Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hyira Nokware Som

Yehowa Hyira Nokware Som

Ti Aduonu Ason

Yehowa Hyira Nokware Som

Yesaia 66:1-14

1. Nsɛmti bɛn na wɔasisi so dua wɔ Yesaia ti a etwa to no mu, na nsɛmmisa bɛn na wɔma ho mmuae?

WƆ Yesaia ti a etwa to mu no, wɔde nkɔmhyɛ nhoma yi mu nsɛmti atitiriw no bi ba awiei koraa, na wɔma nsɛmmisa pii a ɛho hia ho mmuae. Nsɛmti a wosii so dua no bi ne korɔn a Yehowa korɔn, kyi a okyi nyaatwom, ne ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso, ne sɛnea ɔdɔ anokwafo na odwen wɔn ho no. Afei nso, wɔma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Dɛn na ɛma nsonsonoe da nokware som ne atoro som ntam? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ Yehowa de asotwe bɛba nyaatwomfo a wɔyɛ wɔn ho akronkronfo nanso wɔhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no so? Na ɔkwan bɛn so na Yehowa behyira wɔn a wɔkɔ so di no nokware no?

Ade a Ɛma Yɛsom Nokware Som

2. Yehowa kɛseyɛ ho asɛm bɛn na ɔda no adi, na dɛn na saa asɛm yi nkyerɛ?

2 Nkɔmhyɛ no di kan si Yehowa kɛseyɛ so dua sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?” (Yesaia 66:1) Ebinom gye di sɛ na odiyifo no rebu Yudafo no abam wɔ asɔrefie a na wɔbɛsan asi ama Yehowa, bere a na ɔman no asan aba wɔn asase so, no ho. Ɛnte saa; ná Yehowa ankasa de ahyɛde bɛma sɛ wɔnsan nsi. (Esra 1:1-6; Yesaia 60:13; Hagai 1:7, 8) Ɛnde, na asɛm yi kyerɛ dɛn?

3. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔkaa asase ho asɛm sɛ Yehowa “nan ntiaso”?

3 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yesusuw nea enti a wɔfrɛɛ asase sɛ Yehowa “nan ntiaso” no ho. Eyi nyɛ asɛm a ɛkyerɛ animtiaabu. Ɔsoro abɔde ɔpepepem pii a ɛwɔ amansan yi mu mu no, asase nkutoo na wɔama no saa din titiriw yi. Yɛn asase yi bɛkɔ so ayɛ nea ebiara ne no nsɛ daa, efisɛ ɛha na Yehowa Ba a ɔwoo no koro no betuaa agyede no, na ɛha na Yehowa nam Mesia Ahenni no so bɛsan ne tumidi ho. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔbɛfrɛ asase Yehowa nan ntiaso! Ɔhene betumi atia agua a ɛte saa so aforo atra n’ahengua a ɛkorɔn so, na ɛno akyi no ɔde ne nan asisi so.

4. (a) Dɛn nti na entumi nyɛ yiye sɛ asase so dan bi betumi ayɛ Yehowa Nyankopɔn homebea? (b) Dɛn na asɛm “eyinom nyinaa” no kyerɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka fa Yehowa som ho?

4 Nanso, ɔhene rentra ne nan ntiaso no so, na saa ara na Yehowa nte asase yi so. Hwɛ, ɔsoro a ɛso kakraa no mpo ntumi nkora no! Saa ara na Yehowa ntumi ntra ɔdan kɛkɛ biara a wɔasi asi asase yi so mu mma ɛmmɛyɛ sɛ ne fie. (1 Ahene 8:27) Yehowa ahengua ne ne homebea wɔ ahonhom atrae, a wɔde asɛm “ɔsoro” gyina hɔ ma wɔ Yesaia 66:1 no. Nkyekyem a edi hɔ no ma yɛte asɛm no ase yiye: “Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, [Yehowa, “NW”] asɛm ni.” (Yesaia 66:2a) Yɛ Yehowa a ɔretoto ne nsa bere a ɔde ne nsa kyerɛ sɛ “eyinom nyinaa”—biribiara a ɛwɔ soro ne asase so no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. (Yesaia 40:26; Adiyisɛm 10:6) Sɛ́ amansan nyinaa Bɔfo Kɛse no, ɛnyɛ ɔdan kɛkɛ na ɛfata sɛ yɛde ma no. Ɔsom a ɛfata sɛ yɛde ma no no sen ani so som kɛkɛ.

5. Ɔkwan bɛn so na yɛda no adi sɛ ‘yɛyɛ mmɔbɔ na yɛn honhom abubu’?

5 Ɔsom bɛn na ɛfata Amansan Hene no? Ɔno ankasa ka kyerɛ yɛn: “Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.” (Yesaia 66:2b) Yiw, ade a ehia ma wɔsom nokware som ne sɛ nea ɔde ɔsom rema no benya koma pa. (Adiyisɛm 4:11) Ɛsɛ sɛ Yehowa somfo ‘yɛ mmɔbɔ na ne honhom bubu.’ So eyi kyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ yedi awerɛhow? Dabi, ɔyɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ n’asomfo nso ani gye. (1 Timoteo 1:11; Filipifo 4:4) Nanso, yɛn nyinaa yɛ bɔne mpɛn pii, na ɛnsɛ sɛ yebu bɔne ahorow a yɛyɛ adewa. Ɛsɛ sɛ ɛma yɛyɛ “mmɔbɔ,” yɛn werɛ how sɛ yebu Yehowa trenee gyinapɛn ahorow so. (Dwom 51:17) Ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛn “honhom abubu” denam yɛn ho a yebenu, ako atia nneɛma a ɛma yɛyɛ bɔne no so, na yɛabɔ Yehowa mpae ahwehwɛ bɔne fafiri.—Luka 11:4; 1 Yohane 1:8-10.

6. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware asomfo ‘ho popo wɔ Onyankopɔn asɛm ano’?

6 Afei nso, Yehowa hwɛ wɔn a ‘wɔn ho popo n’asɛm ano’ no. So eyi kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ bere biara a yɛbɛkenkan ne nsɛm no, yɛn ho popo? Dabi, mmom no, ɔpɛ sɛ yɛkyerɛ obu ne nidi ma n’asɛm. Yefi komam hwehwɛ n’afotu, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ asetram biribiara mu. (Dwom 119:105) Yɛn ho betumi ‘apopo’ nso, kyerɛ sɛ, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden, na yɛnam nnipa atetesɛm so agu ne nokware ho fĩ, anaasɛ yɛabu n’asɛm animtiaa. Ahobrɛase a ɛte saa ho hia ma nokware som—nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ɛho yɛ na wɔ wiase nnɛ.

Yehowa Kyi Nyaatwom Som

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bu ani so som a ɔsom mu nyaatwomfo de ma no?

7 Bere a na Yesaia resusuw ne bere sofo ho no, na onim yiye sɛ wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔwɔ suban a Yehowa hwehwɛ wɔ n’asomfo ho no bi. Eyi nti, na Yerusalem a atew atua no fata n’atemmu a ɛreba no. Hyɛ sɛnea Yehowa buu ɔsom a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nsow: “Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn kwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide.”—Yesaia 66:3.

8 Saa nsɛm yi kae yɛn Yehowa nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti a edi kan no mu no. Ɛhɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo asoɔdenfo no sɛ ɛnyɛ n’ani nko na ennye wɔn som ho na mmom ɛmaa ne trenee abufuw mu yɛɛ den nso, efisɛ na asomfo no yɛ nyaatwomfo. (Yesaia 1:11-17) Saa ara na Yehowa de wɔn ayɛyɛde ahorow totoo nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu ho. Ná Yehowa ani rennye nantwi a ne bo yɛ den a wɔde bɛbɔ afɔre ama no no ho te sɛ nea na n’ani rennye onipa a wobekum no ho ara pɛ no! Wɔde afɔre foforo totoo ɔkraman anaa prako, mmoa a na wɔn ho ntew wɔ Mose Mmara no ase a akyinnye biara nni ho sɛ na ɛmfata sɛ wɔde bɔ afɔre no, ho. (Leviticus 11:7, 27) So na Yehowa bɛma ɔsom mu nyaatwom a ɛte saa akɔ so a ɔrentwe wɔn aso?

9. Ɔkwan bɛn so na Yudafo dodow no ara yɛɛ wɔn ade wɔ nkaesɛm a Yehowa nam Yesaia so de mae no ho, na dɛn na na ɛbɛba ɔkwan biara so?

9 Afei Yehowa kae sɛ: “Me nso mɛpaw amane bi mama wɔn, na mede nea wosuro maba wɔn so, efisɛ mefrɛe, na obi annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ no na wɔpawee.” (Yesaia 66:4) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesaia fi komam de ahotoso kaa saa nsɛm yi. Efisɛ na Yehowa de no adi dwuma ma ‘wafrɛ’ Ne nkurɔfo ‘akasa’ akyerɛ wɔn mfirihyia pii. Ná odiyifo no nim yiye sɛ mpɛn pii na obiara antie. Esiane sɛ na wɔakɔ so ayɛ bɔne nti, na wobenya asotwe ɔkwan biara so. Yehowa ankasa na na ɔbɛpaw asotwe no, na na ɔde nneɛma a ne nkurɔfo a wɔawae no suro na ɛbɛba wɔn so.

10. Dɛn na ɔkwan a Yehowa faa so ne Yuda dii no ka kyerɛ yɛn wɔ adwene a okura wɔ Kristoman ho no ho?

10 Nnɛyi Kristoman ayeyɛ nneɛma a ɛte saa ara a Yehowa ani nnye ho. Ahonisom abu so wɔ n’asɔredan ahorow mu, wakamfo nyansapɛ ne atetesɛm ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia akyerɛ wɔ n’asɛnka agua so, na amammui tumi a ɔhwehwɛ no ama ɔne wiase amanaman no abɔ honhom mu aguaman kɛse. (Marko 7:13; Adiyisɛm 18:4, 5, 9) Sɛnea ɛbaa tete Yerusalem so no, Kristoman asotwe a ɛfata—ade a ‘osuro’ no—reba no so ɔkwan biara so. Nea ama wɔde asotwe reba no so no bi ne nneɛma a ɔde ayɛ Onyankopɔn nkurɔfo no.

11. (a) Dɛn na ɛmaa Yesaia bere so awaefo no bɔne yɛɛ kɛse? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia bere sofo no ‘nam Onyankopɔn din so’ tuu anokwafo no?

11 Yesaia toaa so sɛ: “Muntie [Yehowa, “NW”] asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: [Yehowa, “NW”] nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu.” (Yesaia 66:5) Ná Onyankopɔn ho asɛyɛde da Yesaia “nuanom,” n’ankasa manfo, no so sɛ wogyina Yehowa Nyankopɔn ananmu na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumidi ase. Saa a wɔanyɛ no maa wɔn bɔne yɛɛ nea anibere wom ankasa. Nanso, nea ɛmaa wɔn bɔne no yɛɛ kɛse ne tan a na wɔtan nnipa a na wodi nokware na wɔbrɛ wɔn ho ase te sɛ Yesaia no. Nea enti a saa awaefo yi tan anokwafo no na wotuu wɔn no ne sɛ na saafo no gyina Yehowa Nyankopɔn ananmu nokware mu. Saa kwan no so no, na wɔnam ‘Onyankopɔn din so’ na wotu wɔn. Bere koro no ara no, na Yehowa atoro asomfo yi kyerɛ sɛ wogyina n’ananmu, fi nidi mu de ɔsom mu nsɛm te sɛ ‘Anuonyam Nka Yehowa!’ di dwuma. *

12. Taa a ɔsom mu nyaatwomfo ataa Yehowa asomfo anokwafo no ho nhwɛso bi ne dɛn?

12 Ɔtan a atoro som wɔ ma nokware som mufo no nyɛ ade foforo. Ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 a ɛkaa ɔtan a ɛbɛda Satan aseni ne Onyankopɔn bea no Aseni ntam ho asɛm siei no mmamu foforo. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no wɔ afeha a edi kan no mu sɛ wɔn nso behu amane wɔ wɔn manfo nsam—wobetu wɔn afi hyia adan mu na wɔataa wɔn akosi sɛ wobekum wɔn. (Yohane 16:2) Na nnɛ bere yi mu nso ɛ? Wɔ “nna a edi akyiri” no mfiase no, Onyankopɔn nkurɔfo hui sɛ na ɔtaa a ɛte saa ara da wɔn anim. (2 Timoteo 3:1) Wɔ afe 1914 mu no, Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) no faa Yesaia 66:5 mu asɛm kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɔtaa a aba Onyankopɔn nkurɔfo so nyinaa fi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo hɔ.” Asɛm koro no ara kae nso sɛ: “Yennim sɛ ebia wɔbɛyɛ ade akɔ akyiri—sɛ́ wɔbɛyɛ yɛn basabasa, sɛ́ wɔbɛsɛe yɛn ahyehyɛde no, ebia wobekum yɛn ankasa.” Hwɛ sɛnea saa nsɛm no baa mu ankasa! Bere a wotintim asɛm no akyi bere tiaa bi no, ɔtaa a na asɔfo hyɛ akyi mu yɛɛ den kɛse wɔ Wiase Ko I no mu. Nanso, Kristoman ani wui sɛnea wɔka siei no ara pɛ. Ɔkwan bɛn so?

Ogye a Ɛba Ahoɔhare so Mpofirim

13. Dɛn ne ‘ɛnne a efi kurow no mu’ no wɔ ne mmamu a edi kan no mu?

13 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Muntie oo, ɛnne bi fi kurow no mu! ɛne bi fi asɔrefi! [Yehowa, “NW”] a otua n’atamfo nsɛnnii so ka no nne!” (Yesaia 66:6) Wɔ saa nsɛm yi mmamu a edi kan no mu no, na “kurow” no ne Yerusalem, baabi a na Yehowa asɔrefie no si no. Ná “ɛnne” no kyerɛ ɔko mu gyegyeegye a wɔtee wɔ kurow no mu bere a Babilon asraafo tow hyɛɛ so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Na ne nnɛyi mmamu nso ɛ?

14. (a) Dɛn na Malaki ka siei wɔ ba a na Yehowa bɛba N’asɔrefie no ho? (b) Sɛnea Hesekiel nkɔmhyɛ no kyerɛ no, dɛn na ɛbae bere a Yehowa baa n’asɔrefie no? (d) Bere bɛn na Yehowa ne Yesu bɛhwɛɛ honhom fam asɔrefie no, na ɔkwan bɛn so na ɛkaa wɔn a wɔkyerɛe sɛ wɔsom nokware som no?

14 Yesaia nsɛm yi ne nkɔmhyɛ foforo abien mu nsɛm hyia, biako ho kyerɛwtohɔ wɔ Hesekiel 43:4, 6-9, ɛnna foforo no wɔ Malaki 3:1-5. Hesekiel ne Malaki nyinaa kaa bere a Yehowa Nyankopɔn bɛba n’asɔrefie no ho asɛm siei. Malaki nkɔmhyɛ no da no adi sɛ Yehowa ba bɛhwɛɛ ne fie a wɔsom nokware som wom no, na odii dwuma sɛ Ɔnanfo, yiyii wɔn a wɔtotoo n’ano no gui. Hesekiel nkɔmhyɛ no nso kaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔrekɔ asɔrefie hɔ, na ɔkae sɛ wonyi aguamammɔ ne abosonsom ho biribiara mfi hɔ. * Wɔ saa nkɔmhyɛ ahorow yi nnɛyi mmamu mu no, honhom fam nneɛma a ɛho hia bi kɔɔ so wɔ Yehowa som mu wɔ afe 1918 mu. Ɛda adi sɛ Yehowa ne Yesu bɛhwɛɛ wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom nokware som no nyinaa. Saa ɔhwɛ no na ɛma wɔtoo Kristoman a aporɔw no kyenee koraa. Wɔ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no fam no, ɔhwɛ no kyerɛɛ yiyi a woyiyii wɔn mu bere tiaa bi mu denam honhom fam ogye a wonyae ahoɔhare so wɔ afe 1919 mu no so.—1 Petro 4:17.

15. Awo bɛn na wɔkaa ho asɛm siei, na ɔkwan bɛn so na eyi nyaa mmamu wɔ afe 537 A.Y.B.?

15 Yesaia nkyekyem a edi hɔ no yɛɛ ogye yi ho mfonini ma ɛfatae: “Onnya nkyemee no, na wawo; awoyaw nnya nkaa no no, na wawo babarima. Hena na wate eyi bi pɛn? Hena na wahu eyi bi da? So wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko? Efisɛ awo kaa Sion ara pɛ na ɔwoo mma.” (Yesaia 66:7, 8) Saa nsɛm yi nyaa ne mmamu a edi kan a ɛyɛ anigye wɔ Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no fam. Wɔyɛɛ Sion, anaa Yerusalem ho mfonini bio sɛ ɔbea a ɔrewo, nanso awo soronko bɛn ara ni! Ɛyɛɛ ahoɔhare so mpofirim, na ansa na awoyaw bɛka no no, na wawo dedaw! Ná eyi yɛ mfonini a ɛfata. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔsan woo wɔn sɛ ɔman a ɛda nsow wɔ afe 537 A.Y.B. mu no bae ahoɔhare so mpofirim ma ɛyɛe sɛ anwonwade. Hwɛ, efi bere a Kores yii Yudafo no fii nnommumfa mu kosi bere a nkaefo anokwafo no duu wɔn asase so no yɛ asram kakraa bi pɛ! Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ nsɛm a esisii ansa na wɔrewo Israel man no nea edi kan no ho! Wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, na ɛho nhia sɛ wɔde ahofadi ho adesrɛde kɔto ɔhene bi a ɔko tia wɔn anim, na ɛho nhia sɛ woguan wɔn atamfo asraafo, na na ɛho nhia sɛ wɔtra sare so mfirihyia 40.

16. Wɔ Yesaia 66:7, 8 nnɛyi mmamu mu no, dɛn na Sion yɛ ho mfonini, na ɔkwan bɛn so na wɔasan awo n’asefo?

16 Wɔ ne nnɛyi mmamu mu no, Sion gyina hɔ ma Yehowa soro ‘bea,’ ne soro ahyehyɛde, a honhom abɔde na wɔwom no. Wɔ afe 1919 mu no, “ɔbea” yi ani gyei sɛ ohui sɛ wɔawo ne mma a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no sɛ nkurɔfo a wɔwɔ ahyehyɛde bi mu, “ɔman.” Saa awo a wɔsan woo wɔn no bae ahoɔhare so mpofirim. * Wɔ asram kakraa bi mu no, sɛ́ kuw no, nkaefo no fii tebea biako a na ɛte sɛ owu a na wontumi nyɛ hwee mu kɔɔ asetra foforo a ahokeka wom mu a na wɔyɛ nnam wɔ wɔn “asase,” wɔn honhom fam atrae a wɔyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no, so. (Adiyisɛm 11:8-12) Wɔ afe 1919 twabere mu no, wɔde too gua mpo sɛ wɔretintim nsɛmma nhoma foforo aka Ɔwɛn-Aban (Engiresi de) no ho. Wɔfrɛɛ no The Golden Age (mprempren wɔfrɛ no Nyan!), ná saa nsɛmma nhoma foforo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔasan ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no den, na wɔasiesie wɔn bio ama ɔsom adwuma no.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma ne nkurɔfo awerɛhyem sɛ ɛdefa honhom fam Israel ho no, biribiara ntumi nsiw n’atirimpɔw a ɔbɛma abam no kwan?

17 Tumi biara nni amansan yi mu a na ebetumi asiw saa honhom fam awo a wɔsan woo wɔn yi kwan. Nkyekyem a edi hɔ no kaa ho asɛm saa ara: “So me, mɛma wɔabue awotweaa ano, na meremma wɔnwo? [Yehowa, “NW”] na ose. Ɛno me a mema wɔwo no, mesiw ano anaa? Wo Nyankopɔn na ose.” (Yesaia 66:9) Sɛnea sɛ awo ka ɔbea a ɔwo ɔkwan biara so no, saa ara na bere a wofii honhom fam Israel awo a wɔsan woo no ase no, biribiara antumi ansiw no kwan. Ɛwom, na ɔsɔretia wɔ hɔ, na ɛda adi sɛ ebehyia ɔsɔretia pii akyiri yi. Nanso, Yehowa nkutoo na na obetumi asiw nea wafi ase no kwan, na ɔrenyɛ saa da! Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa ne ne nkurɔfo a wɔasan ahyɛ wɔn den no bedi?

Yehowa Hwɛ a Ɔdɔ Wom

18, 19. (a) Ɔdɔ ho mfatoho a ɛka koma bɛn na Yehowa yɛe, na ɔkwan bɛn so na na ɛfa ne nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na nkaefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no anya aduan ne ɔhwɛ a ɔdɔ wom no so mfaso?

18 Nkyekyem anan a edi hɔ no kaa Yehowa hwɛ a ɔdɔ wom a ɛka koma ho asɛm. Nea edi kan no, Yesaia kae sɛ: “Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo, mo a mudi ne ho nkɔmmɔ nyinaa: na moanum n’awerɛkyekye nufu amee, na moafew n’anuonyam mmoroso ama mo bo atɔ mo yam.” (Yesaia 66:10, 11) Ɛha no Yehowa de ɔbaatan a ɔregyigye ne ba na ɛyɛɛ mfatoho. Sɛ ɔkɔm de abofra a, osu denneennen. Nanso sɛ wɔde no to ne nã nufu ano a, n’awerɛhow no dan abotɔyam ne ɔmee a ɛyɛ anigye. Saa ara na na Yudafo nkaefo anokwafo a wɔwɔ Babilon no befi tebea a ɛyɛ awerɛhow mu aba nea ɛyɛ anigye na abotɔyam wom mu ntɛm ara bere a wobegye wɔn no. Ná wobedi ahurusi. Na Yerusalem anuonyam bɛsan ayɛ foforo bere a wɔbɛsan akyekye na nnipa atra mu bio no. Ná nnipa anokwafo a wɔbɛtra mu no nso ani begye kurow no anuonyam ho. Ná wɔnam asɔfokuw a wɔyɛ nnam so bɛsan ama wɔadidi honhom fam bio.—Hesekiel 44:15, 23.

19 Bere a wɔsan gyee honhom fam Israel wɔ afe 1919 mu no, wɔn nso nyaa aduan pii. Efi saa bere no wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ama wɔn honhom fam aduan bere nyinaa. (Mateo 24:45-47) Nokwarem no, saa bere yi ayɛ awerɛkyekye ne anigye bere ama nkaefo a wɔasra wɔn no. Na wɔanya nhyira foforo pii nso.

20. Ɔkwan bɛn so na wɔde “asuten a ayiri” ahyira Yerusalem tete ne nnɛ nyinaa?

20 Nkɔmhyɛ no toaa so sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] se ni: Hwɛ, merekoa yiyedi mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyade nso, sɛ asuten a ayiri, na moanom. Nkyɛn mu na wobeturu mo, na wɔagyigye mo anankoroma so.” (Yesaia 66:12) Ɛha no, wɔde ɔbaatan suban ne nhyira pii a ɛresen—“asubɔnten” ne “asuten a ayiri”—abom aka asɛm. Ɛnyɛ Yehowa asomdwoe pii nko na na Yerusalem benya na mmom “amanaman ahonyade” a ɛsen ma Onyankopɔn nkurɔfo nya mu nhyira nso. Eyi kyerɛ sɛ amanaman mufo pii bɛba Yehowa nkurɔfo nkyɛn. (Hagai 2:7) Wɔ ne tete mmamu mu no, aman pii mufo de wɔn ho bɛbɔɔ Israel ho ankasa, na wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo. Nanso, anya ne mmamu kɛse koraa wɔ yɛn bere yi mu ama ‘nnipakuw kɛse a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu’—adesamma asuten a ayiri ankasa—de wɔn ho abɛbɔ honhom fam Yudafo nkaefo no ho.—Adiyisɛm 7:9; Sakaria 8:23.

21. Wɔ anigyesɛm a wɔde yɛ biribi ho mfonini mu no, awerɛkyekye bɛn na wɔkaa ho asɛm siei?

21 Yesaia 66:12 nso kaa ɔdɔ a ɛnã da no adi—abofra a wogyigye no anankoroma so ne akokoaa a wɔde no bɔ nkyɛnmu—ho asɛm. Wɔdaa adwene a ɛte saa ara adi wɔ nkyekyem a edi hɔ no mu na wɔdan ntease a ɛwom no ma ɛyɛɛ anigye. “Sɛ obi ne nã kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekye mo werɛ, na mo werɛ akyekye Yerusalem ho.” (Yesaia 66:13) Afei abofra no abɛyɛ ‘ɔbarima,’ ɔpanyin. Nanso, ne nã ani da so ara gye ho sɛ ɔbɛkyekye ne werɛ wɔ amanehunu mu.

22. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ne dɔ a emu yɛ den no adi?

22 Ɔkwan a ɛyɛ anigye yi so na Yehowa nam daa ne dɔ a emu yɛ den adi kyerɛɛ ne nkurɔfo. Sɛ wɔde ɔdɔ a emu yɛ den a ɛnã wɔ no toto ɔdɔ a ɛkɔ akyiri a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo anokwafo no ho a, ɛnã de no sua koraa. (Yesaia 49:15) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa da wɔn soro Agya su yi bi adi! Ɔsomafo Paulo yɛɛ saa, na ɔnam so yɛɛ nhwɛso pa maa mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no. (1 Tesalonikafo 2:7) Yesu kae sɛ onuadɔ titiriw na wɔde behu n’akyidifo.—Yohane 13:34, 35.

23. Ka tebea a ɛyɛ anigye a Yehowa nkurɔfo a wɔasan agye wɔn no wom no ho asɛm.

23 Yehowa nam nneyɛe so na ɛda ne dɔ adi. Enti, ɔtoaa so sɛ: “Mubehu, na mo koma ho asɛpɛw no, na mo nnompe ayɛ huronhuron sɛ wura frɔmfrɔm; na wobehu [Yehowa, “NW”] nsa, ne nkoa ho, ne abufuw a emu yɛ den, n’atamfo so.” (Yesaia 66:14) Hebri kasa ho mmaranimfo bi kyerɛ sɛ asɛm “mubehu” no kyerɛ sɛ baabiara a na nnommum a wɔresan aba no bɛhwɛ wɔ wɔn asase a na wɔasiesie so no, na “anigyesɛm nkutoo na wobehu.” Na wɔn ho bɛsɛpɛw wɔn ankasa, na wɔanya anigye a enni kabea sɛ wɔasan de wɔn aba wɔn asase so. Na wɔbɛte nka sɛ wɔanya ahoɔden foforo, te sɛ nea wɔn nnompe resan ayɛ den bio, na wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ fefɛw bere mu sare. Ná wɔn nyinaa behu sɛ nhyira a wɔanya yi mfi onipa biara ahoɔden, na mmom ɛnam ‘Yehowa nsa’ so.

24. (a) Sɛ woresusuw nsɛm a asisi wɔ Yehowa nkurɔfo mu nnɛ no ho a, dɛn na wobɛka? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

24 So wuhu sɛ Yehowa nsa reyɛ adwuma wɔ ne nkurɔfo mu nnɛ? Onipa biara nni hɔ a na obetumi asan de nokware som asi hɔ. Onipa biara nni hɔ a yebetumi aka sɛ ɔno na wama nnipa a wɔsom bo ɔpepem pii asen afi amanaman no mu de wɔn ho abɛbɔ nkaefo anokwafo no ho wɔ wɔn honhom fam asase no so. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ nneɛma a ɛte saa. Yehowa dɔ a wada no adi saa kwan yi so no ma yenya nea yebegyina so anya anigye kɛse. Mommma yemmmu ne dɔ adewa da. Momma yɛn ho nkɔ so ‘mpopo wɔ n’asɛm ano.’ Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɛtra ase, na ama yɛanya Yehowa som mu anigye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Ɛnnɛ Kristoman mufo pii mfa Yehowa din nni dwuma, na wɔayi afi Bible nkyerɛase pii mpo mu. Ebinom di Onyankopɔn nkurɔfo ho fɛw sɛ wɔde ne din di dwuma. Nanso, saafo yi mu pii fi nidi mu de asɛm “Haleluia,” a ɛkyerɛ “Munyi Yah Ayɛ” no di dwuma.

^ nky. 14 Asɛm “ahene afunu,” a wɔde dii dwuma wɔ Hesekiel 43:7, 9 no fa ahoni ho. Ná Yerusalem akannifo atuatewfo ne nkurɔfo no de ahoni agu Onyankopɔn asɔrefie no ho fĩ, na sɛnea yɛbɛka no no, na wɔayɛ ahoni no ahemfo.

^ nky. 16 Awo a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ ha no nte sɛ nea wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:1, 2, 5 no. Wɔ saa Adiyisɛm ti no mu no, “ɔbabanin” no yɛɛ Mesia Ahenni a efii ne dwumadi ase wɔ afe 1914 mu no ho mfonini. Nanso, “ɔbea” koro no ara na wɔka ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ abien no nyinaa mu no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 395]

“Eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe”

[Mfonini wɔ kratafa 402]

Yehowa bɛma Sion anya “amanaman ahonyade”