Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 7

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom

Luka 1:3

NSƐNTITIRIW: Fa adanse a edi mũ boa w’atiefo no ma wonhu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm a woreka no mu.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Baabi a wobɛfa wo nsɛm afi no, hwɛ sɛ edi mũ. Fa w’asɛm gyina Onyankopɔn Asɛm so, na ɛbɛyɛ yiye a, kenkan asɛm no fi Bible mu tẽẽ. Sɛ wopɛ sɛ wotwe adwene si asɛm bi a nyansahufo aka, asɛm bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo de ato gua, osuahu bi anaa adanse foforo biara so a, di kan hwɛ sɛ baabi a worefa wo nsɛm afi no di mũ na asɛm no nsesae.

  • Asɛm biara a wobɛfa afi baabi no, ɛnsɛ sɛ wodan no. Kyerɛkyerɛ kyerɛwnsɛm mu ma ɛne nea enti a wɔkyerɛwee no nhyia. Afei nso, hwɛ sɛ ɛne nsɛm afoforo a ɛfa ho no hyia. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɛne Bible mu nsɛm no nyinaa, ne nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no aka wɔ asafo nhoma ahorow mu nso hyia. (Mat. 24:45) Sɛ worefa obi asɛm aka, na sɛ emfi Bible anaa asafo nhoma mu a, hwɛ sɛ worennan asɛm a ɔkyerɛwfo no kae no.

  • Wo ne w’atiefo nsusuw adanse no ho. Sɛ wokan kyerɛwsɛm bi wie anaa wofa asɛm fi baabi foforo a, fa nsɛmmisa a ɛfata, nhwɛso anaa mfatoho bi kyerɛkyerɛ mu, na aboa w’atiefo no ma wɔn ankasa ahu aba a ɛwɔ asɛm no mu no.