Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ma Ahobrɛasefo Honhom Nya Nkwa

Yehowa Ma Ahobrɛasefo Honhom Nya Nkwa

Ti Dunwɔtwe

Yehowa Ma Ahobrɛasefo Honhom Nya Nkwa

Yesaia 57:1-21

1. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de mae, na nsɛmmisa bɛn na ne nsɛm no ma ɛsɔre?

“SƐ NEA ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.” (Yesaia 57:15) Saa na odiyifo Yesaia a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. no kyerɛwee. Dɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yuda a ɛmaa saa asɛm yi yɛɛ nea na ɛhyɛ nkuran kɛse? Ɔkwan bɛn so na saa nsɛm a efi honhom mu yi boa Kristofo nnɛ? Yesaia ti 57 a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛabua saa nsɛmmisa no.

“Mo De, Muntwiw Mmra Ha”

2. (a) Bere bɛn na ɛte sɛ nea Yesaia ti 57 mu nsɛm no baa mu? (b) Ná treneefo tebea te dɛn wɔ Yesaia bere so?

2 Ɛte sɛ nea na Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi fa Yesaia ankasa bere sofo ho. Susuw sɛnea na bɔne agye ntini saa bere no ho hwɛ: “Ɔtreneeni yera, na obi mfa nhyɛ ne koma mu, na wɔfa nnipa pa kɔ, na obi nnwen ho, sɛ bɔne a ɛbɛba no anim na woyi treneeni no fi kɔ. Ɔkɔ asomdwoe mu; wɔhome wɔn nnae so, wɔn a wɔanantew wɔn tẽeyɛ mu no.” (Yesaia 57:1, 2) Sɛ ɔtreneeni hwe ase a, na ɛmfa obiara ho. Na obiara nnwen ne patuwu no ho. Wu a owu no ma onya asomdwoe, ne ho dwo no fi amanehunu a abɔnefo de ba no so no ho, na ɔkwati bɔne. Ná Onyankopɔn man a wapaw wɔn no akɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow mu. Nanso, ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔakɔ so adi nokware no nkuran ma wohu sɛ na ɛnyɛ nea ɛrekɔ so no nko na Yehowa ahu na mmom na ɔbɛboa wɔn nso!

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kasa kyerɛɛ Yudafo awo ntoatoaso bɔne no, na dɛn ntia?

3 Yehowa frɛɛ Yuda awo ntoatoaso bɔne no kae sɛ: “Mo de, muntwiw mmra ha, ɔbaayɛn mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo.” (Yesaia 57:3) Na wɔn nyinaa anya din a ɛyɛ aniwu sɛ wɔfrɛɛ wɔn sɛ ayɛn mma ne ɔwaresɛefo ne aguaman asefo no. Na abosonsom, ahonhonsɛmdi, ne nna mu ɔbrasɛe wɔ atoro som a na wɔadan kɔ ho no mu. Enti, Yehowa bisaa saa abɔnefo yi sɛ: “Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa? mo a mo ani yɛ hyew abosonnua ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, mukunkum mmofra asubon mu, abotan mpaapae ase.”—Yesaia 57:4, 5.

4. Dɛn ho na Yudafo abɔnefo no dii fɔ?

4 Ná Yudafo abɔnefo no som wɔn abosom a ɛyɛ ahodwiriw no petee mu, na na ‘wodi fɛw.’ Wodii Onyankopɔn adiyifo a na wɔasoma wɔn sɛ wɔmmɛkyerɛ wɔn kwan pa no ho fɛw animtiaabu mu, de aniammɔnho twee wɔn tɛkrɛma mu a na ɛnyɛ wɔn aniwu. Ɛwom sɛ na wɔyɛ Abraham mma de, nanso na wɔn atuatew no ama wɔayɛ mmaratofo ne atorofo mma. (Yesaia 1:4; 30:9; Yohane 8:39, 44) Wɔsom wɔn abosom wɔ wuram nnua akɛse ase. Atirimɔden som bɛn ara ni! Hwɛ, wokunkum wɔn ankasa mma te sɛ amanaman a wɔn akyide nti Yehowa tuu wɔn fii asase no so no!—1 Ahene 14:23; 2 Ahene 16:3, 4; Yesaia 1:29.

Wogu Ahwiesa Abo So

5, 6. (a) Dɛn na Yudafo no pawee sɛ wɔbɛyɛ sen sɛ wɔbɛsom Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na na Yuda abosonsom da adi pefee na ebuu so kɛse?

5 Hwɛ sɛnea Yudafo de wɔn ho hyɛɛ abosonsom mu fee: “Asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo ntonto, nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa na wode ayɛyɛde gui, so eyinom so na me bo bedwo anaa?” (Yesaia 57:6) Ná Yudafo no yɛ nkurɔfo a Onyankopɔn ne wɔn ayɛ apam, nanso sɛ anka wɔbɛsom no no, wɔtasee asubon mu abo de yɛɛ anyame. Dawid kae sɛ Yehowa ne ne kyɛfa, nanso na saa abɔnefo yi apaw abo a nkwa nnim sɛ wɔn anyame ne wɔn ntontode, na na wogu so ahwiesa. (Dwom 16:5; Habakuk 2:19) Anigye bɛn na na Yehowa betumi anya wɔ ne nkurɔfo a ne din da wɔn so no som a wɔakyinkyim no saa no ho?

6 Na Yuda som abosom wɔ baabiara—nnua akɛse ase, asubon mu, nkoko so, ne wɔn nkurow mu. Nanso Yehowa huu ne nyinaa, na Ɔnam Yesaia so paa n’ahohwibra no ho ntama: “Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wosɛw wo nnae, ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre; na wode wo nkae ade no sii ɔpon ne apongua mu-fãm.” (Yesaia 57:7-8a) Yuda sɛw ne nnae a ɔyɛɛ honhom fam afide wɔ so no wɔ mmepɔw sorɔnsorɔmmea, na ɛhɔ na ɔbɔɔ afɔre maa ananafo anyame. * Wɔde abosom sisii wɔn ankasa afie mu wɔ wɔn apon ne apongua akyi.

7. Atenka bɛn mu na Yuda fi de ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe som mu?

7 Ebia ɛbɛyɛ ebinom nwonwa sɛ Yuda de ne ho ahyɛ ɔsom a ɛho ntew mu saa. So tumi bi a ɛyɛ den kɛse na ɛhyɛɛ no ma ogyaw Yehowa? Mmuae no yɛ dabi. Ofi ne pɛ mu na ɛyɛɛ saa anigye so. Yehowa kae sɛ: “Wufii m’akyi koyii wo nnae so foroe, na wobaee mu na wo ne wɔn dii nea wubegye wɔn ano, wopɛɛ wɔne wo nna na wuhuu wɔn adagyaw mu.” (Yesaia 57:8b) Yuda ne atoro anyame no yɛɛ apam, na n’ani gyee wɔn brasɛe no ho. N’ani gyee nna mu ɔbrasɛe—a ɛda adi sɛ na ɔbarima bɔbeasu ho nsɛnkyerɛnne a na wɔde di dwuma ka ho—ade a na abu so wɔ saa anyame no som mu ho titiriw!

8. Ɔhene bɛn nniso ase titiriw na abosonsom gyee ntini wɔ Yuda?

8 Abosonsom mu ɔbrasɛe a enye ne atirimɔdensɛm a wɔkaa ho asɛm no ne nea yenim wɔ Yuda ahemfo amumɔyɛfo pii ho no hyia. Sɛ nhwɛso no, Manase sisii sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka pii maa Baal, na osisii atoro anyame no afɔremuka wɔ asɔrefie no abangua abien no so. Ɔmaa ne mma faa ogya mu, dii abayisɛm, bisaa ade, na ɔhyɛɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran. Ɔhene Manase de asera nnua a na wayɛ nso sisii Yehowa asɔrefie hɔ. * Ɔdaadaa Yuda ma wɔyɛɛ “bɔne sen amanaman a [Yehowa, NW] sɛee wɔn fii Israel anim no.” (2 Ahene 21:2-9) Ebinom gye di sɛ Manase na ɔma wokum Yesaia, ɛwom sɛ Manase din mpue wɔ Yesaia 1:1 de.

“Wosomaa W’abɔfo”

9. Dɛn nti na Yuda somaa n’abɔfo kɔɔ “akyirikyiri”?

9 Yuda mmarato kɔɔ akyiri sen som a ɔsom atoro anyame. Bere a Yehowa de Yesaia dii dwuma sɛ ne kasamafo no, ɔkae sɛ: “Wode ngo tuu kwan de kɔmaa [Melek, “NW”], na womaa wo nnuhuam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfo akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ asaman.” (Yesaia 57:9) Yuda ahemman a anni nokware no kotow Melek, “ɔhene” a ɔwɔ Hebri no—ɛda adi sɛ ananafo hene bi—maa no akyɛde ahorow a ne bo yɛ den na ɛyɛ fɛ, a wɔde ngo ne nnuhuam yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no. Yuda somaa abɔfo kɔɔ akyirikyiri. Dɛn ntia? Sɛ wɔbɛdan Amanaman mufo no ti ma wɔne wɔn ayɛ amammui apam. Bere a ofii Yehowa akyi no, ɔde ne ho too ananafo ahene so.

10. (a) Ɔkwan bɛn na Ɔhene Ahas faa so ne Asiria hene yɛɛ apam? (b) Ɔkwan bɛn so na Yuda ‘brɛɛ ne ho ase kɔɔ asaman’?

10 Eyi ho nhwɛso biako sii wɔ Ɔhene Ahas bere so. Esiane sɛ na Yuda hene a onni nokware no suro apam a Israel ne Siria ayɛ no nti, ɔsomaa abɔfo kɔɔ Tiglat-Pileser III a ofi Asiria nkyɛn sɛ: “W’akoa ne wo ba ne me; foro bra begye me Siria ne Israel hene a wɔasɔre ahyɛ me yi nsam.” Ahas soma maa wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ kɔmaa Asiria hene sɛ adanmude, na ɔhene no tiei, na ɔtow hyɛɛ Siria so yɛɛ wɔn pasaa. (2 Ahene 16:7-9) Yuda nam Amanaman mufo a ɔne wɔn bɔe no so ‘brɛɛ ne ho ase kɔɔ asaman.’ Esiane saa nneyɛe no nti na obewu, anaasɛ n’ase begu a ɔrenkɔ so nyɛ ɔman a ɔde ne ho a ɔhene di so bio.

11. Ahobammɔ a enni nnyinaso bɛn na Yuda dii mfomso susuwii sɛ ɔwɔ?

11 Yehowa toaa so kasa kyerɛɛ Yuda sɛ: “Wo kwantenten no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Ama mapa abaw; wunyaa wo nsam akwahosan nti, anyɛ wo yaw.” (Yesaia 57:10) Yiw, ɔman no ayɛ adwumaden wɔ ne wae no mu, nanso wanhu sɛ mfaso biara nni ne mmɔdenbɔ no so. Mmom no, ɔdaadaa ne ho gye dii sɛ n’ankasa tumi na ama wanya ahoɔden. Ɔtee nka sɛ ne ho asan no na wate apɔw. Hwɛ sɛnea nyansa nnim!

12. Kristoman mu tebea ahorow bɛn na ɛne Yuda de di nsɛ?

12 Ɛnnɛ ahyehyɛde bi wɔ hɔ a ne nneyɛe kae yɛn Yuda a na ɛwɔ Yesaia bere so no. Kristoman de Yesu din di dwuma, nanso ɛne amanaman no yɛ apam na ɛde ahoni ahyɛ n’asɔrefie ma. N’akyidifo de ahoni sisi wɔn afie mpo. Kristoman de ne mmabun abɔ afɔre wɔ amanaman no akodi mu. Hwɛ sɛnea eyi nyinaa bɛyɛ nokware Nyankopɔn a ɔka kyerɛ Kristofo sɛ: ‘Wonguan abosonsom’ no abofono! (1 Korintofo 10:14) Kristoman nam amammuisɛm mu a ɛde ne ho hyehyɛ so ama “wiase ahene ne no abɔ aguaman.” (Adiyisɛm 17:1, 2) Nokwarem no, ɔyɛ Amanaman Nkabom akyitaafo titiriw. Dɛn na ɛreba saa nyamesom mu aguaman yi so? Wiɛ, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ ne nsusuwso, Yuda a anni nokware, titiriw sɛnea wɔde n’ahenkurow, Yerusalem, yɛɛ ne ho mfonini no?

‘Wo Nneɛma a Woaboaboa Ano Rennye Wo’

13. “Atoro” bɛn na Yuda dii, na ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ Yehowa abodwokyɛre ho?

13 Yehowa bisae sɛ: “Hena nti na wo koma tui na wusuroe,na wudii atoro?” Asɛmmisa a ɛfata! Akyinnye biara nni ho sɛ suro a na Yuda suro Yehowa no nyɛ osuro pa. Sɛ ɛnte saa a, anka wammɛyɛ ɔman a wodii atoro, na wɔsom abosom. Yehowa kɔɔ so kae sɛ: “Woankae me amfa anhyɛ wo koma mu yi? So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti na wunsuro me yi?” (Yesaia 57:11) Yehowa ayɛ komm, na ɔmfaa asotwe biara mmaa Yuda so. So Yuda ani sɔɔ eyi? Dabi, mmom no obuu Onyankopɔn abodwokyɛre no sɛ anibiannaso. Onsuro no bio.

14, 15. Dɛn na Yehowa ka faa Yuda nnwuma ne ne nneɛma a ‘wapra aboa ano’ no ho?

14 Nanso, na Onyankopɔn abodwokyɛre no bɛba awiei. Bere a na Yehowa rehwɛ saa bere no kwan no, ɔkae sɛ: “Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi. Woteɛm a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa, ohuw bɛfa wɔn akɔ.” (Yesaia 57:12, 13a) Ná Yehowa bɛpa Yuda nyaatwomyɛ no ho ntama. Na mfaso biara remma ne nyaatwomyɛ no so. Ne nneɛma a ‘wapra aboa ano,’ n’abosompem no rennye no. Sɛ bɔne bi si a, mframa kɛkɛ na na ɛbɛsoa anyame a ɔde ne ho too so no akɔ.

15 Yehowa nsɛm no baa mu wɔ afe 607 A.Y.B. Ɛno ne bere a Babilon hene Nebukadnesar sɛee Yerusalem, sɛee asɔrefie no, na ɔfaa nnipa dodow no ara nnommum no. “Saa na wotuu Yuda fii wɔn asase so.”—2 Ahene 25:1-21.

16. Dɛn na ɛrebɛba Kristoman ne “Babilon Kɛse” no nkae so?

16 Saa ara na Kristoman abosompem no rennye no Yehowa abufuw da no. (Yesaia 2:19-22; 2 Tesalonikafo 1:6-10) Wɔbɛtɔre Kristoman ne “Babilon Kɛse”—wiase atoro som ahemman—nkae no nyinaa ase. Sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no ne ne mmɛn du no ‘bɛyɛ Babilon Kɛse no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.’ (Adiyisɛm 17:3, 16, 17) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛatie ahyɛde a ese: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi” no! (Adiyisɛm 18:4, 5) Mommma yɛnnsan nnkɔ ne nkyɛn anaasɛ yɛmmfa n’akwan so bio da.

“Nea Oguan Toa Me no Benya Asase Adi”

17. Ɛbɔ bɛn na wɔhyɛɛ ‘obi a oguan toa Yehowa no,’ na bere bɛn na eyi baa mu?

17 Nanso, dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ nsɛm a edi hɔ no ka? “Nea oguan toa me no benya asase adi, na wanya me bepɔw kronkron atra so.” (Yesaia 57:13b) Hena na na Yehowa rekasa kyerɛ no saa bere yi no? Na ɔrehwɛ ade atra asiane a na ɛreba no, na na ɔrehyɛ ahofadi a ne nkurɔfo benya afi Babilon ne nokware som a na wɔbɛsan de asi hɔ wɔ ne bepɔw kronkron, Yerusalem, so no ho nkɔm. (Yesaia 66:20; Daniel 9:16) Hwɛ sɛnea na eyi betumi ahyɛ Yudani biara a ɔkɔɔ so dii nokware no nkuran! Afei nso, Yehowa kae sɛ: “Ɔbɛka sɛ: Muntu ngu so, muntu ngu so, mommɔ ɔkwan, munyi akwammew mfi me man kwan mu.” (Yesaia 57:14) Sɛ bere a Onyankopɔn begye ne nkurɔfo no du a, na wobeyi akwanside biara afi hɔ ama ɔkwan mu ada hɔ.—2 Beresosɛm 36:22, 23.

18. Ɔkwan bɛn so na wɔkaa sɛnea Yehowa korɔn no ho asɛm, nanso ɔdɔ bɛn na ofi tema mu da no adi?

18 Saa bere yi na odiyifo Yesaia kaa nsɛm a yɛkaa no mfiase no: “Sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.” (Yesaia 57:15) Yehowa ahengua wɔ sorosoro. Dibea biara nni hɔ a ɛwɔ soro anaa ɛkorɔn sen no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ sɛ ɔwɔ hɔ a ohu biribiara—ɛnyɛ abɔnefo nnebɔne nko na mmom wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom no no atreneede nso! (Dwom 102:19; 103:6) Afei nso, ɔte wɔn a wɔhyɛ wɔn so no apinisi, na ɔkanyan wɔn a wɔabubu wɔn no koma. Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm yi kaa tete mmere mu Yudafo a na wɔanu wɔn ho no koma. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛka yɛn koma nnɛ.

19. Bere bɛn na Yehowa gyae n’abufuw?

19 Yehowa nsɛm foforo yi nso ka koma: “Merenham nkosi daa, na me bo renhuru daa, na anka honhom bɛtɔ beraw, m’anim, ne akra a me ara na meyɛe.” (Yesaia 57:16) Sɛ Yehowa abufuw tra hɔ daa a, anka Onyankopɔn abɔde biara rennya nkwa. Nanso, nea ɛyɛ anigye no, Onyankopɔn abufuw yɛ bere tiaa mu de. Sɛ ewie n’adwuma a, egyae. Saa honhom fam nhumu yi boa yɛn ma yenya anisɔ kɛse ma ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’abɔde no.

20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne abɔnefo a wonnu wɔn ho no di? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyekye obi a onu ne ho werɛ?

20 Yenya nhumu pii bere a Yehowa toa so no. Nea edi kan no, ɔkae sɛ: “N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui; nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so.” (Yesaia 57:17) Akyinnye biara nni ho sɛ mfomso ahorow a wofi adifudepɛ mu di no de Onyankopɔn abufuw ba. Mpɛm dodow a obi kɔ so yɛ koma mu okyirisanfo no, dodow no ara na Yehowa kɔ so nya ne ho abufuw. Nanso sɛ okyirisanfo no yɛ nteɛso no ho biribi nso ɛ? Ɛnde Yehowa da sɛnea ne dɔ ne n’ayamhyehye ka no ma ɔyɛ ade no adi: ‘Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare; mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ɔno ne ne nkɔmmɔdifo werɛ.’ (Yesaia 57:18) Sɛ Yehowa teɛ obi so wie a, ɔsa nea wanu ne ho no yare kyekye ɔno ne wɔn a wɔne no redi awerɛhow no werɛ. Ɛno nti na Yudafo no tumi san kɔɔ wɔn kurom wɔ afe 537 A.Y.B. mu no. Ɛwom, Yuda ansan anyɛ ahemman a ɛde ne ho a ɔhene a ofi Dawid abusua mu di so bio. Nanso, wosii Yerusalem asɔrefie no bio, na wɔsan de nokware som sii hɔ.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kanyan Kristofo a wɔasra wɔn no honhom wɔ afe 1919 mu? (b) Su bɛn na ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara nya?

21 Yehowa, “nea ɔkorɔn a wɔama no so” no nkaefo a wɔasra wɔn no yiyedi ho hiaa no bio wɔ afe 1919 mu. Esiane sɛ wonuu wɔn ho na wɔbrɛɛ wɔn ho ase nti, Yehowa, Onyankopɔn kɛse no fi ayamye mu huu wɔn ahohia, na ogyee wɔn fii Babilon nnommumfa mu. Oyii akwanside nyinaa fii kwan mu na odii wɔn anim ma wonyaa ahofadi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ɔsom kronn ama no. Enti, Yehowa nsɛm a ɔnam Yesaia so kae no nyaa mmamu saa bere no. Na nnyinasosɛm bi a ɛte hɔ daa a ɛfa yɛn mu biara ho wɔ saa nsɛm no mu. Nnipa a wɔwɔ ahobrɛase adwene nkutoo na Yehowa gye wɔn som tom. Na sɛ Onyankopɔn asomfo mu biako yɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ onii no yɛ ntɛm hu ne mfomso, gye nteɛso tom, na ɔsakra n’akwan. Mommma yɛn mu biara werɛ mmfi da sɛ Yehowa sa ahobrɛasefo yare kyekye wɔn werɛ, nanso ‘osiw ahantanfo kwan.’—Yakobo 4:6.

‘Asomdwoe Nka Wɔn a Wɔwɔ Akyirikyiri ne Wɔn a Wɔbɛn’

22. Daakye bɛn na Yehowa hyɛɛ ho nkɔm maa (a) wɔn a wonu wɔn ho? (b) abɔnefo?

22 Bere a Yehowa de wɔn a wɔsakra wɔn adwene wɔ wɔn akwammɔne ho daakye retoto wɔn a wɔnsakra wɔn adwene de ho no, ɔkae sɛ: ‘Merebɔ anofafa so aba. Asomdwoe, asomdwoe nka nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn, na mɛsa no yare. Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu. Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo.’—Yesaia 57:18b-21.

23. Dɛn ne anofafa so aba no, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘rebɔ’ saa aba yi?

23 Anofafa so aba no ne ayeyi afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn—ne din a yɛbɔ no baguam no. (Hebrifo 13:15) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘rebɔ’ saa asɛm a wɔka no baguam no? Nea ɛbɛyɛ na obi atumi abɔ ayeyi afɔre no, ɛsɛ sɛ odi kan sua Onyankopɔn ho ade na afei onya ne mu gyidi. Gyidi—Onyankopɔn honhom aba—kanyan obi ma ɔka nea wate kyerɛ afoforo. Ɔkwan foforo so no, ɔka asɛm wɔ baguam. (Romafo 10:13-15; Galatifo 5:22) Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ Yehowa ne nea ɔwɔ hokwan koraa sɛ ɔma n’asomfo ahyɛde sɛ wɔnka n’ayeyi nkyerɛ. Na Yehowa ne nea ogye ne nkurɔfo, na ɔma wonya hokwan tumi bɔ ayeyi afɔre a ɛte saa. (1 Petro 2:9) Enti, yebetumi aka ma afata sɛ Yehowa na ɔbɔ saa anofafa so aba yi.

24. (a) Henanom na wobehu Onyankopɔn asomdwoe, na dɛn na efi mu ba? (b) Henanom na wonhu asomdwoe, na dɛn na ɛbɛba wɔn so?

24 Hwɛ anofafa so aba a ɛyɛ anigye a ɛsɛ sɛ Yudafo bɔ bere a wɔasan aba wɔn kurom na wɔreto Yehowa ayeyi nnwom no! Ɛbɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔahu Onyankopɔn asomdwoe, sɛ́ ‘wɔwɔ akyirikyiri’—a wɔmmɛn Yuda koraa, na wogu so retwɛn sɛ wɔbɛsan aba—anaasɛ ‘wɔbɛbɛn’—bere a wɔadu wɔn kurom dedaw no. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, hwɛ sɛnea nneɛma yɛ soronko ma abɔnefo! Obiara a ɔnyɛ Yehowa nteɛso ho biribi, abɔnefo, ɛmfa ho nnipa ko a wɔyɛ ne baabiara a wɔwɔ no, nni asomdwoe koraa. Bere a wɔrehuru te sɛ ɛpo a entumi nyɛ komm no, wɔnsow anofafa so aba, na mmom “dontori ne dɔte,” biribiara a ɛho ntew.

25. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn rehu asomdwoe?

25 Ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo a wɔwɔ mmaa nyinaa ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Kristofo a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn a wɔwɔ nsase bɛboro 230 so no sow anofafa so aba, na woyi nokware Nyankopɔn no ayɛ. Wɔte wɔn ayeyi dwom a wɔto no wɔ “asase ano” no. (Yesaia 42:10-12) Wɔn a wɔte wɔn nsɛm no na wɔyɛ ho biribi no regye Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu nokware no tom. Saafo no rebehu asomdwoe a “asomdwoe Nyankopɔn” som de ba no.—Romafo 16:20.

26. (a) Dɛn na ɛbɛba abɔnefo so? (b) Ɛbɔ kɛse bɛn na wɔahyɛ ahobrɛasefo, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo yɛ?

26 Nokwarem no, abɔnefo ntie Ahenni asɛm no. Nanso, ɛrenkyɛ, wɔremma wɔnhaw treneefo asomdwoe bio. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ.” Wɔn a woguan toa Yehowa no benya asase no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11, 29) Hwɛ sɛnea yɛn asase yi so bɛyɛ anigye saa bere no! Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa besi yɛn bo sɛ yɛrenhwere Onyankopɔn asomdwoe da, na ama yɛatumi ato Onyankopɔn ayeyi dwom daa daa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Ɛda adi sɛ na asɛm “nnae” no kyerɛ afɔremuka anaa beae a wɔkɔsom abosom no. Frɛ a wɔfrɛɛ no nnae no kae yɛn sɛ ɔsom a ɛte saa no yɛ honhom fam aguamammɔ.

^ nky. 8 Ebetumi aba sɛ na Asera nnua no gyina hɔ ma ɔbea bɔbeasu, ɛnna adum no betumi ayɛ ɔbarima bɔbeasu ho nsɛnkyerɛnne. Yudafo a wɔanni nokware no de abien no nyinaa dii dwuma.—2 Ahene 18:4; 23:14.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 263]

Yuda de ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe som mu wɔ dua frɔmfrɔm biara ase

[Mfonini wɔ kratafa 267]

Yuda sisii afɔremuka wɔ asase no nyinaa so

[Mfonini wɔ kratafa 275]

‘Merebɔ anofafa so aba’