Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 20

Ma Nsɛm a Wode Bewie No Ntu Mpɔn

Ma Nsɛm a Wode Bewie No Ntu Mpɔn

Ɔsɛnkafo 12:13, 14

NSƐNTITIRIW: Nsɛm a wode bewie no, ma ɛnkanyan w’atiefo ma wonnye nea wɔasua no ntom na wɔmfa nyɛ adwuma.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Ma nsɛm a wode bewie no ne w’asɛmti no nhyia. Wo nsɛntitiriw ne w’asɛmti no, tĩ mu anaa ka no wɔ ɔkwan foforo so.

  • Kanyan w’atiefo ma wɔnyɛ asɛm no ho biribi. Ma w’atiefo nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na ma wonhu nea enti a eye pa ara sɛ wɔde nea woreka no yɛ adwuma. Fa ahotoso kasa, na kasa akokoduru so.

  • Ma nsɛm a wode bewie no nyɛ tiawa na emu nna hɔ. Nka nsɛntitiriw foforo ho asɛm. Worebewie koraa a, fa nsɛm kakraa bi kanyan w’atiefo no bio ma wɔnyɛ nea woaka no ho biribi.