Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mommom Nto Anigye Dwom”!

“Mommom Nto Anigye Dwom”!

Ti Dumiɛnsa

“Mommom Nto Anigye Dwom”!

Yesaia 52:1-12

1. Dɛn nti na nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 52 no yɛ ade a ɛma yenya anigye, na mmamu abien bɛn na enya?

AHOFADI! So akwanhwɛ foforo bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ nea anigye wom ma nkurɔfo a wɔafa wɔn nnommum sen eyi? Esiane sɛ Yesaia nhoma no mu asɛmti titiriw ne ahofadi ne ogye nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Nnwom nhoma no akyi no, saa Bible mu nhoma yi ka anigye ho asɛm sen nhoma foforo biara. Yesaia ti 52 titiriw ma Onyankopɔn nkurɔfo nya nea wobegyina so adi ahurusi. Emu nkɔmhyɛ nsɛm nya ne mmamu wɔ Yerusalem so wɔ afe 537 A.Y.B. Na enya ne mmamu kɛse wɔ “ɔsoro Yerusalem,” Yehowa soro ahyehyɛde a honhom abɔde na wɔwom, a ɛtɔ mmere bi a wɔka ho asɛm sɛ ɛna ne ɔyere no, so.—Galatifo 4:26; Adiyisɛm 12:1.

‘Sion, Hyɛ W’ahoɔden!’

2. Bere bɛn na Sion nyan, na ɔkwan bɛn so na eyi si?

2 Yehowa nam Yesaia so frɛ Ne kurow a ɔdɔ no, Sion sɛ: “Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio. Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre, tra ase! Sion babea a wɔafa wo dommum, sansãn wo kɔn mu nkyehama!” (Yesaia 52:1, 2) Esiane sɛ Yerusalemfo ahyɛ Yehowa abufuw nti, adan amamfõ mfirihyia 70. (2 Ahene 24:4; 2 Beresosɛm 36:15-21; Yeremia 25:8-11; Daniel 9:2) Afei bere adu sɛ onyan fi bere tenten a ɔde ada no mu na ɔhyɛ n’ahofadi ntade fɛfɛ no. Yehowa aka Kores koma sɛ onkogye “Sion babea a wɔafa no dommum” no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a na anka wɔte Yerusalem ne wɔn mma betumi afi Babilon asan akɔ Yerusalem de nokware som akosi hɔ bio. Ɛnsɛ sɛ wohu momonotoni ne wɔn a wɔn ho ntew biara wɔ Yerusalem.—Esra 1:1-4.

3. Dɛn nti na yebetumi afrɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no “Sion babea,” na ɔkwan bɛn so na wogye wɔn?

3 Yesaia nsɛm yi nya ne mmamu wɔ Kristofo asafo no so nso. Yebetumi aka Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ho asɛm sɛ nnɛyi “Sion babea,” efisɛ wɔn na ne “ɔsoro Yerusalem.” * Esiane sɛ wɔagye wɔn a wɔasra wɔn no afi abosonsomfo ne awaefo nkyerɛkyerɛ ho nti, ɛsɛ sɛ wokura wɔn ahotew mu wɔ Yehowa anim, ɛnyɛ sɛ wobetwa wɔn twetia honam fam, na mmom sɛ wobetwa wɔn twetia wɔ wɔn koma mu. (Yeremia 31:33; Romafo 2:25-29) Nea ɛka eyi ho ne honhom fam, adwenem, ne abrabɔ fam ahotew mu a wobekura wɔ Yehowa anim.—1 Korintofo 7:19; Efesofo 2:3.

4. Ɛwom sɛ “ɔsoro Yerusalem” nyɛɛ Yehowa so asoɔden da de, nanso n’asase so ananmusifo suahu ahorow bɛn na ɛte sɛ tete Yerusalemfo no de?

4 Nokwarem no, “ɔsoro Yerusalem” nyɛɛ Yehowa so asoɔden da. Nanso, wɔ wiase ko a edi kan no mu no, n’asase so ananmusifo—Kristofo a wɔasra wɔn no—buu Yehowa mmara so a wɔanhyɛ da esiane sɛ na wɔnte afã biara a nokware Kristofo nni no ase yiye nti. Esiane sɛ wɔhweree Onyankopɔn anim dom nti, wɔbaa honhom fam nnommumfa mu wɔ “Babilon Kɛse,” wiase atoro som ahemman, no mu. (Adiyisɛm 17:5) Wɔn nkoayɛ no duu ne mpɔmpɔn so wɔ June, 1918 mu, bere a wotwaa atoro too Ɔwɛn Aban Asafo no mu adwumayɛfo baawɔtwe so, a na atirisopam ka ho, de wɔn guu afiase no. Ɛkame ayɛ sɛ wogyaee asɛmpaka adwuma no saa bere no koraa. Nanso, wɔ afe 1919 mu no, wɔde ɔfrɛ bi a emu yɛ den a ɛbɛma wɔanyan honhom fam too gua. Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase twee wɔn ho fii Babilon Kɛse no abrabɔ fam ne honhom mu fĩ ho koraa. Wɔsɔre fii nnommumfa mu mfutuma mu, na “ɔsoro Yerusalem” baa “kurow kronkron” a honhom fam fĩ nkɔ mu no anuonyam mu.

5. Dɛn nti na Yehowa wɔ hokwan koraa sɛ ogye ne nkurɔfo a ontua hwee mma wɔn nnommumfafo no?

5 Wɔ afe 537 A.Y.B. ne afe 1919 Y.B. nyinaa mu no, Yehowa nyaa hokwan a ɛfata koraa sɛ obegye ne nkurɔfo. Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] se ni: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo.” (Yesaia 52:3) Bere a tete Babilon ne Babilon Kɛse nyinaa yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam nkoa no, wɔn mu biara antua hwee. Esiane sɛ sikasɛm biara amma mu nti, na Yehowa da so ara yɛ ne nkurɔfo no Wura wɔ mmara kwan so. So na ɛsɛ sɛ ɔte nka sɛ ɔde obi ka? Dabida. Wɔ nsɛm abien no nyinaa mu no, na Yehowa betumi agye n’asomfo ma afata a ɔrentua biribiara mma wɔn nnommumfafo no.—Yesaia 45:13.

6. Abakɔsɛm mu asuade bɛn na Yehowa atamfo ansusuw ho?

6 Na Yehowa atamfo nsuaa biribi mfii abakɔsɛm mu. Yɛkenkan sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn ka ni: Me man sian kɔɔ Misraim kan kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.” (Yesaia 52:4) Misraim Farao yɛɛ Israelfo a na wɔato nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛtra n’asase so sɛ ahɔho no nkoa. Nanso, Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no faa Farao ne n’asraafo no. (Exodus 1:11-14; 14:27, 28) Bere a Asiria hene Sanaherib hunahunaa Yerusalemfo no, Yehowa bɔfo kunkum ɔhene no asraafo 185,000. (Yesaia 37:33-37) Saa ara na tete Babilon anaa Babilon Kɛse no remfa wɔn ho nni wɔ nhyɛso a wɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no ho.

“Me Man Behu Me Din”

7. Nnommumfa mu a Yehowa nkurɔfo kɔe no kaa ne din dɛn?

7 Sɛnea nkɔmhyɛ no da no adi no, nnommumfa mu a Yehowa nkurɔfo wɔ no ka ne din: “Afei, dɛn na mewɔ meyɛ ɛha, [Yehowa, “NW”] asɛm ni, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wodi wɔn so no teɛteɛm, [Yehowa, “NW”] asɛm ni; na wɔka me din ho abususɛm daa yi, daa adesae. Ne saa nti me man behu me din, ne saa nti da no ara wobehu sɛ me ara mene nea ɔka sɛ: Mini.” (Yesaia 52:5, 6) Tebea no ho hia Yehowa dɛn? Nnommum a Babilon afa Israel no fa no ho dɛn? Ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ ho biribi efisɛ Babilon afa ne nkurɔfo nnommum, na wɔateɛteɛm agu wɔn so nkonimdi mu. Ahohoahoa a ɛte saa ama Babilon abu Yehowa din animtiaa. (Hesekiel 36:20, 21) Wanhu sɛ esiane sɛ Yehowa bo afuw ne nkurɔfo nti na Yerusalem da mpan no. Mmom no, Babilon abu nkoa a wɔayɛ Yudafo no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn Nyankopɔn no nni ahoɔden. Babilonfo hene yɔnko sodifo Belsasar di Yehowa ho fɛw mpo denam N’asɔrefie hɔ anwenne a wɔde dii dwuma wɔ apontow ase de dii Babilon anyame ni no so.—Daniel 5:1-4.

8. Efi bere a asomafo no wuwui no, wɔayɛ Yehowa din dɛn?

8 Ɔkwan bɛn so na eyinom nyinaa fa “ɔsoro Yerusalem” ho? Efi bere a ɔwae gyee ntini wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no, yebetumi aka sɛ ‘wɔn nti wɔsɛee Nyankopɔn din amanaman mu.’ (Romafo 2:24; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Esiane gyidihunu nti na Yudafo no fii ase gyaee Onyankopɔn din bɔ. Asomafo no wu akyi no, ankyɛ na Kristofo awaefo no nso dii Yudafo no akyi gyaee Onyankopɔn din bɔ. Ɔwae na ɛde Kristoman, Babilon Kɛse no fã titiriw no, bae. (2 Tesalonikafo 2:3, 7; Adiyisɛm 17:5) Kristoman brasɛe ne mogya ho fɔ pii a wodi no agu Yehowa din ho fĩ kɛse.—2 Petro 2:1, 2.

9, 10. Yehowa gyinapɛn ahorow ne ne din ho ntease a emu dɔ bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a ɔne wɔn ayɛ apam no abenya?

9 Bere a Kores Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, gyee Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no fii Babilon Kɛse nnommumfa mu wɔ afe 1919 mu no, wɔbɛtee Yehowa ahwehwɛde ahorow ase yiye. Na wɔahohoro wɔn ho afi Kristoman nkyerɛkyerɛ pii a efi abosonsomfo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba nkyɛn, te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu, ayayade a wɔyɛ nkurɔfo daa wɔ hellgya mu, ho dedaw. Afei wofii ase twee wɔn ho fii Babilon nkɛntɛnso nkekae nyinaa ho. Wobehuu sɛnea ɛho hia sɛ wokura afã biara a wonni wɔ wiase yi akuwakuw ho nsɛm mu no mu pintinn nso. Wɔhwehwɛe mpo sɛ wɔtew wɔn ho wɔ mogya ho fɔ a ebetumi aba sɛ wɔn mu bi adi no ho.

10 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso benyaa hia a Yehowa din ho hia no ho ntease a emu dɔ. Wɔ afe 1931 mu no, wɔfaa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so, na wɔnam saayɛ so bɔɔ no dawuru wɔ baguam sɛ wogyina Yehowa ne ne din akyi. Afei nso, Yehowa Adansefo nam New World Translation a wotintimii fi afe 1950 no so asan de Onyankopɔn din ahyɛ nea ɛhyɛ wɔ Bible mu. Yiw, wɔabehu Yehowa din na wɔrebɔ no dawuru akosi asase ano.

‘Nea Ɔka Asɛmpa No’

11. Ɛdefa nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ afe 537 A.Y.B. mu ho no, dɛn nti na nteɛm a ɛne “wo Nyankopɔn di hene!” no fata?

11 Afei wɔsan dan yɛn adwene ba Sion so bere a ɛda so da mpan no. Ɔsomafo bi de asɛmpa ba sɛ: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: wo Nyankopɔn di hene!” (Yesaia 52:7) Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ Sion Nyankopɔn dii Hene wɔ afe 537 A.Y.B. mu? So Yehowa nyɛɛ Ɔhene bere nyinaa? Nokwarem no, ɔne “mmeresanten hene”! (Adiyisɛm 15:3, NW) Nanso, nteɛm a ɛne “wo Nyankopɔn di hene!” no fata efisɛ Babilon asehwe ne ka a ɔhene no ka sɛ wɔnsan nsi Yerusalem asɔrefie no na wɔmfa nokware som nsi hɔ bio no yɛ Yehowa ahenni foforo ho asɛm a wɔda no adi.—Dwom 97:1.

12. Hena na odii anim ‘kaa asɛmpa no,’ na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa?

12 Wɔ Yesaia bere so no, wɔammɔ onipa anaa nnipakuw bi din sɛ wɔne ‘wɔn a wɔka asɛmpa no.’ Nanso, ɛnnɛ, yenim nea ɔka asɛmpa no. Yesu Kristo ne Yehowa asomdwoe ho somafo a ɔsen biara. Bere a ɔwɔ asase so no, ɔkaa asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn afi nea Adam bɔne de bae a yenya fi awo mu, a nea ɛka ho ne yare ne owu, no nyinaa mu. (Mateo 9:35) Yesu daa nsiyɛ ho nhwɛso adi wɔ biribi pa ho asɛmpaka yi mu, de hokwan biara a onyae kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. (Mateo 5:1, 2; Marko 6:34; Luka 19:1-10; Yohane 4:5-26) N’asuafo no nso dii ne nhwɛso no akyi.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo trɛw nea asɛm “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara” no kyerɛ no mu? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ asomafo no anan yɛ “fɛ”?

13 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu no, ɔfaa Yesaia 52:7 mu asɛm kae de sii hia a asɛmpaka adwuma no ho hia so dua. Obisa nsɛm bi a ɛkanyan adwene, a ebi ne sɛ ‘Ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo bɛte bere a obi nkaa asɛm no nkyerɛɛ wɔn?’ Afei ɔka sɛ: “Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!” (Romafo 10:14, 15) Enti Paulo trɛw sɛnea ɔde Yesaia 52:7 di dwuma no mu, ɔmfa biako kabea “nea,” a ɛwɔ tete Yesaia nkyerɛwee ankasa mu no na edi dwuma na mmom ɔde dodow kabea “asɛmpakafo” mmom na edi dwuma. Esiane sɛ Kristofo suasua Yesu Kristo nti, wɔn nyinaa yɛ asomdwoe asɛmpa no ho asomafo. Wɔn anan yɛ “fɛ” dɛn? Yesaia kasa te sɛ nea ɔsɛmpakafo no fi Yuda mmepɔw a ɛbɛn Yerusalem no bi so na ɛreba. Sɛ wowɔ akyirikyiri a worentumi nhu ɔsomafo no anan ho. Mmom, ɔsomafo no na wɔtwe adwene si no so wɔ ha, n’anan no gyina hɔ ma ɔsomafo no ankasa. Sɛnea na Yesu ne n’asuafo ho yɛ nnipa komapafo fɛ wɔ afeha a edi kan no mu no, ahobrɛasefo a wotie nkwagye asɛmpa no ani gye nnɛyi Adansefo no ho.

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adi Hene wɔ nnɛ bere yi mu, na efi bere bɛn na wɔabɔ eyi ho dawuru akyerɛ adesamma?

14 Efi bere bɛn wɔ nnɛ bere yi mu na wɔateɛm sɛ “wo Nyankopɔn di hene!” no? Efi afe 1919. Saa afe no, wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Cedar Point, Ohio no, J. F. Rutherford, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, maa ɔkasa bi a na n’asɛmti ne “Asɛm a Wɔka Kyerɛ Mfɛfo Adwumayɛfo” de kanyan n’atiefo no. Ɔkasa a na egyina Yesaia 52:7 ne Adiyisɛm 15:2 so no hyɛɛ obiara a na ɔwɔ hɔ nkuran sɛ, ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu. Enti, wofii ase huu ‘anan a ɛyɛ fɛ’ no wɔ “mmepɔw so.” Kristofo a wɔasra wɔn no mufo a wodi kan ne akyiri yi wɔn ahokafo “nguan foforo” no de nsiyɛ kaa asɛmpa no sɛ Yehowa adi Hene. (Yohane 10:16) Ɔkwan bɛn so na na Yehowa adi Hene? Ɔyɛɛ n’ahenni no foforo wɔ afe 1914 mu bere a ɔde ne Ba, Yesu Kristo, sii agua so sɛ ɔsoro Ahenni no so Hene foforo no. Na Yehowa san daa n’ahenni adi bio wɔ afe 1919 mu bere a ogyee “Nyankopɔn Israel” fii Babilon Kɛse mu no.—Galatifo 6:16; Dwom 47:8; Adiyisɛm 11:15, 17; 19:6.

“W’awɛmfo Bom Ma Wɔn Nne So”

15. Henanom ne “awɛmfo” a wɔma wɔn nne so wɔ afe 537 A.Y.B. mu no?

15 So ɛfata sɛ wogye nteɛm a ɛne “wo Nyankopɔn di hene!” no so? Yiw. Yesaia kyerɛw sɛ: “Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so to dwom; efisɛ wɔn ani tua [Yehowa, “NW”] sɛ ɔresan aba Sion.” (Yesaia 52:8) Awɛmfo ankasa biara annyina wɔn awɛnee wɔ Yerusalem wɔ afe 537 A.Y.B. amma nnommum a wodi kan a na wɔresan aba no akwaaba. Na kurow no ada mpan mfirihyia 70. (Yeremia 25:11, 12) Enti ɛbɛyɛ sɛ Israelfo a wodi kan te Sion ahofadi ho asɛm no ne “awɛmfo” a wɔma wɔn nne so ka ho asɛm na wɔma Sion mma a aka no te no. Bere a awɛmfo no hu sɛ Yehowa de Babilon ahyɛ Kores nsa wɔ afe 539 A.Y.B. mu no, wɔn adwene si wɔn pi sɛ Yehowa regye ne nkurɔfo. Awɛmfo no ne wɔn a wogye ɔfrɛ no so no de nokoro teɛm anigye so ma afoforo te asɛmpa no.

16. Hena na awɛmfo no ‘ani tua no’ no, na ɔkwan bɛn so na wɔn ani tua no?

16 Awɛmfo a wɔn ani da hɔ no ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den, na sɛnea yɛbɛka no no, ɛte sɛ nea “wɔn ani tua” no, anaasɛ nea wohu no anim ne anim. (Numeri 14:14) Abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne Yehowa ne wɔn ho wɔn ho nya no si sɛnea wɔyɛ biako na wɔn asɛm no yɛ anigye no so dua.—1 Korintofo 1:10.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na nnɛyi ɔwɛmfo kuw no ama ne nne so? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwɛmfo kuw no de nokoro frɛ?

17 Wɔ ne nnɛyi mmamu mu no, ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu mu dedaw no nko na ɔwɛmfo kuw, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, ma ne nne so kyerɛ wɔn, na mmom wɔn a wɔwɔ akyi no nso. (Mateo 24:45-47) Wɔhyɛe sɛ wɔmmoaboa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ano wɔ afe 1919 mu, na wɔ afe 1922 mu no, wɔhyɛɛ ɔfrɛ no mu den wɔ Cedar Point, Ohio, ɔmantam nhyiam ase sɛ “mommɔ, mommɔ, mommɔ ɔhene no ne n’ahenni ho dawuru.” Efi afe 1935 no, wɔde adwene asi nnipakuw kɛse a wɔte sɛ nguan no anoboaboa so. (Adiyisɛm 7:9, 10) Mfe kakra a abɛsen mu no, wɔahyɛ Yehowa ahenni ho amanneɛbɔ no mu den. Ɔkwan bɛn so? Wɔ afe 2000 mu no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem asia na wɔreka Yehowa ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔ nsase ne nsasesin bɛboro 230 so. Afei nso, ɔwɛmfo kuw no adwinnade a ɛsen biara, Ɔwɛn-Aban no, rebɔ anigyesɛm no ho dawuru wɔ kasa bɛboro 130 mu.

18 Egye ahobrɛase ne onuadɔ na ama obi anya adwuma a biakoyɛ wom yi mu kyɛfa. Sɛ ɔfrɛ no betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ bi no ka asɛnkoro, bɔ Yehowa din, ka n’agyede nsiesiei no, ne nyansa, ne dɔ, ne N’ahenni ho asɛm. Sɛ Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa de mmati koro yɛ adwuma no a, wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den ma wɔde nokoro bɔ asɛmpa no ho dawuru.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na “Yerusalem amamfõ” bɛyɛ anigyebea? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa “ayi ne basa kronkron no ho”?

19 Bere a Onyankopɔn nkurɔfo reteɛm anigye so no, wɔn trabea mpo ayɛ anigye. Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Yerusalem amamfõ, mommom nto anigye dwom, na [Yehowa, “NW”] akyekye ne man werɛ, wagye Yerusalem. [Yehowa, “NW”] ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.” (Yesaia 52:9, 10) Bere a wɔn a wɔsan ba no fi Babilon ba no, Yerusalem mmeae a na ɛhɔ ayɛ awerɛhow no bɛyɛ mmeae a ɛhɔ yɛ anigye, efisɛ wobetumi de Yehowa nokware som asi hɔ bio saa bere yi. (Yesaia 35:1, 2) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nsa wɔ eyi mu. ‘Wayi ne basa kronkron no ho,’ te sɛ nea ɔrebobɔ n’atade nsa abɛyɛ adwuma agye ne nkurɔfo.—Esra 1:2, 3.

20. Dɛn na afi Yehowa basa kronkron ho a wayi no mu aba nnɛ mmere yi mu, na dɛn na ebefi mu aba bio?

20 Wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu no, Yehowa ayi ne basa kronkron ho na ama watumi akanyan nkaefo a wɔasra wɔn no, ‘adansefo baanu’ a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no. (2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 11:3, 7-13) Efi afe 1919 no, wɔde eyinom aba honhom fam paradise, honhom fam atrae a wɔne wɔn ahokafo, nguan foforo no te mprempren no. Awiei koraa no, Yehowa beyi ne basa kronkron ho de agye ne nkurɔfo nkwa wɔ “Harmagedon.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Afei, ‘asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.’

Ahwehwɛde Bi a Egye Ntɛmpɛ

21. (a) Dɛn na wɔhwehwɛ fi wɔn a ‘wɔsoa Yehowa nnwinne’ no hɔ? (b) Dɛn nti na biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔrefi Babilon no suro?

21 Ahwehwɛde bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔn a wofi Babilon san ba Yerusalem no du ho. Yesaia kyerɛw sɛ: “Móntwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; múmfi adi mfi ne mu, móntew mo ho, mo a mosoa [Yehowa, “NW”] nnwinne no. Na ɛnyɛ ɔhareso na mubefi adi, na ɛnyɛ́ aguan so na mobɛnantew, na [Yehowa, “NW”] redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.” (Yesaia 52:11, 12) Ná ɛsɛ sɛ Israelfo a wɔrefi Babilon no gyaw biribiara a ɛne Babilon atoro som ho nkekae wɔ abusuabɔ biara hɔ. Esiane sɛ wɔn na wɔsoa Yehowa nnwinne a wɔde fi Yerusalem asɔrefie bae no nti, ɛsɛ sɛ wɔn ho tew, ɛnyɛ wɔn honam ani, anaa guasodeyɛ bi kɛkɛ, na ne titiriw no, wɔn koma mu. (2 Ahene 24:11-13; Esra 1:7) Afei nso, Yehowa di wɔn anim enti ɛnsɛ sɛ wɔn ho popo, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wotutu mmirika te sɛ nea mogyapɛfo taa wɔn so denneennen. Israel Nyankopɔn na ɔbɔ wɔn kyidɔm.—Esra 8:21-23.

22. Ɔkwan bɛn so na Paulo si hia a ehia sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔn ho tew no so dua?

22 Yesaia nsɛm a ɛfa ahotew ho no nyaa ne mmamu kɛse wɔ “ɔsoro Yerusalem” no asefo so. Bere a Paulo tuu Korintofo Kristofo fo sɛ wɔne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro no, ɔfaa Yesaia 52:11 mu nsɛm kae sɛ: “Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa, NW] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi.” (2 Korintofo 6:14-17) Ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi Babilon atoro som ho, sɛnea na ɛsɛ sɛ Israelfo a wofi Babilon resan aba wɔn kurom no yɛ no.

23. Akwan bɛn so na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn ho atew?

23 Eyi te saa titiriw wɔ Yesu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn a woguan fii Babilon Kɛse no mu wɔ afe 1919 mu no fam. Wɔde nkakrankakra hohoroo atoro som nkekae nyinaa fii wɔn ho. (Yesaia 8:19, 20; Romafo 15:4) Wobehuu hia a abrabɔ fam ahotew ho hia nso kɛse. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo akura abrabɔ fam gyinapɛn ahorow mu bere nyinaa de, nanso wɔ afe 1952 mu no, Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) mu nsɛm sii hia a ɛho hia sɛ wɔteɛ wɔn a wɔn bra asɛe so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma asafo no ho atew so dua. Nteɛso a ɛte saa no boa ɔdebɔneyɛfo no nso ma ohu hia a ehia sɛ onya nokware ahonu.—1 Korintofo 5:6, 7, 9-13; 2 Korintofo 7:8-10; 2 Yohane 10, 11.

24. (a) Wɔ ɛnnɛ bere yi mu no, dɛn ne ‘Yehowa nnwinne’? (b) Dɛn nti na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so adi wɔn anim na wabɔ wɔn kyidɔm?

24 Kristofo a wɔasra wɔn ne nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no nyinaa asi wɔn bo sɛ wɔrenka biribiara a ɛyɛ fĩ honhom fam. Wɔn ho a atew kronn no ma wɔfata sɛ wɔsoa ‘Yehowa nnwinne’—nsiesiei ahorow a ɛsom bo a Onyankopɔn de ma ma wɔde di dwuma wɔ ɔsom kronn mu wɔ afie afie ne Bible adesua mu wɔ asɛnka ne Kristofo som adwuma foforo mu no. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so kura gyinabea a ɛho tew mu a, wobetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so adi wɔn anim na wabɔ wɔn kyidɔm. Sɛ́ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔn ho tew no, wɔwɔ nneɛma pii a wobegyina so ‘ato anigye dwom’!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ nhoma yi Ti 15 na nya abusuabɔ a ɛda “ɔsoro Yerusalem” ne n’asase so mma a wɔasra wɔn ntam no ho nsɛm pii.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 183]

Wobegye Sion afi nnommumfa mu

[Mfonini wɔ kratafa 186]

Efi afe 1919 no, wɔasan ahu ‘anan a ɛyɛ fɛ’ wɔ “mmepɔw” no so

[Mfonini wɔ kratafa 189]

Yehowa Adansefo de nokoro kasa

[Mfonini wɔ kratafa 192]

Ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔsoa Yehowa nnwinne’ no ho tew wɔ abrabɔ fam ne honhom fam