Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 18

Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo

Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo

1 Korintofo 9:19-23

NSƐNTITIRIW: Kanyan w’atiefo ma wonnwen asɛm a woreka no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nka sɛ wɔasua biribi a mfaso wɔ so.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Nea w’atiefo nim dedaw no, susuw ho. Sɛ wo ne w’atiefo resusuw asɛmti bi ho a, sɛ́ anka wubetĩ nsɛm a wonim no mu kɛkɛ no, boa wɔn ma wonsusuw asɛmti no ho wɔ ɔkwan foforo so.

  • Yɛ asɛm no mu nhwehwɛmu na dwinnwen ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa nsɛm a w’atiefo nhyɛ da nnim, ne nsɛm bi a esisii nkyɛe kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu. Dwinnwen asɛm a worekɔkyerɛkyerɛ mu no ho yiye, na hwɛ sɛnea ɛne nsɛm a wopɛ sɛ wode kyerɛkyerɛ mu no hyia.

  • Ma w’atiefo nhu mfaso a ɛwɔ asɛm a woreka no so. Sɛnea Bible mu nsɛm betumi aboa w’atiefo wɔ wɔn da biara da asetenam no, kyerɛkyerɛ mu. Hwɛ nneyɛe, suban ne tebea pɔtee bi a ɛfa w’atiefo ho, na wo ne wɔn nsusuw ho.