Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 1

Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn

Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn

Asomafo Nnwuma 17:22

NSƐNTITIRIW: Ɛsɛ sɛ wo nnianim asɛm kanyan w’atiefo no anigye, ɛsɛ sɛ ɛma wohu nea worebɛka ho asɛm, ne nea enti a ɛsɛ sɛ wɔn ani gye asɛm a worebɛka no ho.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Ma ɛnkanyan w’atiefo anigye. Paw asɛmmisa bi, asɛm bi a esii ankasa, kaseɛbɔ mu asɛm bi, anaa asɛm foforo bi a ɛbɛkanyan w’atiefo no anigye.

  • Ma w’atiefo nhu nea worebɛka ho asɛm. Nea worebɛka ho asɛm ne nea enti a worebɛka no, hwɛ sɛ wo nnianim asɛm no bɛma emu ada hɔ pefee.

  • Ma w’atiefo nhu nea enti a asɛm a worebɛka no ho hia. Ma nea wobɛka no mfa w’atiefo no ahiade ho. Ɛsɛ sɛ woma nnianim asɛm no mu da hɔ pefee ma w’atiefo no hu sɛnea asɛm a worebɛka no bɛboa wɔn wɔ asetenam.