Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nea Mapaw No a Me Kra Ani Sɔ No”

“Nea Mapaw No a Me Kra Ani Sɔ No”

Ti Abiɛsa

“Nea Mapaw No a Me Kra Ani Sɔ No”

Yesaia 42:1-25

1, 2. Dɛn nti na Kristofo ani gye Yesaia ti 42 ho nnɛ?

“MONE m’adansefo, [Yehowa, NW] na ose, ne m’akoa a mayi no no.” (Yesaia 43:10) Saa asɛm yi a Yehowa kae a odiyifo Yesaia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no da no adi sɛ Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn yɛɛ apam tete no yɛ adansefo man. Na wɔyɛ Onyankopɔn akoa a wapaw no. Bɛyɛ mfirihyia 2,600 akyi, wɔ afe 1931 mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no kaa no baguam sɛ saa nsɛm no fa wɔn ho. Wɔfaa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so, na wofii koma nyinaa mu gyee asɛyɛde a ɛbata Onyankopɔn asase so akoa a obi bɛyɛ ho no toom.

2 Yehowa Adansefo fi koma nyinaa mu pɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nti, wɔn mu biara ani gye Yesaia ti 42 ho kɛse, efisɛ ɛkyerɛ nea ɛma Yehowa ani sɔ akoa bi ne nea ɛma ɔpo akoa foforo. Saa nkɔmhyɛ yi ne ne mmamu ho a yebesusuw bɛma yɛahu nea ɛma Onyankopɔn ani sɔ obi ne nea ɛma obi hwere n’anim dom.

“Mede Me Honhom Magu No So”

3. “M’akoa” ho nkɔm bɛn na Yehowa nam Yesaia so hyɛ?

3 Yehowa nam Yesaia so hyɛ akoa a n’ankasa bɛpaw no no mmae ho nkɔm: “Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu [atɛntrenee,“NW”] befi akɔ amanaman mu. Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so, na ɔremma wɔnte ne nne abɔnten so; demmire a abukaw no, ɔremmu mu, na asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum; nokware so na obeyi atemmu adi; n’asɛm ano rennwo, na ɔrempa abaw de bɛkɔ akosi sɛ ɔde atemmu [atɛntrenee, “NW”] besi asase so, na nsuano aman bɛtwɛn ne mmara.”—Yesaia 42:1-4.

4. Hena ne nea ‘wapaw no’ no a wɔkaa ne ho asɛm siei no, na yɛyɛ dɛn hu eyi?

4 Hena ne Akoa a wɔkaa ne ho asɛm wɔ ha no? Adwenem naayɛ biara nni eyi ho. Yehu sɛ wɔafa nsɛm yi aka wɔ Mateo Nsɛmpa no mu de aka Yesu Kristo ho asɛm. (Mateo 12:15-21) Yesu ne Akoa a wɔdɔ no a ‘wapaw no’ no. Bere bɛn na Yehowa de ne honhom guu Yesu so? Wɔ afe 29 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Yesu asu no. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka saa asubɔ no ho asɛm sɛ, bere a Yesu fii nsu no mu no, “ɔsoro buei, na Honhom Kronkron sianee ɔhonam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.” Saa kwan yi so na Yehowa ankasa daa N’akoa a ɔdɔ no no adi. Yesu som adwuma a edii hɔ ne anwonwade a ɔyɛe daa no adi sɛ Yehowa honhom wɔ no so ampa.—Luka 3:21, 22; 4:14-21; Mateo 3:16, 17.

‘Ɔde Atɛntrenee Befi Akɔ Amanaman Mu’

5. Dɛn nti na na atɛntrenee ho nkyerɛkyerɛmu ho hia wɔ afeha a edi kan Y.B. mu?

5 Na Nea Yehowa Apaw No no de nokware atɛntrenee “befi akɔ,” anaa ɔbɛma ada adi. ‘Na ɔbɛka nea atɛntrenee kyerɛ akyerɛ amanaman.’ (Mateo 12:18) Hwɛ sɛnea na wohia eyi wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu! Yudafo nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛɛ atɛntrenee ne trenee ho nsɛm kyinkyim no. Wɔpɛe sɛ wɔfa mmara horow a wɔahyehyɛ no katee—a wɔn ankasa na wɔyɛɛ emu pii—a wobedi akyi no so yɛ wɔn ho treneefo. Na mmɔborohunu ne ayamhyehye nni wɔn mmara kwan so atɛntrenee no mu.

6. Akwan bɛn so na Yesu daa nokware atɛntrenee adi?

6 Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu daa atɛntrenee ho adwene a Onyankopɔn kura adi. Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ ne n’asetra so daa no adi sɛ nokware atɛntrenee wɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu. Wo de susuw ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no ho hwɛ. (Mateo, ti 5-7) Sɛnea wɔde atɛntrenee ne trenee yɛ adwuma ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata bɛn ara ni! Sɛ yɛkenkan Nsɛmpa ho kyerɛwtohɔ no a, so ayamhyehye a Yesu daa no adi kyerɛɛ ahiafo ne amanehunufo no nka yɛn koma? (Mateo 20:34; Marko 1:41; 6:34; Luka 7:13) Ɔde n’awerɛkyekyesɛm no kɔɔ nnipa pii a na wɔte sɛ demmire a abukaw, a wɔahyɛ wɔn so aboro wɔn no nkyɛn. Na wɔte sɛ kanea ntamaa a ayɛ wusiwusi a na wɔreyɛ adum koraa. Yesu ammu “demmire a abukaw” no mu, na saa ara na wannum “kanea ntamaa a ayɛ wusiwusi” no nso. Mmom no, ne nsɛm ne ne nneyɛe a ɛda ɔdɔ ne ayamhyehye adi no maa ahobrɛasefo ani gyei.—Mateo 11:28-30.

7. Dɛn nti na nkɔmhyɛ no tumi ka sɛ Yesu ‘renteɛteɛm anaasɛ wɔrente ne nne abɔnten so’?

7 Nanso, dɛn nti na nkɔmhyɛ no ka sɛ Yesu ‘renteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so’? Nea enti a ɛte saa ne sɛ wamma ne ho so te sɛ nea ne bere sofo pii yɛe no. (Mateo 6:5) Bere a ɔresa ɔkwatani bi yare no, ɔka kyerɛɛ ɔbarima a wasa no yare no sɛ: “Hwɛ, nka asɛm bi nkyerɛ obiara.” (Marko 1:40-44) Sɛ́ anka Yesu bɛbɔ dawuru na ama nkurɔfo agyina atesɛm so akeka nsɛm no, ɔpɛe sɛ wɔn ankasa gyina adanse a edi mũ a ɛne sɛ ɔno ne Kristo, Yehowa Akoa a wasra no no so hu.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu de ‘atɛntrenee kɔɔ amanaman mu’? (b) Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no kyerɛkyerɛ yɛn wɔ atɛntrenee ho?

8 Ná Akoa a Wapaw No no de ‘atɛntrenee bɛkɔ amanaman mu.’ Yesu yɛɛ eyi. Mmɔborohunu a ɛwɔ Onyankopɔn atɛntrenee mu so dua a Yesu sii akyi no, ɔkyerɛkyerɛe nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔde di ma nnipa nyinaa. Bere bi Yesu kaee ɔbarima bi a na onim Mmara no yiye sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn ne ne yɔnko. Ɔbarima no bisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko?” Ebia na ɔhwɛ kwan sɛ Yesu bebua sɛ: ‘Wo yɔnko ne Yudani.’ Nanso, Yesu buu Samariani mmɔborohunufo ho bɛ no. Wɔ bɛ no mu no, Samariani bi boaa ɔbarima bi a adwowtwafo tow hyɛɛ no so, bere a Lewini ne ɔsɔfo bi ammoa no no. Nea obisaa asɛm no gye toom sɛ saa bere yi de, Samariani a na wobu no animtiaa no na ɔyɛ ne yɔnko na ɛnyɛ Lewini anaa ɔsɔfo no. Yesu de afotu yi mae de ne mfatoho no baa awiei sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!”—Luka 10:25-37; Leviticus 19:18.

“N’asɛm Ano Rennwo, na Ɔrempa Abaw”

9. Ɔkwan bɛn so na nea nokware atɛntrenee kyerɛ a yɛbɛte ase no bɛka yɛn?

9 Esiane sɛ Yesu maa nokware atɛntrenee mu daa hɔ nti, n’asuafo no suaa sɛnea wɔbɛda saa su yi adi. Na ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua. Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yegye Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no tom, esiane sɛ ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ nti. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade Yehowa akwan so a, yɛn nneyɛe pa no bɛda nea nokware atɛntrenee kyerɛ ankasa adi.—1 Petro 2:12.

10. Dɛn nti na atɛntrenee a yɛbɛda no adi no fa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a yɛbɛyɛ no ho?

10 Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu denneennen a, na yɛreda nokware atɛntrenee adi. Yehowa fi ayamye mu ada n’ankasa, ne Ba, ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛma nkwa no adi. (Yohane 17:3) Ɛrenyɛ nea ɛfata anaa ɛteɛ sɛ yɛbɛma saa nimdeɛ no atra yɛn nko ara yɛn tirim. Salomo ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” (Mmebusɛm 3:27) Momma yemfi koma nyinaa mu nka nea yenim fa Onyankopɔn ho nkyerɛ nnipa nyinaa, a abusua anaa ɔman a wofi mu mfa ho.—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

11. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di bere a yɛresuasua Yesu no?

11 Afei nso, nokware Kristoni ne afoforo di sɛnea Yesu yɛe no. Nnipa pii hyia nsɛnnennen a ebu abam nnɛ, na wohia tema ne nkuranhyɛ. Nsɛm tebea bi betumi abunkam Kristofo binom a wɔahyira wɔn ho so mpo so ma wɔabɛyɛ sɛ demmire a abukaw anaa ntamaa a ɛrefi wusiw. So wonhia yɛn mmoa? (Luka 22:32; Asomafo no Nnwuma 11:23) Hwɛ abotɔyam araa a ɛyɛ sɛ yɛne nokware Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu wɔ sɛnea ɔda atɛntrenee adi mu no bɛbɔ fekuw!

12. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na atɛntrenee aba ama nnipa nyinaa?

12 So bere bi bɛba a wobebu nnipa nyinaa atɛntrenee? Yiw, ɛbɛba. Nea Yehowa Apaw No no ‘ano rennwo, na ɔrempa abaw de bɛkɔ akosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛba asase so.’ Ɛrenkyɛ koraa na Ɔhene a wɔde no asi agua so, Kristo Yesu a wɔanyan no no ‘adi wɔn a wonnim Nyankopɔn no were.’ (2 Tesalonikafo 1:6-9; Adiyisɛm 16:14-16) Onyankopɔn Ahenni besi nnipa nniso ananmu. Atɛntrenee ne trenee bebu so. (Mmebusɛm 2:21, 22; Yesaia 11:3-5; Daniel 2:44; 2 Petro 3:13) Yehowa asomfo a wɔwɔ mmaa nyinaa—wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ‘nsupɔw so’ mpo—de anigye retwɛn saa da no.

‘Mede No Bɛyɛ Amanaman Hann’

13. Nkɔm bɛn na Yehowa hyɛ fa N’akoa a Wapaw No no ho?

13 Yesaia toa so sɛ: “Sɛ Onyankopɔn [Yehowa, “NW”] nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no se ni.” (Yesaia 42:5) Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, ho asɛm a emu yɛ den bɛn ara ni! Yehowa tumi ho nkaesɛm yi ma n’asɛm a ɔka no di mu kɛse. Yehowa ka sɛ: “Me, [Yehowa, “NW”] mafrɛ wo trenee mu, na maso wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann sɛ: Bue aniwa a afura, yi apokyerɛfo fi afiase, ne wɔn a wɔtete sum mu fi nneduadan mu.”—Yesaia 42:6, 7.

14. (a) Dɛn na Yehowa Akoa a n’ani sɔ no nsa a oso no kyerɛ? (b) Dwuma bɛn na Akoa a Wapaw No no di?

14 Amansan Bɔfo Kɛse, Nkwamafo ne Nea Ɔma Nkwa Kɔ So no so N’akoa a Wapaw No no nsa, na ɔhyɛ no bɔ sɛ ogyina n’akyi bere nyinaa. Awerɛhyem bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi! Afei nso, Yehowa kora no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde no bɛma sɛ “ɔman apam.” Apam yɛ nhyehyɛe, ɛyɛ bɔhyɛ a anibere wom. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ a enni huammɔ. Yiw, Yehowa de N’akoa no “ahyɛ ne nkurɔfo bɔ.”—An American Translation.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii dwuma sɛ “amanaman hann”?

15 Sɛ́ “amanaman hann” no, Akoa a wahyɛ ne ho bɔ no bebue ‘anifuraefo ani’ na wama “wɔn a wɔtete sum mu” anya ahofadi. Yesu yɛɛ eyi. Yesu nam nokware no ho adanse a odii so hyɛɛ ne soro Agya din anuonyam. (Yohane 17:4, 6) Ɔpaa nyamesom mu atosɛm ho ntama, kaa Ahenni ho asɛmpa, na ɔbɔɔ kwan maa wɔn a wɔwɔ nyamesom nkoasom mu nyaa honhom fam ahofadi. (Mateo 15:3-9; Luka 4:43; Yohane 18:37) Ɔbɔɔ esum mu nnwuma ho kɔkɔ, na ɔpaa Satan ho ntama sɛ “atoro agya” ne “wi yi ase sodifo.”—Yohane 3:19-21; 8:44; 16:11.

16 Yesu kae sɛ: “Mene wiase hann.” (Yohane 8:12) Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔte saa wɔ ɔkwan soronko so bere a ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ mae sɛ agyede no. Ɔnam saayɛ so bɔɔ kwan maa wɔn a wogye no di no nyaa bɔne fafiri, nyaa Onyankopɔn anim dom, ne daa nkwa ho anidaso. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Yesu nam onyamesom pa mu a okurae wɔ ne nkwa nna nyinaa mu so gyinaa Yehowa tumidi akyi, na ɔnam so maa Ɔbonsam yɛɛ ɔtorofo. Nokwarem no, Yesu buee anifuraefo ani maa wɔn a wɔda honhom fam afiase wɔ sum mu no nyaa ahofadi.

17. Akwan bɛn so na yɛsom sɛ hann kurafo?

17 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone wiase hann.” (Mateo 5:14) So yɛn nso yɛnyɛ hann kurafo? Yɛnam yɛn asetra kwan ne yɛn asɛnka adwuma no so anya hokwan sɛ yɛkyerɛ afoforo kwan ba Yehowa, nokware nimdeɛ Wura no nkyɛn. Te sɛ Yesu a yesuasua no no, yɛma nkurɔfo hu Yehowa din, gyina Ne tumidi akyi, na yɛbɔ N’ahenni dawuru sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ. Afei nso, sɛ́ hann kurafo no, yɛpa nyamesom mu atosɛm ho ntama, bɔ sum mu nnwuma funu ho kɔkɔ, na yɛpa Satan, ɔbɔnefo no, ho ntama.—Asomafo no Nnwuma 1:8; 1 Yohane 5:19.

‘Monto Dwom Foforo Mma Yehowa’

18. Dɛn na Yehowa ma ne nkurɔfo hu?

18 Afei Yehowa dan n’adwene kɔ ne nkurɔfo so, ka sɛ: “Mene [Yehowa, “NW”], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni. Kan de no, hwɛ, aba mu, na nneɛma foforo na merekyerɛ ennya mfii yi merema moate.” (Yesaia 42:8, 9) Ɛnyɛ anyame huhuw no mu bi na wɔhyɛɛ “m’akoa” ho nkɔm no, na mmom nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ no. Ná ɛbɛbam ɔkwan biara so, na ɛbae. Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn na Ɔyɛ nneɛma foforo, na ɔma ne nkurɔfo di kan hu ansa na aba. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

19, 20. (a) Dwom bɛn na ɛsɛ sɛ wɔto? (b) Henanom na wɔreto Yehowa ayeyi dwom no nnɛ?

19 Yesaia kyerɛw sɛ: “Monto dwom foforo mma [Yehowa, “NW”], mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom. Mo a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa, nsuano aman ne wɔn a wɔtete so. Sare ne ɛso nkurow mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te so no; abotan mufo nto ahurusi dwom, womfi mmepɔw atifi mmɔ ahosɛpɛw se. Wɔnhyɛ [Yehowa, “NW”] anuonyam, na wɔnka n’ayeyi nsu ano aman mu.”—Yesaia 42:10-12.

20 Wɔhyɛ nkurow akɛse mufo, sare so nkuraa mufo, nsupɔw sofo, “Kedar” mpo, anaa anhweatam so nkurowa—nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnto Yehowa ayeyi dwom. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ nnipa ɔpepem pii agye saa nkɔmhyɛ mu ɔfrɛ yi so wɔ yɛn bere yi so! Wɔagye Onyankopɔn Asɛm mu nokware no atom, na wɔde Yehowa ayɛ wɔn Nyankopɔn. Yehowa nkurɔfo reto saa dwom foforo yi—rehyɛ Yehowa anuonyam—wɔ nsase bɛboro 230 so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wobɛto aman horow, kasa horow, ne mmusuakuw dwom yi bi!

21. Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo atamfo ntumi mma wonnyae Yehowa ayeyi dwom no to?

21 So asɔretiafo betumi ne Onyankopɔn adi asi na wɔama wɔagyae saa ayeyi dwom yi to? Dabida! [Yehowa, “NW”] befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm.” (Yesaia 42:13) Tumi bɛn na ebetumi ne Yehowa adi asi? Bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni no, odiyifo Mose ne Israelfo too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] yɛ dɔmmarima, [Yehowa, NW] ne ne din. Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, watow wɔn agu po mu, na n’akofo a wɔapaw wɔn no, wɔamemmem mmɛw po mu.” (Exodus 15:3, 4) Yehowa dii asraafo dɔm a na wɔwɔ tumi sen biara saa bere no so nkonim. Onyankopɔn nkurɔfo tamfo biara nni hɔ a obetumi adi nkonim bere a Yehowa fi adi sɛ ɔkofoni tumfoɔ no.

“Mifi Muaa M’ano Akyɛ”

22, 23. Dɛn nti na Yehowa ‘yɛ komm bere tenten’?

22 Yehowa nhwɛ nnipa anim na wabu atɛntrenee, bere mpo a ɔde atemmu ba n’atamfo so no. Ɔka sɛ: “Mifi muaa m’ano akyɛ, mɛbom sɛ ɔwofo a ɔrekyem; mɛhome hahyeehahyee na magu ahome prɛko. Mɛma mmepɔw ne nkoko atwintwam, na mama ɛso nhaban nyinaa agunguan; na madan nsubɔnten nsupɔw, na mayow atare nyinaa.”—Yesaia 42:14, 15.

23 Ansa na Yehowa de atemmu bɛba no, ɔma bere twam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma nnebɔneyɛfo anya hokwan asakra afi wɔn akwammɔne ho. (Yeremia 18:7-10; 2 Petro 3:9) Susuw Babilonfo a sɛ́ wiase tumidi a ɛsen biara no, wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no ho hwɛ. Yehowa maa eyi ho kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛteɛ Israelfo no so esiane nokware a wɔanni nti. Nanso, Babilonfo anhu dwuma a na wɔredi no. Wɔyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo ayayade sen sɛnea na Onyankopɔn atemmu hwehwɛ. (Yesaia 47:6, 7; Sakaria 1:15) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ nokware Nyankopɔn no yaw sɛ ohui sɛ ne nkurɔfo rehu amane! Nanso, ɔtwɛn a ɔnyɛ hwee kosi sɛ ne bere bedu. Afei osi apini—te sɛ ɔbea a ɔrewo—sɛ ɔde regye ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no na ɔde wɔn aba sɛ ɔman a wɔwɔ ahofadi. Nea ɛbɛyɛ na wayɛ eyi no, wɔ afe 539 A.Y.B. mu no, ɔma Babilon ne n’ahobammɔ twintwam na egunguan.

24. Anidaso bɛn na Yehowa bue ho kwan ma ne nkurɔfo Israel?

24 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no ani gyei bere a na wɔakɔ nnommumfa mu mfirihyia pii, na afei awiei koraa no, hokwan abue ama wɔn ma wɔresan akɔ wɔn kurom no! (2 Beresosɛm 36:22, 23) Wɔn ani begye sɛ wobehu Yehowa bɔhyɛ no mmamu: “Megya anifuraefo ɔkwan a wonnim mu so, mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so. Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim, na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa. Ade yi na mɛyɛ mama wɔn, na merennyaw wɔn.”—Yesaia 42:16.

25. (a) Dɛn ho na Yehowa nkurɔfo adwene betumi asi wɔn pi nnɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

25 Ɔkwan bɛn so na saa nsɛm yi yɛ adwuma nnɛ? Wiɛ, bere tenten ni—mfehaha pii—na Yehowa ama amanaman no afa wɔn ankasa kwan so. Nanso, bere a wahyɛ a obesiesie nneɛma no abɛn. Ɛnnɛyi, waboaboa nnipa bi ano a wodi ne din ho adanse. Ɔnam ɔsɔretia biara a wɔde ba wɔn so ano a ɔbrɛ no ase so asiesie kwan ama wɔn a wɔsom no “honhom ne nokware mu” no. (Yohane 4:24) Ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Merennyaw wɔn,” na wadi n’asɛm so. Na wɔn a wɔkɔ so som atoro anyame no ɛ? Yehowa ka sɛ: “Wɔn a wɔn ho da abosom so no, wɔbɛsan wɔn akyi, na wɔn ani bewu; wɔn a wɔka kyerɛ ogu ahoni sɛ: Mone yɛn anyame, no.” (Yesaia 42:17) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware, sɛnea Nea Wapaw No no yɛe no!

‘Akoa a Ɔyɛ Ɔsotifo ne Onifuraefo’

26, 27. Ɔkwan bɛn so na Israel da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ ‘akoa ɔsotifo ne onifuraefo,’ na dɛn na efi mu ba?

26 Onyankopɔn Akoa a Wapaw No, Yesu Kristo, dii nokware kosii owu mu. Nanso, Yehowa nkurɔfo Israel, bɛyɛɛ akoa a onni nokware, ɔsotifo ne onifuraefo wɔ honhom fam. Yehowa kasa kyerɛ wɔn sɛ: “Asotifo, muntie! na anifuraefo, monhwɛ na munhu! Hena ani na afura sɛ m’akoa, hena na n’aso asiw sɛ me bɔfo a mesoma no no? Hena ani na afura sɛ nea ɔwɔ m’asomdwoe apam mu, hena na n’ani afura sɛ [Yehowa, “NW”] akoa no? Wahu nneɛma pii, nso ɔnhwɛ; wɔabue n’asõ, nso ɔnte asɛm. [Yehowa, “NW”] trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no asõ na anya anuonyam.”—Yesaia 42:18-21.

27 Hwɛ sɛnea Israel di Onyankopɔn huammɔ ma ɛyɛ awerɛhow! Ne manfo no kɔ so dan wɔn ani kɔsom amanaman no adaemone anyame no. Yehowa kɔ so soma n’abɔfo ba wɔn nkyɛn mpɛn pii, nanso ne man ntie. (2 Beresosɛm 36:14-16) Yesaia ka nea ebefi mu aba ho asɛm sie: “Nanso wɔyɛ ɔman a wɔafow wɔn afom wɔn; wɔama wɔakɔka ntokuru mu, wɔde wɔn ahintaw nneduadan mu; wɔafow wɔn a ogyefo nni hɔ, wɔafom wɔn a nea ɔbɛka sɛ: Dan ma! nni hɔ. Mo mu hena na ɔbɛyɛ eyi ho aso, na wawɛn n’aso atie akyiri yi? Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ [Yehowa, “NW”] a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no? Enti na ohwiee n’abufuhyew ne nnɔnkoe a ano yɛ den no guu no so, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiae, nanso wanhu, na ɛhyew no, nanso wamfa ansie ne komam.”—Yesaia 42:22-25.

28. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Yudafo nhwɛso no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Yehowa anim dom?

28 Esiane sɛ Yuda asase no sofo anni nokware nti, Yehowa ma wɔfow wɔn nneɛma wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Babilonfo no hyew Yehowa asɔrefie no, sɛe Yerusalem, na wɔfa Yudafo no nnommum. (2 Beresosɛm 36:17-21) Ɛmmra sɛ yɛde saa kɔkɔbɔ nhwɛso yi besie yɛn komam na yɛansisiw yɛn aso wɔ Yehowa akwankyerɛ ho anaa yɛammu yɛn ani angu N’asɛm so da. Mmom no, momma yensuasua Kristo Yesu, Akoa a Yehowa ankasa ani sɔ no no, mfa nhwehwɛ Yehowa anim dom. Te sɛ Yesu no, momma yɛmfa nea yɛka ne nea yɛyɛ so mma afoforo nhu nokware atɛntrenee. Saa kwan yi so no, yɛbɛkɔ so ne Yehowa nkurɔfo abɔ fekuw, asom sɛ hann kurafo a woyi nokware Nyankopɔn no ayɛ na wɔhyɛ no anuonyam.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 33]

Nokware atɛntrenee wɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu

[Mfonini wɔ kratafa 34]

Wɔ Samariani mmɔborohunufo no bɛ no mu no, Yesu daa no adi sɛ nokware atɛntrenee ka nnipa nyinaa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 36]

Yɛda Onyankopɔn atɛntrenee adi denam afoforo a yɛhyɛ wɔn nkuran ne ayamye a yɛda no adi so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 39]

Yɛnam yɛn asɛnka adwuma so da Onyankopɔn atɛntrenee adi

[Mfonini wɔ kratafa 40]

Wɔde Akoa a ani sɔ no no mae sɛ “amanaman hann”