Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Yiyedi Nti na Yehowa Kyerɛkyerɛ Yɛn

Yɛn Yiyedi Nti na Yehowa Kyerɛkyerɛ Yɛn

Ti Akron

Yɛn Yiyedi Nti na Yehowa Kyerɛkyerɛ Yɛn

Yesaia 48:1-22

1. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wonim nyansa yɛ wɔn ade wɔ Yehowa nsɛm ho?

SƐ Yehowa kasa a, wɔn a wonim nyansa de obu kɛse tie, na wɔyɛ ne nsɛm no ho biribi. Biribiara a Yehowa ka no fa yɛn yiyedi ho, na yɛn yiyedi ho hia no yiye. Sɛ nhwɛso no, hwɛ abotɔyam a ɛwom sɛ yebesusuw ɔkwan a Yehowa faa so kasa kyerɛɛ ne nkurɔfo a ɔne wɔn yɛɛ apam tete no ho: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ.” (Yesaia 48:18) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ada adi sɛ mfaso wɔ so no ka yɛn ma yetie no na yedi n’akwankyerɛ akyi. Kyerɛwtohɔ a ɛfa nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu ho no yi adwenem naayɛ biara a ɛfa gyinae a Yehowa asi sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ ahorow abam ho no fi hɔ.

2. Henanom nti na wɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Yesaia 48 no, na henanom nso na wobetumi anya so mfaso?

2 Ɛda adi sɛ Yudafo a na wɔbɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no nti na wɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Yesaia nhoma no ti 48 no. Afei nso, asɛm bi wɔ nsɛm yi mu a Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ntumi mmu wɔn ani ngu so. Bible no kaa Babilon asehwe ho asɛm siei wɔ Yesaia ti 47. Afei Yehowa ka adwene a ɔwɔ wɔ Yudafo nnommum a wɔwɔ saa kurow no mu no ho asɛm. Yehowa nkurɔfo a wapaw wɔn no nyaatwomyɛ ne gye a wonnye ne bɔhyɛ ahorow nni no hyɛ no awerɛhow. Nanso, wɔn yiyedi nti ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn. Ohu sɛ bere bi bɛba a obeyiyi wɔn mu ma wɔasan de nkaefo anokwafo bi aba wɔn kurom.

3. Mfomso bɛn na na ɛwɔ Yudafo no som ho?

3 Hwɛ sɛnea Yehowa nkurɔfo aman afi nokware som ho kɔ akyiri! Nsɛm a Yesaia de fi ase no yɛ aniberesɛm: “Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din ato mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode [Yehowa, “NW”] din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no. Na wɔfrɛ wɔn ho sɛ wofi kurow kronkron no mu, na wotweri Israel Nyankopɔn a asafo [Yehowa, “NW”] ne ne din no.” (Yesaia 48:1, 2) Nyaatwom bɛn ara ni! Ɛda adi pefee sɛ ‘Yehowa din a wɔde keka ntam’ no sen Onyankopɔn din kɛkɛ a wɔbɔ. (Sefania 1:5) Ansa na Yudafo rekɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, na wɔsom Yehowa wɔ “kurow kronkron,” Yerusalem mu. Nanso, na wɔn som no mfi koma mu. Na wɔn koma atwe afi Onyankopɔn ho kɔ akyirikyiri, na na wɔn som ‘mfi nokware ne trenee mu.’ Wonni wɔn tete agyanom gyidi no bi.—Malaki 3:7.

4. Ɔsom bɛn na ɛsɔ Yehowa ani?

4 Yehowa nsɛm no kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn som yɛ bi ne bi. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea efi koma mu. Aniani som—a ebia yɛyɛ sɛ yɛde bɛsɔ afoforo ani anaa yɛbɛyɛ akyerɛ wɔn no—nyɛ “onyamesom pa.” (2 Petro 3:11) Frɛ a obi frɛ ne ho Kristoni kɛkɛ no mma ne som nyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. (2 Timoteo 3:5) Gye a yebegye atom sɛ Yehowa wɔ hɔ no ho hia, nanso ɛyɛ mfiase ara kwa. Yehowa pɛ ɔsom a efi ɔkra nyinaa mu a ɔdɔ ne anisɔ kɛse a wɔwɔ na ɛma wɔde ma no.—Kolosefo 3:23.

Nneɛma Foforo Ho Nkɔmhyɛ

5. Dɛn ne “kan nneɛma” a Yehowa hyɛɛ ho nkɔm no bi?

5 Ebia na ɛho hia sɛ wɔkaakae Yudafo a wɔwɔ Babilon no adwene wɔ nneɛma ho. Enti, Yehowa kae wɔn bio sɛ ɔne Onyankopɔn a ɔhyɛ nokware nkɔm no: “Kan nneɛma no, mifi mekae ɛnyɛ nnɛ, na efii m’anom, na mama wɔate: mpofirim na meyɛe, na ɛbae.” (Yesaia 48:3) “Kan nneɛma” no yɛ nneɛma a Onyankopɔn ayɛ dedaw, te sɛ Israelfo a wogyee wɔn fii Misraim na wɔde Bɔhyɛ Asase no maa wɔn sɛ apɛgyade no. (Genesis 13:14, 15; 15:13, 14) Onyankopɔn na ɔhyehyɛ nkɔm a ɛte saa no; na ne nyinaa fi soro. Onyankopɔn ma nnipa te ne mmara nsɛm, na ɛsɛ sɛ nea wɔte no kanyan wɔn ma wɔyɛ osetie. (Deuteronomium 28:15) Ɔyɛ ade mpofirim de di nea waka ho asɛm asie no ho dwuma. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no ma yenya awerɛhyem sɛ n’atirimpɔw bɛbam.—Yosua 21:45; 23:14.

6. Ɛhe na Yudafo no ayɛ “asoɔdenfo ne atuatewfo” akodu?

6 Yehowa nkurɔfo abɛyɛ “asoɔdenfo ne atuatewfo.” (Dwom 78:8) Ɔka kyerɛ wɔn pefee sɛ: “Woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ ɔdaban, na wo moma yɛ kɔbere.” (Yesaia 48:4) Te sɛ nnade no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛpon Yudafo—wɔyɛ den. Ɛno ne ade biako nti a Yehowa di kan yi nneɛma adi ansa na aba no. Sɛ ɛnte saa a, anka Yehowa nkurɔfo bɛka nneɛma a wayɛ no ho asɛm sɛ: “M’adwinhoni na ɔyɛe, me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe.” (Yesaia 48:5) So nea Yehowa reka mprempren no benya Yudafo a wonni nokware no so nkɛntɛnso bi? Onyankopɔn ka kyerɛ wɔn sɛ: “Woate; hwɛ eyi nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforo afi sesɛɛ, ne nea wɔakora so a wunhui no; afei na wɔabɔ, na emfi tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, minim dedaw.”—Yesaia 48:6, 7.

7. Dɛn na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no begye atom, na dɛn na wobetumi ahwɛ kwan?

7 Yesaia dii kan yɛɛ Babilon asehwe ho nkɔmhyɛ no ho kyerɛwtohɔ bere tenteenten. Afei, sɛ́ Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, wɔka kyerɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ wonsusuw nkɔmhyɛ no mmamu ho. So wobetumi agye kyim sɛ Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔma ne nkɔmhyɛ bam? Na esiane sɛ Yudafo no ahu na wɔate sɛ Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn nti no, so ɛnsɛ sɛ wɔn nso wɔka nokwasɛm yi kyerɛ afoforo? Yehowa asɛm a wada no adi ka nneɛma foforo a ennya mmae a ɛbɛba, te sɛ nkonim a Kores bedi wɔ Babilon so ne ahofadi a Yudafo benya, ho asɛm. (Yesaia 48:14-16) Nneɛma a ɛtete saa a ɛyɛ nwonwa yi sisi mpofirim. Na obiara ntumi nnyina wiase nsɛm tebea a ɛrekɔ so kɛkɛ so ntumi nhu nsie. Ɛbam mpofirim ankasa. Hena na ɔma saa nneɛma no ba? Esiane sɛ Yehowa di kan ka ho asɛm sie bɛyɛ mfirihyia 200 nti, mmuae no da adi pefee.

8. Nneɛma foforo bɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ kwan, na dɛn nti na wɔwɔ Yehowa nkɔmhyɛ asɛm mu ahotoso koraa?

8 Afei nso, Yehowa di n’asɛm ho dwuma sɛnea n’ankasa bere nhyehyɛe te. Ɛnyɛ Yudafo a wɔtraa ase tete mmere mu no nko na ne nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu no ma wohuu ne Nyamesu, na mmom Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso. Nkɔmhyɛ ahorow pii a enyaa ne mmamu tete no—“kan nneɛma” no—yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nneɛma foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no—“ahohia kɛse” a ɛreba, “nnipakuw kɛse” a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ saa ahohia no mu, “asase foforo” no, ne nea ɛkeka ho no—bɛba mu. (Adiyisɛm 7:9, 14, 15; 21:4, 5; 2 Petro 3:13) Saa bɔhyɛ no kanyan nnipa komapafo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔde nsi ka ne ho asɛm. Wɔne odwontofo a ɔkaa nea edi so yi yɛ adwene sɛ: “Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, meremmua m’ano.”—Dwom 40:9.

Yehowa Hyɛ Ne Ho So

9. Ɔkwan bɛn so na Israel man no yɛ “mmaratofo fi yafunu mu”?

9 Gye a Yudafo no nnye Yehowa nkɔmhyɛ ahorow nni no ama wontie ne kɔkɔbɔ ahorow. Ɛno nti na ɔkɔ so ka kyerɛ wɔn sɛ: “Wontee pɛn, nso wunhui ɛ, efi tete na w’aso mmuei; na minim sɛ nkontompo ara na wutwa, na wɔfrɛ wo mmaratofo fi yafunu mu.” (Yesaia 48:8) Yudafo asisi wɔn aso wɔ Yehowa asɛmpa ho. (Yesaia 29:10) Sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no ayɛ wɔn ade no da no adi sɛ ɔman no yɛ “mmaratofo fi yafunu mu.” Israel man no ada ne ho adi sɛ ɔyɛ tuatewfo fi n’awo so ne n’abakɔsɛm nyinaa mu. Mmarato ne nkontompo yɛ nkurɔfo no su, ɛnyɛ bɔne a wɔyɛ no bere ne bere mu kɛkɛ.—Dwom 95:10; Malaki 2:11.

10. Dɛn nti na Yehowa bɛhyɛ ne ho so?

10 So anidaso nyinaa asa? Dabi. Ɛwom sɛ Yudafo no ayɛ atuatewfo ne nkontompofo de, nanso Yehowa yɛ ɔnokwafo bere nyinaa. N’anuonyam din kɛse no nti, ɔbɛtew n’abufuw no so. Ɔka sɛ: “Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mankuw w’ase.” (Yesaia 48:9) Abirabɔsɛm bɛn ni! Yehowa nkurɔfo, Israel ne Yuda nyinaa, anni no nokware. Nanso, Yehowa bɛtew ne din ho, na wayɛ ade wɔ ɔkwan bi so ma wɔakamfo ne din na wɔahyɛ no anuonyam. Esiane eyi nti, ɔrentɔre ne nkurɔfo a wapaw wɔn no ase.—Yoel 2:13, 14.

11. Dɛn nti na Onyankopɔn remma wɔnsɛe ne nkurɔfo koraa?

11 Onyankopɔn animka no kanyan Yudafo a wɔafa wɔn nnommum no mu komapafo bi ma wosi wɔn bo sɛ wobetie ne nkyerɛkyerɛ. Saafo no fam no, asɛm a edi so yi ma wonya awerɛkyekye kɛse: “Hwɛ, manãn wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ, mayi wo, amane fononoo mu. Me nti, me nti ara na meyɛ; efisɛ, wonhura me din ho dɛn? Meremfa m’anuonyam memma obi.” (Yesaia 48:10, 11) Ahokyere a emu yɛ den—te sɛ “amane fononoo”—a Yehowa ama hokwan ma aba ne nkurɔfo so no asɔ wɔn ahwɛ anãn wɔn, ama wɔn komam agyina ada adi. Ná biribi a ɛte saa adi kan asi wɔ mfehaha pii a atwam no, bere a Mose ka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn ma wonantew mfirihyia aduanan yi sare so, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu no.’ (Deuteronomium 8:2) Ɔman no atuatew nyinaa akyi no, Yehowa ansɛe wɔn saa bere no, na ɔrensɛe ɔman no koraa saa bere yi. Ɔnam saayɛ so bɛma ne din ne n’anuonyam atra hɔ. Sɛ ɛba sɛ Babilonfo tɔre ne nkurɔfo ase a, na wanni n’apam so, na wobegu ne din ho fĩ. Ɛbɛyɛ sɛ nea Israel Nyankopɔn no nni tumi a ɔde begye ne nkurɔfo.—Hesekiel 20:9.

12. Ɔkwan bɛn so na woyiyii nokware Kristofo mu wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu?

12 Ɛnnɛ mmere mu nso, ɛho ahia sɛ wɔnãn Yehowa nkurɔfo. Afeha a ɛto so 20 no mfiase no, Bible Asuafo kuw ketewa no mufo pii fii komapa mu som Onyankopɔn pɛe sɛ wɔsɔ n’ani, nanso na ebinom kura adwemmɔne te sɛ din a na wɔpɛ sɛ wogye. Na ɛsɛ sɛ woyiyi wɔn mu ansa na saa kuw ketewaa no atumi adi wiase nyinaa asɛmpaka adwuma a wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛyɛ wɔ awiei bere mu no anim. (Mateo 24:14) Odiyifo Malaki hyɛɛ nyiyim adwuma a ɛte saa a wɔbɛyɛ wɔ bere a Yehowa bɛba n’asɔrefie no ho nkɔm. (Malaki 3:1-4) Ne nsɛm no baa mu wɔ afe 1918 mu. Na nokware Kristofo afa sɔhwɛ bere a emu yɛ den mu wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu, na saa sɔhwɛ no kowiee afiase a wɔde Joseph F. Rutherford a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, ne emu mpanyimfo bi kogui. Saa Kristofo anokwafo no nyaa wɔn mu a woyiyii no so mfaso. Wofii Wiase Ko I no mu a na wɔasi wɔn bo sen bere biara sɛ wɔbɛsom wɔn Nyankopɔn kɛse no wɔ ɔkwan biara a ɔbɛkyerɛ so.

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo ayɛ wɔn ade wɔ ɔtaa ho wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu fi wiase nyinaa ko a edi kan no mu?

13 Efi saa bere no, Yehowa Adansefo ahyia ɔtaa ahorow a emu yɛ den sen biara mpɛn pii. Eyi mmaa wɔn adwenem nyɛɛ wɔn nãã wɔ wɔn Bɔfo no asɛm ho. Mmom no, wɔahyɛ nsɛm a ɔsomafo Petro de kɔmaa ne bere so Kristofo a na wɔtaa wɔn no nsow: ‘Wɔhow mo werɛ sɔhwɛ ahorow bebree mu, na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.’ (1 Petro 1:6, 7) Ɔtaa a emu yɛ den nsɛe nokware Kristofo gyidi. Mmom no, ɛma wohu sɛnea adwene a wokura yɛ kronn fa. Ɛma wonya gyidi a wɔasɔ ahwɛ, na ɛkyerɛ sɛnea ahofama ne ɔdɔ a wɔwɔ no mu yɛ den fa.—Mmebusɛm 17:3.

‘Mene Odikanfo, Me Ara Ne Okyiridifo’

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ “odikanfo” ne “okyiridifo”? (b) Nnwuma akɛse bɛn na Yehowa de ne “nsa” yɛe?

14 Afei Yehowa fi ɔdɔ mu ka kyerɛ ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no sɛ: “Tie me, Yakob, ne Israel a mafrɛ wo, mene ɔno ara, mene odikanfo, na me ara nso ne okyiridifo. Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; me na mefrɛe, na ne nyinaa begyinagyinaa hɔ.” (Yesaia 48:12, 13) Nea ɛnte sɛ onipa no, Onyankopɔn te hɔ daa na ɔnsakra. (Malaki 3:6) Wɔ Adiyisɛm mu no, Yehowa ka sɛ: “Mene Alfa ne Omega, ɔkannifo ne okyikafo, mfiase ne awiei no.” (Adiyisɛm 22:13) Obiara nni Yehowa ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn anim, na n’akyi nso obiara remma. Ɔne Opumpuni ne Nea Ɔte Hɔ Daa, Ɔbɔadeɛ no. Ɔde ne “nsa”—ne tumi a ɔde yɛ adwuma—na ɛyɛɛ asase trɛw ɔsoro a nsoromma ahyɛ hɔ ma no mu. (Hiob 38:4; Dwom 102:25) Sɛ ɔfrɛ n’abɔde a, wɔayɛ krado sɛ wɔbɛsom no.—Dwom 147:4.

15. Ɔkwan bɛn so ne dɛn nti na Yehowa ‘dɔɔ’ Kores?

15 Ɔde nsato a ɛho hia bi ma Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa sɛ: “Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie: Wɔn mu hena na ɔkaa eyinom? Nea [Yehowa, “NW”] dɔ no no bɛyɛ n’anisɔde Babel ho, na ne basa ayɛ Kaldeafo ho. Me, me na maka, nso mafrɛ no; mama waba, na ne kwan yɛ no siadekwan.” (Yesaia 48:14, 15) Yehowa nkutoo ne tumi nyinaa wura, na otumi hyɛ nkɔm ma ɛbam pɛpɛɛpɛ. “Wɔn mu” biara, ahoni a mfaso nni so no, ntumi nka saa nneɛma yi. Ɛyɛ Yehowa, nyɛ ahoni no, na ‘wɔadɔ’ Kores—kyerɛ sɛ, Yehowa na wapaw no ama atirimpɔw pɔtee bi. (Yesaia 41:2; 44:28; 45:1, 13; 46:11) Wahu wiase tumidi mu a Kores bɛba no asie, na waka ne ho asɛm sɛ nea obedi Babilon so daakye.

16, 17. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Onyankopɔn nhyɛɛ nkɔm wɔ ahintawee mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa abɔ n’atirimpɔw ahorow ho dawuru nnɛ?

16 Yehowa de nne a ɛyɛ dɛ toa so sɛ: “Muntwiw mmɛn me, muntie eyi. Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae; efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ.” (Yesaia 48:16a) Yehowa nhyɛɛ nkɔm wɔ ahintawee mu anaasɛ ɔnkaa ne nsɛm nkyerɛɛ nnipa kakraa bi pɛ. Na Yehowa adiyifo no gyina Onyankopɔn ananmu kasa tẽẽ. (Yesaia 61:1) Wɔkaa Onyankopɔn apɛde ho asɛm wɔ baguam. Sɛ nhwɛso no, na Kores ho nsɛm nyɛ foforo wɔ Onyankopɔn anim anaasɛ ade a onnim. Onyankopɔn nam Yesaia so dii kan kaa ho asɛm pefee siei bɛyɛ mfirihyia 200.

17 Saa ara na Yehowa mfa n’atirimpɔw nhintaw nnɛ. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ nsase ne po mu nsupɔw ɔhaha pii so rebɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛreba ho kɔkɔ, na wɔrebɔ Onyankopɔn Ahenni mu nhyira horow ho asɛmpa no dawuru wɔ afie afie, mmɔnten so, ne mmeae foforo biara a wobetumi. Nokwarem no, Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔka n’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ.

‘Wɛn W’aso Ma Me Mmara Nsɛm!’

18. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nya?

18 Yehowa honhom hyɛ odiyifo no den ma ɔka sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] wo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Me [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:16b, 17) Ɛsɛ sɛ asɛm a ɔdɔ wom a Yehowa ka de kyerɛ sɛ odwen Israel man ho no ma wonya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn begye wɔn afi Babilon. Ɔne wɔn Gyefo. (Yesaia 54:5) Nea Yehowa koma pɛ ne sɛ Israelfo bɛsan ne no abenya abusuabɔ na wɔadi ne mmara nsɛm so. Nokware som gyina Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a wobedi so so. Israelfo ntumi nnantew ɔkwantrenee so gye sɛ wɔkyerɛ wɔn ‘kwan a wɔmfa so.’

19. Asɛm a ɛka koma bɛn na Yehowa de to gua?

19 Wɔka sɛnea Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo kwati amanehunu na wonya nkwa no ho asɛm fɛfɛɛfɛ sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:18) Asɛm a ɛka koma a Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ de to gua bɛn ara ni! (Deuteronomium 5:29; Dwom 81:13) Sɛ́ anka Israelfo bɛkɔ nnommumfa mu no, wobetumi anya asomdwoe pii sɛ asubɔnten mu nsu a ɛresen. (Dwom 119:165) Wɔn trenee nnwuma betumi adɔɔso sɛ po asorɔkye. (Amos 5:24) Yehowa kasa kyerɛ Israelfo no sɛ obi a wɔn ho hia no ankasa, na ofi ɔdɔ mu kyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so. Oo, sɛ anka wobetie ɛ!

20. (a) Israel atuatew nyinaa akyi no, dɛn na Nyankopɔn pɛ sɛ wonya? (b) Dɛn na yesua fi sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii no mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 133 no.)

20 Sɛ Israel sakra n’adwene a, nhyira bɛn na wobenya? Yehowa ka sɛ: “W’asefo adɔ sɛ nhwea, na wo yafunu mufo ayɛ sɛ n’akoko; wɔrentwa ne din nkyene, na wɔrensɛe no mfi m’anim.” (Yesaia 48:19) Yehowa kae nkurɔfo no ne bɔhyɛ a ɛne sɛ Abraham asefo bɛdɔɔso “sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea” no. (Genesis 22:17; 32:12) Nanso, saa Abraham asefo yi ayɛ atuatewfo, na wonni hokwan sɛ wɔn nsa ka bɔhyɛ no. Nokwarem no, wɔn bra asɛe araa ma ɛdenam Yehowa ankasa Mmara so no, wɔfata sɛ wotwa wɔn din sɛ ɔman no kyene. (Deuteronomium 28:45) Nanso, Yehowa mpɛ sɛ ɔtɔre ne nkurɔfo ase, na ɔmpɛ sɛ ogyaw wɔn koraa.

21. Sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a, nhyira ahorow bɛn na yebetumi anya nnɛ?

21 Nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ saa asɛm a tumi wom yi mu no fa Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho. Yehowa ne nkwa Nsuti, na onim sɛnea ɛfata sɛ yɛde yɛn nkwa di dwuma sen obiara. (Dwom 36:9) Wama yɛn akwankyerɛ ahorow, ɛnyɛ sɛ ɛbɛsɛe yɛn anigye, na mmom sɛ yebenya so mfaso. Nokware Kristofo tie denam ma a wɔma Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no so. (Mika 4:2) N’akwankyerɛ ahorow bɔ yɛn honhom fam yiyedi ne yɛne ne ntam abusuabɔ ho ban, na ɛbɔ yɛn ho ban fi Satan nkɛntɛnso bɔne ho. Sɛ yehu Onyankopɔn mmara mu nnyinasosɛm a, yehu sɛ yɛn yiyedi nti na Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn. Yehu sɛ “n’ahyɛde no nyɛ den.” Na wɔrentwa yɛn nkyene.—1 Yohane 2:17; 5:3.

‘Mumfi Babilon!’

22. Dɛn na wɔhyɛ Yudafo anokwafo no nkuran sɛ wɔnyɛ, na bɔhyɛ ahorow bɛn na wɔde ma wɔn?

22 Sɛ Babilon hwe ase a, so Yudafo no mu bi bɛda koma pa adi? So wɔde gye a Onyankopɔn agye wɔn no bedi dwuma asan akɔ wɔn kurom, na wɔde nokware som akosi hɔ bio? Yiw. Yehowa nsɛm a edi hɔ no da ahotoso a ɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ eyi no adi. “Mumfi Babel, momfa ahurusidi nne nguan mfi Kaldeafo mu; monka, momma wɔnte ayi, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: [Yehowa, “NW”] agye n’akoa Yakob. Ɔde wɔn nam anhwea pradada so no, osukɔm anne wɔn: otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.” (Yesaia 48:20, 21) Wɔhyɛ Yehowa nkurɔfo nkuran wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ womfi Babilon ntɛm. (Yeremia 50:8) Ɛsɛ sɛ wɔma wɔte wɔn gye no ho asɛm wɔ asase ano. (Yeremia 31:10) Wofii Misraim no akyi no, Yehowa dii ne nkurɔfo ahiade ho dwuma bere a na wɔnam anhweatam so no. Saa ara na ɔbɛhwɛ ne nkurɔfo bere a wɔnam kwan so refi Babilon asan akɔ wɔn kurom no.—Deuteronomium 8:15, 16.

23. Henanom na wɔrennya asomdwoe a Onyankopɔn de ma no?

23 Yehowa nkwagye ho nnyinasosɛm foforo a ɛho hia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yudafo no kae. Wɔn a wɔwɔ koma pa betumi ahu amane esiane wɔn bɔne nti, nanso wɔrensɛe wɔn. Nanso, ɛnte saa wɔ abɔnefo fam. “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, [Yehowa, “NW”] na ose.” (Yesaia 48:22) Abɔnefo a wonnu wɔn ho rennya asomdwoe a Onyankopɔn de bɛma wɔn a wɔdɔ no no. Nkwagye nni hɔ mma asoɔdenfo a wɔnsakra anaa wɔn a wonnye nni. Ogye a ɛte saa wɔ hɔ ma wɔn a wogye di nkutoo. (Tito 1:15, 16; Adiyisɛm 22:14, 15) Abɔnefo nni Onyankopɔn asomdwoe.

24. Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo ani gyei wɔ nnɛ mmere yi mu?

24 Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, hokwan a Israelfo anokwafo nya de fii Babilon no maa wɔn ani gyei kɛse. Wɔ afe 1919 mu no, ahofadi a Onyankopɔn nkurɔfo nya de fii Babilon nnommumfa mu no ma wodii ahurusi. (Adiyisɛm 11:11, 12) Wonyaa anidaso, na wɔde hokwan no trɛw wɔn som adwuma mu. Nokwarem no, na egye akokoduru na ama Kristofo kuw ketewaa no atumi de asɛnka adwuma hokwan foforo no adi dwuma wɔ wiase a nitan wom no mu. Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔde wɔn adwene sii asɛmpaka adwuma no so. Abakɔsɛm di adanse sɛ Yehowa hyiraa wɔn.

25. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetie Onyankopɔn trenee mmara horow yiye?

25 Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi si so dua sɛ yɛn yiyedi nti na Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn. Ɛho hia paa sɛ yetie Onyankopɔn trenee mmara horow yiye. (Adiyisɛm 15:2-4) Sɛ yɛkaakae Onyankopɔn nyansa ne ne dɔ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea Yehowa ka sɛ ɛteɛ. Ne mmara horow nyinaa wɔ hɔ ma yɛn yiyedi.—Yesaia 48:17, 18.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 133]

Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn Hyɛ Ne Ho So

Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo awaefo no sɛ: “Metwentwɛn m’abufuw ase, . . . [mɛhyɛ me ho so, NW].” (Yesaia 48:9) Nsɛm a ɛtete saa boa yɛn ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ tumi a wɔmfa nni dwuma ɔkwammɔne so mu. Ɛyɛ nokware sɛ obiara nni tumi nsen Onyankopɔn. Ɛno nti na yɛfrɛ no tumi nyinaa Wura, Nea ne tumi nni ano no. Ɔfrɛ ne ho “Ade Nyinaa so Tumfoɔ” ma ɛfata. (Genesis 17:1, NW) Ɛnyɛ ahoɔden a enni ano nko na ɔwɔ na mmom tumi nyinaa nso, esiane ne dibea sɛ Amansan Hene, wɔ amansan a ɔbɔe no so nti. Ɛno nti na obiara nni hɔ a ɔfata sɛ ɔbɔ ne nsa kyene anaa ɔka kyerɛ no sɛ, “Dɛn na woyɛ yi?”—Daniel 4:35.

Nanso, Onyankopɔn bo kyɛ fuw, bere mpo a ɛsɛ sɛ oyi ne tumi adi kyerɛ n’atamfo no. (Nahum 1:3) Yehowa tumi ‘twentwɛn n’abufuw ase’ na wɔka ne ho asɛm ma ɛfata sɛ ‘ne bo dwo kyɛ,’ efisɛ ɔdɔ ne ne su titiriw—ɛnyɛ abufuw. Sɛ ɔda n’abufuw adi a, ɛteɛ bere nyinaa, ɛfata bere nyinaa, na ɛyɛ nea ɔhyɛ so bere nyinaa.—Exodus 34:6; 1 Yohane 4:8.

Dɛn nti na Yehowa yɛ ade saa kwan yi so? Efisɛ ɔde ne su atitiriw abiɛsa no—nyansa, atɛntrenee, ne ɔdɔ—ka ne tumi a ɛsen biara no ho de di dwuma ma ɛyɛ nea ɛfata. Ne tumi a ɔde di dwuma no ne saa su afoforo yi hyia bere nyinaa.

[Mfonini wɔ kratafa 122]

Yesaia asɛm a ɛfa ahofadi ho no ma Yudafo anokwafo a wɔwɔ nnommumfa mu no nya anidaso bi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 124]

Na Yudafo taa de Yehowa nnwuma ho ayeyi ma ahoni

1. Ishtar 2. Ntayaa adwini hyɛnhyɛn a efi Babilon Kwan a wɔto Santen wɔ so a ɛto so 3. Ɔwɔ a ɛyɛ Marduk ho sɛnkyerɛnne

[Mfonini wɔ kratafa 127]

“Amane fononoo” no betumi ama yɛahu sɛ ebia yɛde adwempa na ɛresom Yehowa anaasɛ ɛnte saa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 128]

Nokware Kristofo ahyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den yiye