Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mateo Ti 5-7

Mateo Ti 5-7

5 Bere a ohuu nnipakuw no, ɔforo kɔɔ bepɔw no so, na bere a ɔtenaa ase no, n’asuafo no baa ne nkyɛn. 2 Afei obuee n’ano, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:

3 “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ, a efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

4 “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.

5 “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.

6 “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, efisɛ wɔbɛmee.

7 “Anigye ne mmɔborɔhunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.

8 “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn.

9 “Anigye ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe, b efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

10 “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani, efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

11 “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo yeyaw mo, na wɔtan mo ani, na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. 12 Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua so wɔ soro, na saa ara na wɔtan adiyifo a wodii mo kan no ani.

13 “Mone asaase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛw c fi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya ne dɛw d bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔtow gu abɔnten ma nnipa tiatia so.

14 “Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. 15 Nkurɔfo sɔ kanea a, wɔmfa nhyɛ kɛntɛn e ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so. 16 Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.

17 “Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifo no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma aba mu. 18 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔsoro ne asaase twam mpo a, Mmara no mu nkyerɛwde ketewa baako anaa nkyerɛwde no bi ho nsensanee baako rentwam, kosi sɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu nyinaa bɛbam. 19 Enti obiara a obu mmara a nkurɔfo bu no sɛ ɛho nhia yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Na obiara a odi so na ɔkyerɛkyerɛ no, wɔbɛfrɛ no ɔkɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu. 20 Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro akyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morenkɔ ɔsoro Ahenni no mu da.

  21 “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefo no sɛ: ‘Nni awu, na obiara a odi awu no bedi fɔ wɔ asɛnnibea.’ 22 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw ne nua no bedi fɔ wɔ asɛnnibea. Obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Asɛnnibea Kɛse f mu, na obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ ɔkwasampani!’ no de, wɔde no bɛto Gehenna g gya a ɛredɛw mu.

23 “Enti sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, 24 gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ. Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.

25 “Sɛ obi de wo rekɔ asɛnnibea a, bere a monam kwan so rekɔ no, wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm, na nea ɔrebɔ wo sobo no amfa wo anhyɛ ɔtemmufo nsa, na ɔtemmufo no amfa wo amma asɛnnibea somfo, na wɔamfa wo anto afiase. 26 Nokwarem mereka akyerɛ wo sɛ, woremfi hɔ kosi sɛ wubetua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba mpo.

27 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Nsɛe aware.’ 28 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe aware dedaw ne koma mu. 29 Na sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene. Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa ato Gehenna. h 30 Afei nso, sɛ wo nsa nifa reto wo hintidua a, twa na tow kyene. Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sen sɛ wo nipadua no nyinaa bɛkɔ akowie Gehenna. i

31 “Bio nso, wɔkae sɛ: ‘Obiara a obegyaa ne yere no, ɔmma no awaregyae krataa.’ 32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ j nti na obi gyaa ne yere a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware, na obiara a ɔbɛware ɔbea a wɔagyaa no no asɛe aware.

33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ tetefo no sɛ: ‘Nka ntam bere a wunni so, k na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, di so.’ 34 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Monnka ntam koraa. Monnka ɔsoro ntam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua; 35 monnka asaase nso ntam, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso; monnka Yerusalem ntam, efisɛ ɛyɛ Ɔhenkɛse no kurow. 36 Nka wo ti ntam, efisɛ worentumi mma ti nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi, efisɛ nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.

38 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu.’ 39 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefo nnni asi, mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dan baako no nso ma no. 40 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnnibea kogye w’ataade nhyɛase a, fa w’ataade nguguso nso ka ho ma no; 41 na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42 Nea obisa wo hɔ ade no, fa ma no, na nnan w’akyi nkyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ogye wo hɔ bosea l no.

43 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.’ 44 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo ani, 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma. Efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so. 46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ? Ɛnyɛ saa ara na wɔn a wogyigye tow nso yɛ anaa? 47 Na sɛ mukyia mo nuanom nko ara a, dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufo nso yɛ anaa? 48 Ɛno nti, sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no wie pɛyɛ wɔ biribiara mu no, mo nso munwie pɛyɛ a saa ara.

6 “Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee wɔ nnipa anim sɛnea wobehu mo; anyɛ saa a, morennya akatua biara mfi mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2 Enti sɛ woreyɛ adɔe b a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ wɔ hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn anuonyam no. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 3 Na wo de, sɛ woreyɛ adɔe a, mma wo nsa benkum nnhu nea wo nsa nifa reyɛ, 4 na ama w’adɔe ayɛ kokoam de. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka.

5 “Afei nso, sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no, efisɛ wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmantwea wɔ mmɔnten so bɔ mpae, sɛnea nnipa behu wɔn. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 6 Nanso sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia mu, na to wo pon mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka. 7 Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii sɛnea amanaman mufo yɛ no, efisɛ wosusuw sɛ wɔn nsɛm dodow nti wobetie wɔn. 8 Enti monnyɛ sɛ wɔn, efisɛ mo Agya nim nneɛma a muhia koraa ansa na moabisa no.

9 “Enti mommɔ mpae sɛ:

“‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. c 10 W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro. 11 Ma yɛn aduan d a yehia no nnɛ da yi; 12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no. 13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’

14 “Na sɛ mode nkurɔfo mfomso kyɛ wɔn a, mo soro Agya nso de mo de bɛkyɛ mo; 15 na sɛ moamfa nkurɔfo mfomso ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.

16 “Sɛ moreyɛ akɔnkyen e a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ nyaatwomfo no, efisɛ wɔyɛ wɔn anim basaa f na ama nnipa ahu sɛ wɔreyɛ akɔnkyen. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa. 17 Na wo de, sɛ woreyɛ akɔnkyen a, fa ngo sra wo tirim na hohoro w’anim, 18 na nnipa anhu sɛ woreyɛ akɔnkyen, na mmom w’Agya a ɔwɔ kokoam no nko ara ahu. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka.

19 “Munnyae sɛ moboaboa agyapade ano wɔ asaase so no, baabi a nwewemmoa g ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia. 20 Mmom no, mommoaboa mo agyapade ano wɔ soro, baabi a nwewemmoa h anaa nkannare nsɛe no, na akorɔmfo mmubu nkowia. 21 Efisɛ baabi a w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.

22 “Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’aniwa hwɛ tẽẽ i a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn. j 23 Nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere ade k a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, ɛnde na ɛyɛ esum kabii!

24 “Obiara rentumi nsom awuranom baanu; efisɛ ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Morentumi nsom l Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.

25 “Eyi nti mereka akyerɛ mo sɛ: Munnyae sɛ mudwinnwen mo nkwa a ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ. Nkwa b nhia nsen aduan? Na nipadua no nsen ataade anaa? 26 Momfa mo ani nto fam nhwɛ wim nnomaa; wongu aba, wontwa, wɔmmoaboa ano ngu adekoradan mu, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. Mo ho nhia pii nsen wɔn anaa? 27 Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho? 28 Bio nso, adɛn nti na mudwinnwen ataade ho? Monhwɛ nhwiren c na munsua biribi, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama; 29 nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon mpo, n’anuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako. 30 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, ɔrenhyɛ mo ataade mmoro so anaa, mo a mo gyidi sua? 31 Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen da, na moka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ 32 Eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.

33 “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo. 34 Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.

7 “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn; 2 Na atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo; ade a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo. 3 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛwa a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu dua d a ɛda w’ankasa aniwa so? 4 Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma minyi ntɛtɛwa no mfi w’aniwa so,’ bere a hwɛ! dua e da w’ankasa aniwa so? 5 Nyaatwomni! Di kan yi dua f no fi w’ankasa aniwa so; ɛno bɛma woahu ade yiye na woayi ntɛtɛwa no afi wo nua aniwa so.

6 “Mommfa ade a ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monntow mo abohene nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔannan wɔn ho ammɛtetew mo mu.

7 “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo; 8 Efisɛ obiara a obisa no, ne nsa bɛka, na obiara a ɔhwehwɛ no, obehu, na obiara a ɔbɔ mu no, wobebue no. 9 Na mo mu hena na ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɔbo? 10 Anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? 11 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma akyɛde pa a, ɛnde mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde nneɛma pa bɛma wɔn a wobisa no no ama aboro so!

12 “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara. Nokwarem no, saa na Mmara ne Adiyifo no kyerɛ.

13 “Momfa ɔpon teateaa no mu, efisɛ ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na wɔn a wɔnam saa pon no mu no yɛ bebree. 14 Na ɔpon teateaa ne ɔkwan ketewa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.

15 “Monhwɛ yiye wɔ atoro adiyifo ho. Wɔde nguan nhoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn, nanso wɔyɛ mpataku g a wɔfom aduan. h 16 Wɔn aba na mode behu wɔn. Nkurɔfo rentumi ntetew bobe wɔ nsɔe so da, na wɔrentumi ntetew borɔdɔma nso wɔ nkyɛkyerɛ so da. Ɛnte saa anaa? 17 Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne. 18 Dua pa rentumi nsow aba bɔne, na dua bɔne rentumi nsow aba pa. 19 Dua pa rentumi nsow aba bɔne, na dua bɔne rentumi nsow aba pa. 20 Ɛno nti, saa atoro adiyifo no aba na mode behu wɔn.

21 “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni no mu; mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno na ɔbɛkɔ mu. 22 Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ: ‘Awurade, Awurade, yɛamfa wo din anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo din antu ahonhommɔne, na yɛamfa wo din anyɛ anwonwade i bebree anaa?’ 23 Ɛnna mɛka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Minnim mo da! Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nneɛma bɔne! j

24 “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔde yɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ onyansafo k bi a osii ne dan sii ɔbotan so. 25 Na osu tɔe na eyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ ɔdan no, nanso ammu, efisɛ na wasi asi ɔbotan so. 26 Afei, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔmfa nyɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii anwea so. 27 Na osu tɔe na eyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ ɔdan no ma edwiriw gui, na ebubui pasaa.”

28 Bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn, 29 efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnte sɛ wɔn akyerɛwfo no.

a Anaa “wɔn a wɔsrɛ sɛ wɔmma wɔn honhom no.”

b Anaa “wɔn a wɔpɛ asomdwoe.”

c Anaa “ahoɔden.”

d Anaa “n’ahoɔden.”

e Anaa “kɛntɛn a wɔde susuw ade.”

f Kyerɛ sɛ, Yudafo Sanhedrin no.

g Baabi a na wɔhyew nwura wɔ Yerusalem akyi. Ɛyɛ Greek din a wɔde frɛ Hinom Ba Bon a na ɛwɔ tete Yerusalem anaafo fam atɔe no. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔtow mmoa anaa nnipa a wonwui guu Gehenna hyew wɔn anaasɛ wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ hɔ. Eyi kyerɛ sɛ, Gehenna nyɛ baabi a yɛmfa yɛn ani nhu a wɔyɛ nnipa akra ayayade daa wɔ ogya mu. Mmom, Yesu ne n’asuafo no kaa Gehenna ho asɛm de kyerɛɛ daa asotwe a ɛne “owuprenu” no, kyerɛ sɛ, daa ɔsɛe anaa ɔsɛe korakora.

h Hwɛ  5:22 ase hɔ asɛm.

i Hwɛ  5:22 ase hɔ asɛm.

j Efi Greek asɛmfua por·neiʹa mu. Ɛyɛ asɛm bi a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ nna mu nneɛma bi a etia Onyankopɔn mmara. Ebi ne awaresɛe, tuutuusi, nnipa a wɔnyɛ awarefo a wɔda, mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, ne nnipa a wɔne mmoa da.

k Anaa “Nka ntam hunu.”

l Kyerɛ sɛ, bosea a nsiho nka ho.

a Kyerɛ sɛ, momma mo dɔ nni mũ.

b Anaa “worekyɛ ahiafo ade.”

c Anaa “ma wo din nyɛ kronkron.”

d Nt, “paanoo.”

e Anaa “moredi mmuada.”

f Anaa “wɔyɛ wɔn ho basaa.”

g Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wotu a wɔwe ntama.

h Hwɛ 6:19 ase hɔ asɛm.

i Anaa “w’aniwa ye.” Nt., “sɛ w’aniwa hwɛ ade baako.”

j Anaa “bɛyɛ hann.”

k Nt., “ani a edi bɔne akyi; ani a enye.”

l Anaa “Morentumi nyɛ nkoa mma.”

a Anaa “mo kra.”

b Anaa “Ɔkra no.”

c Anaa “wuram sukooko.”

d Anaa “dua a wɔde bɔ ɔdan so; mpuran.”

e Anaa “Hwɛ 7:3 ase hɔ asɛm.”

f Anaa “Hwɛ 7:3 ase hɔ asɛm.”

g Wuram kraman bi.

h Anaa “mpataku adifudepɛfo.”

i Anaa “ahoɔdenne.”

j Anaa “moto mmara!”

k Anaa “ɔbadwemma.”