Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔpa Nyaatwom Ho Ntama!

Wɔpa Nyaatwom Ho Ntama!

Ti Dunkron

Wɔpa Nyaatwom Ho Ntama!

Yesaia 58:1-14

1. Yesu ne Yehowa bu nyaatwom dɛn, na ɛkɔɔ so dɛn wɔ Yesaia bere so?

YESU ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akannifo no sɛ: “Mote sɛ nnipa trenee nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ no ma.” (Mateo 23:28) Kasa a Yesu kasa tiaa nyaatwom no da adwene a ne soro Agya kura no adi. Yesaia nkɔmhyɛ no ti 58 no twee adwene sii nyaatwom a na abu so wɔ Yuda no so titiriw. Nitan, nhyɛso, ne basabasayɛ ne ade a na ɛrekɔ so, na na Homedadi adan amanne a mfaso biara nni so. Na ɔsom a nkurɔfo no de ma Yehowa no yɛ bi ne bi, na wodii mmuada a emfi koma mu de daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wosuro Onyankopɔn. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa paa wɔn ho ntama ma wohuu sɛnea wɔte ankasa!

‘Ka Nkurɔfo no Bɔne Kyerɛ Wɔn’

2. Su bɛn na Yesaia daa no adi bere a ɔkaa Yehowa asɛm no, na henanom na wɔte sɛ ɔno nnɛ?

2 Ɛwom sɛ Yudafo no nneyɛe no yɛɛ Yehowa tan de, nanso ɔkaa nsɛm a ɛka koma de kyerɛe sɛ ɔman no nnu wɔn ho. Mmom, Yehowa ampɛ sɛ n’animka no bɛyɛ nea emu nna hɔ. Enti, ɔhyɛɛ Yesaia sɛ: “Han wo nne mu teɛm, nkyɛe so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.” (Yesaia 58:1) Ɛwom sɛ Yehowa nsɛm a na Yesaia bɛbɔ no dawuru akokoduru so no betumi ama nkurɔfo no atan no de, nanso wantwe ansan. Ná ɔda so ara wɔ ahofama a ɔdaa no adi bere a ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” no ara bi. (Yesaia 6:8) Boasetɔ ho nhwɛso pa bɛn ara na Yesaia yɛ maa Yehowa Adansefo a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnka Onyankopɔn Asɛm na wɔmpa nyamesom mu nyaatwom ho ntama sɛɛ yi!—Dwom 118:6; 2 Timoteo 4:1-5.

3, 4. (a) Nyaatwom bɛn na nkurɔfo no daa no adi wɔ Yesaia bere so? (b) Na tebea no te dɛn ankasa wɔ Yuda?

3 Yesaia bere sofo no hwehwɛɛ Yehowa bi ne bi, na wɔkyerɛe sɛ wɔpɛ atɛntrenee. Yɛkenkan Yehowa nsɛm no sɛ: “Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ m’akwan ahu sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ; wobisa me hɔ asɛntrenee, wɔpɛ sɛ wopinkyɛ Onyankopɔn.” (Yesaia 58:2) So na kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔpɛ Yehowa akwan no yɛ nokware? Dabi. Na wɔte sɛ “ɔman bi a wodi asɛntrenee,” nanso na ɛyɛ nnipa ani so ade ara kwa. Nokwarem no, na saa man yi ‘agyaw wɔn Nyankopɔn.’

4 Wɔn tebea no te sɛ nea wɔdaa no adi kyerɛɛ odiyifo Hesekiel akyiri yi no. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ na Yudafo no reka akyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: “Mommra mmetie asɛm ko a efi [Yehowa, NW] nkyɛn ba no ɛ!” Nanso, Onyankopɔn bɔɔ Hesekiel kɔkɔ wɔ wɔn atorodi no ho sɛ: “Wɔbɛba wo nkyɛn . . . na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; na wɔn koma di wɔn mfaso akyi. Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonni so.” (Hesekiel 33:30-32) Yesaia bere sofo no nso kyerɛe sɛ wɔhwehwɛ Yehowa bere nyinaa, nanso na wonni ne nsɛm so.

Nyaatwom a Wɔde Di Abuada

5. Ɔkwan bɛn so na Yudafo no nam bɔɔ mmɔden sɛ wobenya Onyankopɔn anim dom, na dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn?

5 Nea ɛbɛyɛ na Yudafo no anya Onyankopɔn anim dom no, wodii mmuada, nanso wɔn trenee a wɔyɛ no nnipa ani so no ma wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ho. Wɔde ahodwiriw bisae sɛ: “Ɛdɛn nti na yedi mmuada na wunhu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wunnim yi.” Yehowa yii wɔn ano kae sɛ: “Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ nea mo ara mopɛ, na mupiapia mo adwumayɛfo nyinaa. Hwɛ, ɔham ne atutuw na mode di mmuada, na mobɔ kuturuku atirimɔden so. Ɛnyɛ mo nnɛ yi mmuada yi na ɛbɛma wɔate mo nne ɔsoro. So sɛ mmuada a mepɛ, ɛda a onipa brɛ ne kra ase no te ni? Sɛ obi si ne ti ase sɛ mmɛw na ɔsɛw atweaatam ne nsõ da so a, so eyi na wofrɛ no abuadadi ne ɛda a ɛsɔ [Yehowa, “NW”] ani?”—Yesaia 58:3-5.

6. Yudafo no nneyɛe bɛn na ɛma ɛdaa adi sɛ na wɔn mmuadadi no yɛ nyaatwom adeyɛ?

6 Bere a nkurɔfo no dii mmuada, yɛɛ wɔn ho sɛ atreneefo, na wɔhwehwɛɛ Yehowa atɛntrenee mpo no, wodii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya anigye ne wɔn mfaso akyi. Wɔde wɔn ho hyɛɛ ntɔkwaw, nhyɛso, ne basabasayɛ mu. Bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkata wɔn nneyɛe so no, wɔyeyɛɛ wɔn anim te sɛ nea wɔredi awerɛhow—sisii wɔn ti ase te sɛ mmɛw, furaa atweaatam traa nsõ mu—de kyerɛɛ sɛnea wɔanu wɔn ho afi wɔn bɔne ho no. Sɛ wɔkɔ so tew atua a, mfaso bɛn na na ɛbɛba eyinom nyinaa so? Wɔanna awerɛhow ne ahonu pa a ɛsɛ sɛ wɔde di mmuada ankasa adi. Wɔante wɔn benabɔ—a ɛwom sɛ na ano yɛ den—no wɔ soro.

7. Ɔkwan bɛn so na Yudafo a wɔtraa ase wɔ Yesu bere so no yɛɛ wɔn ade nyaatwom mu, na ɔkwan bɛn so na nnipa pii yɛ saa ara nnɛ?

7 Yesu bere so Yudafo no nso dii mmuada a na ɛyɛ nnipa ani so de saa ara, na ebinom dii mmuada mprenu dapɛn biako mu! (Mateo 6:16-18; Luka 18:11, 12) Nyamesom akannifo no pii nso suasuaa Yesaia bere sofo no yɛɛ afoforo atirimɔdenne hyɛɛ wɔn so. Enti, Yesu paa saa nyamesom mu nyaatwomfo no ho ntama akokoduru so, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn som no yɛ ɔkwa. (Mateo 15:7-9) Ɛnnɛ nso, nnipa ɔpepem pii ‘ka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no; wɔyɛ nnipa a wokyi wɔn ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.’ (Tito 1:16) Nnipa a wɔte saa no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya Onyankopɔn mmɔborohunu, nanso wɔn nneyɛe da no adi sɛ wɔyɛ atorofo. Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa Adansefo da onyamesom pa ne onuadɔ ankasa adi.—Yohane 13:35.

Nea Nokware Ahonu Kyerɛ

8, 9. Nneyɛe pa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka ahonu ho?

8 Na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo no yɛ pii sen wɔn bɔne ho mmuada a wobedi; ná ɔpɛ sɛ wonu wɔn ho. Sɛ wɔyɛ saa a na na wobenya n’anim dom. (Hesekiel 18:23, 32) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ mmuadadi bɛyɛ nea mfaso wɔ so a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ bɔne a wɔayɛ dedaw no ho. Susuw nsɛm a ɛma obi hwehwɛ ne komam a Yehowa bisae no ho hwɛ: “Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? sɛ mobɛsansãn abɔnefo apɔw, ahotiri kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhom wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?”—Yesaia 58:6.

9 Mpokyerɛ ne kɔndua yɛ nkoayɛ a atirimɔden wom ho nsɛnkyerɛnne a ɛfata. Enti sɛ anka nkurɔfo no bedi mmuada na bere koro no ara wɔasan ahyɛ wɔn mfɛfo gyidifo so no, na ɛsɛ sɛ wodi ahyɛde yi so: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Na ɛsɛ sɛ wogyae wɔn a wɔahyɛ wɔn so na wɔayɛ wɔn nkoa wɔ ɔkwan a ɛmfata so no nyinaa. * Na wontumi mfa nyamesom mu nneyɛe a ɛyɛ nnipa ani so de te sɛ mmuadadi nsi onyamesom pa ne onuadɔ ananmu. Yesaia bere soni, odiyifo Mika kyerɛwee sɛ: ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wo hɔ, ɛnyɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn bɛnantew?’—Mika 6:8.

10, 11. (a) Wɔ Yudafo no fam no, dɛn na na ɛbɛyɛ papa asen sɛ wobedi mmuada? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi de Yehowa afotu a ɔde maa Yudafo no adi dwuma?

10 Atɛntrenee, ayamye, ne ahobrɛase hwehwɛ sɛ wɔyɛ afoforo papa, na na ɛyɛ Yehowa Mmara no mu ade titiriw. (Mateo 7:12) Nea na ɛsen mmuadadi koraa ne sɛ wɔne ahiafo bɛkyɛ wɔn ahode. Yehowa bisae sɛ: [Ɛnyɛ abuadadi a mepɛ ne] sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, apanyifo, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?” (Yesaia 58:7) Yiw, sɛ anka wɔn a wɔwɔ ahode no bedi mmuada sɛ guasodeyɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ bi no ma wɔn mfɛfo Yudafo a ahia wɔn—wɔn ankasa nuanom no—aduan, ntama, anaa afie tra mu.

11 Onuadɔ ne mmɔborohunu ho nnyinasosɛm a ɛyɛ anigye a Yehowa daa no adi no mfa Yudafo a wɔtraa ase Yesaia bere so no nkutoo ho. Ɛkyerɛ Kristofo kwan nso. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no yɛ beae a ɔdɔ ne onuadɔ wɔ, titiriw esiane mmere a emu kɔ so yɛ den a yɛwom yi nti.—2 Timoteo 3:1; Yakobo 1:27.

Osetie De Nhyira Pii Ba

12. Sɛ Yehowa nkurɔfo tie no a, na dɛn na ɔbɛyɛ?

12 Sɛ anka Yehowa nkurɔfo benya nhumu atie animka a ofi ɔdɔ mu de ma no ɛ! Yehowa kae sɛ: “Ɛno na wo hann begyigye sɛ adekyee, na w’akwahosan afefɛw ntɛm; wo trenee bedi w’anim, na [Yehowa, “NW”] anuonyam abɔ wo kyidɔm. Ɛno na wobɛfrɛ, na [Yehowa, “NW”] bebua, wobɛteɛm, na ɔbɛka sɛ: Hwɛ, mini.” (Yesaia 58:8, 9a) Nsɛm a ɛka koma bɛn ara ni! Yehowa hyira wɔn a wɔpɛ adɔe ne adetrenee no, na ɔbɔ wɔn ho ban. Sɛ Yehowa nkurɔfo nu wɔn ho wɔ wɔn atirimɔdensɛm ne wɔn nyaatwomyɛ ho a, anka nneɛma bɛyɛ yiye ama wɔn. Na Yehowa bɛma wɔanya ‘akwahosan,’ na ɔman no benya honhom fam ne honam fam ayaresa. Na ɔbɛbɔ wɔn ho ban sɛnea ɔyɛɛ wɔn agyanom bere a na wɔrefi Misraim no. Na na obegye wɔn su a wosu frɛ no de hwehwɛ mmoa no so ntɛm ara.—Exodus 14:19, 20, 31.

13. Sɛ Yudafo no tie Yehowa afotu a, nhyira bɛn na na wobenya?

13 Afei Yehowa kaa eyi de kaa n’afotu a na wadi kan de ama no ho sɛ: “Sɛ wuyi kɔndua fi wo mu [nkoayɛ katee a ɛmfata no], nsateaa teɛ [a ebetumi akyerɛ animtiaabu anaa nkontompo no] ne ahuhukasa, na wode nea wo kra pɛ ma nea ɔkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔbɔ no mee a, ɛno de wo hann bepue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.” (Yesaia 58:9b, 10) Pɛsɛmenkominya ne atirimɔdensɛm ma obi sɛe ne ho, na ɛde Yehowa abufuw ba. Nanso, ayamye de Onyankopɔn nhyira pii na ɛba, titiriw bere a woyi no adi kyerɛ nnipa a ɔkɔm de wɔn, ne wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no. Sɛ anka Yudafo no gyee nokwasɛm yi toom ɛ! Anka wɔn honhom fam hann ne yiyedi bɛhyerɛn sɛ awia ketee, na ayi ahude biara a ɛbɛba afi hɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, na wɔde nidi ne ayeyi bɛbrɛ Yehowa, wɔn anuonyam ne wɔn nhyira, Farebae no.—1 Ahene 8:41-43.

Ɔman a Wɔasan Akyekye

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia bere sofo no yɛɛ wɔn ade wɔ ne nsɛm no ho? (b) Dɛn na Yehowa kɔɔ so de mae?

14 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔman no buu wɔn ani guu Yehowa asɛm so na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne kɛse. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ Yehowa ma wɔde wɔn kɔ nnommumfa mu sɛnea ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ no. (Deuteronomium 28:15, 36, 37, 64, 65) Nanso, Yehowa nsɛm a edi hɔ a ɔnam Yesaia so kae no ma wɔkɔɔ so nyaa anidaso. Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm sɛ nkaefo a wɔagye nteɛso atom na wɔanu wɔn ho no de anigye bɛsan aba Yuda asase so, ɛwom sɛ na ɛda mpan de.

15. Ba a na wɔbɛsan aba ho nkɔm a ɛyɛ anigye bɛn na Yehowa hyɛe?

15 Bere a Yehowa nam Yesaia so retwe ne nkurɔfo adwene asi san a wɔbɛsan akɔ wɔn asase so wɔ afe 537 A.Y.B. so no, ɔkae sɛ: [Yehowa, “NW” ] bɛkyerɛ wo kwan daa yi, na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom, ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ.” (Yesaia 58:11) Na Yehowa bɛma Israel asase a ɛso awo no adan asasebere. Nea ɛyɛ nwonwa kɛse no, na obehyira ne nkurɔfo a wɔanu wɔn ho no, ahyɛ wɔn “nnompe” mu den ma wɔafi honhom fam owu tebea mu abenya honhom fam ahoɔden kɛse. (Hesekiel 37:1-14) Na nkurɔfo no ankasa bɛyɛ sɛ “turo a nsu sen wom” a honhom aba ayɛ wɔn ma.

16. Ɔkwan bɛn so na na wɔbɛsan asiesie asase no?

16 Na nkurow a Babilonfo sɛee no afe 607 A.Y.B. no a wɔbɛsan akyekye no ka gye a na wɔbɛsan agye wɔn no ho. “Wo mufo bɛkyekye tete akurofõ, wobɛma awo ntoatoaso horow nhyɛase agyina, na wɔafrɛ wo ɔpamago, nea ɔsesɛw akwan sɛ nnipa ntra hɔ.” (Yesaia 58:12) Nsɛm a edi nsɛ, “tete akurofõ” ne “awo ntoatoaso horow nhyɛase” (anaa, nhyɛase horow a ada mpan awo ntoatoaso pii) no ma ɛdaa adi sɛ na nkaefo a wɔbɛsan aba no bɛkyekye Yuda nkurow bio, titiriw Yerusalem. (Nehemia 2:5; 12:27; Yesaia 44:28) Na wobesiesie ‘agow’—asɛm a ɛkyerɛ Yerusalem afasu mu akam, na akyinnye biara nni ho sɛ na nkurow a aka no de bɛka ho.—Yeremia 31:38-40; Amos 9:14.

Nhyira a Wonya Fi Homeda a Wodi no Yiye Mu

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ wonni Homeda ho mmara no so?

17 Ná Homeda no yɛ dwen a Onyankopɔn dwen ne nkurɔfo honam fam ne honhom fam yiyedi ho kɛse a ɔdaa no adi. Yesu kae sɛ: “Onipa nti na wɔyɛɛ homeda.” (Marko 2:27) Saa da yi a Yehowa yɛɛ no kronkron no maa Israelfo nyaa hokwan titiriw bi daa ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no adi. Awerɛhosɛm ne sɛ, eduu Yesaia bere so no, na wɔama abɛyɛ ɛda a wɔyɛ amanne a mfaso nni so, na na wɔde wɔn ho hyɛ pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ahorow mu. Enti, na Yehowa wɔ biribi a obegyina so aka ne nkurɔfo no anim bio. Nanso, ɔbɔɔ mmɔden bio sɛ obedu wɔn koma mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne [Yehowa, “NW”] da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no nĩ, na woamfa wo ankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a, ɛno na w’ani begye [Yehowa, “NW”] ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔmmea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapade no, efisɛ [Yehowa, “NW”] ano na aka.”—Yesaia 58:13, 14.

18. Dɛn na na ebefi Homeda a Yudafo no anyɛ no kronkron no mu aba?

18 Na Homeda no yɛ da a wɔde susuw honhom fam nneɛma ho, bɔ mpae, na abusua no bom som. Na ɛsɛ sɛ ɛboa Yudafo no ma wosusuw nneɛma a ɛyɛ anigye a Yehowa yɛ ma wɔn, ɛne atɛntrenee ne ɔdɔ a wɔada no adi wɔ Mmara no mu no ho. Enti, na anka ɛsɛ sɛ saa da kronkron yi a nkurɔfo no bɛkae adi bere nyinaa no boa wɔn ma wɔtwe bɛn wɔn Nyankopɔn. Mmom no, na wɔresɛe Homeda no ma enti wɔbaa asiane a ɛne sɛ wobeyi Yehowa nhyira afi wɔn so mu.—Leviticus 26:34; 2 Beresosɛm 36:21.

19. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no san kodi Homeda a, nhyira pii bɛn na na wobenya?

19 Nanso, sɛ na Yudafo no sua biribi fi nteɛso no mu na wodi Homeda nhyehyɛe no so a, na wobenya nhyira pii. Na wobenya nokware som ne obu a wɔwɔ ma Homeda no so mfaso wɔ wɔn asetram biribiara mu. (Deuteronomium 28:1-13; Dwom 19:7-11) Sɛ nhwɛso no, na Yehowa bɛma ne nkurɔfo ‘afa asase sorɔnsorɔn so.’ Asɛm yi kyerɛ ahobammɔ ne wɔn atamfo so nkonim a na wobedi. Obiara a na odi asase sorɔnsorɔn—nkoko ne mmepɔw—so no, di asase no so. (Deuteronomium 32:13; 33:29) Israel yɛɛ osetie maa Yehowa bere bi, na ɔman no nyaa ahobammɔ, na aman foforo buu wɔn, na na wosuro wɔn mpo. (Yosua 2:9-11; 1 Ahene 4:20, 21) Sɛ wɔsan yɛ osetie ba Yehowa nkyɛn a, wɔn nsa bɛsan aka wɔn kan anuonyam no bi. Na Yehowa bɛma ne nkurɔfo nsa aka “Yakob agyapade” nyinaa—nhyira ahorow a ɔnam N’apam a ɔne wɔn agyanom yɛe so hyɛɛ ho bɔ no, titiriw nea ɛfa Bɔhyɛ Asase no so nhyira a wɔn nsa bɛka ho no.—Dwom 105:8-11.

20. “Homedadi” bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo?

20 So asuade bi wɔ eyi mu ma Kristofo? Wɔnam Yesu Kristo wu so yii Mose Mmara no fii hɔ a na Homedadi ne ɛho mmara horow ka ho. (Kolosefo 2:16, 17) Nanso, su a na anka ɛsɛ sɛ Homedadi hyɛ ho nkuran wɔ Yuda—sɛ́ wɔde honhom fam nneɛma bedi kan na wɔabɛn Yehowa—no yɛ nea ɛho da so hia Yehowa asomfo. (Mateo 6:33; Yakobo 4:8) Afei nso, wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo mu no, ɔkae sɛ: “Homedadi aka ama Onyankopɔn man.” Kristofo hyɛn “homedadi” yi mu denam osetie a wɔyɛ ma Yehowa, ɛne trenee a egyina Yesu Kristo mogya a ohwie gui mu gyidi akyi a wodi so. (Hebrifo 3:12, 18, 19; 4:6, 9-11, 14-16) Wɔ Kristofo fam no, wonni saa homeda yi pɛnkoro dapɛn biara, na mmom da biara da.—Kolosefo 3:23, 24.

Honhom Fam Israel ‘Afa Asase Sorɔnsorɔn So’

21, 22. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama Nyankopɔn Israel ‘afa asase sorɔnsorɔn so’?

21 Efi bere a woyii Kristofo a wɔasra wɔn no fii Babilon nnommumfa mu wɔ afe 1919 mu no, wɔadi nea wɔde Homeda yɛɛ ho mfonini bere nyinaa no so. Ne saa nti, Yehowa ama ‘wɔafa asase sorɔnsorɔn so.’ Ɔkwan bɛn so? Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa ne Abraham asefo yɛɛ apam sɛ sɛ wotie no a, wɔbɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. (Exodus 19:5, 6) Mfirihyia 40 a wɔde nantew sare so nyinaa no, Yehowa soaa wɔn dwoodwoo, sɛnea ɔkɔre soa ne mma no, na ohyiraa wɔn ma wonyaa nneɛma pii. (Deuteronomium 32:10-12) Nanso, na ɔman no nni gyidi, na awiei koraa no, wɔhweree hokwan ahorow biara a anka wobetumi anya no. Eyinom nyinaa akyi no, Yehowa da so wɔ asɔfo ahemman nnɛ. Ɛne honhom fam Nyankopɔn Israel no.—Galatifo 6:16; 1 Petro 2:9.

22 Wɔ “awiei bere” mu no, saa honhom fam man yi ayɛ nneɛma a tete Israel antumi anyɛ no. Wɔakɔ so akura Yehowa mu gyidi mu. (Daniel 8:17) Bere a emufo di Yehowa gyinapɛn ne n’akwan a ɛkorɔn so denneennen no, Yehowa ama wɔn so wɔ honhom fam. (Mmebusɛm 4:4, 5, 8; Adiyisɛm 11:12) Bere a wɔabɔ wɔn ho ban afi efĩ a atwa wɔn ho ahyia ho no, wɔanya asetra kwan a ɛkorɔn, na sɛ anka wɔbɛfa wɔn ankasa akwan so no, wɔn ‘ani ka Yehowa’ ne N’asɛm ho. (Dwom 37:4) Yehowa aboa wɔn ma wɔakura wɔn honhom fam yiyedi mu wɔ wiase nyinaa sɔretia a emu yɛ den no mu. Efi afe 1919 no, wɔnsɛee wɔn honhom fam “asase” no. (Yesaia 66:8) Wɔakɔ so ayɛ ne nkurɔfo a ne din a ɛkorɔn no da wɔn so, na wɔde anigye abɔ no dawuru wɔ wiase nyinaa. (Deuteronomium 32:3; Asomafo no Nnwuma 15:14) Afei nso, ɛnnɛ ahobrɛasefo a wɔredɔɔso a wofi aman nyinaa mu ne wɔn renya nhyira kɛse a ɛne sɛ Yehowa rekyerɛkyerɛ wɔn n’akwan, na waboa wɔn ma wɔrenantew n’atempɔn so.

23. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama n’asomfo a wɔasra wɔn no ‘adi Yakob agyapade no’?

23 Yehowa ama n’asomfo a wɔasra wɔn no ‘adi Yakob agyapade no.’ Bere a Isak anhyira Esau na ohyiraa Yakob mmom no, tete agya no nsɛm no kaa nhyira a wɔn a wobenya Abraham Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no mu gyidi nyinaa benya no ho asɛm siei. (Genesis 27:27-29; Galatifo 3:16, 17) Te sɛ Yakob—na ɛnyɛ Esau—no, Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no ‘ani sɔ akronkronne,’ titiriw honhom fam aduan a Onyankopɔn ma wonya no pii no. (Hebrifo 12:16, 17, NW; Mateo 4:4) Saa honhom fam aduan yi—a nea ɛka ho bi ne nneɛma a Yehowa nam Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ ne saa Aseni no ahokafo no so reyɛ no—hyɛ den, ɛka koma, na ɛho hia ma wɔn honhom fam asetra. Enti, ehia sɛ wodi honhom fam aduan bere nyinaa denam Onyankopɔn Asɛm a wɔbɛkenkan asusuw ho so. (Dwom 1:1-3) Ɛho hia sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo hyiam wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase. Na ɛho hia sɛ wokura nokware som gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no mu bere a wɔne afoforo de anigye di saa aduan no.

24. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ wɔn ade?

24 Bere a nokware Kristofo de anigye retwɛn Yehowa bɔhyɛ ahorow no mmamu no, ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so agyae nyaatwom biara. Bere a “Yakob agyapade” no ama wɔanya ahoɔden no, ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so anya honhom fam ahobammɔ wɔ “asase sorɔnsorɔn so.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Yehowa yɛɛ nsiesiei maa ne nkurɔfo a ehiaa wɔn a na wɔtɔn wɔn ho sɛ nkoa—ne titiriw no wɔbɛyɛɛ apaafo—de tuaa wɔn aka no. (Leviticus 25:39-43) Nanso, na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔne nkoa di no ayamye mu. Na ɛsɛ sɛ wogyae wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade no ma wɔfa wɔn ho di.—Exodus 21:2, 3, 26, 27; Deuteronomium 15:12-15.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 278]

Yudafo no dii mmuada sii wɔn ti ase te sɛ nea wɔanu wɔn ho—nanso wɔansesa wɔn akwan

[Mfonini wɔ kratafa 283]

Wɔn a na wɔwɔ bi no maa wɔn a na ahia wɔn no afie, ntama, anaa nneɛma

[Mfonini wɔ kratafa 286]

Sɛ Yudafo nu wɔn ho a, na wɔbɛsan akyekye wɔn nkurow a wɔasɛe no no