Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei

Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei

Ti Awotwe

Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei

Yesaia 47:1-15

1, 2. (a) Dɛn nti na wɔ ebinom fam no, ɛte sɛ nea nsakrae titiriw biara ntumi mma wiase nyamesom mu nnansa yi ara? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 47 benya ne mmamu daakye? (d) Dɛn nti na edin “Babilon Kɛse” fata atoro som nyinaa?

“NYAMESOM Asɔre Bio.” Ɛno na The New York Times Magazine mu asɛm bi de too gua. Asɛm no kyerɛe sɛ ɛte sɛ nea nyamesom da so wɔ nnipa ɔpepem pii koma ne wɔn adwene so tumi denneennen. Enti ebetumi ayɛ den sɛ yebegye adi sɛ nsakrae kɛse bi rebɛba wiase nyamesom so. Nanso, wɔada nsakrae a ɛte saa adi wɔ Yesaia ti 47.

2 Yesaia nsɛm no nyaa ne mmamu wɔ mfirihyia 2,500 a atwam no mu. Nanso, wɔfa nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 47:8 no ka asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu, na ɛkyerɛ sɛ ebenya ne mmamu daakye. Wɔ hɔ no, Bible no ka ahyehyɛde bi a ɛte sɛ aguaman a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse”—a ɛyɛ wiase atoro som ahemman, awiei ho asɛm sie. (Adiyisɛm 16:19) Edin “Babilon” a wɔde frɛ wiase atoro som no yɛ nea ɛfata, efisɛ ɛyɛ tete Babilon na atoro som nyaa ne mfiase. Efi hɔ na ɛtrɛw kɔɔ asase afanan nyinaa. (Genesis 11:1-9) Ɛkame ayɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ a efii ase wɔ Babilon, te sɛ ɔkra a enwu da, hellgya, ne nyame baasakoro som no, wɔ ɔsom ahorow nyinaa, a Kristoman ka ho, mu. * So Yesaia nkɔmhyɛ no ka nyamesom daakye ho biribi?

Wɔabrɛ Babilon Ase Kɔ Mfutuma Mu

3. Ka Babilon Wiase Tumidi no kɛseyɛ ho asɛm.

3 Tie asɛm a Onyankopɔn ka yi: “Sian, na tra mfutuma mu, ababaa, Babel babea, tra fam, ahengua bi nni hɔ, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio.” (Yesaia 47:1) Babilon adi ade sɛ tumi a edi wiase nyinaa so mfirihyia pii ni. Wayɛ “ahenni mu kunini”—nyamesom, aguadi, ne sraadi kurow a edi yiye. (Yesaia 13:19) Bere a Babilon sii so paa no, n’ahemman no trɛw kɔɔ anafo fam koduu Misraim hye so. Na bere a wodi Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, ɛte sɛ nea Onyankopɔn ankasa ntumi nsiw ne nkonimdifo no kwan! Enti, obu ne ho sɛ “ababaa,” obi a ananafo ntua remma no so da. *

4. Dɛn na ɛbɛba Babilon so?

4 Nanso, wɔrebetu “ababaa” ɔhantanfo yi afi n’ahenni so sɛ wiase nyinaa tumi, na wama ‘watra mfutuma mu’ wɔ animguase mu. (Yesaia 26:5) Wɔremmu no “ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho,” te sɛ ɔhemmaa a wɔkorɔkorɔ no bio. Enti Yehowa hyɛ sɛ: “Fa owiyammo ne ne ba kɔyam awi, yi wo nkataanim, ma wo gyawurusi so, yiyi w’asrɛ, twitwa asu.” (Yesaia 47:2) Bere a Babilon ayɛ Yuda man nyinaa nkoa awie no, afei wɔbɛyɛ ɔno ankasa nso afenaa! Mediafo ne Persiafo a wobetu no afi ne tumidi so no bɛhyɛ no ma wayɛ adwuma ama wɔn.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na wobeyi Babilon ‘nkataanim ne ne gyawurusi’ afi ne ho? (b) Ahyɛde a ɛne sɛ ‘ontwitwa asu’ no bɛkyerɛ dɛn?

5 Enti wobeyi Babilon ‘nkataanim ne gyawurusi,’ na wahwere ne kan kɛseyɛ ne nidi biara. Wɔn a wɔkyerɛ no adwuma no bɛhyɛ no sɛ “twitwa asu.” Ebia wɔbɛhyɛ Babilonfo no bi ma wɔafi adi akɔyɛ nkoa adwuma. Anaasɛ nkɔmhyɛ no betumi akyerɛ sɛ wɔde ebinom betwa nsubɔnten ankasa bere a wɔde wɔn rekɔ nnommumfa mu no. Sɛnea ɛte biara no, wɔremfa Babilon ntu kwan ntwa nsu bio sɛ ɔhemmaa kokuroo a wɔsoa no akongua anaa apakan mu. Mmom no, ɔbɛyɛ sɛ afenaa a ɛsɛ sɛ ogyae afɛfɛsɛm di, na ɔma ne gyawurusi so ma ne nan ho da hɔ, na ama watumi anantew atwa asu. Animguase bɛn ara ni!

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Babilon adagyaw bɛda adi? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘renhyia onipa biara ayamye so’? (Hwɛ NW ase hɔ asɛm no.)

6 Yehowa toa n’ahohorabɔ no so sɛ: “W’adagyaw bɛda adi, na wɔahu w’ahohora, [merenhyia onipa biara ayamye so, “NW”].” (Yesaia 47:3) * Yiw, Babilon anim begu ase na wɔabɔ no ahohora. Wɔbɛda amumɔyɛsɛm ne atirimɔdenne a ɔde yɛ Onyankopɔn nkurɔfo no adi pefee. Onipa biara nni hɔ a obetumi asiw Onyankopɔn aweredi kwan!

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yudafo nnommum no bɛyɛ wɔn ade wɔ Babilon asehwe no ho asɛm a wɔbɛte no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa begye ne nkurɔfo?

7 Bere a Onyankopɔn nkurɔfo atra nnommumfa mu wɔ Babilon kokuroko mu mfirihyia 70 no, wobedi n’asehwe ho ahurusi kɛse. Wɔbɛteɛm sɛ: “Yɛn dimafo no, asafo [Yehowa, “NW”] ne ne din, Israel kronkronni no.” (Yesaia 47:4) Wɔ Mose Mmara ase no, sɛ na Israelni bi tɔn ne ho kɔ nkoasom mu de tua ne ho ka bi a, na ogyefo (obusuani) bi tumi tɔ no fi nkoasom no mu. (Leviticus 25:47-54) Esiane sɛ na wɔatɔn Yudafo no kɔ nkoasom mu wɔ Babilon nti, na ebehia sɛ wogye wɔn, anaa wɔma wɔn ahofadi. Wɔ nkoa fam no, nea nkonim a wobedi no kyerɛ ara ne awuranom foforo ase a wɔbɛkɔ akɔhyɛ. Nanso, Yehowa bɛkanyan Ɔhene Kores nkonimdifo no ma wayi Yudafo no afi nkoasom mu. Wɔde Misraim, Etiopia, ne Seba bɛma Kores sɛ “agyede” de asi Yudafo no ananmu. (Yesaia 43:3) Ɛfata sɛ wɔfrɛ Israel Gyefo no ‘asafo Yehowa.’ Sɛ wɔde Babilon asraafo a ɛte sɛ nea wɔyɛ den no toto Yehowa abɔfo dɔm a aniwa nhu wɔn no ho a, wɔyɛ ketewaa bi.

Atirimɔdensɛm so Akatua

8. Ɔkwan bɛn so na Babilon ‘bɛkɔ sum mu’?

8 Yehowa san fi nkɔmhyɛ nsɛm a ɔka tia Babilon no ase: “Tra ase dinn, na kɔ sum mu, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ahenni horow no awuraa bio.” (Yesaia 47:5) Esum ne awerɛhow nkutoo na ɛbɛto Babilon. Ɔrenni ahenni ahorow so atirimɔden so sɛ awuraa bio.—Yesaia 14:4.

9. Dɛn nti na Yehowa bo fuw Yudafo no?

9 Dɛn nti koraa na wɔma Babilon yɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɔne? Yehowa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me bo fuw me man, mihuraa m’agyapade ho, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa.” (Yesaia 47:6a) Yehowa wɔ nea enti a ne bo fuw Yudafo no. Odii kan bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ wɔyɛ asoɔden wɔ ne Mmara ho a wobetu wɔn afi asase no so. (Deuteronomium 28:64) Bere a wɔde wɔn ho hyɛɛ abosonsom ne ɔbrasɛe mu no, Yehowa fi ɔdɔ mu somaa adiyifo ma wɔkɔboaa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan de wɔn ho ahyɛ nokware som mu. Nanso, “wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa, NW] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.” (2 Beresosɛm 36:16) Enti Onyankopɔn ma wogu n’agyapade, Yuda, ho fĩ bere a Babilon tu asase no so sa na wogu N’asɔrefie kronkron no ho fĩ no.—Dwom 79:1; Hesekiel 24:21.

10, 11. Dɛn nti na Yehowa bo fuw Babilon, ɛwom mpo sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ odi ne nkurɔfo no so nkonim de?

10 Ne saa nti, so ɛnyɛ Onyankopɔn apɛde na Babilon reyɛ bere a ɔma Yudafo yɛ ne nkoa no? Dabi, efisɛ Onyankopɔn ka sɛ: “Woanyi ayamhyehye ankyerɛ wɔn, akwakoraa so po womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo; na wokae sɛ: Mɛyɛ awuraa akosi daa. Na amma woamfa eyinom anhyɛ wo komam, woankae n’awiei.” (Yesaia 47:6b, 7) Onyankopɔn anhyɛ Babilon sɛ ɔnyɛ amumɔyɛde saa, bere a wamma ‘mpanyin mpo annya wɔn anim dom’ no. (Kwadwom 4:16; 5:12) Saa ara nso na wanhyɛ wɔn sɛ wonni Yudafo a wɔde wɔn ayɛ nkoa no ho fɛw mfa nnye wɔn ani.—Dwom 137:3.

11 Babilon nhu sɛ di a wodi Yudafo so no yɛ bere tiaa mu adeyɛ. Wabu n’ani agu kɔkɔbɔ ahorow a Yesaia de mae sɛ, bere bi akyi no, Yehowa begye ne nkurɔfo no so. Ɔyɛ n’ade te sɛ nea ɔwɔ hokwan sɛ odi Yudafo no so daa, na ɔbɛkɔ so ayɛ awuraa wɔ aman a wɔhyɛ n’ase no so daa. Ontie asɛm a ɛne sɛ ne nniso a ɔhyɛ wom no bɛba ‘awiei’ no!

Wɔka Babilon Asehwe Ho Asɛm Sie

12. Dɛn nti na wɔfrɛ Babilon ‘ɔbea ɔhodomfo’?

12 Yehowa ka sɛ: “Afei tie eyi ɛ, [ɔbea] ɔhodomfo a [wote ahobammɔ mu, “NW”], wo a wuse wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio, merentra kuna mu, na merenni mmasigyaw.” (Yesaia 47:8) Wonim no yiye sɛ Babilon pɛ anigyede. Afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus ka Babilonfo “amanne a ɛyɛ aniwu sen biara” a ɛne sɛ, wɔhwehwɛ sɛ mmea nyinaa si tuutuu de som wɔn dɔ nyamewa no ho asɛm. Tete abakɔsɛm kyerɛwfo Curtius nso kae sɛ: “Nneyɛe a ɛyɛ fĩ biara nni hɔ a ɛte sɛ nea na wɔyɛ wɔ kurow no mu no; ɔbrasɛe biara nni hɔ a ebetumi akanyan afoforo adaadaa wɔn kɛse ma wɔde wɔn ho ahyɛ ahohwibra mu sɛ wɔn de no.”

13. Ɔkwan bɛn so na anigyede a Babilon di akyi no bɛma n’asehwe aba ntɛm?

13 Babilon ho a ɔde to anigyede so no bɛma n’asehwe aba ntɛm. Ne hene ne n’abirɛmpɔn bɛtow pon anom nsa ayɛ tebɔɔ anwummere a wɔbɛsɛe no no. Enti, wɔrentie Mediafo ne Persiafo a wɔrebetu kurow no so sa no ho asɛm no. (Daniel 5:1-4) Esiane sɛ Babilon ‘te ahobammɔ mu’ nti, obesusuw sɛ n’afasu ne ne nsuka kɛse a ɛte sɛ nea wontumi nni so no bɛbɔ ne ho ban afi ntua no ho. Ɔka ne komam sɛ “obi nni akyiri bio” a obetumi abesi n’ananmu wɔ ne kɛseyɛ mu. Onnye nni sɛ obetumi abɛyɛ ‘okunafo,’ a ɔbɛhwere ne hene ne ne ‘mma,’ anaa ne manfo. Nanso, ɔfasu biara nni hɔ a ebetumi abɔ ne ho ban afi Yehowa Nyankopɔn aweredi basa no ho! Yehowa bɛka no akyiri yi sɛ: “Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro po, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den dɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefo befi aba no so.”—Yeremia 51:53.

14. Akwan bɛn so na Babilon bedi ‘mmasigyaw na wayɛ okunafo’?

14 Dɛn na ɛbɛto Babilon? Yehowa toa so sɛ: “Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso, da koro, mmasigyaw ne kunayɛ; ɛbɛba wo so ma adu pɛ, wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere a ano yɛ den no ara mu.” (Yesaia 47:9) Yiw, Babilon kɛseyɛ sɛ wiase tumi no bɛba awiei mpofirim. Wɔ tete Apuei fam nsase so no, asiane a ɛsen biara a na ebetumi ato ɔbea ne sɛ ɔbɛyɛ okunafo na wahwere ne mma. Yennim ‘mma’ dodow a Babilon hwere wɔn anadwo a ɔhwe ase no. * Nanso, wɔ bere a ɛsɛ mu no, kurow no bɛyɛ amamfõ koraa. (Yeremia 51:29) Ɔbɛyɛ kuna nso efisɛ wobetu n’ahemfo.

15. Wɔ atirimɔdenne a Babilon de yɛɛ Yehowa nkurɔfo akyi no, dɛn bio na ɛmaa Yehowa bo fuw no?

15 Nanso, ɛnyɛ sɛnea Babilon yɛ Yudafo no basabasa no nko nti na Yehowa bo fuw. ‘Ne ntafowayi dodow’ no nso hyɛ no abufuw. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no kasa tia ahonhonsɛmdi; nanso Babilon di ahonhonsɛm akyi denneennen. (Deuteronomium 18:10-12; Hesekiel 21:21) Social Life Among the Assyrians and Babylonians nhoma no ka sɛ ‘adaemone dɔm a na Babilonfo susuw sɛ atwa wɔn ho ahyia no yii wɔn hu bere nyinaa.’

Ne Ho a Ɔde To Bɔne So

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Babilon ‘de ne ho to ne bɔne so’? (b) Dɛn nti na Babilon ntumi nkwati n’awiei a ɛreba no?

16 So Babilon akɔmfo begye no? Yehowa bua sɛ: “Wode wo ho too wo bɔne so kae sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, na wokae wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio.” (Yesaia 47:10) Babilon susuw sɛ ɔnam wiase ne ɔsom mu nyansa a ɔwɔ, n’asraafo ahoɔden, ne n’anifere kwan so atirimɔden so betumi akɔ so akura ne dibea sɛ wiase tumi no mu. Osusuw sɛ obiara ntumi “nhu” no, kyerɛ sɛ, obiara ntumi nyɛ no hwee wɔ ne nneyɛe bɔne no ho. Saa ara na ɔnhwɛ kwan sɛ obi ne no bedi apere anim-anim yi ara. Ɔka wɔ ne tirim sɛ “me ara ni, na obi nni akyiri bio.”

17 Nanso, Yehowa nam ne diyifo foforo so bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa?” (Yeremia 23:24; Hebrifo 4:13) Enti Yehowa ka sɛ: “Mmusu bɛto wo a [wo kaberɛkyere mma wunhu, “NW”] yi; na abu bebu wo a worentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛe bɛba wo so, worenni no hukan.” (Yesaia 47:11) Babilon anyame anaa ntafowayi “kaberɛkyere” a n’ahonhonsɛmdifo yɛ no rentumi mpata mmusu a ɛreba no—ade a na ebi mmaa ne so saa da!

Babilon Agyinatufo Di No Huammɔ

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Babilon ho a ɔde to n’agyinatufo so no bɛyɛ ɔhaw?

18 Yehowa nam kasatwiw a ɛyɛ yaw so hyɛ sɛ: “Sɔre gyina ɛ, fa wo kaberɛkyere ne wo ntafowayi dodow a wufi wo mmofraase brɛɛ mu no, ebia wubetumi de ayɛ biribi, ebia wode beyi hu.” (Yesaia 47:12) Wɔka kyerɛ Babilon sɛ ‘ɔnsɔre nnyina,’ anaa ɔnkɔ so mfa ne ho nto ntafowayi so a ɔnsakra. Anyɛ yiye koraa no, sɛ́ ɔman no, ofi ne “mmofraase” na ayere ne ho adi ahonhonsɛm akyi.

19 Nanso, Yehowa di ne ho fɛw ka sɛ: “Woabrɛ w’agyinatu pii no mu: ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wonnye wo nkwa, [wɔn a wɔsom ɔsoro, “NW”] no, nsorommahwɛfo a ɔsram foforo daa wɔkyerɛ nneɛma a ɛbɛba wo so no.” (Yesaia 47:13) * Babilon agyinatufo bedi no huammɔ. Nokwarem no, na Babilon de mfehaha pii na ahwɛ nsoromma mu ahyehyɛ ne nsoromma mu ahwɛfo no. Nanso, anadwo a ɔhwe ase no, huammɔ a ne nsoromma mu ahwɛfo bedi no no bɛma ada adi sɛ mfaso biara nni adebisa so.—Daniel 5:7, 8.

20. Amanehunu bɛn na ɛbɛba Babilon agyinatufo no so?

20 Yehowa de nkɔmhyɛ fã yi ba awiei sɛ: “Hwɛ, wɔayɛ sɛ sareguanguan, ogya ahyew wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfi gyaframa nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtra ho. Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama wo; wɔn a wo ne wɔn adi gua fi wo mmofraase no, wɔbɛyera akokɔ wɔn fam; obiara nni hɔ a obegye wo.” (Yesaia 47:14, 15) Yiw, mmere a emu yɛ den reba saa atoro agyinatufo yi so. Ɛrenyɛ ahomeka sɛ ogya a nnipa tumi tra ho to no, na mmom, ogya a ɛsɛe ade a ɛbɛma atoro agyinatufo no ayɛ sɛ sare a aguan a mfaso nni so. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ ehu ka Babilon agyinatufo ma woguan! Sɛ Babilon boafo a odi akyiri guan a, obiara nni hɔ a obegye no. Amanehunu a anka ɔde bɛba Yerusalem so no bɛba no so.—Yeremia 11:12.

21. Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm no nya ne mmamu?

21 Saa nsɛm a efi honhom mu yi fi ase bam wɔ afe 539 A.Y.B. mu. Mediafo ne Persiafo asraafo a Kores da wɔn ano ko fa kurow no, kum ne hene a ɔte agua so, Belsasar. (Daniel 5:1-4, 30) Anadwo biako pɛ no wotu Babilon fi ne dibea sɛ wiase tumi no so. Enti Sem asefo tumidi ba awiei, na afei wiase no ba Aryanfo tumi ase. Babilon ankasa kɔ fam mfehaha pii. Ebeduu afeha a ɛto so anan Y.B. mu no na ayɛ ‘abo akuwakuw.’ (Yeremia 51:37) Enti Yesaia nkɔmhyɛ no bam koraa.

Ɛnnɛyi Babilon

22. Ahantan ho asuade bɛn na Babilon asehwe no kyerɛkyerɛ yɛn?

22 Yesaia nkɔmhyɛ no ma nokware Kristofo nya nneɛma pii susuw ho nnɛ. Ade biako ne sɛ, ɛma yehu asiane a ɛwɔ ahantan ne ahomaso mu. Babilon a ɛyɛ ahantan no asehwe no ma Bible mu bɛ yi mu da hɔ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” (Mmebusɛm 16:18) Ɛtɔ mmere bi a ahantan nya yɛn suban a ɛnyɛ pɛ no so nkɛntɛnso, nanso sɛ ‘ahantan ma yɛhoman’ a, ebetumi de yɛn akɔ “ahohora ne ɔbonsam afiri mu.” (1 Timoteo 3:6, 7) Enti, nyansa wom sɛ yebetie Yakobo afotu yi: “Mommrɛ mo ho ase [Yehowa, NW] anim, na ɔbɛma mo so.”—Yakobo 4:10.

23. Ahotoso bɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no boa yɛn ma yenya?

23 Saa nkɔmhyɛ nsɛm yi nso boa yɛn ma yenya Yehowa a ɔwɔ tumi sen wɔn a wɔsɔre tia no nyinaa no mu ahotoso. (Dwom 24:8; 34:7; 50:15; 91:14, 15) Eyi yɛ nkaesɛm a awerɛkyekye wom wɔ saa nna a emu yɛ den yi mu. Yehowa mu ahotoso a yebenya hyɛ yɛn bo a yesi sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ pɛ wɔ n’ani so no mu den, a yenim sɛ “onipa a ɔyɛ pɛ no awiei bɛyɛ asomdwoe.” (Dwom 37:37, 38) Ɛyɛ nea nyansa wom bere nyinaa sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so na yɛmfa yɛn ho nto yɛn ankasa ahoɔden so bere a yehyia Satan “nnɛɛdɛe” no.—Efesofo 6:10-13.

24, 25. (a) Dɛn nti na nyansa nni nsoromma mu hwɛ mu, nanso dɛn nti na nnipa pii de wɔn ho hyɛ mu? (b) Nneɛma a enti Kristofo kwati ahonhonsɛmdi no bi ne dɛn?

24 Nea ɛho hia no, wɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahonhonsɛmdi ho, ne titiriw, nsoromma mu hwɛ. (Galatifo 5:20, 21) Bere a Babilon hwee ase no, nsoromma mu hwɛ kɔɔ so nyaa nkurɔfo so nkɛntɛnso. Nea ɛyɛ nwonwa no, Great Cities of the Ancient World nhoma no ka sɛ nsoromma akuwakuw a Babilonfo hyehyɛe no “afi” mmeae a na egyina tete no, “na ama [nsoromma mu hwɛ] ho adwene nyinaa abɛyɛ nea ntease nnim.” Ne nyinaa akyi no, “ɛmfa ho sɛ nsoromma mu hwɛ nni nnyinaso pa biara no, nkurɔfo da so di akyiri.” Nsoromma mu hwɛ kɔ so nya nkɔso, na nsoromma ho nsɛm ba atesɛm nkrataa pii mu ma nkurɔfo kenkan.

25 Dɛn na ɛma nkurɔfo—a wɔn mu pii yɛ nhomanimfo—hwɛ nsoromma mu anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi foforo a nyansa nnim mu? The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ahonhonsɛmdi betumi ayɛ asetra fã bere tenten a nkurɔfo suro wɔn ho wɔn ho na wɔn adwene nsi wɔn pi wɔ daakye ho no.” Ehu ne adwenem naayɛ ma nkurɔfo de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu. Nanso, Kristofo kwati ahonhonsɛmdi. Wonsuro onipa—Yehowa ne wɔn boafo. (Dwom 6:4-10) Na wɔn adwenem nyɛ wɔn nãã wɔ daakye ho; wonim Yehowa atirimpɔw ahorow a wada no adi na wogye di yiye sɛ “[Yehowa, NW] agyina de, egyina hɔ daa.” (Dwom 33:11) Yɛn asetra a yɛbɛma ɛne Yehowa agyina ahyia bɛma yɛanya nkwa tenten a ɛyɛ anigye.

26. Ɔkwan bɛn so na ‘anyansafo nsusuwii’ ayɛ “hunu”?

26 Nnansa yi, ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa “nyansahu” akwan pii so ahu nea ɛbɛba daakye. Nhyehyɛe bi mpo wɔ hɔ a wɔfrɛ no daakye ho nimdeɛ a wɔkyerɛ ase sɛ “adesua a ɛfa nneɛma a ebesisi daakye ho a wogyina nsɛm tebea a ɛwɔ hɔ so na ɛkyerɛ.” Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1972 mu no, nhomanimfo kuw ne nnwumayɛfo a wɔfrɛ wɔn Club of Rome ka siei sɛ ebedu afe 1992 no na wiase sika kɔkɔɔ, dwetɛ nsu, zinc ne pɛtro asa. Ɛwom sɛ efi afe 1972 reba no wiase ahyia ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu de, nanso saa nsɛm a wɔka siei no amma mu ɔkwan biara so. Sika kɔkɔɔ, dwetɛ nsu, zinc, ne pɛtro pii da so wɔ asase mu. Nokwarem no, onipa abrɛ ne ho abɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ nneɛma a ɛbɛba daakye, nanso ne tirim a ɔbɔ yɛ nea wontumi mfa ho nto so. Nokwarem no, ‘anyansafo nsusuwii yɛ hunu.’—1 Korintofo 3:20.

Babilon Kɛse Awiei a Ɛreba

27. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse no hwee ase te sɛ nea ɛbaa Babilon so wɔ afe 539 A.Y.B. mu no?

27 Ɛnnɛyi nyamesom ahorow akɔ so akyerɛkyerɛ tete Babilon nkyerɛkyerɛ pii. Enti ɛfata sɛ wɔfrɛ wiase atoro som no Babilon Kɛse. (Adiyisɛm 17:5) Saa amanaman ntam nyamesom ahyehyɛde no ahwe ase dedaw te sɛ tete Babilon asehwe a ɛbae wɔ afe 539 A.Y.B. mu no ara pɛ. (Adiyisɛm 14:8; 18:2) Afe 1919 mu no, Kristo nuanom nkaefo no fii honhom fam nnommumfa mu na wɔade wɔn ho afi Kristoman, Babilon Kɛse no fã titiriw no nkɛntɛnso ase. Efi saa bere no, Kristoman ahwere nkɛntɛnso kɛse wɔ nsase pii so, baabi a na anka ɛyɛ den bere bi no.

28. Babilon Kɛse no hoahoa ne ho dɛn, nanso dɛn na ɛreba no so?

28 Nanso, saa asehwe no yɛɛ ade a edii atoro som sɛe koraa no kan kɛkɛ. Nea ɛyɛ nwonwa no, Babilon Kɛse no sɛe ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm no kae yɛn nkɔmhyɛ nsɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 47:8, 9 no. Te sɛ Babilon no, nnɛyi Babilon Kɛse no ka sɛ: “Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da.” Nanso, “ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa, NW] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.” Enti nkɔmhyɛ nsɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 47 no yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔda so ara ne atoro som wɔ abusuabɔ no. Sɛ wɔbɛkwati ne sɛe no a, ma wontie ahyɛde a efi honhom mu yi: “Mumfi no mu”!—Adiyisɛm 18:4, 7, 8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea atoro som nkyerɛkyerɛ bae ho nsɛm pii a, hwɛ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

^ nky. 3 Wɔ Hebri mu no, “Babel babea” no yɛ kasakoa a ɛkyerɛ Babilon anaa Babilonfo. Ɔyɛ “ababaa” efisɛ efi bere a ɔbɛyɛɛ wiase tumi no, nkonimdifo bi mmɛsɛee no da.

^ nky. 6 Nhomanimfo aka Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “merenhyia onipa biara ayamye so” no ho asɛm sɛ “asɛm” a asekyerɛ “yɛ den yiye.” New World Translation de asɛm “ayamye so” ahyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a adwene a ɛwɔ akyi a ɛne sɛ wɔremma nnipa bi mfi baabi mmegye Babilon no bɛda adi. Nkyerɛase bi a Yudafo Nhoma Tintim Fekuw bi yɛe de asɛm yi hyɛ mu sɛ: “Meremma . . . onipa biara mmedi mma no.”

^ nky. 14 Nabonidus and Belshazzar, a Raymond Philip Dougherty kyerɛwee no ka sɛ, bere a Nabonidus Beresosɛm no kyerɛ sɛ wɔn a wotuu Babilon so sa no “anko” na wɔhyɛnee mu no, Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Xenophon kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wohwiee mogya pii gui.

^ nky. 19 Ebinom kyerɛ Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “wɔn a wɔsom ɔsoro” no ase sɛ “ɔsoro ani mu kyekyɛfo.” Eyi bɛkyerɛ ɔsoro mu a wɔkyekyɛ no akuwakuw na wɔhwɛ mu ka nneɛma a ɛbɛba daakye.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 111]

Wɔbɛbrɛ Babilon a edi anigyede akyi no ase akɔ mfutuma mu

[Mfonini wɔ kratafa 114]

Babilon nsoromma mu ahwɛfo ntumi nhyɛ n’asehwe ho nkɔm

[Mfonini wɔ kratafa 116]

Babilonfo nsoromma mu ahwɛfo kalenda, mfirihyia apem a edi kan A.Y.B.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 119]

Ɛnnɛyi Babilon befi hɔ nnansa yi ara