Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 6

Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm Mu Ma Emu Nna Hɔ

Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm Mu Ma Emu Nna Hɔ

Yohane 10:33-36

NSƐNTITIRIW: Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, nnyaw no saa ara nkɔ asɛm foforo so. Hwɛ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu yiye ama w’atiefo ahu sɛnea kyerɛwsɛm a wokenkanee no foa asɛm a woreka no so.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Si nsɛntitiriw a ɛwom no so dua. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, ma w’atiefo nhu nsɛmfua a ɛwom a ɛfa w’asɛm no ho tẽẽ. Nea ɛbɛboa ma woayɛ saa no, tĩ saa nsɛmfua no mu, anaa bisa asɛm bi a ɛbɛma w’atiefo ahu nsɛntitiriw no.

  • Kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu. Sɛ wudi kan ma w’atiefo hu nea enti a worekan kyerɛwsɛm bi a, ɛnde sɛ wokan wie a, kyerɛkyerɛ mu ma atiefo no nhu sɛnea kyerɛwsɛm no mu nsɛntitiriw no foa nea wudii kan kae no so.

  • Mma wo nkyerɛkyerɛmu no nyɛ bebree. Sɛ worekyerɛkyerɛ asɛm bi mu a, nkɔsesaw nsɛm bi a ɛmfa asɛntitiriw no ho mmɛka ho. Hwɛ nea w’atiefo nim fa asɛm a woreka no ho, na hwɛ sɛ nsɛm dodow ahe na ebehia sɛ wode kyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu na ama emu ada hɔ na atiefo ate ase.