a wɔasra wɔn no fii honhom fam nnommumfa mu akyi mfe bi no, na wɔntee ase sɛ wobedi akoten afrɛ “ɔman” kɛse bi aba Yehowa som mu ansa na Harmagedon aba. Nanso, bere a bere kɔɔ so no, nnipa komapafo pii a na wonni ɔsoro anidaso fii ase ne wɔn a wɔasra wɔn no bɔe, na wɔde nsiyɛ som Yehowa te sɛ wɔn a wɔasra wɔn no. Saafo a na wɔyɛ foforo yi huu Onyankopɔn nkurɔfo tebea a anuonyam wom no, na wohui sɛ Yehowa ne wɔn na ɛte. (Sakaria 8:23) Wɔ 1930 mfe no mu no, wɔn a wɔasra wɔn no bɛtee nnipa ko a saa kuw yi mufo a na wɔredɔɔso wɔ wɔn mu no yɛ no ase. Wobehui sɛ na anoboaboa adwuma kɛse bi da wɔn anim. Na nnipakuw kɛse no de mmirika de adwempa reba Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no nkyɛn.

20. (a) Yɛn bere yi so no, dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛhwehwɛ Yehowa,’ na ɔkwan bɛn so na yɛyɛ eyi? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛyɛ n’ade wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no no ho?

20 Wɔ Yesaia bere so no, ɔfrɛe sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, “NW”], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.” (Yesaia 55:6) Yɛn bere yi so no, saa nsɛm yi fata ma Nyankopɔn Israel no mufo ne nnipakuw kɛse no mufo a wɔredɔɔso no nyinaa. Yennya Yehowa nhyira kwa, na saa ara nso na ɔrenkɔ so nto nsa mfrɛ daa. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn anim dom. Sɛ Yehowa atemmu bere no du a, ɛbɛyɛ nea aka akyi dodo. Enti, Yesaia kae sɛ: “Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa, “NW”] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Yesaia 55:7.

21. Ɔkwan bɛn so na Israel man anni nokware wɔ asɛm a wɔn agyanom kae no ho?

21 Asɛm ‘ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn’ no kyerɛ sɛ na wɔn a ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene no ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ bere bi. Asɛm no kae yɛn sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi mu nneɛma pii nyaa ne mmamu a edi kan wɔ Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no so. Mfehaha pii a atwam no, na saa nnommum yi agyanom aka sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ osetie ama Yehowa bere a wɔkae sɛ: “Eyi mpare yɛn sɛ yebegyaw [Yehowa, NW] akɔsom anyame foforo” no. (Yosua 24:16) Abakɔsɛm da no adi sɛ ‘ampare’ wɔn—na mpɛn pii na ampare wɔn! Gyidi a na Onyankopɔn nkurɔfo no nni nti na wɔkɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no.

22. Dɛn nti na Yehowa kae sɛ n’adwene ne n’akwan korɔn sen nnipa de?

22 Sɛ wɔsakra wɔn adwene a, dɛn na na ɛbɛba? Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ bɔ sɛ ne firi a “ɔde befiri dɔɔso.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ́ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, [Yehowa, “NW”] asɛm ni; na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.” (Yesaia 55:8, 9) Yehowa yɛ pɛ, na n’adwene ne n’akwan korɔn. Ne mmɔborohunu mu dɔ, na nnipa ntumi nhwɛ kwan sɛ yebedu ho da. Susuw eyi ho hwɛ: Sɛ yɛde firi yɛn yɔnko nipa a, ɛyɛ ɔbɔnefo a ɔde refiri ɔbɔnefo. Yehu sɛ ɛrenkyɛ na ɛho abehia sɛ yɛn yɔnko nipa bi de firi yɛn. (Mateo 6:12) Nanso, Yehowa a enhia sɛ yɛde biribi firi no da no, “firi a ɔde firi dɔɔso”! Nokwarem no, ɔyɛ Onyankopɔn a n’adɔe dɔɔso. Na Yehowa fi ne mmɔborohunu mu bue ɔsoro mfɛnsere, hwie nhyira gu wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu san ba ne nkyɛn no so.—Malaki 3:10.

Nhyira a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔresan Aba Yehowa Nkyɛn No

23. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ n’asɛm a ɛbɛbam ɔkwan biara so no ho mfatoho?

23 Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ: “Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:10, 11) Biribiara a Yehowa ka no bɛbam ɔkwan biara so. Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na edi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛfɔw asase ma asow aba ho dwuma no, saa ara na yebetumi de yɛn ho ato asɛm a efi Yehowa anom ba no so koraa. Nea ɔhyɛ ho bɔ no, ɔbɛma abam—ɛbɛbam koraa a ɛnka bi.—Numeri 23:19.

24, 25. Nhyira bɛn na na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu a wɔyɛɛ Yehowa asɛm a ɔnam Yesaia so kae ho biribi no benya?

24 Enti, sɛ Yudafo no tie nkɔmhyɛ nsɛm a wɔnam Yesaia so kae no a, akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn nsa bɛka Yehowa nkwagye a wahyɛ ho bɔ no. Ne saa nti na wobenya anigye kɛse. Yehowa kae sɛ: “Anigye na mode befi akɔ, na wɔde asomdwoe agya mo kwan; mo nti mmepɔw ne nkoko bɛto anigye dwom, na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam. Ɔpopaw befifi asi nsɔe ananmu, na ohuannua befifi asi akraate ananmu; na ɛbɛyɛ din ama [Yehowa, “NW”] ne daa sɛnkyerɛnne a wɔrentwa nkyene.”—Yesaia 55:12, 13.

25 Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no fii Babilon kɔe ankasa. (Dwom 126:1, 2) Bere a woduu Yerusalem no, wohui sɛ nsɔe dɔtɔ ne sasono a ɛhyehyew ahyɛ hɔ ma—kae sɛ na asase no ada mpan mfe dudu pii. Nanso, na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasan de wɔn aba no betumi aboa ma wɔayɛ nsakrae a ɛyɛ anigye afei! Nnua atenten te sɛ ɔpopaw ne ohuannua besii nsɔe ne akraate ananmu. Bere a Yehowa nkurɔfo de “anigye” som no no, wohuu ne nhyira ntɛm ara. Ná ɛte sɛ nea asase no ankasa redi ahurusi.

26. Tebea a ɛyɛ anigye bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo wom nnɛ?

26 Wɔ afe 1919 mu no, wogyee Kristofo a wɔasra wɔn mu nkaefo no fii honhom fam nnommumfa mu. (Yesaia 66:8) Ɛnnɛ wɔne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no nyinaa resom Onyankopɔn anigye so wɔ honhom fam paradise mu. Esiane sɛ Babilon nkɛntɛnso nkekae biara nni wɔn ho nti, wɔwɔ ɔdom mu, na abɛyɛ “din” ama Yehowa. Wɔn honhom fam nkɔso no hyɛ ne din anuonyam na ɛma no so sɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nokware nkɔm. Nea Yehowa ayɛ ama wɔn no da ne Nyamesu adi, na ɛyɛ n’asɛm a odi so no ne ne mmɔborohunu a ɔda no adi kyerɛ wɔn a wɔasakra wɔn adwene no ho adanse. Ɛmmra sɛ wɔn a wɔkɔ so ‘tɔ nsã ne nufusu a ɛnyɛ́ sika na wɔde tɔ’ no nyinaa ani begye na wɔasom no daa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Wɔahu Yudafo din pii wɔ tete Babilonfo aguadi kyerɛwtohɔ mu.

^ nky. 14 Yesu da so hwɛ asuafoyɛ adwuma no so. (Adiyisɛm 14:14-16) Ɛnnɛ, Kristofo mmarima ne mmea bu Yesu sɛ asafo no Ti. (1 Korintofo 11:3) Na Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, Yesu bɛyɛ n’ade sɛ “safohene ne mmarahyɛfo” wɔ ɔkwan foforo so, bere a obedi anim ako ɔko a etwa biribiara so atia Onyankopɔn atamfo wɔ Harmagedon no.—Adiyisɛm 19:19-21.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 234]

Wɔtoo nsa frɛɛ Yudafo a na honhom fam sukɔm de wɔn no sɛ ‘wɔmmra nsu ho’ na ‘wɔmmɛtɔ nsã ne nufusu’

[Mfonini wɔ kratafa 239]

Yesu daa ne ho adi sɛ ɔyɛ “safohene ne mmarahyɛfo” ma amanaman

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 244, 245]

“Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan”