Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obonin no Ani Gye

Obonin no Ani Gye

Ti Dunum

Obonin no Ani Gye

Yesaia 54:1-17

1. Dɛn nti na na Sara pɛ awo, na dɛn na ohyiae wɔ eyi mu?

SARA ani gyinaa abawo. Awerɛhosɛm ne sɛ na ɔyɛ obonin, na ɛyɛɛ no yaw yiye. Wɔ ne bere so no, na wobu oboninyɛ sɛ ahohora, nanso na nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛsen saa a ɛmaa Sara dii yaw no. N’ani gyinae sɛ obehu ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ ne kunu no mmamu. Ná ɛsɛ sɛ Abraham wo aseni a ɔbɛyɛ nhyira ama asase so mmusua nyinaa no. (Genesis 12:1-3) Nanso, bere a Onyankopɔn hyɛɛ saa bɔ yi akyi mfirihyia pii no, na wonnya nwoe. Sara nyinii a na onni ba. Ɛbɛyɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a na osusuw sɛ ebia n’anidaso no ayɛ ɔkwa. Nanso, da bi, n’abasamtu no danee anigye!

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 54 no ho hia yɛn?

2 Sara tebea no boa yɛn ma yɛte nkɔmhyɛ a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 54 no ase. Ɛhɔ no, wɔkasa kyerɛ Yerusalem te sɛ nea ɔne obonin a obenya anigye kɛse wɔ mma pii a ɔbɛwo ho no. Yehowa nam ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete nyinaa a ɔka wɔn ho asɛm sɛ ne yere no so da sɛnea ɔwɔ tema kɛse ma ne nkurɔfo no adi. Afei nso, saa Yesaia ti yi boa yɛn ma yɛte nea Bible frɛ no “ahintasɛm” no fã a ɛho hia no ase. (Romafo 16:25, 26) ‘Ɔbea’ no ne ne suahu ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ saa nkɔmhyɛ yi mu a yebehu no bɛma yɛanya nokware som ho nimdeɛ a ɛho hia nnɛ.

Wɔahu ‘Ɔbea’ No

3. Dɛn nti na “obonin” no ani betumi agye?

3 Ti 54 fi ase anigye so sɛ: “To dwom, wo bonin a woanwo; to anigye dwom na fa ahosan teɛm, wo a wonkyem mma ɛ! Na onnibie mma bɛdɔɔso asen nea ɔwɔ kunu mma, [Yehowa, “NW”] na ose.” (Yesaia 54:1) Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ Yesaia de kaa saa nsɛm yi! Na hwɛ awerɛkyekye a ne mmamu bɛma Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no anya! Ebedu saa bere no, na Yerusalem da so ara da mpan. Wɔ nnipa ani so no, ɛbɛyɛ sɛ nea anidaso biara nni hɔ sɛ nnipa bɛsan abɛtra mu bio sɛnea obonin rennya anidaso sɛ ɔbɛwo mma wɔ ne mmerewabere mu no. Nanso, saa “ɔbea” yi benya nhyira kɛse daakye—ɔbɛwo. Yerusalem bedi ahurusi kɛse. “Mma” anaa nnipa bɛtra mu bio.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo boa ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yesaia ti 54 benya ne mmamu a ɛyɛ kɛse sen nea ɛbae wɔ afe 537 A.Y.B. mu no? (b) Dɛn ne “ɔsoro Yerusalem” no?

4 Ebia na Yesaia nnim, nanso saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu a ɛboro biako. Ɔsomafo Paulo fa Yesaia ti 54 mu asɛm ka kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔbea” no gyina hɔ ma biribi a ɛho hia koraa sen asase so kurow Yerusalem. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.” (Galatifo 4:26) Dɛn ne saa “ɔsoro Yerusalem” yi? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ ɛno ne Yerusalem a ɛwɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Saa kurow no yɛ asase so de, enni “ɔsoro” wɔ ɔsoro atrae hɔ. “Ɔsoro Yerusalem” yɛ Onyankopɔn ‘bea’ a ɔwɔ soro, n’ahyehyɛde a ahonhom abɔde a wɔwɔ tumi na wɔwom no.

5. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so mfatoho a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Galatifo 4:22-31 no, henanom na (a) Abraham? (b) Sara? (d) Isak? (e) Hagar? (ɛ) Ismael yɛ wɔn ho mfonini?

5 Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi anya sɛnkyerɛnne kwan so mmea baanu—a obiako wɔ soro na ɔfoforo wɔ asase so? So abirabɔ bi wɔ eyi mu? Ɛnte saa koraa. Ɔsomafo Paulo da no adi sɛ mmuae no wɔ nkɔmhyɛ kwan so mfonini a Abraham abusua no yɛe no mu. (Galatifo 4:22-31; hwɛ “Abraham Abusua No—Nkɔmhyɛ Kwan so Mfonini” a ɛwɔ kratafa 218 no.) Sara, “ɔdehye” a ɔyɛ Abraham yere no yɛ Yehowa yere a ɛyɛ ahyehyɛde a ahonhom abɔde na wɔwom no ho mfonini. Hagar, afenaa a ɔyɛ Abraham yere a ɔto so abien, anaa ne yefam, no yɛ asase so Yerusalem ho mfonini.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn soro ahyehyɛde no yɛɛ obonin bere tenteenten?

6 Bere a yɛahu eyi no, yefi ase hu hia a Yesaia 54:1 ho hia no. Bere a Sara yɛɛ obonin mfirihyia pii akyi no, ɔwoo Isak bere a na wadi mfirihyia 90. Saa ara na Yehowa soro ahyehyɛde no yɛɛ obonin bere tenteenten. Efi Eden na Yehowa hyɛɛ ne ‘bea’ no bɔ sɛ ɔbɛwo “aseni.” (Genesis 3:15) Bɛboro mfirihyia 2,000 akyi no, Yehowa ne Abraham yɛɛ apam a ɛfa Aseni a wɔahyɛ no ho bɔ no ho. Nanso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn soro ‘bea’ no twɛn mfehaha pii ansa na wawo saa Aseni no. Nanso, bere dui a saa “obonin” yi mma bɛyɛɛ pii sen honam fam Israel de no. Obonin no ho nkyerɛkyerɛmu no boa yɛn ma yehu nea enti a na abɔfo no ho pere wɔn sɛ wobehu Aseni a wɔkaa ne ho asɛm siei no mmae no. (1 Petro 1:12) Bere bɛn na awiei koraa no, ɛno bae?

7. Sɛnea wɔaka ho asɛm asie wɔ Yesaia 54:1 no, bere bɛn na “ɔsoro Yerusalem” no dii ahurusi, na dɛn nti na wubua saa?

7 Akyinnye biara nni ho sɛ abɔfo dii Yesu awo sɛ́ onipa ba no ho ahurusi. (Luka 2:9-14) Nanso ɛnyɛ ɛno ne nea wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 54:1 no. Ɛyɛ bere a wɔde honhom kronkron woo Yesu wɔ afe 29 Y.B. mu no na ɔbɛyɛɛ “ɔsoro Yerusalem” honhom mu ba, na Onyankopɔn ankasa gyee no toom wɔ baguam sɛ ne “dɔba.” (Marko 1:10, 11; Hebrifo 1:5; 5:4, 5) Ɛyɛ saa bere no na Onyankopɔn soro ‘bea’ no dii Yesaia 54:1 mmamu no ho ahurusi. Afei de, wanya awo Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ, Mesia, no! Mfehaha pii a ɔde yɛɛ bonin no twaam. Nanso, ɛnyɛ n’ahurusidi no awiei ne no.

Obonin no Nya Mma Pii

8. Dɛn nti na na Onyankopɔn soro ‘bea’ no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ odi ahurusi bere a ɔwoo Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

8 Wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, Onyankopɔn soro ‘bea’ no ani gyei sɛ wasan anya ne Ba a ɔdɔ no, “awufo mu abakan,” no. (Kolosefo 1:18) Afei ofii ase woo honhom mu mma pii. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, wɔde honhom kronkron sraa Yesu akyidifo bɛboro 120, na wɔnam so yɛɛ wɔn Kristo yɔnko adedifo. Akyiri yi wɔde nnipa 3,000 foforo kaa ho saa da no. (Yohane 1:12; Asomafo no Nnwuma 1:13-15; 2:1-4, 41; Romafo 8:14-16) Saa mma yi kɔɔ so dɔe. Wɔ Kristoman wae no mu mfehaha a edi kan no mu no, wɔn dodow ankɔ anim ntɛmntɛm. Nanso, na ɛbɛsesa wɔ afeha a ɛto so 20 no mu.

9, 10. Dɛn na akwankyerɛ a ɛne sɛ “ma wo ntamadan mu ntrɛw” no kyerɛ ma ɔbea a ɔtraa ntamadan mu tete mmere mu no, na dɛn nti na saa bere yi yɛ anigye bere ma ɔbea a ɔte saa no?

9 Yesaia kɔ so hyɛ nkɔanim soronko no ho nkɔm sɛ: “Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo trabea mmɔhɔɔ no mu, nkyɛe biara so. Ma wo ntampehama nware, na ma wo mmofunnua ntintim. Na wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum, na w’asefo afa amanaman no, na woama wɔatratra nkurofõ so. Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo ti ase, na w’anim renkisa, na wo werɛ befi wo mmabaabere mu aniwu, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.”—Yesaia 54:2-4.

10 Ɛha no wɔkasa kyerɛ Yerusalem sɛ nea ɔyɛ ɔyere ne ɛna a ɔte ntamadan mu te sɛ Sara. Bere a ne mma redɔɔso no, ɛbere du sɛ ɛna a ɔte saa no trɛw ne fie mu. Ehia sɛ onya mmɔhɔɔ ne ntampehama atenten na ɔde mmofunnua sisi mmeae foforo. Eyi yɛ adwuma a n’ani gye ho, na bere a onni adagyew saa no, ne werɛ betumi afi mfe a na ɔde hwɛ kwan sɛ ebia obenya mma ma wɔatoa abusua no anato so no.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na wohyiraa Onyankopɔn ‘bea’ a ɔwɔ soro no wɔ afe 1914 mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Efi afe 1919 reba no, nhyira bɛn na wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no anya?

11 Asase so Yerusalem nyaa asetra foforo a ɛte saa bere a wofi Babilon nnommumfa mu bae no. Wɔahyira “ɔsoro Yerusalem” no pii asen saa. * Efi afe 1919 reba titiriw no, ‘n’asefo’ a wɔasra wɔn no adi yiye wɔ wɔn honhom fam tebea foforo a wɔasan anya no mu. (Yesaia 61:4; 66:8) ‘Wɔafa amanaman,’ kyerɛ sɛ, wɔkɔɔ nsase pii so kɔhwehwɛɛ wɔn a wɔbɛka wɔn honhom fam abusua no ho no nyinaa. Ne saa nti, wonyaa nkɔanim ntɛmntɛm wɔ mma a wɔasra wɔn no anoboaboa no mu. Ɛdaa adi sɛ wonyaa wɔn dodow a ɛyɛ 144,000 no wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ. (Adiyisɛm 14:3) Saa bere no wɔamfa adwene ansi wɔn a wɔasra wɔn no anoboaboa no so bio wɔ asɛnka adwuma no mu. Nanso, ntrɛwmu no anso wɔn a wɔasra wɔn no a wonyaa wɔn no so.

12. Wɔn a wɔasra wɔn no akyi no, henanom na wɔaboaboa wɔn ano aba Kristofo asafo no mu fi 1930 mfe no mu no?

12 Yesu ankasa ka siei sɛ ne nuanom a wɔde honhom asra wɔn, “kuw ketewa” no akyi no, obenya “nguan foforo” a wɔde wɔn bɛba nokware Kristofo nguankuw no mu. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Ɛwom sɛ wɔnka “ɔsoro Yerusalem” mma a wɔasra wɔn no ho de, nanso wɔn a wɔasra wɔn no ahokafo anokwafo yi di dwuma bi a ɛho hia a wɔhyɛɛ ho nkɔm bere tenteenten no. (Sakaria 8:23) Efi 1930 mfe no mu besi nnɛ no, wɔaboaboa wɔn mu “nnipakuw kɛse” bi ano, na ama Kristofo asafo no mu atrɛw ɔkwan bi so a wonhuu bi da. (Adiyisɛm 7:9, 10) Ɛnnɛ nnipakuw kɛse no dodow yɛ ɔpepem pii. Saa ntrɛwmu yi nyinaa ama ɛho abehia sɛ wosisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne baa dwumadibea ahorow pii ntɛmntɛm. Ɛte sɛ nea Yesaia nsɛm no fata yiye. Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ yebenya ntrɛwmu a wɔkaa ho asɛm siei no mu kyɛfa!

Ɛna a Ɔwɔ Tema Ma Ne Mma

13, 14. (a) Nsɛnnennen a yehu wɔ nsɛm bi a wɔka kyerɛ Onyankopɔn ‘bea’ a ɔwɔ soro no mu bi ne dɛn? (b) Nhumu bɛn na yebetumi anya afi awarefo ne wɔn mma abusuabɔ a Onyankopɔn de kyerɛkyerɛ nneɛma mu no mu?

13 Yɛahu sɛ wɔ nkɔmhyɛ no mmamu kɛse mu no, “ɔbea” no gyina hɔ ma Yehowa soro ahyehyɛde no. Nanso, sɛ yɛkenkan Yesaia 54:4 wie a, ebia ɛbɛyɛ yɛn nwonwa sɛ saa ahyehyɛde a ahonhom abɔde na wɔwom no hyiaa animguase anaa ahohorabɔ a ɛte saa. Nkyekyem a edidi so no ka sɛ wɔbɛpa Onyankopɔn ‘bea’ no, obehu amane, na wɔatu no so sa. Onyankopɔn bo befuw no mpo. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a ɛte saa betumi afa ahyehyɛde a ahonhom abɔde a wɔyɛ pɛ a wɔnyɛɛ bɔne da na wɔwom no ho? Mmuae no gyina su a ɛwɔ abusua ntam so.

14 Yehowa de abusua mu nnipa—okunu ne ɔyere, ɛna ne mma—abusuabɔ kyerɛkyerɛ honhom fam nokware ahorow a emu dɔ mu efisɛ nnipa te nsɛnkyerɛnne a ɛtete saa no ase yiye. Ɛmfa ho sɛnea yɛn ankasa abusua tebea te no, ɛda adi sɛ yɛwɔ sɛnea ɛsɛ sɛ aware pa anaa awofo ne mma ntam abusuabɔ pa yɛ ho adwene bi. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛda adi pefee sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn sɛ ɔne n’asomfo a wɔyɛ ahonhom no wɔ abusuabɔ a ɔdɔ, biakoyɛ, ne ahotoso wom! Na hwɛ sɛnea ɛka koma sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ ne soro ahyehyɛde no dwen n’asefo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so no ho no! Sɛ nkoa a wɔyɛ nnipa no hu amane a, nkoa anokwafo a wɔwɔ soro no, “ɔsoro Yerusalem” no nso hu amane. Saa ara na Yesu kae sɛ: “Sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.”—Mateo 25:40.

15, 16. Dɛn ne Yesaia 54:5, 6 mmamu a edi kan, na dɛn ne ne mmamu kɛse no?

15 Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛm a wɔka kyerɛɛ Yehowa ‘bea’ a ɔwɔ soro no dodow no ara da adi wɔ nneɛma a ɛkɔ so wɔ ne mma a wɔwɔ asase so no mu. Susuw nsɛm yi ho hwɛ: “Wo kunu ne wo yɛfo, asafo [Yehowa, “NW”] ne ne din, na wo dimafo, Israel kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn. Na [Yehowa, “NW”] afrɛ wo sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw, sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ose.”—Yesaia 54:5, 6.

16 Hena ne ɔyere a wɔrekasa kyerɛ no wɔ ha yi? Wɔ ne mmamu a edi kan mu no, ɛyɛ Yerusalem, a egyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo. Wɔ mfirihyia 70 a wɔde kɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no mu no, wɔbɛte nka te sɛ nea Yehowa apo wɔn agyaw wɔn koraa. Wɔ ne mmamu kɛse mu no, nsɛm no fa “ɔsoro Yerusalem” ne ne suahu a ɛfa “aseni” no a awiei koraa ɔwo no ma Genesis 3:15 nya ne mmamu ho no ho.

Nteɛso Ketewaa Bi, Daa Nhyira

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn abufuw ‘bɛboro’ asase so Yerusalem so? (b) Dɛn na ‘ɛboroo’ “ɔsoro Yerusalem” mma no so?

17 Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Migyaw wo kakraa bi ketewa sɛ, nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano. Abufuw mmoroso mu na mede m’ani mihintaw wo kakraa bi, nanso mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ, wo dimafo [Yehowa, “NW”] na ose.” (Yesaia 54:7, 8) Onyankopɔn abufuw ‘bɛboro’ asase so Yerusalem so bere a Babilon asraafo tow hyɛ wɔn so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Mfirihyia 70 a ɔde bɛkɔ nnommumfa mu no bɛyɛ tenteenten wɔ n’ani so. Nanso, sɔhwɛ ahorow a ɛte saa no bɛyɛ ‘ketewaa bi,’ bere a wɔde toto daa nhyira a wɔn a wogye nteɛso no tom sɛnea ɛfata no benya ho no. Saa ara na “ɔsoro Yerusalem” no tee nka sɛ nneɛma aboro wɔn so, te sɛ nea Onyankopɔn abufuw abu afa wɔn so, bere a Yehowa maa kwan ma wɔbaa amammuifo ntua a na Babilon Kɛse no hyɛ akyi ase no. Nanso sɛ wɔde toto honhom fam nhyira a adi akyiri aba fi afe 1919 no ho a, hwɛ sɛnea akyiri yi nteɛso no yɛe sɛ bere tiaa mu ade!

18. Nnyinasosɛm a ɛho hia bɛn na yebetumi anya afi Yehowa abufuw a ɛba ne nkurɔfo so no mu, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi afa yɛn ankasa ho?

18 Saa nkyekyem yi da nokware titiriw foforo adi sɛ—Onyankopɔn abufuw twam, nanso ne mmɔborohunu tra hɔ daa. Ne bo fuw nnebɔne, nanso odi so bere nyinaa, na ɛyɛ nea ɛwɔ atirimpɔw bere nyinaa. Na sɛ yegye Yehowa nteɛso tom a, n’abufuw tra hɔ “kakraa bi,” na afei adwo. ‘N’ayamhyehye kɛse’—ne fafiri ne n’ayamye—besi ananmu. Eyinom tra hɔ “daa.” Ɛnde, sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase da sɛ yebenu yɛn ho na yɛahwehwɛ sɛ yebesiesie yɛne Onyankopɔn ntam. Sɛ bɔne no yɛ nea anibere wom a, ɛsɛ sɛ yekohu asafo mu mpanyimfo no ntɛm ara. (Yakobo 5:14) Ampa, ebia na ebehia sɛ wɔteɛ yɛn so, na ɛno betumi ayɛ nea ne gye yɛ den. (Hebrifo 12:11) Nanso, sɛ yɛde toto nhyira a ɛtra hɔ daa a efi bɔne fafiri a yebenya afi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn no ho a, nteɛso no bɛyɛ ketewaa bi!

19, 20. (a) Dɛn ne nyankontɔn apam no, na ɔkwan bɛn so na ɛfa nnommum a wɔwɔ Babilon no ho? (b) Awerɛhyem bɛn na ‘asomdwoe apam’ no ma Kristofo a wɔasra wɔn no nya nnɛ?

19 Afei Yehowa kyekye ne nkurɔfo werɛ: “Eyi yɛ me sɛ Noa nna no: sɛnea mekaa ntam sɛ Noa nsu no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo renhuru wo na merenteɛteɛ wo bio. Na mmepɔw betwiw akɔ na nkoko atutu, na m’adɔe de, ɛrentwe mfi wo so, na m’asomdwoe apam no rentutu, [Yehowa, “NW” ] a ne yam hyehye no ma wo no na ose.” (Yesaia 54:9, 10) Nsuyiri no akyi no, Onyankopɔn ne Noa ne akra a aka nyinaa yɛɛ apam—nea ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no nyankontɔn apam—no. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa wiase nyinaa nsuyiri mmɛsɛe asase nyinaa bio. (Genesis 9:8-17) Dɛn na ɛno kyerɛ ma Yesaia ne ne nkurɔfo no?

20 Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wobehu sɛ amanehunu a ɛbɛba wɔn so—mfirihyia 70 nnommumfa mu a wɔbɛkɔ wɔ Babilon no—bɛba pɛnkoro pɛ. Sɛ etwam a, ɛremma bio. Ɛno akyi no, Onyankopɔn ‘asomdwoe apam’ no na ɛbɛyɛ adwuma. Ɛnyɛ ɔko a enni hɔ nko na Hebri asɛmfua ma ‘asomdwoe’ no gyina hɔ ma, na mmom sɛ biribiara kɔ so yiye nso. Wɔ Onyankopɔn fam no saa apam yi yɛ nea ɛtra hɔ daa. Nkoko ne mmepɔw betutu akɔ ntɛm asen sɛ n’ayamye a ɔda no adi kyerɛ ne nkurɔfo anokwafo no bɛba awiei. Awerɛhosɛm ne sɛ, ne man a ɛwɔ asase so renni ɔfã a wɔwɔ wɔ apam no mu no so, na wɔnam Mesia no a wɔbɛpo no no so bɛsɛe wɔn ankasa asomdwoe. Nanso, “ɔsoro Yerusalem” no mma dii yiye. Bere a wɔn asotwe mmere a emu yɛ den no twaam no, wonyaa Onyankopɔn ahobammɔ ho bɔhyɛ.

Onyankopɔn Nkurɔfo Honhom Fam Ahobammɔ

21, 22. (a) Dɛn nti na wɔka “ɔsoro Yerusalem” ho asɛm sɛ mmɔboroni a ahum bɔɔ no? (b) Dɛn na tebea pa a Onyankopɔn ‘bea’ a ɔwɔ soro wom no bɛkyerɛ ama ‘n’asefo’ a wɔwɔ asase so no?

21 Yehowa kɔ so ka ne nkurɔfo anokwafo ahobammɔ ho asɛm sie sɛ: “Mmɔboroni a ahum bɔɔ wo a wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, hwɛ, me ara mede w’abo mɛtoto ntɔnkadubiri mu, na mede hoa abo mato wo nhyɛase, na mede bogya abo mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma abo mayɛ w’aponkɛse, ne wo nkurotia mu nyinaa abo afɛfɛ. Na wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa, “NW”] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso. Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo. Hwɛ, wɔpɛ wo atutuw, nso emfi me; nea osua wo so no, wo nti ɔbɛhwe ase.”—Yesaia 54:11-15.

22 Nanso, Yehowa ‘bea’ a ɔwɔ ahonhom atrae no nyɛɛ mmɔbɔ anaa ahum mmɔɔ no da. Nanso, ohuu amane bere a ‘n’asefo’ a wɔwɔ asase so huu amane, titiriw bere a na wɔwɔ honhom fam nnommum mu wɔ afe 1918-19 mu no. Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔsoro ‘bea’ no ani gye a, eyi da adi saa ara wɔ n’asefo mu. Ɛnde, susuw sɛnea wɔka “ɔsoro Yerusalem” ho asɛm wɔ akwan pii so no ho hwɛ. Sɛnea nhwehwɛmu nhoma bi ka no, aboɔden abo a wɔde ayɛ n’aponkɛse, “ntɔnkadubiri” a ne bo yɛ den, ne ne nkurotia mpo kyerɛ ade a “ɛyɛ fɛ, ɛhyerɛn, ɛyɛ kronkron, ɛwɔ ahoɔden, na etim hɔ pintinn.” Dɛn na ɛde Kristofo a wɔasra wɔn no bɛkɔ tebea a ahobammɔ ne nhyira wom saa mu?

23. (a) Nkɛntɛnso bɛn na kyerɛ a ‘Yehowa akyerɛkyerɛ’ Kristofo a wɔasra wɔn no anya wɔ wɔn so wɔ nna a edi akyiri yi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde ‘nkurotia mu abo afɛfɛ’ ahyira Onyankopɔn nkurɔfo?

23 Yesaia ti 54 nkyekyem 13 ma yehu ade koro—wɔn nyinaa bɛyɛ nkurɔfo a ‘Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.’ Yesu ankasa de saa nsɛm yi dii dwuma faa n’akyidifo a wɔasra wɔn no ho. (Yohane 6:45) Odiyifo Daniel ka siei sɛ wɔ “awiei bere” yi mu no, wɔn a wɔasra wɔn no benya nokware nimdeɛ ne honhom fam nhumu pii. (Daniel 12:3, 4) Nhumu a ɛte saa ama wɔatumi adi nkyerɛkyerɛ satu a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu no anim, na wɔde ɔsoro nkyerɛkyerɛ adu asase nyinaa so. (Mateo 24:14) Bere koro no ara mu no, nhumu a ɛte saa no aboa wɔn ma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ nokware som ne atoro som ntam. Yesaia 54:12 ka ‘nkurotia mu abo afɛfɛ’ ho asɛm. Efi afe 1919 reba no, Yehowa ama wɔn a wɔasra wɔn no anya nkurotia—honhom fam ahye—ho ntease pefee, na ama wɔada nsow afi atoro som wiase no mu nneɛma bɔne ho. (Hesekiel 44:23; Yohane 17:14; Yakobo 1:27) Enti, wɔada nsow sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ankasa.—1 Petro 2:9.

24. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn?

24 Enti, ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So Yehowa rekyerɛkyerɛ me?’ Yennya nkyerɛkyerɛ a ɛte saa kwa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm susuw ho daa, na sɛ yegye akwankyerɛ denam Bible ho nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim a yɛkenkan so, na yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow a, na Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn ampa. (Mateo 24:45-47) Sɛ yɛbɔ mmɔden de nea yesua di dwuma, na yɛkɔ so wɛn na yɛma yɛn ani da hɔ a, ɔsoro nkyerɛkyerɛ bɛma yɛada nsow koraa wɔ wɔn a wɔwɔ wiase bɔne no mu no ho. (1 Petro 5:8, 9) Nea ɛsen saa no, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛabɛn Onyankopɔn.’—Yakobo 1:22-25; 4:8.

25. Dɛn na asomdwoe ho bɔ a Onyankopɔn hyɛ no kyerɛ ma ne nkurɔfo wɔ nnɛ mmere yi mu?

25 Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ nso sɛ wɔn a wɔasra wɔn no wɔ asomdwoe pii. So eyi kyerɛ sɛ wontu wɔn so sa biara? Dabi, nanso Onyankopɔn ma wɔn awerɛhyem sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ntua a ɛte saa bɛba, na saa ara na ɔremma ɛnyɛ yiye. Yɛkenkan sɛ: “Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfo a ohu gyaagya mu na ɔbɔ akode sɛ ne dwuma te, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe. Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne [Yehowa, “NW” ] nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, [Yehowa, “NW” ] asɛm ni.”—Yesaia 54:16, 17.

26. Dɛn nti na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa ne adesamma nyinaa Bɔfo?

26 Eyi ne nea ɛto so abien a Yehowa akae ne nkoa sɛ ɔne Ɔbɔadeɛ wɔ Yesaia ti yi mu. Odi kan ka kyerɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so yere no sɛ ɔne ne ‘Yɛfo Kɛse’ no. Afei ɔka sɛ ɔne adesamma nyinaa Bɔfo. Wɔ nkyekyem 16 no, ɔka ɔtomfo a ɔrehu ne gyaagya mu bere a ɔreyɛ n’akode a ɔde sɛe ade ne ɔkofo, ‘ɔsɛefo a ɔreyɛ ɔsɛe adwuma’ no ho asɛm. Nnipa a wɔte saa betumi ayɛ biribi de ayi wɔn mfɛfo nnipa hu, nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobegyina wɔn ankasa Bɔfo anim? Enti ɛnnɛ, sɛ wiase yi mu atumfoɔ a wɔyɛ den sen biara mpo tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, wɔrenni nkonim da. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa?

27, 28. Dɛn ho na yebetumi anya awerɛhyem wɔ mmere a emu yɛ den yi mu, na dɛn nti na yenim sɛ Satan ntua a ɔde ba yɛn so no renyɛ yiye?

27 Bere a wɔtow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn som a wɔsom honhom ne nokware mu so no atwam. (Yohane 4:23, 24) Yehowa maa Babilon Kɛse no tow hyɛɛ wɔn so biako, na wodii nkonim. Bere tiaa bi mu no, “ɔsoro Yerusalem” hui sɛ wɔmaa n’asefo kaa wɔn ano toom wiei ara ne sa, bere a ɛkame ayɛ sɛ wogyaee asɛnka adwuma no wɔ asase so no. Ɛremma saa bio! Mprempren odi ne mma ho ahurusi, efisɛ wɔ honhom fam no, wɔyɛ nkurɔfo a wontumi nni wɔn so nkonim. (Yohane 16:33; 1 Yohane 5:4) Oo, wɔabɔ akode atia wɔn, na wɔbɛbɔ pii aka ho. (Adiyisɛm 12:17) Nanso eyinom nyɛɛ yiye na ɛrenyɛ yiye. Satan nni akode biara a ebetumi adi wɔn a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no gyidi ne wɔn nsiyɛ a emu yɛ den no so. Saa honhom fam asomdwoe yi yɛ ‘Yehowa nkoa agyapade,’ enti obiara ntumi nhyɛ wɔn nnye mfi wɔn nsam.—Dwom 118:6; Romafo 8:38, 39.

28 Dabi, biribiara nni hɔ a Satan wiase yi betumi ayɛ a ɛbɛma Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so no agyae wɔn adwuma ne ɔsom kronn a ɛtra hɔ daa no. “Ɔsoro Yerusalem” no asefo a wɔasra wɔn no anya awerɛkyekye kɛse wɔ saa bɔhyɛ no mu. Nnipakuw kɛse no mufo nso ayɛ saa ara. Dodow a yehu Yehowa soro ahyehyɛde no ne sɛnea ɛne n’asomfo a wɔwɔ asase so di no yiye no, dodow no ara na yɛn gyidi bɛyɛ den. Bere tenten a yɛn gyidi yɛ den no, Satan akode no renyɛ yiye wɔ ko a ɔko tia yɛn no mu!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Sɛnea Adiyisɛm 12:1-17 kyerɛ no, wohyiraa Onyankopɔn ‘bea’ no kɛse denam “aseni” a ne ho hia sen biara a ɔwoo no no so—ɛnyɛ honhom mu ba bi, na mmom Mesia Ahenni a ɛwɔ soro no. Saa awo yi sii wɔ afe 1914 mu. (Hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, nkratafa 177-86.) Yesaia nkɔmhyɛ no de adwene si anigye a onya esiane Onyankopɔn nhyira a ne mma a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nya no nti so.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 218, 219]

Abraham Abusua No—Nkɔmhyɛ Kwan so Mfonini

Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Abraham abusua no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so mfatoho, na ɛyɛ Yehowa ne ne soro ahyehyɛde no ne asase so man Israel a na ɛwɔ Mose Mmara apam no ase no ntam abusuabɔ ho nkɔmhyɛ kwan so mfonini.—Galatifo 4:22-31.

Abraham, sɛ́ abusua ti no, na ogyina hɔ ma Yehowa Nyankopɔn. Ɔpɛ a na Abraham wɔ sɛ ɔde ne dɔba Isak bɛbɔ afɔre no yɛ ɔpɛ a na Yehowa wɔ sɛ ɔde n’ankasa Dɔba bɛbɔ afɔre ama adesamma bɔne no ho mfonini.—Genesis 22:1-13; Yohane 3:16.

Sara yɛ Onyankopɔn soro “yere,” n’ahyehyɛde a honhom abɔde na wɔwom no ho mfonini. Wɔka ɔsoro ahyehyɛde no ho asɛm sɛ Yehowa yere ma ɛfata, efisɛ ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, na ɔbrɛ ne ho ase ma ne tiyɛ, na ɔne no yɛ biako koraa ma n’atirimpɔw ahorow bam. Wɔsan frɛ no “ɔsoro Yerusalem.” (Galatifo 4:26) “Ɔbea” koro no ara na wɔka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no, na wɔyɛ no ho mfonini wɔ anisoadehu mu wɔ Adiyisɛm 12:1-6, 13-17.

Isak yɛ Onyankopɔn bea no honhom fam Aseni no ho mfonini. Ne titiriw no, ogyina hɔ ma Yesu Kristo. Nanso, Kristo nuanom a wɔasra wɔn no, wɔn a wɔayɛ wɔn honhom mu mma na wɔabɛyɛ Kristo yɔnko adedifo no nso bɛkaa aseni no ho.—Romafo 8:15-17; Galatifo 3:16, 29.

Hagar, Abraham yere a ɔto so abien, anaa ne yefam no, yɛ afenaa. Ɔyɛ asase so Yerusalem, baabi a Mose Mmara apam no yɛɛ adwuma ma ɛdaa adi sɛ wɔn a wɔhyɛ ase nyinaa yɛ bɔne ne owu nkoa no ho mfonini ma ɛfata no. Paulo kae sɛ “Hagar ne Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia” no, efisɛ ɛhɔ na wɔhyehyɛɛ Mmara apam no.—Galatifo 3:10, 13; 4:25.

Ismael, Hagar ba no, yɛ afeha a edi kan no mu Yudafo, Yerusalem a na ɛda so wɔ nkoasom mu wɔ Mose Mmara ase no mma ho mfonini. Sɛnea Ismael taa Isak no, saa ara na Yudafo no taa Kristofo a na wɔyɛ sɛnkyerɛnne kwan so Sara, “ɔsoro Yerusalem” no, mma a wɔasra wɔn no. Na sɛnea Abraham pam Hagar ne Ismael no, saa ara na Yehowa too Yerusalem ne ne mma atuatewfo no gui.—Mateo 23:37, 38.

[Mfonini wɔ kratafa 220]

Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, wɔde honhom kronkron sraa no, na Yesaia 54:1 fii ase nyaa ne mmamu a ɛho hia sen biara

[Mfonini wɔ kratafa 225]

Yehowa yii n’ani hintaw Yerusalem “kakraa bi”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 230]

So ɔkofo ne ɔtomfo betumi ne wɔn Bɔfo adi asi?