Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Som Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa

Nokware Som Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa

Ti Aduonu Biako

Nokware Som Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa

Yesaia 60:1-22

1. Nkuranhyɛsɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia ti 60?

WƆKYERƐW Yesaia ti 60 sɛ asɛm a ɛkanyan anigye. Wɔtwe yɛn adwene si asɛm bi a ɛka koma so wɔ nkyekyem ahorow a edi kan no mu. Nsɛm pii sisi ntoatoaso, na ɛde yɛn kodu nea edi akyiri a ɛkanyan koma no so. Eti no ka nokware som a wɔsan de sii hɔ wɔ tete Yerusalem ne nokware som a wɔtrɛw mu kɔ wiase nyinaa nnɛ no ho asɛm pefee. Afei nso, ɛtwe adwene si nhyira a ɛbɛtra hɔ daa a Onyankopɔn asomfo anokwafo nyinaa benya no so. Yɛn mu biara betumi anya Yesaia nkɔmhyɛ no fã a ɛyɛ anigye yi mmamu mu kyɛfa. Enti ma yɛnhwehwɛ mu yiye.

Hann Pue Sum Mu

2. Ahyɛde bɛn na wɔde maa ɔbea a na ɔda fam wɔ sum mu no, na dɛn nti na na osetie a ɔbɛyɛ no gye ntɛmpɛ?

2 Wɔkaa Yesaia ti yi mu nsɛm a edi kan no kyerɛɛ ɔbea bi a na ɔwɔ awerɛhow mu. Ɛda adi sɛ na ɔda fam wɔ sum mu. Mpofirim ara, hann puee wɔ sum no mu, bere a Yehowa nam Yesaia so frɛe sɛ: “Sɔre haran [ɔbea, “NW”], na wo hann reba, na [Yehowa, “NW”] anuonyam apue wo so.” (Yesaia 60:1) Yiw, na ɛsɛ sɛ “ɔbea” no sɔre gyina na ɔda Onyankopɔn anuonyam adi! Dɛn nti na na asɛm yi gye ntɛmpɛ? Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso [Yehowa, “NW”] bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so.” (Yesaia 60:2) Na ɛsɛ sɛ “ɔbea” no “haran” ma wɔn a na wɔatwa ne ho ahyia a na wɔda so de wɔn ti pempem no nya so mfaso. Dɛn na na ebefi mu aba? “Amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.” (Yesaia 60:3) Nnianim nsɛm yi ma yenya nea na wɔrebɛkyerɛkyerɛ mu akɔ akyiri wɔ nkyekyem a edi hɔ—nokware som a ɛsɛ sɛ wɔtrɛw mu kɔ wiase nyinaa—no ho adwene!

3. (a) Hena ne “ɔbea” no? (b) Dɛn nti na na “ɔbea” no da fam wɔ sum mu?

3 Ɛwom sɛ na Yehowa reka nsɛm a ebesisi daakye ho asɛm de, nanso ɔka kyerɛɛ “ɔbea” no sɛ ne hann ‘aba.’ Eyi si so dua sɛ nkɔmhyɛ no benya ne mmamu ɔkwan biara so. “Ɔbea” a ɔkaa ne ho asɛm no ne Sion, anaa Yerusalem, Yuda ahenkurow no. (Yesaia 52:1, 2; 60:14) Kurow no gyina hɔ ma ɔman no nyinaa. Wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu a edi kan mu no, na “ɔbea” no da sum mu, baabi a na wada fi bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Nanso, wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, Yudafo nkaefo anokwafo bi san baa Yerusalem de nokware som besii hɔ bio. Awiei koraa no, Yehowa maa hann puee ne ‘bea’ no so, na ne nkurɔfo a na wɔasan anya ahofadi no bɛyɛɛ nimdeɛ fibea wɔ amanaman a na wɔwɔ honhom fam sum mu no mu.

Mmamu Kɛse

4. Henanom na wogyina hɔ ma “ɔbea” no wɔ asase so nnɛ, na henanom nso na nkɔmhyɛ nsɛm no trɛw ka wɔn?

4 Anigye a yenya wɔ saa nkɔmhyɛ nsɛm yi ho no kɔ akyiri sen mmamu a enyae wɔ tete Yerusalem so no. “Nyankopɔn Israel” no na egyina hɔ ma Yehowa soro ‘bea’ no wɔ asase so nnɛ. (Galatifo 6:16) Bere tenten a ɛde atra hɔ, efi Pentekoste afe 33 Y.B. besi nnɛ no, saa honhom fam man yi abenya emufo a wɔde honhom asra wɔn a wɔn dodow si 144,000 “a wɔatɔ wɔn afi asase so,” na wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no. (Adiyisɛm 14:1, 3) Yesaia ti 60 nnɛyi mmamu gyina 144,000 no mufo a wɔte asase so wɔ “nna a edi akyiri mu” no so. (2 Timoteo 3:1) Nkɔmhyɛ no fa Kristofo a wɔasra wɔn yi ahokafo, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no nso ho.—Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:11, 16.

5. Bere bɛn na Nyankopɔn Israel no mufo a na wɔte ase no hui sɛ wɔda fam wɔ sum mu, na bere bɛn na Yehowa hann puee wɔn so?

5 Sɛnea yɛbɛka no no, wɔ 1900 mfe no mfiase mu bere tiaa bi no, na Nyankopɔn Israel no mufo a wɔwɔ asase so no da fam wɔ sum mu. Wiase nyinaa ko a edi kan no reba awiei no, na wɔwɔ tebea a wɔaka ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Adiyisɛm nhoma no mu—a ɛne sɛ wɔn afunu “bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, ɛno na honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim” no mu. (Adiyisɛm 11:8) Nanso, wɔ afe 1919 mu no, Yehowa maa ne hann puee wɔn so. Wɔn nso sɔre gyinae daa Onyankopɔn hann adi, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no.—Mateo 5:14-16; 24:14.

6. Wiase nnipa dodow no ara ayɛ wɔn ade dɛn wɔ ahenni tumi mu a Yesu aba ho dawuru a wɔbɔ no ho, nanso henanom na wɔaba Yehowa hann no ho?

6 Satan, “wiase yi sum mu atumfo” panyin no, ama adesamma mu dodow no ara apo Yesu Kristo, “wiase hann” no ahenni tumi mu a waba ho amanneɛbɔ no. (Efesofo 6:12; Yohane 8:12; 2 Korintofo 4:3, 4) Nanso, nnipa ɔpepem pii, a “ahene” (wɔn a wɔbɛyɛ ɔsoro Ahenni no adedifo a wɔasra wɔn) ne “amanaman” (nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no) ka ho no aba Yehowa hann no ho.

Ntrɛwmu De Komam Anigye Ba

7. Biribi a ɛka koma bɛn na “ɔbea” no hui?

7 Bere a Yehowa gu so reka asɛmti a ɔde sii hɔ wɔ Yesaia 60:3 ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ “ɔbea” no sɛ: “Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia.” Bere a “ɔbea” no tiei no, ohuu biribi a ɛka koma—ne mma na na wɔreba fie yi! “Wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba.” (Yesaia 60:4) Ahenni no ho dawuru a wɔbɔɔ no amanaman mu a wofii ase wɔ afe 1919 mu no maa “mmabanin” ne “mmabea” a wɔasra wɔn no mpempem pii foforo bɛkaa Nyankopɔn Israel no ho. Saa kwan yi so na Yehowa fae boaboaa nnipa 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no ano wiei.—Adiyisɛm 5:9, 10.

8. Efi afe 1919 reba no, dɛn na ama Nyankopɔn Israel no anya anigye?

8 Nkɔso yi de anigye bae. “Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn.” (Yesaia 60:5) Wɔn a wɔasra wɔn no ano a wɔboaboae wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no maa Nyankopɔn Israel no ani gyei kɛse. Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a ɛmaa wɔn ani gyei. Titiriw no, efi 1930 mfe no mfinimfini no, nnipa a na anka bere bi wɔka adesamma ‘po’ a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho ho no afi amanaman nyinaa mu ne Nyankopɔn Israel no abɛsom. (Yesaia 57:20; Hagai 2:7) Saa nkurɔfo yi mu biara mfa n’ankasa kwan so nsom Onyankopɔn. Mmom no, wɔba Nyankopɔn ‘bea’ no nkyɛn bɛka Onyankopɔn nguan a wɔayɛ biako no ho. Ne saa nti, Onyankopɔn asomfo nyinaa nya nokware som ntrɛwmu no mu kyɛfa.

Amanaman Hyiam Wɔ Yerusalem

9, 10. Henanom na wohuu wɔn sɛ wɔreba Yerusalem, na ɔkwan bɛn so na Yehowa gyee wɔn?

9 Yehowa de nneɛma a na Yesaia bere sofo no nim yɛɛ mfatoho ahorow. Bere a na “ɔbea” no gyina Bepɔw Sion so baabi a otumi hu ade kɔ akyirikyiri no, odii kan hwɛɛ apuei fam asase ano. Dɛn na ohui? “Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka [Yehowa, “NW”] ayeyi.” (Yesaia 60:6) Aguadifo a wofi mmusua ahorow mu yoma kuw nam akwan so reba Yerusalem. (Genesis 37:25, 28; Atemmufo 6:1, 5; 1 Ahene 10:1, 2) Ná yoma nenam baabiara te sɛ nsuyiri wɔ asase no so! Akwantufo no de akyɛde ahorow bae, a ɛkyerɛ sɛ na aguadifo no de adwempa na ɛreba. Ná wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa na wɔde nea eye sen biara a wobetumi de ama no ma no.

10 Ɛnyɛ saa aguadifo yi nkutoo na na wɔreba. “Wɔbɛboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebayot adwennini bɛsom wo.” Yiw, na mmusuakuw a wɔyɛn mmoa nso reba Yerusalem. Wɔde wɔn ahode a ɛsom bo sen biara—nguankuw—kɔkyɛe, na wɔde wɔn ho mae sɛ asomfo. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa begye wɔn? Ɔkae sɛ: “Wɔde anisɔ bɛforo m’afɔremuka, na mɛhyehyɛ m’anuonyam fi no.” (Yesaia 60:7) Yehowa gyee wɔn akyɛde ahorow a na wɔde bedi dwuma wɔ nokware som mu no.—Yesaia 56:7; Yeremia 49:28, 29.

11, 12. (a) Bere a “ɔbea” no hwɛɛ atɔe fam no, dɛn na ohui? (b) Dɛn nti na na nnipa pii de mmirika reba Yerusalem?

11 Afei Yehowa kyerɛɛ “ɔbea” no sɛ ɔnhwɛ atɔe fam, na obisae sɛ: “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankasa mu yi?” Yehowa ankasa buae sɛ: “Yiw, nsuano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam.”—Yesaia 60:8, 9.

12 Fa no sɛ wo ne “ɔbea” no na egyina hɔ, rehwɛ atɔe fam wɔ Ɛpo Kɛse no so. Dɛn na wuhu? Omununkum fitaa nsisimu a ɛnam nsu no ani wɔ akyirikyiri. Ná ɛte sɛ nnomaa, nanso bere a ɛbɛnee no, wuhui sɛ na ɛyɛ po so ahyɛn a na ne mframatama mu abuebue. Efi ‘akyirikyiri na ɛreba.’ * (Yesaia 49:12) Ahyɛn pii na na ɛde mmirika reba Sion ma enti na ɛte sɛ mmorɔnoma a wɔatu yuu reba fie no. Dɛn nti na na nsu ani ahyɛnkuw no de mmirika saa? Na wɔrepɛ ntɛm akoyi emu nneɛma a ɛyɛ Yehowa asomfo a wofi akyirikyiri reba no. Nokwarem no, na ahɔho a wɔbae no nyinaa—Israelfo ne ananafo no nyinaa—repɛ ntɛm aba Yerusalem abehyira wɔn biribiara so ama Yehowa, wɔn Nyankopɔn, din.—Yesaia 55:5.

13. Henanom ne “mmabanin” ne “mmabea” no nnɛ, na henanom ne “amanaman ahode” no?

13 Wiase nyinaa ntrɛwmu a aba fi bere a Yehowa ‘bea’ no fii ase maa ne hann puee wiase yi sum mu no ho mfonini bɛn ara na Yesaia 60:4-9 yɛɛ no fann saa yi! Ɔsoro Sion “mmabanin” ne “mmabea” no, wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no, na wodii kan bae. Wɔ afe 1931 mu no, eyinom daa wɔn ho adi wɔ baguam sɛ Yehowa Adansefo. Afei ahobrɛasefo kuw, “amanaman ahode” ne “ɛpo ahonyade dodow” no de ntɛmpɛ bɛkaa Kristo nuanom nkaefo no ho. * Ɛnnɛ, Yehowa asomfo yi nyinaa a wofi wiase afanan nyinaa, na wɔn asetram nsɛm tebea gu ahorow no abɛka Nyankopɔn Israel ho reyi wɔn Amansan Hene, Yehowa, ayɛ, na wɔrema ne din so sɛ ɛne edin a ɛsen din biara wɔ amansan yi mu.

14. Dɛn nti na ahɔho no ‘foroo Onyankopɔn afɔremuka’ no?

14 Nanso, foro a ahɔho a wofi amanaman mu no ‘foroo Onyankopɔn afɔremuka’ no kyerɛ dɛn? Afɔremuka so na na wɔde afɔrebɔde gu. Ɔsomafo Paulo kaa asɛm bi a ɛfa afɔrebɔ ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.” (Romafo 12:1) Nokware Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛma. (Luka 9:23, 24) Wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn nyansa boa ma nokware som nya nkɔso. (Romafo 6:13) Saayɛ mu no, wɔbɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre a ɛsɔ n’ani. (Hebrifo 13:15) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ ɛnnɛ Yehowa asomfo ɔpepem pii, mpanyin ne mmofra, de Onyankopɔn Ahenni nneɛma adi wɔn ankasa apɛde kan! Wɔda nokware ahofama adi.—Mateo 6:33; 2 Korintofo 5:15.

Ahɔho no Nya Ntrɛwmu Adwuma Mu Kyɛfa

15. (a) Tete mmere mu no, ɔkwan bɛn so na wɔdaa Yehowa mmɔborohunu adi kyerɛɛ ahɔho? (b) Ɛnnɛ mmere mu no, ɔkwan bɛn so na “ananafo” anya nokware som hyehyɛ mu kyɛfa?

15 Ahɔho no de wɔn agyapade ne wɔn ahoɔden boaa Yehowa ‘bea’ no. “Ananafo mma bɛto w’afasu, na wɔn ahene asom wo; na m’abufuw mu na mehwee wo, na m’adɔeyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.” (Yesaia 60:10) Yehowa daa ne mmɔborohunu adi wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu bere a ananafo boaa adansi adwuma no wɔ Yerusalem no. (Esra 3:7; Nehemia 3:26) Wɔ ne nnɛyi mmamu kɛse mu no, “ananafo,” nnipakuw kɛse no, aboa nkaefo a wɔasra wɔn no ma wɔrehyehyɛ nokware som. Wɔboa de Kristofo su ahorow dua wɔn Bible asuafo mu, na wɔnam saayɛ so hyehyɛ Kristofo asafo ahorow, na wɔhyɛ Yehowa ahyehyɛde no a ɛte sɛ kurow no ‘afasu’ den. (1 Korintofo 3:10-15) Wosisi adan ankasa nso, yɛ adwumaden sisi Ahenni Asa ahorow, Nhyiam Asa ahorow, ne Betel afie. Wɔnam saayɛ so ne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no hwɛ di Yehowa ahyehyɛde a emu retrɛw no ahiade ho dwuma.—Yesaia 61:5.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔakɔ so abue Onyankopɔn ahyehyɛde no “apon”? (b) Ɔkwan bɛn so na “ahene” asom Sion? (d) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛto “apon” a Yehowa pɛ sɛ ano da hɔ mu no so?

16 Afe biara, esiane honhom fam adansi nhyehyɛe no nti, “ananafo” ɔpehaha pii fi ase ne Yehowa ahyehyɛde no bɔ, na wɔda so ara abue kwan no. Yehowa kae sɛ: “Wo kurow apon ano bɛda hɔ daa yi, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfo de amanaman ahonyade abrɛ wo, wɔne wɔn ahene a woyuw wɔn.” (Yesaia 60:11) Nanso, henanom ne “ahene” a wodi anim de amanaman no ahonyade ba Sion no? Tete mmere mu no, Yehowa kaa sodifo ahorow bi koma ma ‘wɔsom’ Sion. Sɛ nhwɛso no, Kores na odii kan maa Yudafo no san kɔɔ Yerusalem kosii asɔrefie no bio. Akyiri yi, Artasasta de nneɛma somaa Nehemia sɛ ɔmfa nkɔto Yerusalem afasu no bio. (Esra 1:2, 3; Nehemia 2:1-8) Nokwarem no, “ɔhene koma te sɛ asuten, [Yehowa, NW] nsam.” (Mmebusɛm 21:1) Yɛn Nyankopɔn no betumi akanyan sodifo a wɔyɛ den no mpo ma wɔayɛ ade ma ɛne n’apɛde ahyia.

17 Wɔ ɛnnɛ mmere mu no, “ahene,” anaa wiase atumfoɔ pii abɔ mmɔden sɛ wɔremmue wɔn “apon” mma Yehowa ahyehyɛde no. Nanso, afoforo asom Sion denam gyinae ahorow a wɔasisi a aboa ma wɔabuebue saa “apon” no. (Romafo 13:4) Wɔ afe 1919 mu no, wiase atumfoɔ yii Joseph F. Rutherford ne n’ahokafo no fii afiase a wɔde wɔn gui wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no. (Adiyisɛm 11:13) Nnipa nniso ahorow “menee” ɔtaa nsu pii a Satan puwee bere a wɔtoo no fii soro kyenee no. (Adiyisɛm 12:16) Nniso bi ahyɛ nyamesom ho koma pa a wobenya ho nkuran, na ɛtɔ mmere bi a Yehowa Adansefo titiriw nti na wɔyɛ saa. Saa som yi ama ayɛ mmerɛw ama ahobrɛasefo pii atumi afa “apon” a wɔabue no mu aba Yehowa ahyehyɛde no mu. Na asɔretiafo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛto saa “apon” no mu no nso ɛ? Wɔrenni nkonim da. Yehowa kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn.” (Yesaia 60:12) Wɔn a wɔko tia Onyankopɔn ‘bea’ no nyinaa,—sɛ́ wɔyɛ ankorankoro anaa ahyehyɛde ahorow no—akyɛ koraa no, wɔbɛsɛe wɔn wɔ Harmagedon ko a ɛreba no mu.—Adiyisɛm 16:14, 16.

18. (a) Bɔhyɛ a ɛne sɛ nnua bɛyɛ frɔmfrɔm wɔ Israel no kyerɛ dɛn? (b) Dɛn ne ‘Yehowa nan tiabea’ no nnɛ?

18 Atemmu ho kɔkɔbɔ yi akyi no, nkɔmhyɛ no dan adwene kɔɔ ayeyi ne yiyedi ho bɔhyɛ ahorow so. Bere a na Yehowa rekasa akyerɛ ne ‘bea’ no, ɔkae sɛ: “Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, na apopaw ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nan tiabea anuonyam.” (Yesaia 60:13) Nnua frɔmfrɔm yɛ anuonyam ne abasow ho sɛnkyerɛnne. (Yesaia 41:19; 55:13) Ná nsɛm “kronkronbea” ne “me nan tiabea” a ɛwɔ nkyekyem yi mu no fa Yerusalem asɔrefie ho. (1 Beresosɛm 28:2; Dwom 99:5) Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɔrefie a na esi Yerusalem no yɛɛ honhom fam asɔrefie kɛse no, nhyehyɛe a wɔnam so kɔ Yehowa anim wɔ ɔsom mu denam Kristo afɔre no so no ho sunsuma ankasa. (Hebrifo 8:1-5; 9:2-10, 23) Ɛnnɛ, Yehowa hyɛ ‘ne nan tiabea,’ honhom fam asɔrefie kɛse yi abangua a ɛwɔ asase so no anuonyam. Ɛhɔ ayɛ anika araa ma ɛtwetwe nnipa a wofi amanaman nyinaa mu ma wɔba hɔ benya nokware som mu kyɛfa.—Yesaia 2:1-4; Hagai 2:7.

19. Dɛn na wɔbɛhyɛ asɔretiafo ma wɔagye atom, na akyɛ koraa no, bere bɛn na wɔbɛyɛ eyi?

19 Afei bere a Yehowa dan n’adwene kɔɔ asɔretiafo no so no, ɔkae sɛ: “Wo nhyɛsofo mma de akotokotow bɛba wo nkyɛn, na w’ahiiyifo nyinaa bɛba abebum wo nan ase, na wɔafrɛ wo [Yehowa, “NW”] kurow, Israel kronkronni no Sion.” (Yesaia 60:14) Yiw, nkɔso pii a aba ne asetra kwan a ɛkorɔn a Onyankopɔn nhyira ama ne nkurɔfo anya no bɛhyɛ asɔretiafo bi ma wɔakotokotow akɔ “ɔbea” no nkyɛn. Kyerɛ sɛ, wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔagye atom—akyɛ koraa wɔ Harmagedon—sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no yɛ Onyankopɔn soro ahyehyɛde no, ‘Yehowa kurow, Israel kronkronni no Sion’ no ananmusifo ampa.

Wɔn Ahode a Wɔde Di Dwuma

20. Nsakrae kɛse bɛn na ɛbaa “ɔbea” no tebea mu?

20 Hwɛ nsakrae kɛse a aba Yehowa ‘bea’ no tebea mu! Yehowa kae sɛ: “Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye. Na wubenum amanaman nufu, na woanum ahene mpokua; na woahu sɛ me, [Yehowa, “NW”], mene w’agyenkwa ne wo dimafo, Yakob tumfoɔ no.”—Yesaia 60:15, 16.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na tete Yerusalem ‘bɛyɛɛ kɛse’? (b) Efi afe 1919 mu reba no, nhyira ahorow bɛn na Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no anya, na ɔkwan bɛn so na wɔanum “amanaman nufu”?

21 Sɛnea yɛbɛka no no, na tete Yerusalem ayera mfirihyia 70, a na ‘obi bi mfa mu.’ Nanso, Yehowa fii ase de nnipa hyɛɛ kurow no mu ma, ma ‘ɛyɛɛ kɛse’ wɔ afe 537 A.Y.B. mu. Saa ara na bere a wiase nyinaa ko a edi kan no reba awiei no, Nyankopɔn Israel no baa amamfoyɛ mu ma wɔtee nka sɛ ‘wɔagyaw wɔn koraa.’ Nanso, wɔ afe 1919 mu no, Yehowa gyee n’asomfo a wɔasra wɔn no fii nnommumfa mu, na efi saa bere no, wahyira wɔn ma wɔanya ntrɛwmu ne honhom fam yiyedi a ebi mmae da. Ne nkurɔfo anum “amanaman nufu,” a ɛkyerɛ sɛ, wɔde amanaman no ahode atrɛw nokware som mu. Sɛ nhwɛso no, nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔde adi dwuma nyansam no ama wɔatumi akyerɛ Bible ne Bible ho nhoma ase atintim wɔ kasa ɔhaha pii mu. Ne saa nti, afe biara nnipa ɔpehaha pii ne Yehowa Adansefo sua Bible no, na wobehu sɛ Yehowa ne wɔn Agyenkwa ne wɔn Gyefo denam Kristo so.—Asomafo no Nnwuma 5:31; 1 Yohane 4:14.

Ahyehyɛde Mu Nkɔso

22. Nkɔso titiriw bɛn na Yehowa hyɛɛ ho bɔ?

22 Ahyehyɛde mu nkɔso ne Yehowa nkurɔfo dodow nkɔanim na abom aba. Yehowa kae sɛ: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.” (Yesaia 60:17) Sika a wɔde si kɔbere ananmu no yɛ nkɔanim, na saa ara na ɛte wɔ nneɛma foforo a wɔabobɔ din wɔ ha no ho. Nea ɛne eyi hyia no, Yehowa nkurɔfo anya ahyehyɛde mu nkɔso wɔ nna a edi akyiri yi mu.

23, 24. Ahyehyɛde mu nkɔso bɛn na Yehowa nkurɔfo anya fi afe 1919?

23 Eduu afe 1919 mu no, na asafo ahorow no wɔ mpanyimfo ne asomfo nkumaa a na wɔtow aba paw wɔn. Wofi saa afe no paw ɔsom adwuma kwankyerɛfo wɔ teokrase kwan so ma ɔhwɛɛ asɛnka adwuma so wɔ asafo no mu, nanso mmeae bi wɔ hɔ a mpanyimfo a wɔtoo aba paw wɔn no ko tiaa ɔsom adwuma kwankyerɛfo no. Nneɛma sesae wɔ afe 1932 mu. Wɔnam Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) nsɛmma nhoma no so ka kyerɛɛ asafo ahorow no sɛ wonnyae aba a wɔtow paw mpanyimfo ne asomfo nkumaa no. Mmom no, wɔbɛpaw ɔsom boayikuw ma wɔne ɔsom adwuma kwankyerɛfo no ayɛ adwuma. Na ɛno yɛ nkɔso kɛse.

24 Wɔ afe 1938 mu no, wɔde “sika” pii bae bere a wɔkae sɛ wɔbɛpaw asafo no mu asomfo nyinaa wɔ teokrase kwan so no. Asafo no sohwɛ bedii kuw somfo (akyiri yi, asafo somfo) no nsam, na asomfo ahorow boaa no, na wɔpaw wɔn nyinaa wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hwɛ ase. * (Mateo 24:45-47) Nanso, wɔ afe 1972 mu no, wohui sɛ Kyerɛwnsɛm mu kwan a wɔfa so hwɛ asafo so ne sɛ wɔde mpanyimfo kuw bɛyɛ adwuma mmom sen sɛ wɔbɛfa onipa biako so. (Filipifo 1:1) Wɔyɛɛ nsakrae foforo wɔ asafo no ne Sodikuw no nyinaa mu. Nea wɔayɛ no nnansa yi koraa no ho nhwɛso ne nea wohui wɔ October 7, 2000 no, bere a wɔde too gua sɛ Sodikuw no mufo a na wɔsom sɛ Watch Tower Society of Pennsylvania no ne nnwumakuw a ɛkeka ho no akwankyerɛfo afi wɔn pɛ mu de dibea horow a wɔwɔ wom no agu hɔ no. Saa kwan yi so no, Sodikuw a egyina hɔ ma akoa nokwafo ne ɔbadwemma no, atumi de wɔn adwene asi “Onyankopɔn asafo” no ne n’ahokafo, nguan foforo no honhom fam hwɛ so kɛse. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Nhyehyɛe a ɛtete saa nyinaa de nkɔso aba. Ahyɛ Yehowa ahyehyɛde no den, na n’asomfo no anya nhyira.

25. Hena na wama Yehowa nkurɔfo anya ahyehyɛde mu nkɔso, na mfaso ahorow bɛn na wɔanya?

25 Hena na wama nkɔso yi nyinaa aba? So efi nhyehyɛe ho nimdeɛ anaa nhumu soronko a nnipa bi wɔ? Dabi, efisɛ Yehowa kae sɛ: ‘Mede sika mɛba.’ Onyankopɔn akwankyerɛ na ɛde nkɔso yi nyinaa ba. Sɛ Yehowa nkurɔfo brɛ wɔn ho ase ma n’akwankyerɛ na wɔyɛ nsakrae ahorow a, wonya mfaso ahorow. Asomdwoe tra wɔn mu, na dɔ a wɔdɔ trenee no ka wɔn ma wɔsom no.

26. Nokware Kristofo agyiraehyɛde bɛn na asɔretiafo mpo ahu?

26 Onyankopɔn asomdwoe tumi sakra nnipa. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi.” (Yesaia 60:18) Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware! Asɔretiafo mpo gye tom sɛ asomdwoe yɛ nokware Kristofo agyiraehyɛde. (Mika 4:3) Asomdwoe a Yehowa Adansefo ne Nyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho wɔ no ma Kristofo nhyiambea biara yɛ beae a abotɔyam wɔ wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu. (1 Petro 2:17) Ɛyɛ asomdwoe pii a ɛbɛba bere a asase sofo nyinaa bɛyɛ “nnipa a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn” no ho nhwɛso.—Yesaia 11:9; 54:13, NW.

Onyankopɔn Anisɔ Hann a Anuonyam Wom

27. Hann bɛn na ɛkɔ so hyerɛn wɔ Yehowa ‘bea’ no so?

27 Yehowa kaa sɛnea hann a ebepue Yerusalem so no ano bɛyɛ den afa ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom [Yehowa, “NW”] na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’anuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo sram nso renwu, na [Yehowa, “NW”] bɛyɛ wo daa hann, na wo nkɔmmɔdi nna awie ɔsa.” (Yesaia 60:19, 20) Na Yehowa bɛkɔ so ayɛ “daa hann” ama ne ‘bea’ no. Ná “ɔrentɔ” te sɛ owia anaa ‘ɔrenwu’ te sɛ ɔsram. * N’anisɔ hann bepue Kristofo a wɔasra wɔn, Onyankopɔn ‘bea’ no ananmusifo a wɔyɛ nnipa no so bere nyinaa. Wɔne nnipakuw kɛse no benya honhom fam hann a ano yɛ den bere nyinaa, na wiase no amammui anaa sikasɛm mu sum biara nni hɔ a ebetumi ama ano abrɛ ase. Na wɔwɔ daakye a ɛyɛ anigye a Yehowa de ahyɛ wɔn bɔ no mu ahotoso.—Romafo 2:7; Adiyisɛm 21:3-5.

28. (a) Dɛn na wɔde hyɛɛ Yerusalemfo a na wɔresan aba no bɔ? (b) Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no dii so wɔ afe 1919 mu? (d) Bere tenten ahe na treneefo bedi asase no so?

28 Ɛdefa Yerusalemfo ho no, Yehowa kɔɔ so kae sɛ: “Wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.” (Yesaia 60:21) Bere a honam fam Israel fi Babilon san bae no, ‘wodii asase no so.’ Nanso saa bere no, asɛm a ɛne de “akosi daa” no besii afeha a edi kan Y.B. mu, bere a Roma asraafo bɛsɛee Yerusalem ne Yuda man no. Wɔ afe 1919 mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no fii honhom fam nnommumfa mu bedii honhom fam asase no so. (Yesaia 66:8) Ade a ɛhyɛ saa asase yi, anaa dwumadibea no agyirae ne honhom fam paradise a ɛrensɛe. Nea ɛnte sɛ tete Israel no, honhom fam Israel sɛ́ kuw no, bedi nokware. Afei, Yesaia nkɔmhyɛ no benya honam fam mmamu nso bere a asase bɛyɛ paradise ankasa a “asomdwoe bebree” wɔ so no. Afei treneefo a wɔwɔ asase so anidaso no bedi asase no so daa.—Dwom 37:11, 29.

29, 30. Ɔkwan bɛn so na nea “osua koraa” no abɛdan “apem”?

29 Yetumi hu bɔhyɛ bi a anibere wom, a Yehowa de n’ankasa din di ho adanse wɔ Yesaia ti 60 awiei hɔ. Ɔkae sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa, “NW”], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Bere a wɔn a wɔasra wɔn a wɔhwetee no san fii wɔn adwuma ase wɔ afe 1919 mu no, na ‘wosua koraa.’ * Nanso, wɔn dodow no bu bɔɔ ho bere a wɔde honhom fam Israel nkae bɛkaa wɔn ho no. Na dodow nkɔanim no bɛyɛɛ nwonwa bere a nnipakuw kɛse no anoboaboa no fii ase no.

30 Ankyɛ na asomdwoe ne adetreneeyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no twetwee nnipa komapafo pii araa ma nea “osua koraa” no bɛyɛɛ “ɔman a ɛyɛ den.” Mprempren nnipa dodow a wɔwom no dɔɔso sen wiase aman pii mu nnipa. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nam Yesu Kristo so akyerɛ Ahenni adwuma no kwan, na wama anya nkɔanim ntɛmntɛm. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yehu nokware som ntrɛwmu a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no na yɛrenya mu kyɛfa! Yiw, ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ saa nkɔso yi hyɛ Yehowa, nea ɔhyɛɛ saa nneɛma yi ho nkɔm bere tenten a atwam no, anuonyam.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Ɛda adi sɛ na Tarsis wɔ baabi a yenim no nnɛ sɛ Spain no. Nanso, sɛnea nhoma ahorow bi kyerɛ no, “Tarsis ahyɛn” no kyerɛ ahyɛn pɔtee—“po so ahyɛn a mpuran atenten sisi so”—a na ‘ɛfata sɛ ɛkɔ Tarsis,’ ɔkwan foforo so no, po so ahyɛn a na wosusuw sɛ ɛfata sɛ wɔde twa kwantenten kɔ ahyɛn gyinabea a ɛwowɔ akyirikyiri no.—1 Ahene 22:48.

^ nky. 13 Bere a na Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso a na wɔyɛ nnam na wɔyɛ nsi ne Nyankopɔn Israel no resom ansa na afe 1930 reba no, ɛyɛ 1930 mfe no mu na wɔn dodow fii ase nyaa nkɔanim ankasa.

^ nky. 24 Saa bere no na wɔfrɛ asafo ahorow no akuw.

^ nky. 27 Ɔsomafo Yohane de asɛm a ɛte saa ara dii dwuma de kaa “Yerusalem foforo,” 144,000 no a wɔwɔ wɔn anuonyam mu no ho asɛm. (Adiyisɛm 3:12; 21:10, 22-26) Eyi fata, efisɛ “Yerusalem foforo” no gyina hɔ ma Nyankopɔn Israel no mufo nyinaa wɔ bere a wɔanya wɔn soro akatua no, na wɔne Yesu Kristo bɛyɛ Onyankopɔn ‘bea’ no, “ɔsoro Yerusalem” no, fã titiriw.—Galatifo 4:26.

^ nky. 29 Wɔ afe 1918 mu no, na nnipa dodow a wɔka asɛm no ɔsram biara no nnu 4,000.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 305]

Wɔhyɛɛ “ɔbea” no sɛ ‘ɔnsɔre’

[Mfonini wɔ kratafa 312, 313]

“Tarsis ahyɛn” de emu nneɛma a ɛyɛ Yehowa asomfo bae