Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 9

Fa Mfoni Di Dwuma Ɔkwampa So

Fa Mfoni Di Dwuma Ɔkwampa So

Genesis 15:5

NSƐNTITIRIW: Fa mfoni ahorow kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu ma emu nna hɔ na atiefo nte ase.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Paw mfoni ahorow a ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Fa mfoni, akontaabu pon, map, mmere a nsɛm bi sisii a wɔahyehyɛ, anaa biribi foforo kyerɛ anuanom, na fa kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu. Ɛnyɛ asɛm biara na ɛsɛ sɛ wode mfoni bi kyerɛkyerɛ mu. Ɛnyɛ mfoni no kɛkɛ na ɛsɛ sɛ w’atiefo no kae, mmom ɛsɛ sɛ woboa wɔn ma wɔkae asɛntitiriw a worekyerɛkyerɛ mu no.

  • Hwɛ sɛ w’atiefo behu mfoni a wode bedi dwuma no.