Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛkyekye Ma Onyankopɔn Nkurɔfo

Awerɛkyekye Ma Onyankopɔn Nkurɔfo

Ti Dumien

Awerɛkyekye Ma Onyankopɔn Nkurɔfo

Yesaia 51:1-23

1. Akwanhwɛ ahorow a ɛyɛ hu bɛn na ɛreba Yerusalem ne emufo so, nanso anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ?

MFIRIHYIA aduɔson—onipa nkwa nna tenten—ɛne bere a Yuda man bedi wɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. (Dwom 90:10; Yeremia 25:11; 29:10) Israelfo a wɔbɛfa wɔn nnommum no mu dodow no ara benyin na wɔawuwu wɔ Babilon. Hwɛ sɛnea ahiiyi ne fɛwdi a wɔn atamfo de bɛba wɔn so no bɛbrɛ wɔn ase. Na susuw ahohorabɔ a wɔde bɛba wɔn Nyankopɔn, Yehowa, so no nso ho hwɛ, bere a kurow a ɔde ne din too so no da mpan bere tenten no. (Nehemia 1:9; Dwom 132:13; 137:1-3) Asɔrefie a wɔn ani gye ho a Onyankopɔn anuonyam hyɛɛ mu ma bere a Salomo hyiraa so no befi hɔ. (2 Beresosɛm 7:1-3) Akwanhwɛ ahorow a ɛyɛ hu bɛn ara ni! Nanso, Yehowa nam Yesaia so hyɛ nneɛma a wɔbɛsan asiesie ho nkɔm ahorow. (Yesaia 43:14; 44:26-28) Yehu saa awerɛkyekye ne awerɛhyem ho nkɔmhyɛ nsɛm yi foforo wɔ Yesaia nhoma no ti 51.

2. (a) Henanom na Yehowa nam Yesaia so ka awerɛkyekyesɛm kyerɛ wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yudafo anokwafo ‘di trenee akyi’?

2 Wɔ wɔn a wɔwɔ Yuda a wɔkom wɔn koma kɔ Yehowa so fam no, ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Muntie me, mo a mudi trenee akyi na mohwehwɛ [Yehowa, “NW”] no.” (Yesaia 51:1a) ‘Trenee akyidi’ kyerɛ adeyɛ. Wɔn a ‘wodi trenee akyi’ no remfa wɔn ano kɛkɛ nka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Wɔde nsiyɛ bɛbɔ mmɔden ayɛ adetrenee na wɔatra ase ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia. (Dwom 34:15; Mmebusɛm 21:21) Wobebu Yehowa sɛ ɔno nkutoo ne trenee Fibea, na ‘wɔahwehwɛ Yehowa.’ (Dwom 11:7; 145:17) Ɛnyɛ sɛ wonnim Yehowa ne ɔkwan a wɔbɛfa so akɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu dedaw. Mmom no, wɔbɛbɔ mmɔden abɛn no, asom no, abɔ no mpae, na wɔahwehwɛ n’akwankyerɛ wɔ wɔn nneyɛe nyinaa mu.

3, 4. (a) Hena ne “ɔbotan” a wɔpaee Yudafo no fii mu no, na hena ne “abura” a wotuu wɔn fii mu no? (b) Dɛn nti na baabi a Yudafo no fi a wɔbɛkae no bɛma wɔanya awerɛkyekye?

3 Nanso, sɛ yɛde toto ho a, wɔn a wodi trenee akyi ankasa wɔ Yuda no sua, na eyi betumi ama ehu aka wɔn na wɔn abam abu. Enti bere a Yehowa de abopae reyɛ mfatoho no, ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ: “Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu ne abura a wotuu mo fii mu no, monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe.” (Yesaia 51:1b, 2) “Ɔbotan” a wɔpaee Yudafo fii mu no ne Abraham, abakɔsɛm mu nipa a Israel man bu no kɛse no. (Mateo 3:9; Yohane 8:33, 39) Ɔne ɔman no honam fam agya. Sara ne “abura” a Israel tete agya Isak fii n’awotwaa mu bae no.

4 Na Abraham ne Sara awo bere apa ho a na wonni ba. Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obehyira Abraham na ‘wama n’ase adɔ.’ (Genesis 17:1-6, 15-17) Bere a Onyankopɔn maa Abraham ne Sara san nyaa awo tumi no, wɔwoo ɔba wɔ wɔn mpanyin bere mu, na ɔno mu na Onyankopɔn man a ɔne wɔn yɛɛ apam no fi bae. Enti Yehowa yɛɛ saa barima biako no ɔman kɛse a wɔn dodow bɛyɛɛ nea enni ano sɛ ɔsoro nsoromma no agya. (Genesis 15:5; Asomafo no Nnwuma 7:5) Sɛ Yehowa tumi faa Abraham fii akyirikyiri asase so yɛɛ no ɔman kɛse a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ obetumi adi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ obegye nkaefo anokwafo bi afi Babilon nnommumfa mu, de wɔn asan akɔtra wɔn kurom, na wasan ayɛ wɔn ɔman kɛse bio no ho dwuma. Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no baa mu; ɛbɔ a wahyɛ Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no nso bɛba mu.

5. (a) Abraham ne Sara yɛ henanom ho mfonini? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Wɔ ne mmamu a etwa to mu no, henanom na wofi “ɔbotan” no mu?

5 Ɛda adi sɛ sɛnkyerɛnne kwan so abopae a ɛho asɛm Yesaia 51:1, 2 no fa biribi foforo ho. Deuteronomium 32:18 frɛ Yehowa “ɔbotan” a ɔwoo Israel ne ‘Onii a ɔkyem Israel woo no.’ Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ asɛm a edi akyiri no mu no ara na wɔde dii dwuma wɔ Yesaia 51:2 de kaa Sara a ɔwoo Israel no ho asɛm. Enti, Abraham gyina hɔ sɛ Yehowa, Abraham Ɔkɛseɛ no, wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Abraham yere, Sara, yɛ Yehowa amansan soro ahyehyɛde a honhom abɔde na wɔwom, a wɔka ho asɛm wɔ Kyerɛw Kronkron no mu sɛ Onyankopɔn yere, anaa ɔbea no, ho mfonini ma ɛfata. (Genesis 3:15; Adiyisɛm 12:1, 5) Wɔ Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm yi mmamu a etwa to mu no, ɔman a efi “ɔbotan” mu no ne “Nyankopɔn Israel,” Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no asafo a wɔwoo no Pentekoste afe 33 Y.B. mu no. Sɛnea yeasusuw ho wɔ nhoma yi ti ahorow bi a edi eyi anim mu no, saa man no kɔɔ Babilon nnommumfa mu wɔ afe 1918 mu, nanso wonyaa ahofadi wɔ afe 1919 mu ma wodii yiye honhom fam.—Galatifo 3:26-29; 4:28; 6:16.

6. (a) Dɛn na ɛbɛba Yuda asase no so, na nsiesie bɛn na ebehia sɛ wɔyɛ? (b) Yesaia 51:3 kae yɛn nnɛyi nsiesie bɛn?

6 Awerɛkyekye a Yehowa de ma Sion, anaa Yerusalem no sen bɔhyɛ kɛkɛ a ɛne sɛ ɛbɛyɛ ɔman kɛse no. Yɛkenkan sɛ: [Yehowa, “NW”] rekyekye Sion werɛ, ɔkyekye n’amamfõ nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anhwea pradada sɛ [Yehowa, “NW”] turom: wobehu mu ahosɛpɛw ne anigye, aseda ne dwonto.” (Yesaia 51:3) Wɔ mfirihyia 70 amamfoyɛ mu no, Yuda asase no bɛdan sare, ma adɔtɔ, nsɔe, ne wuram nnua hyɛ hɔ ma. (Yesaia 64:10; Yeremia 4:26; 9:10-12) Enti nea ɛka Yudafo a wɔbɛsan ama wɔabɛtra wɔn atrae ho no ne asase no a wɔbɛsan asiesie so ma adan Eden turo abɛyɛ asasebere a nsu ne nnua a ɛsow aba wɔ so. Asase no bɛyɛ te sɛ nea ɛredi ahurusi. Sɛ wɔde sɛnea na asase no ayɛ amamfõ bere a na wɔwɔ nnommumfa mu no toto ho a, ɛbɛdan paradise. Nyankopɔn Israel nkaefo a wɔasra wɔn no kɔɔ honhom fam paradise a ɛte saa ara mu wɔ afe 1919 mu.—Yesaia 11:6-9; 35:1-7.

Nneɛma a Ɛma Yenya Yehowa Mu Ahotoso

7, 8. (a) Dɛn na aso a Yehowa ka sɛ wɔnyɛ mma no no kyerɛ? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Yuda yɛ aso tie Yehowa?

7 Bere a Yehowa retwe adwene asi osetieyɛ so bio no, ɔka sɛ: “Me nkurɔfo, muntie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara befi me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmu atim hɔ ayɛ aman hann. Me treneefo reba ntɛm, me nkwagye afi adi, na m’abasa bebu aman atɛn; me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.”—Yesaia 51:4, 5.

8 Ka a Yehowa ka sɛ wɔnyɛ aso mma no no kyerɛ pii sen n’asɛm kɛkɛ a wobetie. Ɛkyerɛ tie a wobetie na wɔayɛ nea wɔte no ho adwuma. (Dwom 49:1; 78:1) Ɛsɛ sɛ ɔman no hu sɛ Yehowa ne akwankyerɛ, atɛntrenee, ne nkwagye Wura. Ɔno nkutoo ne honhom fam hann Fibea. (2 Korintofo 4:6) Ɔno ne adesamma Temmufo a ɔsen biara. Mmara ne atemmusɛm a efi Yehowa hɔ no yɛ hann ma wɔn a wɔma ɛkyerɛ wɔn kwan no.—Dwom 43:3; 119:105; Mmebusɛm 6:23.

9. Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no akyi no, henanom na wobenya Yehowa nkwagye no so mfaso?

9 Ɛnyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyinom nyinaa, na mmom nnipa a wɔfata a wɔwɔ mmeae nyinaa, a wɔn a wɔwɔ po mu nsupɔw ahorow a ɛwowɔ akyirikyiri so nso ka ho. Ahotoso a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne tumi a ɔwɔ sɛ obedi ama ne nkoa anokwafo na wagye wɔn mu no renni huammɔ. Ne basa a egyina hɔ ma ne tumi, anaa n’ahoɔden no, bedi nkonim ɔkwan biara so; obiara ntumi nsiw no kwan. (Yesaia 40:10; Luka 1:51, 52) Saa ara na ɛnnɛ, nsi a Onyankopɔn Israel no nkaefo de yɛ asɛnka adwuma no ama nnipa ɔpepem pii, a wɔn mu pii fi po mu nsupɔw ahorow so, adan aba Yehowa nkyɛn abenya ne mu gyidi.

10. (a) Nokwasɛm bɛn na wɔbɛhyɛ Ɔhene Nebukadnesar ma wahu? (b) “Ɔsoro” ne “asase” bɛn na ɛbɛba awiei?

10 Nea edi hɔ no, Yehowa ka nokwasɛm bi a Babilon hene Nebukadnesar behu ho asɛm. Biribiara nni ɔsoro anaa asase so a ebetumi asiw Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ kwan. (Daniel 4:34, 35) Yɛkenkan sɛ: “Momma mo ani so nkɔ ɔsoro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ owusiw, na asase asuw sɛ atade, na ɛsofo awuwu sɛ nwansena, na me nkwagye bɛtra hɔ daa, na me trenee rensã da.” (Yesaia 51:6) Ɛwom sɛ etia Babilon ahempɔn mmara sɛ wɔbɛma nnommum kwan ma wɔasan akɔ wɔn kurom de, nanso wɔrensiw gye a Yehowa begye ne nkurɔfo no kwan. (Yesaia 14:16, 17) Wobebubu Babilonfo ‘soro,’ anaa tumidifo no ma wɔadi nkogu. Babilonfo “asase,” saa tumidifo no nkoa no, de nkakrankakra bɛba awiei. Yiw, tumi a ɛsen biara a ɛwɔ hɔ saa bere no rentumi nnyina Yehowa tumi ano anaa entumi nsiw ne nkwagye kwan.

11. Dɛn nti na nkɔmhyɛ a ɛne sɛ Babilonfo ‘soro’ ne “asase” bɛba awiei a ɛbaa mu koraa no yɛ nkuranhyɛ ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

11 Hwɛ sɛnea ɛyɛ nkuranhyɛ ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wobehu sɛ saa nkɔmhyɛ nsɛm yi nyinaa nyaa ne mmamu! Dɛn ntia? Efisɛ ɔsomafo Petro kaa nsɛm a ɛtete saa ara faa biribi a ebesi daakye ho. Ɔkaa Yehowa da bi a ɛreba ntɛmntɛm ho asɛm sɛ “ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew.” Afei ɔkae sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:12, 13; Yesaia 34:4; Adiyisɛm 6:12-14) Ɛwom sɛ ebia aman akɛse no ne wɔn sodifo a wɔkorɔn sɛ nsoromma no ne Yehowa bedi asi de, nanso wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, wɔbɛyɛ wɔn pasaa—wɔbɛpɛtɛw wɔn sɛ nwansena. (Dwom 2:1-9) Onyankopɔn trenee nniso no nkutoo na ebedi tumi daa wɔ adesamma abusua a ɛteɛ so.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:1-4.

12. Dɛn nti na sɛ nnipa a wɔyɛ asɔretiafo gu Onyankopɔn asomfo anim ase a ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo no suro?

12 Bere a Yehowa rekasa akyerɛ ‘wɔn a wodi trenee akyi’ no, ɔka afei sɛ: “Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdesani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo, na nwewee bedi wɔn sɛ atade, na abubummabaa adi wɔn sɛ kuntu; na me trenee bɛtra hɔ akosi daa, na me nkwagye afa awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Yesaia 51:7, 8) Wobegu wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no anim ase abɔ wɔn ahohora esiane wɔn afã a wogyina akokoduru so no nti, nanso ɛnsɛ sɛ wosuro eyi. Nkurɔfo a wɔbɔ wɔn ahohora no yɛ nnipa a wotumi wu a ‘wobedi’ wɔn nam sɛ nea nwewee di kuntu no. * Te sɛ tete Yudafo anokwafo no, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ suro obiara a ɔsɔre tia wɔn. Yehowa, Onyankopɔn a ɔte hɔ daa no ne wɔn nkwagye. (Dwom 37:1, 2) Ahohorabɔ a efi Onyankopɔn atamfo hɔ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo wɔ ne honhom.—Mateo 5:11, 12; 10:24-31.

13, 14. Dɛn na nsɛm “Rahab” ne “asuboa kɛse” yɛ ho mfonini, na ɔkwan bɛn so na ‘wotwitwa mu asinasin’ na ‘wohwirew mu’?

13 Te sɛ nea Yesaia refrɛ Yehowa sɛ ommedi mma Ne nkurɔfo a wɔafa wɔn nnommum no, ɔka sɛ: [Yehowa, “NW] basa, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no? So ɛnyɛ wone nea ɔmaa po yowee no, ebun kɛse mu nsu no; nea ɔde po ase yɛɛ ɔkwan maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wontwa no?”—Yesaia 51:9, 10.

14 Abakɔsɛm mu nhwɛso a Yesaia ka ho asɛm no yɛ nea ɔpaw no yiye. Israelni biara nim sɛnea wogyee ɔman no fii Misraim na wɔfaa Po Kɔkɔɔ no mu ho asɛm. (Exodus 12:24-27; 14:26-31) Asɛm “Rahab” ne “asuboa kɛse” no fa Misraim a na Farao di so a wɔsɔre tiaa Israel Akwantu a wɔde fii Misraim no ho. (Dwom 74:13; 87:4; Yesaia 30:7) Bere a na tete Misraim ti da Nil Asubɔe na asase mũ no da Nil Bon a ɛyɛ asasebere no ho tenteenten kilomita ɔhaha pii no, na ɛsɛ ɔwɔ kɛse bi. (Hesekiel 29:3) Nanso, bere a Yehowa hwiee Ɔhaw Ahorow Du no guu no so no, saa aboa yi mu twitwaa asinasin. Bere a wɔsɛee n’asraafo wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, wohwirew no mu, piraa no, ma ɔyɛɛ mmerɛw. Yiw, Yehowa daa tumi a ɔwɔ wɔ n’abasam no adi wɔ ɔne Misraim nsɛnnii no mu. So ɔrensiesie ne ho sɛ ɔbɛko agye ne nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no saa ara?

15. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Sion awerɛhow ne apinisi beguan? (b) Bere bɛn na Nyankopɔn Israel awerɛhow ne apinisi guanee wɔ nnɛ bere yi mu?

15 Afei, bere a wɔrehwɛ kwan sɛ wobegye Israel afi Babilon no, nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Na wɔn a [Yehowa, “NW”] agye wɔn no bɛsan, na wɔde ahurusi aba Sion, na daa anigye bɛtra wɔn atifi; ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.” (Yesaia 51:11) Ɛmfa ho awerɛhow tebea a wɔwom wɔ Babilon no, wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa trenee no nya anidaso a ɛyɛ anigye. Bere bi bɛba a awerɛhow ne apinisi befi hɔ. Ahurusidi, anigye, ahosan—wɔbɛte eyi afi wɔn a wɔagye wɔn no ano. Wɔ saa nkɔmhyɛ nsɛm no nnɛyi mmamu mu no, wogyee Nyankopɔn Israel no fii Babilon nnommumfa mu wɔ afe 1919 mu. Wɔsan de anigye kɛse san kɔɔ wɔn honhom fam atrae—anigye a atra hɔ abesi nnɛ.

16. Dɛn na wotua de gye Yudafo?

16 Dɛn na ɛbɛyɛ Yudafo gye no ho akatua? Yesaia nkɔmhyɛ no ada no adi dedaw sɛ Yehowa de “Misraim ayɛ agyede ama wo, mede Etiopia ne Saba masi w’ananmu.” (Yesaia 43:1-4) Eyi bɛba akyiri yi. Sɛ Persia Ahemman di Babilon so na wogyae Yudafo nnommum no a, wobedi Misraim, Etiopia, ne Saba so nkonim. Wɔde wɔn besi Israelfo akra ananmu. Eyi ne nnyinasosɛm a wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 21:18 no hyia sɛ: “Ɔbɔnefo bɛyɛ ɔtreneeni nnwensa, na nkotompofo besi tẽefo ananmu.”

Awerɛhyem Foforo

17. Dɛn nti na biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ Yudafo no suro Babilon abufuw?

17 Yehowa kɔ so ma ne nkurɔfo awerɛhyem sɛ: “Me ara mene mo werɛkyekyefo; hena ne wo na wusuro ɔdesani a owu ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura? Na wo werɛ afi [Yehowa, “NW”] a ɔyɛɛ wo na ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa yi daa nyinaa, ɔhoguanfo abufuw nti, sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi, na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ?” (Yesaia 51:12, 13) Mfe a wɔde bɛkɔ nnommumfa mu reba. Nanso, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wosuro Babilon abufuw. Ɛwom sɛ saa man no, wiase tumi a ɛto so abiɛsa wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu, bedi Onyankopɔn nkurɔfo so na ‘wɔaka wɔn ahyem,’ anaa wɔasiw wɔn kwan de, nanso Yudafo anokwafo nim sɛ Yehowa ahyɛ Babilon asehwe a ɛnam Kores so bɛba no ho nkɔm. (Yesaia 44:8, 24-28) Nea ɛnte sɛ Ɔbɔadeɛ—daa Nyankopɔn Yehowa—no, saa Babilonfo no bɛyera te sɛ wura a owia hyew no ɔpɛ bere mu no. Ɛnde, ɛhe na wɔn ahunahuna ne wɔn abufuw no bɛwɔ? Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yebesuro onipa na yɛn werɛ afi Yehowa, nea ɔbɔɔ soro ne asase no!

18. Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo bɛyɛ apokyerɛfo de, nanso awerɛhyem bɛn na ɔde ma wɔn?

18 Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo bɛkɔ nnommumfa mu kakra, na sɛnea yɛbɛka no no, wɔde wɔn ‘agu mpokyerɛ’ mu de, nanso wɔn gye no bɛba ntɛm so. Wɔrentɔre wɔn ase wɔ Babilon anaa ɔkɔm renkunkum wɔn sɛ nneduafo—a wɔda Asaman, anaa amoa mu sɛ awufo. (Dwom 30:3; 88:3-5) Yehowa ma wɔn awerɛhyem sɛ: “Wɔbɛyɛ ntɛm atu pokyerɛni, na ɔrenwu nkɔ amoa mu, na n’aduan remmɔ no.”—Yesaia 51:14.

19. Dɛn nti na Yudafo anokwafo betumi anya Yehowa nsɛm mu ahotoso koraa?

19 Bere a Yehowa gu so rekyekye Sion werɛ no, ɔtoa so sɛ: “Na mene [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkye yɛ hu no,—asafo [Yehowa, “NW”] ne ne din. Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na matrɛw ɔsoro mu na mahyɛ asase ase, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.” (Yesaia 51:15, 16) Bible ka sɛnea Onyankopɔn wɔ tumi a etumi di ɛpo so ho asɛm mpɛn pii. (Hiob 26:12; Dwom 89:9; Yeremia 31:35) Ɔwɔ adebɔ mu nneɛma so tumi koraa, sɛnea ɔdaa no adi bere a ogyee ne nkurɔfo fii Misraim no. Hena na yebetumi de no atoto ‘asafo Yehowa’ ho wɔ ɔkwan ketewaa bi so mpo?—Dwom 24:10.

20. Sɛ Yehowa de Sion si hɔ bio a, “ɔsoro” ne “asase” bɛn na ɛbɛba, na awerɛkyekyesɛm bɛn na ɔbɛka?

20 Yudafo no da so yɛ Onyankopɔn nkurɔfo, na Yehowa ma wɔn awerɛhyem sɛ wɔbɛsan aba wɔn kurom, abɛtra ase wɔ ne Mmara ase bio. Wɔbɛsan akyekye Yerusalem ne n’asɔrefie no na wɔafi ase adi apam a ɔnam Mose so ne wɔn yɛe no mu asɛyɛde ahorow so bio. Sɛ Israelfo a wɔasan aba no ne wɔn mmoa bɛtra asase no so a, ɛbɛyɛ “asase foforo.” “Ɔsoro foforo,” nniso foforo bedi so. (Yesaia 65:17-19; Hagai 1:1, 14) Yehowa bɛka akyerɛ Sion bio sɛ: “Me man ne wo.”

Ɔfrɛ sɛ Wɔnkeka Wɔn Ho

21. Ɔfrɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔnkeka wɔn ho bɛn na Yehowa de to gua?

21 Bere a Yehowa ama Sion awerɛhyem awie no, ɔfrɛ wɔn sɛ wɔnkeka wɔn ho. Bere a ɔrekasa te sɛ nea na wɔadu wɔn amanehunu awiei dedaw no, ɔka sɛ: “Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom [Yehowa, “NW”] nsam n’abufuw kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwew mu.” (Yesaia 51:17) Yiw, ɛsɛ sɛ Yerusalem sɔre fi amanehunu no mu na ɔsan kɔ ne kan gyinabea ne anuonyam no mu. Bere bi bɛba a ɔbɛhwew Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so abufuw kuruwa no mu. Onyankopɔn abufuw a ɛwɔ no so no bɛsa.

22, 23. Sɛ Yerusalem nom Yehowa abufuw kuruwa no ano a, dɛn na ɛbɛba no so?

22 Nanso, sɛ wɔretwe Yerusalem aso a, emufo, ne “mma” no mu biara rentumi nsiw nea ɛrekɔ so no kwan. (Yesaia 43:5-7; Yeremia 3:14) Nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Wannya ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu bi ankogya no, na wannya ne mma a ɔyɛn wɔn nyinaa mu bi amma wanso ne nsa.” (Yesaia 51:18) Hwɛ sɛnea obehu amane wɔ Babilonfo nsam! “Ade abien yi na ɛtoo wo, hena na obegyam wo? Ɔsɛe ne obubu ne ɔkɔm ne afoa: mɛkyekye wo werɛ dɛn? Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔn nyinaa twea so sɛ ɔforote, afiri mu, na [Yehowa, “NW”] abufuhyew, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.”—Yesaia 51:19, 20.

23 Oo, Yerusalem a n’asɛm yɛ mmɔbɔ! Obehyia “ɔsɛe ne obubu” ne “ɔkɔm ne afoa.” Bere a ne “mma” ntumi mmɔ ne ho ban mma onnyina ne nan so no, wobegyinagyina hɔ a wɔn abam abu, wɔafonfɔn, a wonni ahoɔden a wɔde bɛko atia Babilonfo ntuafo no. Wɔtotɔ piti deda mmorɔn ti, anaa twea so pefee a wɔayɛ mmerɛw, na wɔabrɛ. (Kwadwom 2:19; 4:1, 2) Wɔbɛnom Onyankopɔn abufuhyew kuruwa nsa na wɔbɛyɛ mmerɛw sɛ mmoa a afiri akyere wɔn.

24, 25. (a) Dɛn na wɔremfa mma Yerusalem so bio? (b) Yerusalem akyi no, henanom na wodi hɔ a wɔbɛnom Yehowa abufuw kuruwa no ano?

24 Nanso awerɛhosɛm yi bɛba awiei. Yesaia ka no awerɛkyekye so sɛ: “Enti tie eyi ɛ, mmɔboroni, wo a woabow, nanso ɛnyɛ nsã. Sɛ wo wura, [Yehowa, “NW”] ne wo Nyankopɔn a odi ma ne man no se ni: Hwɛ, migye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no, worenkɔ so nnom bio. Na mede mahyɛ w’ahawfo no nsa, wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Kotow, na yɛmfa wo so; na wode w’akyi too hɔ sɛ fam anaasɛ borɔn maa wɔn a wɔfa so no.” (Yesaia 51:21-23) Bere a Yehowa ateɛ Yerusalem so awie no, wasiesie ne ho sɛ obehu mmɔbɔ na wayi fafiri honhom adi akyerɛ no.

25 Afei Yehowa beyi n’abufuw afi Yerusalem so de akɔ Babilon so. Babilon bedwiriw Yerusalem agu na wagu n’anim ase. (Dwom 137:7-9) Nanso, Yerusalem rennom kuruwa a ɛte saa ano bio wɔ Babilon ne n’apamfo nsam. Mmom no, wobegye kuruwa no afi Yerusalem nsam de akɔma wɔn a wodii n’animguase ho ahurusi no. (Kwadwom 4:21, 22) Babilon bɛbow na wahwe ase. (Yeremia 51:6-8) Sion bɛsɔre saa bere no! Nsakrae bɛn ara ni! Nokwarem no, akwanhwɛ a ɛte saa betumi akyekye Sion werɛ. Ná Yehowa asomfo betumi anya ahotoso sɛ ɔnam ne nkwagye so bɛtew ne din ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Ɛda adi sɛ nwewee a wɔka wɔn ho asɛm wɔ ha no yɛ abubummabaa, titiriw bere a onnya mfuw ntaban a ɔsɛe ade yiye no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 167]

Yehowa, Abraham Ɔkɛseɛ no, ne “ɔbotan” a “wɔpaee” ne nkurɔfo fii mu no

[Mfonini wɔ kratafa 170]

Onyankopɔn atamfo bɛyera te sɛ atade a nwewee awe

[Mfonini wɔ kratafa 176, 177]

Yehowa ada ne tumi a ɔde di nneɛma so no adi

[Mfonini wɔ kratafa 178]

Wɔbɛdan kuruwa a anka Yerusalem bɛnom ano no ama Babilon ne n’apamfo