Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔmhyɛ Nsɛm a Ɛfa Wo Ho a Awerɛkyekye Wom

Nkɔmhyɛ Nsɛm a Ɛfa Wo Ho a Awerɛkyekye Wom

Ti Abien

Nkɔmhyɛ Nsɛm a Ɛfa Wo Ho a Awerɛkyekye Wom

Yesaia 41:1-29

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Yesaia nkɔmhyɛ no ho hia yɛn?

BƐYƐ mfirihyia 3,000 a atwam ni na Yesaia kyerɛw nhoma a ne din da so no, nanso ɛso wɔ mfaso ankasa ma yɛn nnɛ. Yebetumi asua nnyinasosɛm ahorow a ɛho hia afi abakɔsɛm a ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no mu. Na yɛnam nkɔmhyɛ ahorow a ɔkyerɛw wɔ Yehowa din mu a yebesua no so betumi ahyɛ yɛn gyidi den. Yiw, na Yesaia yɛ Onyankopɔn teasefo no diyifo. Yehowa na ɔde honhom kaa no ma odii kan yɛɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ—kaa nsɛm a na ɛrebesisi ho asɛm ansa na ɛrebam. Yehowa nam saayɛ so daa no adi sɛ obetumi aka nneɛma a ebesisi daakye ho asɛm na wahwɛ ama abam. Sɛ nokware Kristofo sua Yesaia nhoma no wie a, wonya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ ahorow nyinaa abam.

2. Na tebea no te dɛn wɔ Yerusalem bere a Yesaia kyerɛw ne nkɔmhyɛ nhoma no, na nsakrae bɛn na na ɛbɛba?

2 Bere a Yesaia kyerɛw ne nkɔmhyɛ no wiei no, na Yerusalem agyina Asiriafo ahunahuna ano. Na asɔrefie no da so si hɔ, na na nkurɔfo gu so reyɛ wɔn da biara da nnwuma te sɛ nea wɔayɛ mfehaha pii no. Nanso, na saa tebea no bɛsesa. Bere bi bɛba a wɔbɛsoa Yudafo ahemfo ahode akɔ Babilon na wɔama Yudafo mmerante asom sɛ aban mu mpiadifo wɔ saa kurow no mu. * (Yesaia 39:6-7) Eyi bɛba bɛboro mfirihyia 100 akyi.—2 Ahene 24:12-17; Daniel 1:19.

3. Asɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia ti 41?

3 Nanso, ɛnyɛ ɔsɛe ho nsɛm kɛkɛ na Onyankopɔn nam Yesaia so de too gua. Ɔde asɛmfua “Awerɛkyekye” na efi ne nhoma no ti 40 ase. * Awerɛhyem a ɛne sɛ Yudafo no anaa wɔn mma betumi asan aba wɔn kurom no ma wonyaa awerɛkyekye. Ti 41 toa saa awerɛkyekyesɛm no so, na ɛka sɛ Yehowa bɛma ɔhene bi a ɔyɛ den asɔre na wama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ. Awerɛhyem nsɛm wom, na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so. Na ɛpa atoro anyame a amanaman no de wɔn ho to wɔn so no ho ntama sɛ wonni tumi. Eyi nyinaa mu no, nneɛma a ɛhyɛ gyidi den pii wom ma Yesaia bere sofo ne yɛn bere yi sofo nso.

Yehowa Twa Amanaman no Mpoa

4. Nsɛm bɛn na Yehowa de twa amanaman no mpoa?

4 Yehowa nam ne diyifo no so ka sɛ: “Nsuano aman, mummũa mo ano m’anim, na aman nhyɛ wɔn ho den foforo. Ma wɔmmra mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asenni.” (Yesaia 41:1) Yehowa nam saa nsɛm yi so twa amanaman a wɔsɔre tia ne nkurɔfo no mpoa. Ma wɔnsɔre nnyina n’anim na wɔmmɔ wɔn ho so nkasa! Sɛnea yebehu akyiri yi no, Yehowa, te sɛ nea ɔyɛ asɛnnibea temmufo no, hyɛ sɛ saa amanaman yi mfa adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn abosom no yɛ anyame ankasa no mmra. So anyame yi betumi ahyɛ nneɛma a wɔbɛyɛ de agye wɔn asomfo nkwa anaa atemmu a wɔde bɛba wɔn atamfo so ho nkɔm? Sɛ saa a, so wobetumi ama nkɔmhyɛ ahorow a ɛtete saa no aba mu? Mmuae no yɛ dabi. Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ saa nneɛma yi.

5. Kyerɛkyerɛ sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ ahorow no wɔ mmamu a ɛboro biako no mu.

5 Bere a yɛresusuw Yesaia nkɔmhyɛ ho no, momma yɛnkae sɛ, sɛnea Bible mu nkɔmhyɛ pii te no, ne nsɛm no mmamu boro biako. Yuda bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilon wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no da no adi sɛ Yehowa begye Israelfo a wɔafa wɔn nnommum wɔ hɔ no. Eyi si wɔ afe 537 A.Y.B. mu. Saa ogye no nyaa ne nsɛso wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase hɔ. Wɔ wiase ko a edi kan no mu no, Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so a wɔasra wɔn no faa ahohiahia bere bi mu. Wɔ afe 1918 mu no, Satan wiase no nhyɛso—a Kristoman a edi Babilon Kɛse no mu akoten de bae no—ma wogyaee asɛmpaka adwuma no. (Adiyisɛm 11:5-10) Wɔbɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo bi atoro sobo de wɔn koguu afiase. Sɛnea wiase no adwene ne wɔn atirimpɔw kyerɛ no, na wɔadi Onyankopɔn asomfo no so nkonim. Afei, sɛnea ɛbae wɔ afe 537 A.Y.B. no, Yehowa gyee wɔn mpofirim. Wɔ afe 1919 mu no, woyii mpanyimfo no fii afiase, na woyii sobo ahorow a wɔde bɔɔ wɔn no fii wɔn so. Ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, wɔ September 1919 mu no san hyɛɛ Yehowa asomfo den ma wɔhyɛɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ase bio. (Adiyisɛm 11:11, 12) Efi saa bere no besi nnɛ no, asɛnka adwuma no anya nkɔanim yiye. Afei nso, Yesaia nsɛm no pii benya mmamu a ɛyɛ anigye wɔ Paradise asase a ɛbɛba no mu. Ne saa nti, Yesaia nsɛm a ɔkae teteete no fa amanaman ne nkurɔfo nyinaa ho nnɛ.

Wɔfrɛ Ogyefo Bi

6. Ɔkwan bɛn so na odiyifo no ka nkonimdifo a ɔbɛba daakye no ho asɛm?

6 Yehowa nam Yesaia so ka nkonimdifo bi a obegye Onyankopɔn nkurɔfo afi Babilon na ɔde atemmu aba wɔn atamfo so ho asɛm sie. Yehowa bisa sɛ: “Hena na onyan nea ofi apuei no a trenee hyia no, baabiara a ɔnam no? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahene hyɛ n’ase. N’afoa ma wɔyɛ sɛ otutuw, ne ta yɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a ɛbɔ gu. Otiw wɔn na otwam sɔnn sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so. Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae, na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase? Me [Yehowa, “NW”] na midi kan, na akyirikafo mu nso mene ɔno ara.”—Yesaia 41:2-4.

7. Hena ne nkonimdifo a ɔreba no, na dɛn na otumi yɛ?

7 Hena ne onii a wobenyan no afi apuei fam aba no? Medo-Persia ne Elam aman no da Babilon apuei fam. Ɛhɔ na Persiani Kores ne n’asraafo a wɔyɛ den fi ba. (Yesaia 41:25; 44:28; 45:1-4, 13; 46:11) Ɛwom sɛ Kores nyɛ Yehowa somfo de, nanso ɔyɛ ade ma ɛne Yehowa, trenee Nyankopɔn no, apɛde hyia. Kores di ahemfo so, na ɔbɔ saafo no gu sɛ mfutuma. Ne nkonimdi satu no mu no, otwam ‘asomdwoe mu,’ anaa dwoodwoo, wɔ akwan a wɔntaa mfa so so, na odi akwanside ahorow nyinaa so. Kores du kurow kɛse Babilon mu na otu gu wɔ afe 539 A.Y.B. mu. Ne saa nti, Onyankopɔn nkurɔfo nya ahofadi, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan akɔ Yerusalem de ɔsom kronn akosi hɔ bio.—Esra 1:1-7. *

8. Dɛn na Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ?

8 Enti, Yehowa nam Yesaia so kaa Kores sɔre ho asɛm siei bere tenten ansa na wɔrewo saa ɔhene no. Nokware Nyankopɔn no nkutoo na obetumi ahyɛ biribi a ɛte saa ho nkɔm ma abam pɛpɛɛpɛ. Amanaman no atoro anyame no mu biara nni hɔ a ɔne Yehowa sɛ. Yehowa ka ma ɛfata sɛ: “Meremfa m’anuonyam mma obi.” Yehowa nkutoo na obetumi aka ama afata sɛ: “Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.”—Yesaia 42:8; 44:6, 7.

Nnipa a Ehu Aka Wɔn De Wɔn Ho To Ahoni So

9-11. Ɔkwan bɛn so na amanaman no yɛ wɔn ade wɔ Kores a wɔte sɛ ɔreba no ho?

9 Afei Yesaia ka sɛnea amanaman no yɛ wɔn ade wɔ saa nkonimdifo a ɔbɛba daakye no ho: “Nsuano aman hui, na wosuroe, asase awiei ho popoe. Wɔbɛnee na wɔbae. Oyi boa ne yɔnko, na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den! Odwumfo hyɛ sikadwumfo den, nea ɔde asãe toromtorom ho yɛ nea ɔbɔ atommo so saa ara, ɔka wɔ ɔsɔ no ho sɛ: Ayɛ yiye, na ɔde nnadewa bobɔ mu, na antu.”—Yesaia 41:5-7.

10 Yehowa hwɛ nea ɛbɛba wiase daakye wɔ bɛyɛ mfirihyia 200 akyi susuw ho. Asraafo a wɔyɛ den a Kores da wɔn ano de ahoɔhare di wɔn a wɔsɔre tia wɔn nyinaa so. Nkurɔfo—nsupɔw sofo, wɔn a wɔwɔ akyirikyiri mpo—ho popo wɔ ne mmae no ho. Wɔde hu yɛ biako sɔre tia nea Yehowa afrɛ no afi apuei fam sɛ ommebu atɛn no. Wɔbɔ mmɔden hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran sɛ: “Hyɛ wo ho den.”

11 Adwumfo bom yɛ adwuma de yɛ anyame ahoni a wɔde begye nkurɔfo no. Duadwumfo sen dua, na afei ɔhyɛ sikadwumfo nkuran ma ɔde dade, anaa ebia sika dura ho. Odwumfo de asãe toromtorom ho, na ɔkyerɛ sɛnea wɔsɔ no no ho anisɔ. Ebia kasatwiw so na ɔnam kaa nnadewa a wɔde bobɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnwosow anaa enhinhim ho asɛm, sɛnea Dagon honi a ɛhwee ase wɔ Yehowa apam adaka no anim yɛe no.—1 Samuel 5:4.

Munnsuro!

12. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma Israel?

12 Afei Yehowa dan n’adwene kɔ ne nkurɔfo so. Nea ɛnte sɛ amanaman a wɔde wɔn ho to ahoni a nkwa nnim so no, enhia sɛ wɔn a wɔde wɔn ho to nokware Nyankopɔn so no suro da. Awerɛhyem a Yehowa de ma wɔn no fi ase sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo kae sɛ wɔyɛ n’adamfo Abraham asefo. Yesaia bɔ Yehowa nsɛm a ɛkyerɛ ayamye kɛse no ho amanneɛ sɛ: “Wo, m’akoa Israel, Yakob a mapaw no, me dɔfo Abraham asefo! Wo a maso wo mu afi asase ano na mafrɛ wo afi n’ahye so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mapaw wo, na merentow wo menkyene! Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yesaia 41:8-10.

13. Dɛn nti na Yehowa nsɛm no bɛyɛ awerɛkyekye ama Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no?

13 Hwɛ sɛnea saa nsɛm yi bɛkyekye Yudafo anokwafo a wɔafa wɔn nnommum wɔ ananafo asase so no werɛ! Hwɛ sɛnea ɛbɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔbɛte sɛ Yehowa frɛ wɔn “m’akoa,” bere a na wɔyɛ nnommum, Babilon hene nkoa no! (2 Beresosɛm 36:20) Ɛwom sɛ esiane nokware a wɔanni nti, na Yehowa bɛtwe wɔn aso de, nanso na ɔrempo wɔn. Israel nyɛ Babilon de, na mmom ɛyɛ Yehowa de. Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa ho popo wɔ nkonimdifo Kores mmae no ho. Na Yehowa bɛka ne nkurɔfo ho aboa wɔn.

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Israel no kyekye Onyankopɔn asomfo werɛ nnɛ?

14 Saa nsɛm no akyekye Onyankopɔn nkoa werɛ ahyɛ wɔn den abedu yɛn bere yi so. Wɔ afe 1918 mu no na wɔn ani gyina sɛ wobehu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ. Wɔn ani gyinae sɛ wobegye wɔn afi wɔn honhom fam nnommumfa mu. Ɛnnɛ yɛn ani gyina sɛ yebenya ogye afi nhyɛso a Satan, wiase no, ne yɛn ankasa sintɔ de ba yɛn so no mu. Nanso, yenim sɛ Yehowa nim bere pɔtee ne ɔkwan a ɔbɛfa so adi ama ne nkurɔfo. Te sɛ mmofra nkumaa no, yekura ne tumi nsa no mu a yɛwɔ ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina. (Dwom 63:7, 8) Wɔn a wɔsom Yehowa no som bo ma no. Ɔboa yɛn nnɛ sɛnea ɔboaa ne nkurɔfo wɔ afe 1918-1919 mu, ne sɛnea ɔboaa Israelfo anokwafo tete no ara pɛ.

15, 16. (a) Dɛn na ɛbɛba Israel atamfo so, na akwan bɛn so na Israel te sɛ sonsono? (b) Ntua a ɛreba bɛn nti na Yehowa nsɛm no hyɛ nkuran titiriw nnɛ?

15 Susuw nea Yehowa nam Yesaia so ka bio yi ho hwɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔn bo ahuru wo nyinaa ani bewu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera. Wɔn a wɔne wo ham no, wobɛhwehwɛ wɔn, nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo adi ako no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasã. Na me, [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo! Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, [Yehowa, “NW”] na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no.”—Yesaia 41:11-14.

16 Israel atamfo bedi nkogu. Wɔn a wɔn bo afuw Israel no ani bewu. Wɔn a wɔne no bedi ako no bɛyera. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea Israelfo nnommum no yɛ mmerɛw na wonni ahobammɔ te sɛ sonsono a ɔrekyinkyim ne ho wɔ mfutuma mu de, nanso Yehowa bɛboa wɔn. Hwɛ sɛnea eyi ahyɛ nokware Kristofo nkuran wɔ “nna a edi akyiri” yi mu bere a wohyia nitan a emu yɛ den pii wɔ wiase no! (2 Timoteo 3:1) Na hwɛ sɛnea Yehowa bɔhyɛ no hyɛ den esiane ntua a Satan a wɔka ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ ‘Gog a ofi Magog asase so’ de reba no nti! Wɔ Gog ntua a ɛyɛ hu no mu no, ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa nkurɔfo nni ahobammɔ biara sɛ sonsono no—nkurɔfo a ‘wɔtete hɔ a wonni ɔfasu’ na wonni “aponkɛse ne akyiri adaban.” Nanso, ɛho renhia sɛ wɔn a wɔn ani da Yehowa so no suro. Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ankasa bɛko agye wɔn.—Hesekiel 38:2, 11, 14-16, 21-23; 2 Korintofo 1:3.

Israel Awerɛkyekye

17, 18. Ɔkwan bɛn so na Yesaia ka tumi a wɔde bɛma Israel no ho asɛm, na ne mmamu bɛn na yebetumi anya mu ahotoso?

17 Yehowa kɔ so kyekye ne nkurɔfo werɛ sɛ: “Hwɛ, mede wo mɛyɛ ɔporow afiri nnamnam foforo anofanu, na woaporow mmepɔw ayam no dukuduku, na woayɛ nkoko sɛ ntɛtɛwa. Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi [Yehowa, “NW”] mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.”—Yesaia 41:15, 16.

18 Wɔbɛma Israel ahoɔden de adi ako na honhom fam no, wɔadi n’atamfo a wɔte sɛ mmepɔw no so. Sɛ Israel fi nnommumfa mu ba a, wobedi wɔn atamfo a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobesiw wɔn kwan wɔ asɔrefie ne Yerusalem afasu a wɔbɛsan asi no ho no so nkonim. (Esra 6:12; Nehemia 6:16) Nanso, Yehowa nsɛm benya mmamu kɛse wɔ “Nyankopɔn Israel” so. (Galatifo 6:16) Yesu hyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bɔ sɛ: “Nea odi nkonim ne nea okura me nnwuma kosi ase no, mɛma no amanaman so tumi, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nkuku, sɛnea me nso minyae wɔ m’agya nsam no.” (Adiyisɛm 2:26, 27) Akyinnye biara nni ho sɛ bere no bɛba a Kristo nuanom a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro anuonyam mu no benya kyɛfa wɔ Yehowa Nyankopɔn atamfo a wɔbɛsɛe wɔn no mu.—2 Tesalonikafo 1:7, 8; Adiyisɛm 20:4, 6.

19, 20. Dɛn na Yesaia kyerɛw fa san a Israel bɛsan aba beae a ɛhɔ yɛ fɛ no ho, na ɔkwan bɛn so na eyi bam?

19 Afei Yehowa nam sɛnkyerɛnne kwan so hyɛ ahotɔ ho bɔ a wahyɛ ne nkurɔfo no mu den. Yesaia kyerɛw sɛ: “Mmɔborɔfo ne ahiafo a wɔhwehwɛ nsu na ebi nni hɔ a osukɔm nti wɔn tɛkrɛma so awo no, me, [Yehowa, “NW”] megye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn. Metue mpampa peredee so nsuwansuwa ne abon mu nsuaniwa; mede sare so mɛyɛ ɔtare, na mede asase kesee mayɛ asuti; mɛma sare so aba nkyeneduru, ɔkanto, ohuamma ne ngo nnua; mɛma ɔpopaw, asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abom asisi sare so, sɛ wonhu nte ase mfa nsie koma mu na wonnwen ho prɛko sɛ: [Yehowa, “NW”] nsa na ɛyɛɛ eyinom, na Israel kronkronni no na ɔbɔe.”—Yesaia 41:17-20.

20 Ɛwom sɛ Israelfo a wɔafa wɔn nnommum no wɔ wiase tumi bi a edi yiye ahenkurow mu de, nanso wobu no sɛ anhweatam a nsu nni so. Wɔte nka te sɛ Dawid, bere a na ɔreguan Ɔhene Saul no. Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yehowa bue kwan ma wɔsan ba Yuda na wobesi n’asɔrefie no wɔ Yerusalem, na wɔnam saayɛ so de nokware som si hɔ bio. Yehowa nso hyira wɔn. Wɔ akyiri yi nkɔmhyɛ bi mu no, Yesaia ka sie sɛ: “[Yehowa, NW] rekyekye Sion werɛ, ɔkyekye n’amamfõ nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anhwea pradada sɛ [Yehowa, NW] turom: wobehu mu ahosɛpɛw ne anigye, aseda ne dwonto.” (Yesaia 51:3) Eyi si ankasa wɔ bere a Yudafo no san ba wɔn kurom no.

21. Ogye bɛn na ɛbae wɔ ɛnnɛ bere yi mu, na dɛn na ɛbɛba daakye?

21 Biribi a ɛte saa sii ɛnnɛ bere yi mu bere a Kores Ɔkɛseɛ, Kristo Yesu, gyee n’akyidifo a wɔasra wɔn no fii honhom fam nnommumfa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ɔsom kronn asi hɔ bio no. Wɔde honhom fam paradise a emu yɛ anigye, a sɛnkyerɛnne kwan so no ɛte sɛ Eden turo, hyiraa saa anokwafo no. (Yesaia 11:6-9; 35:1-7) Ɛrenkyɛ, sɛ Onyankopɔn sɛe n’atamfo a, wɔbɛdan asase nyinaa paradise ankasa, sɛnea Yesu hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na ɔsɛn dua so no bɔ no.—Luka 23:43.

Israel Atamfo Mpoatwa

22. Nsɛm bɛn na Yehowa de twa amanaman no mpoa bio?

22 Afei Yehowa san kɔ ɔne amanaman ne wɔn ahoni ntawntawdi no so: “Mommɛbɔ mo nkuro, [Yehowa, “NW”] na ose, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ose. Wɔmfa mmra mmɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn kan nneɛma no, sɛ ɛte, na yennwen ho nhu n’awiei, anaa nea ɛbɛba no, momma yɛnte. Monka yɛn nea ɛbɛba daakye no na yenhu sɛ anyame ne mo; yiw, monyɛ papa anaa bɔne na yɛn ho nnwiriw yɛn na yensuro. Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛe yɛ adehuhuw; akyide ne nea ɔfa mo.” (Yesaia 41:21-24) So amanaman no anyame tumi hyɛ nkɔm ma ɛbam pɛpɛɛpɛ ma wɔnam so da wɔn ho adi sɛ wɔwɔ nimdeɛ soronko? Sɛ wɔte saa a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ biribi fi mu ba, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne, ma wɔde gyina nea wɔka no akyi. Nanso, nokwarem no, ahoni no ntumi nyɛ biribiara, na wɔte sɛ biribi a enni hɔ.

23. Dɛn nti na Yehowa nam n’adiyifo so kasa tiaa ahoni mpɛn pii saa?

23 Yɛn bere yi so no, ebia ɛbɛyɛ ebinom nwonwa sɛ Yehowa nam Yesaia ne ne mfɛfo adiyifo so sɛee bere pii de kasa tiaa mfaso a enni abosonsom so no. Ɛnnɛ, ɛte sɛ nea nnipa pii nim mfaso a enni abosonsom so no. Nanso, sɛ wɔde gyidi bi a ɛyɛ atoro ba na wogye tom kɛse a, ɛyɛ den sɛ wobeyi afi wɔn a wogye di no adwene mu. Ntease nni nnɛyi gyidi ahorow mu sɛnea ntease nnim sɛ wobegye adi sɛ ahoni yɛ anyame ankasa no ara pɛ. Nanso, nnipa kura gyidi ahorow a ɛtete saa mu ɛmfa ho nokwasɛm a wɔka de tia no. Ɛyɛ bere a nnipa bi ate nokware no ho asɛm mpɛn pii no na ɛka wɔn koma ma wohu nyansa a ɛwom sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so.

24, 25. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ka Kores ho asɛm bio, na nkɔmhyɛ foforo bɛn na eyi ma yɛkae?

24 Yehowa ka Kores ho asɛm bio: “Mahwanyan obi afi benkum fam ma waba, awiapuebea na obefi abɔ me din; na ɔbɛba amradofo so sɛ anwemmo so, na ɔte sɛ ɔnwemfo a ɔwɔw dɔte.” (Yesaia 41:25) * Nea ɛnte sɛ amanaman no anyame no, Yehowa betumi ayɛ nneɛma. Sɛ ɔde Kores fi apuei “awiapuebea” ba a, Onyankopɔn bɛda ne tumi a ɔde hyɛ nkɔm no adi na afei wayɛ ma ne nkɔmhyɛ no abam daakye.

25 Saa nsɛm yi kae yɛn ɔsomafo Yohane nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa ahene a wɔbɛhwanyan wɔn ma wɔayɛ ade wɔ yɛn bere yi so ho no. Wɔ Adiyisɛm 16:12 no, yɛkenkan sɛ wobesiesie “kwan ama ahene a wofi owia apuei nohɔ.” Saa ahene no nyɛ nkurɔfo biara sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. Sɛnea Kores gyee Onyankopɔn nkurɔfo tete no, saa ahene a wɔwɔ tumi sen biara no bɛtɔre Yehowa atamfo ase na wɔabɔ ne nkurɔfo ho ban afa ahohiahia kɛse no mu akɔ trenee wiase foforo no mu.—Dwom 2:8, 9; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 7:14-17.

Yehowa Korɔn Sen Obiara!

26. Asɛm bɛn na Yehowa bisa afei, na so wobua?

26 Yehowa ka nokwasɛm a ɛne sɛ ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn no ho asɛm bio. Obisa sɛ: “Hena na ofi mfiase kae, na anka yenhu, anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafo!? Ampa, nea ɔkae nni hɔ, nea ɔma wɔtee nni hɔ, nea ɔtee mo nsɛm nni hɔ.” (Yesaia 41:26) Ɔbosom biara nni hɔ a waka sɛ nkonimdifo bi reba abegye wɔn a wɔde wɔn ho to no so. Nkwa nni anyame a wɔtete saa nyinaa mu, wonni ano. Wɔnyɛ anyame koraa.

27, 28. Nokwasɛm a ɛho hia bɛn na wɔasi so dua wɔ Yesaia 41 no nkyekyem a etwa to no mu, na henanom nkutoo na wɔbɔ eyi ho dawuru?

27 Bere a Yesaia bɔɔ Yehowa nkɔmhyɛ nsɛm a ɛkanyan nnipa yi ho amanneɛ wiei no, ɔka nokwasɛm a ɛho hia bi: “Me na midii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn ni: na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafo. Na mehwɛe, na obi nni hɔ, na wɔn mu nso, ɔfotufo bi nni hɔ a mibisa a, anka obebua me. Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛe nyɛ hwee; wɔn gu ahoni yɛ mframa ne ahuhude.”—Yesaia 41:27-29.

28 Yehowa na odi kan. Ɔkorɔn sen obiara! Ɔne nokware Nyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ogye ho dawuru, na ɔde asɛmpa brɛ wɔn. N’adansefo nkutoo na wɔka ne kɛseyɛ ho asɛm kyerɛ amanaman. Yehowa di wɔn a wɔde wɔn ho to abosonsom so no ho fɛw, frɛ wɔn ahoni no “mframa ne ahuhude.” Adanse a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yɛbata nokware Nyankopɔn no ho bɛn ara ni! Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛde yɛn ho to no so.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Kores Ɔkɛseɛ a ogyee “Nyankopɔn Israel” fii honhom fam nnommumfa mu wɔ afe 1919 mu no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo a ɔte agua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene fi afe 1914 reba no.—Galatifo 6:16.

^ nky. 24 Ɛwom sɛ Kores kurom wɔ Babilon apuei fam de, nanso bere a ɔde ne ntua a etwa to baa kurow no so no, ofii atifi fam, Asia Kumaa, na ɛbae.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Ɛwom sɛ na Kores yɛ ɔbosonsonni de, nanso wɔpaw no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Amanaman no de wɔn ho to ahoni a nkwa nnim so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Israel ‘bebubu mmepɔw’ te sɛ “ɔporow afiri”