Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Mommfa Mo Ho Nnto Ahene So’

‘Mommfa Mo Ho Nnto Ahene So’

Ti Dubiako

‘Mommfa Mo Ho Nnto Ahene So’

Yesaia 50:1-11

1, 2. (a) Afotu a efi honhom mu bɛn na Yudafo no antie, na dɛn na efii mu bae? (b) Dɛn nti na Yehowa bisa sɛ: ‘Ɛhe na awaregyae nhoma no wɔ no?’

“MOMMFA mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. . . . Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa, NW], ne Nyankopɔn, so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase.” (Dwom 146:3-6) Sɛ anka Yudafo a wɔte ase wɔ Yesaia bere so no bɛyɛ wɔn ade sɛ odwontofo no ɛ! Sɛ anka wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ “Yakob Nyankopɔn” mu na ɛnyɛ Misraim anaa abosonsom man foforo biara mu ɛ! Ɛnde, sɛ Yuda atamfo ba ne so a, anka Yehowa bɛyɛ biribi de abɔ ne ho ban. Nanso, Yuda ankɔ Yehowa nkyɛn ankɔhwehwɛ mmoa. Ne saa nti, Yehowa bɛma kwan ma wɔasɛe Yerusalem na wɔafa Yudafo no nnommum akɔ Babilon.

2 Yuda ntumi mmɔ obi foforo biara sobo sɛ n’ankasa ho. Ontumi nka mma ɛmfata sɛ esiane sɛ Yehowa anni no nokware anaa wabu n’ani agu apam a ɔne ɔman no ayɛ so nti na ɔsɛe aba no so. Ɔbɔadeɛ no mmu n’apam so. (Yeremia 31:32; Daniel 9:27; Adiyisɛm 15:4) Bere a Yehowa resi nokwasɛm yi so dua no, obisa Yudafo no sɛ: “Ɛhe ara na mo nã ko nhoma a mede mekoo no no wɔ?” (Yesaia 50:1a) Wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ ɔbarima a ogyae ne yere no ma ɔbea no awaregyae nhoma. Sɛ ɛba saa a na ɔwɔ hokwan sɛ ɔware ɔbarima foforo. (Deuteronomium 24:1, 2) Sɛnkyerɛnne kwan so no, na Yehowa de nhoma a ɛte saa ama Yuda ahemman no nuabea, Israel, nanso na onnya nyɛɛ Yuda saa. * Ɔda so ara yɛ ne “wura.” (Yeremia 3:8, 14) Ɛda adi sɛ Yuda nni hokwan sɛ ɔde ne ho kɔbɔ abosonsomfo aman no ho. Wɔne Yehowa abusuabɔ no bɛkɔ so ‘akosi sɛ Silo [Mesia no] bɛba.’—Genesis 49:10.

3. Dɛn nti na Yehowa ‘tɔn’ ne nkurɔfo?

3 Afei Yehowa bisa Yuda sɛ: “M’akafo mu hena na metɔn mo memaa no?” (Yesaia 50:1b) Wɔremfa Yudafo no nkɔ Babilon nnommum mu mfa wɔn nkotua ɛka bi a Yehowa de. Yehowa nte sɛ Israelni hiani a ɛsɛ sɛ ɔtɔn ne mma ma ɔkafo de tuatua ne ho aka. (Exodus 21:7) Mmom no, Yehowa kyerɛ nea enti ankasa a ne nkurɔfo bɛkɔ nkoasom mu no. “Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo nã.” (Yesaia 50:1d) Ɛyɛ Yudafo no na wɔagyaw Yehowa; ɛnyɛ ɔno na wagyaw wɔn.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ɔdɔ a ɔwɔ ma ne nkurɔfo no adi, nanso ɔkwan bɛn so na Yuda yɛ n’ade?

4 Yehowa asɛmmisa a edi hɔ no si ɔdɔ a ɔwɔ ma ne nkurɔfo no so dua pefee: “Ɛdɛn nti na mebae, na obi nni hɔ, mefrɛe, na obi annye so?” (Yesaia 50:2a) Sɛnea yɛbɛka no no, Yehowa nam ne nkoa adiyifo no so na ɛbaa ne nkurɔfo fie bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi wɔn komam nsan mmra ne nkyɛn. Nanso wɔammua. Yudafo no ani gye ho sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa afi nnipa hɔ, na ɛtɔ mmere bi mpo a wɔkɔ Misraim.—Yesaia 30:2; 31:1-3; Yeremia 37:5-7.

5 So Misraim yɛ ogyefo a wobetumi de wɔn ho ato no so asen Yehowa? Ɛda adi sɛ saa Yudafo a wonni nokware no werɛ afi nneɛma a esisii a ɛma wɔwoo wɔn man no mfehaha bi a atwam no. Yehowa bisa wɔn sɛ: “So me nsa yɛ tiaa sɛ mintumi minnye, anaasɛ tumi a mede meyi bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema po yow, mema nsubɔnten dannan sare so, nsu a enni hɔ nti, emu nam porɔporɔw, na osukɔm kunkum wɔn. Mede tumm mekata ɔsoro, na mede atweaatam meyɛ ne nkataho.”—Yesaia 50:2b, 3.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne nkwagye tumi adi wɔ Misrifo ahunahuna no mu?

6 Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, na Misraim ne Onyankopɔn nkurɔfo hohiafo—na ɔnyɛ ogyefo a wɔn ani da no so. Na Israelfo yɛ nkoa wɔ saa abosonsomfo asase no so. Nanso, Yehowa gyee wɔn, na hwɛ sɛnea na saa ogye no yɛ anigye! Nea edi kan no, ɔde Ɔhaw Ahorow Du baa asase no so. Ɔhaw a ɛto so du a ɛsɛee ade titiriw akyi no, Misrifo Farao hyɛɛ Israelfo no sɛ womfi ɔman no mu nkɔ. (Exodus 7:14-12:31) Nanso, wɔyɛɛ saa akyi no, ankyɛ na Farao koma sakrae. Ɔboaboaa n’asraafo ano, na wosii so sɛ wɔrekɔhyɛ Israelfo no de wɔn asan aba Misraim. (Exodus 14:5-9) Bere a Misrifo asraafo dɔm wɔ Israelfo no akyi na Ɛpo Kɔkɔɔ no da wɔn anim no, na wɔaka wɔn ahyem ankasa! Nanso, na Yehowa wɔ hɔ a ɔbɛko ama wɔn.

7 Yehowa siw Misrifo no kwan denam omununkum dum a ɔde besii wɔne Israelfo no ntam no so. Wɔ Misrifo no afa a na omununkum ne sum wɔ no, na wonhu ade; na hann wɔ Israelfo no afa. (Exodus 14:20) Enti, bere a wosiw Misraim asraafo no kwan no, Yehowa “de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔɔ akyi anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ase ma ɛyɛɛ asase kesee.” (Exodus 14:21) Bere a nsu no mu paee no, nnipa no nyinaa—mmarima, mmea, ne mmofra—tumi twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no dwoodwoo. Bere a Yehowa nkurɔfo no reyɛ adu po no agya no, ɔmaa omununkum no so. Misrifo no tiw wɔn ɔhyew so sii nsu no amena no mu. Bere a Yehowa nkurɔfo no duu po no agya dwoodwoo no, ogyaee nsu no mu ma ɛfaa Farao ne n’asraafo no. Yehowa nam saayɛ so ko maa ne nkurɔfo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nkuranhyɛ ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ!—Exodus 14:23-28.

8. Awiei koraa no, kɔkɔbɔ bɛn na Yudafo no bu wɔn ani gu so a ɛma wɔkɔ nnommumfa mu no?

8 Eduu Yesaia bere so no, na mfirihyia ahanson atwam fi saa ɔsoro nkonimdi no so. Saa bere yi, Yuda yɛ ɔman a ɔte n’ankasa asase so. Ɛtɔ mmere bi a ɔne ananafo nniso ahorow te sɛ Asiria ne Misraim kɔyɛ amammui nhyehyɛe. Nanso, wɔrentumi mfa wɔn ho nto saa abosonsomfo aman yi akannifo so. Wɔde wɔn ankasa ahiade bedi apam biara a wɔne Yuda bɛyɛ no kan bere nyinaa. Bere a odiyifo no rekasa wɔ Yehowa din mu no, ɔbɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ wɔmmfa wɔn ho nnto nnipa a wɔte saa so, nanso wontie adiyifo no nsɛm no. Awiei koraa no, na wɔde Yudafo no bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilon ma wɔakɔsom mfirihyia 70. (Yeremia 25:11) Nanso, Yehowa werɛ remfi ne nkurɔfo, na saa ara na ɔrento wɔn nkyene koraa. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛkae wɔn, na obebue kwan ma wɔaba wɔn kurom ma wɔde nokware som abesi hɔ bio. Ama dɛn? De asiesie wɔn ho ama Silo, nea aman nyinaa bɛyɛ osetie ama no no mmae!

Silo no Ba

9. Hena ne Silo no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo bɛn?

9 Mfehaha pii twam. ‘Bere no wie du,’ na nea wɔfrɛ no Silo no, Awurade Yesu Kristo, ba asase so. (Galatifo 4:4; Hebrifo 1:1, 2) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa apaw ne hokafo a ɔsen biara sɛ ne Kasamafo ma Yudafo no da sɛnea Yehowa dɔ ne nkurɔfo kɛse no adi. Yesu bɛyɛ ɔkasamafo bɛn? Nea ɔsen biara! Yesu sen ɔkasamafo kɛkɛ, ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo—Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ ɔwɔ Ɔkyerɛkyerɛfo kunini—Yehowa Nyankopɔn ankasa. (Yohane 5:30; 6:45; 7:15, 16, 46; 8:26) Yesu nam nea ɔnam Yesaia so ka no nkɔmhyɛ kwan so no so si eyi so dua sɛ: [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn ama me asuafo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ; onyan me daa anɔpa, onyan m’aso ma me, sɛ memfa mintie sɛ asuafo.”—Yesaia 50:4. *

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu da ɔdɔ a Yehowa wɔ ma Ne nkurɔfo no adi, na nkurɔfo no yɛ wɔn ade dɛn wɔ Yesu ho?

10 Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔne N’agya ayɛ adwuma wɔ soro. Wɔka abusuabɔ pa a ɛda Agya ne Ɔba ntam no ho asɛm wɔ anwensɛm kwan so wɔ Mmebusɛm 8:30: ‘Na mewɔ Yehowa nkyɛn sɛ odwumayɛni a waben, na m’ani gye n’anim bere nyinaa.’ Yesu Agya a otiee no no maa n’ani gyei kɛse. Na ɔwɔ ɔdɔ a N’agya wɔ ma “nnipa mma” no bi. (Mmebusɛm 8:31) Bere a Yesu ba asase so no, ɔde n’ano asɛm bua “nea wabrɛ.” Ofi ne som adwuma ase denam Yesaia nkɔmhyɛ mu awerɛkyekyesɛm bi a ɔkenkan so: ‘Yehowa honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo, sɛ mimmegya wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no kwan.’ (Luka 4:18; Yesaia 61:1) Asɛmpa ma ahiafo! Ɔhome ma nea wabrɛ! Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ amanneɛbɔ yi ma nkurɔfo no ani gye! Ebinom di ahurusi—nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa. Awiei koraa no, nnipa pii nnye Yesu adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ obi a Yehowa akyerɛkyerɛ no no nni.

11. Henanom na wɔne Yesu hyɛ kɔndua ase, na dɛn na wonya?

11 Nanso, ebinom pɛ pii atie. Wɔde anigye gye Yesu frɛ a ɛka koma no so: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mateo 11:28, 29) Wɔn a wɔba Yesu nkyɛn no bi ne wɔn a wɔbɛyɛ n’asomafo no. Wonim sɛ Yesu kɔndua a wɔbɛfa ato wɔn ho so no kyerɛ adwumaden a wɔbɛyɛ. Nea ɛka saa adwuma yi ho ne Ahenni ho asɛmpa no a wɔbɛka akosi asase ano no. (Mateo 24:14) Bere a asomafo no ne asuafo afoforo de wɔn ho hyɛ saa adwuma yi mu no, wohu sɛ ɛma wonya ɔhome ma wɔn kra ampa. Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ reyɛ adwuma koro yi ara bi, na wɔn ho a wɔde hyɛ mu no ma wonya anigye a ɛte saa ara.

Ɔnyɛ Otuatewfo

12. Akwan bɛn so na Yesu ma osetie a ɔyɛ ma ne soro Agya no da adi?

12 Yesu werɛ mfi atirimpɔw a enti ɔbaa asase so—sɛ́ ɔrebɛyɛ Onyankopɔn apɛde—no da. Wɔhyɛɛ sɛnea osusuw nneɛma ho no ho nkɔm sɛ: [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mantew atua mansan m’akyi.” (Yesaia 50:5) Yesu yɛ osetie ma Onyankopɔn bere nyinaa. Nokwarem no, otie no ara ma ɔka sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ.” (Yohane 5:19) Ɛda adi sɛ ansa na Yesu reba asase so no, na ɔne N’agya ayɛ adwuma mfirihyia ɔpepem pii, anaa ɔpepepem pii mpo. Bere a ɔba asase so no, ɔkɔ so di Yehowa akwankyerɛ akyi. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn, Kristo akyidifo a yɛnyɛ pɛ no, de ahwɛyiye yɛ nea Yehowa kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no!

13. Dɛn na ɛda Yesu anim, nanso ɔkwan bɛn so na ɔda ne ho adi sɛ ɔwɔ akokoduru?

13 Wɔn a wɔpo Yehowa Ba a ɔwoo no koro no mu bi taa no, na wɔkaa eyi nso ho asɛm siei: “Medan m’akyi memaa mmaakãfo, ne m’afono nso memaa nhwi pempenfo; manyi m’ani mamfi ahohorade ne ntasu ho.” (Yesaia 50:6) Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, Mesia no behu yaw ne ahohorabɔ wɔ asɔretiafo nsam. Yesu nim eyi. Na onim baabi a saa ɔtaa yi bɛkɔ akodu. Nanso, bere a ne bere a obedi wɔ asase so rebɛn awiei no, ɔda ne ho adi sɛ onsuro biribiara. Bere a osi ne bo sɛ twerɛbo no, osi mu kɔ Yerusalem, baabi a ne desani nkwa bɛba awiei no. Bere a Yesu nam kwan so rekɔ no, ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo, na wɔagoru ne ho, na wɔafefe ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio.” (Marko 10:33, 34) Nnipa a anka ɛsɛ sɛ wohu no yiye—asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no—na wopiapia nkurɔfo ma wɔyɛ no ayayade yi nyinaa.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm a ese wɔbɛbɔ Yesu mmaa abɔ no ahohora no baa mu?

14 Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no, Yesu ne n’akyidifo no bi wɔ Getsemane turom. Ɔrebɔ mpae. Mpofirim, basabasayɛfo ba bɛkyere no. Nanso, onsuro. Onim sɛ Yehowa ka ne ho. Yesu ma n’asomafo a ehu aka wɔn no awerɛhyem sɛ, sɛ ɔpɛ a anka obetumi asrɛ N’agya ma wasoma abɔfo bɛboro asafotow dumien ma wɔabegye no, nanso ɔde ka ho sɛ: “Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?”—Mateo 26:36, 47, 53, 54.

15 Biribiara a wɔka faa Mesia no asɛnni ne ne wu ho sie no bam. Bere a wobuu no atɛnkyea wɔ Sanhedrin no anim wiei no, Pontio Pilato bisabisaa Yesu nsɛm, na ɔma wɔhwee no. Roma asraafo no de “demmire paa n’atifi.” Enti Yesaia nsɛm no bam. (Marko 14:65; 15:19; Mateo 26:67, 68) Ɛwom sɛ Bible nka sɛ wotutuu Yesu abogyesɛ—adeyɛ a ɛkyerɛ animtiaabu koraa—de, nanso ɛda adi sɛ eyi si, sɛnea Yesaia ka siei no. *Nehemia 13:25.

16. Wɔ nhyɛso a emu yɛ den mu no, Yesu yɛ n’ade dɛn, na dɛn nti na n’ani nwu?

16 Bere a Yesu gyina Pilato anim no, ɔnsrɛ no sɛ ɔnkora ne nkwa so, na mmom ɔyɛ komm wɔ nidi mu, a onim sɛ ɛsɛ sɛ owu na ama Kyerɛwnsɛm no abam. Bere a Roma amrado no ka sɛ ɔwɔ tumi sɛ obu Yesu kumfɔ anaasɛ ogyae no no, Yesu de akokoduru ka sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara.” (Yohane 19:11) Pilato asraafo no yɛ Yesu ayayade pii, nanso wontumi nhyɛ no aniwu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ n’ani wu? Ɛnyɛ mmarato bi nti na wɔretwe n’aso. Mmom no, trenee nti na wɔretaa no. Eyi nti, Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm foforo bam: [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me so; enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛbo, na minim sɛ m’ani renwu.”—Yesaia 50:7.

17. Akwan bɛn so na Yehowa agyina Yesu akyi wɔ ne som adwuma nyinaa mu?

17 Yesu akokoduru no gyina Yehowa mu ahotoso a ɔwɔ so. Ne nneyɛe ne Yesaia nsɛm yi hyia koraa: “Nea obu me bem no bɛn, hena na ɔne me bedi asi? Ɔmma yennyina nhyiam. Hena na ɔne me anya? Ma ɔmmɛn me. Hwɛ, [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn bɛboa me: hena ne nea obebu me fɔ? Hwɛ, wɔn nyinaa besuw sɛ atade, nwewee bedi wɔn.” (Yesaia 50:8, 9) Da a wɔbɔ Yesu asu no, Yehowa bu no treneeni sɛ Onyankopɔn honhom mu ba. Nokwarem no, wɔte Onyankopɔn ankasa nne saa da no sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Wɔ Yesu asase so asetra awiei mu no, bere a obu nkotodwe bɔ mpae wɔ Getsemane turom no ‘ɔbɔfo fi soro beyi ne ho adi kyerɛ no hyɛ no den.’ (Luka 22:41-43) Enti Yesu nim sɛ N’agya pene n’asetra kwan no so. Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ yi nyɛɛ bɔne. (1 Petro 2:22) Yesu atamfo bɔ no atoro sobo sɛ ɔsɛe Homeda, ɔyɛ ɔsabofo, ɔwɔ honhommɔne, nanso wɔn atosɛm yi mu biara ngu n’anim ase. Onyankopɔn ka no ho, enti hena na obetumi ne no adi asi?—Luka 7:34; Yohane 5:18; 7:20; Romafo 8:31; Hebrifo 12:3.

18, 19. Nneɛma a ɛte sɛ nea Yesu hyiae bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no ahyia?

18 Yesu bɔ n’asuafo kɔkɔ sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Ankyɛ na nsɛm a esisi no ma eyi bam. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, honhom kronkron ba Yesu asuafo anokwafo no so, na wɔwo Kristofo asafo no. Ɛkame ayɛ sɛ ntɛm ara na nyamesom akannifo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ asɛnka adwuma a saa mmarima ne mmea a saa bere no na wɔde wɔn ho abɔ Yesu sɛ “Abraham aseni” no fã, na wɔayɛ wɔn Onyankopɔn honhom mu mma no yɛ no, ase. (Galatifo 3:26, 29; 4:5, 6) Efi afeha a edi kan no mu besi nnɛ, ɛho abehia sɛ bere a Kristofo a wɔasra wɔn no gyina trenee afã pintinn no, wogyina atosɛm ne ɔtaa a emu yɛ den a Yesu atamfo de ba wɔn so no ano.

19 Nanso, wɔkae Yesu nkuranhyɛ nsɛm no: “Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.” (Mateo 5:11, 12) Enti, wɔ ntua a emu yɛ den sen biara mu mpo no, Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔn ti so. Ɛmfa ho nea wɔn asɔretiafo ka biara no, wonim sɛ Onyankopɔn abu wɔn bem. Wɔ n’ani so no, ‘wonni dɛm na asɛm bi nni wɔn ho.’—Kolosefo 1:21, 22.

20. (a) Henanom na wɔboa Kristofo a wɔasra wɔn no, na dɛn na aba wɔn so? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no benya asuafo tɛkrɛma?

20 Ɛnnɛ bere yi mu no, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no boa Kristofo a wɔasra wɔn no. Eyinom nso gyina trenee afã. Enti, wɔne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no abom ahu amane na “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya mu.” Yehowa abu wɔn bem a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14, 15; Yohane 10:16; Yakobo 2:23) Sɛ ɛte sɛ nea wɔn atamfo no yɛ den nnɛ mpo a, Yesaia nkɔmhyɛ no ka sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, saa atamfo no bɛyɛ sɛ ntama a nwewee awe a ɛsɛ sɛ wɔtow gu. Enkosi saa bere no, Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no nyinaa nam mpae a wɔbɔ no daa, Onyankopɔn Asɛm a wosua, ne asafo nhyiam ahorow a wɔbɛkɔ akɔsom so, bɛkɔ so ayɛ den. Yehowa nam saayɛ so kyerɛkyerɛ wɔn, na wosua sɛ wɔde asuafo tɛkrɛma bɛkasa.

Fa Wo Ho To Yehowa Din So

21. (a) Henanom na wɔnantew hann mu, na dɛn na wobenya? (b) Dɛn na ɛba wɔn a wɔnantew sum mu no so?

21 Afei hyɛ ntotoho yi nsow: “Mo mu hena na osuro [Yehowa, “NW”] na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma ɔmfa ne ho nto [Yehowa, “NW”] din so, na ontweri ne Nyankopɔn.” (Yesaia 50:10) Wɔn a wotie Onyankopɔn Akoa, Yesu Kristo, nne no nantew hann no mu. (Yohane 3:21) Ɛnyɛ Onyankopɔn din, Yehowa, nko na wɔde di dwuma, na mmom wɔde wɔn ho to onii a okura saa din no so nso. Sɛ wɔnantewee sum mu bere bi mpo a, mprempren de wonsuro nnipa bio. Wɔde wɔn ho tweri Onyankopɔn. Nanso, onipa ho suro kyere wɔn a wɔkɔ so nantew sum mu no. Saa na ɛto Pontio Pilato. Ɛwom sɛ onim sɛ Yesu nni fɔ wɔ atoro sobo a wɔde abɔ no no ho de, nanso ehu mma saa Roma aban panyin no nnyae Yesu. Roma asraafo no kum Onyankopɔn Ba no, nanso Yehowa nyan no hyɛ no anuonyam di no ni. Na Pilato nso ɛ? Sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛ no, Yesu wu akyi mfirihyia anan pɛ no, wɔde obi besii Pilato ananmu sɛ Roma amrado na wɔhyɛɛ no sɛ ɔnsan mmra Roma mmeyi n’ano wɔ nneyɛe bɔne ho sobo bi a anibere wom ho. Na Yudafo a wɔkɔfaa Yesu wu no bae no nso ɛ? Nea ennu mfirihyia aduanan no, Roma asraafo sɛee Yerusalem kunkum emufo no na wɔde ebi kɔɔ nkoasom mu. Adepa biara nni hɔ mma wɔn a wɔpɛ sum no!—Yohane 3:19.

22. Dɛn nti na ɛyɛ nkwaseasɛm koraa sɛ obi bɛhwehwɛ nkwagye afi nnipa hɔ?

22 Ɛyɛ nkwaseasɛm koraa sɛ obi bɛhwehwɛ nkwagye afi nnipa hɔ. Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu sɛ: “Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛw mia nyinaa, monkɔ mo gya no dɛw ne nnyentia a moasosɔ no mu. Me nsam na eyi befi ayɛ mo, ɛyaw mu na mobɛdeda.” (Yesaia 50:11) Nnipa akannifo ba na wɔkɔ. Onipa bi a ɔwɔ ɔdom akyɛde soronko wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu betumi akyere nkurɔfo adwene bere tiaa mu. Nanso, onipa a ɔyɛ nokwaredifo koraa mpo wɔ anohyeto wɔ nea obetumi ayɛ mu. Sɛ́ anka ɔbɛsɔ ogya buruburuw ano sɛnea n’akyidifo bɛhwɛ kwan no, ebia nea obetumi asɔ ara ne ogya a “ɛdɛw” kakraa bi a ɛma hann ne ɔhyew ketewaa bi pɛ, na adum. Nanso, wɔn a wɔde wɔn ho to Silo, Onyankopɔn Mesia a wahyɛ ne ho bɔ so no nsa rensi fam da.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2Yesaia ti 50 no nkyekyem abiɛsa a edi kan no, Yehowa ka Yuda man mũ no nyinaa ho asɛm sɛ ne yere ne ankorankoro a wɔwom no sɛ ne mma.

^ nky. 9 Efi nkyekyem 4 kosi awiei no, ɛte sɛ nea ɔkyerɛwfo no reka n’ankasa ho asɛm. Ebetumi aba sɛ Yesaia hyiaa sɔhwɛ ahorow a ɔka ho asɛm wɔ saa nkyekyem ahorow yi mu no bi. Nanso, ne ntease paa mu no, nkɔmhyɛ no nya mmamu wɔ Yesu Kristo so.

^ nky. 15 Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔ Septuagint mu no, Yesaia 50:6 kenkan sɛ: “Medan m’akyi memaa mmaa, ne m’afono memaa akuturuku.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 155]

Yudafo no de wɔn ho to nnipa sodifo so sen Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 156, 157]

Wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa nam mununkum dum a ɔde sii ne nkurɔfo ne Misrifo ntam no so bɔɔ ne nkurɔfo ho ban