Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 10

Sakra Wo Nne

Sakra Wo Nne

Mmebusɛm 8:4, 7

NSƐNTITIRIW: Yɛ nea edidi so yi na ama wo nsɛm mu ada hɔ na akanyan atiefo no nkate: Hu baabi a wobɛma wo nne so ne baabi a wobɛma wo nne aba fam, na sakra sɛnea wo kasa kɔ ntɛm anaa ɛkɔ brɛoo no mu.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Hu baabi a wobɛma wo nne so ne baabi a wobɛma wo nne aba fam. Sɛ woreka asɛntitiriw bi anaa woreka biribi de akanyan w’atiefo no a, ma wo nne so kakra. Sɛ worekan kyerɛwsɛm bi a atemmusɛm wom nso a, ma wo nne so saa ara. Sɛ woreka asɛm bi ama w’atiefo no ahwɛ biribi kwan, anaa woreka asɛm a ɛyɛ hu anaa etu koma a, ma wo nne mmra fam kakra.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a woreka anigyesɛm, worekyerɛ sɛ biribi sõ anaa esua, anaa worekyerɛ ɔkwan bi tenten no, fa ɛnne nnyigyei a ɛwɔ soro kasa. Sɛ woreka awerɛhosɛm anaa akomatusɛm a, fa ɛnne a ɛwɔ fam kasa.

  • Sakra sɛnea wo kasa kɔ ntɛm anaa brɛoo no mu. Sɛ woreka anigyesɛm a, kasa ntɛm kakra. Sɛ worekyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu a, kasa bɔkɔɔ.