Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 6

Dɛn Nti na Yehowa Bɔɔ Yɛn?

Dɛn Nti na Yehowa Bɔɔ Yɛn?

Ɔhene Salomo yɛɛ asɛmmisa a ɛfa asetra atirimpɔw ho mu nhwehwɛmu

DƐN na Yehowa a wubehu no no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ no bi ne sɛ wubenya asɛmmisa bi a ɛkyere nnipa ɔpepepem pii adwene yi ho mmuae: ‘Dɛn nti na mewɔ ha?’ Ebia woasusuw ɛno ho mpɛn pii. Ɔhene nyansafo bi a na ɔwɔ ahode “sen asase so ahene nyinaa” wɔ ne bere so no yɛɛ saa asɛmmisa a ɛfa asetra atirimpɔw ho no mu nhwehwɛmu. (2 Beresosɛm 9:22; Ɔsɛnkafo 2:1-13) Ná saa ɔhene, Salomo, yi wɔ tumi kɛse, nyansa ne ahode pii. Dɛn na ne nhwehwɛmu no daa no adi? “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Esiane sɛ Salomo suahu no kyɛn nnipa bebree de nti, ɛfata sɛ anyɛ yiye koraa no yesusuw nea ɔkae no ho.—Ɔsɛnkafo 2:12.

2 Onyankopɔn suro a Salomo kaa ho asɛm no nyɛ suro bɔne bi a wonya wɔ honhom bi a wonnim no ho. Mmom no, ɛyɛ suro pa a wowɔ sɛ worenyɛ biribi a ɛnsɔ wo dɔfo bi ani. Sɛ wodɔ obi yiye a, ɛda adi sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ nea ɛsɔ n’ani bere nyinaa na wokwati sɛ wobɛyɛ biribi a n’ani nnye ho. Sɛ wodɔ Yehowa a, wubenya nkate a ɛte saa ara wɔ ne ho.

3 Sɛ wokenkan Bible no a, wubetumi ahu nea yɛn Bɔfo no pɛ ne nea ɔmpɛ ne nea enti a ɔbɔɔ asase no nso. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ‘Nea ɔnwenee asase na Ɔyɛe,’ na ɛsan ka sɛ “ɔno na ɔde asase sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Yehowa siesiee asase no na ama nnipa atra so ahwɛ asase no ne ɛso abɔde a aka nyinaa so. (Genesis 1:28) Na so ɛno nkutoo ne atirimpɔw nti a Yehowa bɔɔ nnipa—sɛ́ wɔnhwɛ asase so?

Ná Adam ne Hawa ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa

4 Dabi, na atirimpɔw bi a ɛsen saa wɔ hɔ. Ná onipa a odi kan, Adam, ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. Ná Adam tumi ne Ɔbɔadeɛ no di nkitaho tẽẽ. Ná obetumi atie nea Onyankopɔn ka kyerɛ no na ɔno nso ada ne nsusuwii adi akyerɛ Yehowa. (Genesis 1:28-30; 3:8-13, 16-19; Asomafo no Nnwuma 17:26-28) Enti, na Adam ne ne yere, Hawa, wɔ hokwan kɛse sɛ wobehu Yehowa yiye na wɔne no anya abusuabɔ a emu dɔ. Ná Yehowa a wobehu no na wɔasuasua no no bɛma wɔanya asetra a abotɔyam wom, efisɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, NW) Sɛ́ Onyankopɔn a “ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no,” Yehowa de onipa a odi kan no too paradise bi a wɔfrɛ no Eden turo mu, sɛ ɔntra ase daa.—1 Timoteo 6:17; Genesis 2:8, 9, 16, 17.

Dɛn na nneɛma bi a wɔahu nnansa yi fa onipa nkwaboaa ho no da no adi?

5 Ɔbɛtra ase daa? Ebia wubenya adwene sɛ daa nkwa ho asɛm a yɛka wɔ ha no nyɛ nokware, nanso so adwene a ɛte saa fata? Nyansahufo gye di sɛ wɔahu nea ɛde onyin ba. Bere biara a nkwaboaa bi mu pae no, akwaa bi a ɛte sɛ hama a wɔfrɛ no telomere, a ɛwɔ nkwammoaa no ano no so tew kakra. Sɛ nkwaboaa no mu kyekyɛ yɛ 50 kosi 100 a, akwaa yi fi hɔ koraa, na nkwammoaa no pii mu mpaapae bio. Nanso, nneɛma a nyansahufo ahu nnansa yi kyerɛ sɛ ɛdenam aduru bi a wɔfrɛ no telomerase so no, onipa nkwammoaa mu betumi akɔ so akyekyɛ daa. Ɛwom sɛ nea wɔahu yi nkyerɛ sɛ Yehowa nam aduru yi so na ɛbɛma yɛatra ase daa de, nanso ɛkyerɛ ade biako: Daa nkwa ho adwene no nyɛ nnaadaa!

6 Yiw, Bible kyerɛwtohɔ a ɛne sɛ wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan sɛ wɔntra ase daa no yɛ nea yebetumi agye adi. Ná ɛsɛ sɛ nnipa kɔ so ne Yehowa nya abusuabɔ pa daa. Ná ɛsɛ sɛ wɔne wɔn soro Agya no nya abusuabɔ a emu yɛ den, na wohu atirimpɔw a ɔwɔ ma asase so nnipa no yiye na wodi so. Ná wɔn asetra renyɛ mfonoe. Ná Adam ne Hawa wɔ anidaso a ɛfata sɛ wɔbɛwo mma a wɔyɛ pɛ na wɔwɔ anigye ahyɛ asase so mã. Ná wɔbɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so daa. Ná ɛno bɛkyerɛ asetra a abotɔyam wom ampa!—Genesis 1:28.