Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 4

Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye

Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye

Mateo 22:41-45

NSƐNTITIRIW: Di kan siesie w’atiefo adwene ansa na woakenkan kyerɛwsɛm bi.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Hu nea enti a worekenkan kyerɛwsɛm no. Ansa na wobɛkenkan kyerɛwsɛm biara no, ka biribi ma w’atiefo no adwene nkɔ asɛntitiriw a wopɛ sɛ wusi so dua no so.

  • Ma atiefo no nhu sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Sɛ worekasa akyerɛ nnipa a wogye Onyankopɔn di a, twe adwene si Bible no so sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Wei bɛma ada adi sɛ ɛno mu na yebenya afotusɛm a eye sen biara.

  • Kanyan atiefo no anigye wɔ kyerɛwsɛm a worebɛkenkan no ho. Bisa asɛm bi a kyerɛwsɛm no bɛma ho mmuae, ka ɔhaw bi a kyerɛwsɛm no bɛboa ma moadi ho dwuma, anaa ka nnyinasosɛm bi a kyerɛwsɛm no bɛma moate ase.