Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

‘Ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo.’ (Heb. 5:12) Susuw ho hwɛ sɛ Yehowa, Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen obiara wɔ amansan yi mu no, ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka ne ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo! Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ Yehowa ho nokwasɛm wɔ abusua no mu oo, wɔ asafo no mu oo, wɔ asɛnka mu oo, ne nyinaa yɛ hokwan kɛse, na ɛyɛ asɛyɛde a emu yɛ duru. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ no yiye?

Krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no ma yenya mmuae no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho.” Paulo de kaa ho sɛ: “Woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.” (1 Tim. 4:13, 16) Wowɔ nkwagyesɛm bi a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ nkurɔfo. Enti ɛho hia pa ara sɛ woyere wo ho ma w’akenkan ne wo nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Wɔayɛ nhomawa yi sɛ ɛmmoa wo na woatumi adu saa botae no ho. Yɛnhwɛ sɛnea wɔahyehyɛ emu nsɛm no kakra.

Kratafa biara, wubehu kyerɛwsɛm bi wɔ nkyɛn hɔ. Ebetumi ayɛ Bible nnyinasosɛm bi a ɛfa nea yɛreka ho asɛm no ho, anaasɛ nhwɛso bi a ɛrekyerɛ sɛnea yɛde nea yɛreka ho asɛm no bedi dwuma

Yehowa ne ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no.’ (Yes. 30:20) Ɛwom sɛ nhomawa yi bɛboa wo ama w’akenkan ne wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn de, nanso mma wo werɛ mfi da sɛ asɛm a yɛka no fi Yehowa hɔ, na ɔno na ɔtwe nkurɔfo ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Enti bɔ mpae daa fa hwehwɛ honhom kronkron. Ɛyɛ a twe adwene si Onyankopɔn Asɛm so bere nyinaa. Nhyɛ wo ho anuonyam, na mmom fa wo nkyerɛkyerɛ hyɛ Yehowa anuonyam. Bɔ mmɔden boa w’atiefo ma wonnya ɔdɔ kɛse mma Yehowa.

Asɛm a ɛho hia pa ara a Yehowa pɛ sɛ nnipa te no, ɛno na ɔde ama wo sɛ fa kyerɛkyerɛ. Yɛwɔ ahotoso sɛ, sɛ wokɔ so de wo “ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma so” a, wubetumi ayɛ.—1 Pet. 4:11.

Wo mfɛfo akyerɛkyerɛfo,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw