Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 16

Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den

Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den

Hiob 16:5

NSƐNTITIRIW: Nsɛm a ɛbɛboa w’atiefo ma wɔadi wɔn haw ho dwuma, ne nea ɛbɛhyɛ wɔn den no, ɛno na fa w’adwene si so.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Nya w’atiefo ho adwempa. Nya awerɛhyem sɛ wo mfɛfo asomfo pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Sɛ ɛho hia sɛ wode afotu ma w’atiefo mpo a, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, fi wo komam kamfo wɔn ansa.

  • Nsɛm a ebebu atiefo abam no, tew so. Asɛm a worekyerɛkyerɛ mu no, sɛ ehia sɛ woka ne fã bi a ɛnhyɛ den a, hwɛ hu sɛ ɛde mfaso bi bɛba. Ɛsɛ sɛ wo kasa no nyinaa hyɛ w’atiefo den.

  • Fa Onyankopɔn Asɛm di dwuma yiye. Nea Yehowa ayɛ ama nnipa, nea ogu so reyɛ ama yɛn, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, ɛno na twe adwene si so. Hyɛ w’atiefo den, na ma wonnya anidaso.