Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Munni Ahurusi Daa Wɔ Ade a Merebɔ no Ho’

‘Munni Ahurusi Daa Wɔ Ade a Merebɔ no Ho’

Ti Aduonu Asia

‘Munni Ahurusi Daa Wɔ Ade a Merebɔ no Ho’

Yesaia 65:1-25

1. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɔsomafo Petro kyerɛwee, na asɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

SO YEBEHU ntɛnkyea ne amanehunu awiei da bi? Bɛboro mfirihyia 1,900 a atwam ni no, ɔsomafo Petro kyerɛw awerɛkyekyesɛm yi: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Ná Petro ne Onyankopɔn asomfo foforo pii de mfehaha pii ahwɛ da kɛse a amumɔyɛ, nhyɛso, ne basabasayɛ befi hɔ ma trenee abesi ananmu no kwan. So yebetumi anya ahotoso sɛ saa bɔhyɛ yi bɛbam?

2. Odiyifo bɛn na na waka “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm, na mmamu ahorow bɛn na saa tete nkɔmhyɛ no wɔ?

2 Yiw, yebetumi! Bere a Petro kaa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm no, na ɛnyɛ adwene foforo na na ɔde reba. Bɛyɛ mfirihyia 800 a na atwam no, Yehowa nam odiyifo Yesaia so kaa nsɛm a ɛte saa ara. Saa bɔhyɛ a edi kan no nyaa ne mmamu ketewaa bi wɔ afe 537 A.Y.B. mu, bere a woyii Yudafo no fii Babilon nnommumfa mu ma wotumi san kɔɔ wɔn asase so no. Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no renya ne mmamu kɛse nnɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ ebenya ne mmamu kɛse a ɛyɛ anigye koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu. Nokwarem no, nkɔmhyɛ a ɛka koma a wɔnam Yesaia so de mae no ma yehu nhyira horow a Onyankopɔn de bɛma wɔn a wɔdɔ no no ho biribi.

Yehowa To Nsa Frɛ “Asowuifo”

3. Asɛmmisa bɛn na wɔama ho mmuae ama yɛn wɔ Yesaia ti 65?

3 Kae sɛ Yesaia nkɔmhyɛ kwan so mpae a ɔbɔ maa Yudafo nnommum a na wɔwɔ Babilon no na ɛwɔ Yesaia 63:15-64:12 no. Sɛnea Yesaia nsɛm no ma emu daa hɔ pefee no, na Yudafo no pii mfi ɔkra nyinaa mu nsom Yehowa, nanso na wɔn mu binom anu wɔn ho adan kɔ ne nkyɛn. So afei de na Yehowa bɛsan agye ɔman no esiane nkaefo a na wɔanu wɔn ho no nti? Yehu mmuae no wɔ Yesaia ti 65. Nanso, ansa na Yehowa rehyɛ anokwafo kakraa bi a obegye wɔn ho bɔ no, ɔkaa atemmu a na ɛreba wɔn mu pii a na wonni gyidi no so ho asɛm.

4. (a) Nea ɛne ne nkurɔfo atuatewfo no bɔ abira no, henanom na na wɔbɛhwehwɛ Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo de Yesaia 65:1, 2 dii dwuma?

4 Yehowa nyaa atua a na ne nkurɔfo no akɔ so atew no ho boasetɔ. Nanso, na bere bi bɛba a obegyae wɔn ama wɔn atamfo, na wafi ayamye mu ato nsa afrɛ afoforo ma wɔabenya n’anim dom. Yehowa nam Yesaia so kae sɛ: “Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.” (Yesaia 65:1) Ɛyɛ awerɛhosɛm wɔ Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no fam sɛ na amanaman mufo bɛba Yehowa nkyɛn nanso Yudafo asowuifo sɛ́ ɔman no anyɛ saa. Ɛnyɛ Yesaia nkutoo ne odiyifo a ɔka siei sɛ awiei koraa no, na Onyankopɔn bɛpaw nkurɔfo a bere bi na onnye wɔn ntom no. (Hosea 1:10; 2:23) Ɔsomafo Paulo faa Yesaia 65:1, 2 fii Septuagint mu de kyerɛe sɛ amanaman mufo benya “trenee a efi gyidi mu,” ɛmfa ho mpo sɛ honam fam Yudafo anyɛ saa no.—Romafo 9:30; 10:20, 21.

5, 6. (a) Ɔpɛ a emu yɛ den bɛn na na Yehowa ada no adi, nanso ɔkwan bɛn so na ne nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade? (b) Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yehowa ne Yuda dii no mu?

5 Yehowa kyerɛkyerɛɛ nea enti a na ɔbɛma n’ankasa nkurɔfo ahu amane no mu sɛ: “Mebaee me nsam daa adesae mekyerɛɛ ɔman asowuifo, wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so di wɔn adwene akyi.” (Yesaia 65:2) Obi nsam a ɔbae kyerɛ nsa a ɔto frɛ anaa adesrɛ. Ɛnyɛ sɛ Yehowa baee ne nsam bere tiaa bi, na mmom daa adesae. Ne komam ade a ɔpɛ ne sɛ Yuda bɛsan aba ne nkyɛn. Nanso, asowuifo yi annye so.

6 Hwɛ asuade a ɛka koma a yenya fi Yehowa nsɛm yi mu! Ɔpɛ sɛ yɛbɛn no efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn a wotumi bɛn no. (Yakobo 4:8) Saa nsɛm yi nso kyerɛ yɛn sɛ Yehowa brɛ ne ho ase. (Dwom 113:5, 6) Anyɛ yiye koraa no, ɔkɔ so bae ne nsam wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, frɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn ɛmfa ho sɛ na wɔn asoɔdenyɛ no ahyɛ no ‘awerɛhow’ no. (Dwom 78:40, 41) Bere a ɔkɔɔ so too nsa frɛɛ wɔn mfehaha pii akyi no ansa na awiei koraa no, ogyaw wɔn maa wɔn atamfo. Saa bere no mpo, wampo ahobrɛasefo a na wɔwɔ wɔn mu no.

7, 8. Akwan bɛn so na na Yehowa nkurɔfo a wɔn aso yɛ den no ahyɛ no abufuw?

7 Yudafo asowuifo no kɔɔ so de wɔn animguasede no hyɛɛ Yehowa abufuw mpɛn pii. Yehowa kaa wɔn nneyɛe a na ɛhyɛ abufuw no ho asɛm sɛ: “Ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so, wɔtratra adamoa mu, deda nkokoam, wodi prakonam, na akyide nkwan wɔ wɔn nkutu mu, wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo! no: eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae.” (Yesaia 65:3-5) Na saafo a wɔayɛ wɔn ho ahotefo no reyi Yehowa ahi ‘wɔ n’anim’—adeyɛ a na ebetumi akyerɛ akokoduru bɔne ne animtiaabu. Wɔanyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn abusude no ahintawee mu. So ɛnyɛ abusude titiriw sɛ obi bɛyɛ bɔne wɔ Onii a ɛsɛ sɛ odi no ni na odi n’asɛm so no anim pɛɛ?

8 Nokwarem no, na nnebɔneyɛfo a wobu wɔn ho atreneefo no reka akyerɛ Yudafo nkae no sɛ: ‘Montwe mo ho mfi me ho, efisɛ me ho tew sen mo!’ Nyaatwom bɛn ara ni! Na saa “ahotefo” yi rebɔ afɔre na wɔrehyew aduhuam ama atoro anyame a Onyankopɔn Mmara kasa tia wɔn no. (Exodus 20:2-6) Na wɔtete amusiei, a sɛnea Mmara no kyerɛ no, eguu wɔn ho fĩ. (Numeri 19:14-16) Ná wɔredi prakonam, aduan a na ɛho ntew. * (Leviticus 11:7) Nanso, wɔn som mu nneyɛe no ma wɔtee nka sɛ na wɔn ho tew koraa sen Yudafo a aka no, na na wɔmpɛ sɛ nnipa foforo bɛn wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso mmɛyɛ nkurɔfo a sɛnea yɛbɛka no no, wɔn ho tew, esiane fekuw kɛkɛ a wɔne wɔn bɛbɔ nti. Nanso, na ɛnyɛ saa na Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ‘ɔsom a edi mũ’ no bu nneɛma a na ɛrekɔ so no!—Deuteronomium 4:24.

9. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa bu abɔnefo a wobuu wɔn ho atreneefo no?

9 Sɛ́ anka Yehowa bebu saa nnipa a wobu wɔn ho atreneefo yi sɛ akronkronfo no, ɔkae sɛ: “Eyinom ne me hwene mu wusiw.” Wɔtaa de Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “ɛhwene” anaa “hwene mu” no di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so de kyerɛ abufuw. Wusiw nso ne Yehowa abufuhyew wɔ abusuabɔ. (Deuteronomium 29:20) Abosonsom a ɛyɛ abofono a na ne nkurɔfo de wɔn ho ahyɛ mu no kanyan Yehowa abufuhyew.

10. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa betua Yudafo ka wɔ wɔn bɔne ho?

10 Wɔ Yehowa atɛntrenee mu no, na ontumi nnyae saafo a wɔboapa yɛ bɔne yi mma wɔmfa wɔn ho nni. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Hwɛ, wɔakyerɛw wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na metua so ka, yiw, metua so ka magu wɔn kokom. Mɛka mo amumɔyɛde ne mo agyanom amumɔyɛde mabom matua so ka, [Yehowa, “NW”] na ose; sɛ wɔahyew aduhuam wɔ mmepɔw so na wɔasopa me wɔ nkoko so nti, mesusuw wɔn kan nsennii no so magu wɔn kokom.” (Yesaia 65:6, 7) Na saa Yudafo yi nam atoro som mu a wɔde wɔn ho ahyɛ no so abɔ Yehowa ahohora. Wɔmaa nokware Nyankopɔn no som bɛyɛɛ sɛ amanaman a na atwa wɔn ho ahyia no de. Ná Yehowa betua ‘wɔn ankasa amumɔyɛ,’ a na abosonsom ne ahonhonsɛmdi ka ho no so ka ‘agu wɔn kokom.’ Ɛda adi sɛ na asɛm ‘kokom’ no fa atade soro a wɔbɔ no kotoku a adetɔnfo tumi de nneɛma gu mu no ho. (Luka 6:38) Yudafo awaefo no fam de, na asɛm no mu da hɔ fann—na Yehowa besusuw wɔn ‘akatua’ anaa asotwe ama wɔn. Na atɛntrenee Nyankopɔn no betua wɔn ka. (Dwom 79:12; Yeremia 32:18) Esiane sɛ Yehowa nsakra nti, yebetumi anya ahotoso sɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, ɔde asotwe a ɛte saa ara bɛba nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so.—Malaki 3:6.

“Me Nkoa Nti”

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ na obegye nkaefo anokwafo no nkwa?

11 So na Yehowa beyi mmɔborohunu adi akyerɛ anokwafo a wɔwɔ ne nkurɔfo mu no? Yesaia kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] se ni: Sɛnea nsa ba bobe aba kasiaw mu a, wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa. Na meyi asefo mafi Yakob mu, ne me bepɔw sodifo mafi Yuda mu, na wɔn a mapaw wɔn no bedi so, na me nkoa atra hɔ.” (Yesaia 65:8, 9) Bere a na Yehowa de ne nkurɔfo retoto bobe kasiaw ho no, ɔde mfatoho bi a na wobetumi ate ase ntɛm dii dwuma. Ná bobe abu so asase no so, na nsa a wɔde bobe aba yɛ yɛ nhyira ma adesamma. (Dwom 104:15) Ebia ade a ɔkaa ho asɛm no yɛ bobe aba siaw a ɛnyɛ nea ɛwɔ so nyinaa na eye. Anaasɛ ebetumi aba sɛ na siaw no biako yɛ papa, ɛnna afoforo a aka no yɛ bun anaa aporɔw. Sɛnea ɛte biara no, bobeyɛfo biara nni hɔ a ɔbɛsɛe bobe a eye. Enti Yehowa maa ne nkurɔfo no awerɛhyem sɛ ɔrensɛe ɔman no koraa na mmom ɔbɛbɔ nkaefo anokwafo bi ho ban. Ɔkae sɛ nkaefo yi a wɔanya n’anim dom no bɛtra ne “mmepɔw so,” a ɛyɛ Yerusalem ne Yuda asase a ɛyɛ mmepɔwmmepɔw a Yehowa kyerɛe sɛ ɛyɛ n’ankasa de no.

12. Nhyira ahorow bɛn na na nkaefo anokwafo no benya?

12 Nhyira horow bɛn na na saa nkaefo anokwafo yi benya? Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Saron bɛdan nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwi dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyi kwan no.” (Yesaia 65:10) Nguankuw yɛ ade titiriw wɔ Yudafo pii asetram, na adidibea pii a wonya boa ma wodi yiye wɔ asomdwoe mmere mu. Yehowa kaa asase no anoano paa abien ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyerɛkyerɛ asomdwoe ne yiyedi mu. Saron Asasetaw a na ɛyɛ fɛ na ɛsow aba no da Mediterranea Mpoano atɔe fam. Akor Bon no yɛ asase no atifi fam apuei hye no fã. (Yosua 15:7) Wɔ nnommumfa mu a na wɔrebɛkɔ no mu no, na saa nsase yi ne asase no nkae no bɛda mpan. Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ nnommumfa no akyi no, ɛbɛba abɛyɛ asase a ɛyɛ fɛ ama nkaefo a wɔbɛsan aba no.—Yesaia 35:2; Hosea 2:15.

Wɔde Wɔn Ho To “Siade Bosom” So

13, 14. Nneyɛe bɛn na na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no agyaw no, na ne saa nti dɛn na na ɛbɛba wɔn so?

13 Afei Yesaia nkɔmhyɛ no san dan adwene kɔ wɔn a wɔagyaw Yehowa na wɔakɔ so asom abosom no so. Ɛkae sɛ: “Mo a mugyaw [Yehowa, “NW”] na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no.” (Yesaia 65:11) Saa Yudafo a na wɔapa gyidi yi nam aduan ne nsa a wɔde too “siade bosom” ne “hyɛbea bosom” pon no so de wɔn ho kɔhyɛɛ amanaman mufo abosonsom mu. * Dɛn na na ɛbɛba obi a na ɔbɛyɛ ade a nyansa nnim de ne ho ato saa anyame yi so no so?

14 Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ ntɛm ara sɛ: “Me nso mede mo mɛma afoa, na mo nyinaa moakotow ama okum; efisɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ nea ɛyɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ na mopawee.” (Yesaia 65:12) Bere a wɔkaa Hyɛbea bosom no din ho asɛm wɔ fɛwdi kwan so wɔ mfiase Hebri kasa mu no, na Yehowa reka sɛ wɔde wɔn a wɔresom saa atoro nyame yi ‘bɛma afoa,’ kyerɛ sɛ, wɔbɛkɔ ɔsɛe mu. Mpɛn pii na na Yehowa afa n’adiyifo so aka akyerɛ saa nnipa yi sɛ wɔnsakra wɔn adwene, nanso na wɔabu wɔn ani agu no so asen wɔn kɔn ayɛ nea na wonim sɛ enye wɔ n’ani so no. Hwɛ sɛnea wobuu Onyankopɔn animtiaa! Wɔ Onyankopɔn kɔkɔbɔ no mmamu mu no, na ɔman no behu amane kɛse wɔ afe 607 A.Y.B. mu, bere a Yehowa maa Babilonfo bɛsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no. Saa bere no, “siade bosom” no antumi ammɔ n’asomfo a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no ho ban.—2 Beresosɛm 36:17.

15. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yesaia 65:11, 12 no?

15 Ɛnnɛ nokware Kristofo tie kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yesaia 65:11, 12 no. Wonnye “siade” nni te sɛ nea tumi a ɛboro nnipa de so bi betumi ama wɔanya nhyira ahorow. Esiane sɛ wɔnsɛe wɔn agyapade mfa mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ “siade bosom” ani nti, wɔkwati kyakyatow biara. Wogye di sɛ awiei koraa no, wɔn a wɔde wɔn ho ma saa nyame no bɛhwere biribiara efisɛ Yehowa ka saafo no ho asɛm sɛ: “Mede mo mɛma afoa.”

“Hwɛ, Me Nkoa Ani Begye”

16. Akwan bɛn so na na Yehowa behyira n’asomfo anokwafo, nanso dɛn na na ɛbɛba wɔn a na wɔagyaw no no so?

16 Bere a Yehowa reka wɔn a wogyaw no anim no, nkɔmhyɛ no de nneɛma a wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokwarem benya no totoo nea na wɔn a wofi nyaatwom mu yɛ saa no benya no ho: “Sɛ [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asũ yɔɔ.” (Yesaia 65:13, 14) Ná Yehowa behyira n’asomfo anokwafo. Na wobedi ahurusi bere a na wɔn ani agye wɔ wɔn komam no. Adidi, ɔnom, ne anigye yɛ nsɛmfua a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa bɛma n’asomfo anya wɔn ahiade kɛse. Nea ɛne ɛno bɔ abira no, na honhom fam kɔm ne sukɔm bɛde wɔn a na wɔagyaw Yehowa no. Ná wɔn nsa renka wɔn ahiade. Esiane ɛyaw ne ahohia nti na wɔbɛteɛm asu yɔɔ.

17. Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔto ahurusi dwom?

17 Yehowa nsɛm no kyerɛkyerɛ honhom fam tebea a wɔn a wɔka kɛkɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wom no mu yiye. Bere a Kristoman mufo ɔpepem pii honhom abubu no, Yehowa asomfo to ahurusi dwom. Na wɔwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔn ani gye. Wodidi yiye wɔ honhom fam. Yehowa nam Bible ho nhoma ne Kristofo nhyiam ahorow so ma wɔn honhom fam aduan pii. Nokwarem no, nokware ahorow a ɛhyɛ den ne Onyankopɔn Asɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛma awerɛkyekye no ma yenya “koma pa”!

18. Dɛn na na ɛbɛba wɔn a na wɔagyaw Yehowa no so, na dɛn na na wɔn din a wɔde bɛka ntam no betumi akyerɛ?

18 Yehowa kɔɔ so kasa kyerɛɛ wɔn a na wɔagyaw no no sɛ: “Mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn, na [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn bekum wo, na wato ne nkoa din foforo, na ama nea ohyira ne ho asase so no ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu, na nea ɔka ntam asase so no aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam, na wɔn werɛ befi kan amanehunu no, na ahintaw afi m’anim.” (Yesaia 65:15, 16) Wɔn a wɔagyaw Yehowa no ho ade a na ɛbɛka ara ne wɔn din, a na dwuma a wɔde bedi ara ne ntam a wɔde bɛka anaa dome a wɔde bɛdome. Nea ebia na eyi bɛkyerɛ ara ne sɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔnam ntanka so de wɔn ho hyɛ mmara ase no bɛka sɛ: ‘Sɛ manni me bɔhyɛ so a, ma asotwe a ɛbaa saa awaefo no so mmra me so.’ Ebetumi akyerɛ mpo sɛ na wɔde wɔn din bedi dwuma ayɛ mfatoho, te sɛ Sodom ne Gomora, de ayɛ asotwe a Onyankopɔn de ba abɔnefo so no ho sɛnkyerɛnne.

19. Ɔkwan bɛn so na na wɔde din foforo bɛfrɛ Onyankopɔn asomfo, na dɛn nti na na wobetumi anya Onyankopɔn a ɔka nokware no mu ahotoso? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

19 Hwɛ sɛnea tebea no bɛyɛ soronko ama Onyankopɔn asomfo ankasa! Na wɔde din foforo na ɛbɛfrɛ wɔn. Na ɛno kyerɛ nhyira ne nidi a wobenya bere a wɔasan akɔ wɔn asase so no. Na wɔrenhwehwɛ atoro nyame biara nhyira anaasɛ wɔremfa ohoni a nkwa nnim biara nka ntam. Mmom no, sɛ na wohyira wɔn ho anaa wɔka ntam a, wɔde nokware Nyankopɔn din na ɛbɛyɛ saa. (Yesaia 65:16, NW ase hɔ asɛm) Na asase no sofo no wɔ nea wobegyina so anya Onyankopɔn mu ahotoso a edi mũ koraa, efisɛ na wada ne ho adi sɛ odi ne bɔhyɛ ahorow so. * Bere a Yudafo no te wɔn asase so dwoodwoo no, na ɛrenkyɛ na wɔn werɛ afi wɔn kan amanehunu ahorow no.

‘Merebɔ Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo’

20. Ɔkwan bɛn so na ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ a Yehowa hyɛɛ ho bɔ no nyaa ne mmamu wɔ afe 537 A.Y.B.?

20 Afei Yehowa trɛw ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan ama nkaefo a wɔanu wɔn ho no nsa aka nneɛma a wɔhweree bere a wɔasan afi Babilon nnommumfa mu aba no mu. Yehowa nam Yesaia so kae sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo, “NW”], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:17) Esiane sɛ na Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan agye ne nkurɔfo no bɛbam ɔkwan biara so nti, ɔkaa ogye a na ɛbɛba daakye no ho asɛm te sɛ nea na ɛrebam dedaw. Saa nkɔmhyɛ yi nyaa ne mmamu a edi kan wɔ afe 537 A.Y.B. mu, bere a wɔsan de Yudafo nkaefo no baa Yerusalem no. Dɛn na ɛyɛɛ “ɔsoro foforo” no saa bere no? Ɛno ne Serubabel nniso a na Ɔsɔfopanyin Yosua taa akyi a na ɛwɔ Yerusalem no. Yudafo nkaefo a wɔsan gyee wɔn no na na wɔyɛ ‘asase foforo’ no mufo, nnipa a na wɔn ho atew a wɔbrɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ nniso a ɛte saa ase, na wɔboae ma wɔsan hyehyɛɛ ɔsom kronn wɔ asase no so no. (Esra 5:1, 2) Anigye a wonyae wɔ gye a wɔsan gyee wɔn no mu no kataa amane a na wɔahu no nyinaa so; wɔankae wɔn kan amanehunu no bio.—Dwom 126:1, 2.

21. Ɔsoro foforo bɛn na ɛbae wɔ afe 1914 mu?

21 Nanso, kae sɛ, Petro twee adwene sii saa nkɔmhyɛ no so de kyerɛe sɛ ebenya mmamu daakye. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Wɔ afe 1914 mu no, ɔsoro foforo a na wɔatwɛn bere tenten no bae. Mesia Ahenni a wɔde sii hɔ saa afe no fi soro dii tumi, na Yehowa de asase so tumi nyinaa ama no. (Dwom 2:6-8) Saa Ahenni nniso a ɛwɔ Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 nsam no ne ɔsoro foforo no.—Adiyisɛm 14:1.

22. Henanom na wɔbɛyɛ asase foforo no mufo, na ɔkwan bɛn so na wɔresiesie wɔn a wɔbɛyɛ saa nhyehyɛe no nnyinaso no mprempren?

22 Na asase foforo no nso ɛ? Esiane sɛ asase foforo no bɛyɛ tete de no nsusuwso nti, nnipa a wɔwom no de anigye bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ ɔsoro nniso foforo no tumidi ase. Mprempren mpo, nnipa komapafo ɔpepem pii brɛ wɔn ho ase hyɛ saa nniso yi ase, na wɔbɔ mmɔden di ne mmara a ɛwɔ Bible mu no so. Eyinom fi aman, kasa horow, ne mmusuakuw nyinaa mu, na wɔbom som Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no. (Mika 4:1-4) Sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no twam a, saa nnipakuw yi na wɔbɛyɛ asase foforo a awiei koraa no emufo bɛyɛ nnipa a wosuro Nyankopɔn a wɔte Onyankopɔn Ahenni no asase so atrae wɔ wiase nyinaa no nnyinaso.—Mateo 25:34.

23. “Ɔsoro foforo ne asase foforo” no ho nsɛm bɛn na yehu wɔ Adiyisɛm nhoma no mu, na ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi benya ne mmamu?

23 Adiyisɛm nhoma no ka anisoade a ɔsomafo Yohane hui wɔ Yehowa da a ɛreba, bere a wobeyi nneɛma nhyehyɛe yi afi hɔ, no ho no ho asɛm. Ɛno akyi no, wɔde Satan bɛto bun mu. (Adiyisɛm 19:11–20:3) Saa nkyerɛkyerɛmu no akyi no, Yohane ka nsɛm bi a ɛne Yesaia nkɔmhyɛ no hyia, na ɔkyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo.” Anisoadehu a ɛyɛ anigye yi nkyekyem a edi hɔ no ka bere a Yehowa Nyankopɔn bɛsesa asase yi so tebea horow ma ayɛ papa koraa no ho asɛm. (Adiyisɛm 21:1, 3-5) Ɛda adi pefee sɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛfa ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ ho no benya mmamu a ɛyɛ anigye wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu! Wɔ ɔsoro nniso foforo no ase no, asase so abusua foforo no benya honhom fam ne honam fam paradise. Nea ɛbɛyɛ awerɛkyekye ankasa ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘wɔrenkae kan nneɛma [nyarewa, amanehunu, ne ɔhaw foforo a nnipa hyia] no, na ɛremma koma mu bio’ no. Biribiara a ebia yɛbɛkae saa bere no renhyɛ yɛn awerɛhow, anaasɛ ɛremma yenni yaw kɛse, sɛnea ɛhyɛ nnipa pii koma so mprempren no.

24. Dɛn nti na na Yehowa bedi Yerusalem a na wɔbɛsan asiesie no no ho ahurusi, na dɛn na na wɔnte bio wɔ ne mmɔnten so?

24 Yesaia nkɔmhyɛ no toaa so sɛ: “Momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw. Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.” (Yesaia 65:18, 19) Ɛnyɛ Yudafo a na wɔbɛsan de wɔn aba wɔn asase so no nkutoo na na wɔn ani begye, na mmom, na Onyankopɔn ankasa nso ani begye bi, efisɛ na ɔbɛma Yerusalem ayɛ fɛ—na ɛhɔ asan abɛyɛ beae a wɔsom nokware som wɔ asase so bio. Na wɔrente nnipa a amanehunu ama wɔresu nne a na wɔate wɔ saa kurow no mmɔnten so mfe bi a atwam no bio.

25, 26. (a) Yɛn bere yi so no, ɔkwan bɛn so na Yehowa ama Yerusalem “ayɛ ahurusidi”? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de Yerusalem Foforo no bedi dwuma, na dɛn nti na yɛn ho betumi asɛpɛw yɛn nnɛ?

25 Ɛnnɛ nso Yehowa ama Yerusalem “ayɛ ahurusidi.” Ɔkwan bɛn so? Sɛnea yɛahu dedaw no, awiei koraa no, mfɛfo adedifo 144,000 a wobenya ɔsoro nniso mu kyɛfa no bɛkɔ akɔka ɔsoro foforo a ɛbae wɔ afe 1914 mu no ho. Wɔfrɛ eyinom wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ “Yerusalem foforo.” (Adiyisɛm 21:2) Ɛyɛ Yerusalem Foforo no na Onyankopɔn ka wɔn ho asɛm sɛ: “Merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw” no. Onyankopɔn de Yerusalem foforo no bedi dwuma ma ɛde nhyira a enni ano abrɛ adesamma asoɔmmerɛfo. Yɛrente osu ne nteɛteɛm bio, efisɛ Yehowa bɛma yɛn ‘nea yɛn koma pɛ.’—Dwom 37:3, 4.

26 Nokwarem no, yɛwɔ biribiara a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho sɛpɛw yɛn nnɛ! Ɛrenkyɛ, Yehowa nam wɔn a wɔko tia no nyinaa a ɔbɛsɛe wɔn so bɛtew n’anuonyam din no ho. (Dwom 83:17, 18) Afei ɔsoro foforo no bedi nneɛma nyinaa so. Hwɛ sɛnea nneɛma a ɛyɛ anigye yi bɛma saafo no ho asɛpɛw wɔn na wɔadi ahurusi daa wɔ nneɛma a Onyankopɔn rebɔ no ho!

Daakye Asetra a Ahobammɔ Wom Ho Bɔhyɛ

27. Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛkyerɛɛ ahobammɔ a Yudafo a na wɔresan aba wɔn asase so no benya no mu?

27 Wɔ nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan mu no, na asetra bɛyɛ dɛn ama Yudafo a wɔresan aba wɔn asase so no wɔ ɔsoro foforo no ase? Yehowa kae sɛ: “Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; na aberante [abarimaa, “NW”] bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛfo a wɔadome no mpo adi mfe ɔha.” (Yesaia 65:20) Asetra a ahobammɔ wom a ɛyɛ anigye bɛn ara na na nnommum a wɔresan aba no benya wɔ wɔn asase so sɛɛ yi! Mmotafowa a wɔadi nna kakraa bi no renwu ɔpatuwu. Saa ara na na ɔpanyin a onwiee ne nna di renwu owu a ɛte saa. * Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesaia nsɛm no kyekyee Yudafo a na wɔresan aba Yuda no werɛ! Bere a na wɔte wɔn asase so dwoodwoo no, na enhia sɛ wodwen sɛ atamfo bɛba abɛfa wɔn mmotafowa anaa wɔbɛba abekunkum wɔn mmarima.

28. Dɛn na yesua fi Yehowa nsɛm a ɛfa wiase foforo a N’ahenni no di so no mu asetra ho no mu?

28 Wiase foforo a ɛreba no mu asetra ho nsɛm bɛn na Yehowa nsɛm no ka kyerɛ yɛn? Wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no, abofra biara benya daakye asetra a ahobammɔ wom ho anidaso. Owu remfa ɔbarima a osuro Onyankopɔn wɔ ne mmerantebere mu bio. Mmom no, adesamma asoɔmmerɛfo bɛtra ase dwoodwoo a wɔwɔ ahobammɔ, na ama wɔatumi agye wɔn ani wɔ asetra mu. Na obi a ɔbɛtew atua atia Onyankopɔn no nso ɛ? Saafo no bɛhwere wɔn nkwa. Sɛ ɔbɔnefo tuatewfo no adi “mfirihyia ɔha” mpo a, obewu. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, sɛ yɛde toto nea anka obetumi ayɛ—ɔbarima a ɔwɔ nkwa a enni awiei—no ho a, ɔbɛyɛ te sɛ ‘abarimaa.’

29. (a) Anigye bɛn na na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ osetie no benya wɔ Yuda asase a na wɔasan asiesie so no so? (b) Dɛn nti na nnua yɛ ade a wɔde yɛ onyinkyɛ ho nhwɛso ma ɛfata? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

29 Yehowa kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ tebea horow a na ɛbɛba Yuda asase a na wɔasan asiesie so no mu: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.” (Yesaia 65:21, 22) Bere a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ osetie no san baa Yuda asase a na ɛda mpan so a na akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ asase a adan ne bobe nturo nni so so no, na wɔn ani begye sɛ wɔbɛtratra wɔn ankasa afie mu na wɔadi wɔn ankasa bobe nturo mu aba. Ná Onyankopɔn behyira wɔn nsa ano adwuma so, na na wobenya nkwatenten—te sɛ dua nna—a emu na na wobedi wɔn nsa ano adwuma no. *

30. Tebea a ɛyɛ anigye bɛn na Yehowa asomfo wom nnɛ, na dɛn na wobenya wɔ wiase foforo no mu?

30 Saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu wɔ yɛn bere yi so. Yehowa nkurɔfo fii honhom fam nnommumfa mu wɔ afe 1919 mu, na wofii ase siesiee wɔn “asase,” anaa beae a wɔyɛ wɔn adwuma na wɔsom no. Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow na wɔsow honhom aba. Ne saa nti, ɛnnɛ mpo Yehowa nkurɔfo wɔ honhom fam paradise ne Onyankopɔn asomdwoe. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ asomdwoe a ɛte saa ara bɛkɔ so akodu Paradise ankasa mu. Yentumi mfi ase mfa yɛn adwene mmu nea Yehowa nam n’asomfo a wɔwɔ koma a ɛpɛ nsa so bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wubesi w’ankasa dan na afei woatra mu! Wɔ Ahenni nniso no mu no, adwuma a abotɔyam wom ho renyɛ den. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea abotɔyam wom sɛ wubehu “adepa,” w’ankasa nsa ano adwuma so aba, bere nyinaa! (Ɔsɛnkafo 3:13) So yebenya bere pii de adi yɛn nsa ano adwuma so aba akosi ase? Yiw, yebenya! Nnipa anokwafo a wɔwɔ nkwa a enni awiei no nna bɛyɛ sɛ “dua nna”—mfirihyia mpempem pii ne akyiri!

31, 32. (a) Nhyira ahorow bɛn na na nnommum a na wɔresan aba no benya? (b) Wɔ wiase foforo no mu no, anidaso bɛn na adesamma anokwafo benya?

31 Yehowa kyerɛkyerɛɛ nhyira foforo pii a na nnommum a wɔresan aba no benya no mu sɛ: “Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa, “NW”] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.” (Yesaia 65:23) Ná Yehowa behyira Yudafo a wɔresan aba wɔn asase so no, enti na wɔrenyɛ adwumayɛhunu. Ná awofo renwo mma mma mmofra no mmewu ɔpatuwu. Ɛnyɛ wɔn a anka na wɔyɛ nnommum no nko na wobenya nsiesiei no mu anigye; wɔn mma nso benya bi. Ná Onyankopɔn ho pere no sɛ ɔde ne nkurɔfo ahiade bɛma wɔn ma enti ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.”—Yesaia 65:24.

32 Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛma saa bɔhyɛ ahorow yi anya ne mmamu wɔ wiase foforo a ɛreba no mu? Ɛsɛ sɛ yɛtwɛn, edu hɔ a, yebehu. Yehowa nkaa ɛho nsɛm nyinaa, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ adesamma anokwafo ‘renyɛ adwumayɛhunu’ bio da. Nnipakuw kɛse a wobetwa Harmagedon no ne mma biara a ebia wɔbɛwo wɔn no benya nkwatenten a abotɔyam wom—daa nkwa—ho anidaso ankasa! Wɔn a wɔbɛba owusɔre mu na wɔbɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia no nso benya anigye wɔ wiase foforo no mu. Yehowa betie wɔn ahiade, obedi kan mpo ahu na wadi ho dwuma ama wɔn. Nokwarem no, Yehowa bebue ne nsam na wama ‘ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ’ a ɛfata ‘adi amee.’—Dwom 145:16.

33. Sɛ na Yudafo no san ba wɔn asase so a, ɔkwan bɛn so na na asomdwoe bɛba mmoa ntam?

33 Asomdwoe ne dwoodwoo asetra a wɔahyɛ ho bɔ yi bɛkɔ akyiri akodu he? Yehowa wiee nkɔmhyɛ no fa yi sɛ: “Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, [Yehowa, “NW”] na ose.” (Yesaia 65:25) Sɛ na Yudafo nkaefo anokwafo no san ba wɔn kurom a, na wɔbɛba Yehowa hwɛ ase. Enti na gyata bɛwe wura sɛ nantwi, efisɛ na gyata renyɛ Yudafo no anaa wɔn nyɛmmoa bɔne. Na saa bɔhyɛ yi bɛbam, efisɛ wɔde nsɛm yi wiei sɛ ‘Yehowa na ose.’ Na n’asɛm bam bere nyinaa!—Yesaia 55:10, 11.

34. Mmamu a ɛyɛ anigye bɛn na Yehowa nsɛm anya nnɛ, na wiase foforo no mu nso ɛ?

34 Yehowa nsɛm renya mmamu anigye so wɔ nokware asomfo mu nnɛ. Efi afe 1919 no, Onyankopɔn ahyira ne nkurɔfo honhom fam asase no, ayɛ no honhom fam paradise. Wɔn a wɔreba saa honhom fam paradise yi mu no yɛ nsakrae ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ wɔn asetra mu. (Efesofo 4:22-24) Ɛdenam Onyankopɔn honhom mmoa so no, nnipa bi a bere bi na wɔn su ahorow te sɛ mmoa—a ebia wɔbɔɔ wɔn yɔnko nnipa apoo anaasɛ wosisii wɔn—atumi adi subammɔne a ɛtete saa no so. Ne saa nti, wɔne wɔn mfɛfo gyidifo nya asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wɔn som mu. Nhyira horow a Yehowa nkurɔfo nya no mprempren wɔ wɔn honhom fam paradise mu no bɛkɔ akodu Paradise ankasa mu, baabi a mmoa nso benya asomdwoe a ɛwɔ nnipa mu no bi. Yebetumi anya ahotoso sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, adesamma bedi ahyɛde a ɔde maa wɔn mfiase no ho dwuma yiye: “Monhyɛ [asase] so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.”—Genesis 1:28.

35. Dɛn nti na yɛwɔ nea yebetumi agyina so ‘adi ahurusi daa daa’?

35 Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔrebɔ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’! Saa bɔhyɛ no nyaa ne mmamu wɔ afe 537 A.Y.B. mu, na ɛrenya ne mmamu foforo nnɛ. Saa mmamu abien yi twe adwene si daakye a anigye wom a adesamma asoɔmmerɛfo benya so. Yehowa fi ayamye mu nam Yesaia nkɔmhyɛ so ama yɛahu nea ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no no ho biribi. Nokwarem no, yɛwɔ nea yebegyina so atie Yehowa nsɛm yi: “Munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti”!—Yesaia 65:18.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Nnipa pii susuw sɛ na saa abɔnefo yi wɔ amusiei a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔne awufo bɛkasa. Ebetumi aba sɛ prakonam a wodii no ne abosonsom wɔ abusuabɔ.

^ nky. 13 Bere a Bible nkyerɛasefo Jerome (a wɔwoo no afeha a ɛto so anan Y.B.) reka nkyekyem yi ho asɛm no, ɔkaa tete amanne bi a na abosonsomfo yɛ no afe mu ɔsram a etwa to da a edi akyiri no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ná wɔto pon a nnuan ahorow nyinaa bi ne mfrasa dɔkɔdɔkɔ kuruwa wɔ so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam siade so benya nnɔbae wɔ afe a ɛretwam no anaa nea ɛreba no mu.”

^ nky. 19 Sɛnea Yesaia 65:16 kyerɛ wɔ Hebri Masoret nkyerɛwee no mu no, Yehowa yɛ “Amen Nyankopɔn.” “Amen” kyerɛ “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛbɛyɛ hɔ,” na ɛyɛ nea esi biribi so dua sɛ ɛyɛ nokware anaasɛ ɛbɛbam. Yehowa nam ne bɔhyɛ ahorow nyinaa a ɔma ɛbam no so da no adi sɛ nea ɔka biara yɛ nokware.

^ nky. 27 The Jerusalem Bible kyerɛ Yesaia 65:20 ase sɛ: “Wɔrenhu abotafowa a obedi nna kakraa bi pɛ, anaa akwakoraa a wanni ne nna anwie.”

^ nky. 29 Nnua yɛ ade a wɔde yɛ onyinkyɛ ho nhwɛso ma ɛfata, efisɛ ɛka nneɛma a wonim sɛ ɛkyɛ sen biara no ho. Sɛ nhwɛso no, ngodua sow aba mfirihyia ɔhaha pii, na etumi di mfirihyia apem.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 389]

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, yebenya bere pii de adi yɛn nsa ano adwuma