Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Nyankopɔn no Hyɛ Ogye Ho Nkɔm

Nokware Nyankopɔn no Hyɛ Ogye Ho Nkɔm

Ti Anum

Nokware Nyankopɔn no Hyɛ Ogye Ho Nkɔm

Yesaia 44:1-28

1, 2. (a) Nsɛm bɛn na Yehowa bisa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛda no adi sɛ ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn?

‘HENA ne nokware Nyankopɔn no?’ Wɔde mfehaha pii na abisa saa asɛm yi. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa ankasa bisa asɛm no wɔ Yesaia nhoma no mu! Ɔto nsa frɛ nnipa sɛ wonsusuw asɛm yi ho: ‘So Yehowa ne nokware Nyankopɔn no? Anaasɛ obi foforo wɔ hɔ a obetumi ne no adi asi wɔ ne dibea ho?’ Bere a Yehowa fi nkɔmmɔbɔ no ase no, ɔde gyinapɛn bi a ntease wom si hɔ a wobegyina so asiesie Nyamesu ho asɛm no. Asɛm a ɔde si hɔ no ma nnipa komapafo de mmuae a obiara ntumi nnye ho kyim ma.

2 Wɔsom ahoni pii wɔ Yesaia bere so. Hwɛ sɛnea wɔada no adi sɛ mfaso nni ahonisom so wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ nokware na emu da hɔ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no mu wɔ Yesaia nkɔmhyɛ nhoma no ti 44! Nanso, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo atɔ ahonisom afiri mu. Enti, sɛnea yehui wɔ Yesaia ti ahorow a edi kan no mu no, wɔrebɛteɛ Israelfo so denneennen. Nanso, Yehowa fi ɔdɔ mu ma ɔman no awerɛhyem sɛ ɛwom sɛ ɔbɛma Babilonfo de ne nkurɔfo no akɔ nnommumfa mu de, nanso obegye wɔn wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu. Gye a obegye wɔn afi nnommumfa mu ho nkɔmhyɛ no mmamu ne nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ no bɛda no adi pefee sɛ Yehowa nkutoo ne nokware Nyankopɔn, ma ayɛ animguase ama wɔn a wɔsom amanaman no anyame a nkwa nnim no nyinaa.

3. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm no boa Kristofo nnɛ?

3 Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia fã yi ne mmamu a enyae tete no, hyɛ Kristofo gyidi den nnɛ. Afei nso, Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm no benya mmamu wɔ yɛn bere yi so ne daakye mpo. Na saa nsɛm no fa ogyefo ne ogye a ɛsen nea wɔhyɛɛ ho nkɔm a na ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete ho no ho.

Anidaso Ma Wɔn a Wɔyɛ Yehowa De

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛ Israel nkuran?

4 Anigyesɛm na wɔde fi ti 44 no ase sɛ Onyankopɔn kae Israelfo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wapaw wɔn, na wayi wɔn afi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia mu sɛ wɔmmɛyɛ n’akoa. Nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Na afei tie, m’akoa Yakob ne Israel a mapaw wo. Sɛ [Yehowa, “NW”] a ɔyɛɛ wo, na ɔnwenee wo fii yafunum na ɔboa wo no se ni: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurum a mapaw wo.” (Yesaia 44:1, 2) Sɛnea yɛbɛka no no, Yehowa ahwɛ Israel fi ne maame awotwaa mu fi bere a Israel bɛyɛɛ ɔman, bere a wofii Misraim akyi no. Ɔfrɛ ne nkurɔfo nyinaa “Yesurum,” a ɛkyerɛ “Nea Ɔteɛ,” abodin a ɛkyerɛ ɔdɔ ne ayamye. Edin no nso yɛ nkae a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo kɔ so yɛ nea ɛteɛ, ade a mpɛn pii wontumi nyɛ.

5, 6. Nsiesiei a abotɔyam wom bɛn na Yehowa yɛ ma Israel, na dɛn na efi mu ba?

5 Hwɛ sɛnea Yehowa nsɛm a edi hɔ no yɛ anigye na ɛma abotɔyam! Ɔka sɛ: “Mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so, na wɔafefɛw wura ntam, sɛ asukɔn so nnuaa, nsuten so.” (Yesaia 44:3, 4) Wɔ ɔman a emu yɛ hyew, na ɛyɛ kesee so mpo no, nsu betumi ama nnua afefɛw. Sɛ Yehowa de ne nokware nkwa nsu no ma na ohwie ne honhom kronkron gu Israel so a, wɔbɛfefɛw frɔmm te sɛ nnua a esisi nsuka ho. (Dwom 1:3; Yeremia 17:7, 8) Yehowa bɛma ne nkurɔfo ahoɔden a wɔde bɛyɛ wɔn adwuma sɛ ne Nyamesu ho adansefo.

6 Ade biako a honhom kronkron a wobehwie agu yi de bɛba ne anisɔ foforo a ankorankoro bi benya ama Israel ne Yehowa ntam abusuabɔ. Enti, yɛkenkan sɛ: “Oyi bese sɛ: Meyɛ [Yehowa, “NW”] dea, na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho sɛ ɔyɛ [Yehowa, “NW”] dea, na ɔde Israel din ato ne ho.” (Yesaia 44:5) Yiw, wobedi wɔn a Yehowa din bɛda wɔn so no ni, efisɛ wobehu sɛ ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn.

Mpoa a Wotwa Anyame No

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa twa amanaman no anyame mpoa?

7 Wɔ Mose Mmara no ase no, na ogyefo—a na ɔtaa yɛ obusuani barima a ɔbɛn pɛɛ no—betumi atɔ obi afi nkoasom mu. (Leviticus 25:47-54; Rut 2:20) Afei Yehowa da ne ho adi sɛ Israel Gyefo—nea obegye ɔman no ma Babilon ne n’anyame no nyinaa anim agu ase no. (Yeremia 50:34) Ɔne atoro anyame no ne wɔn asomfo di asi sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”], Israel hene, ne ne dimafo, asafo [Yehowa, “NW”] se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko. Hena na ɔte sɛ me? ma ɔnka ɛ! Ma ɔmpae mu nka, mfa nsi m’anim. Hena na ofi tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede mesi hɔ daa ne nneɛma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn nea ɛbɛba no. Mommma mo bo nntu, na munnsuro! Ɛno emfi tete beeme na mema wɔtee na mekae? Na mone m’adansefo. So Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan bi nni hɔ; minnim obi.”—Yesaia 44:6-8.

8 Yehowa twa anyame no mpoa sɛ wɔmfa wɔn adanse mmra. So wobetumi aka nneɛma a wonnim sɛ nea wonim, na wɔahyɛ daakye ho nkɔm pɛpɛɛpɛ ma ayɛ te sɛ nea abam dedaw? ‘Odikanfo ne okyiridifo’ a na ɔwɔ hɔ ansa na atoro anyame no nyinaa reba, na ɔbɛtra hɔ bere a werɛ afi wɔn dedaadaw no nkutoo na obetumi ayɛ biribi a ɛte saa. Ɛnsɛ sɛ ne nkurɔfo suro sɛ wobedi saa nokware yi ho adanse, efisɛ Yehowa, a ɔyɛ ɔbotantim no gyina wɔn akyi!—Deuteronomium 32:4; 2 Samuel 22:31, 32.

Sɛnea Ahonisom Yɛ Adehunu

9. So na ɛyɛ mfomso sɛ Israelfo bɛyɛ abɔde biara nsɛso? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Sɛnea Yehowa twa atoro anyame mpoa no ma yɛkae Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so abien no. Saa mmara no ka no pefee sɛ: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so.” (Exodus 20:4, 5) Nanso, saa anohyeto yi ankyerɛ sɛ na ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ nneɛma nsɛso a ɛyɛ fɛ. Yehowa ankasa kae sɛ wɔnyɛ afifide, ne kerubim nsɛso mfa nsisi ntamadan no mu. (Exodus 25:18, 33; 26:31) Nanso, na ɛnsɛ sɛ wɔde nidi ma saa nneɛma no, anaasɛ wɔsom wɔn. Na ɛnsɛ sɛ obiara bɔ wɔn mpae anaasɛ wɔbɔ afɔre ma saa nneɛma nsɛso no. Onyankopɔn mmara baraa ohoni biara a wɔde bedi dwuma sɛ ade a wɔsom no. Ahoni a wɔbɛsom wɔn anaasɛ wɔbɛbɔ wɔn mu ase ama wɔn wɔ nidi mu no yɛ abosonsom.—1 Yohane 5:21.

10, 11. Dɛn nti na Yehowa bu ahoni sɛ aniwude?

10 Afei Yesaia ka mfaso a enni ahoni a nkwa nnim so ne animguase a ɛreba wɔn a wɔyɛ so no ho asɛm: “Ahoninwemfo nyinaa yɛ ɔkwa, na nea wɔn ani gye ho no ho nni mfaso; wɔn ara adansefo nhu ade na wonnim ade, enti wɔn ani bewu. Hena na ɔnwenee onyame bi na oguu ohoni bi a ɛho nni mfaso? Hwɛ, ne mpamfo nyinaa ani bewu, na adwumfo no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.”—Yesaia 44:9-11.

11 Dɛn nti na Onyankopɔn bu saa ahoni yi sɛ wɔn ho yɛ aniwu no? Nea edi kan, yentumi mfa honam fam nneɛma nnyina hɔ mma Ade Nyinaa so Tumfoɔ no mma ɛnyɛ yiye. (Asomafo no Nnwuma 17:29) Afei nso, sɛ́ wɔbɛsom abɔde mmom asen Ɔbɔadeɛ no yɛ animtiaa a wobu Yehowa Nyamesu. Na so ɛnyɛ nea ɛbrɛ onipa a wɔbɔɔ no “Onyankopɔn suban so” no ase ankasa?—Genesis 1:27; Romafo 1:23, 25.

12, 13. Dɛn nti na onipa ntumi nyɛ ohoni a ɛfata sɛ wɔsom no?

12 So honam fam ade betumi abɛyɛ kronkron esiane sɛ wɔde ayɛ biribi a wɔsom nti? Yesaia kae yɛn sɛ ohoni a wɔyɛ yɛ onipa nsa ano adwuma kɛkɛ. Ohoniyɛfo nnwinnade ne ne nyansa no ara bi na odwumfo biara de yɛ adwuma: “Ɔtomfo sew n’adwinnade yɛ ogya mu adwuma na ɔde asae bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wom yɛ ɛho adwuma; odi kɔm nso a, ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsu a, ɔtɔ piti. Duadwumfo yere hama mu, ɔde pɛnsere sensan ho, ɔde adwinnade yɛ, na ɔde kompase sensan ho, na ɔyɛ no ɔbarima sɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntra ɔdan mu.”—Yesaia 44:12, 13.

13 Nokware Nyankopɔn na ɔyɛɛ asase yi so abɔde a nkwa wom nyinaa, a onipa ka ho. Abɔde a wɔwɔ nkatede yɛ Yehowa Nyamesu ho adanse a ɛyɛ nwonwa, nanso, biribiara a Yehowa bɔe mmɛn no koraa. So onipa betumi ayɛ biribi a ɛsen saa? So obetumi ayɛ biribi a ɛsen ɔno ankasa—ɛkorɔn araa ma ɛfata sɛ ɔsom no? Sɛ onipa yɛ ohoni a, ɔbrɛ, ɔkɔm de no, na sukɔm de no. Eyinom yɛ onipa sintɔ, nanso anyɛ yiye koraa no, ɛkyerɛ sɛ onipa no yɛ ɔteasefo. Ohoni a ɔyɛ no betumi asɛ onipa. Ebetumi ayɛ fɛ mpo. Nanso, nkwa nnim. Enti ahoni nyɛ anyame ɔkwan biara so. Afei nso, ohoni a wɔasen biara nni hɔ a ‘efi soro bedurui’ te sɛ nea ɛnyɛ onipa na ɔyɛe.—Asomafo no Nnwuma 19:35.

14. Ɔkwan bɛn so na ahoniyɛfo ahoɔden gyina Yehowa so koraa?

14 Yesaia toa so da no adi sɛ ahoniyɛfo ahoɔden gyina nneɛma a Yehowa bɔe so koraa: “Obi kɔtow kyeneduru, anaa ɔpaw duabo anaa odum, wɔ kwae mu nnua mu ma enyin ma no; ɔtɛw osennuru, na osu ma enyin; na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi tõ abodoo; ebi po ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sen ohoni kotow no. Ɔde gya hyew fã, na ɔfã nso so na odi nam, ɔkyew so nam di mee; ɔto nso, na ose: Wiɛ, me ho ayɛ me hyew, mahu ogya. Na nkae no, ɔde yɛ onyame, ne honi. Ɔkotow no sɔre no bɔ no mpae, na ose: Gye me, me nyame ne wo!”—Yesaia 44:14-17.

15. Ntease bɛn na ɛda adi sɛ ahoniyɛfo nni koraa?

15 So gyentia betumi agye obi nkwa? Dabida. Nokware Nyankopɔn no nkutoo na obetumi agye nkwa. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo betumi asom nneɛma a nkwa nnim? Yesaia da no adi sɛ asɛm no nyinaa gyina onipa koma so ankasa: “Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase; na obiara nnwen ho, na nimdeɛ bi nni hɔ, na nhumu bi nni hɔ na waka sɛ: Mahyew ɔfa ogya mu, na matõ ne nsramma so abodoo, na makyew nam madi; na nkae no, memfa menyɛ akyide? Dua sin na menkotow no anaa? Nsõ na odi: wɔadaadaa ne koma ama wato kwan, na ontumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: So ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nifa mu yi?” (Yesaia 44:18-20) Yiw, adwene a obi benya sɛ abosonsom betumi ama wanya honhom fam ade pa bi no te sɛ nea ɔredi nsõ mmom na ɛnyɛ aduan a ahoɔden wom.

16. Ɔkwan bɛn so na abosonsom nyaa ne mfiase, na dɛn na ɛde ba?

16 Abosonsom fii ase ankasa wɔ soro bere a honhom abɔde bi a ɔwɔ tumi a ɔbɛyɛɛ Satan no ani beree ɔsom a wɔde ma Yehowa nkutoo no. Na ɔpɛ a Satan wɔ no mu yɛ den araa ma enti ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn ho. Ɛno ne abosonsom asefi ankasa, efisɛ ɔsomafo Paulo kae sɛ anibere ne abosonsom yɛ pɛ. (Yesaia 14:12-14; Hesekiel 28:13-15, 17; Kolosefo 3:5) Satan daadaa nnipa baanu a wodi kan no ma wonyaa pɛsɛmenkominya adwene. Hawa ani beree nea Satan ka kyerɛɛ no no: “Mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Yesu kae sɛ anibere fi koma mu. (Genesis 3:5; Marko 7:20-23) Sɛ koma no sɛe a, ɛde abosonsom ba. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛn nyinaa ‘bɔ yɛn koma ho ban,’ na yɛamma obiara anaa biribi foforo biara ammɛtra baabi a ɛfata sɛ Yehowa tra no!—Mmebusɛm 4:23; Yakobo 1:14.

Yehowa Kanyan Koma Horow

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ Israel de sie ne koma mu?

17 Afei Yehowa kasa kyerɛ Israelfo sɛ wɔnkae sɛ wɔwɔ hokwan ne gyinabea a asɛyɛde wom. Wɔne n’adansefo! Ɔka sɛ: “Kae eyinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwenee wo, woyɛ m’akoa, Israel. Me werɛ remfi wo. Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo bɔne sɛ suwusiw. San bra me nkyɛn, na magye wo. Ɔsoro, monto anigye dwom, na [Yehowa, “NW”] na wayɛ; asase ase ase nohɔ, mommɔ ose, mompaapae ahurusi dwom mu, mmepɔw, kwae ne emu nnua nyinaa. Na [Yehowa, “NW”] agye Yakob, na wahyɛ ne ho anuonyam, Israel mu.”—Yesaia 44:21-23.

18. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Israel di ahurusi? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkoa betumi asuasua ne mmɔborohunu ho nhwɛso no nnɛ?

18 Ɛnyɛ Israel na ɛyɛɛ Yehowa. Ɔnyɛ onyame a onipa ayɛ. Mmom no, Yehowa na ɔyɛɛ Israel ma ɔbɛyɛɛ n’akoa a wapaw no. Na ɔbɛda ne Nyamesu adi bio bere a obegye ɔman no. Ɔkasa kyerɛ ne nkurɔfo no ayamye mu, ma wɔn awerɛhyem sɛ sɛ wɔsakra a, ɔbɛkata wɔn bɔne so, de wɔn mfomso ahorow ahintaw te sɛ nea ɔde ahyɛ mununkum kabii bi akyi. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Israel di ahurusi! Yehowa nhwɛso no hyɛ ne nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no nkuran ma wosuasua ne mmɔborohunu. Wobetumi ayɛ saa denam boa a wɔbɛboa wɔn a wɔyɛ bɔne no—na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔama wɔasan agyina wɔn nan so honhom fam no so.—Galatifo 6:1, 2.

Nyamesu Ho Sɔhwɛ no Awiei

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de n’asɛm no ba awiei? (b) Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na Yehowa hyɛ ho nkɔm ma ne nkurɔfo, na hena na ɔbɛyɛ ne yɛmafo a ɔbɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa?

19 Afei Yehowa de ne mmara kwan so akyinnyegye no ba awiei wɔ ɔkwan a tumi wom so. Ɔrebɛma ne Nyamesu ho sɔhwɛ a emu yɛ den—ka a otumi ka daakye asɛm ma ɛbam pɛpɛɛpɛ—no ho mmuae. Bible ho ɔbenfo bi frɛɛ Yesaia ti 44 nkyekyem anum a edi hɔ no sɛ “Israel Nyankopɔn,” Ɔbɔadeɛ koro no, nea oyi daakye Ahintasɛm adi ne Israel ogye ho anidaso no “anwensɛm a ɛsen biara.” Asɛm no kɔ akyiri kosi sɛ ɛbɔ ɔbarima a obegye ɔman no afi Babilon nsam no din.

20 “Sɛnea [Yehowa, “NW”], wo dimafo ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni: Me, [Yehowa, “NW”], mene nea ɔyɛ ade nyinaa, nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara, nea ɔtrɛw asase mu no, na obi nka me ho; nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm; nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntra mu! ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofõ so agyinagyina. Nea ɔka kyerɛ ebun sɛ: Yow, na mɛma wo nsuten ayoyow. Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase!”—Yesaia 44:24-28.

21. Anidaso bɛn na Yehowa nsɛm no ma wonya?

21 Yiw, ɛnyɛ nneɛma a ɛbɛba daakye nko na Yehowa tumi ka ho asɛm sie na mmom tumi a ɔde bedi atirimpɔw no ho dwuma nyinaa nso. Asɛm yi a ɔda no adi no bɛma Israel anya anidaso. Ɛma wonya anidaso sɛ ɛwom sɛ Babilon asraafo bɛsɛe asase no de, nanso wɔbɛsan akyekye Yerusalem ne nkurow a ɛbemmɛn ho no bio na wɔasan de nokware som asi hɔ. Nanso, ɔkwan bɛn so?

22. Ka sɛnea Eufrate Asubɔnten no yowee ho asɛm.

22 Nkɔmhyɛfo a womfi Nyankopɔn ntaa nhyɛ nkɔm nkeka nsɛm pɔtee bi a ɛbɛba efisɛ wosuro sɛ ebedi wɔn huammɔ. Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa nam Yesaia so bɔ ɔbarima a ɔde no bedi dwuma ma wayi ne nkurɔfo afi nnommumfa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ wɔn kurom akɔkyekye Yerusalem ne asɔrefie no, din. Ne din ne Kores, na wonim no sɛ Kores Ɔkɛseɛ a ofi Persia no. Yehowa kyerɛ ɔkwan a Kores bɛfa so ahyɛn nneɛma akɛse a Babilon de abɔ ne ho ban no mu nso. Afasu atenten ne nsuka a ɛnam Babilon kurow no mu ne ɛho no na ɛbɛbɔ ho ban. Kores bɛdan saa nhyehyɛe no mu ade titiriw—Eufrate Asubɔnten—no ani ma aboa no. Sɛnea tete abakɔsɛm akyerɛwfo Herodotus ne Xenophon kyerɛ no, Kores danee Eufrate nsu no ani wɔ Babilon atifi fam beae bi kosii sɛ asubɔnten no yowee ma asraafo no tumi faa mu. Eufrate kɛseɛ no yow a antumi ammɔ Babilon ho ban.

23. Nkɔmhyɛ a ɛne sɛ Kores na obegye Israel no mmamu ho kyerɛwtohɔ bɛn na ɛwɔ hɔ?

23 Na bɔhyɛ a ɛne sɛ Kores bɛma Onyankopɔn nkurɔfo anya ahofadi na wahwɛ ama wɔakyekye Yerusalem asan asi asɔrefie no nso ɛ? Kores ankasa asɛm a ɔkae a wɔakora so wɔ Bible mu no ka sɛ: “Sɛ Persia hene Kores se ni: Asase so ahenni nyinaa na [Yehowa, NW], ɔsoro Nyankopɔn, de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na onkosi [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.” (Esra 1:2, 3) Yehowa asɛm a ɔnam Yesaia so kae no baa mu koraa!

Yesaia, Kores, ne Kristofo a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ

24. Abusuabɔ bɛn na ɛwɔ Artasasta ahyɛde a ɛka sɛ “wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu” ne Mesia no mmae no mu?

24 Yesaia ti 44 hyɛ Yehowa anuonyam sɛ ɔne nokware Nyankopɔn biako no ne ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no Gyefo. Afei nso, nkɔmhyɛ no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn nyinaa nnɛ. Ahyɛde a Kores de mae a ɛne sɛ wonsi Yerusalem asɔrefie no bio wɔ afe 538/537 A.Y.B. mu no de nsɛm bi a enyaa ne mmamu wɔ nkɔmhyɛ foforo a ɛda nsow mu bae. Kores ahyɛde no akyi no, Artasasta, sodifo bi a ɔbae akyiri yi nso hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem kurow no. Daniel nhoma no daa no adi sɛ “efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi [afe 455 A.Y.B. mu] so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so” bɛyɛ “adapɛn” 69 a emu biara yɛ mfirihyia 7. (Daniel 9:24, 25) Saa nkɔmhyɛ yi nso baa mu. Sɛnea nhyehyɛe no te pɛpɛɛpɛ no, wɔ afe 29 Y.B. mu, bere a Artasasta ahyɛde no fii ase yɛɛ adwuma wɔ Bɔhyɛ Asase no so akyi mfirihyia 483 no, wɔbɔɔ Yesu asu na ofii n’asase so som adwuma no ase. *

25. Dɛn na Babilon asehwe wɔ Kores nsam no da no adi wɔ nnɛ bere yi mu?

25 Babilon asehwe a ɛmaa Yudafo anokwafo tumi nyaa ahofadi no yɛɛ ahofadi a Kristofo a wɔasra wɔn nya fii honhom fam nnommumfa mu wɔ 1919 mu no ho mfonini. Saa ahofadi no yɛ adanse a ɛkyerɛe sɛ Babilon foforo a wɔaka ho asɛm sɛ aguaman, Babilon Kɛse—wiase nyinaa atoro som a aka abom ho sɛnkyerɛnne—no ahwe ase. Sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɔsomafo Yohane huu n’asehwe no siei. (Adiyisɛm 14:8) Ohuu ne sɛe a ɛbɛba mpofirim no nso siei. Sɛnea Yohane ka wiase ahemman a ahoni ayɛ no ma no sɛe ho asɛm ne sɛnea Yesaia kaa di a na Kores bedi tete kurow Babilon so no di nsɛ wɔ akwan bi so. Sɛnea nsu a na ɛbɔ Babilon ho ban no antumi annye no Kores nsam no, saa ara na adesamma “nsu” a ɛboa Babilon Kɛse no na ɛbɔ ho ban no ‘bɛyow’ ansa na wɔasɛe no sɛnea ɛfata.—Adiyisɛm 16:12. *

26. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no ne ne mmamu hyɛ yɛn gyidi den?

26 Bɛboro mfirihyia mpem abien ne fã ni fi bere a Yesaia hyɛɛ ne nkɔm no, yefi ntease mu tumi hu sɛ Onyankopɔn “ma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu” ampa. (Yesaia 44:26) Enti, Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu no yɛ nhwɛso a ɛda nsow a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu nyinaa yɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so.

[Ase hɔ nsɛm]

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 63]

So gyentia betumi agye obi?

[Mfonini wɔ kratafa 73]

Iran hene bi ti a ebetumi ayɛ Kores de, a wɔde ɔbo ayɛ

[Mfonini wɔ kratafa 75]

Kores dan Eufrate nsu ani ma nkɔmhyɛ nya ne mmamu