Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hann Ma Amanaman No

Hann Ma Amanaman No

Ti Aduonu Awotwe

Hann Ma Amanaman No

Yesaia 66:15-24

1, 2. Dɛn nti na hann ho hia, na esum bɛn na akata asase so nnɛ?

YEHOWA yɛ hann Wura, nea “ɔma owia haran awia na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma ma ɛharan anadwo.” (Yeremia 31:35) Eyi nkutoo nti, ɛsɛ sɛ yegye no tom sɛ nkwa Wura, efisɛ hann kyerɛ nkwa. Sɛ ɛnyɛ owia hann a ɛhyerɛn asase so bere nyinaa ma ɛso yɛ hyew a, anka nkwa ntumi ntra so sɛnea yehu no. Anka biribiara rentumi ntra yɛn okyinnsoromma yi so.

2 Enti, ɛho hia yɛn yiye paa sɛ Yehowa hwɛɛ ade kɔɔ akyiri na ɔkaa esum a ɛbɛba, ɛnyɛ hann, wɔ yɛn bere yi so ho asɛm siei no. Honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so.” (Yesaia 60:2) Nokwarem no, saa nsɛm yi fa honhom fam sum, ɛnyɛ honam fam de ho de, nanso ɛnsɛ sɛ yebu aniberesɛm a ɛwom no adewa. Awiei koraa no, wɔn a wonni honhom fam hann no ntumi nnya nkwa, sɛnea wɔn a wonnya owia hann no nnya nkwa no ara pɛ.

3. Wɔ esum mmere yi mu no, ɛhe na yebetumi adan akɔ akonya hann?

3 Wɔ saa sum mmere yi mu no, yentumi mmu yɛn ani ngu honhom fam hann a Yehowa de ma yɛn no so. Ɛho hia sɛ yɛhwɛ ma Onyankopɔn Asɛm ma yɛn kwan so yɛ hann, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛkenkan Bible no da biara da. (Dwom 119:105) Kristofo nhyiam ahorow ma yenya hokwan hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran ma yɛkɔ so nantew “treneefo kwan” so. (Mmebusɛm 4:18; Hebrifo 10:23-25) Ahoɔden a yenya fi Bible a yɛde nsi sua ne Kristofo fekubɔ a ɛfata mu no boa yɛn ma yɛkwati mene a “nna a edi akyiri” a ɛbɛba awiei wɔ ‘Yehowa abufuw da’ kɛse no mu sum bɛmene yɛn no. (2 Timoteo 3:1; Sefania 2:3) Saa da no reba ntɛmntɛm! Ɛbɛba ɔkwan biara so sɛnea ɛda a ɛte saa ara baa tete Yerusalem so no.

Yehowa ‘Bu Atɛn’

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ko tiaa Yerusalem? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nnipa kakraa bi pɛ na na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Yerusalem sɛe a ɛbae wɔ afe 607 A.Y.B.? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

4 Ɛrekɔ Yesaia nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye no awiei no, Yehowa kaa nsɛm a na ebesisi akodu n’abufuw da no ho asɛm pefee. Yɛkenkan sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ. Na ogya na [Yehowa, “NW”] de bebu atɛn, na ɔde afoa ne honam nyinaa adi, na wɔn a [Yehowa, “NW”] behwirew wɔn mu bɛdɔɔso.”—Yesaia 66:15, 16.

5 Na ɛsɛ sɛ saa nsɛm no boa Yesaia bere sofo ma wohu aniberesɛm a wɔn tebea no yɛ no. Ná bere bi reba a Babilonfo, sɛ́ Yehowa abrafo no, betu Yerusalem so sa, na wɔn nteaseɛnam bɛbɔ mfutuma kumɔnn te sɛ ahum. Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ hu! Na Yehowa de ntuafo no bedi dwuma ma wɔde n’abufuhyew aba Yudafo a wɔanni nokware, “honam,” no so. Na ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa ankasa na ɔreko atia ne nkurɔfo. Ná ‘n’abufuhyew’ rensan n’akyi. Na Yudafo a ‘Yehowa behwirew wɔn mu’ no bɛdɔɔso. Wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, saa nkɔmhyɛ yi nyaa ne mmamu. *

6. Nneyɛe bɔne bɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yuda?

6 So Yehowa di bem sɛ ‘obuu’ ne nkurɔfo ‘atɛn’? Yiw, odi bem! Mpɛn pii na yɛahu wɔ Yesaia nhoma a yɛresusuw ho yi mu sɛ, ɛwom sɛ na Yudafo no ahyira wɔn ho so ama Yehowa de, nanso wɔde wɔn ho hyɛɛ atoro som mu fee—na Yehowa huu wɔn nneyɛe no nyinaa. Yehu eyi bio wɔ nkɔmhyɛ nsɛm a edi hɔ yi mu sɛ: “Wɔn a wɔtew wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wodi obiakofo a odi mfinimfini akyi ma wodi prakonam ne akyide ne nkura no, wɔbɛbom awie sã, [Yehowa, “NW”] asɛm ni.” (Yesaia 66:17) So na saa Yudafo no ‘retew wɔn ho adwira wɔn ho’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ho ama nokware som? Ɛda adi pefee sɛ ɛnte saa. Mmom no, na wɔde wɔn ho rehyɛ abosonsomfo ahodwira mu wɔ nturo atitiriw bi mu. Ɛno akyi no, wodii prako ne mmoa foforo a na wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew wɔ Mose Mmara no ase no nam adifudepɛ so.—Leviticus 11:7, 21-23.

7. Ɔkwan bɛn so na Kristoman sɛ Yuda a na ɛsom abosom no?

7 Hwɛ sɛnea ɛyɛ abofono sɛ ɔman a ɛne nokware Nyankopɔn koro no ayɛ apam no bɛkɔ tebea a ɛte saa mu! Nanso susuw ho hwɛ: Tebea a ɛyɛ abofono saa ara wɔ Kristoman mu asɔre ahorow mu nnɛ. Eyinom nso kyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, na wɔn akannifo pii kyerɛ sɛ wɔyɛ ahotefo. Nanso, wɔde abosonsomfo nkyerɛkyerɛ ne atetesɛm gu wɔn ho fĩ, na wɔda wɔn ho adi sɛ wɔwɔ honhom fam sum mu. Hwɛ sɛnea wɔwɔ esum kabii mu!—Mateo 6:23; Yohane 3:19, 20.

‘Wɔbɛba Abehu M’anuonyam’

8. (a) Dɛn na na ɛbɛba Yuda ne Kristoman nyinaa so? (b) Ɔkwan bɛn so na na amanaman no ‘behu Yehowa anuonyam’?

8 So Yehowa hu Kristoman nneyɛe a asɛm wɔ ho ne wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no? Kenkan Yehowa nsɛm a edi hɔ a Yesaia kyerɛwee no na hwɛ nea wobɛka wɔ ho: “Minim wɔn nneyɛe ne wɔn adwene, na ɛbɛba sɛ mɛboaboa amanaman ne kasa horow nyinaa ano, na wɔaba abehu m’anuonyam.” (Yesaia 66:18) Yehowa nim na wasiesie ne ho sɛ obebu wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ n’asomfo no nneyɛe ne wɔn adwene nyinaa ho atɛn. Yuda kae sɛ na ogye Yehowa di, nanso ɔnam n’abosonsom ne ne nneyɛe so kyerɛe sɛ ɛnte saa. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ ne manfo nam abosonsomfo amanne so ‘tew’ wɔn ho no. Ná wobetwa ɔman no akyene, na sɛ ɛba saa a, na abosonsomfo a wɔbɛn no no nyinaa behu. Na ‘wobehu Yehowa anuonyam,’ kyerɛ sɛ, na wobehu nsɛm a ebesisi no, na na ɛno bɛma wɔagye atom sɛ Yehowa asɛm abam. Ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa fa Kristoman ho? Sɛ n’awiei ba a, ne kan nnamfo ne n’aguadifo pii begyina nkyɛn ahwɛ a wontumi nyɛ hwee bere a Yehowa asɛm rebam no.—Yeremia 25:31-33; Adiyisɛm 17:15-18; 18:9-19.

9. Asɛmpa bɛn na Yehowa daa no adi?

9 So Yerusalem sɛe a ɛbaa afe 607 A.Y.B. mu no kyerɛe sɛ na Yehowa rennya adansefo wɔ asase so bio? Dabi. Ná mudi mu kurafo a wɔda nsow te sɛ Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no bɛkɔ so asom Yehowa wɔ Babilon nnommumfa mu. (Daniel 1:6, 7) Yiw, na Yehowa adansefo anokwafo bɛwɔ hɔ bere nyinaa, na sɛ mfirihyia 70 no ba awiei a, na mmarima ne mmea anokwafo befi Babilon asan akɔ Yuda na wɔde nokware som asan akosi hɔ. Ɛno ne nea edi hɔ a Yehowa kae: “Mɛyɛ sɛnkyerɛnne wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafi mu afi no akɔ amanaman nkyɛn: Tarsis, Put ne Lud, takuntunfo no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka na wonhuu m’anuonyam no, na wɔakeka m’anuonyam amanaman no mu.”—Yesaia 66:19.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na na Yudafo a wɔanya ahofadi afi Babilon no begyina hɔ sɛ sɛnkyerɛnne? (b) Henanom na wogyina hɔ sɛ sɛnkyerɛnne nnɛ?

10 Ná mmarima ne mmea pii a wɔbɛsan aba Yerusalem wɔ afe 537 A.Y.B. mu no bɛyɛ sɛ ahodwiriwde, adanse a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa agye ne nkurɔfo. Hena na na obenya adwene bi sɛ Yudafo a na wɔafa wɔn nnommum no benya ahofadi da bi abɛsom nokware som wɔ Yehowa asɔrefie? Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so, wɔ afeha a edi kan mu no, wɔn a na wogyina hɔ sɛ “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” no ne Kristofo a na wɔasra wɔn, na ahobrɛasefo a na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa kɔɔ wɔn nkyɛn no. (Yesaia 8:18; Hebrifo 2:13) Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔredi yiye wɔ wɔn asase a wɔasiesie so so no na wogyina hɔ sɛ ahodwiriwde wɔ asase so. (Yesaia 66:8) Wɔyɛ Yehowa honhom no tumi ho adanse, na wɔretwetwe ahobrɛasefo a wɔn koma ka wɔn sɛ wɔbɛsom Yehowa no.

11. (a) Wɔ ogye no akyi no, ɔkwan bɛn so na na amanaman mufo no bɛba abehu Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na Sakaria 8:23 nyaa ne mmamu a edi kan?

11 Nanso, ɔkwan bɛn so na afe 537 A.Y.B. mu ogye no akyi no, na amanaman mufo a wɔntee Yehowa ho asɛm no bɛba abehu no? Wiɛ, ɛnyɛ Yudafo anokwafo no nyinaa na na wɔbɛsan aba Yerusalem wɔ Babilon nnommumfa no awiei. Na ebinom te sɛ Daniel bɛkɔ so atra Babilon. Ná afoforo bɛhwete akɔ asase afanan nyinaa. Wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no, na Yudafo da so tete Persia Ahemman no nyinaa mu. (Ester 1:1; 3:8) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu binom kaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ wɔn afipamfo a na wɔyɛ abosonsomfo no, efisɛ saa amanaman no mufo pii bɛyɛɛ wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo. Saa na na ɛte wɔ Etiopiani piani a Kristoni suani Filipo kaa asɛm kyerɛɛ no wɔ afeha a edi kan mu no fam. (Asomafo no Nnwuma 8:26-40) Eyinom nyinaa yɛɛ odiyifo Sakaria nsɛm no mmamu a edi kan: “Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Nokwarem no, Yehowa maa hann kɔɔ amanaman no mu!—Dwom 43:3.

‘Ayɛyɛde a Wɔde Brɛ Yehowa’

12, 13. Ɔkwan bɛn so na na wobefi ase de ‘anuanom’ aba Yerusalem wɔ afe 537 A.Y.B. mu?

12 Sɛ wɔsan kyekye Yerusalem a, na Yudafo a wɔahwete a wɔwɔ akyirikyiri a wɔmmɛn wɔn kurom no bebu kurow no ne n’asɔfokuw a wɔasan ahyehyɛ no sɛ beae a wɔsom nokware som. Na wɔn mu pii betwa kwantenten aba afe afe afahyɛ wɔ hɔ. Honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama [Yehowa, “NW”], apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, [Yehowa, “NW”] na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba [Yehowa, “NW”] fi no. Na meyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfo ne Lewifo, [Yehowa, “NW”] na ose.”—Yesaia 66:20, 21.

13 Ná wɔn ‘nuanom a wofi amanaman no nyinaa mu’ no bi wɔ hɔ Pentekoste da no, bere a wohwiee honhom kronkron guu Yesu asuafo no so no. Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Na Yudafo bi a wɔyɛ nnipa adefɛrefo a wofi wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.” (Asomafo no Nnwuma 2:5) Wɔbaa Yerusalem bɛsomee sɛnea Yudafo amammerɛ kyerɛ, nanso bere a wɔtee Yesu Kristo ho asɛmpa no, wɔn mu pii nyaa ne mu gyidi ma wɔbɔɔ wɔn asu.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no boaboaa wɔn honhom fam “nuanom” no ano wɔ Wiase Ko I akyi, na ɔkwan bɛn so na eyinom de ‘afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu’ abrɛ Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘yɛɛ ebinom asɔfo’? (d) Kristofo a wɔasra wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ wɔn honhom fam anuanom anoboaboa mu no bi ne henanom? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi no mu.)

14 So saa nkɔmhyɛ yi wɔ ne nnɛyi mmamu? Yiw, ɛwɔ bi. Wiase Ko I akyi no, Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no fi Kyerɛwnsɛm mu hui sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni asi hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Ɛdenam Bible adesua a wɔde ahwɛyiye yɛe so no, wohui sɛ na ɛsɛ sɛ wɔboaboa Ahenni adedifo, anaa ‘anuanom’ foforo ano. Asomfo a wɔwɔ akokoduru de akwantu mfiri ahorow nyinaa bi tutuu akwan kɔɔ ‘asase ano nohoa’ kɔhwehwɛɛ wɔn a na wɔbɛyɛ nkaefo a wɔasra wɔn no mufo, a wɔn mu dodow no ara fii Kristoman asɔre ahorow mu. Bere a wohuu wɔn no, wɔde wɔn brɛɛ Yehowa sɛ ayɛyɛde.—Asomafo no Nnwuma 1:8.

15 Nkaefo a wɔboaboaa wɔn ano tete no anhwɛ kwan sɛ na Yehowa begye wɔn atom esiane tebea a na wɔwom ansa na wɔrebenya Bible mu nokware nimdeɛ no nti. Wɔfaa akwan bi so tew wɔn ho wɔ honhom fam ne abrabɔ fam fĩ ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn ama sɛ ‘afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu,’ anaa sɛnea ɔsomafo Paulo kaa no no, sɛ “ababaa a efi nkaa no.” (2 Korintofo 11:2) Nea ɛka atoro nkyerɛkyerɛ a wɔn a wɔasra wɔn no poe ho no, na ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wɔbɛkɔ so ayɛ nkurɔfo a wonni afã biara wɔ wiase yi amammuisɛm mu nso. Wɔ afe 1931 mu, bere a na Yehowa asomfo atew wɔn ho sɛnea ɛfata no, ofii ayamye mu ma wɔfaa ne din too wɔn ho so sɛ Yehowa Adansefo. (Yesaia 43:10-12) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘yii wɔn mu binom yɛɛ wɔn asɔfo’? Sɛ́ kuw no, saa nkaefo yi bɛyɛɛ “ahene asɔfokuw, ɔman kronkron” a wɔbɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre no fã.—1 Petro 2:9; Yesaia 54:1; Hebrifo 13:15.

Anoboaboa no Kɔ So

16, 17. Henanom ne “mo asefo” no wɔ Wiase Ko I no akyi?

16 “Ahene asɔfokuw” no dodow nyinaa si 144,000, na bere kɔɔ so no, wɔboaboaa wɔn ano wiei. (Adiyisɛm 7:1-8; 14:1) So na anoboaboa adwuma no aba awiei? Dabi. Nkɔmhyɛ no toaa so sɛ: “Sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, [Yehowa, “NW”] asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina.” (Yesaia 66:22) Saa nsɛm no mmamu a edi kan no mu no, na Yudafo a wɔsan fi Babilon nnommumfa mu bae no befi ase awo mma. Enti, na Yudafo nkaefo a wɔsan gyee wɔn, “asase foforo,” a na wɔwɔ Yudafo nniso foforo, “ɔsoro foforo” ase no ase betim. Nanso, nkɔmhyɛ no anya mmamu a ɛyɛ nwonwa koraa wɔ yɛn bere yi so.

17 “Asefo” a honhom fam anuanom man no wo no ne “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no. Wofi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu,” na ‘wogyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim.’ Saafo yi ‘ahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.’ (Adiyisɛm 7:9-14; 22:17) Ɛnnɛ “nnipakuw kɛse” no refi honhom fam sum no mu aba hann a Yehowa de ma no ho. Wogye Yesu Kristo di, na te sɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔasra wɔn no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew honhom fam ne abrabɔ fam. Sɛ́ kuw no, wɔkɔ so som wɔ Kristo akwankyerɛ ase, na wɔbɛkɔ so ‘agyina hɔ’ daa!—Dwom 37:11, 29.

18. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no mufo ayɛ wɔn ade sɛ wɔn nuanom a wɔasra wɔn no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no som Yehowa “ɔsram foforo daa ne homeda daa”?

18 Saa mmarima ne mmea a wɔyɛ adwumaden yi a wɔwɔ asase so anidaso no nim sɛ bere a ɛho hia sɛ wɔma wɔn ho kɔ so tew wɔ abrabɔ fam ne honhom fam no, ehia sɛ wɔyɛ pii na ama wɔasɔ Yehowa ani. Anoboaboa adwuma no rekɔ so denneennen, na wɔpɛ sɛ wonya mu kyɛfa. Adiyisɛm nhoma no hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ: “Wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.” (Adiyisɛm 7:15) Saa nsɛm no kae yɛn Yesaia nkɔmhyɛ no nkyekyem a ɛba ansa na nea etwa to koraa aba no: “Ɛbɛba sɛ ɔsram foforo daa ne homeda daa na ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, [Yehowa, “NW”] na ose.” (Yesaia 66:23) Eyi rekɔ so nnɛ. “Ɔsram foforo daa ne homeda daa”—kyerɛ sɛ, ɔsram biara mu dapɛn biara, daa—Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, nnipakuw kɛse no, hyiam som Yehowa. Nea ɛka nneɛma pii ho no, wɔyɛ eyi denam Kristofo nhyiam ahorow a wɔkɔ ne baguam som adwuma a wɔyɛ so. So woka wɔn a ‘wɔba bɛsɔre Yehowa anim’ daa no ho? Yehowa nkurɔfo nya anigye kɛse wɔ eyi yɛ mu, na nnipakuw kɛse no mufo hwɛ bere a “ɔhonam nyinaa”—adesamma a wɔte ase nyinaa—bɛsom Yehowa afi “ɔsram foforo daa ne homeda daa” akosi daa no kwan.

Onyankopɔn Atamfo Awiei Koraa

19, 20. Dwuma bɛn na wɔde Gehena dii wɔ Bible mmere mu, na ɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

19 Yesaia nkɔmhyɛ a yɛresua no aka nkyekyem biako. Nhoma no de nsɛm yi na ɛba awiei sɛ: “Wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔatõ me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔn ho bepurow ɔhonam nyinaa.” (Yesaia 66:24) Ɛda adi sɛ na nkɔmhyɛ yi wɔ Yesu Kristo adwenem bere a ɔhyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ wɔntra ase sɛ awiɛmfoɔ na wɔmfa Ahenni nneɛma nni kan no. Ɔkae sɛ: “Sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu! Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu, sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom [Gehena, NW], nea wɔn aboaa nwu na ogya no nnum.”—Marko 9:47, 48; Mateo 5:29, 30; 6:33.

20 Dɛn ne saa beae a wɔfrɛ no Gehena yi? Mfehaha pii a abɛsen kɔ no, Yudani nhomanimfo David Kimhi kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ beae a . . . ɛbɛn Yerusalem, na ɛyɛ beae a wɔde atantanne gu, na wɔtow nneɛma a ayɛ fĩ ne afunu gu hɔ. Afei nso na ogya kɔ so dɛw wɔ hɔ a wɔde hyew nneɛma a ɛyɛ fĨ ne afunu no nnompe. Enti, wɔfrɛ abɔnefo atemmu akasabebu mu sɛ Gehinnom.” Sɛ eyi ne nea nhomanimfo no kyerɛ, kyerɛ sɛ, na wɔhyew nwura ne wɔn a na wɔmfata sɛ wosie wɔn afunu wɔ Gehena a, ɛnde na ogya yɛ ade a ɛfata a wɔde beyi nwura a ɛte saa afi hɔ koraa. Nneɛma a na ogya no nhyew no, na mmoawa di. Onyankopɔn atamfo nyinaa awiei ho mfonini a ɛfata bɛn ara ni! *

21. Henanom na Yesaia nhoma no awiei no ye ma wɔn, na dɛn ntia?

21 Sɛ Yesaia nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye no ka afunu, ogya, ne mmoaa, ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so a, so n’awiei no nyɛ hu ankasa? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo ankasa no besusuw sɛ ɛyɛ hu. Nanso, Onyankopɔn nnamfo fam de, daa ɔsɛe a ɛbɛba abɔnefo so ho asɛm a Yesaia ka no hyɛ wɔn nkuran yiye. Yehowa nkurɔfo hia saa awerɛhyem yi a ɛkyerɛ sɛ wɔn atamfo renni wɔn so bio no. Wɔbɛsɛe saa atamfo a wɔama Onyankopɔn asomfo ahu amane pii na wɔde ahohorabɔ pii aba ne din so no korakora. Afei, “ahohia rensɔre mpɛn abien.”—Nahum 1:9.

22, 23. (a) Kyerɛkyerɛ mfaso horow a Yesaia nhoma no a woasua no ama woanya no bi mu. (b) Bere a woasua Yesaia nhoma no awie no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ, na dɛn ne w’anidaso?

22 Bere a yɛrewie Yesaia nhoma no sua no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛahu sɛ Bible mu nhoma yi nyɛ abakɔsɛm a mfaso nni so. Mmom no, ɛwɔ pii ka kyerɛ yɛn nnɛ. Sɛ yesusuw bere bɔne a Yesaia traa mu no ho a, yebetumi ahu nsɛdi a ɛwɔ saa bere no ne yɛn de yi mu no. Wɔ Yesaia bere so no, na amammuisɛm mu basabasayɛ, ɔsom mu nyaatwom, atemmu mu porɔwee, ne anokwafo ne ahiafo a na wɔhyɛ wɔn so ne nneɛma a na ɛrekɔ so, na ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so nso. Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo anokwafo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no ani sɔɔ Yesaia nkɔmhyɛ no, na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nya awerɛkyekye bere a yesua no.

23 Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu a esum akata asase so na esum kabii akata amanaman so no, ɛyɛ yɛn nyinaa anisɔ kɛse sɛ Yehowa nam Yesaia so ama adesamma nyinaa hann! Saa honhom fam hann no nyɛ biribiara sɛ daa nkwa a wɔn a wofi koma nyinaa mu gye tom no benya, a ɔman anaa abusua a wofi mu mfa ho. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so anantew Onyankopɔn Asɛm mu hann mu, akenkan no daa, adwennwen ho, na yɛakyerɛ emu asɛm no ho anigye. Eyi bɛma yɛanya nhyira daa na yɛayi Yehowa din kronkron no ayɛ!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Ɛdefa tebea a ɛkɔɔ so bere a Yerusalem hwee ase wɔ Babilonfo nsam ho no, Yeremia 52:15 ka ‘ɔman no mu ahiafo no mu bi ne nkurɔfo no nkae a wɔkaa kurow no mu’ ho asɛm. Bere a Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 415, reka eyi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ɛda adi sɛ asɛm ‘nkae a wɔkae wɔ kurow no mu’ no kyerɛ sɛ ɔkɔm, yare, anaa ogya, kunkum nnipa pii, anaasɛ wokunkum pii wɔ ɔko no mu.”

^ nky. 20 Esiane sɛ afunu, ɛnyɛ nnipa a wonwui, na na wɔhyew wɔ Gehena nti, saa beae yi nyɛ daa ayayade ho sɛnkyerɛnne.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 409]

Ayɛyɛde a Wɔasra Wɔn a Wɔde Wɔn Fi Amanaman Nyinaa Mu Brɛ Yehowa

Wɔ afe 1920 mu no, Juan Muñiz fii United States kɔɔ Spain, na afei ɔtoaa akwantu no so kɔɔ Argentina, baabi a ɔhyehyɛɛ wɔn a wɔasra wɔn no asafo ahorow. Efi afe 1923 reba no, nokware no ho hann no hyerɛn nnipa komapafo a wɔwɔ Afrika Atɔe fam no so bere a ɔsɛmpatrɛwfo William R. Brown (a na wɔtaa frɛ no Bible Brown no) siim kɔkaa Ahenni no ho asɛm wɔ mmeae te sɛ Sierra Leone, Ghana, Liberia, The Gambia, ne Nigeria no. Saa afe no ara Canadani George Young kɔɔ Brazil, na afei ɔtoaa so kɔɔ Argentina, Costa Rica, Panama, Venezuela, ne Soviet Union mpo. Bɛyɛ saa bere no ara na Edwin Skinner faa po so fii England kɔɔ India, baabi a ɔde mfe pii yɛɛ otwa adwuma no.

[Mfonini wɔ kratafa 411]

Ná Yudafo a wɔbaa Pentekoste no bi yɛ ‘anuanom a wɔde wɔn fi amanaman nyinaa mu aba’

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 413]