Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Gye Anuonyam Din Fa

Yehowa Gye Anuonyam Din Fa

Ti Aduonu Anan

Yehowa Gye Anuonyam Din Fa

Yesaia 63:1-14

1, 2. (a) Ba a ‘Yehowa da’ no bɛba no ho hia Kristofo dɛn? (b) Ɔsɛmpɔw kɛse bɛn na ɛwɔ Yehowa da a ɛreba no mu?

BƐYƐ mfirihyia mpem abien ni na Kristofo akɔ so ‘atwɛn Yehowa da no ba.’ (2 Petro 3:12; Tito 2:13) Ntease wom sɛ wɔde ahopere hwɛ kwan sɛ saa da no bɛba. Anyɛ yiye koraa no, ɛno na ɛbɛyɛ ahotɔ a wobenya afi adesɛe a sintɔ de aba mu no mfiase. (Romafo 8:22) Ɛbɛkyerɛ ahokyere a wohyia wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no awiei nso.—2 Timoteo 3:1.

2 Nanso, bere a Yehowa da no bɛma treneefo ho atɔ wɔn no, ɛbɛkyerɛ ɔsɛe nso ama “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no.” (2 Tesalonikafo 1:7, 8) Ɛsɛ sɛ yesusuw eyi ho anibere so. So gye a Onyankopɔn begye ne nkurɔfo afi ahokyere mu nkutoo nti na ɔde ɔsɛe bɛba abɔnefo so no? Yesaia ti 63 kyerɛ sɛ ɔsɛmpɔw foforo a ɛsen saa koraa, a ɛne, Onyankopɔn din ho a wɔbɛtew, wom.

Ɔkofo Nkonimdifo no Aperententu

3, 4. (a) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 63 no fa dɛn ho? (b) Hena na Yesaia hui sɛ ɔretu aperenten akɔ Yerusalem no, na nhomanimfo binom akyerɛ sɛ ɔyɛ hena?

3 Yɛkenkan Yudafo a wogyee wɔn fii Babilon nnommumfa mu ne wɔn kurow a wɔsan kɔkyekyee no ho asɛm wɔ Yesaia ti 62. Sɛnea ɛte no, asɛmmisa no sɔre sɛ: So na ɛsɛ sɛ Yudafo nkaefo no suro ɔsɛe foforo a na aman a wɔyɛ wɔn atamfo no de bɛba wɔn so no? Anisoadehu a Yesaia nyae no boae pii maa wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Nkɔmhyɛ no fii ase sɛ: “Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ne ntade bere kɔɔ a ofi Bosra reba yi? Oyi a wahoman, n’adurade mu, na ɔkyẽa, ne tumi kɛse mu yi?”Yesaia 63:1a.

4 Yesaia hui sɛ ɔkofo bi retu aperenten ahoɔden ne nkonimdi so akɔ Yerusalem. N’atade fɛfɛ no kyerɛe sɛ na ɔwɔ dibea a ɛkorɔn sen biara. Ofi Edom kurow a na agye din sen biara a ɛne Bosra mu, na na ɔreba a na ɛkyerɛ sɛ wadi nkonim kɛse wɔ saa atamfo no asase so. Ná ɔkofo yi betumi ayɛ hena? Nhomanimfo bi ka sɛ ɛyɛ Yesu Kristo. Afoforo nso gye di sɛ ɔyɛ Yudafo asraafo kannifo Judas Maccabaeus. Nanso, ɔkofo no ankasa kyerɛɛ onipa ko a ɔyɛ bere a obuaa asɛmmisa a yɛasusuw ho no sɛ: “Ɛyɛ me a mekasa trenee mu na mesõ nkwagye no.”—Yesaia 63:1b.

5. Hena ne ɔkofo a Yesaia huu no no, na dɛn nti na wubua saa?

5 Akyinnye biara nni ho sɛ saa ɔkofo yi yɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa. Wɔkaa ne ho asɛm wɔ mmeae bi sɛ ɔwɔ ‘tumi dodow ne ahoɔden kɛse’ na ‘ɔkasa nokware mu.’ (Yesaia 40:26; 45:19, 23) Ntade fɛfɛ a na ɔkofo no hyɛ no kae yɛn odwontofo no nsɛm no: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔharan ne anuonyam.” (Dwom 104:1) Ɛwom sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn de, nanso Bible da no adi sɛ, sɛ ɛho behia a, ɔhyɛ akotade.—Yesaia 34:2; 1 Yohane 4:16.

6. Dɛn nti na Yehowa fi Edom ko resan aba?

6 Nanso, dɛn nti na na Yehowa fi Edom ko resan aba? Ná Edomfo no yɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no atamfo fi teteete a na wɔama nitan a wɔn agya a ɔne Esau no fii ase no akɔ so atra wɔn mu. (Genesis 25:24-34; Numeri 20:14-21) Sɛnea na Edom tan Yuda kɛse no bɛdaa adi titiriw wɔ Yerusalem sɛe mu bere a Edomfo no bɔ gyee Babilon asraafo no so no. (Dwom 137:7) Yehowa faa nitan a ɛte saa no sɛ ɛyɛ ade a wɔyɛ tiaa ɔno ankasa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɔɔ ne tirim sɛ obedi Edom so were!—Yesaia 34:5-15; Yeremia 49:7-22.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a etia Edom no nyaa ne mmamu a edi kan? (b) Edom yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

7 Enti na anisoadehu a Yesaia nyae no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma Yudafo a na wɔresan akɔ Yerusalem no. Ɛma wonyaa abotɔyam sɛ wɔbɛtra ase dwoodwoo wɔ wɔn kurow foforo no mu. Nokwarem no, eduu odiyifo Malaki bere so no, na Onyankopɔn ayɛ Edom “mmepɔw no afõ, ne n’agyapade nso sare so sakraman ade.” (Malaki 1:3) Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu koraa wɔ Malaki bere so? Dabi, efisɛ ɛmfa ho ɔsɛe a ɛbaa Edom so no, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsan akyekye amamfõ no, na Malaki kɔɔ so frɛɛ Edom “abɔnefosɛm hye” ne “ɔman a [Yehowa, NW] afa wɔn abufuw de rekosi daa.” * (Malaki 1:4, 5) Nanso, wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, Edom kɔ akyiri sen Esau asefo ara kwa. Ɛyɛ amanaman a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo atamfo nyinaa ho sɛnkyerɛnne. Kristoman mu aman titiriw adi akoten wɔ eyi mu. Dɛn na ɛbɛto Edomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yi?

Nsã-Kyi-Amoa No

8, 9. (a) Dwuma bɛn na na ɔkofo a Yesaia huu no no redi? (b) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wotiatia sɛnkyerɛnne kwan so nsã-kyi-amoa no mu?

8 Yesaia bisaa ɔkofo a ɔresan aba no sɛ: “Ɛdɛn na w’adurade bere sɛɛ, na wo ntade te sɛ nsã-kyi-amoa mu tiatiafo de yi?” Yehowa buae sɛ: “Nsã-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu, na aman sofo mu biara nka me ho; na mitiatiaa wɔn so m’abufuhyew mu, na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu, na akeka m’adurade nyinaa mu.”—Yesaia 63:2, 3.

9 Nsɛm a emu da hɔ yi kyerɛ okunkɛse. Hwɛ, nneɛma akeka Onyankopɔn ntade a ɛyɛ fɛ no mpo mu te sɛ nea ɔretiatia nsã-kyi-amoa mu! Nsã-kyi-amoa yɛ sɛnea wɔkaa Yehowa Nyankopɔn atamfo hyɛɛ mu bere a ɔkɔsɛee wɔn no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. Bere bɛn na na wobetiatia sɛnkyerɛnne kwan so nsã-kyi-amoa yi mu? Yoel ne ɔsomafo Yohane nkɔmhyɛ no nso ka sɛnkyerɛnne kwan so nsã-kyi-amoa ho asɛm. Wobetiatia saa nkɔmhyɛ mu nsã-kyi-amoa no mu wɔ bere a Yehowa tiatia n’atamfo so na ɔsɛe wɔn wɔ Harmagedon no mu. (Yoel 3:13; Adiyisɛm 14:18-20; 16:16) Yesaia nkɔmhyɛ kwan so nsã-kyi-amoa no twe adwene si saa bere no ara so.

10. Dɛn nti na Yehowa kae sɛ ɔno ankasa na otiatia nsã-kyi-amoa no mu?

10 Nanso, dɛn nti na Yehowa kae sɛ ɔno ankasa na otiatia ne nsã-kyi-amoa no mu, bere a na ɔmanfo no mu biara nka ne ho no? So ɛnyɛ Yesu Kristo, sɛ́ Onyankopɔn ananmusifo no, na obedi anim atiatia nsã-kyi-amoa no mu? (Adiyisɛm 19:11-16) Ɛte saa, nanso na nnipa ho asɛm na Yehowa reka, na ɛnyɛ honhom abɔde. Na ɔreka sɛ onipa biara nni hɔ a obetumi ayi Satan akyidifo afi asase so. (Yesaia 59:15, 16) Ɛyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no na ɔbɛkɔ so atiatia wɔn so wɔ n’abufuw mu kosi sɛ ɔbɛyɛ wɔn nyinaa pasaa.

11. (a) Dɛn nti na Yehowa de “aweredi da” ba? (b) Henanom ne ‘wɔn a na wɔagye wɔn’ wɔ tete mmere mu no, na wɔne henanom nnɛ?

11 Yehowa kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔno ankasa yɛ saa adwuma yi mu sɛ: “Aweredi da bi wɔ me koma mu, na me gye afe no aba.” (Yesaia 63:4) * Yehowa nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ odi wɔn a wɔyɛ ne nkurɔfo bɔne no werɛ. (Deuteronomium 32:35) Wɔ tete mmere mu no, na ‘wɔn a wɔagye wɔn no’ ne Yudafo a wohuu amane wɔ Babilonfo nsam no. (Yesaia 35:10; 43:1; 48:20) Ɛnnɛ mmere mu no, wɔne nkaefo a wɔasra wɔn no. (Adiyisɛm 12:17) Te sɛ wɔn mfɛfo a wɔtraa ase wɔ tete mmere no mu no, wɔagye wɔn afi nyamesom mu nnommumfa mu. Na te sɛ saa Yudafo no, nkaefo no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no ahyia ɔtaa ne ɔsɔretia. (Yohane 10:16) Enti, Yesaia nkɔmhyɛ no ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nya awerɛhyem sɛ wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, Obedi wɔn asɛm ama wɔn.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa annya ɔboafo biara? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa basa gye nkwa, na ɔkwan bɛn so na n’abufuhyew boa no?

12 Yehowa toaa so sɛ: “Mehwɛe, nso na ɔboafo bi nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi nni hɔ a oso mu abia: ɛnna me basa gyee me, na m’abufuhyew nso soo me mu abia. Na mitiatiaa aman so, m’abufuw mu, na mema wɔbobowee, m’abufuhyew mu, na mihwiee wɔn mogya miguu asase so.”—Yesaia 63:5, 6.

13 Onipa boafo biara ntumi nnye Yehowa aweredi da kɛse no ho anuonyam mfa. Na saa ara nso na Yehowa nhia onipa biara mmoa na ama watumi ayɛ n’apɛde. * Ne basa mu tumi a enni ano no ara betumi ayɛ adwuma no. (Dwom 44:3; 98:1; Yeremia 27:5) N’abufuhyew nso boa no. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ Onyankopɔn abufuhyew nyɛ nkate a ontumi nni so, na mmom ɛyɛ trenee abufuw. Esiane sɛ Yehowa de trenee nnyinasosɛm na ɛyɛ n’ade bere nyinaa nti, n’abufuhyew no boa no, na ɛkanyan no ma ɔde n’atamfo hwe ‘fam asase so,’ na ‘ohwie wɔn mogya gu’ de gu wɔn anim ase wɔ nkogudi mu.—Dwom 75:8; Yesaia 25:10; 26:5.

Onyankopɔn Adɔeyɛ

14. Afei nkaesɛm a ɛfata bɛn na Yesaia de ma?

14 Wɔ tete mmere no mu no, Yudafo no hweree anisɔ a na wɔwɔ ma nneɛma a Yehowa yɛ maa wɔn no ntɛmntɛm. Enti na ɛfata sɛ Yesaia kae wɔn nea enti a Yehowa yɛɛ nneɛma a ɛtete saa no. Ɔkae sɛ: “Mɛbɔ [Yehowa, “NW”] adɔeyɛ din, [Yehowa, “NW”] ayeyide no, sɛ ɛfata nea [Yehowa, “NW”] ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no. Na ose: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atoro, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa. Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.”—Yesaia 63:7-9.

15. Ɔkwan bɛn so ne dɛn nti na Yehowa daa adɔe adi kyerɛɛ Abraham asefo wɔ Misraim?

15 Nhwɛso soronko bɛn ara na Yehowa yɛe de daa adɔe anaa nokware dɔ adi sɛɛ yi! (Dwom 36:7; 62:12) Yehowa fi ɔdɔ mu de Abraham bataa ne ho. (Mika 7:20) Ɔhyɛɛ tete agya no bɔ sɛ ɔnam n’aseni so behyira asase so amanaman nyinaa. (Genesis 22:17, 18) Yehowa dii saa bɔhyɛ no so, na ɔyɛɛ Israel fie papa pii. Nneɛma a ofii nokwaredi mu yɛe no biako a ɛda nsow ne Abraham asefo a ogyee wɔn fii Misraim nkoasom mu no.—Exodus 14:30.

16. (a) Adwene bɛn na na Yehowa kura bere a ɔne Israel yɛɛ apam no? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne ne nkurɔfo di nsɛm?

16 Bere a Israel fii Misraim no, Yehowa de wɔn baa Bepɔw Sinai ho, na ɔhyɛɛ wɔn saa bɔ yi sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, . . . Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) So na ɛyɛ nnaadaa sɛ Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ yi? Dabi, efisɛ Yesaia daa no adi sɛ Yehowa kaa ne tirim sɛ: “[Ampa ara] me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atoro.” Nhomanimfo bi kae sɛ: “‘Ampa ara’ no mfa tumi a ɔwɔ anaa hu a otumi hu biribi sie no ho: ɛyɛ anidaso ne ahotoso a ofi ɔdɔ mu wɔ.” Yiw, Yehowa fi ayamye mu na ɔyɛɛ n’apam no, ná ɔpɛ sɛ esi ne nkurɔfo no yiye ankasa. Ɛmfa ho wɔn sintɔ ahorow a na ɛda adi pefee no, onyaa wɔn mu ahotoso. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wobɛsom Onyankopɔn a ɔwɔ n’asomfo mu ahotoso saa no! Sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ da ahotoso a ɛte saa ara adi wɔ papayɛ kakra a Onyankopɔn nkurɔfo da no adi no mu a, ɛma wɔhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no den pii.—2 Tesalonikafo 3:4; Hebrifo 6:9, 10.

17. (a) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma Israelfo no ho adanse bɛn na ɔdaa no adi? (b) Ahotoso bɛn na yebetumi anya nnɛ?

17 Nanso, odwontofo no kaa Israelfo no ho asɛm sɛ: “Wɔn werɛ fii Nyankopɔn a ogyee wɔn, ɔyɛɛ nneɛma akɛse Misraim” no. (Dwom 106:21) Mpɛn pii na wɔn asoɔden ne wɔn kɔn a wɔsenee no de wɔn kɔɔ ahohia mu. (Deuteronomium 9:6) So Yehowa gyaee adɔe a na obeyi no adi akyerɛ wɔn no? Wannyae, mmom no, Yesaia kae sɛ “wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no.” Hwɛ sɛnea Yehowa yɛ timmɔbɔ! Sɛnea ɛte wɔ agya biara a ɔwɔ ɔdɔ fam no, ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw sɛ ohui sɛ ne mma rehu amane, bere mpo a na wɔn ankasa nkwaseasɛm na ama wɔrehu amane no. Sɛnea wɔka siei ne sɛnea ne dɔ a ɔdaa no adi no kyerɛ no, ɔsomaa ne ‘bɔfo,’ a ɛda adi sɛ na ɔyɛ Yesu a na onnya mmɛyɛɛ ɔdesani no ma okodii wɔn anim de wɔn kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Exodus 23:20) Enti Yehowa maa ɔman no so soaa wɔn, “sɛnea onipa kura ne ba” mu no. (Deuteronomium 1:31; Dwom 106:10) Yebetumi anya ahotoso saa ara nnɛ sɛ Yehowa hu yɛn amanehunu, na sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, ɔte nka ma yɛn. Yebetumi afi ahotoso mu ‘de yɛn dadwen ne yɛn haw nyinaa ato no so, efisɛ odwen yɛn ho.’—1 Petro 5:7.

Onyankopɔn Bɛyɛɛ Ɔtamfo

18. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa bɛdanee ne nkurɔfo tamfo?

18 Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu Onyankopɔn adɔe abomfiaa da. Yesaia toaa so sɛ: “Wɔn de, wɔtew atua na wɔhyɛɛ ne honhom kronkron no yaw, enti ɔdan wɔn ɔtamfo, na ɔno ara ne wɔn dii dɔm.” (Yesaia 63:10) Yehowa de kɔkɔbɔ mae sɛ ɛwom sɛ ɔyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo de, nanso “bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Exodus 34:6, 7) Israelfo no nam atua a wɔkɔɔ so tewee no so nyaa asotwe. Mose kaee wɔn sɛ: “Mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew [Yehowa, NW] ahi.” (Deuteronomium 9:7) Wɔnam Onyankopɔn honhom no nnwuma a ɛho tew a wɔko tiae so ma ne honhom no dii yaw, anaasɛ edii awerɛhow. (Efesofo 4:30) Wɔmaa Yehowa bɛdan wɔn tamfo.—Leviticus 26:17; Deuteronomium 28:63.

19, 20. Nneɛma bɛn na Yudafo no kaee, na dɛn ntia?

19 Wɔ Yudafo no amanehunu mu no, wɔn mu binom kaee tete nna a na atwam no. Yesaia kae sɛ: “Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ? nea ɔmaa n’anuonyam basa no dii Mose nifa, nea ɔpaee nsu mu, wɔn anim de gyee daa din fae no? nea ɔma wɔfaa ebun mu sɛ ɔpɔnkɔ fa sare so na wɔanwatiriw no? [Yehowa, “NW”] honhom ma wɔhomee sɛ mmoa a wosian kɔ obon mu.”—Yesaia 63:11-14a.

20 Yiw, bere a Yudafo no huu asoɔden ho amane no, wɔn ani gyinaa bere a na Yehowa yɛ wɔn Gyefo no sen bere a ɔdan wɔn tamfo no. Wɔkaee sɛnea wɔn “ahwɛfo,” Mose ne Aaron, dii wɔn anim dwoodwoo faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no. (Dwom 77:20; Yesaia 51:10) Wɔkaee bere a, sɛ́ anka wɔbɛma Onyankopɔn honhom adi yaw no, edii wɔn anim denam akwankyerɛ a Mose ne mpanyimfo foforo a honhom paw wɔn no de mae so no. (Numeri 11:16, 17) Wɔkaee nso sɛ wohui sɛ Yehowa nam Mose so de “n’anuonyam basa” a ahoɔden wom no di maa wɔn! Wɔ bere bi akyi no, Onyankopɔn yii wɔn fii sare kɛse a ɛso yɛ hu no so na odii wɔn anim kɔɔ asase a ɛso sen nufusu ne ɛwo no so—ahomegyebea. (Deuteronomium 1:19; Yosua 5:6; 22:4) Nanso, afei, Israelfo rehu amane efisɛ na wɔahwere Onyankopɔn anim dom!

‘Ogye Anuonyam Din Fa’

21. (a) Hokwan kɛse bɛn na anka Israel betumi anya wɔ Onyankopɔn din ho? (b) Dɛn ne atirimpɔw titiriw nti a Onyankopɔn gyee Abraham asefo fii Misraim no?

21 Nanso, sɛ wɔde honam fam nneɛma a Israelfo no hweree no toto hokwan a na wɔatow akyene, a ɛne, Onyankopɔn din a na wɔbɛhyɛ no anuonyam no ho a, na honam fam nneɛma no nsɛ hwee. Mose hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ: “Sɛ wudi [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonantew n’akwan so a, [Yehowa, NW] de wo begyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛnea waka wo ntam no. Na asase so aman nyinaa behu sɛ wɔde [Yehowa, NW] din na ɛfrɛɛ wo, na wobesuro wo.” (Deuteronomium 28:9, 10) Bere a Yehowa gyinaa Abraham asefo akyi, na ogyee wɔn fii nkoayɛ mu wɔ Misraim no, na ɛnyɛ sɛ ɔreyɛ saa ama wɔn ho atɔ wɔn anaasɛ na ɔrema wɔn ani agye kɛkɛ. Na ɔreyɛ saa ama biribi a na ɛho hia koraa—ne din. Yiw, na ɔrehwɛ ahu sɛ ‘wɔaka ne din ho asɛm asase nyinaa so.’ (Exodus 9:15, 16) Na bere a Onyankopɔn daa ne mmɔborohunu adi wɔ bere a Israel tew atua wɔ sare so no, na ɛnyɛ nkate mu kɛkɛ na ofi yɛɛ saa. Yehowa ankasa kae sɛ: “Me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a wɔte wɔn mu no anim.”—Hesekilel 20:8-10.

22. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn bɛko ama ne nkurɔfo bio daakye? (b) Akwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn nneyɛe?

22 Afei, hwɛ sɛnea Yesaia de nkɔmhyɛ yi baa awiei tumi so! Ɔkae sɛ: “Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee anuonyam din fae.” (Yesaia 63:14b) Afei yebetumi ahu nea enti a Yehowa ko tumi so ma ne nkurɔfo no pefee. Ɛne sɛ obegye anuonyam din afa. Enti Yesaia nkɔmhyɛ no yɛ ade a emu yɛ den a ɛkae yɛn sɛ Yehowa din a ɛda yɛn so no yɛ hokwan a ɛyɛ anigye na asɛyɛde kɛse wom. Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ dɔ Yehowa din sen wɔn ankasa nkwa. (Yesaia 56:6; Hebrifo 6:10) Wɔmpɛ koraa sɛ wɔbɛyɛ biribi a ebetumi de ahohorabɔ aba saa din kronkron no so. Wɔyɛ Onyankopɔn nokware dɔ no ho biribi denam dɔ a wɔkɔ so dɔ no nokware mu no so. Na esiane sɛ wɔdɔ Yehowa anuonyam din no nti, wɔn ani gyina da a obetiatia n’atamfo so wɔ n’abufuhyew nsã-kyi-amoa no mu—a ɛnyɛ sɛ wobenya so mfaso nko nti na mmom sɛ ɛbɛkɔ akowie Onyankopɔn a wɔdɔ no no anuonyam din a wɔbɛhyɛ no anuonyam mu nti.—Mateo 6:9.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Ná afeha a edi kan Y.B. mu Herodefo no yɛ Edomfo.

^ nky. 11 Asɛm a ɛne “me gye afe” no betumi akyerɛ bere koro no ara a ɔka ho asɛm sɛ “aweredi da” no. Hyɛ sɛnea wɔde nsɛm a ɛte saa ara adi dwuma wɔ Yesaia 34:8 no nsow.

^ nky. 13 Yehowa ho dwiriw no sɛ obiara mmoa no. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ nea ɛma ne ho dwiriw no ne sɛ wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni no, adesamma mu atumfoɔ da so ara sɔre tia Onyankopɔn apɛde.—Dwom 2:2-12; Yesaia 59:16.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 359]

Ná Yehowa wɔ anidaso kɛse ma ne nkurɔfo