Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Din Foforo”

“Din Foforo”

Ti Aduonu Abiɛsa

“Din Foforo”

Yesaia 62:1-12

1. Awerɛhyem bɛn na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 62?

AWERƐHYEM, awerɛkyekye, ogye ho anidaso—ɛne ade a na Yudafo a wɔwɔ Babilon a na wɔn abam abu no hia. Ná mfirihyia pii atwam fi bere a wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no. Ná Yuda a efi Babilon rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 800 no da mpan, na na ɛte sɛ nea Yehowa werɛ afi Yudafo no. Dɛn na na ebetumi ama wɔn tebea no ayɛ yiye? Ɛbɔ ahorow a na Yehowa bɛhyɛ sɛ ɔbɛsan de wɔn aba wɔn kurom na wama wɔasan de nokware som asi hɔ no. Afei nsɛm a ɛkyerɛ Onyankopɔn anisɔ na na ebesi nsɛm te sɛ “nea wɔagyaw no” ne “afõ” no ananmu. (Yesaia 62:4; Sakaria 2:12) Bɔhyɛ ahorow yi pii wɔ Yesaia ti 62. Nanso, te sɛ sanba nkɔmhyɛ foforo no, saa ti yi ka nsɛm a ɛkɔ akyiri sen Yudafo a na wobegye wɔn afi Babilon nnommumfa mu no. Wɔ Yesaia ti 62 mmamu kɛse mu no, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa honhom fam man, “Nyankopɔn Israel,” no nkwagye bɛba ɔkwan biara so.—Galatifo 6:16.

Yehowa Renyɛ Komm

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dom Sion bio?

2 Wotuu Babilon gui wɔ afe 539 A.Y.B. mu. Ɛno akyi no, Ɔhene Kores a ofi Persia no hyɛɛ mmara bi a ɛmaa Yudafo a wosuro Onyankopɔn no san kɔɔ Yerusalem na wɔsan de Yehowa som kosii hɔ. (Esra 1:2-4) Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, na Yudafo a wodi kan a wɔresan akɔ wɔn kurom no adu. Yehowa dom Yerusalem bio, sɛnea ɛdaa adi wɔ ne nkɔmhyɛ nsɛm a ɔdɔ wom mu no: “Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akosi sɛ ne trenee bepue sɛ adekyee haran, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.”—Yesaia 62:1.

3. (a) Awiei koraa no, dɛn nti na Yehowa poo asase so Sion no, na hena na obesii n’ananmu? (b) Ɔwae bɛn na ɛbae, na ɛbaa bere bɛn, na bere bɛn mu na yɛte nnɛ?

3 Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yehowa dii ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de Sion, anaa Yerusalem asi n’ananmu no ho dwuma. Ogyee emufo no nkwa, na wɔn trenee hyerɛn hann. Nanso, akyiri yi, wɔsan twee wɔn ho fii nokware som ho. Awiei koraa no, wɔpoo Yesu sɛ Mesia, na Yehowa gyaw wɔn koraa sɛ ne man a wapaw wɔn. (Mateo 21:43; 23:38; Yohane 1:9-13) Yehowa ma wɔwoo ɔman foforo, “Nyankopɔn Israel.” Ɔman foforo yi bɛyɛɛ ne man titiriw, na wɔ afeha a edi kan no mu no, emufo no de nnamyɛ kaa asɛmpa no wɔ wiase a na wonim saa bere no mu nyinaa. (Galatifo 6:16; Kolosefo 1:23) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ asomafo no wu akyi no, nnipa bi wae fii nokware som ho. Ne saa nti, Kristosom a awae bi, sɛnea yehu wɔ Kristoman mu no, sɔree. (Mateo 13:24-30, 36-43; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Wɔama Kristoman kwan ma wɔde ahohorabɔ kɛse aba Yehowa din so mfehaha pii ni. Nanso, awiei koraa wɔ afe 1914 mu no, Yehowa “anisɔ afe” no ne Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi fii ase nyaa ne mmamu kɛse.—Yesaia 61:2.

4, 5. (a) Hena na Sion ne ne mma yɛ ne ho sɛnkyerɛnne nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de Sion adi dwuma ama “ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn”?

4 Ɛnnɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de Sion asi n’ananmu no anya ne mmamu wɔ ne soro ahyehyɛde, “ɔsoro Yerusalem,” a ne mma, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no yɛ n’ananmusifo wɔ asase so no so. (Galatifo 4:26) Yehowa soro ahyehyɛde no som sɛ ɔboafo a ɔwɔ ahofama—ɔwɛn, ɔwɔ dɔ, na ɔyɛ nsi. Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ wɔ afe 1914 mu no ɔwoo Mesia Ahenni no! (Adiyisɛm 12:1-5) Efi afe 1919 titiriw no, n’asase so mma no aka ne trenee ne ne nkwagye ho asɛm akyerɛ amanaman no. Sɛnea Yesaia ka siei no, saa mma yi ahyerɛn wɔ sum mu te sɛ gyatɛn, na wɔama wɔn kanea ahyerɛn.—Mateo 5:15, 16; Filipifo 2:15.

5 Yehowa ani gye n’asomfo ho yiye na ɔrennye n’ahome, anaasɛ ɔrenyɛ komm, kosi sɛ ɔbɛma ɛbɔ ahorow a ɔhyɛɛ Sion ne ne mma no nyinaa abam. Wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ne wɔn ahokafo, “nguan foforo” no nso renyɛ komm. (Yohane 10:16) Wɔn ano yɛ den ankasa bere a wɔkyerɛ nkurɔfo nkwagye kwan koro pɛ no.—Romafo 10:10.

“Din Foforo” a Yehowa De Ma

6. Sion ho adwene bɛn na na Yehowa wɔ?

6 Adwene bɛn na na Yehowa wɔ ma Sion, ne soro ‘bea,’ a na tete Yerusalem gyina hɔ ma no no? Ɔkae sɛ: “Amanaman behu wo trenee, na ahene nyinaa ahu w’anuonyam, na wɔato wo din foforo a [Yehowa, “NW”] ano bɛkyerɛ no.” (Yesaia 62:2) Bere a na Israelfo yɛ wɔn ade trenee mu no, ɛmaa amanaman no hwɛɛ wɔn yiye. Ahemfo mpo gye toom sɛ na Yehowa de Yerusalem reyɛ adwuma, na na wɔn nniso biara nto Yehowa Ahenni no koraa.—Yesaia 49:23.

7. Ná Sion din foforo no kyerɛ dɛn?

7 Afei Yehowa sii Sion tebea a asakra no so dua denam din foforo a ɔde maa no no so. Saa din foforo no kyerɛɛ Sion asase so mma tebea a nhyira ne nidi wom a efii ase wɔ afe 537 A.Y.B. mu no. * Ɛkyerɛe sɛ na Yehowa gye tom sɛ Sion yɛ ne dea. Ɛnnɛ, ɛyɛ Nyankopɔn Israel no anigye sɛ Yehowa ani gye wɔn ho wɔ saa kwan yi so, na nguan foforo no ne wɔn di ahurusi.

8. Akwan bɛn so na Yehowa adi Sion ni?

8 Bere a Yehowa maa Sion din foforo wiei no, afei ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Wobɛyɛ ahokeka abotiri, [Yehowa, “NW”] nsa so, ne ɔhene abotiten, wo Nyankopɔn nsam.” (Yesaia 62:3) Yehowa maa ne sɛnkyerɛnne kwan so yere, ɔsoro Sion so, na wɔakamfo no. (Dwom 48:2; 50:2) Anuonyam abotiri ne “ɔhene abotiten” no kyerɛe sɛ wɔde nidi ne tumi ahyɛ no. (Sakaria 9:16) Nyankopɔn Israel a egyina hɔ ma ɔsoro Sion, anaa “ɔsoro Yerusalem” no yɛ ade soronko a afi Onyankopɔn nsa ano adwuma—ne tumi a ɔde yɛ adwuma—mu aba. (Galatifo 4:26) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, saa honhom fam man no ayɛ mũdi mu kura ne ahofama ho nhwɛso a ɛda nsow. Wɔahyɛ nnipa ɔpepem pii, a wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo ka ho den ma wɔada gyidi ne ɔdɔ soronko adi. Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, bere a wɔn a wɔasra wɔn no anya wɔn soro akatua a anuonyam wom no, wɔbɛyɛ Yehowa nsam nnwinnade a ɔde bɛma abɔde a wɔresi apini no so akɔ daa nkwa mu.—Romafo 8:21, 22; Adiyisɛm 22:2.

‘Yehowa Ani Asɔ Wo’

9. Kyerɛkyerɛ Sion nsakrae no mu.

9 Din foforo a wɔde maa ɔsoro Sion a n’asase so mma gyina hɔ ma no no, ka nsakrae a anisɔ wom no ho. Yɛkenkan sɛ: “Wɔrense wo sɛ: Nea wɔagyaw no, bio, na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afõ, bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: M’anisɔ wɔ no mu, ne w’asase nso sɛ: Ɔbaa warefo, efisɛ [Yehowa, “NW”] ani sɔ wo, na w’asase nso, wɔbɛware no.” (Yesaia 62:4) Ná asase so Sion ada mpan fi bere a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Nanso, Yehowa nsɛm no ma onyaa gye a na wɔbɛsan agye no ne n’asase a na wɔbɛsan ama nnipa ahyɛ so ma no ho anidaso. Ná Sion a wɔasɛe no pasaa bere bi no renkɔ so nyɛ ɔbea a wɔagyaw no koraa, na n’asase no renna mpan bio. Yerusalem a wɔsan kyekyeree wɔ afe 537 A.Y.B. mu no kyerɛɛ tebea foforo koraa mu a ɔbae a na ɛne ne kan tebea a na ɛyɛ amamfõ no bɔ abira. Yehowa kae sɛ wɔbɛfrɛ Sion “M’anisɔ Wɔ no Mu,” ne n’asase no, “Ɔbaa Warefo.”—Yesaia 54:1, 5, 6; 66:8; Yeremia 23:5-8; 30:17; Galatifo 4:27-31.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔsakraa Nyankopɔn Israel? (b) Dɛn ne Nyankopɔn Israel ‘asase’ no?

10 Efi afe 1919 reba no, Nyankopɔn Israel no aba nsakrae a ɛte saa mu. Wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu no, ɛyɛe sɛ nea na Onyankopɔn agyaw Kristofo a wɔasra wɔn no. Nanso wɔ afe 1919 mu no wɔsan de wɔn baa gyinabea pa mu, na wɔtew wɔn som ho. Eyi kaa wɔn nkyerɛkyerɛ, wɔn nhyehyɛe, ne wɔn dwumadi. Nyankopɔn Israel baa ‘n’asase’ so, a ɛyɛ ne honhom fam atrae, anaa ne dwumadibea.—Yesaia 66:7, 8, 20-22.

11. Ɔkwan bɛn so na Yudafo no faa wɔn maame sɛ ɔyere?

11 Bere a Yehowa resi ne nkurɔfo gyinabea pa foforo no so dua no, ɔkae sɛ: “Sɛ aberante ware ababaa no, sɛ wo mma bɛware wo ne no; sɛ ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛw no wo ho.” (Yesaia 62:5) Ɔkwan bɛn so na na Yudafo, Sion “mma” no bɛfa wɔn maame sɛ wɔn yere? Ɛne sɛ na Sion mma a wɔagye wɔn afi Babilon nnommumfa mu a na wɔresan aba no bɛfa wɔn ahenkurow dedaw no atra mu bio. Sɛ ɛba saa a, na Sion renna mpan bio na mmom na ne mma bɛhyɛ mu ma.—Yeremia 3:14.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa no adi pefee sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ ahyehyɛde a ɔware no no fã? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo di no yɛ nhwɛso a ɛkorɔn ma aware nnɛ? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 342 no mu.)

12 Nea ɛne no di nsɛ no, efi afe 1919 reba no, ɔsoro Sion mma adi wɔn asase, wɔn honhom fam atrae, a ɛwɔ nkɔmhyɛ kwan so din “Ɔbaa Warefo” no so. Kristofo som adwuma a wɔreyɛ wɔ saa asase no so no ama ada adi sɛ saa Kristofo a wɔasra wɔn yi ne ‘ɔman a wogyina hɔ ma Yehowa din’ no. (Asomafo no Nnwuma 15:14) Ahenni aba a wɔde ba a ɛne Yehowa din ho asɛm a wɔka kyerɛ no ama ada adi pefee sɛ Yehowa ani sɔ saa Kristofo yi. Wama ada adi pefee sɛ wɔyɛ ahyehyɛde a wɔne no ayɛ biako denneennen no fã. Yehowa nam honhom kronkron a ɔde sraa saa Kristofo yi, gye a ogyee wɔn fii honhom fam nnommumfa mu, ne dwuma a ɔde wɔn redi ma wɔaka Ahenni anidaso no ho asɛm akyerɛ adesamma nyinaa no so da no adi sɛ, ne ho sɛpɛw no wɔ wɔn ho sɛnea ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho no.—Yeremia 32:41.

“Monnyɛ Komm Koraa”

13, 14. (a) Tete mmere mu no, ɔkwan bɛn so na Yerusalem bɛyɛɛ kurow a ahobammɔ wom? (b) Ɛnnɛ mmere mu no, ɔkwan bɛn so na Sion abɛyɛ “ayeyi wɔ asase so”?

13 Sɛnkyerɛnne kwan so din foforo a Yehowa de maa ne nkurɔfo no ma wɔtee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Wonim sɛ ogye wɔn tom na wɔyɛ ne dea. Afei bere a Yehowa de biribi foforo reyɛ mfatoho no, ɔkasa kyerɛɛ ne nkurɔfo no te sɛ nea ɔrekasa akyerɛ kurow a wɔato ho afasu: “W’afasu so, Yerusalem, na mede awɛmfo maduadua; adekyee nyinaa ne anadwo nyinaa daa yi, wɔremmua wɔn ano: mo a mokae [Yehowa, “NW”] no, monnyɛ komm koraa. Na mommma ɔnnyɛ komm nso kosi sɛ ɔbɛsesɛw Yerusalem ma asi hɔ ayɛ ayeyi wɔ asase so.” (Yesaia 62:6, 7) Yehowa bere a ɛsɛ mu, wɔ bere a nkaefo anokwafo no san fi Babilon bae no, Yerusalem bɛyɛɛ “ayeyi wɔ asase so”—kurow a wɔtoo ho ɔfasu maa emufo nyaa ahobammɔ. Na awɛmfo a wɔtete saa afasu no so no ani da hɔ rebɔ kurow no ho ban awia ne anadwo, na wɔde kɔkɔbɔ maa emufo no.—Nehemia 6:15; 7:3; Yesaia 52:8.

14 Ɛnnɛ mmere mu no, Yehowa de awɛmfo a wɔasra wɔn no adi dwuma de akyerɛ ahobrɛasefo kwan afi atoro som nkoayɛ mu akɔ ahofadi mu. Wɔato nsa afrɛ saafo no ma wɔaba n’ahyehyɛde mu, baabi a wonya ahobammɔ fi honhom fam fĩ, nkɛntɛnso bɔne, ne nneyɛe a ɛmma Yehowa ani nnye wɔn ho no ho. (Yeremia 33:9; Sefania 3:19) Ade a ehia na ama wɔanya ahobammɔ a ɛte saa ne dwuma a ɔwɛmfo kuw, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” a ɛde honhom fam ‘aduan ma wɔ bere a ɛsɛ mu’ di no. (Mateo 24:45-47) “Nnipakuw kɛse” a wɔne ɔwɛmfo kuw no yɛ adwuma no nso di dwuma titiriw bi ma Sion yɛ “ayeyi wɔ asase so.”—Adiyisɛm 7:9.

15. Ɔkwan bɛn so na ɔwɛmfo kuw no ne wɔn ahokafo som Yehowa bere nyinaa?

15 Ɔwɛmfo kuw ne wɔn ahokafo no kɔ so yɛ wɔn som adwuma no! Yehu sɛ nnipa ɔpepem pii a ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom; wɔn a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma wɔ Betel afie ne Yehowa Adansefo nhoma tintimbea ahorow; asɛmpatrɛwfo, akwampaefo atitiriw, daa akwampaefo, ne akwampaefo aboafo boa wɔn no fi ɔkra nyinaa mu de nsi yɛ adwuma no. Afei nso, wɔyɛ adwumaden sisi Ahenni Asa, srasra ayarefo, boa ankorankoro a wohyia aduruyɛ mu nsɛnnennen, na wɔde mmoa kɔma wɔn a wohyia asiane ne akwanhyia no wɔ bere a ɛsɛ mu. Mpɛn pii na ankorankoro a wɔwɔ ahofama yi mu pii som “awia ne anadwo” ankasa!—Adiyisɛm 7:14, 15.

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo ‘mma Yehowa asom nnwo no’?

16 Wɔhyɛ Yehowa asomfo nkuran sɛ wonnnyae mpaebɔ da, wɔsrɛ Onyankopɔn sɛ ‘nea ɔpɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro’ no. (Mateo 6:9, 10; 1 Tesalonikafo 5:17) Wotu wɔn fo sɛ: ‘Mommma Yehowa asom nnnwo no’ kosi sɛ ɔbɛma nokware som a wɔasan de asi hɔ no ho adesrɛde ne anidaso nyinaa abam. Yesu sii hia a ehia sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa so dua, bere a ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wonsu mfrɛ Onyankopɔn awia ne anadwo’ no.—Luka 18:1-8.

Wobetua Ɔsom a Wɔde Ma Onyankopɔn so Ka

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na na wɔn a wɔte Sion betumi ahwɛ kwan sɛ wobedi wɔn adwuma so aba? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo di wɔn adwuma so aba nnɛ?

17 Din foforo a Yehowa de maa ne nkurɔfo no ma wonyaa awerɛhyem sɛ wɔn brɛ renyɛ ɔkwa. [Yehowa, “NW”] aka ne nifa ne ne tumi basa ho ntam sɛ: Meremfa w’awi memma w’atamfo nni bio, na ananafo mma rennom wo nsã a wobrɛɛ ho no. Na wɔn a wɔboa ano na wobedi ayi [Yehowa, “NW”] ayɛ, na wɔn a wɔde ba ofie no bɛnom, me kronkronbea abangua so.” (Yesaia 62:8, 9) Yehowa nsa nifa ne ne tumi basa no yɛ ne tumi ne n’ahoɔden ho nsɛnkyerɛnne. (Deuteronomium 32:40; Hesekiel 20:5) Eyinom a ɔde kaa ntam no kyerɛ sɛ na wasi ne bo sɛ ɔbɛsesa Sion tebea horow no. Wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Sion atamfo gyee n’agyapade na wɔfow ne nneɛma. (Deuteronomium 28:33, 51) Nanso, afei de, na wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wodi Sion agyapade no nkutoo na wobedi.—Deuteronomium 14:22-27.

18 Wɔ saa bɔhyɛ yi nnɛyi mmamu mu no, Yehowa nkurɔfo a wɔanya ahofadi no nya honhom fam yiyedi kɛse. Wodi wɔn adwuma so aba ankasa—Kristo asuafo a wɔadɔɔso ne honhom fam aduan pii a wonya no. (Yesaia 55:1, 2; 65:14) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo di nokware nti, ɔmma wɔn atamfo ntwitware wɔn honhom fam yiyedi ananmu anaa ɔmma wɔn kwan mma ɔsom adwuma a wofi ɔkra nyinaa mu yɛ no nyɛ ɔkwa. Adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa som mu no biara nni hɔ a ɛyɛ ɔkwa.—Malaki 3:10-12; Hebrifo 6:10.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na woyiyii kwan mu maa Yudafo a na wɔresan aba Yerusalem no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛnnɛ mmere mu no wɔayiyi kwan mu ama ahobrɛasefo ma wɔaba Yehowa ahyehyɛde no mu?

19 Din foforo no nso ma nnipa komapafo ani gye Yehowa ahyehyɛde no ho. Nnipadɔm ba mu, na wɔabue ɔkwan no ama wɔn. Yesaia kae sɛ: “Monsen, monsen mfa kurow apon no mu, mommɔ ɔman no kwan; muntu ngu so, muntu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so abo; munsi aman no so frankaa.” (Yesaia 62:10) Nea edi kan no, ɛda adi sɛ na saa ɔfrɛ yi fa Babilon nkurow apon mu a na ɛsɛ sɛ wɔfa kɔ Yerusalem no ho. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔresan aba no tase ɔkwan no so abo na ama ɔkwan no twa ayɛ mmerɛw, na wosi frankaa de kyerɛ kwan.—Yesaia 11:12.

20 Efi afe 1919 no, wɔayi Kristofo a wɔasra wɔn no asi hɔ ama Onyankopɔn som adwuma na wɔretu “ɔkwan kronkron.” (Yesaia 35:8) Wɔn na wɔyɛ nkurɔfo a wodii kan faa tempɔn no so fii Babilon Kɛse no mu. (Yesaia 40:3; 48:20) Onyankopɔn ma wonyaa hokwan dii anim kaa ne nnwuma akɛse no ho asɛm kyerɛe, na wɔkyerɛɛ afoforo kwan ma wɔfaa tempɔn no so. Abo a wɔtase fii so—akwanside ahorow a woyiyi fii hɔ—no so baa wɔn ankasa mfaso titiriw. (Yesaia 57:14) Na ɛsɛ sɛ wohu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow na wɔte ne nkyerɛkyerɛ ase yiye. Gyidi ahorow a ɛyɛ atoro yɛ akwanside a ɛwɔ nkwa kwan no so, nanso Yehowa Asɛm ‘te sɛ asae a ɛbobɔ ɔbotan.’ Kristofo a wɔasra wɔn no de paapae hintibo a ebetumi ayi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no ahwe fam no.—Yeremia 23:29.

21, 22. Frankaa bɛn na Yehowa asi ama wɔn a wɔrefi atoro som mu no, na yɛyɛ dɛn hu?

21 Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yerusalem bɛyɛɛ frankaa a ɛfrɛfrɛɛ Yudafo nkaefo no ma wɔsan besii asɔrefie no. (Yesaia 49:22) Wɔ afe 1919 mu bere a wogyee nkaefo a wɔasra wɔn no fii atoro som nkoayɛ mu no, wɔanwɔ ntwɛtwɛdɛ. Ná wonim baabi a wɔrekɔ, efisɛ na Yehowa asi frankaa ama wɔn. Frankaa bɛn? Frankaa koro no ara a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 11:10 a ɛkenkan sɛ: ‘Da no, wɔde Yisai ntini mu duforo a esi hɔ sɛ ɔfrankaa ma aman no besi hɔ.’ Ɔsomafo Paulo de saa nsɛm yi kaa Yesu ho asɛm. (Romafo 15:8, 12) Yiw, frankaa no ne Kristo Yesu a ɔredi ɔsoro Bepɔw Sion so Hene no!—Hebrifo 12:22; Adiyisɛm 14:1.

22 Kristofo a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa atwa Yesu Kristo ho ahyia sɛ wɔde ɔsom a biakoyɛ wom bɛma Ɔsorosoroni Nyankopɔn no. Ne nniso no bɛsan Yehowa amansan tumidi ho na ama nnipa komapafo a wofi wiase amanaman nyinaa mu anya nhyira. So ɛnsɛ sɛ eyi ma yɛn nyinaa ka bom ma no so na yɛkamfo no?

“Wo Nkwagye Reba”!

23, 24. Ɔkwan bɛn so na wɔde nkwagye abrɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi no?

23 Din foforo a Yehowa de ma n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ne yere no fa ne mma daa nkwagye ho. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] ama wɔate akodu asase awiei nohɔ sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo nkwagye reba, hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.” (Yesaia 62:11) Yudafo no nyaa nkwagye bere a Babilon hwee ase, na wɔsan baa wɔn kurom no. Nanso, saa nsɛm yi twee adwene sii biribi kɛse koraa so. Yehowa asɛm yi ma yɛkae Sakaria nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem ho no: “Di ahurusi pii, Sion babea, huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtreneeni ne nea wanya nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.”—Sakaria 9:9.

24 Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ nsu mu na wɔde Onyankopɔn honhom sraa no akyi mfirihyia abiɛsa ne fã no, ɔkɔɔ Yerusalem kosiesiee asɔrefie hɔ. (Mateo 21:1-5; Yohane 12:14-16) Ɛnnɛ, Yesu Kristo na ɔde nkwagye fi Yehowa hɔ rebrɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi nyinaa. Efi bere a wɔde Yesu sii agua so wɔ afe 1914 mu no, ɔsan yɛ Yehowa Temmufo ne Brafo a wɔapaw no. Wɔ afe 1918 mu, bere a wɔde no sii agua so mfirihyia abiɛsa ne fã akyi no, osiesiee Yehowa honhom fam asɔrefie, a egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no asafo wɔ asase so no. (Malaki 3:1-5) Ne so a wɔmae sɛ frankaa no na efii nnipa a wofi wiase amanaman nyinaa mu no anoboaboa kɛse a wɔde gyina Mesia Ahenni no akyi no ase. Nea ɛte sɛ tete de no nsusuwso no, Nyankopɔn Israel nyaa “nkwagye” bere a wogyee wɔn fii Babilon Kɛse no mu wɔ afe 1919 mu no. “Akatua” anaa “ananmuhyɛ” a ɛwɔ hɔ ma atwafo a wɔwɔ ahofama no yɛ ɔsoro asetra a owu nnim anaa daa nkwa wɔ asase so. Wɔn a wodi nokware nyinaa betumi anya ahotoso sɛ wɔn “brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.”—1 Korintofo 15:58.

25. Awerɛhyem bɛn na wɔde ama Yehowa nkurɔfo?

25 Hwɛ anidaso pa a ɛwɔ hɔ ma Yehowa soro ahyehyɛde no, n’ananmusifo a wɔwɔ asase so ha, ɛne obiara a ɔde ne ho abɔ wɔn denneennen no! (Deuteronomium 26:19) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛfrɛ wɔn sɛ: Ɔman kronkron, wɔn a [Yehowa, “NW”] agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo nea wɔahwehwɛ n’akyi kwan, kurow a wɔrennyaw no.” (Yesaia 62:12) Bere bi “ɔsoro Yerusalem” a Nyankopɔn Israel no gyina hɔ ma no tee nka sɛ wɔagyaw no. Ɔrente nka saa kwan no so bio. Yehowa bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban akosi daa, na wɔbɛkɔ so anya n’anim dom.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no, “din foforo” betumi akyerɛ dibea anaa hokwan foforo.—Adiyisɛm 2:17; 3:12.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 342]

Aware Nhwɛso a Ɛkorɔn

Sɛ nnipa ware a, wɔwɔ nneɛma a wɔn ankasa hwehwɛ wɔ aware no mu. Nanso, dɛn ne nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔno na ɔhyehyɛɛ aware. Atirimpɔw bɛn nti na ɔhyehyɛe?

Yenya adwene a Onyankopɔn wɔ no biako fi ɔne Israel man no abusuabɔ mu. Yesaia kaa saa abusuabɔ yi ho asɛm sɛ aware. (Yesaia 62:1-5) Hyɛ nea Yehowa Nyankopɔn sɛ́ ‘okunu’ no yɛ maa ‘n’ayeforo’ no nsow. Ɔbɔɔ ne ho ban yɛɛ no kronkron. (Yesaia 62:6, 7, 12) Odii no ni kyerɛɛ obu maa no. (Yesaia 62:3, 8, 9) Na n’ani sɔɔ no, sɛnea din foforo ahorow a ɔde maa no no kyerɛ no.—Yesaia 62:4, 5, 12.

Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, Paulo ma yehu Yehowa ne Israel ntam abusuabɔ no ho biribi bere a ɔde okunu ne ɔyere ntam abusuabɔ totoo Kristo ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no de ho no.—Efesofo 5:21-27.

Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonsuasua Yesu ne asafo no ntam abusuabɔ no wɔ wɔn aware mu. Ɔdɔ biara nni hɔ a ebetumi ayɛ kɛse asen nea Yehowa daa no adi kyerɛɛ Israel ne nea Kristo da no adi kyerɛ asafo no. Saa sɛnkyerɛnne kwan so abusuabɔ no ma Kristofo nya nhwɛso a ɛkorɔn a ɛbɛma wɔn aware asɔ na ayɛ anigye.—Efesofo 5:28-33.

[Mfonini wɔ kratafa 339]

Yehowa bɛto ɔsoro Sion din foforo

[Mfonini wɔ kratafa 347]

Yehowa wɛmfo kuw no nyɛɛ komm wɔ nnɛ bere yi mu