Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 8

Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Mateo 13:34, 35

NSƐNTITIRIW: Nea ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn no, fa mfatoho a ɛda fam na w’atiefo ani begye ho kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Paw mfatoho a ɛda fam. Te sɛ Yesu no, fa nneɛma nketenkete kyerɛkyerɛ nneɛma akɛse mu, na fa nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ nsɛm a asete yɛ den mu. Mfa nsɛm a ɛho nhia nhyehyɛ mfatoho no mu mma ɛnyɛ nwonworann. Hwɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ wo mfatoho no mu ne asuade a worekyerɛkyerɛ mu no hyia pɛpɛɛpɛ, anyɛ saa a nsɛm a ɛho nhia wɔ mfatoho no mu no bɛtwetwe w’atiefo adwene.

  • Hwɛ nea ɛbɛboa w’atiefo. Nneɛma a w’atiefo yɛ no daa na wɔn ani gye ho no, ɛno na fa yɛ mfatoho. Hwɛ yiye na wo mfatoho no anhyɛ w’atiefo no aniwu anaasɛ anhaw wɔn.

  • Nsɛntitiriw no na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ mu. Ɛnyɛ asɛm biara na ɛsɛ sɛ woma ho mfatoho, na mmom fa mfatoho kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu. Ɛnyɛ mfatoho no kɛkɛ na ɛsɛ sɛ w’atiefo no kae, na mmom ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ w’atiefo bɛkae nsɛntitiriw a worekyerɛkyerɛ mu no.