Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 2

Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woanya Asetra a Abotɔyam Wom

Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woanya Asetra a Abotɔyam Wom

SƐ WUHYIA ɔhaw a, ɛhe na wukogye afotu? Ebia wobɛkɔ adamfo a wowɔ ne mu ahotoso anaasɛ ɔfotufo a ne ho akokwaw nkyɛn. Baabi te sɛ nhomakorabea a wobɛkɔ akɔhwehwɛ nsɛm afi no betumi aboa. Anaasɛ ebia wobɛhwehwɛ “Nanabea nyansa,” sɛnea Apuei Famfo bi ka no no, na ɔde suahu a wanya no mfe pii no aboa wo. Ɛmfa ho baabiara a wobɛhwehwɛ mmoa no, ɛyɛ papa sɛ wubesusuw nyansasɛm bi a ebetumi aboa wo ma woanya wo haw no ano aduru ho. Afotu pa bi a ɛso betumi aba wo mfaso ho nhwɛso ahorow bi ni.

“Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so”

2 Abusua Asetra: Awofo pii ntumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so atete wɔn mma wɔ wiase a nneyɛe bɔne ahyɛ mu ma yi mu. Afotu a edi so yi a wɔde bedi dwuma no betumi aboa: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” 1 Sɛ mmofra renyin a, wohia “ɔkwan,” gyinapɛn ahorow bi a ɛsɛ sɛ wodu ho. Animdefo pii ahu sɛ ehia sɛ wɔhyehyɛ mmara a mfaso wɔ so ma mmofra. Awofo gyinapɛn ahorow a nyansa wom no ma mmofra nya ahobammɔ. Bio nso: “Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” 2 “Abaa” no gyina hɔ ma tumi a awofo wɔ sɛ wɔteɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu na wɔamfom kwan. Tumi a ɛte saa a wɔde bedi dwuma no nhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ abofra no ayayade bi. Afotu a wɔde ma awofo ne sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” 3

“Mo mmiako mmiako nso, . . . obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho”

3 Okunu ne ɔyere ntam abusuabɔ pa na ɛde abusua mu anigye ba. Dɛn na ehia na ama wɔanya abusuabɔ a ɛte saa? “Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” 4 Ɔdɔ ne obu yɛ nneɛma a ɛma abusua no gyina. Nea ɛbɛyɛ na saa afotu yi atumi aboa no, nkɔmmɔbɔ ho hia efisɛ “wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” 5 Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi afi yɛn komam abɔ nkɔmmɔ no, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea yɛn hokafo no te nka wɔ nsɛm ho. Nyansa wom sɛ yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ “ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, [ɔbarima anaa ɔbea a] ɔwɔ nhumu bɛsaw.” 6

Nya adwempa, na bɔ mmɔden sɛ wo ne afoforo benya abusuabɔ a edi mus

4 Nnipa pii te nka sɛ wɔayɛ ankonam bere a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa no, wɔn mma gyaw wɔn hɔ, na eyi te saa wɔ aman a bere bi na mma dɔ wɔn awofo kɛse no mu. Nanso, ɛyɛ papa sɛ wɔn mma no besusuw saa nyansasɛm yi ho: “Di w’agya ne wo na ni!” 7 “Na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” 8 “Nea ɔbɔ n’agya atirimɔden na ɔpam ne nã no yɛ aniwu ne ahohora ba.” 9 Ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim nso nya adwempa na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn mma benya abusuabɔ a edi mu. “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” 10

5 Asanom: Ɛyɛ nokware sɛ “nsã ma ateasefo ani gye,” 11 na sɛ obi nom mmosa a, ɛmma ‘ɔnkae n’amane bio.’ 12 Nanso kae sɛ: “Nsã yɛ ɔfɛwdifo, mmosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa.” 13 Susuw nea asanom bebrebe de ba ho hwɛ: “Akyiri no [nsã] ka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa. W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka akɔntɔnkyesɛm. . . . minyan ara pɛ a, mɛkɔ so mapɛ akyi kwan ara!” 14 Mmosa kakraa bi a yɛbɛnom no so betumi aba yɛn mfaso, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛnnom mma ɛntra so.

6 Sika Sohwɛ: Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi akwati sika fam ahokyere bere a yɛde sika di dwuma nyansam no. Tie saa afotu yi: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.” 15 Sɛ yɛkwati asabow ne nnubɔnenom ne kyakyatow a, yebetumi de yɛn sika ahwɛ yɛn mmusua wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nanso, nnipa pii yɛ akɛsesɛm na ɛma wɔyɛ adwumaden na ama wɔatua wɔn ho aka. Ebinom bɔ bosea de tua bosea foforo ne ɛho mfɛntom mpo. Nyansasɛm yi a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛboa: “Nea odi ade hunu akyi no, ohia bɛmee no.” 16 Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So mihia nneɛma a mepɛ sɛ metɔ no ankasa? Nneɛma dodow ahe na na memfa nni dwuma bio wɔ bere tiaa bi akyi?’ Sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Onipa ahiade yɛ kakraa bi—nea ɔpɛ no nni ano.” Hyɛ nyansasɛm yi nsow: “Yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so. . . . Na bɔne nyinaa ntini ne [sikanibere, “NW”] a ebinom dii akyiri . . . na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” 17

7 Nsiyɛ nso tumi boa kɛse ma yɛkwati sika fam ahokyere. “Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa. . . . Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo.” 18 Nhyehyɛe pa ne sika ho nhyehyɛe a edi mu nso betumi aboa: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” 19

‘Woahu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi?’

8 Na sɛ ɛkɔba sɛ yedi hia bere a ɛnyɛ yɛn mfomso nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, esiane adwumasɛm a ɛnkɔ yiye nti, yɛn adwuma betumi asɛe ɛmfa ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ adwumaden no. Anaasɛ ebia yɛte ɔman bi a nnipa dodow no ara di hia buruburoo mu. Dɛn na yɛbɛyɛ? “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” 20 Bio nso, susuw afotu yi ho: “Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina.” 21 So yebetumi asua biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya adwuma ayɛ?

“Momma, na wɔama mo”

9 Ebia ɛte sɛ nea abirabɔ kakra wɔ afotu a edi so yi mu, nanso etu mpɔn ankasa: “Momma, na wɔama mo . . .  Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” 22 Eyi nkyerɛ sɛ yɛmma afoforo ade na yɛnhwɛ kwan sɛ wɔn nso bɛhyɛ yɛn ananmu. Mmom no, nea afotu no kyerɛ ne sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wɔn yam ye: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.” 23 Sɛ yɛkyɛ afoforo ade bere a wɔn ho akyere wɔn a, yɛkyerɛ sɛ yɛn yam ye, na awiei koraa no yebenya so mfaso.

10 Nnipa ntam abusuabɔ: Ɔhene nyansafo bi kae sɛ: “Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” 24 Ninkuntwe ama nnipa pii ayɛ nneɛma a nyansa nnim. Obi hu sɛ ne yɔnko atɔ television a ne kɛse yɛ sɛntimita 80 a, na ɔno nso akɔtɔ nea ne kɛse yɛ sɛntimita 90, ɛmfa ho mpo sɛ asɛm biara nni nea ne kɛse yɛ sɛntimita 70 a ɔwɔ dedaw no ho no. Ninkuntwe a ɛte saa no yɛ ahuhude koraa, te sɛ nea obi di mframa akyi—obetu mmirika hunu a ɛnkosi hwee. Wunnye ntom?

Yɛbɛyɛ dɛn adi abufuhyew so?

11 Ebia nsɛm a afoforo ka kyerɛ yɛn no betumi ahaw yɛn. Nanso susuw saa afotu yi ho: “Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.” 25 Ampa, ɛtɔ mmere bi a, yɛn bo betumi afuw. Tete kyerɛwfo bi ka sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” 26 Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adi abufuhyew so? “Onipa [nhumu] twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” 27 Nhumu ne ade a ehia. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? So anka obetumi agyae?’ Sɛ nhumu da nkyɛn a, su ahorow bi wɔ hɔ a yebetumi anya de adi abufuw so. “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho. . . . Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.” 28 Yiw, ɔdɔ boa ma yesiesie ɔhaw pii a ɛba wɔ nnipa abusuabɔ mu no.

12 Nanso, “akwaa mu ketewa” bi wɔ hɔ a etumi sɛe nnipa ntam abusuabɔ pa—tɛkrɛma no. Hwɛ sɛnea saa nsɛm yi yɛ nokware: “Tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma.” 29 Na nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne afotu a edi so yi: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” 30 Nanso, sɛ yɛde tɛkrɛma no redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanni atoro amfa annya bere tiaa mu asomdwoe. “Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.” 31

13 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne afoforo anya abusuabɔ pa? Hyɛ nnyinasosɛm a aba wom yi nsow: “Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” 32 Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛredi nea nnipa pii frɛ no Mmara Pa no so: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” 33

14 Adwennwen: Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye wɔ wiase a adwennwen ahyɛ no ma yi mu? “Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom.” 34 Ɛnyɛ den koraa sɛ “anigye koma” a yɛwɔ no befi hɔ bere a afoforo nnye nea yesusuw sɛ ɛteɛ ntom no. Nanso, eye sɛ yɛbɛkae saa nsɛm yi: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?” 35 Afei nso, asetram dadwen betumi ahaw yɛn daa. Enti dɛn na wubetumi ayɛ? Momma yɛnkae sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” 36 Yebetumi asusuw “asɛmpa,” asɛm a ɛhyɛ yɛn nkuran, ho. Adwempa a yebenya ɛmfa ho sɛ yɛn werɛ ahow no mpo betumi aboa yɛn: “Anigye koma ma ahoɔden.” 37 Sɛ yɛbotow esiane sɛ ɛte sɛ nea afoforo nsusuw yɛn ho nti a, yebetumi de nyansahyɛ yi adi dwuma: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” 38 Sɛ yenya adwempa a, yebetumi agyina adwennwen a yehyia daa no ano.

15 Wususuw sɛ atifi hɔ asɛm a nyansa wom no betumi aboa wo wɔ afeha a ɛtɔ so 21 yi mu? Nokwarem no, nhoma a akyɛ sen biara—Bible—no mu na ɛwɔ. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo ho to Bible no so mmom sen sɛ wode wo ho bɛto nhoma foforo a ɛka nyansasɛm so? Efisɛ sɛ ntease foforo a yɛwɔ no da nkyɛn a, nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ nea etu mpɔn. Fa Yasuhiro ne Kayoko a na wɔde wɔn ho ahyɛ mmea ahofadi fekuw mu no sɛ nhwɛso. Esiane sɛ na Kayoko ne Yasuhiro anyinsɛn nti, wɔwaree. Nanso, esiane sɛ na wɔn ho kyere wɔn sika fam na wɔn suban nhyia nti, ankyɛ na aware no gui. Akyiri yi, wɔn baanu nyinaa ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no, a na wɔn mu biara nnim sɛ ne yɔnko reyɛ saa. Wɔn mu biara behuu nsakrae kɛse wɔ wɔn asetra mu. Yasuhiro ne Kayoko sii gyinae sɛ wɔn baanu bɛsan aware. Ɛwom sɛ wɔn asetra nyɛ nea ɔhaw nnim de, nanso seesei wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma, na wɔn mu biara reyɛ nea obetumi sɛ obedi wɔn haw ahorow ho dwuma. Wubetumi ahu mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ Yehowa Adansefo asetram. Dɛn nti na wonkɔ wɔn nhyiam ahorow no biako na ɛmma wunhu nkurɔfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra sɛnea Bible kyerɛ no?

16 Afotu a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no yɛ nyansa a enni ano a wubetumi ahu wɔ nhoma a edi mu, Bible no, mu ho nhwɛso kakraa bi. Yehowa Adansefo wɔ ntease pii a enti wofi wɔn pɛ mu de Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra no. Dɛn nti na wonhwehwɛ nea enti a wofi wɔn pɛ mu yɛ saa na wunsua nokwasɛm atitiriw bi a ɛfa Bible ho?