Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mone M’adansefo”!

“Mone M’adansefo”!

Ti Anan

“Mone M’adansefo”!

Yesaia 43:1-28

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de nkɔmhyɛ di dwuma, na ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ nkɔmhyɛ mmamu ho?

ADE biako a ɛma nokware Nyankopɔn no da nsow fi atoro anyame nyinaa ho ne sɛnea otumi hyɛ daakye ho nkɔm no. Nanso, sɛ Yehowa hyɛ nkɔm a, ɛkyerɛ pii sen ne Nyamesu a ɔreda no adi ara kwa. Sɛnea wɔada no adi wɔ Yesaia ti 43 no, Yehowa hyɛ nkɔm de kyerɛ ne Nyamesu ne ɔdɔ a ɔwɔ ma ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no. Ɛnsɛ sɛ ne nkurɔfo nso hu nkɔmhyɛ no mmamu na wɔka wɔn ano tom; ɛsɛ sɛ wodi nea wɔahu no ho adanse. Yiw, ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa adansefo!

2. (a) Israel honhom fam tebea te dɛn wɔ Yesaia bere so? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bue ne nkurɔfo aniwa?

2 Awerɛhosɛm ne sɛ, Yesaia bere so no, na Israel wɔ tebea bi a enye koraa mu ma enti Yehowa buu wɔn sɛ nkurɔfo a wɔadi dɛm wɔ honhom fam. “Fa ɔman a wɔyɛ afuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra, ɛne asotifo a wɔwɔ aso no.” (Yesaia 43:8) Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔyɛ afuraefo ne asotifo honhom fam betumi asom Yehowa sɛ n’adansefo a wɔte ase? Ɔkwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wobue wɔn aniwa ne wɔn aso anwonwakwan so. Na Yehowa bue! Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan, Yehowa de nteɛso a emu yɛ den ma—Israel atifi fam ahemman no kɔ nnommumfa mu wɔ afe 740 A.Y.B. mu, na Yudafo no nso kɔ wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Afei, Yehowa de ne tumi gye ne nkurɔfo nkaefo a wɔanu wɔn ho na wɔasan anya honhom fam ahoɔden no de wɔn san ba wɔn kurom wɔ afe 537 A.Y.B. mu. Nokwarem no, Yehowa wɔ ahotoso araa sɛ biribiara ntumi nsɛe n’atirimpɔw wɔ gye a obegye Israel yi ho ma enti aka bɛyɛ mfirihyia 200 no, ɔka ho asɛm te sɛ nea asi dedaw.

3. Nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de ma wɔn a wɔbɛkɔ nnommumfa mu daakye no?

3 “Afei, sɛ [Yehowa, “NW”] a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me. Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo. Na me, [Yehowa, “NW”], mene wo Nyankopɔn, Israel kronkronni, wo gyefo no.”—Yesaia 43:1-3a.

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ Israel Bɔfo, na awerɛhyem bɛn na ɔde ma ne nkurɔfo wɔ wɔn kurom a wɔbɛsan aba no ho?

4 Israel ho hia Yehowa yiye efisɛ ɔman no wɔ no. Ɛyɛ ɔno ankasa na ɔyɛ maa Abraham apam no baa mu. (Genesis 12:1-3) Enti, Dwom 100:3 ka sɛ: “Munhu sɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” Sɛ́ Israel Bɔfo ne Ogyefo no, Yehowa de ne nkurɔfo bɛsan aba wɔn kurom dwoodwoo. Akwanside ahorow te sɛ nsu, nsubɔnten a ayiri, anhweatam a ɛso yɛ hyew, rensiw wɔn kwan anaa ɛrempira wɔn, sɛnea nneɛma a ɛtete saa ansiw wɔn agyanom kwan bere a na wɔnam rekɔ Bɔhyɛ Asase so bɛyɛ mfirihyia apem a na atwam no.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nsɛm no kyekye honhom fam Israelfo no werɛ? (b) Henanom na wɔyɛ honhom fam Israelfo ahokafo, na henanom na wɔyɛɛ eyinom ho mfonini?

5 Yehowa nsɛm no ma nnɛyi honhom fam Israel nkaefo a wɔde honhom awo emufo, “abɔde foforo” no, nso nya awerɛkyekye. (2 Korintofo 5:17) Bere a wɔde akokoduru afi adesamma “nsu” no mu no, wɔanya Onyankopɔn ahobammɔ a ɔdɔ wom afa sɛnkyerɛnne kwan so nsuyiri no mu. Ogya a wɔn atamfo de baa wɔn so no ampira wɔn, na mmom, asiesie wɔn. (Sakaria 13:9; Adiyisɛm 12:15-17) Yehowa ahwɛ “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no a wɔabɛka Onyankopɔn honhom fam ɔman no ho no so nso. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) “Afrafrafo pii” a wɔkaa Israelfo ho wɔ wɔn Akwantu no mu fii Misraim ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔkaa nnommum a wonyaa ahofadi ho fii Babilon no yɛɛ saafo yi ho mfonini.—Exodus 12:38; Esra 2:1, 43, 55, 58.

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ne ho adi sɛ ɔyɛ atɛntrenee Nyankopɔn wɔ gye a ogyee (a) honam fam Israel? (b) honhom fam Israel, no mu?

6 Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔnam Media ne Persia asraafo so begye ne nkurɔfo afi Babilon. (Yesaia 13:17-19; 21:2, 9; 44:28; Daniel 5:28) Sɛ́ atɛntrenee Nyankopɔn no, Yehowa de agyede a ɛfata betua Media ne Persia “adwumayɛfo” no ka de agye Israel. “Mede Misraim ayɛ agyede ama wo, mede Etiopia ne Saba masi w’ananmu. Sɛ wosom bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti, mede nnipa mɛma masi w’ananmu, na mede aman bi masi wo kra ananmu.” (Yesaia 43:3b, 4) Abakɔsɛm si so dua sɛ Persia Ahemman no dii Misraim, Etiopia, ne Saba a ɛbɛn hɔ no so nkonim sɛnea na Onyankopɔn aka asie no. (Mmebusɛm 21:18) Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa nam Yesu Kristo so gyee honhom fam Israel nkaefo no fii nnommumfa mu. Nanso, na Yesu nhia akatua bi wɔ adwuma a ɔyɛe no ho. Na ɔnyɛ sodifo ɔbosonsonni. Na ɔregye n’ankasa honhom fam nuanom. Ɛno akyi wɔ afe 1914 mu no, na Yehowa de ‘amanaman no ayɛ n’apɛgyade, na na wama wafa asase ano nohoa adi so’ dedaw.—Dwom 2:8.

7. Yehowa te nka dɛn wɔ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu ne nnɛyi nyinaa ho?

7 Hyɛ sɛnea Yehowa da tema a ɔwɔ ma nnommum a wagye wɔn no adi pefee no nsow. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ ‘wɔsom bo’ ma no, ‘odi wɔn ni,’ na ‘ɔdɔ’ wɔn. (Yeremia 31:3) Ɔte nka saa ara—nea ɛsen saa mpo—wɔ n’asomfo anokwafo ho nnɛ. Ɛnyɛ awo so na Kristofo a wɔasra wɔn no nam ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ, na mmom ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron so bere a wohyiraa wɔn ho so maa wɔn Bɔfo no. Yehowa atwe saafo yi aba ne Ba no ne n’ankasa nkyɛn, na wakyerɛw ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow agu wɔn koma a wɔabue mu no mu.—Yeremia 31:31-34; Yohane 6:44.

8. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma nnommum no, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛte nka wɔ wɔn gye no ho?

8 Bere a Yehowa rekɔ so ama nnommum no awerɛhyem pii no, ɔde ka ho sɛ: “Nsuro, na me na me ne wo te. Mede w’asefo mefi apuei aba, na mafi atɔe maboa wo ano; mɛka makyerɛ benkum fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ nifa fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano: obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’anuonyam, menwenee no na meyɛɛ no no.” (Yesaia 43:5-7) Ɛrenyɛ Yehowa den sɛ obegye ne mmabarima ne ne mmabea afi akyirikyiri asase so tɔnn de wɔn aba wɔn kurow a wɔn ani gye ho no mu. (Yeremia 30:10, 11) Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ wɔn ani so no, na ogye yi bɛsen gye a wogyee ɔman no fii Misraim wɔ bere a atwam no koraa.—Yeremia 16:14, 15.

9. Akwan abien bɛn so na Yehowa de ogye a ɔde reba no abata ne din ho?

9 Yehowa nam kae a ɔkae ne nkurɔfo Israel sɛ wɔde ne din na afrɛ wɔn no so si ne bɔhyɛ a ɛne sɛ obegye wɔn no so dua. (Yesaia 54:5, 6) Nea ɛsen saa no, Yehowa de ne din bata ogye ho bɔhyɛ no ho. Ɔnam saayɛ so hwɛ hu sɛ sɛ ne nkɔmhyɛ asɛm no ba mu a, ɔno na obenya ho anuonyam no. Wɔremfa anuonyam a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo koro no de no mma wɔn a wobedi Babilon so nkonim no.

Wɔsɔ Anyame no Hwɛ

10. Asɛnnennen bɛn na Yehowa de si amanaman no ne wɔn anyame anim?

10 Afei Yehowa ma ne bɔhyɛ a ɛne sɛ obegye Israel no yɛ ade a ogyina so de asɛm no kɔ amansan asɛnnibea na ogyina so twa amanaman no anyame mpoa. Yɛkenkan sɛ: “Amanaman nyinaa, munhyia faako, na aman horow mmoa ano. [Wɔn anyame no] mu hena na ɔbɛka eyi? Na kan nneɛma no, wɔmma yentie! Wɔmma wɔn [anyame no] adansefo mmra, na wonni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware!” (Yesaia 43:9) Yehowa de asɛnnennen bi si wiase amanaman no anim. Sɛnea ɛte no, ɔka sɛ: ‘Momma mo anyame no nkyerɛ nea ɛbɛba daakye pɛpɛɛpɛ mfa nkyerɛ sɛ wɔyɛ anyame.’ Esiane sɛ nokware Nyankopɔn nkutoo na obetumi ahyɛ nkɔm ma abam pɛpɛɛpɛ nti, na saa sɔhwɛ yi bɛpa atorofo no nyinaa ho ntama. (Yesaia 48:5) Nanso, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no de mmara kwan so ahwehwɛde foforo ka ho sɛ: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ anyame ankasa no de wɔn nkɔmhyɛ ne ne mmamu ho adansefo ba. Sɛnea ɛte no, Yehowa nyi ne ho mfi saa mmara kwan so ahwehwɛde yi mu.

11. Ahyɛde bɛn na Yehowa de ma n’akoa, na dɛn na Yehowa da no adi wɔ ne Nyamesu ho?

11 Esiane sɛ atoro anyame no nni tumi nti wontumi mfa adansefo biara mma. Enti, wɔn adansefo gyinabea da mpan animguase mu. Nanso afei bere adu sɛ Yehowa si ne Nyamesu so dua. Bere a ɔhwɛ ne nkurɔfo no, ɔka sɛ: “Mone m’adansefo, . . . ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma. Me, mene [Yehowa, “NW”] na ogyefo bi nni hɔ sɛ me! Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, na ɔfoforo bi nni mo mu; na mone m’adansefo, . . . Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan [me nsa] ani?”—Yesaia 43:10-13.

12, 13. (a) Adanse pii bɛn na Yehowa nkurɔfo wɔ a wɔde bɛto gua? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔahu Yehowa din wɔ nnɛ bere yi mu?

12 Yehowa nsɛm no akyi no, ɛnkyɛ na adansefo pii a wɔwɔ anigye ba bɛhyɛ adansefo gyinabea hɔ ma. Wɔn adanse mu da hɔ pefee a asɛm biara nni ho. Te sɛ Yosua no, wodi adanse sɛ ‘nsɛmpa a Yehowa kae no nyinaa aba mu. Asɛm biako mpo antɔ fam.’ (Yosua 23:14) Yehowa nkurɔfo no da so kae Yesaia, Yeremia, Hesekiel, ne adiyifo foforo nsɛm a ɛte sɛ nea wɔde nokoro kae a wɔde hyɛɛ nkɔm faa Yuda nnommumfa ne gye a wɔnam anwonwakwan so begye wɔn ho no. (Yeremia 25:11, 12) Wodii kan bɔɔ Yuda gyefo, Kores, din bere tenten mpo ansa na wɔrewo no!—Yesaia 44:26–45:1.

13 Esiane adanse pii yi nti, hena na obetumi agye kyim sɛ ɛnyɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no? Nea ɛnte sɛ abosonsomfo anyame no, Yehowa nkutoo na wɔammɔ no; ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn. * Enti, nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so wɔ hokwan soronko a ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛka n’anwonwade akyerɛ nkyirimma ne afoforo a wobisa ne ho asɛm no. (Dwom 78:5-7) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ hokwan sɛ wɔka Yehowa din ho asɛm wɔ asase nyinaa so. Wɔ 1920 mfe no mu no, Bible Asuafo no behuu hia a Onyankopɔn din, Yehowa, ho hia kɛse no. Afei, wɔ July 26, 1931, wɔ Columbus, Ohio, ɔmantam nhyiam ase no, Asafo ti no titrani, Joseph F. Rutherford, de tirimbɔ bi a na n’asɛmti ne “Edin Foforo,” too gua. Nsɛm yi, “Yɛpɛ sɛ wɔde edin Yehowa adansefo na ɛfrɛ yɛn” no maa nhyiamfo a wogyee tirimbɔ no toom denam “Yiw!” a wɔkaa no denneennen so no ani gyei. Efi saa bere no, wɔahu Yehowa din wɔ wiase nyinaa.—Dwom 83:18.

14. Dɛn na Yehowa kae Israelfo no, na dɛn nti na saa nkae yi yɛ ne bere mu de?

14 Yehowa hwɛ wɔn a ne din da wɔn so wɔ nidi mu no so, na obu wɔn sɛ “n’aniwa kurutiayisi.” Ɔkae Israelfo no saa asɛm yi, ka sɛnea ogyee wɔn fii Misraim na odii wɔn anim faa sare so dwoodwoo no. (Deuteronomium 32:10, 12) Saa bere no na ɔnananyame bi nka wɔn ho, efisɛ wɔn ankasa de wɔn ani huu animguase pasaa a ɛbaa Misraim anyame nyinaa so no. Yiw, Misraim anyame nyinaa antumi ammɔ Misraim ho ban, na saa ara na wɔantumi ansiw Israelfo no kwan. (Exodus 12:12) Saa ara na Babilon kokuroko a anyɛ yiye koraa no, atoro anyame abosonnan bɛyɛ 50 wɔ ne kurow kɛse mu no ntumi nso Ade Nyinaa so Tumfoɔ no nsa bere a ogye ne nkurɔfo no. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa akyi no, “ogyefo biara nni hɔ.”

Apɔnkɔ a Wɔde Di Ako Hwehwe Ase, Afiase Apon Buebue

15. Nkɔm bɛn na Yehowa hyɛ fa Babilon ho?

15 “Sɛ [Yehowa, “NW”], mo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafo ahurusidi adan adwotwa. Me, [Yehowa, “NW”] mene mo kronkronni, Israel bɔfo, mo hene no. Saa na [Yehowa, “NW”] se, nea ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɔsa da asu a ɛyɛ den mu no, nea ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima fii adi no,—wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsãe, wodunnumii sɛ asaawa.”— Yesaia 43:14-17.

16. Dɛn na ɛbɛba Babilon, Kaldeafo aguadifo, ne obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛko agye Babilon no so?

16 Babilon te sɛ afiase ma nnommum no efisɛ ɛmma wonnya kwan nkɔ Yerusalem. Nanso, nneɛma a Babilon de abɔ ne ho ban no nyɛ akwanside mma Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Nea “ɔma [Ɛpo Kɔkɔɔ] mu da ɔkwan na ɔsa da asu a ɛyɛ den mu no”—ɛda adi sɛ ɛyɛ Yordan nsu. (Exodus 14:16; Yosua 3:13) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa yɛmafo, Kores, bɛma Eufrate kɛse no ayow, ama n’akofo no afa mu akɔ kurow no mu. Kaldeafo aguadifo a wɔfa Babilon nsuka mu—nsuka a aguadifo mframahyɛn ne nhyɛmma mpempem pii a ɛsoa Babilon anyame di mu akɔneaba—besu awerɛhow su bere a wɔn ahenkurow kokuroko no hwe ase no. Te sɛ Farao nteaseɛnam a ɛnam Ɛpo Kɔkɔɔ mu no, Babilon nteaseɛnam a ɛho yɛ hare no bɛyɛ ɔkwa. Ɛrennye no. Ɔsatufo no bedum obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛsɔre atia no no ntɛm ara te sɛ nea wodum kanea ntamaa a ɛrefi wusiw no.

Yehowa Di Ne Nkurɔfo Anim Dwoodwoo Kodu Fie

17, 18. (a) Ade “foforo” bɛn na Yehowa hyɛ ho nkɔm? (b) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no renkae kan nneɛma, na dɛn ntia?

17 Bere a Yehowa de ogye nnwuma a na wayɛ dedaw retoto nea ɔrebɛyɛ ho no, ɔka sɛ: “Monnkae kan nsɛm, na munnnwen atetede. Hwɛ, mereyɛ ade foforo bi, afei na ɛrefifi, so munhu? Mɛbɔ sare so kwan, mɛma nsubɔnten aba anhwea pradada so. Wuram mmoadoma bɛhyɛ me anuonyam, sakraman ne nsohori, sɛ mama nsu aba sare so na nsubɔnten aba anhwea pradada so, na mede mama me man a mapaw wɔn no anom, ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ.”—Yesaia 43:18-21.

18 Bere a Yehowa ka sɛ “monnkae kan nsɛm” no, ɔnkyerɛ sɛ ne nkurɔfo werɛ mfi ne nkwagye nnwuma a wayɛ bere a atwam no. Nokwarem no, saa nnwuma yi mu pii ka Israel abakɔsɛm a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee no ho, na Yehowa hyɛe sɛ wɔnkae fi a wofii Misraim no afe biara wɔ Twam afahyɛ no ase. (Leviticus 23:5; Deuteronomium 16:1-4) Nanso, afei Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo gyina “ade foforo”—ade a wɔn ankasa behu so hyɛ no anuonyam. Ɛnyɛ gye a wobegye wɔn afi Babilon no nko ne asɛm no, na mmom, anwonwakwan so akwantu a wɔde bɛba wɔn kurom, a ebia wɔbɛfa sare so kwan tẽẽ so no nso. Wɔ saa asasenini no so no, na Yehowa bɛbɔ “kwan” ama wɔn, na na ɛbɛkae wɔn anwonwade a ɔyɛ maa Israelfo wɔ Mose nna no mu no—nokwarem no, na ɔbɛma wɔn a wɔresan aba no aduan wɔ anhweatam no so, na wama wɔn anom nsubɔnten mu nsu ankasa. Na Yehowa nsiesiei no bɛdɔɔso araa ma wuram mmoa mpo ahyɛ Onyankopɔn anuonyam na wɔanyɛ nnipa bɔne.

19. Ɔkwan bɛn so na honhom fam Israel ne wɔn ahokafo no nantew “ɔkwan kronkron” no so?

19 Saa ara na wɔ afe 1919 mu no, honhom fam Israel nkaefo no nyaa ahofadi fii Babilon nnommumfa mu, na wɔfaa ɔkwan a na Yehowa asiesie ama wɔn, “ɔkwan kronkron,” no so. (Yesaia 35:8) Nea ɛnte sɛ Israelfo no, na enhia sɛ wotwa kwan fa anhweatam a ɛso yɛ hyew no so fi baabi kɔ baabi foforo, na wɔn akwantu no amma awiei asram kakraa bi akyi bere a woduu Yerusalem no. Nanso, “ɔkwan kronkron” no de Kristofo nkaefo no kɔɔ honhom fam paradise. Wɔn fam no, wɔkɔ so nantew “ɔkwan kronkron” no so, efisɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so fa saa nneɛma nhyehyɛe yi mu. Bere tenten a wɔkɔ so nantew tempɔn no so—na wɔkɔ so di Onyankopɔn ahotew ne kronkronyɛ gyinapɛn ahorow so—no, wɔwɔ honhom fam paradise no mu. Na hwɛ anigye ara a wɔanya sɛ nnipakuw kɛse, ahokafo a “wɔnyɛ Israelfo” abɛka wɔn ho! Nea ɛne wɔn a wɔn ani da Satan nhyehyɛe so tebea bɔ abira no, nkaefo no ne wɔn ahokafo no nyinaa kɔ so nya honhom fam apontow a edi mũ a efi Yehowa nsam. (Yesaia 25:6; 65:13, 14) Esiane Yehowa nhyira a nnipa pii a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa ahu sɛ ne nkurɔfo nya no nti, wɔasesa wɔn akwan na wɔahyɛ nokware Nyankopɔn no anuonyam.—Yesaia 11:6-9.

Yehowa Da Sɛnea Odi Yaw Adi

20. Ɔkwan bɛn so na Israelfo a wɔtraa ase Yesaia bere so no dii Yehowa huammɔ?

20 Tete mmere mu no, sɛ na wɔde Israelfo nkaefo no toto Yesaia bere sofo abɔnefo no ho a, na Israelfo no yɛ nnipa a wɔasesa. Yehowa ka faa Yesaia bere sofo ho sɛ: “Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, o Yakob, na me ho ayɛ wo mfonee, o Israel! Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho; woamfa dwetɛ antɔ ahwerew amma me, na woamma w’afɔre srade ammee me, na mmom, wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumɔyɛ ma mebrɛe.”— Yesaia 43:22-24.

21, 22. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ahwehwɛde nyɛ den? (b) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no ma Yehowa mmom som wɔn?

21 Bere a Yehowa ka sɛ, “mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho” no, na ɔnkyerɛ sɛ aduan afɔre ne aduhuam (nnuhuam kronkron fã) ho nhia. Nokwarem no, wɔ Mmara apam no ase no, na saa nneɛma yi ka nokware som ho. Saa ara na “ahwerew” a ɛkyerɛ ahuahuamnne, ade a wɔde fra sra ngo kronkron mu no nso te. Na Israelfo no abu wɔn ani agu saa nneɛma yi a wɔde bɛyɛ asɔrefie som adwuma no so. Nanso, so ahwehwɛde a ɛte saa yɛ adesoa? Dabida! Sɛ yɛde Yehowa ahwehwɛde toto atoro anyame no de ho a, na ɛnyɛ den koraa. Sɛ nhwɛso no, atoro nyame Molek hwehwɛe sɛ wɔde mmofra bɔ afɔre—ade a Yehowa nhwehwɛe da!—Deuteronomium 30:11; Mika 6:3, 4, 8.

22 Sɛ na Israelfo no kura honhom fam adwene a, ɛnde na ‘wɔremmrɛ Yehowa som’ ho da. Sɛ wɔhwɛ ne Mmara mu a, na wohu ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma wɔn, na wɔde “srade,” afɔrebɔde no fã a eye sen biara no, abɔ afɔre ama no anigye so. Nanso, wɔn ankasa fi adifudepɛ mu faa srade no. (Leviticus 3:9-11, 16) Hwɛ sɛnea ɔman nnebɔneyɛfo yi nam wɔn bɔne so hyɛ Yehowa brɛ—na wɔnam saayɛ so ma Yehowa mmom som wɔn!—Nehemia 9:28-30.

Nteɛso Sow Aba

23. (a) Dɛn nti na Yehowa nteɛso fata? (b) Dɛn na Onyankopɔn de teɛɛ Israelfo no so?

23 Ɛwom sɛ Yehowa nteɛso mu yɛ den, na ɛfata saa, nanso ɛsow aba pa, na ɛma otumi da mmɔborohunu adi. “Me, me ara, mene nea ɔpopa wo mmarato, me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae. Kae me ɛ, na yemmeyiyi ntɛn; wo de, ka, na woadi bem. W’agya a odi kan no ayɛ bɔne, na wo kasamafo [“nsɛm asekyerɛfo,” “NW” ase hɔ asɛm] afomfom me, enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, ma mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo.” (Yesaia 43:25-28) Te sɛ wiase amanaman nyinaa no, Israel yɛ Adam ‘nea odi kan’ no asefo. Enti, Israelni biara ntumi nka sɛ ‘ɔteɛ.’ Israel “kasamafo”—Mmara no ho akyerɛkyerɛfo anaa nsɛm asekyerɛfo—mpo ayɛ bɔne atia Yehowa na wɔakyerɛkyerɛ atosɛm. Yehowa nso de ɔman mũ no nyinaa bɛma “mmusu” ne “adapaabɔfo.” Obehura wɔn a wɔresom wɔ ne “kronkronbea” anaa asɔrefie hɔ no nyinaa ho.

24. Ade titiriw bɛn nti na Yehowa de ne nkurɔfo—tetefo ne nnɛ bere yi mufo nyinaa—bɔne befiri wɔn, nanso ɔte nka dɛn wɔ wɔn ho?

24 Nanso, hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ Israel ahonu nko nti na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ; ɛbɛfa Yehowa ho ankasa. Yiw, ne din wɔ asɛm no mu. Sɛ ɔma Israel ka nnommumfa mu a, wɔn a wohu no begu ne din ho fĩ. (Dwom 79:9; Hesekiel 20:8-10) Saa ara na ɛnnɛ, Yehowa din ho a wɔbɛtew ne ne tumidi ho a wɔbɛsan nti na wobegye nnipa nkwa. Nanso, Yehowa dɔ wɔn a wogye ne nteɛso tom a wonnwiinwii, ne wɔn a wɔsom no honhom ne nokware mu no. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ saafo no—sɛ́ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa nguan foforo no—denam wɔn mfomso ahorow a ogyina Yesu Kristo afɔrebɔ so popa no so.—Yohane 3:16; 4:23, 24.

25. Nneɛma a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛrenkyɛ Yehowa bɛyɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn anisɔ adi nnɛ?

25 Afei nso, ɛrenkyɛ Yehowa bɛda ne dɔ adi akyerɛ n’asomfo anokwafo nnipakuw kɛse no, bere a ɔyɛ ade foforo ma wɔn denam gye a obegye wɔn wɔ “ahohia kɛse” no mu akɔ “asase foforo” a wɔatew ho so no so no. (Adiyisɛm 7:14; 2 Petro 3:13) Wobehu Yehowa tumi a ɛsen biara a wada no adi ama nnipa ahu pɛn no. Sɛnea saa asɛm no yɛ nokware no ma nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn a wɔbɛyɛ nnipakuw kɛse no mufo nyinaa ani gye na wɔtra ase da biara ma ɛne saa ahyɛde a ɛkorɔn no hyia sɛ: “Mone m’adansefo”!—Yesaia 43:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Wɔka anyame pii ho asɛm wɔ amanaman no anansesɛm mu sɛ, ‘wɔwo’ wɔn na wɔn nso wɔwo “mma.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 48, 49]

Yehowa bɛboa Yudafo no bere a wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 52]

Yehowa twa amanaman no mpoa sɛ wɔmma wɔn anyame adansefo mmra

1. Baal kɔbere honi 2. Astoret dɔte ahoni nketewa 3. Misraim baasakoro nyame Horus, Osiris ne Isis 4. Helafo anyame Athena (benkum so) ne Aphrodite

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 58]

“Mone m’adansefo.”—Yesaia 43:10