Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ma Ne Mesia Akoa no So

Yehowa Ma Ne Mesia Akoa no So

Ti Dunan

Yehowa Ma Ne Mesia Akoa no So

Yesaia 52:13–53:12

1, 2. (a) Kyerɛkyerɛ tebea a Yudafo pii hyiae wɔ afeha a edi kan Y.B. mfiase no mu. (b) Nsiesiei bɛn na na Yehowa ayɛ a na ɛbɛboa Yudafo anokwafo no ma wɔahu Mesia no?

FA NO sɛ worekohyia onipa titiriw bi. Moayɛ bere ne baabi a mubehyia ho nhyehyɛe. Nanso, asɛm bi haw wo: Wunnim sɛnea onii no te, na wɔrenyɛ guasodeyɛ biara wɔ ne mmae no ho. Wobɛyɛ dɛn ahu no? Sɛ wunya ne ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a, ɛbɛboa.

2 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mfiase no, Yudafo pii hyiaa tebea bi a ɛte sɛ eyi. Na wɔrehwɛ Mesia—onipa a ne ho hia sen biara a watra ase pɛn no kwan. (Daniel 9:24-27; Luka 3:15) Nanso, na Yudafo anokwafo no bɛyɛ dɛn ahu no? Yehowa maa Hebri adiyifo no kyerɛw Mesia no ho nsɛm a na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ nhumu no atumi ahu no ankasa.

3. Mesia no ho nkyerɛkyerɛmu bɛn na wɔde ama wɔ Yesaia 52:13–53:12?

3 Wɔ Hebri nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Mesia no ho mu no, ɛkame ayɛ sɛ emu biara nni hɔ a emu da hɔ fann sen nea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 52:13–53:12 no. Ɛnyɛ sɛnea Mesia no te wɔ nipaduam na Yesaia dii kan kaa ho asɛm bɛboro mfirihyia 700 no, na mmom ne ho nsɛm a ehia kɛse no—n’amanehunu no atirimpɔw ne sɛnea wɔbɛyɛ no wɔ ne wu, ne sie ne ma a na wɔbɛma no so no—ho nkyerɛkyerɛmu. Saa nkɔmhyɛ yi ne ne mmamu ho a yebesusuw no bɛma yɛn ani agye na ahyɛ yɛn gyidi den.

“M’akoa”—Ɔne Hena?

4. Nsusuwii ahorow bɛn na Yudafo nhomanimfo bi de ama wɔ “akoa” no ho, nanso dɛn nti na eyinom ne Yesaia nkɔmhyɛ no nhyia?

4 Yesaia kaa ahofadi a Yudafo no benya afi nnommumfa mu wɔ Babilon ho asɛm nkyɛe. Afei bere a ɔhwɛ asɛnkɛse bi kwan no, ɔyɛ Yehowa nsɛm yi ho kyerɛwtohɔ: “Hwɛ, m’akoa [bɛyɛ n’ade nhumu mu, “NW”], ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ.” (Yesaia 52:13) Hena ne saa ‘akoa’ yi ankasa? Yudafo nhomanimfo de nsusuwii ahorow pii ama wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Ebinom kyerɛe sɛ ogyina hɔ ma Israel man no nyinaa wɔ Babilon nnommumfa no mu. Nanso nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa ne nkɔmhyɛ no nhyia. Onyankopɔn Akoa no fi ne pɛ mu hu amane. Ɛwom sɛ asɛm biara nni no ho de, nanso ohu amane wɔ afoforo bɔne ho. Eyi mfa Yuda man a ɛkɔɔ nnommumfa mu esiane n’akwammɔne nti no ho hwee. (2 Ahene 21:11-15; Yeremia 25:8-11) Afoforo kyerɛe sɛ Akoa no gyina hɔ ma Israel akunini a wobu wɔn ho treneefo no, ne sɛ saafo yi huu amane maa Israelfo abɔnefo no. Nanso, Israel amanehunu no mu no, kuw pɔtee biara nni hɔ a ehuu amane maa ɔfoforo.

5. (a) Dwuma bɛn na Yudafo nhomanimfo bi de Yesaia nkɔmhyɛ no adi? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Akoa no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ bɛn na Bible mu nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma no de ma?

5 Ansa na Kristosom reba, ne Yɛn Bere Yi mfehaha a edi kan no bi mu no, Yudafo nhomanimfo bi na wɔde nkɔmhyɛ yi dii dwuma faa Mesia no ho. Yehu wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu sɛ dwuma a wɔde eyi dii no fata. Asomafo no Nnwuma no bɔ amanneɛ sɛ bere a Etiopiani piani no kae sɛ onnim nipa ko a Yesaia nkɔmhyɛ no Akoa no yɛ no, Filipo “kaa no Yesu ho asɛmpa no.” (Asomafo no Nnwuma 8:26-40; Yesaia 53:7, 8) Bible mu nhoma afoforo nso ka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔne Yesaia nkɔmhyɛ no mu Mesia Akoa no. * Bere a yɛresusuw saa nkɔmhyɛ yi ho no, yebehu nsɛdi ahorow a emu yɛ den a ɛda nea Yehowa frɛ no “m’akoa” no ne Yesu a ofi Nasaret no ntam.

6. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ Mesia no bedi nkonim wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu?

6 Nkonim a Mesia no bedi awiei koraa wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu no na wɔde fi nkɔmhyɛ no ase. Asɛmfua ‘akoa’ no kyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama Onyankopɔn apɛdeyɛ, sɛnea akoa yɛ ma ne wura no. Saayɛ mu no, ‘ɔbɛyɛ n’ade nhumu mu.’ Nhumu ne tumi a wotumi te tebea bi ase. Sɛ́ wɔbɛyɛ ade wɔ nhumu mu no kyerɛ ade a wɔyɛ no anifere mu. Ɛdefa Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha ho no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Ne nnyinaso ne ade a wɔyɛ no anifere ne nyansa mu. Obi a ɔyɛ n’ade nyansam bedi nkonim.” Yɛnam nea nkɔmhyɛ no ka a ɛne sɛ ‘wɔbɛma no so na wakorɔn’ no so hu sɛ Mesia no bedi nkonim ankasa.

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ‘de nhumu yɛɛ n’ade,’ na ɔkwan bɛn so na ‘wɔama no so ma wakorɔn kɛse’?

7 Yesu ‘yɛɛ n’ade nhumu mu,’ daa ntease adi wɔ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa no ho mu na ɛkyerɛɛ no kwan ma ɔyɛɛ N’agya apɛde. (Yohane 17:4; 19:30) Dɛn na efii mu bae? Yesu wusɔre ne ne sorokɔ akyi no, ‘Onyankopɔn ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.’ (Filipifo 2:9; Asomafo no Nnwuma 2:34-36) Afei, wɔmaa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no so kɛse wɔ afe 1914 mu. Yehowa maa no so sii Mesia Ahenni no agua so. (Adiyisɛm 12:1-5) Yiw, ‘wɔmaa no so maa ɔkorɔn kɛse.’

‘Wɔde Ahodwiriw Hwɛ No’

8, 9. Sɛ Yesu a wɔama no so no bebu atɛn a, asase sodifo bɛyɛ wɔn ade dɛn, na dɛn ntia?

8 Ɔkwan bɛn so na amanaman no ne wɔn sodifo bɛyɛ wɔn ade wɔ Mesia a wɔama no so no ho? Sɛ yɛbɔ tra asɛm a ɛwɔ nkahyemde mu wɔ nkyekyem 14 no kakra a, nkɔmhyɛ nkae no kenkan sɛ: “Sɛnea wo ho yɛɛ nnipa pii ahodwiriw no, . . . saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene amuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.” (Yesaia 52:14a, 15) Ɛnyɛ Mesia no mmae a edi kan no na Yesaia nam saa nsɛm yi so ka ho asɛm, na mmom ɔne asase so sodifo akodi a edi akyiri no.

9 Sɛ Yesu a wɔama no so no ba bebu nneɛma nhyehyɛe bɔne yi atɛn a, asase sodifo ‘de ahodwiriw bɛhwɛ no.’ Nokwarem no, nnipa sodifo no remfa wɔn ani ankasa nhu Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no. Nanso, wobehu ne tumi sɛ ɔsoro Kofo a ɔko ma Yehowa no ho adanse ahorow a aniwa tua. (Mateo 24:30) Ɛbɛhyɛ wɔn ma wɔasusuw nneɛma a wɔn nyamesom akannifo nkaa ho asɛm nkyerɛɛ wɔn—a ɛne Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Temmufo—no ho! Akoa a wɔama no so a wɔne no bedi asi no bɛyɛ n’ade ɔkwan bi so a wɔnhwɛ kwan.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ wɔsɛee Yesu anim wɔ afeha a edi kan no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔayɛ eyi nnɛ?

10 Sɛnea nkyekyem no fã a ɛhyɛ nkahyemde mu kyerɛ no, Yesaia ka sɛ: “Esiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa de, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma de bio no nti.” (Yesaia 52:14b) So Yesu anim sɛee ankasa? Dabi. Ɛwom sɛ Bible nkyerɛkyerɛ sɛnea na Yesu te wɔ nipaduam ankasa mu de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no ho yɛ fɛ, na na n’anim tew. Ɛda adi sɛ, Yesaia nsɛm no fa animguase a Yesu hui no ho. Ɔde akokoduru paa ne bere so nyamesom akannifo ho ntama sɛ wɔyɛ nyaatwomfo, atorofo, ne awudifo; na wɔn nso yaw no de tuaa ka. (1 Petro 2:22, 23) Wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔyɛ mmaratofo, obususɛnkafo, ɔdaadaafo, obi a ɔko tia Roma tumidi. Enti, saafo a wɔbɔ atoro sobo yi sɛee Yesu din koraa.

11 Nkurɔfo da so ka Yesu ho atosɛm nnɛ. Nnipa dodow no ara bu Yesu sɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu, anaasɛ onipa bi a ne ho akyere no a wɔde nnadewa abɔ no afam mmeamudua ho a ɛyaw ama wanyinyan n’anim a ɔhyɛ nsɔe kyɛw. Kristoman mu asɔfo ahyɛ nsusuwii a ɛtete saa ho nkuran. Wɔnkaa Yesu ho asɛm sɛ ɔsoro Hene a amanaman nyinaa bebu akontaa akyerɛ no. Sɛ nnipa sodifo ne Yesu a wɔama no so di asi nnansa yi a, na wɔne Mesia a ɔwɔ “ɔsoro ne asase so tumi nyinaa” no na ɛredi asi!—Mateo 28:18.

Hena na Obegye Asɛmpa Yi Adi?

12. Nsɛmmisa a ɛyɛ nwonwa bɛn na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 53:1 ma ɛsɔre?

12 Bere a Yesaia ka Mesia no nsakrae a ɛyɛ nwonwa—efi ‘sɛe a wɔsɛe n’anim’ kosi ‘korɔn a wɔma ɔkorɔn kɛse’—ho asɛm wie no, obisa sɛ: “Hena na wagye yɛn asɛnka no adi, na [Yehowa, “NW”] basa no, hena so na ada adi ma wahu?” (Yesaia 53:1) Yesaia nsɛm yi ma nsɛmmisa bi a ɛyɛ nwonwa sɔre: So saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu? So ‘Yehowa basa,’ a egyina hɔ ma hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi no, bɛda adi na ama nsɛm yi abam?

13. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa no adi sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa mmamu wɔ Yesu so, na nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

13 Akyinnye biara nni ho sɛ mmuae no yɛ yiw! Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo mu no, ɔfaa Yesaia nsɛm no kae de kyerɛɛ sɛ nkɔmhyɛ a yɛate a Yesaia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no nyaa ne mmamu wɔ Yesu so. Anuonyam a wɔhyɛɛ Yesu wɔ n’asase so amanehunu no akyi no yɛɛ asɛmpa. Paulo ka kyerɛɛ Yudafo a wonnye nni no sɛ: “Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: [Yehowa, NW], hena na wagye yɛn asɛnka adi? Ɛnde afei na gyidi no fi asɛnka mu, na asɛnka no nam Kristo asɛm so ba.” (Romafo 10:16, 17) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, Paulo bere sofo kakraa bi pɛ na wogyee Onyankopɔn Akoa no ho asɛmpa no dii. Dɛn ntia?

14, 15. Asetra bɛn mu na Mesia no nam bɛba wiase?

14 Nkɔmhyɛ no kɔ so kyerɛkyerɛ Israelfo no nea enti a wobisaa saa nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nkyekyem 1 no mu, na ɛnam so kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa pii rennye Mesia no ntom no mu sɛ: ‘Ofifii sɛ duforo ɔhwɛfo bi anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni ahoɔfɛ na onni anuonyam, na yehuu no no, na onni suban a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn fɛ.’ (Yesaia 53:2) Ɛha na yehu ɔkwan a Mesia no bɛfa so aba asase so no. Obefi abusua a wodi hia mu na aba, na ɛda adi sɛ wɔn a wohu no no remmu no hwee. Afei nso, ɔbɛyɛ sɛ dubaa, duforo bi a ɛyɛ mmerɛw a ɛfefɛw wɔ dunsin anaa dubaa ho. Ɔbɛyɛ sɛ nsu ho afifide a afifi wɔ asase kesee so nso. Ɔremma sɛ ɔdehye wɔ akokurokosɛm ne akɛsesɛm mu—ɔrenhyɛ ahemfo ntade anaa ahemmotiri a ɛhyerɛn biara. Mmom no, mfiase no ɔbɛyɛ awiɛmfoɔ ne ɔbrɛfo.

15 Hwɛ sɛnea ɛno fa Yesu asetra mfiase sɛ́ awiɛmfoɔ no ho yiye! Yudani ababaa Maria woo no apɔnkɔdan mu wɔ kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Betlehem mu. * (Luka 2:7; Yohane 7:42) Ná Maria ne ne kunu Yosef yɛ ahiafo. Yesu awo akyi bɛyɛ nna 40 no, wɔde bɔne ho afɔre a na ahiafo de ma, “nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien” na ɛkɔmae. (Luka 2:24; Leviticus 12:6-8) Bere kɔɔ so no, Maria ne Yosef traa Nasaret, baabi a Yesu nyinii wɔ abusua kɛse a ɛda adi sɛ na wonni bi mu.—Mateo 13:55, 56.

16. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ na Yesu ‘ho nyɛ fɛ’ anaasɛ na onni “anuonyam”?

16 Sɛ́ onipa no, na ɛte sɛ nea Yesu amfifi asase pa mu. (Yohane 1:46; 7:41, 52) Ɛwom sɛ na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ ne Ɔhene Dawid aseni de, nanso esiane sɛ na ɔyɛ awiɛmfoɔ nti, wɔanhu ‘n’ahoɔfɛ’ anaa ‘n’anuonyam’ no—titiriw wɔn a na wɔrehwɛ kwan sɛ Mesia no befi abusua a edi yiye mu aba no fam. Yudafo nyamesom akannifo no hyɛɛ nnipa pii nkuran ma wobuu wɔn ani guu no so na wobuu no animtiaa mpo. Awiei koraa no, nkurɔfo akuwakuw no anhu Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no ho biribiara a ɛbɛma wɔn ani agye ne ho.—Mateo 27:11-26.

“Wobuu no Animtiaa na Nnipa Paa No”

17. (a) Dɛn na Yesaia fi ase ka ho asɛm, na dɛn nti na ɔkyerɛw ho asɛm te sɛ nea abam dedaw? (b) Henanom na wobuu Yesu “animtiaa” “paa no,” na ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ saa?

17 Afei Yesaia fi ase ka sɛnea wobebu Mesia no na wɔne no adi ho asɛm: “Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, na wobuu no animtiaa sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, na yɛammu no hwee.” (Yesaia 53:3) Bere a Yesaia nim sɛ ne nsɛm no bɛbam no, ɔkyerɛw asɛm no te sɛ nea anya ne mmamu dedaw. So nnipa buu Yesu Kristo animtiaa paa no ampa? Yiw, wɔyɛɛ no saa! Nyamesom akannifo a wobu wɔn ho treneefo no ne wɔn akyidifo no buu no sɛ onipa a ne bra asɛe sen biara. Wɔfrɛɛ no towgyefo ne nguaman adamfo. (Luka 7:34, 37-39) Wohinam n’ani so ntasu. Wɔbobɔɔ no akuturuku yeyaw no. Woyii no ahi dii ne ho fɛw. (Mateo 26:67) Esiane saa nokware ho atamfo yi nti, wɔn a na wɔyɛ Yesu “ankasa de no annye no.”—Yohane 1:10, 11.

18. Esiane sɛ Yesu anyare da nti, ɔkwan bɛn so na na “ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare”?

18 Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ no, Yesu anyare. Nanso, na “ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare.” Ná ayayade ne nyarewa a ɛte saa no nni n’ankasa so. Yesu fi soro na ɔbaa wiase a ɛyare mu. Ɔtraa wɔn a wɔrehu amane na wɔte yaw mu, nanso wantwe ne ho amfi wɔn a na wɔyare, honam fam ne honhom fam, no ho. Te sɛ oduruyɛfo a osusuw afoforo ho no, ɔne nkurɔfo a ɔne wɔn te a na wɔrehu amane no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Afei nso, otumi yɛɛ nea oduruyɛfo a ɔyɛ onipa biara ntumi nyɛ.—Luka 5:27-32.

19. Hena na woyii ani ‘hintaw’ no, na ɔkwan bɛn so na Yesu atamfo daa no adi sɛ ‘wommu no hwee’?

19 Nanso, Yesu atamfo buu no sɛ ɔyarefo, na wannya anuonyam wɔ wɔn ani so. Woyii wɔn ani ‘hintaw’ no, nanso ɛnyɛ sɛ ɔno na ɔde n’anim hintaw afoforo. Bere a The New English Bible rekyerɛ Yesaia 53:3 ase no, ɛde kasasin a ɛne “ade a nnipa yi wɔn ani fi ho” na edii dwuma. Na Yesu asɔretiafo no bu no mmaratofo araa ma woyii wɔn ani hintaw no sɛnea ɔyɛ atantanne a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ no. Na wobu no sɛ ɔnsom bo nsen akoa. (Exodus 21:32; Mateo 26:14-16) Wobuu owudifo Baraba sen no. (Luka 23:18-25) Dɛn bio na na wobetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wommu Yesu hwee?

20. Awerɛkyekye bɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya fi Yesaia nsɛm no mu?

20 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya awerɛkyekye pii afi Yesaia nsɛm yi mu. Ɛtɔ mmere bi a asɔretiafo betumi abu Yehowa asomfo anokwafo animtiaa anaasɛ wɔabu wɔn sɛ nea wɔnsɛ hwee. Nanso, sɛnea na ɛte wɔ Yesu fam no, nea ehia titiriw ne sɛnea Yehowa Nyankopɔn bu yɛn. Ɛwom sɛ nnipa ‘ammu Yesu hwee’ de, nanso eyi ansesa sɛnea Onyankopɔn bu no kɛse no!

“Yɛn Mmarato Nti na Wopiraa No”

21, 22. (a) Dɛn na Mesia no fa soa maa afoforo? (b) Nnipa pii buu Mesia no dɛn, na n’amanehunu no kɔ kowiee dɛn?

21 Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Mesia no hu amane na owu? Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayade nso, wasoa. Na yɛn de, yebuu no sɛ nea [wɔahaw, “NW”] no, nea Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amane mu. Na ɔno de, yɛn mmarato nti na wopiraa no, yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; yɛn asomdwoe ho asotwe daa no so, na ne mmaa atape na wɔde asa yɛn yare. Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na [Yehowa, “NW”] maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.”—Yesaia 53:4-6.

22 Mesia no soaa afoforo nyarewa na ɔfaa wɔn ayayade. Sɛnea yɛbɛka no no, ɔfaa wɔn nnesoa too ne mmati na ɔsoae. Na esiane sɛ nyarewa ne ɛyaw yɛ nneɛma a adesamma bɔne de ba nti, Mesia no soaa afoforo bɔne. Nnipa pii ante nea enti a ohuu amane no ase, na wosusuwii sɛ na Onyankopɔn na ɔretwe n’aso, na ɔde yare bɔne baa no so. * Mesia no amanehunu no bae bere a wɔwɔɔ no ade, dwerɛw no, na wopiraa no no—nsɛm a emu yɛ den a ɛkyerɛ owu yayaw. Nanso, ne wu no wɔ mpata tumi; ɛma wɔn a wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ mmarato ne bɔne mu no nya nea wobegyina so agye wɔn, na aboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn mu asomdwoe.

23. Ɔkwan bɛn so na Yesu soaa afoforo amanehunu?

23 Ɔkwan bɛn so na Yesu soaa afoforo amanehunu? Mateo Asɛmpa no faa Yesaia 53:4 mu asɛm kae sɛ: “Wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare. Na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa.” (Mateo 8:16, 17) Yesu nam sa a ɔsaa wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyarewa no so faa wɔn amanehunu soae. Ayaresa a ɛtete saa no maa n’ahoɔden so tewee. (Luka 8:43-48) Sa a otumi saa nyarewa nyinaa—honam fam ne honhom fam—no daa no adi sɛ na wɔama no tumi sɛ ɔmpopa nkurɔfo bɔne.—Mateo 9:2-8.

24. (a) Dɛn nti na na ɛte sɛ nea Onyankopɔn na ‘ɔhaw’ Yesu wɔ nnipa pii ani so? (b) Dɛn nti na Yesu huu amane na owui?

24 Nanso, wɔ nnipa pii fam no, na ɛte sɛ nea Onyankopɔn ‘ahaw’ Yesu. Anyɛ yiye koraa no, nyamesom akannifo na ɛma ohuu amane. Nanso, kae sɛ, ɛnyɛ n’ankasa bɔne bi nti na ohuu amane. Petro ka sɛ: “Kristo . . . huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi. Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom. Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so, sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntra ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare.” (1 Petro 2:21, 22, 24) Bere bi na yɛn nyinaa ayera wɔ bɔne mu, “sɛ nguan a wɔayera.” (1 Petro 2:25) Nanso, Yehowa nam Yesu so agye yɛn afi yɛn bɔne mu. Ɔno na ɔmaa yɛn amumɔyɛ “kɔhwee” Yesu so. Yesu a wanyɛ bɔne no huu yɛn bɔne ho amane. Ɔnam animguase wu a ɛnsɛ no a owui wɔ dua so no so ma ɛyɛɛ yiye sɛ ɔbɛka yɛn abata Onyankopɔn ho bio.

“Ɔbrɛɛ Ne Ho Ase”

25. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Mesia no fii ne pɛ mu huu amane wui?

25 So Mesia no befi ne pɛ mu ahu amane na wawu? Yesaia ka sɛ: “Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano.” (Yesaia 53:7) Ná anka Yesu betumi afrɛ “abɔfo asafotow dumien ne akyiri” ma wɔabɛboa no wɔ anadwo a etwa to wɔ n’asetram no mu. Nanso ɔkae sɛ: “Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?” (Mateo 26:53, 54) Mmom no, “Onyankopɔn guammaa” no anko antia. (Yohane 1:29) Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no totoo Yesu ano wɔ Pilato anim no, “wammua bi.” (Mateo 27:11-14) Wampɛ sɛ ɔbɛka biribi a ebetumi atwitware Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no mu. Na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obewu sɛ Oguammaa a wɔde no bɔ afɔre, a na onim yiye sɛ ne wu no begye adesamma a wɔyɛ asoɔmmerɛw afi bɔne, yare, ne owu mu.

26. Ɔkwan bɛn so na Yesu asɔretiafo no de “ahoguan” baa no so?

26 Afei, Yesaia ka Mesia no amanehunu ne n’animguase ho nsɛm pii. Odiyifo no kyerɛw sɛ: “Wɔde ahoguan ne atemmu yii no kɔe; ne beresofo nso, hena na odwen ho sɛ wɔahwim no afi ateasefo asase so kɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?” (Yesaia 53:8) Awiei koraa no, bere a Yesu atamfo faa no kɔe no, saa nyamesom mu asɔretiafo yi ‘guan ne ho’ wɔ sɛnea wɔne no dii no mu. Na ɛnyɛ nitan a wɔwɔ nko na wɔdaa no adi, na mmom wɔkaa atɛntrenee nso hyɛe. Bere a Hela Septuagint no rekyerɛ Yesaia 53:8 ase no, ɛde “animguase” mmom na edi dwuma sen “ahoguan.” Yesu atamfo nam di a wɔne no anni no yiye te sɛ nea wɔne ɔsɛmmɔnedifo mpo di no so guu n’anim ase. Yesu asɛnni no yɛɛ atɛnkyea ankasa. Ɔkwan bɛn so?

27. Bere a na Yudafo som mu akannifo redi Yesu asɛm no, mmara ahorow bɛn na wobuu wɔn ani guu so, na akwan bɛn so na wobuu Onyankopɔn Mmara so?

27 Esiane sɛ na Yuda som mu akannifo no asi wɔn bo sɛ wobekum Yesu nti, wobuu wɔn ankasa mmara ahorow so. Sɛnea wɔn amammerɛ kyerɛ no, asɔrefie hɔ abo nsɛwee so nkutoo na na Sanhedrin no betumi adi asɛm a na wobetumi abu obi kumfɔ wom, na ɛnyɛ ɔsɔfopanyin no fie. Ná ɛsɛ sɛ wodi asɛm a ɛte saa no awia, na ɛnyɛ bere a owia akɔtɔ. Na wɔ asɛnni a wotumi bu kumfɔ wɔ mu mu no, sɛ wodi asɛm no wie a, ɛsɛ sɛ ade kye so ansa na wɔde obi afobu ato gua. Enti, na wontumi nni asɛm bere a ade rebɛkye ma Homeda anaa afahyɛ bi adu. Wobuu ani guu saa mmara yi nyinaa so wɔ Yesu asɛnni no mu. (Mateo 26:57-68) Nea enye koraa no, bere a nyamesom akannifo no redi asɛm no, wobuu Onyankopɔn Mmara so pefee. Sɛ nhwɛso no, wɔmaa adanmude sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Yesu akyere no. (Deuteronomium 16:19; Luka 22:2-6) Wotiee adansekurumfo. (Exodus 20:16; Marko 14:55, 56) Na wɔbɔɔ pɔw bɔne de gyaee owudifo bi, na wɔnam so de mogya ho asodi baa wɔn ne wɔn asase no so. (Numeri 35:31-34; Deuteronomium 19:11-13; Luka 23:16-25) Enti, na “atemmu” biara nni hɔ, na atɛntrenee biara nni hɔ a wobegyina so abu atɛmpa.

28. Dɛn na Yesu atamfo ansusuw ho?

28 So Yesu atamfo no hwehwɛɛ mu hwɛe sɛ wobehu onipa ko a ɔbarima a wɔredi n’asɛm no yɛ ankasa? Yesaia bisa asɛm a ɛte saa sɛ: “Ne beresofo nso, hena na odwen ho?” Asɛmfua “beresofo” no betumi akyerɛ baabi a obi fi, anaa n’abusuafo. Bere a wɔredi Yesu asɛm wɔ Sanhedrin no anim no, emufo no ansusuw n’abusua ho—sɛ ɔfata sɛ Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no anaa. Mmom no, wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔka abususɛm, na wobuu no fɔ sɛ ɔsɛ owu. (Marko 14:64) Akyiri yi, Roma amrado Pontio Pilato maa wɔn nhyɛso no bunkam no so ma obuu Yesu fɔ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnduam. (Luka 23:13-25) Enti ‘wohwim’ Yesu, anaasɛ wotwaa no kyenee bere a na wadi mfirihyia 33 1/2 pɛ.

29. Ɔkwan bɛn so na Yesu damoa fraa “abɔnefo de” ne “ɔdefo de” mu?

29 Ɛdefa Mesia no wu ne ne sie ho no, Yesaia kyerɛw sɛ: “Wɔmaa ne damoa fraa abɔnefo ne ɔdefo de mu wɔ ne wu mu, nanso wanni abɔnefosɛm, na nnaadaa nni n’anom.” (Yesaia 53:9) Ɔkwan bɛn so na Yesu fraa abɔnefo ne adefo mu wɔ ne wu ne ne sie mu? Wɔ Nisan 14, 33 Y.B. no, owui wɔ asɛndua so wɔ Yerusalem afasu no akyi. Esiane sɛ wɔbɔɔ no asɛnduam wɔ abɔnefo baanu ntam nti, ɔkwan bi so no, ne damoa fraa abɔnefo de mu. (Luka 23:33) Nanso, bere a Yesu wui no, Yosef, ɔdefo bi a ofi Arimatea no nyaa akokoduru kobisaa hokwan fii Pilato nkyɛn koyii Yesu amu kosiei. Yosef ne Nikodemo siesiee amu no maa ne sie, na afei wɔde kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa no foforo a ɛyɛ Yosef ankasa de mu. (Mateo 27:57-60; Yohane 19:38-42) Enti Yesu damoa fraa adefo de mu nso.

‘Ɛsɔɔ Yehowa Ani sɛ Ɔdwerɛw No’

30. Ɔkwan bɛn so na ɛsɔɔ Yehowa ani sɛ ohui sɛ wɔadwerɛw Yesu?

30 Nea edi hɔ no, Yesaia ka asɛm bi a ɛyɛ nwonwa: “Ɛsɔɔ [Yehowa, “NW”] ani sɛ ɔdwerɛw no bɔɔ no yare. Sɛ onya de ne kra to hɔ yɛ asodi afɔre a, obehu asefo, ne nna bɛware, na nea ɛsɔ [Yehowa, “NW”] ani afa ne nsa so ayɛ yiye. Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.” (Yesaia 53:10, 11) Ɔkwan bɛn so na ebetumi asɔ Yehowa ani sɛ obehu sɛ wɔadwerɛw akoa nokwafo yi? Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ Yehowa ankasa na ɔde amanehunu baa ne Dɔba no so. Yesu atamfo na nea wɔde yɛɛ no no ho asodi nyinaa da wɔn so. Nanso Yehowa maa kwan ma wɔyɛɛ ade atirimɔden so. (Yohane 19:11) Dɛn ntia? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ timmɔbɔ na ɔwɔ ayamhyehye no yaw sɛ ohui sɛ ne Ba a ne ho nni asɛm no rehu amane. (Yesaia 63:9; Luka 1:77, 78) Ɛda adi sɛ Yehowa bo amfuw Yesu wɔ ɔkwan biara so. Mmom, Yehowa ani sɔɔ ɔpɛ a na ne Ba no wɔ sɛ obehu amane no esiane nhyira pii a na ebefi mu aba no nti.

31. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de Yesu kra yɛɛ “asodi afɔre”? (b) Ɔhaw bebrebe a Yesu faa mu sɛ onipa no nyinaa akyi no, dɛn titiriw na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ne bo tɔɔ ne yam?

31 Ade biako ne sɛ, Yehowa de Yesu kra ayɛ “asodi afɔre.” Enti, bere a Yesu san foro kɔɔ soro no, okopuee Yehowa anim a na okura ɛbo a ne desani nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no som no sɛ asodi afɔre, na Yehowa de anigye gye toom maa adesamma nyinaa. (Hebrifo 9:24; 10:5-14) Yesu nam n’asodi afɔre no so nyaa “asefo.” Sɛ́ “Daa-agya” no, otumi ma wɔn a wɔkyerɛ ne mogya a ohwie gui no mu gyidi no nkwa—daa nkwa. (Yesaia 9:6) Ɔhaw bebrebe a Yesu faa mu sɛ onipa no nyinaa akyi no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne bo tɔɔ ne yam sɛ onyaa anidaso sɛ obegye adesamma afi bɔne ne owu mu! Nanso, ɛbɛyɛ sɛ ne bo tɔɔ ne yam kɛse koraa sɛ ohui sɛ ne mudi mu a okurae no maa ne soro Agya no nyaa mmuae a ɔde bebua Ne Tamfo Kɛse, Satan Bonsam, ahohorabɔ no.—Mmebusɛm 27:11.

32. “Nimdeɛ” bɛn so na Yesu nam ma ‘nnipa pii nya trenee gyinabea,’ na henanom na wonya saa gyinabea yi?

32 Nhyira foforo a efi Yesu wu no mu ba ne sɛ mprempren mpo ama ‘nnipa pii anya trenee gyinabea.’ Yesaia ka sɛ, ɔnam ‘ne nimdeɛ’ so na ɛyɛ saa. Ɛda adi sɛ, eyi yɛ nimdeɛ a Yesu nam onipa a ɔbɛyɛe ne amane a ohui wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ osetie a ɔyɛ maa Onyankopɔn mu so nyae. (Hebrifo 4:15) Esiane sɛ Yesu huu amane kosii owu mu nti, otumi de afɔre a na ehia ma wɔaboa afoforo ma wɔanya trenee gyinabea no mae. Henanom na wonya trenee gyinabea yi? Nea edi kan no, n’akyidifo a wɔasra wɔn no. Esiane sɛ wɔkyerɛ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi nti, Yehowa bu wɔn treneefo yɛ wɔn sɛ mma, na ɔma wɔbɛyɛ Yesu yɔnko adedifo. (Romafo 5:19; 8:16, 17) Afei, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no kyerɛ Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi, na wonya trenee gyinabea a ɛma wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo, na wobenya wɔn ti adidi mu Harmagedon.—Adiyisɛm 7:9; 16:14, 16; Yohane 10:16; Yakobo 2:23, 25.

33, 34. (a) Yehowa ho ade bɛn na yesua a ɛma yɛn koma ani gye? (b) Henanom ne “nnipa bebree” a Mesia Akoa no ne wɔn nya ‘akyɛde bi’ no?

33 Awiei koraa no, Yesaia ka Mesia no nkonimdi ho asɛm sɛ: “Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no, nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, na wɔabu no atia mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.”—Yesaia 53:12.

34 Yesaia nkɔmhyɛ no fã a etwa to yi mu nsɛm no kyerɛkyerɛ Yehowa ho biribi a ɛyɛ anigye: Obu wɔn a wɔkɔ so di no nokware no. Bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘ɔbɛkyɛ ade mu ama’ Mesia Akoa no “nnipa bebree mu” no di eyi ho adanse. Ɛda adi sɛ wonyaa saa nsɛm yi fii ɔko mu asade a wɔkyɛ mu. Yehowa ani sɔ tete anokwafo ‘bebree’ no nokwaredi, a wɔn a wɔka ho bi ne Noa, Abraham, ne Hiob, na ɔde ‘akyɛde bi’ asie ama wɔn wɔ ne wiase foforo a ɛreba no mu. (Hebrifo 11:13-16) Saa ara na ɔde akyɛde bi bɛma ne Mesia Akoa no. Nokwarem no, Yehowa remma ne mudi mu a okurae no nyɛ kwa. Yɛn nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘werɛ remfi yɛn adwuma ne yɛn dɔ a yɛkyerɛ wɔ ne din ho’ no.—Hebrifo 6:10.

35. Henanom ne “ahoɔdenfo” a Yesu ne wɔn kyɛ asade no, na dɛn ne asade no?

35 Onyankopɔn Akoa no nso benya ɔko mu asade denam n’atamfo so nkonim a obedi so. Ɔne “ahoɔdenfo” no na ɛbɛkyɛ saa asade yi. Wɔ ne mmamu mu no, henanom ne “ahoɔdenfo” no? Wɔne Yesu asuafo a wodi kan a wodii wiase so nkonim sɛnea ɔyɛe no—“Nyankopɔn Israel,” 144,000 no mufo. (Galatifo 6:16; Yohane 16:33; Adiyisɛm 3:21; 14:1) Ɛnde, dɛn ne asade no? Ɛda adi sɛ ‘nnipa mu akyɛde’ a Yesu gye wɔn fi Satan nkɛntɛnso ase, na ɔde wɔn ma Kristofo asafo no, ka eyinom ho. (Efesofo 4:8-12) Wɔde asade foforo bi mu akyɛde ma “ahoɔdenfo” 144,000 no nso. Wɔnam wiase no so nkonim a wodi so yi ade biara a Satan gyina so bɔ Onyankopɔn ahohora no fi hɔ. Wɔn mudi mu a wokura pintinn no ma Yehowa so, na ɛma ne koma ani gye.

36. So na Yesu nim sɛ ɔrema nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn Akoa ho no anya ne mmamu? Kyerɛkyerɛ mu.

36 Ná Yesu nim sɛ ɔrema nkɔmhyɛ a ɛfa Onyankopɔn Akoa ho no anya ne mmamu. Anadwo a wɔrebɛkyere no no, ɔfaa nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 53:12 no kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Mise mo sɛ, eyi a wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei.” (Luka 22:36, 37) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔne Yesu dii sɛ mmaratofo ankasa. Wokum no sɛ mmaratofo bɔɔ no asɛnduam wɔ adwowtwafo baanu ntam. (Marko 15:27) Nanso, ofii ne pɛ mu soaa saa ahohorabɔ yi, a na onim no yiye sɛ ɔredi ama yɛn. Sɛnea yɛbɛka no no, ogyinaa abɔnefo ne asiane a ɛne owu asotwe ntam, na asiane no baa no so.

37. (a) Yesu asetra ne ne wu ho abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ no ma yetumi hu dɛn? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma Yehowa Nyankopɔn ne N’akoa Yesu Kristo a wɔama no so no?

37 Yesu asetra ne ne wu ho abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ no ma yetumi hu no yiye sɛ: Yesu Kristo ne Mesia Akoa a ne ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase sɛ onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛma ne Dɔba no ama nkɔmhyɛ mu Akoa no dwumadi, amanehunu ne owu a ebetumi agye yɛn afi bɔne ne owu mu no anya mmamu! Yehowa nam saayɛ so yii ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ yɛn. Romafo 5:8 ka sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Yesu Kristo, Akoa a wɔama no so, a ofii ne pɛ mu de ne kra too hɔ maa owu no nso ase!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Targum a Jonathan ben Uzziel (a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B.) kyerɛwee, na J. F. Stenning kyerɛɛ ase no kenkan wɔ Yesaia 52:13 sɛ: “Monhwɛ, m’akoa, nea Wɔasra No no (anaa, Mesia no) bedi yiye.” Saa ara na Babilonfo Talmud no (Bɛyɛ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B.) ka sɛ: “Mesia no—ne din de dɛn? . . . [; wɔn] a wɔwɔ Rabi fie [frɛ no, Ɔyarefo no], sɛnea wɔka no, ‘Akyinnye biara nni ho sɛ wafa yɛn nyarewa.’”—Sanhedrin 98b; Yesaia 53:4.

^ nky. 15 Odiyifo Mika kaa Betlehem ho asɛm sɛ “wusua sɛ wobɛfra Yuda mpem mu.” (Mika 5:2) Nanso, Betlehem a esua no nyaa nidi soronko sɛ kurow a emu na wɔwoo Mesia no.

^ nky. 22 Wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘haw’ no nso dii dwuma de kyerɛɛ kwata. (2 Ahene 15:5) Sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, Yudafo binom nyaa adwene a ɛne sɛ Mesia no bɛyɛ ɔkwatani no fii Yesaia 53:4. Babilonfo Talmud de nkyekyem yi di dwuma fa Mesia no ho, frɛ no “nhomanimfo kwatani no.” Bere a Katolek Douay Version, de Latin Vulgate no redi dwuma no, ɛkyerɛ saa nkyekyem yi ase sɛ: “Yɛabu no sɛ ɔkwatani.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 212]

YEHOWA AKOA NO

Sɛnea Ɛdaa Adi sɛ Ɔne Yesu

NKƆMHYƐ

ASƐM A ESII

NE MMAMU

Yes. 52:13

Wɔma no so na ɔkorɔn

Aso. 2:34-36; Fil. 2:8-11; 1 Pet. 3:22

Yes. 52:14

Wɔtoto n’ano na wɔsɛe ne din

Mat. 11:19; 27:39-44,63, 64; Yoh. 8:48; 10:20

Yes. 52:15

Ɔma amanaman pii bobɔ piriw

Mat. 24:30; 2 Tes. 1:​6-​10; Adi. 1:7

Yes. 53:1

Wɔannye no anni

Yoh. 12:37, 38; Rom. 10:11, 16, 17

Yes. 53:2

Mfiase no na ɔyɛ awiɛmfoɔ ne ɔbrɛfo

Luka 2:7; Yoh. 1:46

Yes. 53:3

Wobuu no animtiaa paa no

Mat. 26:67; Luka 23: 18-25; Yoh. 1:10, 11

Yes. 53:4

Ɔsoaa yɛn nyarewa

Mat. 8:16, 17; Luka 8:43-48

Yes. 53:5

Wopiraa no

Yoh. 19:34

Yes. 53:6

Ohuu afoforo mmarato ho amane

1 Pet. 2:​21-​25

Yes. 53:7

Ɔyɛɛ komm na wammue n’ano anototofo anim

Mat. 27:11-14; Marko 14:60, 61; Aso. 8:32, 35

Yes. 53:8

Wodii n’asɛm ɔkwan a ɛnteɛ so na wobuu no fɔ

Mat. 26:57-68; 27:1, 2, 11-26; Yoh. 18:12-14, 19-24, 28-40

Yes. 53:9

Wosiee no adefo mu

Mat. 27:57-60; Yoh. 19:38-42

Yes. 53:10

Wɔde ne kra yɛɛ asodi afɔre

Heb. 9:24; 10:5-14

Yes. 53:11

Ɔbɔɔ kwan maa nnipa pii nyaa trenee gyinabea

Rom. 5:18, 19; 1 Pet. 2:24; Adi. 7:14

Yes. 53:12

Wɔde no fraa mmaratofo

Mat. 26:55, 56; 27:38; Luka 22:36, 37

[Mfonini wɔ kratafa 203]

‘Nnipa buu no animtiaa’

[Mfonini wɔ kratafa 206]

‘Ɔremmue n’ano’

[Asɛm Fibea]

Nkyerɛkyerɛmu a efi “Ecce Homo” a Antonio Ciseri yɛe mu

[Mfonini wɔ kratafa 211]

“Ɔde ne kra too hɔ maa owu”