Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa—“Onyankopɔn a Ɔteɛ na Ogye Nkwa”

Yehowa—“Onyankopɔn a Ɔteɛ na Ogye Nkwa”

Ti Asia

Yehowa—“Onyankopɔn a Ɔteɛ na Ogye Nkwa”

Yesaia 45:1-25

1, 2. Bɔhyɛ ahorow bɛn na wɔde ma wɔ Yesaia ti 45, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

YEHOWA bɔhyɛ ahorow yɛ nea wotumi de ho to so. Ɔyɛ Onyankopɔn a oyi nsɛm adi, ɔbɔadeɛ Nyankopɔn. Wada ne ho adi mpɛn pii sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔteɛ na Ogye nnipa a wofi aman nyinaa mu Nkwa. Eyinom ne bɔhyɛ ahorow a ɛka koma a ɛwɔ Yesaia ti 45 no bi.

2 Afei nso, tumi a Yehowa wɔ a ɔde hyɛ nkɔm no ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bi wɔ Yesaia ti 45. Onyankopɔn honhom tumi ma Yesaia hwɛ aman a ɛwɔ akyirikyiri no na ohu nneɛma a ɛbɛba mfehaha pii akyi, na ɛkanyan no ma ɔkyerɛkyerɛ asɛm bi a Yehowa, Onyankopɔn a ɔhyɛ nokware nkɔm no nkutoo na obetumi aka asie ma abam pɛpɛɛpɛ no mu. Ɛyɛ dɛn asɛm? Ɔkwan bɛn so na ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔte ase wɔ Yesaia bere so no ho? Ɛho hia dɛn ma yɛn nnɛ? Ma yɛnhwehwɛ odiyifo no nsɛm mu.

Nsɛm a Yehowa Ka Tia Babilon

3. Nsɛm a emu da hɔ bɛn na Yesaia 45:1-3a ka fa Kores nkonimdi ho?

3 “Saa na [Yehowa, “NW”] ka kyerɛ nea wasra no, Kores, nea maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masansãn ahene abɔso, sɛ mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu no: Me ara medi w’anim, na mafɛntɛm nea ɛkorɔnkorɔn; mebubu kɔbere apon mu, na matwitwa dade adaban mu. Na mede sum mu akorade ne aboɔdenne a ahintaw mɛma wo.”—Yesaia 45:1-3a.

4. (a) Dɛn nti na Yehowa frɛ Kores “nea wasra no”? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛma Kores adi nkonim?

4 Yehowa nam Yesaia so ka Kores ho asɛm te sɛ nea ɔte ase, ɛwom sɛ Yesaia bere so no, na wonnya nwoo Kores mpo. (Romafo 4:17) Esiane sɛ Yehowa di kan paw Kores sɛ ɔmmɛyɛ adwuma pɔtee bi nti, yebetumi aka Kores ho asɛm sɛ “nea” Onyankopɔn ‘asra no.’ Bere a Onyankopɔn di n’anim no, obedi amanaman so, na wama ahene ayɛ mmerɛw a wontumi nko ntia no. Afei, sɛ Kores tu Babilon so sa a, Yehowa bɛhwɛ ma kurow no apon ano ada hɔ, na wama ayɛ nea mfaso nni so sɛ apon a wɔabubu no ara pɛ. Obedi Kores anim, ayiyi akwanside ahorow nyinaa afi hɔ. Awiei koraa no, Kores asraafo bedi kurow no so na wafa ‘n’akorade a ahintaw,’ n’ahode a wɔakora so wɔ abotan mu sum mu no. Eyi na Yesaia ka sie. So ne nsɛm no bam?

5, 6. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛfa Babilon asehwe ho no bam?

5 Wɔ afe 539 A.Y.B. mu—bere a Yesaia kyerɛw saa nkɔmhyɛ yi akyi bɛyɛ mfirihyia 200 no—Kores ba Babilon afasu no ho ankasa bɛtow hyɛ kurow no so. (Yeremia 51:11, 12) Nanso, ɛnhaw Babilonfo no. Wosusuw sɛ wɔn kurow no yɛ nea wontumi nni so nkonim. N’afasu atenten no sisi nsuka a Eufrate Asubɔnten ahyɛ no ma a ɛno ka kurow no bammɔ ho so. Bɛboro mfirihyia ɔha a atwam no, ɔtamfo biara ntumi mmu mfaa Babilon so da! Nokwarem no, Babilon sodifo a osi agua so, Belsasar, te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ araa ma ɔto pon ma n’ahemfie adwumayɛfo. (Daniel 5:1) Saa anadwo no—October 5/6 anadwo—Kores wie ɔsatu bi a ɛda nsow.

6 Kores adwumfo no atwa nsuka adan Eufrate Asubɔnten ani wɔ Babilon atifi fam baabi ma nsu no nsen mfa kurow no anafo fam bio. Ankyɛ, nsuka no mu nsu a ɛwɔ Babilon kurow no akyi no kɔ fam koraa ma Kores asraafo no tumi fa mu kɔ kurow no mu. (Yesaia 44:27; Yeremia 50:38) Nea ɛyɛ nwonwa no, sɛnea Yesaia ka siei no, wɔntoto apon a ɛwɔ asubɔnten no ano no mu. Kores asraafo no hyɛn Babilon, fa ahemfie no, na wokum Ɔhene Belsasar. (Daniel 5:30) Wowie nkonimdi no wɔ anadwo biako pɛ mu. Babilon ahwe ase, na nkɔmhyɛ no abam pɛpɛɛpɛ.

7. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Kores ho a enyaa ne mmamu anwonwakwan so no hyɛ Kristofo den?

7 Saa nkɔmhyɛ yi a ɛbam pɛpɛɛpɛ no hyɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no gyidi den. Ɛma wonya gyidi a emu yɛ den sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ennya mmaa mu no nso yɛ nea wobetumi de wɔn ho ato so koraa. (2 Petro 1:20, 21) Yehowa asomfo nim sɛ asɛm a Babilon asehwe a ɛbae wɔ afe 539 A.Y.B.—“Babilon Kɛse” no asehwe—yɛɛ ho mfonini no asi dedaw wɔ afe 1919 mu. Nanso, wɔhwɛ nnɛyi nyamesom ahyehyɛde no sɛe ne bɔhyɛ a ɛfa amammui nhyehyɛe a ɛhyɛ Satan ase a wobeyi afi hɔ, bun mu a wɔde Satan bɛto, ne ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛbɛba, no kwan. (Adiyisɛm 18:2, 21; 19:19-21; 20:1-3, 12, 13; 21:1-4) Wonim sɛ Yehowa nkɔmhyɛ nyɛ bɔhyɛ hunu, na mmom ɛka nneɛma a ebesisi daakye ankasa ho nsɛm. Sɛ nokware Kristofo kae Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Babilon asehwe ho no mmamu nyinaa ho nsɛm a, ɛhyɛ wɔn gyidi den. Wonim sɛ Yehowa ma n’asɛm bam bere nyinaa.

Nea Enti a Yehowa Bɛdom Kores

8. Dɛn ne ade biako a enti Yehowa ma Kores di Babilon so nkonim no?

8 Bere a Yehowa ka nea obedi Babilon so ne ɔkwan a ɔbɛfa so adi so no, ɔkɔ so kyerɛkyerɛ ade biako nti a ɔbɛma Kores adi nkonim no mu. Bere a Yehowa rekasa akyerɛ Kores wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, ɔka sɛ “na woahu sɛ me, [Yehowa, “NW”], mene nea mebɔɔ wo din mefrɛɛ wo no, Israel Nyankopɔn no.” (Yesaia 45:3b) Ɛfata sɛ wiase tumidi a ɛto so anan wɔ Bible abakɔsɛm mu no sodifo hu sɛ obi a ɔso sen no—Yehowa, Amansan Sodifo no, na ɔma odi nkonim kɛse no. Ɛsɛ sɛ Kores hu sɛ nea wafrɛ no, anaa ɔde adwuma ahyɛ ne nsa ne Yehowa, Israel Nyankopɔn no. Bible kyerɛwtohɔ da no adi sɛ Kores gye toom sɛ nkonim kɛse a odii no fi Yehowa.—Esra 1:2, 3.

9. Dɛn ne ade a ɛto so abien a enti Yehowa ma Kores di Babilon so nkonim no?

9 Yehowa kyerɛkyerɛ ade a ɛto so abien a enti ɔma Kores bedi Babilon so nkonim yi mu sɛ: “M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ.” (Yesaia 45:4) Babilon so nkonim a Kores di no wosow asase. Ɛkyerɛ wiase tumidi biako asehwe ne foforo sɔre, na ɛyɛ abakɔsɛm mu nkaesɛm bi ma nkyirimma a wɔbɛba no. Nanso, aman a atwa wɔn ho ahyia a wɔde ahoyeraw hwɛ nneɛma a ɛrekɔ so no ho bedwiriw wɔn sɛ wobehu sɛ nnommum mpempem kakraa bi pɛ a wɔwɔ Babilon a “wɔnsɛ hwee”—Yudafo, Yakob asefo—no nti na eyinom nyinaa sisi. Nanso, wɔ Yehowa ani so de, saa tete Israel man no mufo a wonya wɔn ti didi mu no nyɛ nkurɔfo a wɔnsɛ hwee koraa. Wɔyɛ ‘n’akoa.’ Aman a ɛwɔ asase so nyinaa mu no, wɔne ‘nkurɔfo a wapaw wɔn.’ Ɛwom sɛ na Kores nnim Yehowa dedaw de, nanso Yehowa de no di dwuma sɛ Nea wasra no ma otu kurow a ɛmma ne nnommum ahofadi no gu. Ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn no bɛtra ananafo asase so mmɔbɔmmɔbɔ afebɔɔ.

10. Dɛn ne ade a ɛho hia sen biara nti a Yehowa ma Kores de Babilon Wiase Tumidi no ba awiei?

10 Ade a ɛto so abiɛsa wɔ hɔ, na ɛno titiriw nti na Yehowa de Kores di dwuma ma otu Babilon gu no. Yehowa ka sɛ: “Mene [Yehowa, “NW”] na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔso, nso wunnim me: na wɔahu afi awiapuei, ne atɔe nso, sɛ obiara nni hɔ gye me. Mene [Yehowa, “NW”] na obi nni hɔ bio.” (Yesaia 45:5, 6) Yiw, Babilon Wiase Tumidi no asehwe no yɛ Yehowa Nyamesu a ɔda no adi, adanse a ɛma obiara hu sɛ ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no. Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nya ahofadi nti nnipa a wofi amanaman mu—efi apuei kosi atɔe—bɛba abegye Yehowa atom sɛ ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn.—Malaki 1:11.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛma n’atirimpɔw a ɛfa Babilon ho no abam?

11 Kae sɛ wɔyɛɛ saa Yesaia nkɔmhyɛ yi ho kyerɛwtohɔ bɛyɛ mfirihyia 200 ansa na asɛm no resi. Ebetumi aba sɛ bere a ebinom tee no, wɔkae sɛ, ‘So Yehowa wɔ tumi ankasa a obetumi ama aba mu?’ Sɛnea abakɔsɛm di ho adanse no, mmuae no yɛ yiw. Yehowa kyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi agye adi sɛ obetumi ayɛ nea ɔka no mu sɛ: “Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe, na mede amane ba; me, [Yehowa, “NW”] na meyɛ eyinom nyinaa.” (Yesaia 45:7) Abɔde mu biribiara—efi hann so kosi sum so—ne abakɔsɛm mu biribiara—efi asomdwoe so kosi amanehunu so—wɔ Yehowa nsam. Sɛnea ɔma hann awia ne esum anadwo no, saa ara na ɔbɛma Israel anya asomdwoe na Babilon ahyia amanehunu. Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛbɔ amansan, na ɔwɔ tumi nso a ɔde bɛma ne nkɔmhyɛ ahorow abam. Ɛno yɛ awerɛkyekye ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ, a wosua ne nkɔmhyɛ asɛm yiye no.

12. (a) Dɛn na Yehowa ma sɛnkyerɛnne kwan so soro ne asase no sow? (b) Bɔhyɛ a awerɛkyekye wom bɛn na ɛwɔ nsɛm a ɛwɔ Yesaia 45:8 no mu ma Kristofo nnɛ?

12 Sɛnea ɛfata no, Yehowa de nneɛma a ɛtaa sisi wɔ abɔde mu kyerɛkyerɛ nneɛma a Yudafo no benya mu: “Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔ, na emfi amununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ogye mmra, na ɛne trenee mmom mfifi: me, [Yehowa, “NW”] na mebɔe.” (Yesaia 45:8) Sɛnea ɔsoro ankasa ma nsu a ɛma nkwa tɔ no, Yehowa bɛma nkɛntɛnso pa afi sɛnkyerɛnne kwan so soro asosɔ agu ne nkurɔfo so. Na sɛnea asase ankasa bue na ɛsow nnuan pii no, Yehowa bɛma sɛnkyerɛnne kwan so asase asow nneɛma bi a ɛne ne trenee atirimpɔw behyia—titiriw nkwagye a ne nkurɔfo a wɔafa wɔn nnommum wɔ Babilon no benya no. Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa maa ‘ɔsoro’ ne “asase” sow nneɛma bi wɔ saa kwan no so sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo benya ahofadi. Sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu nneɛma a ɛtete saa a, wɔn ani gye. Dɛn ntia? Efisɛ saa nneɛma no hyɛ wɔn gyidi den bere a wɔhwɛ da a sɛnkyerɛnne kwan so soro, Onyankopɔn Ahenni, de nhyira bɛba asase a trenee te mu so kwan no. Saa bere no, trenee ne nkwagye a ebefi sɛnkyerɛnne kwan so soro ne asase so aba no bɛyɛ kɛse koraa asen bere a wotuu tete Babilon gui no. Yesaia nsɛm no mmamu a etwa to a ɛbɛyɛ anigye bɛn ara ni!—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1.

Yehowa Tumidi a Wogye Tom Ho Nhyira Ahorow

13. Dɛn nti na ɛyɛ serew sɛ nnipa begye Yehowa atirimpɔw ahorow ho kyim?

13 Bere a wɔka daakye nhyira ahorow a ɛyɛ anigye yi ho asɛm wie no, nkɔmhyɛ no sesa mpofirim, ma Yesaia ma due abien bi: “Nea ɔne ne nwemfo ham, fam nkyɛmfɛre no nnue! So dɔtebo ka kyerɛ ne nwemfo sɛ: Woyɛ dɛn? anaa: [Wunni nsa?, “NW”] Nea ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdɛn na wowoe? Anaa ɔbea sɛ: Ɛdɛn na wokyem woe? no nnue!” (Yesaia 45:9, 10) Ɛda adi sɛ, Israelfo ani nnye nkɔm a Yehowa hyɛ no ho. Ebia wonnye nni sɛ Yehowa bɛma ne nkurɔfo akɔ nnommumfa mu. Anaasɛ ebia wohu mfomso bi wɔ adwene a ɛne sɛ abosonsomfo man so hene na obegye Israel na ɛnyɛ ɔhene a ofi Dawid fie no ho. Nea ɛbɛyɛ na Yesaia akyerɛkyerɛ mfaso a enni ɔkasatia a ɛtete saa so mu no, ɔde asɔretiafo no toto ɔnwemfo nkyɛmfɛre ne dɔtebo a ebisa ne yɛfo nyansa ho asɛm ho. Ade ankasa a ɔnwemfo ayɛ reka afei sɛ ɔnwemfo no nni nsa anaa tumi a ɔde yɛ biribi. Hwɛ sɛnea nyansa nnim! Asɔretiafo no te sɛ mmofra nkumaa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkasa atia wɔn awofo tumidi.

14, 15. Dɛn na nsɛm ‘Ɔkronkronni’ ne ‘Ɔnwemfo’ no da no adi wɔ Yehowa ho?

14 Yesaia de Yehowa mmuae ma asɔretiafo a wɔte saa no: “Sɛ [Yehowa, “NW”], Israel kronkronni ne ne nwemfo no se ni: Nneɛma a ɛbɛba no, mummisa me; monkyerɛ me nea menyɛ wɔ me mma ne me nsa ano adwuma ho. Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa. Me na mama no so trenee mu, na mɛteɛteɛ n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekye me kurow, na obegya me tukɔfo kwan a ɔrennye tiade anaa akyɛde bi, asafo [Yehowa, “NW”] na ɔka.”—Yesaia 45:11-13.

15 Wɔnam ka a wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ‘Ɔkronkronni’ no so si ne kronkronyɛ so dua. Frɛ a wɔfrɛɛ Ɔboadeɛ no ‘Ɔnwemfo’ no si hokwan a ɔwɔ sɛ osi sɛnea nneɛma bɛkɔ so ho gyinae no so dua. Yehowa tumi ka nneɛma a ɛbɛba ho asɛm kyerɛ Israelfo, na ɔhwɛ ne nsa ano adwuma a ɛyɛ ne nkurɔfo no so. Wɔsan da no adi bio sɛ adebɔ ne adiyi ho nnyinasosɛm wɔ abusuabɔ. Sɛ́ amansan nyinaa Bɔfo no, Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔhwɛ ma nneɛma kɔ so sɛnea ɔpɛ no. (1 Beresosɛm 29:11, 12) Wɔ asɛm a yɛresusuw ho yi mu no, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no asi gyinae sɛ ɔbɛma Kores, a ɔyɛ ɔbosonsonni, so sɛ nea obegye Israel. Ɛwom sɛ Kores mmae no nnya nnui de, nanso ɛyɛ paa ara te sɛ nea ɔsoro ne asase wɔ hɔ no. Ɛnde, Israelni bɛn na obetumi akasa atia Agya no, ‘asafo Yehowa’?

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo brɛ wɔn ho ase ma no?

16 Ade foforo a enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo brɛ wɔn ho ase hyɛ n’ase wɔ Yesaia nhoma no nkyekyem koro yi ara mu. Ne gyinaesi ye ma n’asomfo sen biara bere nyinaa. (Hiob 36:3) Ɔyɛ mmara ma ne nkurɔfo nya so mfaso. (Yesaia 48:17) Yudafo a wɔwɔ Kores bere so a wogye Yehowa tumidi tom no hu sɛ eyi yɛ nokware. Bere a Kores yɛ ade ma ɛne Yehowa trenee hyia no, ɔma wofi Babilon kɔ wɔn kurom sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan akosi asɔrefie no. (Esra 6:3-5) Saa ara na ɛnnɛ, wɔn a wɔde Onyankopɔn mmara di dwuma wɔ wɔn asetram na wɔbrɛ wɔn ho ase ma ne tumidi no nya nhyira pii.—Dwom 1:1-3; 19:7; 119:105; Yohane 8:31, 32.

Nhyira a Aman Foforo Nya

17. Israel akyi no, henanom na wobenya Yehowa gye no so mfaso, na wobenya no ɔkwan bɛn so?

17 Ɛnyɛ Israel nko ne ɔman a ebenya Babilon asehwe no so mfaso. Yesaia ka sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”], se ni: Misraim [apaafo, “NW”] ne Etiopia [aguadifo, “NW”] a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi.” (Yesaia 45:14) Mose bere so no, “afrafrafo pii” a wɔnyɛ Israelfo kaa Israelfo ho wɔ wɔn Akwantu no mu fii Misraim kɔe. (Exodus 12:37, 38) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ananafo bɛka Yudafo nnommum a wɔrefi Babilon asan akɔ wɔn kurom no ho. Wɔrenhyɛ saafo a wɔnyɛ Yudafo yi, na mmom “wɔbɛsen aba.” Bere a Yehowa ka sɛ ‘wɔbɛsɔre wo’ na ‘wɔbɛbɔ wo mpae’ no, na ɔreka saa ananafo yi a wobefi wɔn pɛ mu abrɛ wɔn ho ase asom Israel no ho asɛm. Sɛ nkyehama gu wɔn a, na ɛbɛyɛ nea wofi wɔn pɛ mu de gu wɔn ho, de kyerɛ sɛnea wofi wɔn pɛ mu pɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam a ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Wo mu na Onyankopɔn wɔ” no bɛbom asom. Wɔbɛsom Yehowa sɛ nkurɔfo a wɔasakra wɔn som, wɔ apam nsiesiei a ɔne Israel ayɛ no mu.—Yesaia 56:6.

18. Henanom na wɔanya Yehowa “Nyankopɔn Israel” no ahofadi so mfaso nnɛ, na wɔ akwan bɛn so?

18 Efi afe 1919, bere a “Nyankopɔn Israel” nyaa ahofadi fii honhom fam nnommumfa mu no, Yesaia nsɛm no anya mmamu kɛse asen Kores bere so de no. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ asase so mmaa nyinaa ada ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa no adi. (Galatifo 6:16; Sakaria 8:23) Te sɛ “apaafo” ne “aguadifo” a Yesaia kaa wɔn ho asɛm no, wofi anigye mu de wɔn ahoɔden ne wɔn sika boa nokware som. (Mateo 25:34-40; Marko 12:30) Wohyira wɔn ho so ma Onyankopɔn, na wɔnantew n’akwan so, na wɔbɛyɛ ne nkoa anigye so. (Luka 9:23) Wɔsom Yehowa nkutoo, na wonya Yehowa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a wɔne Onyankopɔn ayɛ apam titiriw no a wɔne wɔn bɔ no so mfaso. (Mateo 24:45-47; 26:28; Hebrifo 8:8-13) Bere a saa “apaafo” no ne “aguadifo” no nyɛ saa apam no mufo no, wonya so mfaso na wodi ho mmara so de akokoduru ka sɛ: “Onyankopɔn bi nni baabi sɛ wo.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yehu nnɛ sɛ saafo yi a wofi wɔn pɛ mu boa nokware som no dodow anya nkɔanim kɛse!—Yesaia 60:22.

19. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔkɔ so som ahoni no so?

19 Bere a odiyifo no ka sɛ amanaman mufo bɛsom Yehowa no, ɔka sɛ: “Ampa ara, wone Nyankopɔn a woahintaw, Israel Nyankopɔn, ogyefo no.” (Yesaia 45:15) Ɛwom sɛ Yehowa nna ne tumi adi mprempren de, nanso ɔrenhintaw daakye. Ɔbɛda ne ho adi sɛ ɔne Israel Nyankopɔn, ne man Gyefo no. Nanso, Yehowa renyɛ Ogyefo mma wɔn a wɔde wɔn ho to abosom so no. Yesaia ka saafo no ho asɛm sɛ: “Wɔn nyinaa ani bewu na wɔabɔ ahohora, ahonidwumfo nyinaa bɛbom abɔ ahohora.” (Yesaia 45:16) Wɔn animguase no bɛsen bere tiaa mu aniwu ne fɛre. Ɛbɛkyerɛ owu—ade a ɛbɔ nea edi hɔ a Yehowa de hyɛ Israel bɔ no abira no.

20. Ɔkwan bɛn so na Israel benya “daa daa nkwagye”?

20 [Yehowa, “NW”] de daa daa nkwagye gye Israel; mo ani renwu, na wɔremmɔ mo ahohora bio da biara da.” (Yesaia 45:17) Yehowa hyɛ Israel daa nkwa ho bɔ, nanso eyi begyina biribi so. Ɛsɛ sɛ Israel kɔ so ne ‘Yehowa tra.’ Sɛ Israel twa saa abusuabɔ no mu denam Yesu a wɔpo no sɛ Mesia so a, ɔman no bɛhwere “daa daa nkwagye” ho anidaso no. Nanso, Israelfo no bi bɛkyerɛ Yesu mu gyidi, na saafo no bɛyɛ Nyankopɔn Israel a ebesi honam fam Israel ananmu no fapem. (Mateo 21:43; Galatifo 3:28, 29; 1 Petro 2:9) Wɔremmɔ honhom fam Israel ahohora da. Wɔne wɔn bɛyɛ “daa apam.”—Hebrifo 13:20.

Adebɔ ne Adiyi Mu, Yehowa Ka Nokware

21. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ne ho adi sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so koraa wɔ adebɔ ne adiyi mu?

21 So Yudafo no betumi de wɔn ho ato daa nkwagye ho bɔ a Yehowa hyɛ Israel no so? Yesaia bua sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,—: Mene [Yehowa, “NW”], na obi nni hɔ bio. Ɛnyɛ ahintawee mu na mekasae, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefo sɛ: Monhwehwɛ me kwa! Mene [Yehowa, “NW”] a mekasa nokware mu, meka nea ɛteɛ.” (Yesaia 45:18, 19) Yesaia de: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni” fi ase ka nkɔmhyɛ asɛm a emu yɛ duru, nea ɛto so anan na etwa to wɔ saa ti yi mu no. (Yesaia 45:1, 11, 14) Dɛn na Yehowa ka? Adebɔ ne adiyi nyinaa mu no, ɔka nokware. Wammɔ asase no “hunu.” Saa ara na ɔnka nkyerɛ ne man Israel sɛ ‘wɔnhwehwɛ no kwa.’ Sɛnea wobedi Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho dwuma no, saa ara na wobedi Onyankopɔn atirimpɔw ma ne nkurɔfo a wɔapaw wɔn no ho dwuma. Nea ɛne nsɛm a wɔn a wɔsom atoro anyame keka a emu nna hɔ bɔ abira no, Yehowa ka ne nsɛm pefee. Ne nsɛm yɛ nokware, na ɛbɛbam. Wɔn a wɔsom no no som renyɛ ɔkwa.

22. (a) Dɛn ho na na Yudafo a wɔwɔ Babilon no betumi anya awerɛhyem? (b) Awerɛhyem bɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ?

22 Wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon fam no, saa nsɛm no ma wonya awerɛhyem sɛ Bɔhyɛ Asase no renkɔ so nna mpan. Nnipa bɛtra so bio. Na bɔ ahorow a Yehowa hyɛ wɔn no bam. Sɛ yɛtrɛw mu a, Yesaia nsɛm no ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya awerɛhyem sɛ asase renna mpan—sɛnea ebinom ka no, a ogya ahyew no, anaasɛ nuklea atopae asɛe no, sɛnea afoforo suro sɛ ɛbɛba no. Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ asase bɛtra hɔ daa, wɔ paradise tebeam a treneefo ahyɛ so ma. (Dwom 37:11, 29; 115:16; Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:3, 4) Yiw, sɛnea ɛbae wɔ Israelfo fam no, Yehowa nsɛm bɛyɛ hɔ.

Yehowa Trɛw Ne Mmɔborohunu Mu

23. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔsom abosom so, na ebewie wɔn a wɔsom Yehowa no dɛn?

23 Wosi Israel nkwagye so dua wɔ Yehowa nsɛm a edi hɔ no mu: “Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae. Monkasa, monka mo asɛm; wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete beeme? So ɛnyɛ me, [Yehowa, “NW”]? Na Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko.” (Yesaia 45:20, 21) Yehowa ka kyerɛ ‘wɔn a wɔafi mu’ no sɛ wɔmfa wɔn nkwagye no ntoto nea ɛba wɔn a wɔsom ahoni so no ho. (Deuteronomium 30:3; Yeremia 29:14; 50:28) Esiane sɛ abosonsomfo bɔ anyame a wonni tumi mpae na wɔsom anyame a wontumi nnye wɔn nti, “wonnim de.” Wɔn som yɛ ɔkwa—mfaso nni so. Nanso, wɔn a wɔsom Yehowa no hu sɛ ɔwɔ tumi a ɔbɛma nsɛm a ɔka siei “teteete,” a ne nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon nkwagye ka ho, no abam. Tumi ne nhumu a ɛte saa ma Yehowa da nsow wɔ anyame foforo nyinaa ho. Nokwarem no, ɔyɛ “Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa.”

‘Nkwagye Yɛ Yɛn Nyankopɔn Dea’

24, 25. (a) Nsa bɛn na Yehowa to frɛ afoforo, na dɛn nti na ne bɔhyɛ bɛbam ɔkwan biara so? (b) Dɛn na Yehowa hwehwɛ ma ɛfata?

24 Yehowa mmɔborohunu ka no ma ɔto nsa frɛ afoforo sɛ: “Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio. Maka me ho ntam, trenee ano mu na asɛm afi, na ɛrensan, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam. Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, [Yehowa, “NW”] mu nko na trenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo ahuru no nyinaa ani bewu. [Yehowa, “NW”] mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho.”—Yesaia 45:22-25.

25 Yehowa hyɛ Israel bɔ sɛ obegye wɔn a wɔwɔ Babilon a wɔbɛdan aba ne nkyɛn no. Yehowa nkɔmhyɛ ntumi nni huammɔ da efisɛ ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde begye ne nkurɔfo. (Yesaia 55:11) Onyankopɔn nsɛm yɛ nokware, ɛnkanka bere a Yehowa ka ntam de si so dua no. (Hebrifo 6:13) Ɔfata sɛ ɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom no brɛ wɔn ho ase ma no (“nkotodwe nyinaa bɛkotow no”) na wɔde wɔn ho ma no (‘tɛkrɛma nyinaa ka no ntam’). Wobegye Israelfo a wɔkɔ so som Yehowa no nkwa. Wobetumi de nea Yehowa ayɛ ama wɔn no ahoahoa wɔn ho.—2 Korintofo 10:17.

26. Ɔkwan bɛn so na “nnipakuw kɛse” a wofi amanaman nyinaa mu no regye nsa a Yehowa to frɛ sɛ wɔmmra ne nkyɛn no so?

26 Nanso, ɛnyɛ nnommum a wɔwɔ tete Babilon no nkutoo na Onyankopɔn to nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra ne nkyɛn. (Asomafo no Nnwuma 14:14, 15; 15:19; 1 Timoteo 2:3, 4) Wogu so reto nsa frɛ afoforo, na ‘nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu’ no gye so na wɔteɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn . . . ne oguammaa no [Yesu] dea.” (Adiyisɛm 7:9, 10; 15:4) Afe biara, wɔn a wɔyɛ foforo ɔpehaha pii bɛka nnipakuw kɛse no ho denam Onyankopɔn nkyɛn a wɔdan ba, begye ne tumidi tom na wɔda ɔsom a wɔde ma no no adi wɔ baguam no so. Afei nso, wofi nokwaredi mu boa honhom fam Israel, “Abraham asefo” no. (Galatifo 3:29) Wɔda ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa trenee nniso no adi denam bɔ a wɔbɔ no dawuru wɔ wiase nyinaa sɛ: [Yehowa, NW] mu nko na trenee [a abu so, NW] ne ahoɔden wɔ” no so. * Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Romafo no mu no, ɔfaa sɛnea Septuagint no ka Yesaia 45:23 no de kaa asɛm de kyerɛe sɛ awiei koraa no, obiara a ɔte ase begye Onyankopɔn tumidi atom na wɔakɔ so ahyɛ ne din anuonyam.—Romafo 14:11; Filipifo 2:9-11; Adiyisɛm 21:22-27.

27. Dɛn nti na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya Yehowa bɔhyɛ mu ahotoso koraa?

27 Dɛn nti na nnipakuw kɛse no mufo betumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn nkyɛn a wɔbɛkɔ no kyerɛ nkwagye? Efisɛ Yehowa bɔhyɛ yɛ nokware, sɛnea nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 45 da no adi pefee no. Sɛnea Yehowa nyaa tumi ne nyansa de bɔɔ ɔsoro ne asase no, saa ara na ɔwɔ tumi ne nyansa a ɔde bɛma ne nkɔmhyɛ abam. Na sɛnea ɔhwɛ maa Kores ho nkɔmhyɛ no baa mu no, saa ara na ɔbɛma Bible nkɔmhyɛ foforo biara a ennyaa ne mmamu no abam. Enti, Yehowa asomfo betumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa asan ada ne ho adi bio sɛ ‘trenee Nyankopɔn ne Ogyefo.’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 26 New World Translation de asɛm “trenee a abu so” na edi dwuma efisɛ Hebri kyerɛwsɛm no de asɛm “trenee pii” a ɛwɔ dodow kabea mu na edi dwuma. Wɔde dodow kabea no di dwuma wɔ ha de kyerɛ sɛnea Yehowa trenee dɔɔso.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 80, 81]

Yehowa a ɔbɔ hann ne sum no betumi ama asomdwoe aba na wama amanehunu aba

[Mfonini wɔ kratafa 83]

Yehowa bɛma “ɔsoro” asosɔ nhyira na “asase” de ogye aba

[Mfonini wɔ kratafa 84]

So ɛsɛ sɛ fam nkyɛmfɛre bisa wɔn yɛfo nyansa ho asɛm?

[Mfonini wɔ kratafa 89]

Yehowa ammɔ asase no hunu