Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Trenee Fifi Wɔ Sion

Trenee Fifi Wɔ Sion

Ti Aduonu Abien

Trenee Fifi Wɔ Sion

Yesaia 61:1-11

1, 2. Nsakrae bɛn na na ɛrebɛba Israel, na hena na na ɔde eyi bɛba?

MOMMƆ ahofadi ho dawuru! Ná Yehowa asi ne bo sɛ obegye ne nkurɔfo na wasan de wɔn akɔ wɔn agyanom asase so. Te sɛ aba a efifi bere a osu tɔ nkakrankakra no, saa ara na na nokware som bɛsɔre bio. Sɛ saa da no du a, ayeyi besi abasamtu ananmu, na Onyankopɔn de anisɔ abotiri abɔ wɔn a na anka awerɛhow nsõ ahura wɔn ti ho no.

2 Hena na ɔde nsakrae a ɛyɛ nwonwa yi bɛba? Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ biribi a ɛte saa. (Dwom 9:19, 20; Yesaia 40:25) Odiyifo Sefania hyɛɛ nkɔm sɛ: “To ahurusi dwom, Sion babea, bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na fa koma nyinaa di ahurusi, Yerusalem babea. [Yehowa, NW] ayi w’atemmude no kɔ, watow w’atamfo agu; [Yehowa, NW], Israel hene wɔ wo mu, worenhu amane bio.” (Sefania 3:14, 15) Hwɛ anigye bere ara a na ɛbɛyɛ! Sɛ na Yehowa boaboa nkaefo a wɔasan agye wɔn no ano fi Babilon wɔ afe 537 A.Y.B. mu a, na ɛbɛyɛ wɔn sɛ dae a abam.—Dwom 126:1.

3. Mmamu ahorow bɛn na nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 61 no nyae?

3 Wɔkaa sanba yi ho asɛm siei wɔ Yesaia ti 61. Nanso, bere a saa nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu pefee wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, enyaa ne mmamu kɛse akyiri yi. Ne mmamu kɛse no fa Yesu ne n’akyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no ne nnɛyi Yehowa nkurɔfo ho. Ɛnde, hwɛ sɛnea nsɛm a efi honhom mu yi ho hia!

“Anisɔ Afe”

4. Hena na wɔmaa no ahyɛde sɛ ɔnka asɛmpa a ɛwɔ Yesaia 61:1 no mmamu a edi kan no nkyerɛ, na nea ɛto so abien no nso ɛ?

4 Yesaia kyerɛwee sɛ: [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ [Yehowa, “NW”] asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo.” (Yesaia 61:1) Hena na wɔmaa no ahyɛde sɛ ɔnka asɛmpa no? Nea edi kan no, ɛda adi sɛ Yesaia na Onyankopɔn de honhom kaa no ma ɔyɛɛ asɛmpa no ho kyerɛwtohɔ maa nnommum a na wɔwɔ Babilon no. Nanso, Yesu daa ne mmamu a ɛho hia sen biara no adi bere a ɔde Yesaia nsɛm no dii dwuma kaa n’ankasa ho asɛm no. (Luka 4:16-21) Yiw, wɔsomaa Yesu sɛ ɔmmɛka asɛmpa no nkyerɛ ahobrɛasefo, na ɛno nti na wɔde honhom kronkron sraa no bere a wɔbɔɔ no asu no.—Mateo 3:16, 17.

5. Henanom na wɔaka asɛmpa no bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni?

5 Afei nso, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ asɛmpakafo. Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, wohwiee honhom kronkron guu saafo no mu bɛyɛ 120 so, na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu mma. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 14-42; Romafo 8:14-16) Wɔmaa wɔn nso ahyɛde sɛ wɔnka asɛmpa no nkyerɛ ahobrɛasefo ne wɔn a wɔn koma abubu. Saa nnipa 120 no ne 144,000 no mufo a wodi kan a wɔsraa wɔn wɔ saa kwan yi so. Saa kuw yi mufo a wotwa to no da so reyɛ adwuma denneennen wɔ asase so nnɛ. Enti, Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no adi “Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi” ho adanse bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni.—Asomafo no Nnwuma 20:21.

6. Henanom na asɛmpa no a wɔkaa no tete mmere mu no maa wɔn ho tɔɔ wɔn, na ɛnnɛ nso ɛ?

6 Yesaia nkrasɛm a efi honhom mu no maa Yudafo a na wɔanu wɔn ho wɔ Babilon no nyaa ahotɔ. Wɔ Yesu ne n’asuafo no bere so no, ɛmaa Yudafo a na abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ Israel no ama wɔn koma abubu na wɔayɛ mmɔbɔmmɔbɔ wɔ afeha a edi kan no Yudasom mu atoro atetesɛm nnommumfa mu no ho tɔɔ wɔn. (Mateo 15:3-6) Ɛnnɛ Kristoman abosonsom amanne ne atetesɛm a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no asum nnipa ɔpepem pii afiri ma “wosisi apini” di akyide a wɔyɛ wɔ nyamesom mu no ho “nkɔmmɔ.” (Hesekiel 9:4) Wogye wɔn a wotie asɛmpa no fi tebea a ɛyɛ awerɛhow no mu. (Mateo 9:35-38) Sɛ wosua sɛnea wɔsom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu” a, wɔn ntease aniwa bue yiye.—Yohane 4:24.

7, 8. (a) Dɛn ne ‘anisɔ mfe’ abien no? (b) Dɛn ne Yehowa ‘aweredi nna’ no?

7 Bere nhyehyɛe wɔ hɔ ma asɛmpaka adwuma no. Wɔmaa Yesu ne n’akyidifo no ahyɛde sɛ: ‘Wɔmpae Yehowa anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; wɔnkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ (Yesaia 61:2) Afe yɛ bere tenten, nanso ɛwɔ mfiase ne awiei. Yehowa “anisɔ afe” no ne bere a ɔma ahobrɛasefo nya hokwan de yɛ n’ahofadi ho dawurubɔ no ho biribi.

8 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yuda man no anisɔ afe no fii ase wɔ afe 29 Y.B. mu, bere a Yesu fii n’asase so som adwuma no ase no. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Saa anisɔ afe no traa hɔ kosii Yehowa “aweredi da” a ɛbaa awiei wɔ afe 70 Y.B. mu, bere a Yehowa maa Roma asraafo bɛsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no. (Mateo 24:3-22) Yɛte anisɔ afe foforo mu nnɛ, nea efii ase bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ afe 1914 mu wɔ soro no. Aweredi da foforo a ɛbɛtrɛw kɛse na ɛde saa anisɔ afe yi bɛba awiei, bere a Yehowa de ɔsɛe ba wiase nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no.—Mateo 24:21.

9. Henanom na wonya Yehowa anisɔ afe no so mfaso nnɛ?

9 Henanom na wonya Onyankopɔn anisɔ afe no so mfaso nnɛ? Wɔn a wotie asɛm no, da ahobrɛase adi, na wɔde nnamyɛ boa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔka wɔ “amanaman nyinaa” mu no. (Marko 13:10) Saafo no hu sɛ asɛmpa no ma awerɛkyekye ankasa. Nanso, ɛrenkyɛ na wɔn a wontie asɛm no, na wɔmfa Yehowa anisɔ afe no nni dwuma no ahyia n’aweredi da no ankasa.—2 Tesalonikafo 1:6-9.

Honhom Fam Aba a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

10. Ɔkwan bɛn so na ade kɛse a Yehowa yɛ maa Yudafo a na wɔresan afi Babilon aba no kaa wɔn?

10 Yudafo a wofi Babilon san bae no hui sɛ Yehowa ayɛ ade kɛse ama wɔn. Awerɛhow a na wɔredi sɛ nnommum no danee ahurusi ne ayeyi efisɛ awiei koraa no, wonyaa ahofadi. Enti, Yesaia wiee ne nkɔmhyɛ adwuma no, a ɛne sɛ, ‘ɔnhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo mma wɔnnɛnsow nsi nsõ mu da ananmu, mma wɔn anika ngo nsi nkɔmmɔdi ananmu, mma wɔn ayeyi ntade nsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, [Yehowa, “NW”] tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.’—Yesaia 61:3.

11. Henanom na na wɔwɔ nea wobegyina so ayi Yehowa ayɛ wɔ ade kɛse a ɔyɛe no ho wɔ afeha a edi kan no mu?

11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yudafo a wogyee ahofadi a wonya fii atoro som nkoayɛ mu toom no nso yii Onyankopɔn ayɛ wɔ ade kɛse a ɔyɛ maa wɔn no ho. “Ayeyi ntade” besii abasamtu a na wɔwom no ananmu bere a wogyee wɔn fii ɔman a na awu wɔ honhom fam mu no. Yesu asuafo no na wodii kan huu nsakrae a ɛte saa bere a ne wu no ho awerɛhodi no danee ahurusidi denam honhom kronkron a wɔn Wura a na wɔanyan no no de sraa wɔn no so no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ahobrɛasefo 3,000 a wotiee Kristofo a na wɔasra wɔn foforo no asɛm a wɔkae, na wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no nso nyaa nsakrae a ɛte saa ara. (Asomafo no Nnwuma 2:41) Hwɛ sɛnea na eye sɛ wobenya ahotoso sɛ wɔn nsa aka Yehowa nhyira! Sɛ́ anka ‘wobedi Sion ho awerɛhow’ no, wonyaa honhom kronkron ne “anika ngo,” a ɛyɛ wɔn a Yehowa ahyira wɔn pii no ahurusidi ho sɛnkyerɛnne, na ɛmaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam.—Hebrifo 1:9.

12, 13. (a) Henanom ne ‘trenee nnua akɛse’ a na wɔwɔ Yudafo a na wɔresan aba wɔn kurom wɔ afe 537 A.Y.B. mu no? (b) Efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, henanom na wɔayɛ ‘trenee nnua akɛse’ no?

12 Yehowa de ‘trenee nnua akɛse’ hyiraa ne nkurɔfo. Henanom ne nnua akɛse yi? Wɔ mfe a edi afe 537 A.Y.B. akyi no, nnipa bi wɔ hɔ a wosuaa Onyankopɔn Asɛm susuw ho na wonyaa Yehowa trenee gyinapɛn ahorow. (Dwom 1:1-3; Yesaia 44:2-4; Yeremia 17:7, 8) Mmarima te sɛ Esra, Hagai, Sakaria, ne Ɔsɔfopanyin Yosua daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ ‘nnua akɛse’ a wɔda nsow—nokware no ho ahoɔdenfo, na wɔko tiaa honhom fam fĩ biara a na ɛwɔ ɔman no mu no.

13 Efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, Onyankopɔn duaa ‘trenee nnua akɛse’ a ɛte saa ara—Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ akokoduru—wɔ ne man foforo, “Nyankopɔn Israel,” honhom fam atrae. (Galatifo 6:16) Mfehaha pii a atwam mu no, saa “nnua” yi abedu nnipa 144,000 a wɔasow trenee aba de ahyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam. (Adiyisɛm 14:3) “Nnua” akɛse yi mufo a wotwa to no adi yiye fi afe 1919 mu, bere a Yehowa kanyan Nyankopɔn Israel nkae no fii tebea a na wontumi nyɛ hwee mu no. Yehowa nam honhom fam nsu pii a ɔde maa wɔn so ama wɔanya trenee kwae mu nnua a ɛsow aba a ɛte saa.—Yesaia 27:6.

14, 15. Nnwuma bɛn na Yehowa asomfo a wonyaa ahofadi no yɛe (a) wɔ afe 537 A.Y.B.? (b) wɔ afe 33 Y.B.? (d) wɔ afe 1919 mu?

14 Bere a Yesaia resi saa “nnua” yi adwuma so dua no, ɔtoaa so sɛ: “Wɔbɛkyekye tete akurofõ ama kanfo amamfõ so agyina, na wɔayɛ nkurow agowagow ne awo ntoatoaso santen no amamfõ foforo.” (Yesaia 61:4) Ɛdenam Persia hene Kores mmara a ɔhyɛe so no, Yudafo anokwafo a wɔsan fii Babilon bae no kyekyee Yerusalem na wosii n’asɔrefie a na wɔasɛe no bere tenteenten no bio. Ná wɔbɛyɛ amansesɛw nnwuma nso wɔ afe 33 Y.B. ne afe 1919 akyi mfe mu.

15 Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu asuafo no werɛ howee kɛse wɔ ne kyere, n’asɛnni, ne ne wu no ho. (Mateo 26:31) Nanso, wɔn tebea no sesae bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ ne wusɔre no akyi no. Wohwiee honhom kronkron no guu wɔn so pɛ na wɔde wɔn ho hyɛɛ asɛmpaka adwuma no mu denneennen wɔ ‘Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Enti wofii ase san de nokware som sii hɔ. Saa ara na efi afe 1919 reba no, Yesu Kristo maa ne nuanom nkaefo no san kyekyee “awo ntoatoaso santen no amamfõ foforo.” Mfehaha pii na Kristoman mu asɔfo amfa Yehowa ho nimdeɛ ankyerɛkyerɛ, na wɔde nnipa atetesɛm ne nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so asi ananmu. Kristofo a wɔasra wɔn no popaa nneyɛe ahorow a na atoro som ama agu wɔn ho fĩ no fii wɔn asafo ahorow mu, sɛnea ɛbɛyɛ na nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ no betumi anya nkɔanim. Na wofii nea na ɛbɛyɛ adansedi ɔsatu a ɛsen biara a na wiase no ahu pɛn no ase.—Marko 13:10.

16. Henanom na wɔaboa Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ wɔn amansesɛw adwuma no mu, na nnwuma bɛn na wɔde ahyɛ wɔn nsa?

16 Na eyi yɛ adwuma kɛse. Ná ɛbɛyɛ dɛn na Nyankopɔn Israel no mufo kakraa bi a wɔaka no atumi ayɛ adwuma a ɛte saa? Yehowa de honhom kaa Yesaia ma ɔkae sɛ: “Ahɔho begyina ahwɛ mo nguan, na ananafo mma ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo.” (Yesaia 61:5) Ada adi sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ahɔho ne ananafo no ne Yesu “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no. * (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:11, 16) Wɔmfaa honhom kronkron nsraa wɔn a ɛbɛma wɔanya ɔsoro agyapade. Mmom no, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Adiyisɛm 21:3, 4) Nanso, wɔdɔ Yehowa na wɔde honhom fam nguanhwɛ adwuma, kuadwuma, ne turoyɛ, ahyɛ wɔn nsa. Nnwuma a ɛte saa nyɛ nnwuma a ɛba fam. Wɔ Nyankopɔn Israel no nkaefo akwankyerɛ ase no, saa adwumayɛfo yi boa ma wɔhwɛ nnipa, tɛw wɔn, na wotwa wɔn.—Luka 10:2; Asomafo no Nnwuma 20:28; 1 Petro 5:2; Adiyisɛm 14:15, 16.

17. (a) Wɔbɛfrɛ Nyankopɔn Israel no mufo dɛn? (b) Dɛn ne afɔre koro pɛ a ehia ma bɔne fafiri?

17 Na Nyankopɔn Israel nso ɛ? Yehowa nam Yesaia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo de, wɔbɛfrɛ mo [Yehowa, “NW”] asɔfo, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mubedi amanaman ahonyade, na mode wɔn adedodow ahoahoa mo ho.” (Yesaia 61:6) Wɔ tete Israel no, Yehowa de Lewifo asɔfokuw no mae sɛ wɔmmɔ afɔre mma asɔfo no ankasa ne wɔn mfɛfo Israelfo no. Nanso, wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yehowa amfa Lewifo asɔfokuw no anyɛ adwuma bio, na ɔde nhyehyɛe a eye kyɛn so sii hɔ. Ogyee Yesu nkwa a ɛyɛ pɛ no toom sɛ adesamma bɔne ho afɔre. Efi saa bere no, ɛho nhiae bio sɛ wɔbɔ afɔre foforo. Yesu afɔrebɔ no di mũ bere nyinaa.—Yohane 14:6; Kolosefo 2:13, 14; Hebrifo 9:11-14, 24.

18. Nyankopɔn Israel no yɛ asɔfokuw bɛn, na dɛn ne wɔn adwuma?

18 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Nyankopɔn Israel no mufo yɛ ‘Yehowa asɔfo’? Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔkae sɛ: ‘Mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu mo mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 2:9) Enti, sɛ́ nnipakuw no, Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ asɔfokuw a wɔwɔ adwuma pɔtee bi: sɛ́ wɔbɛka Yehowa anuonyam akyerɛ amanaman. Wɔbɛyɛ n’adansefo. (Yesaia 43:10-12) Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ adwuma a ɛho hia yi wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa. Ne saa nti, mprempren nnipa ɔpepem pii na wɔne wɔn reyɛ Yehowa Ahenni ho adansedi adwuma no.

19. Ɔsom adwuma bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no benya hokwan ayɛ?

19 Afei nso, Nyankopɔn Israel no mufo wɔ anidaso sɛ wɔbɛsom sɛ asɔfo wɔ ɔkwan foforo so. Wɔn wu akyi no, wonyan wɔn kɔ honhom fam asetra a owu nnim mu wɔ soro. Ɛhɔ no, ɛnyɛ som nko na wɔne Yesu som sɛ N’ahenni no sodifo na mmom sɛ Onyankopɔn asɔfo nso. (Adiyisɛm 5:10; 20:6) Ne saa nti, wobenya hokwan de Yesu agyede afɔre no so mfaso ahorow adi dwuma ama adesamma anokwafo wɔ asase so. Wɔkaa wɔn ho asɛm bio sɛ “nnua” wɔ ɔsomafo Yohane anisoadehu a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm ti 22 no mu. Wohuu “nnua” 144,000 no nyinaa wɔ soro, a wɔresow ‘aba ahorow dumien, na wɔsow aba daa ɔsram; na wɔde nnua no nhaban na ɛsa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:1, 2) Asɔfodwuma a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

Aniwu ne Ahohora, Afei Ahurusidi

20. Ɛmfa ho ɔsɔretia no, nhyira bɛn na ahene asɔfokuw no twɛn?

20 Efi afe 1914 a Yehowa anisɔ afe no fii ase no, ahene asɔfokuw no ahyia ɔtaa afi Kristoman asɔfo hɔ. (Adiyisɛm 12:17) Nanso, mmɔden biara a wɔabɔ sɛ wobesiw asɛmpaka adwuma no ano no adi nkogu. Yesaia nkɔmhyɛ no kaa eyi ho asɛm siei sɛ: “Mo aniwu no ananmu mubenya mmɔho, na ahohora ananmu mubedi mo kyɛfa ho ahurusi; ɛno nti mubenya mmɔho, mo asase so, daa anigye bɛyɛ mo dea.”—Yesaia 61:7.

21. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no benyaa nhyira mmɔho?

21 Wɔ Wiase Ko I mu no, nkaefo a wɔasra wɔn no huu aniwu ne ahohorabɔ wɔ Kristoman mu amampɛfo nsam. Na asɔfo ka wɔn a wotwaa atoro too anuanom anokwafo baawɔtwe a wofi Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ so sɛ wotutu ɔman ase no ho. Wɔde anuanom yi guu afiase asram akron wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Awiei koraa no, wɔ afe 1919 fefɛw bere mu no, wogyaee wɔn, na akyiri yi woyii sobo a wɔbɔɔ wɔn no nyinaa fii wɔn so. Enti ɔkwan a wɔfaa so sɛ wobesiw asɛmpaka adwuma no ano no anyɛ yiye. Sɛ́ anka Yehowa bɛma n’asomfo ani awu bere nyinaa no, ogyee wɔn de wɔn kɔɔ wɔn honhom fam atrae, ‘wɔn asase’ no so bio. Wonyaa nhyira mmɔho wɔ hɔ. Wonyaa Yehowa nhyira a ɛsen amane a wohui no. Nokwarem no, wɔwɔ nea wobegyina so adi ahurusi!

22, 23. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no asuasua Yehowa, na ɔkwan bɛn so na watua wɔn ka?

22 Nea edi hɔ a Yehowa kae no maa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nyaa nea wobegyina so adi ahurusi: “Me, [Yehowa, “NW”], medɔ atemmu, mikyi atirimɔden so dwowtwa, na metua wɔn ka nokware mu, na me ne wɔn apam daa apam.” (Yesaia 61:8) Nkaefo a wɔasra wɔn no nam wɔn Bible sua so dɔɔ trenee na wɔtan amumɔyɛ. (Mmebusɛm 6:12-19; 11:20) Wosuae sɛ wɔde ‘wɔn nkrante bɛbɔ nsɔw,’ na wonnyina afã biara wɔ adesamma akodi ne amammuisɛm mu basabasayɛ mu. (Yesaia 2:4) Wogyaee nneyɛe a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam te sɛ, nseku, awaresɛe, korɔnbɔ, ne asabow nso.—Galatifo 5:19-21.

23 Esiane sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn Bɔfo dɔ atɛntrenee nti, Yehowa ‘atua wɔn ka nokware mu.’ ‘Akatua’ biako a ɛte saa ne daa apam—apam foforo—a Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo, anadwo a ade rebɛkye ma wawu no. Ɛnam saa apam yi so na wɔbɛyɛɛ honhom mu man, Onyankopɔn man titiriw no. (Yeremia 31:31-34; Luka 22:20) Ɛdenam ɛno so no, Yehowa de Yesu agyede afɔre no so mfaso nyinaa, a bɔne fafiri ka ho, bedi dwuma ama wɔn a wɔasra wɔn no ne adesamma mu anokwafo a aka nyinaa.

Yehowa Nhyira Mu Ahosɛpɛw

24. Henanom ne “mma” a wofi amanaman mu a wobenya nhyira no, na ɔkwan bɛn so na wɔabɛyɛ “mma”?

24 Amanaman mufo binom ahu Yehowa nhyira a ɛwɔ ne nkurɔfo so no. Yehowa nam bɔhyɛ so kaa eyi ho asɛm siei sɛ: “Wobehu wɔn asefo, amanaman mu, ne wɔn mma, aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a [Yehowa, “NW”] ahyira wɔn.” (Yesaia 61:9) Nyankopɔn Israel no mufo, Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ adwuma denneennen wɔ amanaman mu wɔ Yehowa anisɔ afe no mu. Ɛnnɛ, wɔn a wɔagye wɔn asɛnka adwuma no atom no dodow adu ɔpepem pii. Ɛdenam adwuma a amanaman mufo no ne Nyankopɔn Israel no abom ayɛ nti, amanaman mufo no anya hokwan sɛ wɔbɛyɛ ‘mma a Yehowa ahyira wɔn.’ Adesamma nyinaa tumi hu anigye a wɔwom no.

25, 26. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nyinaa bom ka asɛm a ɛwɔ Yesaia 61:10 no?

25 Kristofo nyinaa, wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no, hwɛ kwan sɛ wobeyi Yehowa ayɛ daa. Wofi koma nyinaa mu ne Yesaia a honhom kaa no ma ɔkaa asɛm yi yɛ adwene sɛ: [Yehowa, “NW”] mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.”—Yesaia 61:10.

26 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔhyɛ ‘treneefo batakari’ no asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew kurennyenn wɔ Yehowa ani so. (2 Korintofo 11:1, 2) Esiane sɛ Yehowa abu wɔn atreneefo na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya ɔsoro asetra nti, wɔrensan nkɔ Babilon Kɛse no atrae a adan amamfõ a wɔagye wɔn afi mu no mu da. (Romafo 5:9; 8:30) Wɔn nkwagye ntade no som bo ma wɔn. Wɔn ahokafo nguan foforo no nso asi wɔn bo sɛ wobedi Yehowa Nyankopɔn nokware som gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no so. Esiane sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” nti, wɔabu wɔn treneefo na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse no mu.” (Adiyisɛm 7:14; Yakobo 2:23, 25) Enkosi saa bere no, wosuasua wɔn ahokafo a wɔasra wɔn no sɛ wɔremma Babilon Kɛse no ngu wɔn ho fĩ.

27. (a) Wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu no, “mfifii” a ɛfata bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na trenee refifi adesamma mu dedaw?

27 Ɛnnɛ ɛyɛ Yehowa asomfo anigye sɛ wɔwɔ honhom fam paradise mu. Ɛrenkyɛ na wɔanya honam fam Paradise nso. Yefi koma nyinaa mu hwɛ saa bere a wɔaka ho asɛm pefee wɔ Yesaia ti 61 awiei no kwan sɛ: “Sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.” (Yesaia 61:11) Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, asase bɛma ‘trenee afifi.’ Nnipa bɛto nkonimdi dwom, na trenee bɛtrɛw akodu asase ano. (Yesaia 26:9) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kodu saa anigye da no ansa na yɛde ayeyi ama wɔ amanaman nyinaa anim. Trenee refifi wɔ nnipa ɔpepem pii a woyi ɔsorosoroni Nyankopɔn no ayɛ na wɔka N’ahenni ho asɛmpa no mu dedaw. Mprempren mpo yɛn gyidi ne yɛn anidaso ma yenya nea yebegyina so adi yɛn Nyankopɔn nhyira mu ahurusi ankasa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Ebetumi aba sɛ Yesaia 61:5 nyaa mmamu bi tete mmere mu, efisɛ wɔn a na wɔnyɛ Yudafo kaa honam fam Yudafo ho san baa Yerusalem, na ɛda adi sɛ wɔboae ma wosiesiee asase no so. (Esra 2:43-58) Nanso, efi nkyekyem 6 rekɔ no, ɛte sɛ nea nkɔmhyɛ no fa Nyankopɔn Israel nkutoo ho.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 323]

Yesaia wɔ asɛmpa bi ka kyerɛ Yudafo nnommum no

[Mfonini wɔ kratafa 331]

Efi afe 33 Y.B. mu no, Yehowa adua ‘trenee nnua akɛse’ 144,000

[Mfonini wɔ kratafa 334]

Asase befifi trenee