Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Diyifo De Hann Brɛ Adesamma

Onyankopɔn Diyifo De Hann Brɛ Adesamma

Ti Biako

Onyankopɔn Diyifo De Hann Brɛ Adesamma

1, 2. Ɛnnɛyi nsɛm tebea bɛn na ɛma nnipa pii ho yeraw wɔn kɛse?

YƐTE bere bi a ɛte sɛ nea onipa nsa betumi aka biribiara mu. Ahunmu akwantu, kɔmputa ho nimdeɛ, awosu mu nneɛma mu nsakrae, ne nyansahu mu nimdeɛ foforo abue nneɛma foforo ho kwan ama adesamma, na ama wɔanya asetra pa—ne ebia nkwa tenten mpo—ho anidaso.

2 So nkɔso a ɛtete saa no ama woayiyi wo dan ano nsafe ne nkrado? So wɔayi ɔko ho hu afi hɔ? So wɔasa nyarewa anaa wɔayi awerɛhow a ɔdɔfo bi wu de ba no afi hɔ? Dabida! Onipa nkɔso wɔ anohyeto, ɛmfa ho sɛnea ɛda nsow no. Worldwatch Institute amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Yɛatumi ahu sɛnea yɛkɔ ɔsram so, de nneɛma nketenkete ayɛ anyinam ahoɔden mfiri a ɛwɔ ahoɔden, ne sɛnea yɛde onipa awosu mu nneɛma ma onipa foforo. Nanso yentumi mmaa nnipa ɔpepepem biako nsu pa, nsiw abɔde a nkwa wom mpempem pii a wɔn ase retɔre no ano, anaasɛ yentumi nnii anyinam ahoɔden ne tumi afoforo a yehia de ayɛ yɛn nnwuma no ho dwuma bere a yɛnsɛe wim tebea.” Sɛnea ntease wom no, nnipa pii de ahoyeraw na ɛhwɛ daakye kwan, a wonnim baabi a wɔbɛdan akɔhwehwɛ awerɛkyekye ne anidaso.

3. Na tebea no te dɛn wɔ Yuda wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. no mu?

3 Tebea a yɛwom nnɛ no te sɛ nea na Onyankopɔn nkurɔfo wom wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no. Saa bere no, Onyankopɔn maa ne somfo Yesaia de awerɛkyekyesɛm brɛɛ Yudafo a na nea wohia ara ne awerɛkyekye no. Basabasayɛ sii ɔman no mu. Na ɛrenkyɛ na Asiria Ahemman atirimɔdenfo no asɛe ɔman no, na na ama ehu aka nnipa pii. Ɛhe na na Onyankopɔn nkurɔfo betumi adan akɔ akɔhwehwɛ ogye? Ná Yehowa din da wɔn ano, nanso wɔpawee sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa so mmom.—2 Ahene 16:7; 18:21.

Hann a Ɛhyerɛn Wɔ Sum Mu

4. Nsɛm a ɛbɔ ho abien bɛn na wɔhyɛɛ Yesaia sɛ ɔmmɔ ho dawuru?

4 Esiane Yuda atuatew nti, na wɔbɛsɛe Yerusalem, na na wɔbɛfa Yudafo nnommum akɔ Babilon. Yiw, na bere a enye reba. Yehowa maa ne diyifo Yesaia kaa amanehunu bere yi ho asɛm siei, nanso Ɔsan ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ asɛmpa ho dawuru. Sɛ Yudafo no kɔ nnommumfa mu wɔ Babilon mfirihyia 70 akyi a, na wobegyaa wɔn! Na nkaefo bi a wɔwɔ anigye bɛsan aba Sion na wɔanya hokwan asan de nokware som asi hɔ. Yehowa nam ne diyifo no so kaa anigyesɛm yi maa hann hyerɛn esum no mu.

5. Dɛn nti na Yehowa dii kan yii n’atirimpɔw adi bere tenteenten saa?

5 Yesaia kyerɛw ne nkɔmhyɛ no akyi bɛboro mfirihyia ɔha ansa na wɔresɛe Yuda. Ɛnde, dɛn nti na Yehowa dii kan daa n’atirimpɔw adi bere tenteenten saa? Bere a nkɔmhyɛ ahorow no baa mu no, so na wɔn a wɔtee Yesaia dawurubɔ no ankasa no nwuwui dedaadaw? Ɛte saa. Nanso, esiane nsɛm a Yehowa yii no adi kyerɛɛ Yesaia no nti, na wɔn a wɔte ase wɔ Yerusalem sɛe mu wɔ afe 607 A.Y.B. mu no wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no ho kyerɛwtohɔ. Na eyi bɛyɛ adanse a edi mũ sɛ Yehowa ne ‘nea ofi mfiase ka awiei asɛm, na ofi tete mmere no ka nea wɔnyɛe.’—Yesaia 46:10; 55:10, 11.

6. Akwan bɛn so na Yehowa korɔn sen nnipa a wɔka nea ɛbɛba daakye ho nsɛm no nyinaa?

6 Yehowa nkutoo na obetumi aka biribi a ɛte saa ma afata. Amammuisɛm anaa sɛnea asetra te so na ebia onipa betumi agyina aka nea ɛbɛba daakye a enni akyiri ho asɛm. Nanso, Yehowa nkutoo na obetumi ahu nea ɛbɛba bere biara, daakye a ɛwɔ akyirikyiri mpo, ho nsɛm nyinaa. Obetumi ama n’asomfo nso atumi aka nsɛm a ebesisi ho asɛm asie bere tenten ansa na aba. Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”—Amos 3:7.

“Yesaia” Ahorow Ahe?

7. Ɔkwan bɛn so na nhomanimfo pii agye nea ɔkyerɛw Yesaia nhoma no ho kyim, na dɛn ntia?

7 Nkɔmhyɛ ho asɛm yɛ ade biako a enti nhomanimfo pii gye nea ɔkyerɛw Yesaia nhoma no ho kyim no. Saa akasatiafo yi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu, wɔ Babilon nnommumfa no mu anaa ɛno akyi na ɔkyerɛw nhoma no fã a etwa to no. Sɛnea wɔkyerɛ no, Yuda sɛe ho nkɔmhyɛ ahorow no baa mu ansa na wɔrekyerɛw, enti ɛnyɛ nkɔmhyɛ ankasa. Saa akasatiafo yi ka nso sɛ ti 40 akyi no, Yesaia nhoma no ka nsɛm te sɛ nea na Babilon redi tumi na Israelfo no wɔ nnommumfa mu no. Enti, wɔka sɛ nea ɔkyerɛw Yesaia fã a etwa to no kyerɛw no saa bere no—wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu. So nsusuwii a ɛte saa wɔ nnyinasosɛm titiriw bi? Dabida!

8. Bere bɛn na wofii ase gyee nea ɔkyerɛw Yesaia nhoma no ho kyim, na ɛyɛɛ dɛn na ɛtrɛwee?

8 Efi afeha a ɛto so 12 Y.B. reba yi ara na wofii ase gyee nea ɔkyerɛw Yesaia nhoma no ho kyim. Yudani sɛnkyerɛwfo Abraham Ibn Ezra na ɔyɛɛ eyi. Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Wɔ asɛm a [Abraham Ibn Ezra] ka faa Yesaia nhoma ho mu no, ɔka sɛ ɔfã a ɛto so abien, fi ti 40 rekɔ no, yɛ odiyifo bi a ɔtraa ase wɔ Babilon Nnommumfa bere mu ne bere a Wɔsan baa Sion no mfiase mu na ɔkyerɛwee.” Wɔ afeha 18 ne 19 mu no, nhomanimfo dodow bi gyee Ibn Ezra nsusuwii no toom a na Johann Christoph Doederlein, Germanni nyamekyerɛfo a otintim Yesaia nhoma no ho nkyerɛkyerɛmu wɔ afe 1775, ne nea ɛto so abien wɔ afe 1789 mu no, ka ho. New Century Bible Commentary ka sɛ: “Wɔn a wokura tetefo adwene paa akyi no, nhomanimfo dodow no ara na wogye nkyerɛkyerɛmu a Doederlein de too gua no tom nnɛ . . . sɛ ɛnyɛ Yesaia a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe no mu no na ɔkyerɛw nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia nhoma no ti 40-66 no, na mmom obi foforo na ɔkyerɛw no akyiri yi.”

9. (a) Wɔakyekyɛ Yesaia nhoma no mu dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible ho sɛnkyerɛwfo bi bɔ akyinnye a ɛfa sɛ ebia Yesaia na ɔkyerɛw nhoma no anaa ɛnte saa no mua?

9 Nanso, nea ɔkyerɛw Yesaia nhoma no ho akyinnyegye no anso hɔ ara. Yesaia a ɔto so abien—anaa Deutero-Yesaia—ho nkyerɛkyerɛ no de adwene bae sɛ ebetumi aba sɛ ɔkyerɛwfo a ɔto so abiɛsa bi kyerɛw bi. * Afei wɔkɔɔ so kyekyɛɛ Yesaia nhoma no mu bio, ma enti nhomanimfo bi kae sɛ odiyifo bi a wonnim no na ɔkyerɛw ti 15 ne 16 no, na ɔfoforo nso gyee nea ɔkyerɛw ti 23 kosi 27 ho kyim. Ɔfoforo nso ka sɛ entumi mma sɛ Yesaia na ɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ ti 34 ne 35 no. Dɛn ntia? Efisɛ ɛhɔ nsɛm no ne ti 40 kosi 66 a wɔadi kan aka sɛ ɛnyɛ Yesaia a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe mu na ɔkyerɛwee no di nsɛ paa! Bible ho sɛnkyerɛwfo Charles C. Torrey bɔ nea efii saa nsusuwii yi mu bae no mua. Ɔka sɛ: “‘Odiyifo a ɔwɔ Nnommumfa mu’ a bere bi na odi mu no abɛyɛ obi a ne ho nhia koraa, na wɔreyɛ akata no so koraa.” Nanso, ɛnyɛ nhomanimfo nyinaa na wogye Yesaia nhoma no a wɔkyekyem no tom.

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Ɛwɔ Ɔkyerɛwfo Biako

10. Ma sɛnea nsɛm koro a wɔde dii dwuma no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔkyerɛwfo biako na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no ho nhwɛso biako.

10 Ntease a emu yɛ den wɔ hɔ a ɛbɛma yɛatumi aka sɛ ɔkyerɛwfo biako pɛ na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no. Adanse biako ne nsɛm koro a ɔde di dwuma no. Sɛ nhwɛso no, asɛm “Israel kronkronni” no, pue mpɛn 12 wɔ Yesaia ti 1 kosi 39 ne mpɛn 13 wɔ Yesaia ti 40 kosi 66, nanso saa asɛm yi a wɔka fa Yehowa ho no pue mpɛn 6 pɛ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a aka no nyinaa mu. Asɛm a wɔntaa mfa nni dwuma a wɔde dii dwuma mpɛn pii no kyerɛ sɛ obiakofo na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no.

11. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Yesaia ti 1 kosi 39 ne ti 40 kosi 66?

11 Nsɛdi foforo wɔ Yesaia ti 1 kosi 39 ne ti 40 kosi 66 mu. Wɔde kasakoa koro a ɛda nsow, te sɛ ɔbea a ɔreko awo ne “ɔkwan” anaa “tempɔn” di dwuma wɔ afanu no nyinaa. * Wɔtaa twe adwene si “Sion,” asɛm a wɔde di dwuma mpɛn 29 wɔ ti 1 kosi 39, ne mpɛn 18 wɔ ti 40 kosi 66, so nso. Nokwarem no, wɔtwe adwene si Sion so wɔ Yesaia nhoma no mu sen Bible mu nhoma foforo biara! The International Standard Bible Encyclopedia ka sɛ adanse a ɛtete saa “ma nhoma no yɛ soronko, na ɛma ɛyɛ den sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ mu” sɛ akyerɛwfo baanu, baasa, anaa nea ɛboro saa na wɔkyerɛw nhoma no.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɔkyerɛwfo biako na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no?

12 Yehu adanse a emu yɛ den sen biara a ɛkyerɛ sɛ ɔkyerɛwfo biako pɛ na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Eyinom kyerɛ pefee sɛ na afeha a edi kan no mu Kristofo no gye di sɛ obiakofo na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no. Sɛ nhwɛso no, Luka ka Etiopiani piani a na ɔrekenkan ade ho asɛm wɔ nea ɛnnɛ yenim sɛ ɛwɔ Yesaia ti 53 no, ɔfã a ɛnnɛyi akasatiafo kyerɛ sɛ Deutero-Yesaia na ɔkyerɛwee no. Nanso, Luka ka sɛ na Etiopiani no “rekan odiyifo Yesaia nhoma.”—Asomafo no Nnwuma 8:26-28.

13 Afei susuw Asɛmpa kyerɛwfo Mateo, a ɔkyerɛ sɛnea Yohane Osuboni no maa nkɔmhyɛ nsɛm a ɛnnɛ yehu wɔ Yesaia 40:3 nyaa mmamu, no ho hwɛ. Hena na Mateo kae sɛ ɔhyɛɛ nkɔm no? So ɛyɛ Deutero-Yesaia bi a wonnim no? Dabi, ɔka sɛ ɔkyerɛwfo no ne “odiyifo Yesaia.” * (Mateo 3:1-3) Bere foforo no, Yesu kenkan nhoma mmobɔwee no mu nsɛm a ɛnnɛ yehu wɔ Yesaia 61:1, 2 no. Bere a Luka reka ho asɛm no, ose: “Wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa.” (Luka 4:17) Paulo ka Yesaia nhoma no mfiase ne awiei nyinaa mu nsɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu, nanso wanka biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ onipa biako, Yesaia koro no ara na ɔkyerɛw ne nyinaa. (Romafo 10:16, 20; 15:12) Ɛda adi pefee sɛ na afeha a edi kan Kristofo no nnye nni sɛ nnipa baanu, baasa, anaa nea ɛboro saa na wɔkyerɛw Yesaia nhoma no.

14. Ɔkwan bɛn so na Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no ma yɛte Yesaia nhoma no kyerɛwfo ho asɛm no ase?

14 Susuw Po a Awu Nhoma Mmobɔwee—tete kyerɛwtohɔ a emu pii wɔ hɔ a wɔkyerɛwee ansa na Yesu reba—no nso ho hwɛ. Wɔkyerɛw nsaano nkyerɛwee no mu biako a wɔfrɛ no Yesaia Nhoma Mmobɔwee no wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu, na ɛbɔ akasatiafo asɛm a wɔka sɛ Deutero-Yesaia na ɔtoaa Yesaia nhoma no kyerɛw so fi ti 40 no gu. Ɔkwan bɛn so? Wɔ tete nkyerɛwee yi mu no, nea yenim nnɛ sɛ ti 40 no fi ase wɔ ɔfã bi ase koraa, na ɔkasamu a edi kan no kowie wɔ ɔfã foforo mu. Ɛda adi pefee sɛ na nea ɔhwɛɛ so kyerɛwee bi no nnim ɔkyerɛwfo a ɛsesae, anaa nhoma no a wɔkyɛɛ mu wɔ saa beae no ho hwee.

15. Dɛn na afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus ka fa Yesaia nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Kores ho no ho?

15 Nea edi akyiri koraa no, susuw afeha a edi kan mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus adanse no ho hwɛ. Ɛnyɛ kyerɛ nko na ɔkyerɛ sɛ wɔkyerɛw Yesaia nhoma no mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Kores ho no wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu, na mmom ɔka nso sɛ na Kores nim saa nkɔmhyɛ ahorow yi. Josephus kyerɛw sɛ: “Kores nam nkɔmhyɛ nhoma a Yesaia kyerɛw too hɔ mfirihyia ahanu ne du a na atwam no a ɔkenkanee so na ehuu saa nneɛma yi.” Sɛnea Josephus kyerɛ no, nim a na Kores nim saa nkɔmhyɛ ahorow yi nti na ɛbɛyɛ sɛ ɔpɛe sɛ ɔma Yudafo no san kɔ wɔn kurom no, efisɛ Josephus kyerɛwee sɛ Kores “nyaa ɔpɛ ne nsi a emu yɛ den sɛ ɔbɛyɛ nea wɔakyerɛw no.”—Jewish Antiquities, Nhoma XI, ti 1, nkyekyem 2.

16. Dɛn na yebetumi aka wɔ akasatiafo asɛm a ɛne sɛ wɔka Babilon ho asɛm sɛ tumi a ɛwɔ hɔ wɔ Yesaia nhoma no fã a etwa to mu no ho?

16 Sɛnea yɛadi kan aka no, akasatiafo pii ka sɛ efi Yesaia ti 40 rekɔ no, wɔka Babilon ho asɛm sɛ tumi a ɛwɔ hɔ, na wɔka Israelfo ho asɛm sɛnea wɔwɔ nnommumfa mu dedaw. So eyi nkyerɛ sɛ ɔkyerɛwfo no traa ase wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu? Ɛnte saa ankasa. Nokwasɛm ne sɛ ansa na yebedu Yesaia ti 40 mpo no, ɛtɔ mmere bi a wɔka Babilon ho asɛm sɛ wiase tumidi a ɛwɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesaia 13:19 no, wɔfrɛ Babilon sɛ “ahenni mu kunini,” anaa sɛnea Today’s English Version ka no no, “ahenni a ɛyɛ fɛ sen biara.” Saa nsɛm yi yɛ nkɔmhyɛ, efisɛ Babilon ammɛyɛ wiase tumi kosii bɛboro afeha biako akyi. Ɔkasatiafo bi “twa” nea wɔfrɛ no ɔhaw yi so denam ka a ɔka kɛkɛ sɛ ɔkyerɛwfo foforo na ɔkyerɛw Yesaia 13 no so! Nanso, nokwarem no, wɔtaa ka nsɛm a ebesisi daakye ho asɛm te sɛ nea asisi dedaw wɔ Bible nkɔmhyɛ mu. Saa kwan yi si sɛnea nkɔmhyɛ bi benya mmamu so dua yiye. (Adiyisɛm 21:5, 6) Nokwarem no, Onyankopɔn a ɔhyɛ nokware nkɔm no nkutoo na obetumi aka asɛm yi: “Nneɛma foforo na merekyerɛ ennya mfii yi merema moate.”—Yesaia 42:9.

Nkɔmhyɛ Nhoma a Wotumi De Ho To So

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ Yesaia ti 40 rekɔ ne nkae no mu no mu?

17 Afei, dɛn na adanse no ma ɛda adi? Ɛne sɛ ɔkyerɛwfo biako na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no. Wɔagye atom mfehaha pii sɛ onipa biako na ɔkyerɛw nhoma yi, ɛnyɛ baanu anaa nea ɛboro saa. Ɛwom sɛ ebia ebinom bɛka sɛ nsonsonoe kakra wɔ sɛnea wɔkyerɛw Yesaia nhoma no ti 40 rekɔ no ne nkae no mu de. Nanso, kae sɛ Yesaia somee sɛ Onyankopɔn diyifo bɛyɛ mfirihyia 46. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ nsakrae bɛba n’asɛm no mu saa bere no, na ɛno bɛma sɛnea ɔka n’asɛm no asesa. Nokwarem no, ɛnyɛ atemmu a emu yɛ den ho kɔkɔbɔ nko na Onyankopɔn de maa Yesaia sɛ ɔmmɔ no dawuru. Na ɛsɛ sɛ ɔka Yehowa nsɛm yi nso: “Monkyekye, monkyekye me man werɛ.” (Yesaia 40:1) Nokwarem no, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ Yudafo mfirihyia 70 nnommumfa akyi no, wɔbɛsan aba wɔn kurom no bɛkyekye ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no werɛ.

18. Dɛn ne Yesaia nhoma no mu asɛmti a yebesusuw ho wɔ nhoma yi mu no?

18 Gye a wogyee Yudafo no fii Babilon nnommumfa mu no ne Yesaia ti ahorow pii a yɛaka ho asɛm wɔ nhoma yi mu no asɛmti. * Sɛnea yebehu no, saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu dodow bi benya ne nnɛyi mmamu. Afei nso, yehu nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛfa Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no asetra—ne ne wu—ho wɔ Yesaia nhoma no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne afoforo a wɔwɔ wiase nyinaa sua Yesaia nhoma no mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛho hia no a, ɛbɛboa wɔn. Nokwarem no, saa nkɔmhyɛ ahorow yi yɛ hann ma adesamma nyinaa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Nhomanimfo frɛ ɔkyerɛwfo a ɔto so abiɛsa a wɔkyerɛ sɛ ɔno na ɔkyerɛw ti 56 kosi 66 no Trito-Yesaia.

^ nky. 13 Wɔ kyerɛwtohɔ a ɛte saa ara mu no, Marko, Luka, ne Yohane de nsɛm koro no di dwuma.—Marko 1:2; Luka 3:4; Yohane 1:23.

^ nky. 18 Wɔaka Yesaia nhoma no ti 40 a edi kan no ho asɛm wɔ Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 9]

Adanse a Wɔanya Afi Kasa Mu Nsakrae Ho Nhwehwɛmu Mu

Kasa mu nsakrae ho adesua—a wɔnam so yɛ nsakrae nketenkete a ɛba kasa mu mfirihyia pii mu nhwehwɛmu—de adanse foforo ama sɛ ɔkyerɛwfo biako na ɔkyerɛw Yesaia nhoma no. Sɛ wɔkyerɛw Yesaia nhoma no fã biako wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu, ɛnna wɔkyerɛw ɔfã foforo wɔ mfirihyia 200 akyi a, anka ɛsɛ sɛ nsonsonoe ba Hebri kasa a wɔde dii dwuma wɔ afã no biara mu. Nanso, sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a wotintim no Westminster Theological Journal mu kyerɛ no, “adanse a wɔanya afi kasa mu nsakrae ho nhwehwɛmu mu no foa so kɛse sɛ wɔkyerɛw Yesaia 40-66 ansa na Yudafo no rekɔ nnommumfa mu.” Nhomakyerɛwfo a ɔyɛɛ saa nhwehwɛmu no de ba awiei sɛ: “Sɛ nhomanimfo akasatiafo kɔ so ka sɛ wɔkyerɛw Yesaia nhoma no wɔ bere a wɔde Yudafo no rekɔ nnommumfa mu anaa wɔde wɔn kɔe akyi a, ɛnde na wɔreka saa de abu wɔn ani agu adanse a wɔanya afi kasa mu nsakrae ho nhwehwɛmu mu no so.”

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Ɛpo a Awu mu Yesaia Nhoma Mmobɔwee no fã. Ti 39 awiei na wɔde ahyɛnsode akyerɛ no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12, 13]

Yesaia di kan ka Yudafo ahofadi ho asɛm sie bɛyɛ mfirihyia 200