Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 1

Asetra a Abotɔyam Wom—So Ɛyɛ Nsusuwii Hunu Ara Kwa?

Asetra a Abotɔyam Wom—So Ɛyɛ Nsusuwii Hunu Ara Kwa?

WƆ ƆMAN a edi yiye mu no, ofie a asetram nneɛma nyinaa bi wom no betumi ayɛ sɛ nea ofie hɔ yɛ anika na anigye wɔ hɔ. Nanso, sɛ wohyɛn fie hɔ a, dɛn na wubehu? Sakasakayɛ nkutoo. Mmofra a afei na wɔadu wɔn mpanyin afe so no ka, “Yiw” anaa “Dabi” de twa wɔn awofo ano. Ɛna no hwehwɛ sɛ ne kunu benya bere ama no. Na agya no mpɛ sɛ obiara haw n’adwene. Awarefo yi awofo a wɔn mfe akɔ anim, a wɔn nso te baabi foforo no, pɛ sɛ wohu wɔn mma a wonhuu wɔn asram pii no. Nanso, mmusua bi a wɔrehyia ɔhaw a ɛte saa no atumi adi ho dwuma ma wɔanya anigye ankasa. So wunim nea enti a atumi aba saa?

2 Susuw abusua bi a ɛwɔ ɔman a afei na ɛrenya nkɔso, a ebia ɛhyɛ wiase no fã baabi, mu no ho hwɛ. Abusua no mufo baason no nyinaa te dangow bi a ɛreyɛ abu mu. Wontumi nhu bere a wobenya aduan adi—awerɛhosɛm a ɛkyerɛ sɛ onipa ntumi nyii ɔkɔm ne ohia mfii hɔ. Nanso, asase so mmusua pii wɔ hɔ a wodi hia nanso wɔwɔ anigye. Dɛn ntia?

3 Wɔ aman a wodi yiye mpo mu no, sikasɛm mu ahokyere betumi asɔre. Abusua bi a ɛwɔ Japan tɔɔ wɔn fie bere a na ɔman no sikasɛm “nkɔ yiye.” Esiane sɛ na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔbɛto akatua mu daakye nti, wokogyee bosea kɛse. Nanso, bere a sikasɛm no ‘ankɔ yiye’ ara no, wɔantumi antua ɛka no, na na ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn fie no de gye bo a ɛba fam koraa. Ɛwom sɛ abusua no nte fie no mu bio de, nanso wɔda so ara tua ka no. Nea ama ɔhaw no ayɛ kɛse koraa ne sɛ wɔda so de ka esiane sɛ wofirifirii nneɛma pii nti. Agya no to apɔnkɔ ho kyakya, na ka ara na abusua no rebɔ. Nanso, mmusua pii ayɛ nsakrae, na ama wɔanya anigye. So wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ nsakrae no?

4 Ɛmfa ho baabi a wote no, nnipa ntam abusuabɔ betumi ahaw wo bere nyinaa, na ama asetra ayɛ wo mfonoe. Wobetumi akeka wo ho nsɛmmɔne wɔ adwumam. Ebia wo mmɔdenbɔ bɛma afoforo ani abere wo na ama wɔakeka wo ho nsɛm a ɛmfata. Obi a ehia sɛ wo ne no yɛ adwuma bi daa betumi ahyɛ wo ama woayɛ biribi a ɛmfata. Wɔ sukuu mu no, wobetumi asisi wo ba, ateetee no, anaasɛ wɔabu ani agu ne so. Sɛ woyɛ ɔwofo a wunni hokafo a, eyi ntumi mma wo ne afoforo nnya abusuabɔ pa. Ɔhaw a ɛte saa nyinaa ma mmarima ne mmea pii dadwen yɛ kɛse nnɛ.

5 Adwennwen tumi haw obi nkakrankakra kosi sɛ awiei koraa no ebedi no awu a ɛmmɔ no nkae. Enti, wɔfrɛ adwennwen sɛ owudifo a odi awu sie, na wɔafrɛ adwennwen a ɛtra hɔ kyɛ nso awuduru a edi awu nkakrankakra. Ɔbenfo Robert L. Veninga a ɔwɔ Minnesota Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ, adwennwen ne yare a ɛde ba no haw adwumayɛfo wɔ wiase baabiara nnɛ.” Wɔka sɛ nyarewa a adwennwen de ba ma U.S. aban bɔ ka dɔla ɔpepepem 200 afe biara. Wɔka sɛ adwennwen yɛ nea nnansa yi wɔka ho asɛm wɔ Amerika, na wɔde asɛmfua “adwennwen” no di dwuma wɔ wiase kasa atitiriw no pii mu. Sɛ adwennwen da wo so na sɛ wuntumi nwie nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, etumi haw wo. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ obiara tumi te afobu nka nnɔnhwerew abien da biara. Nanso, ebinom atumi agyina adwennwen ano ma wɔn asetra asi wɔn yiye.

6 Wobɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw a ɛte saa ano da biara na woanya abotɔyam? Ebinom de wɔn ho to nhoma ahorow a abenfo akyerɛw so. So yebetumi de yɛn ho ato nhoma a ɛte saa so? Ɔbenfo Benjamin Spock, a wɔakyerɛ ne nhoma a ɛfa abayɛn ho ase kɔ kasa ahorow 42 mu na wɔatɔ bɛyɛ ɔpepem 50 no kae bere bi sɛ “pintinn a awofo ntumi nyɛ . . . yɛ ɔhaw titiriw a ɛwɔ Amerika nnɛ.” Ɔkɔɔ so kae sɛ nhomanimfo, a n’ankasa ka ho, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn sobo kɛse. Ɔkae sɛ: “Ná yennim koraa sɛ kyerɛ a yɛkyerɛ awofo biribiara a wɔnyɛ no rebrɛ wɔn ahotoso ase.” Enti, ɛfata sɛ yebisa sɛ: ‘Hena afotu na ɛsɛ sɛ yetie na ama yɛanya abotɔyam nnɛ ne daakye?’