Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monsan Mmɛsom Yehowa

Monsan Mmɛsom Yehowa

Ti Ason

Monsan Mmɛsom Yehowa

Yesaia 46:1-13

1. Babilon anyame atitiriw abien din de dɛn, na nkɔm bɛn na wɔhyɛ faa wɔn ho?

SƐ WƆDE Israel kɔ nnommumfa mu wɔ Babilon a, atoro som betwa wɔn ho ahyia. Yesaia bere so no, Yehowa nkurɔfo da so wɔ wɔn ankasa asase so, na wɔwɔ asɔrefie ne asɔfokuw. Nanso, na Onyankopɔn man a wɔahyira wɔn ho so no mufo pii de wɔn ho ahyɛ abosonsom mu. Ɛnde, ɛho hia sɛ wodi kan siesie wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensuro Babilon atoro anyame no anaasɛ wɔrenyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsom wɔn. Enti, bere a Yesaia reka Babilon anyame atitiriw abien ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, ɔka sɛ: “Bel butuw, Nebo kotow; akwantu mmoa ne anantwi soso wɔn ahoni; wɔakyekye mo nnosoa asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.” (Yesaia 46:1) Bel ne Kaldeafo nyame titiriw. Wobu Nebo sɛ nyansa ne nhomasua nyame. Yehu obu a na nnipa pii wɔ ma saa anyame abien yi wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde wɔn din batabataa Babilonfo pii din ho—sɛ yɛbɛbobɔ emu kakraa bi a, Belsasar, Nabopolassar, Nebukadnesar, ne Nebusaradan.

2. Ɔkwan bɛn so na wosi sɛnea Babilon anyame ntumi nyɛ mmoa biara no so dua?

2 Yesaia ka sɛ Bel ‘abutuw,’ na Nebo ‘akotow.’ Wɔbɛbrɛ saa atoro anyame yi ase. Sɛ Yehowa de n’atemmu ba Babilon so a, saa anyame yi rentumi mmoa wɔn asomfo no. Wɔrentumi nnye wɔn ankasa mpo ho! Wɔrensoa Bel ne Nebo ntu aperenten wɔ nidi mu bio, sɛnea wɔyɛ wɔ Babilonfo Afe Foforo Da afahyɛ mu no. Mmom no, wɔn a wɔsom wɔn no bɛtwe wɔn te sɛ nnosoa. Fɛwdi ne animtiaabu besi ayeyi ne ɔsom ananmu.

3. (a) Dɛn na ɛbɛma Babilonfo ho adwiriw wɔn? (b) Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo Babilon anyame no mu nnɛ?

3 Hwɛ sɛnea Babilonfo ho bedwiriw wɔn sɛ wobehu sɛ wɔn ahoni a wɔkyerɛ ho anisɔ no yɛ adesoa kɛkɛ a ɛsɛ sɛ mmoa a wɔabrɛ soa wɔn! Saa ara na ɛnnɛ, wiase anyame—nneɛma a nkurɔfo de wɔn ho to so na wɔbrɛ ho de wɔn nkwa mpo twa so no—yɛ nnaadaa. Nnipa asom ahode, akode, anigyede, sodifo, wɔn man anaa ɛho sɛnkyerɛnne, ne nneɛma foforo pii. Sɛnea anyame a ɛtete saa no yɛ adehunu no bɛda adi wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu.—Daniel 11:38; Mateo 6:24; Asomafo no Nnwuma 12:22; Filipifo 3:19; Kolosefo 3:5; Adiyisɛm 13:14, 15.

4. Ɔkwan bɛn so na Babilon anyame “kotow” na “wobutuw”?

4 Bere a wɔreka Babilon anyame no nkogudi ho asɛm bio no, nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Wɔbom kotow butuw; wɔantumi ansoɛ nnosoa no; na wɔn ankasa nso kɔ atukɔ mu.” (Yesaia 46:2) Ɛte sɛ nea Babilon anyame no “kotow” na “wobutuw” te sɛ nea wɔapira wɔ ɔko mu anaa onyin ama wɔagogow. Wontumi nsoɛ nnosoa anaa wɔmma mmoa a wɔba fam a wɔso no nnye wɔn ahome. Enti, so ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam, ɛmfa ho mpo sɛ wɔyɛ nnommum wɔ Babilon no, de nidi bi ma wɔn? Dabi! Saa ara na bere a na Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no wɔ honhom fam nnommumfa mu no, wɔamfa nidi biara amma “Babilon Kɛse” no atoro anyame a wɔantumi ansiw wɔn kwan wɔ afe 1919 mu no, na wɔrentumi nnye no wɔ amanehunu a ɛbɛba no so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no.—Adiyisɛm 18:2, 21; Mateo 24:21.

5. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ kwati sɛ wɔbɛyɛ mfomso a Babilonfo abosonsomfo no yɛe no?

5 Nokware Kristofo nkotow ahoni biara nnɛ. (1 Yohane 5:21) Mmeamudua ahorow, nhene a wɔde bɔ mpae, ne ahotefo ahoni nyɛ nneɛma a ɛma wohu Ɔbɔadeɛ no yiye. Wontumi nni mma yɛn. Wɔ afeha a edi kan mu no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so som Onyankopɔn bere a ɔkae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.”—Yohane 14:6, 14.

‘Wɔsoaa Wɔn Fii Awotwaa Mu’

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ soronko fi amanaman no anyame ho?

6 Bere a Yehowa ama ada adi sɛ Babilon anyame som yɛ adehunu awie no, ɔka kyerɛ ne nkurɔfo sɛ: “Yakob fi ne Israel fi nkae nyinaa, mo a wɔaturu mo afi yafunu mu na wɔasoa mo afi awotweaa mu no, monyɛ aso mma me.” (Yesaia 46:3) Hwɛ nsonsonoe ara a ɛda Yehowa ne Babilon anyame ahoni no ntam! Babilon anyame no ntumi nyɛ hwee mma wɔn asomfo. Sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ baabi a, mmoa a wɔsoa nnosoa na wɔsoa wɔn kɔ. Nanso, Yehowa na ɔsoa ne nkurɔfo. Wawowaw wɔn ‘afi awotwaa’ mu, efi bere a wɔhyehyɛɛ ɔman no. Ɛsɛ sɛ soa a Yehowa soaa Yudafo no ho nkae a ɛyɛ anigye no hyɛ wɔn nkuran ma wɔkwati ahonisom na wɔde wɔn ho to no so sɛ wɔn Agya ne wɔn Adamfo.

7. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa hwɛ n’asomfo no sen sɛnea awofo mpo hwɛ wɔn mma no koraa?

7 Yehowa wɔ nsɛm foforo a ɛma abotɔyam ka kyerɛ ne nkurɔfo: “Na ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.” (Yesaia 46:4) Sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo so no sen ɔwofo a n’ani wɔ ne mma so sen biara no koraa. Sɛ mmofra no nyin a, awofo tumi te nka sɛ wɔn ho asɛyɛde nna wɔn so pii. Sɛ awofo no nyinyin a, mmofra no taa hwɛ wɔn. Ɛnte saa da wɔ Yehowa fam. Onnyae ne mma hwɛ da—wɔ wɔn nkwakoraabere mu mpo. Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wɔn Bɔfo no mu ahotoso na wɔdɔ no, na Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm yi ma wonya awerɛkyekye kɛse. Enhia sɛ wɔma wɔn ho yeraw wɔn wɔ nna anaa mfe a aka a ɛsɛ sɛ wodi wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu no ho. Yehowa hyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛbɔ’ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no “akɔnkɔn,” na ama wɔanya ahoɔden a wɔde begyina na wɔakɔ so adi nokware. Ɔbɛsoa wɔn, ahyɛ wɔn den, na wɔanya ɔhome.—Hebrifo 6:10.

Hwɛ Yiye Wɔ Nnɛyi Ahoni Ho

8. Bɔne a anoyi biara nni ho bɛn na Yesaia nkurɔfo no bi ayɛ?

8 Susuw sɛnea ahoni a ɛbɛda adi sɛ mfaso nni so koraa no bedi Babilonfo a wɔde wɔn ho to wɔn so no huammɔ no ho hwɛ! So ɛsɛ sɛ Israel susuw sɛ wobetumi de saa anyame no atoto Yehowa ho? Dabida. Yehowa bisa ma ɛfata sɛ: “Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ?” (Yesaia 46:5) Hwɛ sɛnea Yesaia nkurɔfo a wɔakɔsom ahoni a wontumi nkasa, wonni nkwa, na wonni ahobammɔ no nni anoyi biara! Ɛyɛ nkwaseasɛm ankasa sɛ ɔman a wonim Yehowa no de wɔn ho bɛto ohoni a onipa de ne nsa ayɛ a nkwa nnim, na enni ahobammɔ so.

9. Ka adehunu a abosonsomfo bi yɛ no ho asɛm.

9 Susuw adehunu a abosonsomfo no bi yɛ ho hwɛ. Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Wɔn de, wohwie sika fi foto mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔma sikadwumfo apɛnsa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no.” (Yesaia 46:6) Wɔn a wɔsom ahoni no bɔ ka biara de yɛ wɔn nyame no te sɛ nea ohoni a ne bo yɛ den wɔ nkwagye tumi kɛse sen nea wɔde dua ayɛ no. Nanso, ɛmfa ho mmɔden biara a wɔbɔ anaa sɛnea nneɛma a wɔde yɛ no bo yɛ den fa no, ohoni a nkwa nnim yɛ ohoni a nkwa nnim, ɛnyɛ biribi foforo biara.

10. Ɔkwan bɛn so na wɔaka sɛnea mfaso nni ahonisom so koraa ho asɛm?

10 Bere a nkɔmhyɛ no resi nyansa a enni ahonisom mu so dua bio no, ɛtoa so sɛ: “Wɔma no so bɔ no akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na esi hɔ; ɛntwe ne ho mfi n’afa; wɔteɛm frɛ no a, ommua, na ontumi nnye obi n’ahohia mu.” (Yesaia 46:7) Hwɛ sɛnea ɛyɛ serew sɛ wobɛbɔ ohoni a ontumi nte asɛm anaa ɔnkeka ne ho mpae! Odwontofo no ka mfaso a enni nneɛma a ɛtete saa a wɔsom wɔn no so ma ɛfata sɛ: “Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.”—Dwom 115:4-8.

“Munnya Akokoduru”

11. Dɛn na ɛbɛboa wɔn a wohinhim no ma ‘wɔanya akokoduru’?

11 Bere a Yehowa ada sɛnea mfaso nni ahonisom so adi awie no, afei ɔkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo som no: “Monkae eyi, [na munnya akokoduru, “NW”], mo mmaratofo, momfa nhyɛ mo komam. Mónkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa.” (Yesaia 46:8, 9) Ɛsɛ sɛ wɔn a wohinhim wɔ nokware som ne abosonsom ntam no kae abakɔsɛm. Ɛsɛ sɛ wɔkae nneɛma a Yehowa ayɛ no. Eyi bɛboa wɔn ma wɔanya akokoduru na wɔayɛ nea ɛteɛ. Ɛbɛboa wɔn ma wɔasan abɛsom Yehowa.

12, 13. Akodi bɛn na Kristofo wom, na wɔbɛyɛ dɛn adi mu nkonim?

12 Saa nkuranhyɛ yi ho da so hia nnɛ. Te sɛ Israelfo no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ko tia sɔhwɛ ne wɔn ankasa sintɔ ahorow. (Romafo 7:21-24) Afei nso, wɔne ɔtamfo a ɔyɛ den na ɔwɔ tumi nanso wonhu no no redi ako honhom mu. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.”—Efesofo 6:12.

13 Satan ne n’adaemone bɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔde bɛtwe Kristofo afi nokware som mu. Sɛ Kristofo betumi adi nkonim wɔ ɔko no mu a, ɛsɛ sɛ wodi Yehowa afotu no akyi na wonya akokoduru. Ɔkwan bɛn so? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.” Yehowa mma n’asomfo nkɔ ɔko a wonsiesiee wɔn ho yiye. Wɔn honhom fam akode no bi ne “gyidi kyɛm a [wɔde] betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” (Efesofo 6:11, 16) Na Israelfo no yɛ mmaratofo efisɛ wobuu wɔn ani guu honhom fam nsiesiei a na Yehowa de ama wɔn no so. Sɛ wosusuw ahoɔdenne a Yehowa ayɛ ama wɔn mpɛn pii no ho a, anka wɔankɔsom ahoni a ɛyɛ akyide no. Momma yensua biribi mfi wɔn nhwɛso no mu na yensi yɛn bo sɛ yɛrenhinhim da wɔ nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ ho akodi no mu.—1 Korintofo 10:11.

14. Tumi bɛn na Yehowa twe adwene si so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda no adi sɛ ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn?

14 Yehowa ka sɛ “me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.” (Yesaia 46:10) Nyame foforo bɛn na yebetumi de no atoto Yehowa ho wɔ eyi mu? Daakye ho nkɔm a Ɔbɔadeɛ no tumi hyɛ no yɛ ne Nyamesu ho adanse titiriw. Nanso, egye nea ɛsen nhumu na ama obi ahu sɛ nneɛma a wɔkaa ho asɛm siei no renya ne mmamu. Asɛm a ɛne sɛ “me tirimpɔw begyina” no si Onyankopɔn atirimpɔw a ɛnsakra no so dua. Esiane sɛ Yehowa tumi nni ano nti, biribiara nni amansan yi mu a ebetumi asiw n’atirimpɔw a ɔbɛma abam no kwan. (Daniel 4:35) Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ nkɔmhyɛ ahorow biara a ennyaa ne mmamu no bɛbam ankasa wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu.—Yesaia 55:11.

15. Sɛnea Yehowa tumi ka nea ɛbɛba daakye ho asɛm sie ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn na wɔtwe yɛn adwene si so?

15 Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm a edi hɔ no twe yɛn adwene si Yehowa tumi a ɔde ka nneɛma a ɛbɛba daakye ho asɛm sie na afei ɔma ne nsɛm bam no ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa so sɛ: “Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afi apuei, ne m’agyina mu barima afi akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.” (Yesaia 46:11) Sɛ́ ‘nea ofi mfiase ka awiei asɛm’ no, Yehowa Nyankopɔn bɛhwɛ adi nnipa asetram nsɛm ho dwuma na ama n’atirimpɔw abam. Ɔbɛfrɛ Kores “afi apuei,” anaa Persia a ɛwɔ apuei, baabi a Kores bɛkyekye n’ahenkurow a n’ani gye ho, Pasargadae, no. Kores bɛyɛ sɛ “ɔkoropɔn” a ɔbɛtow ahyɛ Babilon so mpofirim bere a wɔn ani nna wɔn ho so no.

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa si so dua sɛ Babilon ho nkɔm a wahyɛ no bɛbam?

16 Wɔde nsɛm yi, “makasa, na mɛma aba mu” si sɛnea Babilon ho nkɔm a Yehowa hyɛ no yɛ nokware no so dua. Bere a onipa a ɔnyɛ pɛ tumi de ahopere hyehyɛ bɔ no, Ɔbɔadeɛ no di n’asɛm so bere nyinaa. Esiane sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ‘ontumi nni atoro’ nti, yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ ‘wadwen’ a, ‘ɔbɛyɛ.’—Tito 1:2.

Koma a Ennye Nni

17, 18. Henanom na yebetumi aka wɔn ho asɛm sɛ na wɔyɛ “asowuifo” (a) tete mmere mu? (b) ɛnnɛ?

17 Yehowa dan adwene kɔ Babilonfo so bio wɔ nkɔmhyɛ kwan so ka sɛ: “Muntie me, asowuifo a mo ne trenee ntam pan.” (Yesaia 46:12) Asɛm “asowuifo” no, fa wɔn a wɔyɛ atuatewfo na wɔsɔre tia Onyankopɔn apɛde denneennen no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, Babilonfo no mmɛn Onyankopɔn koraa. Tan a wɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo na ɛka wɔn ma wɔkɔsɛe Yerusalem ne n’asɔrefie, na wɔde emufo kɔ nnommumfa mu no.

18 Mpiyɛ nti ɛnnɛ, wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn nãã na wɔwɔ koma a ennye nni no ntie Ahenni ho asɛm a wɔreka wɔ asase so nyinaa no. (Mateo 24:14) Wɔmpɛ sɛ wogye Yehowa tom sɛ ɔne Sodifo a ɔfata. (Dwom 83:18; Adiyisɛm 4:11) Esiane sɛ wɔn koma ne “trenee ntam pan” nti, wɔsɔre tia n’apɛdeyɛ. (2 Timoteo 3:1-5) Te sɛ Babilonfo no, wontie Yehowa asɛm.

Onyankopɔn Nkwagye Renka Akyiri

19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛyɛ adetrenee ama Israel?

19 Yesaia ti 46 mu nsɛm a edi akyiri no si Yehowa nipasu so dua sɛ: “Mede me trenee mabɛn, enni akyiri, na me nkwagye renka akyiri. Mede nkwagye mesi Sion, na mede m’anuonyam mama Israel.” (Yesaia 46:13) Gye a Onyankopɔn begye Israel no bɛyɛ adetrenee. Ɔremma ne nkurɔfo nkyɛ wɔ nnommumfa mu. Sion nkwagye bɛba wɔ bere a ɛfata mu, “ɛrenka akyiri.” Sɛ wogye Israelfo fi nnommumfa mu a, wɔbɛyɛ ahwɛde ama amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia no. Gye a Yehowa begye ne man no bɛyɛ ogye tumi a ɔwɔ no ho adanse. Ɛbɛma mfaso a enni Babilon anyame Bel ne Nebo so ne tumi a wonni no ada adi ma obiara ahu.—1 Ahene 18:39, 40.

20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa “nkwagye renka akyiri”?

20 Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa gyee ne nkurɔfo fii honhom fam nnommumfa mu. Wanka akyiri. Saa asɛm no ne nea esisii wɔ tete mmere mu, bere a Babilon hwee ase wɔ Kores nsam no, hyɛ yɛn nkuran nnɛ. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde nneɛma nhyehyɛe bɔne yi, ne emu atoro som bɛba awiei. (Adiyisɛm 19:1, 2, 17-21) Nnipa ani so no, ebia Kristofo binom besusuw sɛ wɔn nkwagye aka akyiri. Nanso, tɔ a Yehowa tɔ ne bo ase ansa na wama ne bɔhyɛ abam wɔ n’ankasa ne bere mu no yɛ adetrenee ankasa. Anyɛ yiye koraa no, ‘Yehowa mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Enti, nya awerɛhyem sɛ sɛnea ɛbaa tete Israel bere so no, “nkwagye renka akyiri.” Nokwarem no, bere a nkwagye da no bɛn no, Yehowa fi ɔdɔ mu to nsa frɛ sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa, NW] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Yesaia 55:6, 7.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 94]

Babilon anyame mmɔ ne ho ban wɔ ɔsɛe mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 98]

Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye wɔ nnɛyi ahoni ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 101]

Nya akokoduru fa yɛ nea ɛteɛ