Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 2

Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Luka 6:45a

NSƐNTITIRIW: Kasa sɛnea wokasa daa no, na fi wo komam kasa, na ama atiefo no ahu sɛnea wote nka wɔ asɛm a woreka no ho, na wɔahu adwene a wowɔ wɔ wɔn ho.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Siesie wo ho yiye na bɔ ho mpae. Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na woamfa w’adwene ansi wo ho so, na mmom wode asi asɛm a worekɔka no so. Nsɛntitiriw a ehia sɛ woka ho asɛm no, bɔ mmɔden sɛ wubehu n’ani so yiye. Fa w’ankasa wo nsɛm kyerɛkyerɛ asɛm no mu; nkenkan nea wɔatintim no nkyerɛ atiefo.

  • Fi wo komam kasa. Sɛ worekasa akyerɛ w’atiefo a, ma nea enti a ehia sɛ wɔte asɛm a woreka akyerɛ wɔn no ntena w’adwenem. Fa w’adwene si w’atiefo no so. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma ɔkwan a wofa so gyina hɔ anaa wofa so tena hɔ, sɛnea wode wo nipadua si nsɛm so dua, ne w’anim yɛbea ada no adi sɛ wufi wo komam na ɛrekasa na wudwen w’atiefo no ho.

  • Hwɛ w’atiefo anim. Sɛ ɛnyɛ mfomso wɔ mo hɔnom sɛ wobɛhwɛ obi anim tẽẽ a, ɛnde yɛ no saa. Sɛ worema ɔkasa a, hwɛ nnipa mmaako mmaako anim sen sɛ wode w’ani bɛfa w’atiefo no mu anaa wobɛhwɛ nnipadɔm no kɛkɛ.